Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dwuma Bɛn na Yehowa De Mmea Di?

Dwuma Bɛn na Yehowa De Mmea Di?

“Mmea a wɔka asɛmpa no yɛ asafodɔm kɛse.”DW. 68:11.

1, 2. (a) Akyɛde bɛn na Onyankopɔn de maa Adam? (b) Adɛn nti na Onyankopɔn maa Adam ɔhokafo? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

BIRIBI nti na Yehowa bɔɔ asase no. Bible ka sɛ: “Ɔnwenee sɛ wɔntena so.” (Yes. 45:18) Onipa a odii kan bɔɔ no ne Adam, na na sintɔ biara nni ne ho. Onyankopɔn de no tenaa turo fɛfɛɛfɛ bi mu wɔ Eden. Sɛ Adam hwɛ nnua akɛse ne nsuten a ɛsen yɔɔ fa hɔ ne mmoa a wɔredi agorɔ a, akyinnye biara nni ho sɛ n’ani gyei paa! Nanso na ade titiriw bi abɔ no. Ná ɛyɛ dɛn? Yehowa ankasa anom asɛm ma yehu mmuae no. Ɔkae sɛ: “Enye sɛ onipa no nko bɛtena. Merebɛyɛ ɔboafo ama no, ɔhokafo a ɔfata no.” Afei Onyankopɔn maa Adam daa hatee, na oyii ne mfe mparow (anaa mpadeɛ) baako na ɔde “yɛɛ ɔbea.” Bere a Adam nyanee no, anigye ne dɛn! Ɔkae sɛ: “Aa, me nnompe mu dompe ne me honam mu nam ni. Oyi na wɔbɛfrɛ no ɔbea, efisɛ ɔbarima mu na woyii no fii.”Gen. 2:18-23.

2 Ɔbea no yɛ akyɛde a ɛso bi nni a Onyankopɔn de maa ɔbarima, efisɛ na ɔbɛyɛ ne boafo. Na ɔbea no benya hokwan kɛse nso awo mma. “Adam too ne yere din Hawa, efisɛ na ɔbɛyɛ ateasefo nyinaa maame.” (Gen. 3:20) Hokwan a Onyankopɔn de maa Adam ne Hawa sɛ wobetumi awo no yɛ akyɛde nwonwaso paa. Na wobetumi awo wɔn sɛso nnipa a sintɔ nni  wɔn ho. Enti nkakrankakra anka asase nyinaa bɛdan paradise na nnipa a wɔyɛ pɛ ahyɛ so ma. Afei wobedi asase ne ɛso nneɛma so.Gen. 1:27, 28.

3. (a) Dɛn na na Adam ne Hawa bɛyɛ na Onyankopɔn ahyira wɔn, nanso dɛn na esii? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

3 Nanso sɛ Onyankopɔn behyira Adam ne Hawa a, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ osetie ma no na wogye tom sɛ ɔno ne Otumfoɔ Pumpuni no. (Gen. 2:15-17) Sɛ Adam ne Hawa yɛ osetie ma Onyankopɔn a, ɛnde ɔno nso bɛyɛ nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama wɔn nyinaa. Nanso Satan dɛɛfoɔ, nea Bible frɛ no “ɔwɔ dedaw” no, piapiaa Adam ne Hawa maa wɔyɛɛ bɔne tiaa Onyankopɔn. (Adi. 12:9; Gen. 3:1-6) Ɛnde, saa atuatew no aka mmea sɛn? Tete no, dɛn na mmea bi a wosuro Onyankopɔn yɛe? Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Kristofo mmea a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ “asafodɔm kɛse”?Dw. 68:11.

NEA ATUATEW DE ABA

4. Bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no, hena na Onyankopɔn de ɛho asodi too ne so?

4 Bere a Yehowa frɛɛ Adam sɛ onyi ne ho ano no, tie nea ɔkae: “Ɔbea a wode no maa me no na ɔmaa me dua no aba no bi dii.” (Gen. 3:12) Nea edi kan, Adam annye ne mfomso antom; nea ɛto so mmienu, ɔprɛw asɛm no too ɔbea a Onyankopɔn de ama no no so. Sɛ yɛbɛka paa a, ɔprɛw asɛm no too Onyankopɔn so, efisɛ ɔno na ɔde ɔbea no maa no. Adam ne Hawa na wɔyɛɛ bɔne, nanso na asodi no nyinaa da Adam so. Enti ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ “ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae.”Rom. 5:12.

