Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ahohia Bebree” Mu Mpo, Yi Wo Yam Som Onyankopɔn

“Ahohia Bebree” Mu Mpo, Yi Wo Yam Som Onyankopɔn

“Etwa sɛ yɛfa ahohia bebree mu de kɔ Onyankopɔn ahenni mu.”ASO. 14:22.

1. Adɛn nti na Onyankopɔn asomfo fa “ahohia bebree” mu?

YƐBƐFA “ahohia bebree” mu ansa na yɛanya daa nkwa. Eyi yɛ wo nwonwa anaa? Ebia ɛnyɛ wo nwonwa. Sɛ yɛbaa asafo no mu akyɛ oo, sɛ ɛnkyɛe oo, yɛn nyinaa hyia sɔhwɛ. Adɛn ntia? Ade baako ne sɛ yɛte Satan wiase mu.Adi. 12:12.

2. (a) Wuyi ɔhaw a nnipa nyinaa hyia to nkyɛn a, ɔhaw foforo bɛn na Kristofo fa mu? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Hena na ɔhyɛ ɔtaa a yehyia no akyi, na yɛyɛ dɛn hu saa?

2 Nnipa nyinaa tɔ sin, enti obiara hyia ɔhaw wɔ n’asetenam. Nanso obi nya bɛyɛ Kristoni a, ohyia ɔhaw foforo. (1 Kor. 10:13) Esiane sɛ Kristofo ayi wɔn yam resom Onyankopɔn nti, wohyia ɔtaa. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Akoa nsen ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso.” (Yoh. 15:20) Ɛnde hena na ɔhyɛ ɔtaa yi akyi? Ɛyɛ Satan. Bible ka sɛ ɔte sɛ ‘gyata a ɔrebobom’ apɛ Yehowa asomfo “amene” wɔn. (1 Pet. 5:8) Satan pɛ sɛ ɔfa kwan biara so ma yebu Yehowa mmara so. Momma yɛnhwɛ nea ɛtoo ɔsomafo Paulo.

 PAULO FAA AHOHIA MU WƆ LISTRA

3-5. (a) Ahohia bɛn na Paulo faa mu wɔ Listra? (b) Dɛn na na ɛwɔ Paulo asɛm no mu a ebetumi ahyɛ ne nuanom den?

3 Paulo gyidi nti, ohyiaa ɔtaa mpɛn pii. (2 Kor. 11:23-27) Ɔtaa yi baako sii Listra. Na ɔbarima bi wɔ hɔ a “ɔyɛ obubuafo fi ne maame yam,” na Paulo saa no yare. Bere a nkurɔfo huu saa no, na wosusuw sɛ Paulo ne Barnaba yɛ anyame, enti na wɔpɛ sɛ wɔsom wɔn, nanso wɔsrɛɛ nkurɔfo no sɛ mma wɔnyɛ saa. Ankyɛ na Yudafo bi bɛsɛee Paulo ne Barnaba kyerɛɛ nkurɔfo no, na wosiw Paulo abo. Afei wogyaw no too hɔ susuwii sɛ wawu.Aso. 14:8-19.

4 Paulo ne Barnaba kɔɔ Derbe, na bere a wofii hɔ no, “wɔsan kɔɔ Listra ne Ikoniom ne Antiokia kɔhyɛɛ asuafo no akra den, hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔntena gyidi no mu, na wɔkae sɛ: ‘Etwa sɛ yɛfa ahohia bebree mu de kɔ Onyankopɔn ahenni mu.’” (Aso. 14:21, 22) Sɛ Bible ka sɛ yɛbɛfa “ahohia bebree” mu a, ɛnyɛ anigyesɛm. Nanso Paulo ne Barnaba ‘hyɛɛ asuafo no den’ kae sɛ wɔbɛfa ahohia bebree mu. Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na Paulo ne Barnaba atumi aka sɛ anuanom bɛfa ahohia bebree mu na bere koro no ara wɔaka sɛ wɔde saa asɛm no rehyɛ wɔn den?

