Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘San Bra na Hyɛ Wo Nuanom Den’

‘San Bra na Hyɛ Wo Nuanom Den’

BERE a Petro paa Yesu no, osui pii. Ɛwom, na ebegye bere ansa na ɔsomafo no asan asi ne dedaw mu, nanso na Yesu pɛ sɛ ɔde no di dwuma boa afoforo. Enti Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wosan ba a, hyɛ wo nuanom den.” (Luka 22:32, 54-62) Sɛ yɛreka wɔn a Yehowa de wɔn dii dwuma titiriw wɔ tete Kristofo asafo no mu a, na Petro ka ho. Nokwasɛm ni, na ɔka wɔn a Bible frɛ wɔn “adum” no ho. (Gal. 2:9) Ɛnnɛ nso, sɛ obi yɛ asafo mu panyin na hokwan a ɛte saa fi ne nsa a, obetumi abɛyɛ ɔpanyin bio na ɔde anigye ahyɛ ne nuanom den.

Sɛ obi yɛ ɔpanyin na hokwan no fi ne nsa a, ebia ɛbɛyɛ no sɛ ne wiase nyinaa aba awiei. Onua bi a wɔfrɛ no Julio * de bɛboro mfe 20 somee sɛ ɔpanyin wɔ Bolivia. Bere a ne mpanyinni fii ne nsa no, ɔkae sɛ: “Meyɛ ɔpanyin no, na misiesie me ho ma ɔkasa, na na mesrasra anuanom hyɛ wɔn nkuran. Me nkɔree ne me mmae nyinaa, na saa nneɛma yi di mu akoten. Nanso prɛko pɛ ne nyinaa kɔe. Meyɛe sɛ dua bi a wɔatu mu tokuru. Mihui sɛ mayɛ hahaaha.” Ɛnnɛ Julio asan abɛyɛ ɔpanyin.

“MUMMU NO ANIGYE KORAA”

Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Sɛ muhyia sɔhwɛ ahorow pii a, mummu no anigye koraa.” (Yak. 1:2) Sɔhwɛ a Yakobo reka ho asɛm no bi yɛ nea yɛn sintɔ anaa ɔtaa de ba. Ɔkaa akɔnnɔ bɔne, animhwɛ ne nea ɛtete saa ho asɛm. (Yak. 1:14; 2:1; 4:1, 2, 11) Ɛwom, sɛ Yehowa teɛ yɛn so a, ebia ɛrenyɛ yɛn dɛ, nanso ɛnsɛ sɛ ɛma yɛbotow.Heb. 12:11.

Sɛ hokwan a yɛwɔ wɔ asafo no mu fi yɛn nsa a, ɛnsɛ sɛ yɛde ahwease yɛ nna. Mmom ɛyɛ hokwan a yɛde bɛhwehwɛ yɛn ho mu ahwɛ sɛ yɛn gyidi ne ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa te sɛn. Yebetumi nso abisa sɛ, ‘Adɛn nti na na meresom? Anuonyam a merepɛ ntia? Anaa medɔ Onyankopɔn na migye tom  sɛ asafo no yɛ ne dea na ɔpɛ sɛ meboa hwɛ ne nguan?’ (Aso. 20:28-30) Mpanyimfo a hokwan a wɔwɔ afi wɔn nsa no betumi ama nnipa ne Satan mpo ahu sɛ ɔdɔ kann na wɔde dɔ Yehowa. Wɔbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Ɛne sɛ wɔbɛkɔ so de nokwaredi asom Yehowa.

Bere a Ɔhene Dawid yɛɛ bɔne a emu yɛ duru no, Yehowa teɛɛ ne so. Dawid brɛɛ ne ho ase na Yehowa de firii no. Dawid too dwom sɛ: “Anigye ne onipa a wɔde ne mmarato afiri no, na wɔakata ne bɔne so. Anigye ne onipa a Yehowa mmu mfomso ngu no so, na ɔnyɛ ɔdaadaafo.” (Dw. 32:1, 2) Nteɛso boaa Dawid, na ɛma otumi hwɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo yiye.

Mpɛn pii no sɛ obi mpanyinni fi ne nsa na ɔsan bɛyɛ ɔpanyin bio a, wuhu sɛ n’ani ku anuanom ho sen kan no. Obi a ne mpanyinni fii ne nsa kae sɛ: “Seesei sɛ obi di mfomso a, minya ne ho abotare na ɛma mihu ɔkwan pa a mɛfa so aboa no.” Ɔpanyin foforo nso kae sɛ: “Sɛ mɛka a, seesei paa na mahu sɛ ɛyɛ hokwan kɛse sɛ mɛsom me nuanom; ɛnyɛ ade a ɛsɛ sɛ mede di agorɔ koraa.”

WUBETUMI ASAN ASOM BIO?

