Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Yehowa Bɛn Yɛn

Sɛnea Yehowa Bɛn Yɛn

“Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.”YAK. 4:8.

1. Dɛn na onipa biara pɛ, na hefo na wobetumi aboa no?

“ONIPA nua ne nipa.” Eyi yɛ asɛm a yɛtaa te. Ampa, obiara hia nnipa wɔ ne ho. Sɛ nkurɔfo nim wɔn ho yiye na obiara pɛ ne yɔnko asɛm a, yetumi ka sɛ wɔbɛn wɔn ho. Sɛ yɛwɔ abusuafo ne nnamfo a wɔpɛ yɛn asɛm, wɔdɔ yɛn, na wobu yɛn a, yɛn ani gye paa. Nanso sɛ yɛka onii a ɛsɛ sɛ yɛbɛn no paa a, ɔne yɛn Bɔfo Yehowa.Ɔsɛnk. 12:1.

2. Dɛn na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ? Adɛn nti na nnipa pii nnye saa asɛm no nni?

2 Yehowa ankasa pɛ sɛ ‘yɛbɛn’ no, na wahyɛ bɔ sɛ yɛyɛ saa a, ɔno nso ‘bɛbɛn’ yɛn. (Yak. 4:8) Saa asɛm yi ka koma paa! Nanso nnipa pii nnye nni sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔbɛn wɔn. Wɔn adwene yɛ wɔn sɛ wɔmfata sɛ Onyankopɔn bɛbɛn wɔn anaa wosusuw sɛ wɔrentumi mmɛn Onyankopɔn efisɛ ɔne nnipa ntam ware. Ɛnde, ɛyɛ ampa paa sɛ yebetumi abɛn Yehowa?

3. Nokwasɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yehu fa Yehowa ho?

3 Nokwasɛm ne sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ohu Yehowa a, obetumi ahu no efisɛ “ɔne yɛn mu biara ntam nware.” (Monkenkan Asomafo Nnwuma 17:26, 27; Dwom 145:18.) Ɛwom sɛ nnipa tɔ sin, nanso Yehowa pɛ sɛ yɛbɛn no, na wayɛ krado sɛ  ɔne yɛn bɛfa adamfo. (Yes. 41:8; 55:6) Na odwontofo no nim saa nokwasɛm yi, enti ɔkaa Yehowa ho asɛm sɛ: “O mpaebɔ Tiefo, wo nkyɛn na ɔhonam nyinaa bɛba. Anigye ne onipa a wopaw no na woma ɔbɛn wo.” (Dw. 65:2, 4) Afei momma yɛnhwɛ sɛnea Yuda hene Asa bɛn Onyankopɔn ne nea Onyankopɔn nso yɛe. *

NEA YESUA FI ASA NHWƐSO NO MU

4. Ɛsa bɛn na Ɔhene Asa twa too hɔ maa Yuda man no?

4 Ná Ɔhene Asa ani ku nokware som ho paa. Bere a obedii ade no na nguaman agye asɔrefie no abɔ so, na na abosonsom nso agye ntini wɔ ɔman no mu, nanso ɔbɔɔ mmɔden praa afide yi fii hɔ. (1 Ahe. 15:9-13) Esiane Asa nhwɛso pa nti, otumi tuu ne nkurɔfo fo sɛ “wɔnhwehwɛ Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wonni ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde so.” Yehowa nso hyiraa Asa, na mfe du a edi kan wɔ n’ahenni mu no, asomdwoe tenaa ɔman no mu. Na Asa nim sɛ asomdwoe no fi Yehowa hɔ, enti ɔka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ: “Asase no da hɔ ma yɛn, efisɛ yɛahwehwɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn. Yɛahwehwɛ no nti, wama yɛanya ɔhome afã nyinaa ahyia.” (2 Be. 14:1-7) Afei yɛnhwɛ nea esii akyiri yi.

5. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Asa de ne ho too Onyankopɔn so, na dɛn na efii mu bae?

