Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Yesu ka kyerɛɛ Sadukifo no sɛ wɔn a wobenya owusɔre no ‘renware na wɔremfa wɔn mma aware.’ (Luka 20:34-36) Asase so owusɔre na na Yesu reka ho asɛm anaa?

Saa asɛmmisa yi ho hia obiara, titiriw obi a ne kunu anaa ne yere awu. Ebia obi a ɔte saa nyae a anka woahyia ne hokafo no wɔ wiase foforo no mu ma wɔasan aware. Onua bi a ne yere awu kae sɛ: “Ná me ne me yere mpɛ sɛ biribiara tetew yɛn aware mu. Ade a na ɛda yɛn koma so ne sɛ yɛbɛbom asom Yehowa daa sɛ awarefo. Minyae a anka abam saa.” Ɛnde, biribi wɔ hɔ a yebegyina so aka sɛ wɔn a wobenya owusɔre no betumi aware? Yebetwa no tiaa a, yɛrentumi nkyerɛ.

Yesu kae sɛ wɔn a wobenya owusɔre no renware. Yɛakyerɛkyerɛ saa asɛm yi mu wɔ yɛn nhoma ahorow mu sɛ ɛfa asase so owusɔre ho. Yɛkae sɛ wɔn a wobenyan wɔn aba wiase foforo no mu no renware. * (Mat. 22:29, 30; Mar. 12:24, 25; Luka 20:34-36) Ɛwom, yɛrentumi nsi no pi, nanso ebia Yesu asɛm no fa wɔn a wobenyan wɔn akɔ soro no ho. Ɛnde, ma yɛmpɛɛpɛɛ Yesu asɛm no mu nhwɛ.

Bere a Yesu kaa saa asɛm no, henanom na na ɔne wɔn rekasa? (Monkenkan Luka 20:27-33.) Na ɔne Sadukifo na ɛrekasa. Na wonnye owusɔre nni, na wɔyɛe sɛ wobesum Yesu afiri. Wɔkae sɛ ɔbea bi kunu wui na ɔwaree ne nua, na ɔno nso wui. Ɛkɔɔ so saa ara kosii sɛ nea ɔto so nson no wui. * Afei Sadukifo no bisaa Yesu sɛ: “Owusɔre mu no, wɔn mu hena na ɔbea no bɛyɛ ne yere?” Yesu buae sɛ: “Wiase nhyehyɛe yi mma de, wɔware na wɔde wɔn ma aware, nanso wɔn a wɔabu wɔn sɛ wɔfata sɛ wonya saa wiase nhyehyɛe no ne awufo mu sɔre no de, wɔrenware na wɔremfa wɔn mma aware. Nokwarem no, wɔrentumi nwu bio, efisɛ wɔbɛyɛ sɛ abɔfo, na esiane sɛ wɔyɛ owusɔre mma nti, wɔyɛ Onyankopɔn mma.”Luka 20:34-36.

Adɛn nti na mfe pii ni yɛaka wɔ yɛn nhoma mu sɛ ɛbɛyɛ sɛ na Yesu reka asase so owusɔre ho asɛm? Nneɛma mmienu nti na yɛkaa saa. Nea edi kan, ɛbɛyɛ sɛ bere a Sadukifo no bisaa Yesu asɛm no, na nea ɛwɔ wɔn adwenem ne asase so owusɔre. Enti na yesusuw sɛ mmuae a Yesu de mae no nso fa asase so owusɔre ho. Nea ɛto so mmienu, Yesu mmuae mu no, ɔbɔɔ Abraham, Isak, ne Yakob din. Saa mmarima anokwafo yi nyinaa benya owusɔre abɛtena asase so.Luka 20:37, 38.

Nanso yɛsan hwɛ asɛm no a, ɛreyɛ akɔyɛ sɛ wɔn a wobenyan wɔn akɔ ɔsoro no ho asɛm na na ɛwɔ Yesu adwenem. Adɛn nti na yɛreka saa? Yɛnhwɛ nsɛm mmienu bi wɔ Yesu mmuae no mu.

“Wɔn a wɔabu wɔn sɛ wɔfata sɛ wonya . . . awufo mu sɔre.” Bible ka sɛ wobu anokwafo a wɔasra wɔn no sɛ ‘wɔfata Onyankopɔn ahenni.’ (2 Tes. 1:5, 11) Kristo agyede no nti, Onyankopɔn abu wɔn bem. Sɛ wowu a, wonni bɔne afobu ase bio. (Rom. 5:1, 18; 8:1) Bible frɛ saafo no “anigye ne kronkron,” na wobu wɔn sɛ wɔfata sɛ wonyan wɔn kɔ soro. (Adi. 20:5, 6) Nanso, yɛrentumi nka asɛm koro yi ara mfa wɔn a wobenyan wɔn aba asase so no ho, efisɛ wobenyan “wɔn a wɔnteɛ” nso aba asase  so. (Aso. 24:15) Wohwɛ a, yebetumi aka sɛ wobu ‘wɔn a wɔnteɛ’ yi sɛ ‘wɔfata’ sɛ wonya owusɔre?