Odwontofo no kyerɛwee sɛ, ‘Yehowa renhwehwɛ yɛn mfomso daa.’ (Dw. 103:9) Enti sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ Onyankopɔn ato no paahwii. Ricardo somee sɛ ɔpanyin mfe pii, nanso efii ne nsa. Ɔkae sɛ: “Mihui sɛ ne nyinaa fi me, na eyi maa midii yaw. Ɛyɛɛ me sɛ memfata mma hwee bio, enti na biribiara nka me sɛ mensan nyere me ho mmɛyɛ ɔpanyin. Na misusuw sɛ biribiara nni hɔ a metumi ayɛ ama anuanom anya me mu ahotoso bio. Nanso na mepɛ nnipa asɛm, enti na ɛnyɛ den sɛ me ne nkurɔfo bɛyɛ Bible adesua. Bio nso na mehyɛ anuanom nkuran wɔ Ahenni Asa so ne wɔn bom yɛ asɛnka adwuma no. Eyi boaa me ma minyaa ahoɔden foforo, na seesei masan abɛyɛ ɔpanyin.”

Yehowa aboa mmarima bi ma seesei wɔn ani agye sɛ wɔresan som sɛ mpanyimfo

Sɛ onua bi nya afoforo ho menasepɔw a, ɛbɛyɛ den sɛ ɔbɛsan asom sɛ ɔpanyin. Nanso obetumi asuasua Yehowa akoa Dawid. Sɛ yɛhwɛ Dawid  sɛɛ a, ahoɔyaw nti na Ɔhene Saul ani sa no, enti oguanee. Sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ Saul bɔne a, anka ɛnyɛ den koraa, nanso wammɔ ne ho mmusu sɛ ɔde ne nsa bɛka Saul. (1 Sam. 24:4-7; 26:8-12) Bere a Saul wui wɔ akono no, Dawid gyam no, na ɔkyerɛe sɛ ɔdɔ Saul ne ne ba Yonatan. Ɔkae mpo sɛ wɔyɛ “nnipa a wɔn ho yɛ ahomeka a wɔdɔ wɔn.” (2 Sam. 1:21-23) Dawid annya Saul ho menasepɔw biara.

Sɛ wususuw sɛ obi ne wo anni no yiye anaa wante wo ase a, nnya ne ho menasepɔw. Ma yɛnhwɛ onua bi a yɛfrɛ no William. Ɔsomee sɛ asafo mu panyin bɛyɛ mfe 30 wɔ Britain. Bere a ne mpanyinni fii ne nsa no, onyaa asafo mu mpanyimfo bi ho menasepɔw. Dɛn na ɛboaa William ma ohuu nneɛma ani so yiye? Ɔkae sɛ: “Hiob nhoma no hyɛɛ me den. Sɛ Yehowa boaa Hiob ma osiesiee ɔne ne nnamfo baasa no ntam a, ɛnde ɔkwan biara so obetumi aboa me ma asomdwoe atena me ne mpanyimfo no ntam.”Hiob 42:7-9.

SƐ OBI SAN BƐSOM SƐ ƆPANYIN A, ONYANKOPƆN BEHYIRA NO

Sɛ wo ara na wode wo mpanyinni too hɔ a, ɛbɛyɛ papa sɛ wubesusuw asɛm no ho bio. Dɛn nti na wode too hɔ? Biribi na na ahyɛ wo so? Ná nneɛma bi ho hia wo sen Onyankopɔn nkurɔfo a wobɛhwɛ wɔn anaa? Afoforo sintɔ na ebuu w’abam? Sɛnea ɛte biara no, kae sɛ bere a woyɛ ɔpanyin no, na wunya hokwan boa afoforo paa. Womaa ɔkasa ahorow hyɛɛ wɔn den, wo nhwɛso nso hyɛɛ wɔn nkuran, na wosrasraa anuanom boaa wɔn ma wɔfaa sɔhwɛ ahorow mu. Bere a Yehowa hui sɛ woayi wo yam resom wo nuanom no, ne koma tɔɔ ne yam, na wo nso w’ani gyei.Mmeb. 27:11.

Yi wo yam som Yehowa fa kyerɛ sɛ wodɔ no

Yehowa aboa mmarima bi ma seesei wɔn ani agye sɛ wɔresan som sɛ mpanyimfo wɔ asafo no mu. Sɛ wo ara na wode hokwan no too hɔ oo, sɛ wogye fii wo nsam oo, wubetumi atoto nneɛma asan abɛyɛ “ahwɛfo adwuma” no bio. (1 Tim. 3:1) Paulo ‘annyae mpaebɔ’ da sɛ Kristofo a wɔwɔ Kolose no behu Onyankopɔn apɛde na wɔanantew “sɛnea ɛsɛ Yehowa na ɛsɔ n’ani koraa.” (Kol. 1:9, 10) Sɛ wunya hokwan san bɛsom sɛ ɔpanyin a, srɛ Yehowa na ɔmma wo ahoɔden ne abotare na wunnya anigye a wode bɛsom no. Yɛwɔ nna a edi akyiri mu, na nnɛ paa na Onyankopɔn nkurɔfo hia ahwɛfo a wɔbɛboa wɔn. Wubetumi ahyɛ wo nuanom den anaa?

^ nky. 3 Wɔasesa edin ahorow no bi.