Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Asɛm Wɔ Nkwa—Fa Di Dwuma!

Onyankopɔn Asɛm Wɔ Nkwa—Fa Di Dwuma!

“Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu.”HEB. 4:12.

1, 2. Adwuma bɛn na Yehowa de hyɛɛ Mose nsa, na bɔ bɛn na ɔhyɛɛ Mose?

FA NO sɛ Onyankopɔn asoma wo sɛ kɔ asase so tumfoɔ kɛse bi anim kɔkasa ma ne nkurɔfo. Anka ɛbɛka wo sɛn? Anhwɛ a ehu bɛka wo ma wo yam ahyehye wo. Ebia wobɛka sɛ, ‘Merekɔ yi, dɛn na merekɔka? Mɛyɛ dɛn atumi akasa sɛ Onyankopɔn bɔfo a wasoma no?’

2 Saa ara na Mose asɛm no kɔyɛe. Bible ka sɛ na Mose yɛ “ɔbarima a odwo sen obiara wɔ asase so.” (Num. 12:3) Obi a odwo saa na Onyankopɔn somaa no sɛ ɔnkɔ Farao anim nkogye ne nkurɔfo mfi nkoasom mu. Na Farao yɛ ahantan, na na onni obu ketekete koraa ma Onyankopɔn. (Ex. 5:1, 2) Nanso na Yehowa pɛ sɛ Mose de si Farao anim pi sɛ onnyaa ne nkoa mpempem no ma wɔnsan nkɔ wɔn kurom. Na asɛm no ani soso, enti Mose bisaa Yehowa sɛ: “Mene hena a merekɔ Farao anim sɛ merekoyi Israelfo afi Egypt?” Ebia Mose kae wɔ ne tirim sɛ, ‘Me asukɔnoma yi deɛ meyɛ dɛn kogyina Farao anim?’ Nanso Onyankopɔn kaa ne koma too ne yam. Ɔhyɛɛ Mose bɔ sɛ: “Medi w’akyi.”Ex. 3:9-12.

3, 4. (a) Adɛn nti na na Mose suro? (b) Dɛn na ebetumi ama woabɔ hu sɛnea Mose bɔɔ hu no?

3 Adɛn nti na ehu kaa Mose? Na osuro sɛ Farao rentie obi a Yehowa Nyankopɔn asoma no. Bio nso na ɛyɛ no sɛ ɔno ara ne  kuromfo mpo rennye nni sɛ Yehowa na asoma no sɛ ommegye wɔn mfi Egypt. Enti Mose bisaa Yehowa sɛ: “Sɛ wɔannye me anni na wɔantie me, na wɔka sɛ ‘Yehowa nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo’ nso ɛ?”Ex. 3:15-18; 4:1.

4 Sɛ yɛhwɛ mmuae a Yehowa de maa Mose ne nsɛm a esisii ɛno akyi a, yebetumi asua nneɛma pii afi mu. Ebia ɛnyɛ otumfoɔ bi anim na wobɛkɔ akogyina, nanso sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛka Onyankopɔn ne n’Ahenni no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo a wɔwɔ w’asasesin mu no nso ɛ? Sɛ saa a, hwɛ nea wubetumi asua afi Mose asɛm no mu.

“DƐN NA EKURA WO YI?”

5. Dɛn na Yehowa de hyɛɛ Mose nsam, na ɛyɛɛ dɛn na eyi ma onyaa akokoduru? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

5 Bere a Mose kae sɛ anhwɛ a nkurɔfo rennye no nni no, Onyankopɔn boaa no ma ohuu nea ɔbɛyɛ. Yehowa bisaa Mose sɛ: “‘Dɛn na ekura wo yi?’ Na obuae sɛ ‘Ɛyɛ poma.’ Ɛnna ɔkae sɛ: ‘Tow kyene fam.’ Enti ɔtow kyenee fam, na ɛdan ɔwɔ; ɛnna Mose guan fii hɔ. Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Teɛ wo nsa so ne dua mu.’ Na ɔteɛɛ ne nsa soo ne dua mu, na ɛdan poma wɔ ne nsam. Na ɔkae sɛ: ‘Ɛno bɛma wɔagye adi sɛ Yehowa . . . ayi ne ho adi akyerɛ wo.’” (Ex. 4:2-5) Enti Onyankopɔn maa poma a Mose kura no dan ɔwɔ de kyerɛe sɛ ne tumi wɔ Mose nsam, na ɔno Yehowa na asoma no. Nnipa ani so deɛ na ɛyɛ poma kɛkɛ, nanso Onyankopɔn de ne tumi duaa mu. Anwonwade yi na na ɛbɛma Mose anya nan agyina so na woahu sɛ Yehowa bɛbɔ no kyidɔm. Enti Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa poma yi kura na wode ayɛ nsɛnkyerɛnne no.” (Ex. 4:17) Afei deɛ na Mose anya nea ɛbɛboa no ma ɔde akokoduru akɔ ne manfo ne Farao anim.Ex. 4:29-31; 7:8-13.