5 Yebenya mmuae no wɔ Paulo asɛm no ara mu. Ɔkae sɛ: “Etwa sɛ yɛfa ahohia bebree mu de kɔ Onyankopɔn ahenni mu.” Wanka kɛkɛ sɛ, “Yennyina ahohia bebree mu.” Mmom nea na Paulo resi so dua ne nhyira a wobenya bere a wɔadi Onyankopɔn nokware no. Eyi nyɛ bɔsrɛmka anaa daeso bi kɛkɛ. Yesu ankasa kae sɛ: “Nea obegyina mu akosi awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.”Mat. 10:22.

6. Nhyira bɛn na wɔn a wogyina ahohia mu no benya?

6 Sɛ yetumi gyina ahohia mu a, yebenya nkwa. Kristofo a wɔasra wɔn ne Yesu bedi ade wɔ soro daa. “Nguan foforo” no nso benya daa nkwa na wɔatena asase so dwoodwoo. (Yoh. 10:16; 2 Pet. 3:13) Nanso enkosi sɛ saa bere no bɛba no, yɛbɛfa “ahohia bebree” mu. Momma yɛnhwɛ sɔhwɛ ahorow mmienu a yebetumi ahyia.

SƆHWƐ A ƐBA TEE

7. Sɔhwɛ a ɛba tee no bi ne nea ɛwɔ he?

7 Yesu kae sɛ: “Nkurɔfo beyi mo ama baguafo, na me nti wɔbɛhwe mo hyia adan mu na wɔde mo agyina amrado ne ahene anim, na ayɛ adanse ama wɔn.” (Mar. 13:9) Yesu asɛm no kyerɛ sɛ ahohia a Kristofo binom bɛfa mu yɛ ɔtaa a atamfo de bɛba wɔn so tee. Ɛtɔ da a asɔfo ne aban mpanyimfo na ɛde ɔtaa a ɛte saa ba. (Aso. 5:27, 28) San hwɛ nea ɛtoo Paulo no. Ɔtaa a ɛte saa bɔɔ no hu anaa? Dabida.Monkenkan Asomafo Nnwuma 20:22, 23.

8, 9. Dɛn na Paulo de kyerɛe sɛ na wasi ne bo sɛ obegyina sɔhwɛ mu? Ɔkwan bɛn so na nnɛ nso anuanom bi agyina sɔhwɛ ano?

8 Paulo angogow ne ho amma Satan. Ɔkae sɛ: “Me kra ho nhia me pii sɛ wie a mewie me mmirikatu ne ɔsom adwuma a minya fii Awurade Yesu hɔ sɛ minni Onyankopɔn adom ho asɛmpa no ho adanse fefeefe no.” (Aso. 20:24) Yehu wɔ asɛm yi mu sɛ na ɔtaa mmɔ Paulo hu koraa. Mmom nea ebesi biara na wasi ne bo sɛ obegyina mu. Ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a ɔfaa mu nyinaa no, nea na esi n’ani so ara ne sɛ obedi “adanse fefeefe.”

9 Ɛnnɛ, anuanom mmea ne mmarima pii asi wɔn bo sɛ wɔremma ɔtaa nsɛe wɔne Yehowa ntam. Seesei a  yɛrekasa yi koraa anuanom bi gu afiase wɔ ɔman bi so. Wɔadi bɛyɛ mfe 20 wɔ hɔ nanso wonnii wɔn asɛm mpo. Adɛn nti na wɔde wɔn agu afiase? Asɛm no ara ne sɛ wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu. Atumfoɔ no mma kwan sɛ wɔn abusuafo mpo bɛkɔ akɔsra wɔn. Wɔahwe yɛn nuanom yi bi ayɛ wɔn ayayade.