5. Onyankopɔn ama nnipa kwan sɛ wɔn ankasa nni wɔn ho so. Dɛn na afi mu aba?

5 Satan maa Adam ne Hawa nyaa adwene sɛ Onyankopɔn tumidi ho nhia; wɔn ankasa betumi adi wɔn ho so. Eyi kɔfaa asɛm titiriw bi bae: Hena na ɔfata sɛ odi nnipa so? Na Onyankopɔn pɛ sɛ obua asɛm no ma esi, enti ɔmaa kwan maa nnipa dii wɔn ho so bere tenten bi. Na ɔno ara nim sɛ obiara ntumi nsian kokuromoti ho mmɔ pɔw; sɛ Onyankopɔn nsa nnim a, nnipa nniso renkosi hwee. Ampa-ne-ampa ara, nnipa nniso de ɔhaw ne abɛbrɛsɛ na abɛto adesamma so. Wo deɛ yɛrenka nkɔ akyiri; sɛ yɛhwɛ mfe ɔha a atwam a, akodi ama nnipa bɛyɛ 100,000,000 atotɔ. Yɛreka yi, mmarima, mmea ne mmofra a wɔn ho nni asɛm ka ho. Enti ɛho nhia sɛ yɛbɔre hwehwɛ adanse de kyerɛ sɛ “enni onipa nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yer. 10:23) Nokware Kristofo nim saa nokwasɛm yi, enti wogye tom sɛ Yehowa ne wɔn Sodifo.Monkenkan Mmebusɛm 3:5, 6.

6. Aman pii so no, dɛn na wɔde yɛ mmea?

6 Mmarima ne mmea nyinaa hu amane wɔ Satan wiase yi mu. (Ɔsɛnk. 8:9; 1 Yoh. 5:19) Nanso sɛ yɛreka paa a, mmea na nnipa yɛ wɔn ayayade kɛse. Wo deɛ yɛnyɛ nhwɛso kakra. Akontaabu kyerɛ sɛ, sɛ woyi mmea 100 si hɔ a, emu 30 deɛ wɔn kununom anaa wɔn mpenafo hwe wɔn yɛ wɔn ayayade. Baabi wɔ hɔ a wogyigye mmarimaa so, efisɛ wosusuw sɛ wɔn na wobenyin abɛhwɛ wɔn awofo ne wɔn nananom na wɔawo mma asi wɔn ananmu sɛnea ɛbɛyɛ a abusua no din renyera. Aman bi so no, nnipa susuw sɛ mmea so nni mfaso, enti sɛ wohwɛ nyinsɛn a wotu gu a, mmea dɔɔso paa.

7. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Onyankopɔn too nhyɛase pa maa mmarima ne mmea nyinaa?

7 Onyankopɔn ani nnye ho koraa sɛ obi bɛyɛ mmea basabasa. Obu mmea na odi wɔn ni. Bere a Yehowa bɔɔ Hawa no, wammɔ no sɛ afenaa amma Adam, na mmom ɔbɔɔ no sɛ onipa a sintɔ biara nni ne ho a ɔbɛyɛ Adam sɛso boafo. Enti  bere a Onyankopɔn bɔɔ nneɛma nyinaa wiei no, Bible ka sɛ ‘ohuu biribiara a wayɛ, na na eye paa.’ (Gen. 1:31) Anokwa, “biribiara” a Yehowa yɛe ‘ye paa.’ Enti Onyankopɔn too nhyɛase pa maa mmarima ne mmea nyinaa.

MMEA A YEHOWA DE WƆN DII DWUMA

8. (a) Nnipa suban te sɛn nnɛ? (b) Sɛ yɛhwɛ abakɔsɛm mu a, henanom na Yehowa aboa wɔn?

8 Bere a Adam ne Hawa tew Yehowa so atua no, wɔn asefo pii dii ɛsa bɔne a wotwae no akyi. Bɛyɛ mfe ɔha a atwam mpo deɛ, nneɛma agye agu koraa. Nanso eyi nyɛ nwonwa efisɛ Bible aka ato hɔ sɛ “nna a edi akyiri” mu no, nnipa bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔneyɛ mu. Enti yebetumi aka paa sɛ “mmere a emu yɛ den” mu na yɛwɔ yi. (2 Tim. 3:1-5) Nanso nsɛmmɔnedi a ɛrekɔ so nyinaa akyi no, sɛ yɛhwɛ adesamma abakɔsɛm mu a, yehu sɛ mmea ne mmarima bebree ada wɔn ho adi sɛ wogye “Awurade Tumfoɔ Yehowa” tom sɛ wɔn Sodifo na wotie no. Yehowa nso aboa wɔn akwannuasa nyinaa mu.Monkenkan Dwom 71:5.