5 Fa no sɛ wo ne Asa. Etiopiani Sera de asraafo 1,000,000 ne nteaseɛnam 300 aba wo man Yuda so. (2 Be. 14:8-10) Nanso w’asraafo yɛ 580,000, bɛyɛ Etiopiafo no mu fã pɛ. Sɛ wuhu asraafodɔm saa sɛ wɔreba wo man so a, dɛn na wobɛyɛ? Wubebisa nea enti a Onyankopɔn ama kwan ma atamfo aba wo man so? Wode wo ho bɛto wo nyansa so anaa wode wo ho bɛto Yehowa so? Nea Asa yɛe no kyerɛ sɛ ɔbɛn Yehowa na ɔwɔ ahotoso sɛ obegye ɔman no afi atamfo nsam. Asa teɛɛm sɛ: “Yehowa yɛn Nyankopɔn, boa yɛn, na wo so na yɛde yɛn ani ato; wo din mu na yɛaba saa dɔm yi so. O Yehowa, wone yɛn Nyankopɔn. Mma onipa desani nnni wo so nkonim.” Dɛn na Onyankopɔn yɛe wɔ Asa adesrɛ no ho? Bible ka sɛ “Yehowa dii Etiopiafo so nkonim.” Atamfo no mu baako mpo anka.2 Be. 14:11-13.

6. Asa su bɛn na ɛsɛ sɛ yesua?

6 Ɛyɛɛ dɛn na Asa de ne werɛ nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn mu sɛ ɔbɛbɔ ne ho ban? Bible ka sɛ “Asa yɛɛ nea ɛteɛ Yehowa ani so,” na na ‘ne koma di mũ wɔ Yehowa ho.’ (1 Ahe. 15:11, 14) Yɛn nso ɛsɛ sɛ yɛde koma mũ som Onyankopɔn na yɛatumi abɛn no nnɛ ne daakye nyinaa. Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ Yehowa ankasa ka yɛn ba ne ho na ɔboa yɛn ma yɛne no fa adamfo a emu yɛ den. Momma yɛnhwɛ akwan mmienu a Onyankopɔn afa so aka yɛn aba ne ho.

YEHOWA NAM AGYEDE NO SO AKA YƐN ABA NE HO

7. (a) Dɛn na Yehowa ayɛ a ɛka yɛn bɛn no? (b) Ɔkwan titiriw bɛn na Yehowa fa so ka yɛn ba ne ho?

7 Yehowa dɔ nnipa nti wabɔ asase fɛfɛɛfɛ ama yɛn. Ne dɔ koro yi ara nti na yɛte nkwa mu, efisɛ daa ɔma yɛn nea yehia. (Aso. 17:28; Adi. 4:11) Nea ɛsen honam fam nneɛma koraa ne honhom fam aduan a Yehowa de ma yɛn. (Luka 12:42) Bio, wama yɛn awerɛhyem sɛ yɛbɔ mpae a, obetie. (1 Yoh. 5:14) Nanso ɔkwan titiriw a Yehowa fa so ka yɛn  ba ne ho ne agyede no. (Monkenkan 1 Yohane 4:9, 10, 19.) Yehowa somaa ne “Ba a ɔwoo no koro” no baa asase so sɛ ɔmfa ne nkwa mmɔ afɔre mma yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛde yɛn ho afi bɔne ne owu ho na yɛatena ase daa.Yoh. 3:16.

8, 9. Dwuma bɛn na Yehowa de Yesu di?

