ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM August 2014

Adesua nsɛm a yebesua efi September 29 kosi October 26, 2014.

Wo Nsa Ka “Aduan Bere a Ɛsɛ Mu”?

Ɛho hia sɛ obi nya nneɛma a akoa nokwafo no ayɛ nyinaa bi ansa na ne gyidi akɔ so den anaa?

Dwuma Bɛn na Yehowa De Mmea Di?

Hwɛ nea Onyankopɔn so atua a wɔtewee no awie mmea ne mmarima. Hwɛ mmea anokwafo a wɔtenaa ase tete no bi ho asɛm. Bio, hwɛ nea Kristofo mmea yɛ boa Onyankopɔn adwuma nnɛ.

Onyankopɔn Asɛm Wɔ Nkwa—Fa Di Dwuma!

Yehowa Adansefo nyinaa pɛ sɛ wɔyɛ asɛnka adwuma no yiye. Hwɛ ɔkwan a wubetumi afa so de Onyankopɔn Asɛm no ne nkratawa afi nkɔmmɔbɔ ase wɔ asɛnka mu.

Sɛnea Yehowa Bɛn Yɛn

Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho fam Yehowa ho denneennen. Hwɛ sɛnea Yehowa nam agyede no ne Bible so ka yɛn ba ne nkyɛn.

Baabi a Wowɔ Biara Tie Yehowa Nne

Hwɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yetie Yehowa nne na yɛne no di nkitaho. Adesua yi bɛboa yɛn ma yɛahu nea yɛbɛyɛ na Satan ne yɛn mmerɛwyɛ antwetwe yɛn amfi Yehowa ho.

‘San Bra na Hyɛ Wo Nuanom Den’

Sɛ onua bi asom sɛ ɔpanyin na seesei saa hokwan no afi ne nsa a, obetumi asan abɛyɛ “ahwɛfo adwuma” no bio?

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Bere a Yesu kae sɛ wɔn a wobenya owusɔre no ‘renware na wɔremfa wɔn mma aware’ no, na asase so owusɔre ho asɛm na ɔreka anaa?

TETE WƆ BI KA

“Eureka Drama” no Boaa Nnipa Pii Ma Wohuu Nokwasɛm a Ɛwɔ Bible Mu

Eyi yɛ “Photo-Drama of Creation” a wɔayɛ no ketewaa, na na wotumi yi wɔ nkuraase baabi a anyinam nkanea nni mpo.