9. Nnipa ahe na wonyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu, na dɛn ntia?

9 Noa bere so no, Onyankopɔn de Nsuyiri bɛsɛe abɔnefo a wɔwɔ hɔ; nnipa kakraa bi na wonyaa nkwa. Saa bere no, sɛ na Noa nuabarimanom ne ne nuabeanom te ase a, ɛnde wɔn nso wuwui wɔ nsuyiri no mu. (Gen. 5:30) Mmea ne mmarima a wonyaa nkwa nyinaa dodow yɛ pɛ. Ɛyɛ Noa, ne yere, ne mma mmarima baasa, ne wɔn yerenom. Nea enti a wonyaa nkwa ne sɛ na wosuro Onyankopɔn na wɔyɛɛ n’apɛde. Yehowa bɔɔ nnipa baawɔtwe yi ho ban, na nnipa a wɔte ase nnɛ nyinaa yɛ wɔn asefo.Gen. 7:7; 1 Pet. 3:20.

10. Adɛn nti na Yehowa bɔɔ mmarima anokwafo yerenom ho ban?

10 Noa akyi no, Onyankopɔn bɔɔ n’asomfo anokwafo yerenom ho ban. Sɛ mmea yi yɛ anwiinwiifo a, anka biribiara nkyerɛ sɛ Onyankopɔn behyira wɔn. (Yuda 16) Sɛ yɛhwɛ Abraham yere Sara sɛɛ a, na obu ade, na bere a Onyankopɔn kae sɛ ɔne ne kunu ntu mfi wɔn kurom Ur nkɔtena ntamadan mu wɔ obi man so no, wannwiinwii. Mmom ‘otiee Abraham na ɔfrɛɛ no “owura.”’ (1 Pet. 3:6) Yɛnhwɛ Rebeka nso. Yehowa de no maa Isak sɛ akyɛde, na na ɔyɛ ɔyere pa. Bible ka sɛ, “Ná Isak dɔ no, na ɛma onyaa awerɛkyekye wɔ ne maame wu akyi.” (Gen. 24:67) Ɛnnɛ nso Yehowa adom ne nkurɔfo ma wɔanya mmea anokwafo te sɛ Sara ne Rebeka.

11. Dɛn na Hebrifo mmea baanu bi yɛ de kyerɛe sɛ wɔwɔ akokoduru?

11 Bere a Israelfo yɛ nkoa wɔ Egypt no, wɔn ase trɛw yɛɛ bebree, enti Farao hyɛɛ mmara sɛ wonkum Hebrifo mma mmarima a wɔbɛwo wɔn nyinaa. Nanso Hebrifo mmea baanu bi yɛɛ biribi a ɛka koma paa. Wɔn din de Sifra ne Pua, na ɛbɛyɛ sɛ wɔn na na wɔda mmea a wogye awo no ano. Na wosuro Yehowa, enti wɔantie Farao ankunkum mmofra no. Na eyi gye akokoduru paa. Yehowa nso hyiraa wɔn ma wonyaa wɔn ankasa mmusua.Ex. 1:15-21.

12. Dɛn na ɛda nsow wɔ Debora ne Yael ho?

12 Bere a atemmufo di Israel so no, Onyankopɔn paw ɔbea bi a wɔfrɛ no Debora sɛ odiyifo. Debora hyɛɛ Ɔtemmufo Barak ne Israelfo nkuran sɛ wɔnsɔre ne wɔn atamfo Kanaanfo nni asi. Nanso Debora kae sɛ anuonyam biara a ebefi ɔko no mu aba no bɛkɔ ɔbea hɔ na ɛnyɛ Barak hɔ, efisɛ “ɔbea na Yehowa de Sisera bɛhyɛ ne nsa.” Ná Sisera ne Kanaanfo sahene, na ampa-ne-ampa ara ɔbea nanani bi a ɔde Yael na okum no.Atem. 4:4-9, 17-22.

