Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kae Wɔn a Wɔreyɛ Bere Nyinaa Som Adwuma No

Kae Wɔn a Wɔreyɛ Bere Nyinaa Som Adwuma No

“Daa yɛkae adwuma a mode gyidi yɛ, ne adwumaden a mufi ɔdɔ mu yɛ.”1 TES. 1:3.

1. Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ ebinom wɔ nkae?

ƆSOMAFO Paulo kaee ne nuanom a woyii wɔn yam yɛɛ asɛmpaka adwuma no. Ɔkyerɛw sɛ: “Daa yɛkae adwuma a mode gyidi yɛ, ne adwumaden a mufi ɔdɔ mu yɛ ne boasetɔ a  yɛn Awurade Yesu Kristo mu anidaso nti, moda no adi no wɔ yɛn Nyankopɔn ne Agya no anim.” (1 Tes. 1:3) Yehowa nso kae biribiara a n’asomfo yɛ wɔ ne som mu. Dodow a obiara tumi yɛ biara ɔkae.Heb. 6:10.

2. Dɛn na yɛrebesusuw ho?

2 Efi tete besi nnɛ nyinaa Kristofo de nneɛma abɔ afɔre sɛnea wobetumi ayɛ pii wɔ Yehowa som mu. Yebehu nea ebinom yɛe wɔ asomafo no bere so. Afei yɛbɛhwɛ sɛnea anuanom bi atu wɔn ho ama reyɛ bere nyinaa som adwuma no nnɛ, na yɛahwɛ ɔkwan a yebetumi afa so aboa wɔn.

TETE KRISTOFO NO

3, 4. (a) Asomafo no bere so no, dɛn na ebinom yɛe wɔ Yehowa som mu? (b) Tete no, ɔkwan bɛn so na na Ahenni no ho asɛmpakafo hwɛ wɔn ho?

3 Bere a Yesu bɔɔ asu no ara na ofii ase kaa Ahenni no ho asɛmpa, na ɔkyerɛkyerɛɛ ebinom ma wɔyɛɛ bi. (Luka 3:21-23; 4:14, 15, 43) Yesu wu akyi no, n’asomafo dii anim ma wɔkaa asɛm no wɔ mmeae pii. (Aso. 5:42; 6:7) Tete bere mu no, Kristofo  bi tu kɔɔ baabi kɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma no. Yɛhwɛ Filipo sɛɛ a, ɔkɔyɛɛ adwuma no wɔ Palestina mmeae horow. (Aso. 8:5, 40; 21:8) Ɔsɛmpatrɛwfo foforo ne Paulo. Ɔno nso fii fie kɔyɛɛ adwuma no wɔ nsase pii so. (Aso. 13:2-4; 14:26; 2 Kor. 1:19) Ebinom nso te sɛ Marko, Luka, ne Silwano (Silas) kyerɛw Bible nhoma no bi anaa wɔboaa akyerɛwfo no. (1 Pet. 5:12) Anuanom mmea bebree boaa mmarima yi wɔ akwan pii so. (Aso. 18:26; Rom. 16:1, 2) Yehu anuanom mmarima ne mmea yi nyinaa ho asɛm wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu. Eyi kyerɛ sɛ Yehowa kae n’asomfo adwumaden na ɔboa wɔn.

4 Tete no, ɔkwan bɛn so na na Ahenni no ho asɛmpakafo hwɛ wɔn ho? Wɔn mfɛfo Kristofo boaa wɔn wɔ akwan horow pii so. Nanso wɔamfa wɔn yafunu anaa wɔn haw anto wɔn nuanom so. Ɛtɔ da a, na wɔn ankasa yɛ biribi kakra de hwɛ wɔn ho. (1 Kor. 9:11-15) Nanso obi yɛ wɔn mmoa a, wɔmpo. Ná ebinom to nsa frɛ wɔn bedidi anaa wɔtena wɔn fie. Anuanom mmaako mmaako bi anaa asafo no yɛɛ nea wobetumi biara de boaa wɔn a wɔatu wɔn ho ama yi.Monkenkan Asomafo Nnwuma 16:14, 15; Filipifo 4:15-18.