10. Sɛ yɛkɔ ahohia mu prɛko pɛ a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛbɔ hu?

10 Ɛtɔ da nso a, yɛn nuanom tumi kɔ ahohia mu prɛko pɛ. Sɛ biribi saa to wo a, mmɔ hu. Kae Yosef. Ne nuanom tɔn no ma ɔkɔyɛɛ akoa, nanso Yehowa ‘gyee no fii n’ahohia nyinaa mu.’ (Aso. 7:9, 10) Wo nso wokɔ tebea a ɛte saa mu a, Yehowa betumi aboa wo. Mma wo werɛ mfi da sɛ “Yehowa nim sɛnea obegye wɔn a woyi wɔn yam som no no afi sɔhwɛ mu.” (2 Pet. 2:9) Yehowa ama yɛn nea yebetumi agyina so de yɛn werɛ ahyɛ ne mu na yɛde akokoduru agyina ɔtaa ano. Nya Yehowa mu ahotoso sɛ obetumi agye wo afi wiase bɔne yi mu na wama wo daa nkwa.1 Pet. 5:8, 9.

SƆHWƐ BI MMA TEE

11. Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ sɔhwɛ a ɛba tee ne nea ɛmma tee mu?

11 Ɛtɔ da bi a sɔhwɛ a yehyia no mma tee. Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ eyi ne ɔtaa a ɛba tee mu? Ɔtaa te sɛ ahum a etu prɛko pɛ sɛe wo fie pasaa. Nanso ɛnyɛ sɔhwɛ nyinaa na ɛba tee saa; ebi te sɛ mfɔte a edidi wo dan ase nkakrankakra. W’ani bɛba wo ho so no na aka akyi dodo; nea edi hɔ ne sɛ dan no bedwiriw agu koraa.

12. (a) Ɔkwan titiriw baako bɛn na Satan fa so sɔ yɛn hwɛ, na adɛn nti na etumi yɛ adwuma paa? (b) Abasamtu kaa Paulo sɛn?

12 Satan pɛ sɛ ɔsɛe wo ne Yehowa ntam. Ebia ɔde ɔtaa bɛba wo so, nanso ɛnyɛ bere nyinaa na ɔyɛ saa. Ɛtɔ da a ɔbɛma w’abam abu. Biribi a ɛte saa betumi aba nkakrankakra, nanso w’ani bɛba wo ho so no na wo gyidi ayɛ mmerɛw. Enti yɛbɛka a, abasamtu yɛ kwan titiriw baako a Satan de yɛ adwuma paa. Ɛtɔ da a na ɔsomafo Paulo mpo abam bu. Bere bi ɔno ankasa kae sɛ: “M’asɛm yɛ mmɔbɔ.” (Monkenkan Romafo 7:21-24.) Ebia wobɛka sɛ, ‘Ei, Paulo paa na n’abam abu yi.’ Yɛreka yi ebia na Paulo ka tete akwankyerɛ kuw no ho, na na ɔmfa ne som nni agorɔ. Ɛnde, adɛn nti na obi a ɔte saa abam bu? Asɛm no ara ne sɛ na Paulo tɔ sin. Ná ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea ɛteɛ nanso na ɛnyɛ mmerɛw. Sɛ wo ne wo ho di apere saa a, ka wo koma to wo yam na hu sɛ Paulo nso hyiaa tebea a ɛte saa ara.

13, 14. (a) Adɛn nti na Onyankopɔn asomfo bi abam bu? (b) Hena na ɔpɛ sɛ yɛn gyidi yɛ mmerɛw, na adɛn ntia?

13 Ɛtɔ da bi a anuanom mmarima ne mmea pii abam bu, dadwen hyɛ wɔn so, na ebi mpo a wobesusuw sɛ wɔn ho nni mfaso biara. Nhwɛso bi ni: Onuawa kwampaefo mmɔdenbɔfo bi kae sɛ: “Daa metaa dwen mfomso bi a midii ho, na bere biara a ɛho asɛm bɛba m’adwenem no, na mabotow. Sɛ mekae mfomso a madi atwam a, ɛyɛ a na ɛyɛ me sɛ minni adɔfo biara; Yehowa mpo nnɔ me.”