13. Dɛn na Bible ma yehu fa Abigail ho?

 13 Yɛnhwɛ ɔbea nokwafo foforo a ɔde Abigail. Ɔtenaa ase bɛyɛ mfe 1,100 ansa na Kristo reba. Na ɔyɛ ɔbadwemma, nanso na ne kunu Nabal yɛ ohuhuni tirimɔdenfo a n’asɛm mfa kwan mu. (1 Sam. 25:2, 3, 25) Dawid ne ne mmarima bɔɔ Nabal agyapade ho ban maa no, nanso bere a wɔsrɛɛ no aduan ne nneɛma kakra no, ‘ɔteɛteɛɛ wɔn yeyaw wɔn’; wɔamma wɔn hwee. Ɛhyɛɛ Dawid abufuw paa ma ɔyɛe sɛ obekum Nabal ne ne mmarima no. Bere a Abigail tee asɛm no, ɔfaa aduan ne nsu kɔmaa Dawid ne ne mmarima. Ɛnyɛ ɔno a, anka ebia Dawid hwiee mogya gui. (1 Sam. 25:8-18) Akyiri yi Dawid ka kyerɛɛ Abigail sɛ: “Nhyira nka Yehowa, Israel Nyankopɔn a ɔsomaa wo behyiaa me nnɛ yi!” (1 Sam. 25:32) Bere a Nabal wui no, Dawid waree Abigail.1 Sam. 25:37-42.

14. Adwuma bɛn na Salum mmabea no yɛe? Ɛnnɛ nso, dɛn na Kristofo mmea reyɛ?

14 Babilonfo sɛee Yerusalem ne n’asɔrefie afe 607 A.Y.B. mu, na mmarima, mmea, ne mmofra pii wuwui. Afe 455 A.Y.B. no, Nehemia hwɛ ma wɔsan too Yerusalem fasu no, na na Salum mmabea ka wɔn a wɔtoo ɔfasu no ho. Na Salum yɛ “Yerusalem mantam no fã soafo.” (Neh. 3:12) Mmea yi yii wɔn yam yɛɛ fam-fam adwuma. Ɛnnɛ nso Kristofo mmea pii atu wɔn ho ama reboa adansi adwuma no wɔ mmeae pii. Ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yɛwɔ mmea a wɔte saa wɔ yɛn mu!

MMEA ANOKWAFO WƆ YESU BERE SO

15. Hokwan bɛn na Onyankopɔn de dom Maria?

15 Yehowa de hokwan pii adom mmea wɔ ne som mu. Wɔn mu baako ne ɔbaabun Maria. Ná Yosef asi Maria asiwa, na saa bere no mu no, Yehowa nam honhom kronkron so maa Maria nyinsɛnee. Adɛn nti na Maria na ɔma ɔwoo Yesu? Yebetumi aka sɛ Yehowa huu su pa bi wɔ ne ho, na na onim sɛ obetumi atete ne ba a sintɔ biara nni ne ho no ma wabɛyɛ ɔbarima mua. Hwɛ sɛ Onyankopɔn ankasa ba, onipa kɛse a watena asase so pɛn, bɛfrɛ wo “Maame.” Anokwa, na ɛyɛ akwannya kɛse ma Maria!Mat. 1:18-25.

16. Dɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ mmea ho abotare?

16 Na Yesu wɔ mmea ho abotare. Yɛmfa ɔbea bi a mogya tuu no mfe 12 nyɛ nhwɛso. Ɔbea no wiaa ne ho de ne nsa kaa Yesu atade na ama ne ho atɔ no. Yesu anka n’anim, mmom ɔkae sɛ: “Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo. Fa asomdwoe kɔ, wo ho ntɔ wo na wo yare a emu yɛ den no nkɔ.”Mar. 5:25-34.

17. Anwonwade bɛn na esii Pentekoste 33 Y.B. mu?

17 Bere a Yesu ne n’asomafo redi akɔneaba no, na mmea bi som wɔn. (Luka 8:1-3) Pentekoste 33 Y.B. no, Onyankopɔn hwiee ne honhom guu mmarima ne mmea bɛyɛ 120 so. (Monkenkan Asomafo Nnwuma 2:1-4.) Na Yehowa aka ato hɔ dedaadaw sɛ: “Mehwie me honhom agu ɔhonam ahorow nyinaa so, na mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyehyɛ nkɔm. . . . Mehwie me honhom agu nkoa ne mfenaa mpo so.” (Yoel 2:28, 29) Anwonwade a esii Pentekoste da no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ na Onyankopɔn ayi ne honhom afi honam fam Israel so akɔ “Onyankopɔn Israel” so. Mmarima ne mmea na wɔka bom yɛ “Onyankopɔn Israel” anaa honhom fam Israel yi. (Gal. 3:28; 6:15, 16) Asomafo no bere so no, na ɔsɛmpakafo Filipo mmabea baanan ka mmea a wɔka asɛmpa no ho.Aso. 21:8, 9.