6. (a) Sɛ yɛreka asɛmpa no a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde kura, na adɛn ntia? (b) Adɛn nti na “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa” na “tumi wɔ mu”?

6 Sɛ yɛreka Ahenni no ho asɛmpa a, dɛn na yɛde kura? Mpɛn pii no, ɛyɛ a Bible na ekura yɛn nsam, na yɛn ho pere yɛn sɛ yɛbɛkan akyerɛ nkurɔfo. Ebia ebinom besusuw sɛ Bible yɛ nhoma bi kɛkɛ, nanso Yehowa nam Bible so kasa kyerɛ yɛn. (2 Pet. 1:21) Bible mu na yehu nneɛma a Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ n’Ahenni no bɛyɛ. Enti ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu.” (Monkenkan Hebrifo 4:12.) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa? Yehowa yɛ nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ biara na nkakrankakra ne bɔhyɛ nyinaa abam. (Yes. 46:10; 55:11) Sɛ obi nya hu sɛ Bible mu asɛm biara bɛbam a, biribiara a ɔbɛkan wɔ Bible mu no betumi anya ne so nkɛntɛnso kɛse.

7. Yɛbɛyɛ dɛn ‘akura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ’?

7 Yehowa adom yɛn ama yɛn n’Asɛm Bible no. Nkwa wom, enti yebetumi de akyerɛ sɛ asɛm a yɛka no yɛ nokware na efi Onyankopɔn hɔ. Enti Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ ‘ɔnyɛ nea obetumi biara nkura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.’ (2 Tim. 2:15) Yɛn nso ɛ, yɛbɛyɛ dɛn de Paulo afotu no adi dwuma yiye? Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kyerɛw nsɛm a ɛbɛka nkurɔfo koma na yɛkan kyerɛ wɔn. Yeyii nkratawa bi adi 2013, na eyi bɛboa yɛn ma yɛahu kwampa a yɛbɛfa so ne nkurɔfo asusuw kyerɛw nsɛm ho.

HWƐ KYERƐWSƐM A ƐKA KOMA NA KENKAN

8. Dɛn na ɔsom adwuma sohwɛfo bi ka faa nkratawa foforo no ho?

8 Sɛ wohwɛ ɔkwan a wɔafa so ayɛ nkratawa foforo yi a, wuhu sɛ edi nsɛ. Enti sɛ yehu sɛnea yɛde baako bɛyɛ adwuma a, na yɛahu ne nyinaa. Ɔsom  adwuma sohwɛfo bi a ɔwɔ Hawaii, U.S.A., kyerɛwee sɛ: “Na yennim koraa sɛ nkratawa foforo yi bɛboa paa wɔ afie afie asɛnka adwuma ne abɔnten so adansedi mu.” Adɛn nti na ɛnyɛ den sɛ yɛde nkratawa yi bɛyɛ adwuma? Onua no ahu sɛ ɔkwan a wɔfaa so kyerɛw nkratawa no mu nsɛm no boa nkurɔfo ma wɔkyerɛ wɔn adwene ntɛm. Enti ɛnyɛ den sɛ yebenya wɔn ne wɔn abɔ nkɔmmɔ. Bio onua no susuw sɛ asɛmmisa ne mmuae a ɛwɔ kratawa no anim no boa paa. Ofiewura no betumi apaw mmuae no mu biara, na onsuro sɛ ɔrebɛka biribi ati.

9, 10. (a) Ɔkwan bɛn so na nkratawa no boa yɛn ma yɛde Bible di dwuma wɔ asɛnka mu? (b) Nkratawa no mu nea ɛwɔ he na wutumi de di adanse paa, na adɛn ntia?