14 Adɛn nti na Yehowa asomfo a wɔbɔ mmɔden te sɛ onuawa yi tumi di yaw saa? Nneɛma pii ntia. Ebia wosusuw sɛ biribiara nkɔ yiye mma wɔn, enti daa wosu wɔn ho. (Mmeb. 15:15) Ebinom nso wɔ hɔ a, yare bi nti daa na wɔabotow. Nea ɛkɔfa eyi ba biara no, momma yɛnkae sɛ obi wɔ hɔ a ɔpɛ sɛ  ɔde tebea a ɛte saa sum yɛn afiri. Ɛnde, hena na ɔpɛ sɛ yɛn abam bu na yegyae Yehowa som? Ɛnyɛ obiara sɛ Satan. Yehowa abu no kumfɔ dedaw, na ɔpɛ sɛ wo nso w’anidaso nyinaa sa. (Adi. 20:10) Satan pɛ sɛ ogyigye yɛn na yɛbrɛ yɛn som ase. Ɛtɔ da a Satan de ɔtaa ba yɛn so tee, ɛtɔ da nso a ɔbɛma yɛn abam abu, nanso adwene a ɛwɔ emu biara akyi ne sɛ ɔbɛma yɛagyae Onyankopɔn som. Mma wo werɛ mfi da sɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa gyina akono; wɔne Satan redi asi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ so adi Yehowa nokware.

15. Sɛnea 2 Korintofo 4:16, 17 kyerɛ no, dɛn na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

15 Si wo bo ne Satan nni asi na wannya wo. Fa w’adwene si akatua no so. Paulo kyerɛw Kristofo a wɔwɔ Korinto no sɛ: “Yɛmpa abaw, na sɛnea yɛte wɔ nnipa ani so no resɛe mpo a, sɛnea yɛte wɔ yɛn mu no de, ɛyɛ foforo da biara da. Na ahohia no yɛ bere tiaa mu de na ɛyɛ hare de, nanso ɛde anuonyam a emu yɛ duru koraa a ɛtena hɔ daa brɛ yɛn.”2 Kor. 4:16, 17.

SIESIE WO HO NNƐ

Mpanyin ne mmofra nyinaa siesie wɔn ho de hyɛ wɔn gyidi den (Hwɛ nkyekyɛm 16)

16. Adɛn nti na nnɛ na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho ma ahohia biara a ɛbɛba?

16 Sɛnea yɛahu no, Satan “nnɛɛdɛe” dɔɔso. (Efe. 6:11) Enti ehia paa sɛ yetie afotu a ɛwɔ 1 Petro 5:9 yi: “Momfa gyidi nnyina hɔ pintinn ne no nni asi.” Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn adwene ne yɛn koma na yɛatumi ayɛ nea ɛteɛ daa. Yɛnyɛ mfatoho: Asraafo ntena hɔ mma ɔko mma ansa na wɔasiesie wɔn ho, na mmom bere a ɔko nnya mmae koraa no, wɔma wɔn ntetee a ɛbɛboa wɔn daakye. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ. Yennim ɔko a ɛda yɛn anim, enti saa bere yi a  ahohia kɛse biara nnya mmaa yɛn so yi, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho yiye. Ɔsomafo Paulo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ: “Monkɔ so ara nsɔ nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu anaa, monkɔ so mpɛɛpɛɛ mo mu nhwɛ.”2 Kor. 13:5.

17-19. (a) Yɛbɛyɛ dɛn apɛɛpɛɛ yɛn mu? (b) Ɔkwan bɛn so na yɛn nuanom nkumaa a wɔkɔ sukuu no betumi asiesie wɔn ho akyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu?

17 Ɔkwan baako a wobɛfa so apɛɛpɛɛ wo mu ne sɛ wubebisa wo ho nsɛm te sɛ: ‘Mebɔ mpae daa? Sɛ obi repiapia me kɔ bɔne mu a, hena na mitie no? Migye tom sɛ Onyankopɔn ne me sodifo enti ɔno na mitie no anaa mitie nnipa? Mekɔ asafo nhyiam daa? Mede akokoduru ka me gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo? Sɛ me nuanom yɛ biribi tia me a, mede kyɛ wɔn sɛnea mepɛ sɛ wɔde me mfomso kyɛ me no? Mebrɛ me ho ase ma mpanyimfo a wɔwɔ m’asafo mu ne wɔn a Yehowa ahyehyɛde no de wɔn yɛ adwuma no nyinaa?’