MMEA YƐ “ASAFODƆM KƐSE”

18, 19. (a) Hokwan bɛn na Onyankopɔn de adom mmarima ne mmea nyinaa? (b) Sɛn na odwontofo no ka mmea a wɔka asɛmpa no ho asɛm?

18 Efi afe 1875 hɔ baabi reba no,  mmarima ne mmea bi kyerɛe sɛ wɔn ani ku nokware som ho. Wɔn na wɔbɔɔ kwan maa asɛmpaka adwuma a yɛreyɛ no nnɛ no, na eyi ama Yesu nkɔmhyɛ yi aba mu: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”Mat. 24:14.

19 Bible Asuafo kakra yi abu abɔ ho pii ma nnɛ Yehowa Adansefo bɛyɛ 8,000,000 na wɔwɔ hɔ. Bio, nnipa bɛboro 11,000,000 bɛkaa wɔn ho ma wɔkaee Yesu wu no. Aman pii so no, wɔn a wɔbae no mu dodow no ara yɛ mmea. Afei nso yɛwɔ bere nyinaa asomfo bɛboro 1,000,000, na fã kɛse no ara yɛ mmea. Nokwasɛm ni, Onyankopɔn ama mmea anya hokwan kɛse reka ne ho asɛm. Enti odwontofo no asɛm yi abam: “Yehowa aka; mmea a wɔka asɛmpa no yɛ asafodɔm kɛse.”Dw 68:11.

Mmea a wɔka asɛmpa no yɛ “asafodɔm kɛse” ampa (Hwɛ nkyekyɛm 18, 19)

NHYIRA PII DA HƆ RETWƐN MMEA A WOSURO ONYANKOPƆN

20. Sɛ yɛreyɛ kokoam adesua anaa abusua som a, dɛn na yebetumi asua?

20 Sɛ yɛse yɛreka mmea anokwafo pii a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu a, anka adagyew bɛbɔ yɛn. Nanso yɛn mu biara betumi akan wɔn ho asɛm wɔ Bible ne yɛn nhoma ahorow mu. Sɛ yɛhwɛ Rut sɛɛ a, yebetumi adwennwen ne nokwaredi ho. (Rut 1:16, 17) Ɔbea foforo a ne nhwɛso betumi aboa yɛn ne Ɔhemmaa Ester. Sɛ yɛkenkan Bible nhoma a ne din Ester no da so ne ne ho nsɛm foforo wɔ yɛn nhoma mu a, ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den. Sɛ yɛreyɛ abusua som a, yebetumi asua mmea a wɔte saa ho ade. Sɛ nso yɛn nko ara na yɛte a, yebetumi de mmea yi ho nsɛm aka nneɛma a yesua no ho.

21. Dɛn na Kristofo mmea pii de kyerɛ sɛ wodi Yehowa nokware?

21 Ɛda adi pefee sɛ Yehowa ahyira asɛnka adwuma a Kristofo mmea reyɛ no so, na ɔboa wɔn wɔ sɔhwɛ bere mu. Ɛho nhwɛso ne nea ɛkɔɔ so wɔ Nasi ne Komunis nniso ase. Saa bere no Yehowa boaa mmea ma wodii no nokware. Kristofo mmea yi gyidi nti, wɔn mu pii huu amane na ebinom mpo hweree wɔn nkwa. (Aso. 5:29) Sɛnea Kristofo mmea yɛe tete no, ɛnnɛ nso Kristofo mmea ne Onyankopɔn asomfo nyinaa gye tom sɛ Onyankopɔn ne wɔn Sodifo. Sɛ yɛbɛka a, ɛnnɛ nso Yehowa aso wɔn nsa nifa reka akyerɛ wɔn sɛ: “Nsuro, na me ara mɛboa wo.”Yes. 41:10-13.

22. Hokwan bɛn na yebenya daakye?

22 Daakye, mmea ne mmarima a wosuro Onyankopɔn besiesie asase no ma ayɛ paradise, na wɔbɛboa nnipa mpempem pii a wobenyan wɔn no ma wɔahu nea Yehowa bɛyɛ ama adesamma. Enkosi saa bere no, mmea oo, mmarima oo, momma yɛn nyinaa nkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ hokwan a Yehowa de ama yɛn no. Enti momma yɛmfa “mmati koro” nsom yɛn soro Agya no.Sef. 3:9.