“Wɔrentumi nwu bio.” Yesu anka sɛ: “Wɔrenwu bio.” Mmom ɔkae sɛ: “Wɔrentumi nwu bio.” Bible foforo kyerɛ ase sɛ “owu nni wɔn so tumi bio.” Sɛ wɔn a wɔasra wɔn no di nokware kosi awiei na wonyan wɔn kɔ soro a, wɔne owu abɔ nsianho korakora. Eyi kyerɛ sɛ, biribiara ntumi ntwa wɔn nkwa so anaa nsɛe wɔn nkwa. (1 Kor. 15:53, 54) Enti wɔn a wobenyan wɔn akɔ soro no ne owu to nkwanta a wɔapae. *

Baabi a yɛasusuw nsɛm ho abedu yi, dɛn na yebetumi aka? Ebetumi aba sɛ na Yesu reka wɔn a wobenyan wɔn akɔ soro no ho asɛm. Sɛ saa a, ɛnde yebetumi aka nneɛma mmiɛnsa afa wɔn a wobenyan wɔn akɔ soro no ho: (1) Wɔrenware, (2) wɔrentumi nwu, (3) ɔkwan bi so no wɔte sɛ abɔfo. Nanso sɛ yɛka sɛ Yesu asɛm no fa wɔn a wobenyan wɔn akɔ soro ho a, nsɛmmisa bi wɔ hɔ a ehia sɛ yebua.

Nea edi kan, sɛ asase so owusɔre ho asɛm na na ɛwɔ Sadukifo no adwenem a, ɛbɛyɛ dɛn na Yesu aka wɔn a wobenyan wɔn akɔ soro ho asɛm? Asɛm no ne sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na atamfo bisa Yesu asɛm a, obua asɛm a ɛwɔ wɔn adwenem no tee. Nhwɛso bi ni: Bere bi Yudafo bi bisaa Yesu sɛnkyerɛnne, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnwiriw asɔrefie yi ngu, na mede nnansa bɛma so asi hɔ.” Ná Yesu nim sɛ asɔrefie no na ɛwɔ wɔn tirim, “nanso ɔno de, na ɔreka ne nipadua asɔrefie ho asɛm.” (Yoh. 2:18-21) Enti Sadukifo asɛm no mu no, ebia Yesu hui sɛ ɛho nhia sɛ ɔma wɔn mmuae, efisɛ na wɔyɛ nyaatwomfo a wonnye owusɔre nni, na na wonnye nni sɛ abɔfo nso wɔ hɔ. (Mmeb. 23:9; Mat. 7:6; Aso. 23:8) Mmom, ebia na ɔpɛ sɛ n’asuafo no hu nokwasɛm bi fa wɔn a wobenyan wɔn akɔ soro no ho, efisɛ wɔn na daakye wobenyan wɔn akɔ soro.

Nea ɛto so mmienu, adɛn nti na Yesu kaa Abraham, Isak, ne Yakob ho asɛm? Yenim sɛ wobenyan mmarima yi aba asase so. (Monkenkan Mateo 22:31, 32.) Hyɛ no nsow sɛ ansa na Yesu rebobɔ saa mmarima no din no, ofii n’asɛm no ase sɛ “ɛdefa owusɔre ho no.” Eyi kyerɛ sɛ ebia eduu baabi no, ɔdan nkɔmmɔbɔ no baa asase so owusɔre so. Na Yesu nim sɛ Sadukifo no gye nhoma a Mose kyerɛwee no tom, enti ɔfaa asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose no de kyerɛkyerɛɛ n’asɛm mu. Onyankopɔn kaa saa asɛm no bere a Mose wɔ nkyɛkyerɛ bi a ɛredɛw ho. Enti na Yesu pɛ sɛ Sadukifo no hu sɛ asase so owusɔre bɛba; ɛyɛ biribi a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ.Ex. 3:1-6.

Nea ɛto so mmiɛnsa, sɛ Yesu asɛm no fa wɔn a wobenyan wɔn akɔ soro no ho a, ɛnde wɔn a wobenya asase so owusɔre no betumi aware anaa? Bible mma saa asɛmmisa no ho mmuae tee. Sɛ wɔn a wobenyan wɔn akɔ soro ho asɛm na na Yesu reka a, ɛnde biribiara nni n’asɛm no mu a ɛkyerɛ sɛ wɔn a wobenyan wɔn aba wiase foforo no mu no bɛware anaa wɔrenware.

Yenim sɛ Bible ka no pen sɛ owu tetew aware mu. Enti sɛ obi kunu anaa ne yere wu na ɔsan ware a, ɛnsɛ sɛ n’ahonim haw no. Ɛyɛ ɔno ara ne gyinaesi, na ɛnsɛ sɛ afoforo ka ho asɛm.Rom. 7:2, 3; 1 Kor. 7:39.

Ebia yɛwɔ nsɛmmisa pii fa wiase foforo no ho, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛammɔ yɛn srɛ mu ankeka nsɛm biara. Nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yɛtwɛn hwɛ nea ebesi. Nanso ade baako de yenim: Nnipa asoɔmmerɛwfo ani begye efisɛ Yehowa bɛma wɔn nsa aka nea wohia ne wɔn koma so ade biara a ɛsɛ.Dw. 145:16.

^ nky. 4 Hwɛ June 1, 1987, Borɔfo Ɔwɛn-Aban, kratafa 30-31.

^ nky. 5 Tete no, na amanne a ɛwɔ hɔ ne sɛ, sɛ ɔbarima bi ware na woannya babarima na owu a, ne nua bɛware ɔbea no ne no awo mma na ɔbarima no din anyera.Gen. 38:8; Deut. 25:5, 6.

^ nky. 9 Wɔn a wobenya asase so owusɔre no benya daa nkwa. Nanso yɛreka wɔn ho asɛm a, yɛnka sɛ wɔne owu abɔ nsianho koraa. Sɛ wopɛ nsonsonoe a ɛwɔ nsɛm mmienu yi mu a, hwɛ April 1, 1984, Borɔfo Ɔwɛn-Aban, kratafa 30-31.