Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wo Nsa Ka “Aduan Bere a Ɛsɛ Mu”?

Wo Nsa Ka “Aduan Bere a Ɛsɛ Mu”?

YƐTE bere a emu yɛ den paa mu. (2 Tim. 3:1-5) Yɛdɔ Yehowa na yɛasi yɛn bo sɛ yɛde Bible bɛbɔ yɛn bra, nanso daa yehyia tebea horow a ɛsɔ yɛn gyidi hwɛ. Yesu hui sɛ biribi a ɛte saa bɛba, na ɔmaa n’akyidifo no awerɛhyem sɛ ɔbɛhyɛ wɔn den kosi sɛ awiei no bɛba. (Mat. 24:3, 13; 28:20) Ɛnde, dɛn na Yesu yɛe de hyɛɛ wɔn den? Ɔpaw akoa nokwafo bi sɛ ɔmma wɔn honhom fam “aduan bere a ɛsɛ mu.”Mat. 24:45, 46.

Afe 1919 na ɔpaw akoa nokwafo no. Efi saa bere no waboaboa “n’asomfo” mpempem ano de wɔn aba Onyankopɔn ahyehyɛde no mu. Saa nkurɔfo yi fi wiase aman nyinaa so na wɔka kasa horow pii. Yesu nam akoa nokwafo no so rema n’asomfo yi nyinaa aduan. (Mat. 24:14; Adi. 22:17) Nanso ɛnyɛ kasa nyinaa mu na yɛn nhoma ne video no bi wɔ, na ɛnyɛ obiara nso na ɔwɔ kɔmputa anaa Intanɛt a ɔde kenkan yɛn nhoma. Ɛho nhwɛso ni: Video ne nsɛm pii wɔ hɔ a jw.org nko ara so na ɛwɔ, nanso ɛnyɛ obiara na ne nsa ka bi. Ɛnde, eyi kyerɛ sɛ ebinom nnya aduan a ɛbɛma wɔn gyidi ayɛ den anaa? Ansa na wubebua sɛ aane anaa dabi no, ma yensusuw nsɛmmisa nnan yi ho.

 1. Ade titiriw bɛn na Yehowa nam so ma yɛn aduan?

Bere a Ɔbonsam sɔɔ Yesu hwɛe na ɔkae sɛ ɔmma abo nnan paanoo no, Yesu kae sɛ: “Ɛnyɛ paanoo nkutoo so na onipa nam bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa anom nso.” (Mat. 4:3, 4) Yehowa anom asɛm wɔ Bible mu. (2 Pet. 1:20, 21) Enti Bible ne ade titiriw a Yehowa nam so ma yɛn aduan.2 Tim. 3:16, 17.

Yehowa ahyehyɛde no ama wɔatintim Wiase Foforo Nkyerɛase no nyinaa anaa ne fã bi wɔ kasa bɛboro 120 mu, na afe biara wɔyɛ bi wɔ kasa foforo mu ka ho. Wiase Foforo Nkyerɛase akyi no, kuw ahorow nso atintim Bible mpempem pii wɔ kasa bebree mu. Eyi nyinaa rekɔ so, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ “ogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.” (1 Tim. 2:3, 4) ‘Abɔde biara nni hɔ a ɛnna adi Yehowa anim,’ enti yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔbɛtwe “wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade” aba n’ahyehyɛde no mu na wama wɔn aduan.Heb. 4:13; Mat. 5:3, 6; Yoh. 6:44; 10:14.

2. Ɔkwan bɛn so na yɛn nhoma ahorow no boa ma yenya honhom fam aduan?