18 Nnipa pii atwa yɛn ho ahyia a wɔpɛ sɛ wɔsɛe yɛn adwene. Yɛn nuanom nkumaa a wɔkɔ sukuu no de akokoduru ka wɔn gyidi ho asɛm kyerɛ wɔn mfɛfo. Wonsuro mfɛre sɛ wɔbɛyɛ saa. Dɛn na ɛboa wɔn ma wotumi kasa akokoduru so? Wɔde nyansahyɛ a epue yɛn nsɛmma nhoma mu no yɛ adwuma. Ɛho nhwɛso ne July 2009 Nyan!, Borɔfo deɛ no. Ɛde nyansahyɛ bi mae sɛ, sɛ wo sukuuni bi bisa wo sɛ: “Adɛn nti na wunnye adannandi nni?” a, wubetumi aka no tiawa sɛ: “Dɛn paa na ɛwɔ ho a enti ɛsɛ sɛ migye di? Nyansahufo a wɔkɔfaa wɔn asɛm bae mpo adwene nhyia wɔ ho!” Awofo, mo ne mo mma mmobɔ nsɛm a ɛte saa so na wɔatumi akyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu wɔ sukuu.

19 Ampa, ɛtɔ da a, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ yɛn gyidi mu akyerɛ afoforo anaa yɛbɛyɛ nneɛma a Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ. Wo deɛ hwɛ, ɛtɔ da a yebefi adwuma aba fie no na yɛabrɛ, enti egye animia paa na yɛatumi akɔ adesua. Ɛtɔ da nso a ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛsɔre afi kɛtɛ so asiesie yɛn ho akɔ asɛnka. Nanso kae sɛ, sɛ wode yɛ wo su sɛ wobɛyɛ saa nnɛ a, daakye sɛ sɔhwɛ kɛse bi ba a, ɛrenyɛ den sɛ wobɛfa mu.

20, 21. (a) Sɛ yedwinnwen agyede no ho a, ɛbɛboa yɛn sɛn? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

20 Abasamtu nso ɛ? Yɛbɛyɛ dɛn agyina ano? Ɔkwan titiriw baako a yɛbɛfa so ayɛ saa ne sɛ yebedwinnwen Yesu agyede afɔre no ho. Saa ara na ɔsomafo Paulo yɛe. Ampa, ɛtɔ da a na n’asɛm ayɛ mmɔbɔ. Nanso na onim sɛ Kristo anwu amma nnipa a wɔyɛ pɛ na mmom abɔnefo te sɛ ɔno. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ase a mete ɔhonam mu seesei yi, mete no Onyankopɔn Ba a ɔdɔɔ me na ɔde ne ho too hɔ maa me no mu gyidi mu.” (Gal. 2:20) Paulo gyee agyede no toom sɛ biribi a Yehowa de akyɛ no.

21 Wo nso sɛ wugye agyede no tom sɛ ɛyɛ akyɛde a Yehowa de ama wo a, ɛbɛboa wo paa. Eyi nkyerɛ sɛ abasamtu betu ayera koraa. Yɛn mu bi wɔ hɔ a, ebia yɛne tebea a ɛte saa bɛtena kosi sɛ wiase foforo no bɛba. Nanso kae sɛ wɔn a wobegyina mu akosi awiei no na wobenya akatua no. Ade rekye a ade resa nyinaa na yɛrebɛn ɛda a Onyankopɔn Ahenni no bɛba. Sɛ enya ba a, asomdwoe bɛhyeta wiase baabiara na adesamma nyinaa bɛyɛ pɛ a sintɔ biara nni obiara ho. Enti si wo bo sɛ wobɛkɔ Ahenni no mu; sɛ wobɛfa ahohia bebree mu mpo a, mpa abaw.