9 Kratawa biara wɔ kyerɛwsɛm titiriw bi a yɛbɛkenkan akyerɛ ofiewura no. Yɛmfa kratawa a wɔato din Enti Amanehunu To Betwa Da Bi? nyɛ nhwɛso. Wohwɛ kratawa no anim a, wubehu mmuae mmiɛnsa bi. Ebia ofiewura bi bɛka sɛ “ɛto betwa.” Ɔfoforo nso bɛka sɛ “ɛto rentwa.” Obi nso bɛka sɛ “ebia ɛto betwa.” Nea wɔn mu biara bɛka no, bue kratawa no mu na ka sɛ, “Yɛnhwɛ nea Bible aka.” Afei kenkan Adiyisɛm 21:3, 4.

10 Sɛ wode kratawa a wɔato din Wohwɛ a, Bible Yɛ Nhoma Bɛn? ma obi a, fa kwan koro no ara so. Asɛmmisa no ho mmuae mmiɛnsa wɔ kratawa no anim. Emu biara a ofiewura no bɛpaw no, bue kratawa no mu na ka sɛ, “Bible ka sɛ ‘Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu.’” Afei wubetumi de aka ho sɛ, “Saa asɛm no wɔ 2 Timoteo 3:16, 17. Wo deɛ ma yɛnkan na yɛnhwɛ nsɛm pii wɔ hɔ.” Afei bue wo Bible na kenkan saa kyerɛwsɛm no.

11, 12. (a) Dɛn na ɛma wo akomatɔyam wɔ asɛnka mu? (b) Ɔkwan bɛn so na nkratawa bɛboa wo ma woasiesie wo ho ama sankɔhwɛ?

11 Sɛ ofiewura no ani gye ho a, wubetumi akenkan nsɛm pii afi kratawa no mu na wo ne no asusuw ho. Sɛ woantumi ne no ansusuw nsɛm foforo ho mpo a, kratawa no a wode ama no ne kyerɛwsɛm baako anaa mmienu bi a wokenkanee no ara dɔɔso. Anyɛ yiye koraa no, woatumi akan Onyankopɔn Asɛm no fã bi akyerɛ no, na ɛno nko ara mpo ma akomatɔyam. Akyiri yi wubetumi asan akɔ hɔ akɔtoa nkɔmmɔ no so.

 12 Sɛ wohwɛ kratawa no biara akyi a, asɛmti ketewa bi wɔ hɔ a wɔato din sɛ “Hwɛ Asɛmmisa Yi.” Asɛmmisa ne kyerɛw nsɛm wɔ hɔ a sɛ wosan kɔ a, mubetumi asusuw ho. Wohwɛ kratawa a wɔato din Wohwɛ a, Dɛn na Ebesi Daakye? no a, asɛmmisa a mubetumi asusuw ho ni: “Ɔkwan bɛn na Onyankopɔn bɛfa so ayɛ wiase a yɛte mu yi foforo?” Kyerɛw nsɛm a ɛwɔ ase ne Mateo 6:9, 10 ne Daniel 2:44. Sɛ yɛhwɛ kratawa a wɔato din So Ɛyɛ Ampa sɛ Awufo Bɛsan Atena Ase Bio? nso a, asɛmmisa no ne “Dɛn nti na yenyinyin na yewuwu?” Kyerɛw nsɛm a ɛwɔ ase ne Genesis 3:17-19 ne Romafo 5:12.

13. Kyerɛ ɔkwan a yebetumi afa so de nkratawa no afi Bible adesua ase.

13 Wubetumi de nkratawa no afi Bible adesua ase. Sɛ obi twa ahyɛnsode (QR Code *) a ɛda kratawa no akyi to mobal fon bi so a, ɛde no bɛkɔ yɛn Intanɛt dwumadibea. Eyi bɛhyɛ no nkuran ma wasua Bible. Kratawa no biara twe adwene kɔ adesua bi so wɔ Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! nhomawa no mu. Yɛmfa kratawa a wɔato din Hena Paa na Odi Wiase Yi So? nyɛ nhwɛso. Saa kratawa no de wo bɛkɔ adesua a ɛto so 5 wɔ nhomawa no mu. Kratawa a wɔato din Dɛn na Ɛde Anigye Ba Abusua Mu? no de wo bɛkɔ adesua a ɛto so 9. Wɔayɛ nkratawa yi sɛnea ɛbɛboa yɛn ma yɛakenkan Bible no bere a edi kan koraa a yɛne obi rekasa ne bere a yɛasan akɔsra no. Eyi nso bɛboa yɛn ma yɛne nnipa pii afi Bible adesua ase. Dɛn bio na wubetumi ayɛ de Onyankopɔn Asɛm adi dwuma yiye wɔ asɛnka mu?

HU NKURƆFO DADWEN NA MUNSUSUW HO

14, 15. Wobɛyɛ dɛn asuasua Paulo wɔ asɛnka adwuma no mu?