8 Yehowa pɛ sɛ obi biara nya agyede no so mfaso; wɔn a wowui ansa na Kristo reba mpo benya so mfaso. Bere a Yehowa nya hyɛɛ nkɔm sɛ daakye ɔbɛma obi abegye adesamma no, na ɛte sɛ nea ɔde agyede no ama dedaw, efisɛ onim sɛ ɔkwan biara so n’asɛm bɛbam. (Gen. 3:15) Mfe pii akyi no, ɔsomafo Paulo daa Yehowa ase sɛ ‘ɔnam Kristo Yesu agyede no so abu yɛn bem.’ Paulo de kaa ho sɛ Onyankopɔn ‘de bɔne a wɔayɛ atwam no firii, bere a onyaa abotare no.’ (Rom. 3:21-26) Enti yɛrentumi nkwati Yesu mmɛn Onyankopɔn mma ɛnyɛ yiye.

9 Yesu nko ara na nnipa ahobrɛasefo betumi afa no so ahu Yehowa na wabɛn no. Dɛn na Bible ma yehu fa eyi ho? Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.” (Rom. 5:6-8) Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛnyɛ biribi a yɛayɛ ama Yehowa na ɔde agyede no retua yɛn ka, na mmom dɔ na ɔdɔ yɛn. Yesu kae sɛ: “Obiara ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no.” Ɔsan kae sɛ: “Obiara mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam me so.” (Yoh. 6:44; 14:6) Ɔkwan bɛn na Yehowa fa Yesu so twe nkurɔfo ba ne nkyɛn na ɔboa wɔn ma wɔtena ne dɔ mu na wɔanya daa nkwa? Ɔnam honhom kronkron so. (Monkenkan Yuda 20, 21.) Yɛnhwɛ ɔkwan foforo a Yehowa fa so twe yɛn ba ne nkyɛn.

YEHOWA NAM BIBLE SO TWE YƐN BA NE NKYƐN

10. Ɔkwan bɛn so na Bible boa yɛn ma yɛbɛn Onyankopɔn?

10 Besi ha yi, yɛafa kyerɛw nsɛm ahorow afi Bible nhoma 14 mu. Yehowa de ne honhom kronkron kaa nnipa ma wɔkyerɛw Bible no sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi abɛn no. Ɛnyɛ Bible a, anka yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ yebetumi abɛn yɛn Bɔfo no? Ɛnyɛ Bible koro yi ara a, anka yɛbɛyɛ dɛn ahu agyede no ho asɛm? Bio, sɛ ɛnyɛ Bible a, anka yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ Yehowa nam Yesu so ka yɛn ba ne ho? Bible boa yɛn ma yehu Yehowa su ahorow ne n’atirimpɔw. Exodus 34:6, 7 ma yehu Yehowa su fɛfɛ no bi. Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔyɛ “Onyankopɔn mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo, nea ne bo kyɛ fuw na n’adɔe ne ne nokwaredi dɔɔso. Oyi n’adɔe adi kyerɛ nnipa mpempem, na ɔde mfomso ne mmarato ne bɔne firi.” Hena na ɔmpɛ sɛ ɔbɛn obi a ɔte saa? Yehowa nim sɛ bere biara a yebesua ne ho biribi wɔ Bible mu no, ɛka yɛn bɛn no na yehu sɛ ɔwɔ hɔ ampa.

11. Adɛn nti na ehia sɛ yehu Onyankopɔn su ahorow ne n’akwan? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

11 Nhoma a wɔato din Bɛn Yehowa no ma yehu sɛ yebetumi afa Onyankopɔn adamfo. Nhoma no nnianim asɛm ka sɛ: “Adamfofa biara mu no, abusuabɔ no gyina hu a yebehu onipa no, na yɛanya ne su ahorow a ɛda nsow ho anigye ne anisɔ so. Enti Onyankopɔn su ahorow ne n’akwan a wɔada no adi wɔ Bible mu no yɛ ade a ehia sɛ yesua ho ade.” Ɛnde, momma yɛnna Yehowa ase sɛ wama wɔakyerɛw Bible no sɛnea nnipa bɛte ase.