BERE NYINAA ASOMFO A WƆWƆ HƆ NNƐ

5. Dɛn na awarefo bi kae wɔ bere nyinaa som adwuma no ho?

5 Ɛnnɛ nso nnipa bebree atu wɔn ho ama reyɛ bere nyinaa som adwuma no wɔ akwan pii so. (Hwɛ adaka a wɔato din “ Bere Nyinaa Som Adwuma no Afã Horow.”) Wobu adwuma a wɔreyɛ no sɛn? Sɛ wubisa wɔn mu bi asɛm a ɛte saa a, nea wɔbɛka no bɛhyɛ wo nkuran paa. Onua baako asom sɛ daa kwampaefo, ɔkwampaefo titiriw, ne ɔsɛmpatrɛwfo. Afei ɔkɔsom wɔ Betel wɔ ɔman foforo so. Tie n’anom asɛm: “Sɛ mereka gyinae a nyansa wom paa a masi wɔ m’asetenam a, bere nyinaa som adwuma no ka ho. Bere a midii mfe 18 no, na minhu sɛ menkɔ sukuupɔn anaa mempɛ adwuma kɛse bi nyɛ anaa menyɛ akwampae adwuma no. Me ara me suahu ama mahu sɛ woyɛ bere nyinaa som adwuma no a, Yehowa werɛ remfi w’adwumaden. Mede nimdeɛ a Yehowa de ama me no adi dwuma akwan pii so sen nea anka metumi ayɛ wɔ wiase adwuma biara mu.” Ne yere de kaa ho sɛ: “Adwuma biara a ahyehyɛde no de ma me no boa ma me ho kokwaw. Daa yenya adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa bɔ yɛn ho ban na ɔkyerɛ yɛn kwan. Minnye nni sɛ, sɛ yedwudwoo yɛn ho hwehwɛɛ nea yɛn ankasa pɛ a, anka yebenya nhyira a ɛte saa. Daa meda Yehowa ase sɛ yɛanya hokwan reyɛ bere nyinaa som adwuma no.” Wopɛ sɛ wunya suahu a ɛte saa?

6. Yehowa bu yɛn som sɛn?

6 Ɛnyɛ obiara na ne tebea bɛma no kwan ma wɔayɛ bere nyinaa som adwuma no seesei, nanso wɔyere wɔn ho yɛ nea wobetumi biara wɔ Yehowa som mu. Yenim sɛ Yehowa ani sɔ wɔn adwuma. Wo deɛ ma yɛnhwɛ asɛm a Paulo kae wɔ Filemon 1-3. (Monkenkan.) Paulo de nkyia kɔmaa anuanom a wɔwɔ Kolose asafo no mu nyinaa, na ɔhyɛɛ da bobɔɔ wɔn mu bi din. Na Paulo ani sɔ wɔn adwumaden; Yehowa nso saa ara. Ɛnde, dɛn na wubetumi ayɛ de aboa anuanom a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma no?

AKWAN A YƐBƐFA SO ABOA AKWAMPAEFO

7, 8. Adwuma bɛn na akwampaefo yɛ, na dɛn na asafo no mufo betumi ayɛ de aboa wɔn?

7 Sɛnea na asɛmpakafo a wɔwɔ asomafo no bere so yɛ no, ɛnnɛ nso akwampaefo tumi hyɛ asafo no den paa. Wɔn mu pii de nnɔnhwerew 70 ka asɛm no bosome biara. Wobɛyɛ dɛn aboa wɔn?

8 Onuawa kwampaefo bi a ne din de Shari kae sɛ: “Esiane sɛ akwampaefo nam asɛnka mu daa nti, yɛbɛka a, wɔn ho yɛ den. Nanso wohia nkuranhyɛ.” (Rom. 1: 11, 12) Onuawa foforo a ɔde mfe pii yɛɛ akwampae adwuma no kae sɛ akwampaefo a wɔwɔ n’asafo mu “yɛ adwumaden daa. Sɛ obi de ne kar fa wɔn kɔ asɛnka anaa ɔto nsa frɛ wɔn ma wobedidi anaa ɔma wɔn kar sika anaa biribi kakra a wɔde betwitwa wɔn ho a, wɔn ani sɔ paa. Ɛma wohu sɛ anuanom dwen wɔn ho.”

9, 10. Dɛn na ebinom ayɛ aboa akwampaefo a wɔwɔ wɔn asafo mu?

