Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 TETE WƆ BI KA

“Eureka Drama” no Boaa Nnipa Pii Ma Wohuu Nokwasɛm a Ɛwɔ Bible Mu

“Eureka Drama” no Boaa Nnipa Pii Ma Wohuu Nokwasɛm a Ɛwɔ Bible Mu

ASƐMFUA “Eureka” kyerɛ “mahu!” Bɛboro mfe 100 a atwam no, nnipa pii de wɔn ani kyerɛɛ California, U.S.A., kɔpɛɛ sika kɔkɔɔ. Sɛ obi kopue sika kɔkɔɔ no bi so a, na wateɛm “Eureka!” Charles Taze Russell ne ne mfɛfo Bible Asuafo no huu biribi a ɛsom bo sen sika kɔkɔɔ koraa. Ɛyɛ dɛn? Ɛyɛ nokwasɛm a wohuu wɔ Bible mu. Na wɔn ho pere wɔn sɛ wɔbɛka ho asɛm akyerɛ afoforo.

Afe 1914 mu no, nnipa mpempem pii bɔɔ twi kɔhwɛɛ sini a wɔato din “Photo-Drama of Creation” wɔ wiase nkurow akɛse mu. International Bible Students Association (Bible Asuafo) na wɔyɛɛ sini no, na na egye nnɔnhwerew nwɔtwe na obi ahwɛ awie. Na sini no yɛ fɛ, na na nnwom ne nsɛm a ɛwom yɛ dɛ. Na ne nyinaa yɛ Bible mu nsɛm—efi adebɔ ne nnipa abakɔsɛm so de kosi Yesu Kristo Mfirihyia Apem Nniso no awiei so.Adi. 20:4. *

Wɔn a na wɔtete nkurow nketewa ne nkuraase no nso ɛ? Na Bible Asuafo no mpɛ sɛ wɔn a nokware no ho kɔm de wɔn no bɛhwere biribiara. Enti August 1914 no, woyii “Eureka Drama” no adi. Na ɛyɛ “Photo-Drama” a wɔayɛ no ketewa; ná ɔfã a nnipa keka wɔn ho no nni “Eureka Drama” no mu. Wɔyɛɛ no ahorow mmiɛnsa wɔ kasa dodow bi mu: Baako de “Eureka X.” Na sini no mu nnwom ne emu kasa nyinaa wɔ so. Nea edi hɔ nso de “Eureka Y.” Na kasa ne nnwom ne mfonini fɛfɛ wom. Nea ɛto so mmiɛnsa ne “Eureka Family Drama.” Na “Photo-Drama” no mu nsɛm ne nnwom bi na ɛwom, na wɔyɛe sɛ nkurɔfo nhwɛ wɔ fie. Na nneɛma a wɔde yi “Eureka Drama” no bo nyɛ den.

Afiri a na wɔde yi drama no

Na enhia sɛ Bible Asuafo no nya afiri ne nneɛma akɛse na wɔde ayi sini no. Enti na ɛnyɛ den koraa sɛ wɔbɛkɔ nkuraase akoyi sini no wɔ hɔ ma Ahenni no ho asɛm atrɛw. Esiane sɛ mfonini biara nni “Eureka X” no mu nti, na wobetumi abɔ no awia anaa anadwo. “Eureka Y” nso, sɛ anyinam ahoɔden nni hɔ mpo a, na wobetumi de carbide asi anan. Finnish kasa mu Ɔwɛn-Aban no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Yebetumi ayi mfonini no wɔ baabiara.” Ná ɛyɛ nokware paa!

Bible Asuafo no anhaw wɔn ho sɛ wɔbɛkɔ akɔhwehwɛ adan akɛse a woyi sini wom. Mmom wɔde wɔn ani too fam hui sɛ wobetumi anya baabi ayi “Eureka Drama” no a wɔrentua hwee. Wonyaa baabi te sɛ sukuu dan mu, keteke gyinabea, pato akɛse, ne baabi a baguafo hyia. Mpɛn pii no na woyi drama  no wɔ abɔnten petee mu. Wɔde ntama fitaa bi sɛn ban ho yi wɔ so. Anthony Hambuch kyerɛwee sɛ: “Na akuafo siesie wɔn turom de nnua toto hɔ ma nnipa tena so hwɛ drama no.” Anuanom a woyi “Eureka Drama” no de wɔn ho nneɛma ne nea wɔde yi drama no, ntamadan a wɔda mu, ne nneɛma wɔde yɛ nnuan guu teaseɛnam mu kɔɔ mmeae ahorow.

Baabi wɔ hɔ a na nnipa a wɔbɛhwɛ “Eureka Drama” no nnɔɔso. Baabi nso wɔ hɔ a na wɔdɔɔso paa. Bere a woyii drama no wɔ sukuu dan bi mu wɔ United States kurow bi mu no, nnipa 400 na wɔbɛhwɛe. Nanso na nnipa a wɔwɔ saa kurow no mu yɛ 150 pɛ. Baabi wɔ hɔ a nkurɔfo nantew kilomita 8 kɔhwɛɛ “Eureka Drama” no bi. Bere a woyii drama no wɔ Charlotte Ahlberg fie wɔ Sweden no, nnipa a wohyiae no kae sɛ nea wɔtee no “kaa wɔn koma paa.” Nnipa bɛyɛ 1,500 hyiae wɔ Australia kurow bi mu hwɛɛ bi. Ɔwɛn-Aban bi bɔɔ amanneɛ sɛ bere a woyii drama no wɔ sukuu ahorow bi mu no, “akyerɛkyerɛfo ne sukuufo no bi kae sɛ mfonini fɛfɛ ne gramafon no maa wɔn ho dwiriw wɔn paa.” Mpo nkurow a na wɔtaa yi sini paa no, “Eureka Drama” no maa ne homene so wɔ hɔ; nkurɔfo pii hwɛe.

NNIPA PII SUAA NOKWARE NO

Bible Asuafo no maa anuanom pii kɔɔ mmeae ahorow kofii Bible adesua foforo ase. Nea wɔde dii dwuma kɛse ne “Eureka Drama” no. Yɛrentumi nkyerɛ nnipa dodow a wɔhwɛɛ drama no. Nea yenim ne sɛ, sɛ wohwɛ nneɛma a anuanom de yii drama no a, wuhu sɛ abɔ adwuma paa. Nanso afe 1915 mu no, kuw 86 a na woyi drama no mu 14 pɛ na na wɔtaa bu akontaa kyerɛ nnipa dodow a wɔbɛhwɛɛ drama no. Nanso eyi nyinaa akyi no, afe no soe no, akontaabu kyerɛ sɛ nnipa bɛboro ɔpepem baako na wɔhwɛɛ drama no bi saa afe no. Nnipa bɛyɛ 30,000 gyee yɛn nhoma no bi.

Ebia “Eureka Drama” no nnyee din kɛse wɔ abakɔsɛm mu, nanso efi Australia kosi Argentina, efi South Africa kosi Britain, India, ne Caribbean nyinaa, nnipa mpempem pii hwɛɛ drama fɛfɛ no bi. Wɔn mu pii hui sɛ Bible mu nokware som bo sen sika kɔkɔɔ koraa, enti wobetumi ateɛm sɛ “Eureka!”

^ nky. 4 Hwɛ “Tete Wɔ Bi Ka—Adi Mfe 100—Ɛhyɛɛ Gyidi Den” wɔ Ɔwɛn-Aban, February 15, 2014, kratafa 30-32 no.