12. Adɛn nti na Yehowa maa nnipa kyerɛw Bible no?

 12 Anka Yehowa betumi ama abɔfo akyerɛw Bible no. Yɛreka yi abɔfo ani gye nnipa ne nea wɔyɛ ho. (1 Pet. 1:12) Anka wobetumi akyerɛw Onyankopɔn Asɛm no pɛpɛɛpɛ. Nanso asɛmmisa ne sɛ, anka abɔfo behu nneɛma sɛnea nnipa hu no? Anka wobehu yɛn ahiade, yɛn haw, ne yɛn mmerɛwyɛ? Dabi. Yehowa nim sɛ abɔfo nte sɛ nnipa; wonsusuw nneɛma ho sɛ nnipa. Enti Yehowa hyɛɛ da na ɔmaa nnipa kyerɛw Bible no. Nnipa a wɔkyerɛw Bible no ne wɔn a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no bi dii mfomso, ehu kaa ebinom, na afoforo nso abam bui. Sɛ yɛkan Bible na yehu nea wɔfaa mu a, yɛte ase efisɛ yɛn nso yehyia tebea a ɛte saa. Saa ara nso na yɛkan Bible na yehu sɛ wɔn ani agye a, yɛn nso yɛn ani gye. Sɛnea na Elia ‘wɔ nkate te sɛ yɛn’ no, saa ara na na Bible akyerɛwfo no nyinaa te.Yak. 5:17.

Adɛn nti na ɔkwan a Yehowa faa so ne Yona ne Petro dii no ka wo bɛn no? (Hwɛ nkyekyɛm 13, 15)

13. Yona mpae no ka wo sɛn?

13 Yɛmfa Yona nyɛ nhwɛso. Bere a Onyankopɔn somaa no no, oguanee. Sɛ ɔbɔfo na ɔkyerɛw saa asɛm no a, ebia anka ɔrentumi nkyerɛw nea Yona faa mu no pɛpɛɛpɛ. Enti eye paa sɛ Yehowa maa Yona ankasa kyerɛw n’asɛm ne mpae a ɔbɔe bere a ɔda apataa yam wɔ po ase no. Yona kae sɛ: “Bere a me kra hodwowee no, mekaee Yehowa.”Yona 1:3, 10; 2:1-9.

14. Adɛn nti na wubetumi ate nea Yesaia kyerɛw faa ne ho no ase?

14 Yɛnhwɛ Yesaia nso. Yehowa ma ɔkyerɛw ɔno ara ne ho asɛm. Yesaia huu Onyankopɔn anuonyam wɔ anisoadehu mu, na eyi ma ohui sɛ ne ho ntew. Ɔkae sɛ: “Asɛm ato me! Mawu awie, efisɛ m’ano ho ntew, na nkurɔfo  a mete wɔn mu nso ano ho ntew; na hwɛ, mede m’ani ahu Ɔhene no, asafo Yehowa ankasa!” (Yes. 6:5) Ɔbɔfo bɛn na anka obetumi aka saa afa ne ho? Nanso Yesaia tumi kaa saa, na yebetumi ate ase.

15, 16. (a) Adɛn nti na yebetumi ate yɛn yɔnko nnipa ase? Ma nhwɛso. (b) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛabɛn Yehowa paa?

15 Wohwɛ a anka ɔbɔfo betumi aka sɛ ‘ɔmfata’ sɛnea Yakob kae no anaa anka obetumi aka sɛ ɔyɛ “ɔdebɔneyɛfo” sɛnea Petro kae no? (Gen. 32:10; Luka 5:8) Wohwɛ a, anka abɔfo ‘besuro’ sɛnea ɛtɔ da a na Yesu asuafo no suro no? Bere a Paulo ne afoforo reka asɛmpa no, na nkurɔfo taa wɔn, enti na ehia sɛ ‘wonya akokoduru.’ Ɔbɔfo bɛn na anka ebehia sɛ onya akokoduru ansa na waka asɛm no? (Yoh. 6:19; 1 Tes. 2:2) Abɔfo yɛ pɛ wɔ biribiara mu na wɔn ahoɔden boro nnipa de so, enti ehu nka wɔn. Nanso sɛ nnipa ka sɛ wosuro biribi a, yɛte ase efisɛ yɛn nso yɛyɛ nnipa. Sɛ yɛrekan Onyankopɔn Asɛm no a, ‘yɛne wɔn a wodi ahurusi di ahurusi; na yɛne wɔn a wosu su.’Rom. 12:15.