9 Ade foforo a yɛbɛyɛ de aboa akwampaefo ne sɛ yɛne wɔn bɛkɔ asɛnka. Anuanom mmea akwampaefo mmienu bi kae sɛ wohia anuanom pii ne wɔn ayɛ asɛnka adwuma no fi Dwoda kosi Fida ne anwummere anwummere. Onuawa bi yɛ adwuma wɔ Brooklyn Betel, na ɔkaa mmoa a ne nsa kae bere a ɔyɛ ɔkwampaefo no. Ɔkae sɛ: “Onuawa bi a ɔwɔ kar kae sɛ, ‘Bere biara a wopɛ sɛ wokɔ asɛnka a wunnya obiara ne no nkɔ no, frɛ me na yɛnkɔ.’ Nokwasɛm ni, ɔboaa me ma mitumi yɛɛ akwampae adwuma no.” Shari kae sɛ: “Sɛ akwampaefo asigyafo pɔn asɛnka kodu fie a, na aka wɔn nkutoo. Enti ɛwɔ hɔ a, wubetumi ato nsa afrɛ anuanom a wɔte saa ma wɔabɛka mo abusua som ho. Mubetumi ne wɔn abom ayɛ nneɛma foforo. Eyi bɛhyɛ wɔn den paa.”

10 Onuawa baako de bɛyɛ mfe 50 ayɛ bere nyinaa som adwuma no. Ɔkae sɛ na asafo no mufo boa ɔne anuanom mmea akwampaefo a wɔnwaree no. Tie n’anom asɛm: “Ɛkame ayɛ sɛ bosome mmienu biara mpanyimfo no srasra akwampaefo no. Wobisa yɛn hwɛ sɛnea yɛn apɔw mu te, sɛnea yɛn honam fam adwuma rekɔ so, ne nneɛma a ɛhaw yɛn. Wuhu sɛ nea wɔreyɛ no fi wɔn komam paa. Na wɔba baabi a yɛte bɛhwɛ sɛ yebehia mmoa bi anaa.” Nea anuanom mpanyimfo ne afoforo yɛe yi kae yɛn Onesiforo. Na ɔwɔ abusua a ɔhwɛ wɔn, nanso onyaa bere som Paulo.2 Tim. 1:18.

11. Akwampaefo titiriw adwuma ne sɛn?

11 Akwampaefo titiriw nso yɛ bere nyinaa asomfo. Wɔn mu pii de bɛyɛ nnɔnhwerew 130 yɛ asɛnka adwuma no bosome biara. Sɛ asɛnka adwuma no da nkyɛn a, wɔyɛ nneɛma pii wɔ asafo no mu. Wonni bere a wɔde bɛyɛ honam fam adwuma, enti bosome biara wonya sika kakra fi Betel. Eyi boa wɔn ma wotuatua  wɔn ho aka sɛnea wobetumi de wɔn adwene asi asɛnka dwuma no so.

12. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo ne asafo no mufo a aka betumi aboa akwampaefo titiriw?

12 Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa akwampaefo titiriw? Ɔpanyin bi yɛ adwuma wɔ Betel, na ɔne akwampaefo titiriw pii di nkitaho. Ɔkae sɛ: “Ehia sɛ mpanyimfo ne wɔn bɔ nkɔmmɔ na wohu tebea a wɔrefa mu na wɔhwɛ nea wɔbɛyɛ aboa wɔn. Adansefo bi susuw sɛ akwampaefo titiriw nya biribi kakra fi Betel nti wonni haw biara. Nanso asafo no mufo betumi afa akwan pii so aboa wɔn.” Akwampaefo titiriw ne daa akwampaefo nyinaa hia anuanom a wɔne wɔn bɛkɔ asɛnka. Wonya bi saa a, wɔn ani gye paa. Ɛnde, wubetumi ne wɔn ayɛ asɛnka adwuma no?

NEA YƐBƐYƐ DE ABOA AMANSIN SO AHWƐFO

13, 14. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae wɔ amansin so ahwɛfo ne wɔn yerenom ho? (b) Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa amansin so ahwɛfo?

