ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM September 2014

Adesua nsɛm a yebesua efi October 27 kosi November 30, 2014 na ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu.

‘Wopɛ Sɛ Woyɛ Ahwɛfo Adwuma’?

Dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ adwempa na ɛwɔ akyi?

Wugye Di Paa Sɛ Woahu Nokware No? Adɛn Ntia?

Adesua yi bɛkyerɛ nea ɛma nnipa pii gye di sɛ Yehowa Adansefo som na ɛyɛ nokware. Bio, yebehu nea enti a Adansefo no ankasa gye di sɛ wɔahu nokware no.

“Ahohia Bebree” Mu Mpo, Yi Wo Yam Som Onyankopɔn

Esiane sɛ yɛte Satan wiase mu nti, obiara tumi kɔ ahohia mu. Ɔkwan bɛn na Satan fa so sɔ yɛn hwɛ? Yɛbɛyɛ dɛn asiesie yɛn ho ama sɔhwɛ a ɛte saa?

Awofo—Monhwɛ Mo Mma

Awofo asɛde ne sɛ wɔbɛtete wɔn mma wɔ “Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.” (Efe. 6:4) Saa asɛm yi bɛboa awofo ma wɔahu akwan mmiɛnsa a wɔbɛfa so ahwɛ wɔn mma na wɔde Yehowa ho dɔ adua wɔn mu.

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Asɛm a Bible ka wɔ Dwom 37:25 ne Mateo 6:33 no kyerɛ sɛ Yehowa remma Kristoni biara ano aduan mmɔ no da anaa?

“Ɔtamfo a Otwa To a Obetu no Agu Ne Owu”

Owu ne nea ɛde ba nyinaa ma nnipa hu amane. Dɛn nti na nnipa wu? Ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘betu owu, ɔtamfo a otwa to no agu’? (1 Korintofo 15:26) Hwɛ sɛnea mmuae no ma yehu Yehowa atɛntrenee, ne nyansa, ne ne titiriw ne dɔ.

Kae Wɔn a Wɔreyɛ Bere Nyinaa Som Adwuma No

Yehowa asomfo pii ayi wɔn yam reyɛ bere nyinaa som adwuma no. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛkae ‘adwumaden a wofi gyidi ne ɔdɔ mu reyɛ’ no?—1 Tesalonikafo 1:3.