Sɛ obi kan Bible no na ɔma ɛso hɔ ara a, ɛremma ne gyidi nyɛ den. Ɛsɛ sɛ ɔte nea ɔrekan no ase na ɔde bɔ ne bra. (Yak. 1:22-25) Asomafo no bere so no biribi sii a ɛboa ma yehu nokware a ɛwɔ asɛm yi mu. Na Etiopiani piani bi rekenkan Onyankopɔn Asɛm no, ɛnna Filipo baa ne nkyɛn bebisaa no sɛ: “Wote nea worekenkan no ase?” Opiani no buae sɛ: “Sɛ obi ankyerɛ me a, mɛyɛ dɛn atumi ate ase?” (Aso. 8:26-31) Enti Filipo boaa no maa ɔtee nea ɔrekenkan no ase. Asɛm no kaa opiani no koma paa ma ɔbɔɔ asu. (Aso. 8:32-38) Saa na yɛn nhoma ahorow no nso boa yɛn ma yɛdɔ asukɔ wɔ nokware no mu; ɛka yɛn ma yɛde nea yesua bɔ yɛn bra.Kol. 1:9, 10.

Nhoma horow ma Yehowa asomfo nya honhom fam aduan pii di mee, na yenya honhom fam nsu nom ma yɛn ho dwo yɛn. (Yes. 65:13) Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Ɔwɛn-Aban no kyerɛkyerɛ Bible nkɔmhyɛ mu, na ɛboa ma yɛte Bible nkyerɛkyerɛ ase yiye de bɔ yɛn bra. Seesei, wotintim Ɔwɛn-Aban no wɔ kasa bɛboro 210 mu. Yɛnhwɛ Nyan! nso. Wotintim wɔ kasa bɛyɛ 100 mu, na ɛboa ma yɛte Yehowa adebɔ ase yiye. Bio nso ɛma yehu ɔkwan a yɛde Bible afotu bedi dwuma. (Mmeb. 3:21-23; Rom. 1:20) Akoa nokwafo no ayɛ nhoma ne nneɛma afoforo wɔ kasa bɛboro 680 mu! Ɛnde, wugye bere kan Bible no da biara da? Na nsɛmma nhoma ne nhoma afoforo a wotintim wɔ wo kasa mu afe biara no nso ɛ? Wobɔ mmɔden kenkan ne nyinaa?

Sɛ yeyi nhoma ahorow si nkyɛn a, Yehowa ahyehyɛde no siesie kasa a wɔma wɔ asafo nhyiam ne ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ase. Sɛ wokɔ nhyiam a ɛte saa a, w’ani nnye ɔkasa ne drama ne ɔyɛkyerɛ ahorow no ho anaa? Nokwasɛm ne sɛ Yehowa to yɛn pon ma yɛn aduan a ɛte apɔw!Yes. 25:6.

 3. Sɛ wunni yɛn nhoma no nyinaa bi wɔ wo kasa mu a, ɛno kyerɛ sɛ wubedi kɔm honhom mu anaa?

Mmuae no yɛ dabi. Ɛwom, ɛtɔ da a Yehowa asomfo bi nya nneɛma bi a afoforo nnya. Nanso ɛnsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa. Adɛn ntia? Yɛnhwɛ asomafo no sɛɛ. Yesu kaa nsɛm bi kyerɛɛ wɔn nanso wanka ankyerɛ asuafo a aka no. (Mar. 4:10; 9:35-37) Nanso ɛno nkyerɛ sɛ asuafo yi hweree biribi; biribiara a ɛbɛma wɔn gyidi ayɛ den no wɔn nsa kae.Efe. 4:20-24; 1 Pet. 1:8.

Ade foforo a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ ɛnyɛ biribiara a Yesu kae na ɛwɔ Bible mu. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Nneɛma foforo pii wɔ hɔ a Yesu yɛe a, sɛ wɔkyerɛw ne nyinaa a, anka misusuw sɛ nhoma a wɔbɛkyerɛw no renkɔ wiase mpo.” (Yoh. 21:25) Ɛyɛ nokware, Yesu akyidifo a na ɔne wɔn wɔ hɔ no huu ne ho nsɛm pii a yennim, nanso hwee mmɔɔ yɛn. Biribiara a ɛsɛ sɛ yehu na yɛatumi adi Yesu akyi no, Yehowa de ama yɛn.1 Pet. 2:21.