16 Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase hwɛ sɛnea Yehowa ne n’asomfo anokwafo dii tete no a, yebehu ne ho nsɛm pii. Ná Yehowa ne nnipa a wɔnyɛ pɛ na ɛredi, nanso na ɔdɔ wɔn na onyaa wɔn ho abotare kaa wɔn baa ne nkyɛn. Sɛ yehu Yehowa ho nsɛm saa a, yɛbɛdɔ no na yɛabɛn no paa.Monkenkan Dwom 25:14.

FA WO HO FAM ONYANKOPƆN DENNEENNEN

17. (a) Afotu bɛn na Asaria de maa Asa? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Asa amfa Asaria afotu no anyɛ adwuma, na dɛn na efii mu bae?

17 Bere a Ɔhene Asa dii Etiopia asraafodɔm so nkonim no, Onyankopɔn diyifo Asaria maa ɔne ne nkurɔfo afotu bi. Saa afotusɛm no wɔ 2 Beresosɛm 15:1, 2. Ɔkae sɛ: “Yehowa de, sɛ mo ne no tena a, ɔno nso ne mo bɛtena; sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mugyaw no a, ɔno nso begyaw mo.” Nanso akyiri yi Asa amfa afotu no anyɛ adwuma. Bere a Israel ahemman a ɛwɔ atifi fam no sɔre baa Yuda so no, Asa anhwehwɛ Yehowa hɔ mmoa, na mmom ɔne Siriafo kɔyɛɛ apam. Hwɛ, abosonsomfo mmom na ɔkɔhwehwɛɛ wɔn hɔ mmoa. Enti Yehowa ka kyerɛɛ Asa sɛ: “Asɛm yi mu de, woadi nkwaseasɛm, na efi nnɛ rekɔ, akodi bɛba wo so.” Ampa-ne-ampa ara efi saa bere no Asa anhu asomdwoe. (2 Be. 16:1-9) Dɛn na yesua fi mu?

18, 19. (a) Sɛ biribi reyɛ atetew yɛne Onyankopɔn ntam a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (b) Yɛbɛyɛ dɛn abɛn Yehowa?

18 Mommma yɛnntwe yɛn ho mfi Yehowa ho da. Sɛ biribi reyɛ atetew yɛne Yehowa ntam a, ɛnsɛ sɛ yɛtenatena ho koraa. Mmom ɛsɛ sɛ yetie asɛm a ɛwɔ Hosea 12:6 no na yɛyɛ tebea no ho biribi. Ɛhɔ ka sɛ: “San bra wo Nyankopɔn nkyɛn, na di adɔe ne atɛntrenee akyi; na fa wo ho to wo Nyankopɔn so daa.” Sɛ saa a, ɛnde momma yennwinnwen agyede no ho na yɛnyere yɛn ho nsua Bible daa. Yɛyɛ saa a ɛbɛka yɛn abɛn Yehowa na yɛde yɛn ho afam no denneennen.Monkenkan Deuteronomium 13:4.

19 Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn a mɛbɛn no no ye ma me.” (Dw. 73:28) Momma yɛn nyinaa nsua Yehowa ho nneɛma foforo daa. Yɛyɛ saa a, yebenya biribi a yebegyina so adɔ no paa. Sɛ yɛbɛn Yehowa a, ɔno nso bɛbɛn yɛn nnɛ akosi daapem!

^ nky. 3 Hwɛ Asa ho asɛm wɔ August 15, 2012 Ɔwɛn-Aban mu; wɔato din “Mubenya Mo Adwuma no so Akatua.