Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

Woatɔ wo bo ase akenkan Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

Bere bɛn na na wokum Twam guan no wɔ Nisan 14?

Bible nkyerɛase bi ka sɛ ɛsɛ sɛ wokum oguan no “anwummere,” kyerɛ sɛ “bere a anim rebiribiri.” Enti wɔbɛyɛ saa bere a owia akɔtɔ, nanso ɛnyɛ anadwo tumm. (Ex. 12:6)—12/15, kratafa 18-19.

Bible mu nsɛm bɛn na ebetumi aboa mmabun ma wɔasisi gyinae pa?

Emu mmiɛnsa ni: (1) Hwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan. (Mat. 6:19-34) (2) Som afoforo na w’ani nnye. (Aso. 20:35) (3) Fa anigye som Onyankopɔn wo babunbere mu. (Ɔsɛnk. 12:1)—1/15, kratafa 19-20.

Apɔnkɔsotefo baanan bɛn na wɔama wɔn homene so fi 1914?

Yesu na ɔte pɔnkɔ fitaa so, na wayi Satan ne n’adaemone afi soro. Nea ɔte pɔnkɔ kɔkɔɔ so no gyina hɔ ma akodi a ateetee adesamma no. Nea ɔte pɔnkɔ tuntum so no gyina hɔ ma ɔkɔm. Nea ɔte pɔnkɔ nsonso so no de owuyare kunkum nnipa ɔpepem pii. (Adi. 6:2-8)—2/1, kratafa 6-7.

Bere bɛn na “Oguammaa no ayeforohyia” bɛba so? (Adi. 19:7)

“Oguammaa no ayeforohyia” bɛba so bere a Ɔhene Yesu Kristo awie ne nkonimdi. Eyi kyerɛ sɛ ayeforohyia no bɛba so wɔ Babilon Kɛse no sɛe ne Harmagedon ko no akyi.—2/15, kratafa 10.

Dɛn nti na na Yudafo a wɔwɔ Yesu bere so no ‘hwɛ Mesia no kwan’? (Luka 3:15)

Yɛrentumi nka no pen sɛ na tete Yudafo no te Mesia nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel nhoma no mu no ase sɛnea yɛte ase no. (Dan. 9:24-27) Nanso ebia wɔtee asɛm a ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ nguanhwɛfo no anaa nea odiyifo baa Anna kae bere a ohuu Yesu wɔ asɔrefie hɔ no. Afei nsoromma mu ahwɛfo bɛhwehwɛɛ “nea wɔawo no sɛ Yudafo hene no.” (Mat. 2:1, 2) Akyiri yi, Osuboni Yohane kae sɛ ɛrenkyɛ na Kristo ayi ne ti.—2/15, kratafa 26-27.

Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛn Yiw anyɛ Dabi? (2 Kor. 1:18)

Ampa, ɛtɔ da a biribi betumi asi a yentumi nyɛ ho hwee, enti wobɛhwɛ na yɛantumi anni yɛn asɛm so. Nanso sɛ yɛhyɛ bɔ anaa yɛyɛ apam bi a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara di so.—3/15, kratafa 32.

Dɛn na wobɛyɛ na ponografi ansum wo afiri?

Nneɛma mmiɛnsa betumi aboa: (1) Sɛ w’ani twa mfonini a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ so a, yi w’ani ntɛm ara. (2) Fa w’adwene si nneɛma pa so na bɔ mpae. (3) Kwati sini anaa Intanɛt dwumadibea a ponografi wɔ.—4/1, kratafa 10-12.

Sɛ Kristoni gyaw n’abusua hɔ kɔ amannɔne sɛ ɔrekɔpɛ sika a, dɛn na ebetumi aba?

Sɛ papa anaa maame no gyaw n’abusua hɔ kɔtena baabi a, ebetumi ama mmofra no ayɛ basaa, na anhwɛ a wɔn bra bɛsɛe. Ebia mmofra no bo befuw awofo no. Sɛ awarefo nte faako a, nna ho akɔnnɔ betumi agyigye wɔn.—4/15, kratafa 19-20.

Tete no, sɛ wɔsɛn abɔnefo wɔ dua so a, adɛn nti na ɛtɔ da a wobubu wɔn nan mu?

Na Romafo bɔ abɔnefo bi asɛnduam. Yudafo no srɛɛ Pilato sɛ ɔmma wommubu mmarima a wɔsɛn Yesu nkyɛn no nan mu. Wɔyɛ saa a, wɔrentumi nhome yiye, enti wobewu ntɛm. Efisɛ Mmara no kae sɛ ɛnsɛ sɛ amu sɛn dua so anadwo mu no nyinaa. (Deut. 21:22, 23)—5/1, kratafa 11.

Sɛ yɛredi nkurɔfo adanse a, nsɛmmisa nnan bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

Wɔyɛ nnipa bɛn? Ɛhe na me ne wɔn rekasa? Bere bɛn na ɛbɛyɛ papa sɛ me ne wɔn kasa? Sɛn na ɛsɛ sɛ me ne wɔn kasa?—5/15, kratafa 12-15.

Adɛn nti na yebetumi aka sɛ sigaret di awu paa?

Bɛyɛ mfe ɔha a atwam no, sigaret akum nnipa 100,000,000. Seesei sɛ yɛreka a, sigaret kum nnipa bɛyɛ 6,000,000 afe biara.—6/1, kratafa 3.