14 Na Paulo ho pere no sɛ obehu nea ɛwɔ nkurɔfo adwenem ‘sɛnea ɛbɛyɛ a obenya nnipa pii.’ (Monkenkan 1 Korintofo 9:19-23.) Na n’ani da so sɛ obenya ‘Yudafo, wɔn a wɔwɔ mmara ase, wɔn a wonni mmara no, ne wɔn a wɔyɛ mmerɛw.’ Na ɔpɛ sɛ ɔboa ‘nnipa ahorow nyinaa, sɛnea ɛyɛ dɛn ara a, obegye ebinom nkwa.’ (Aso. 20:21) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Paulo wɔ yɛn asɛnka adwuma mu na yɛanya “nnipa ahorow nyinaa”?1 Tim. 2:3, 4.

15 Bosome biara Yɛn Ahenni Som no kyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so aka asɛm no. Sɔ hwɛ. Nanso sɛ wohwɛ w’asasesin mu na biribi foforo na ɛyɛ wɔn dadwen a, hwɛ ɔkwan a wobɛfa so aka w’asɛm ma aka wɔn koma. Sɛ wohwɛ wo mpɔtam hɔ a, dɛn na ɛhaw nkurɔfo? Afei hwehwɛ kyerɛwsɛm a ebetumi aboa wɔn na wo ne wɔn nsusuw ho. Ɔmansin sohwɛfo bi kae sɛ ɔne ne yere bɔ mmɔden sɛ wɔde Bible bedi dwuma wɔ asɛnka mu. Ɔkae sɛ: “Sɛ nkurɔfo hu sɛ yɛn nkɔmmɔbɔ no yɛ tiaa a, mpɛn pii no wɔma yɛn kwan ma yɛkan kyerɛwsɛm baako bi. Bere a yɛrekyia ofiewura no nyinaa na yɛabue yɛn Bible mu kura yɛn. Afei yekyia no wie a, na yɛakenkan kyerɛwsɛm no.” Ma yɛnhwɛ nsɛm ne nsɛmmisa ne kyerɛw nsɛm a ebinom de ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu ma aboa wɔn. Wubetumi asɔ ahwɛ wɔ w’asasesin mu.

Wode Bible ne nkratawa redi dwuma yiye wɔ asɛnka mu? (Hwɛ nkyekyɛm 8-13)

16. Sɛn na wode Yesaia 14:7 bɛyɛ adwuma wɔ asɛnka mu?

16 Ebia baabi a wote no nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ kɔ so wɔ hɔ. Sɛ saa a, ɛnde wuhyia obi wɔ asɛnka mu a wubetumi aka sɛ: “Fa no sɛ woasɔre anɔpa bi na wotee saa amanneɛbɔ yi: ‘Asase nyinaa so adwo, ɔhaw biara nni so. Nkurɔfo de anigye bɔ ose.’ Anka ɛbɛka wo sɛn? Wunim, saa na Bible ka wɔ Yesaia 14:7. Nokwasɛm ne sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ pii wɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ asomdwoe bɛba daakye.”  Afei kenkan bɔhyɛ no baako wɔ Bible mu kyerɛ no.

17. Wobɛyɛ dɛn de Mateo 5:3 aba nkɔmmɔbɔ mu?

17 Sɛ wohwɛ baabi a wowɔ a, ɛyɛ den ma mmarima sɛ wobenya adwuma ayɛ ahwɛ wɔn mmusua anaa? Sɛ saa a, wubetumi abisa sɛ: “Wohwɛ a sika sɛn na ɔbarima hia na ama n’abusua ani agye?” Sɛ obua a, ka sɛ: “Mmarima pii nya boro saa, nanso wɔn mmusua ani nnye. Ɛnde, dɛn paa na ehia?” Afei kenkan Mateo 5:3 na ka kyerɛ no sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible.

18. Ɔkwan bɛn so na wubetumi de Yeremia 29:11 akyekye obi werɛ?

18 Atoyerɛnkyɛm bi asi wo mpɔtam ma nkurɔfo rehu amane anaa? Ɛnde, wokɔto obi a, wubetumi aka sɛ: “Mebaa ha sɛ mede awerɛkyekyesɛm bi rebrɛ wo. (Monkenkan Yeremia 29:11.) Wuhuu nneɛma mmiɛnsa a Onyankopɔn pɛ sɛ yenya no? Kyerɛwsɛm no se ‘asomdwoe,’ ‘daakye,’ ne ‘anidaso.’ Ɛnyɛ wo dɛ sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ yɛn ani gye na esi yɛn yiye? Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na atumi ayɛ yiye saa?” Afei dan kɔ adesua pɔtee bi so wɔ Asɛmpa nhomawa no mu.