Afei yɛnhwɛ nkrataa a asomafo no kyerɛw kɔmaa asafo ahorow no. Anyɛ yiye koraa no, yebetumi aka sɛ Paulo krataa baako deɛ ɛnka Bible ho. (Kol. 4:16) Ɛnde, eyi kyerɛ sɛ honhom fam aduan a wɔde ma yɛn no nni mũ anaa? Ɛnte saa koraa. Yehowa nim nea ɛbɛboa ama yɛn ase atim, na ɔde ne nyinaa ama yɛn.Mat. 6:8.

Yehowa nim nea ɛbɛboa ama yɛn ase atim, na ɔde ne nyinaa ama yɛn

Ɛnnɛ Yehowa asomfo bi nya honhom fam aduan pii sen afoforo. Ebia yɛn nhoma no pii nni wo kasa mu. Sɛ saa mpo a, kae sɛ Yehowa dwen wo ho. Bɔ mmɔden sɛ wubesua nhoma a ɛwɔ wo kasa mu, na ɛbɛyɛ yiye a kɔ adesua wɔ baabi a wobɛte kasa no. Nya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa ma wo gyidi ayɛ den.Dw. 1:2; Heb. 10:24, 25.

4. Sɛ wo nsa nka nneɛma a ɛwɔ jw.org so a, ɛkyerɛ sɛ wo gyidi bɛyɛ mmerɛw anaa?

Yɛn nsɛmma nhoma ne nhoma afoforo pii wɔ Yehowa Adansefo Intanɛt dwumadibea hɔ. Afei woasiesie nneɛma pii wɔ hɔ ama awarefo, mmerante ne mmabaa, awofo, ne mmofra nkumaa. Mmusua betumi de nsɛm yi bi ayɛ Abusua Som. Sɛ Gilead Sukuufo wie wɔn adesua anaa sɛ ahyehyɛde no yɛ afe afe nhyiam a, wɔde ho amanneɛbɔ ba Intanɛt dwumadibea hɔ. Afei nso sɛ atoyerɛnkyɛm bi si ma Yehowa asomfo ho ka anaa wɔde yɛn nuanom kɔ asɛnnibea a, wɔde ho nsɛm ba jw.org hɔ ma anuanom a wɔwɔ wiase afanan nyinaa hu nea ɛrekɔ so. (1 Pet. 5:8, 9) Bio nso Intanɛt dwumadibea no boa ma nnipa pii te asɛmpa no. Sɛ wɔabra yɛn adwuma no wɔ ɔman bi so mpo a, nnipa tumi kɔ dwumadibea hɔ kɔ kenkan nsɛm.

Nanso sɛ wutumi kɔ Intanɛt dwumadibea hɔ oo, wuntumi nkɔ hɔ oo, nea ɛbɛboa wo ma woayɛ den honhom mu deɛ, ɛmmɔɔ wo. Akoa nokwafo no hwɛ sɛ wobetintim nhoma ne nneɛma ahorow ama Yehowa somfo biara anya honhom fam aduan adi amee. Enti sɛ wunni kɔmputa a wode bɛkɔ jw.org so a, nhaw wo ho sɛ kyenkyen ara a ɛsɛ sɛ wunya bi. Sɛ onua bi pɛ sɛ otintim nsɛm kakra fi Intanɛt dwumadibea hɔ ma wɔn a wonni bi a, obetumi ayɛ saa. Nanso ɛnsɛ sɛ asafo no de to ne ho so sɛ ɛbɛyɛ saa.

Ɛyɛ yɛn dɛ sɛ Yesu adi ne bɔhyɛ so na wama yɛn honhom fam nneɛma a yehia. Bere a nna edi akyiri yi rebɛn no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛkɔ so ara ama yɛn honhom fam “aduan bere a ɛsɛ mu.”