19. Kyerɛ sɛnea yebetumi ne wɔn a wɔpɛ nyamesom asusuw Adiyisɛm 14:6, 7 ho.

19 Wote baabi a nkurɔfo ani gye nyamesom ho anaa? Sɛ saa a, wubetumi afi wo nkɔmmɔbɔ ase sɛ: “Sɛ ɔbɔfo bi ba wo nkyɛn ne wo bɛkasa a, anka wubetie no anaa? (Monkenkan Adiyisɛm 14:6, 7.) Ɔbɔfo no kae sɛ ‘suro Onyankopɔn.’ Ɛnde, Onyankopɔn bɛn na na ɔreka ne ho asɛm? Ɔbɔfo no toaa so sɛ, ‘Nea ɔyɛɛ ɔsoro ne asase no.’ Ɛyɛ hena?” Afei kenkan Dwom 124:8. Ɛhɔ ka sɛ: “Yehowa din mu na yɛn mmoa wɔ, Ɔsoro ne asase Yɛfo no.” Afei ka kyerɛ no sɛ wopɛ sɛ wosan ba bio bɛkyerɛkyerɛ no Yehowa Nyankopɔn ho nsɛm pii.

20. (a) Yɛbɛyɛ dɛn de Mmebusɛm 30:4 aboa obi ma wahu Onyankopɔn din? (b) Kyerɛwsɛm bɛn na aboa wo paa wɔ asɛnka mu?

20 Sɛ wuhyia aberante anaa ababaa a, wubetumi aka sɛ: “Mepɛ sɛ mekenkan kyerɛwsɛm bi kyerɛ wo. Asɛmmisa titiriw bi wom. (Monkenkan Mmebusɛm 30:4.) Onipa biara nni hɔ a obetumi ayɛ nea yɛakenkan yi. Enti ɛnyɛ obiara sɛ Ɔbɔadeɛ no na ɛreka ne ho asɛm. * Ɛnde, ne din de sɛn? M’ani begye ho sɛ mɛkan afi Bible mu akyerɛ wo.”

MA ONYANKOPƆN ASƐM NHYƐ WO DEN WƆ ASƐNKA MU

21, 22. (a) Sɛ wopaw kyerɛwsɛm a ɛfata kan kyerɛ obi a, ɛbɛboa no sɛn? (b) Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ wɔ asɛnka mu?

21 Sɛ wopaw kyerɛwsɛm a ɛfata na wotɔ wo bo ase kan kyerɛ obi a, wunnim dwuma a ebedi. Nhwɛso bi ni: Adansefo baanu bi a wɔwɔ Australia kɔbɔɔ ɔbea bi pon. Ɔbaako bisaa no sɛ, “Wunim Onyankopɔn din?” Afei ɔkenkan Dwom 83:18 kyerɛɛ ɔbea no. Ɔbea no kae sɛ: “Me ho dwiriw me! Bere a Adansefo no kɔe no, mituu kar twaa kwan kilomita 56 kɔɔ baabi a wɔtɔn Bible kɔhwɛɛ Onyankopɔn din wɔ Bible ahorow mu. Bio, mesan hwɛɛ din no wɔ nsɛm asekyerɛ nhoma mu. Afei migye dii sɛ Onyankopɔn din de Yehowa. Mihuu saa no, ɛyɛɛ me sɛ gyama nneɛma pii wɔ hɔ a minnim.” Ankyɛ koraa, ɔne ɔbarima a ɔrebɛware no nyinaa fii ase suaa Bible, na akyiri yi wɔbɔɔ asu.

22 Sɛ obi kenkan Onyankopɔn Asɛm na ogye di sɛ Yehowa bɔhyɛ bɛbam a, etumi sesa n’abrabɔ. (Monkenkan 1 Tesalonikafo 2:13.) Biribiara nni hɔ a yebetumi aka ma aka obi koma sen Bible mu asɛm, efisɛ tumi wom. Ɛno nti ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm no di dwuma bere biara. Ɛwɔ nkwa!

^ nky. 13 QR Code yɛ Denso Wave Incorporated adwumakuw no dea.

^ nky. 20 Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” wɔ July 15, 1987, Borɔfo Ɔwɛn-Aban, kratafa 31.