13 Amansin so ahwɛfo ne wɔn yerenom yɛ Kristofo a wɔn gyidi sõ. Nokwasɛm ni, yenya nkuranhyɛsɛm pii fi wɔn hɔ. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi sɛ wɔn nso hia nkuranhyɛ. Saa ara nso na wohia anuanom mmarima ne mmea a wɔne wɔn bɛkɔ asɛnka. Afei sɛ anuanom regye wɔn ani kakra na wɔto nsa frɛ wɔn a, wɔn ani sɔ paa. Sɛ ɔmansin sohwɛfo anaa ne yere nte apɔw anaa ɔda ayaresabea a, yebetumi akɔsra no na yɛayɛ no mmoa sɛnea ɛfata biara. Luka a Bible ka ne ho asɛm sɛ “yɛn dɔfo oduruyɛfo” no boaa Paulo ne afoforo a wɔkɔsrasraa asafo ahorow no.Kol. 4:14; Aso. 20:5–21:18.

14 Amansin so ahwɛfo ne wɔn yerenom ani gye ho sɛ wobenya nnamfo a wɔbɛdɔ wɔn na wɔahyɛ wɔn nkuran. Ɔmansin sohwɛfo bi kyerɛw sɛ: “Sɛ biribi haw me a, me nnamfonom hu no ntɛm na wɔhyɛ me nkuran. Wotumi bisa nsɛm de hu nea ɛhaw me. Sɛ merekasa a wɔyɛ aso tie, na eyi boa me paa.” Amansin so ahwɛfo ne wɔn yerenom ani gye ho sɛ anuanom bɛbɛn wɔn na wɔakyerɛ nea wɔreyɛ ho anisɔ.

BOA BETEL ABUSUA NO MUFO

15, 16. Adɛn nti na adwuma a Betelfo ne wɔn a wɔwɔ Nhyiam Asa so yɛ no ho hia paa, na yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn?

15 Adwuma a anuanom a wɔsom wɔ Betel ne wɔn a wɔwɔ Nhyiam Asa so yɛ no boa ma asɛnka adwuma no nya nkɔso. Sɛ Betelfo wɔ w’asafo mu anaa ebi wɔ ɔmansin no mu a, dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ wudwen wɔn ho?

16 Sɛ wɔba Betel foforo a, ɛyɛ a na wɔafe fie. Enti sɛ anuanom a wɔabɛto wɔn Betel ne wɔn asafo mufo ka bɛn wɔn a, wɔn ani gye paa. (Mar. 10:29, 30) Wɔahyehyɛ Betel adwuma no sɛnea ɛbɛyɛ a anuanom betumi akɔ asafo nhyiam ne asɛnka nnawɔtwe biara. Nanso ɛtɔ da a, Betelfo yɛ nnwuma foforo ka nea wɔyɛ daa ho. Ɛbɛyɛ papa sɛ anuanom bɛte eyi ase na wɔyɛ nea wobetumi biara de kyerɛ sɛ wɔn ani sɔ adwuma a Betelfo reyɛ no.Monkenkan 1 Tesalonikafo 2:9.

WƆN A WƆYƐ BERE NYINAA SOM ADWUMA NO WƆ AMAN FOFORO SO

17, 18. Nnwuma bɛn saa na bere nyinaa asomfo a wɔatu afi wɔn man mu no yɛ?

17 Anuanom bi atu wɔn ho ama reyɛ bere nyinaa som adwuma no wɔ aman foforo so. Wodu hɔ a, na biribiara ayɛ foforo. Ɛsɛ sɛ wosua ɛhɔ asetena ne kasa ne amammerɛ. Yɛreka yi, ebia ɛsɛ sɛ wosua ɛhɔ aduan di. Nnwuma bɛn saa na anuanom a wɔatu afi wɔn man mu no yɛ?

18 Ebinom yɛ asɛmpatrɛwfo, na wɔn adwuma titiriw ne asɛnka. Wɔn ho akokwaw asɛnka adwuma no mu, na wotumi kyerɛkyerɛ yiye, na wɔde wɔn suahu boa wɔn asafo mufo. Baa dwumadibea no boa ma asɛmpatrɛwfo nya baabi korokorowa bi a wɔbɛtena ne sika kakra a wɔde  betwitwa wɔn ho. Anuanom a wɔafi wɔn man mu aba no bi yɛ adwuma wɔ Betel, na ebinom nso sisi Betel adan horow ne mmeae a wɔkyerɛ kasa ase. Afoforo nso sisi Ahenni Asa ne Nhyiam Asa. Betel boa ma wonya aduan a wobedi ne baabi a wɔbɛtena. Ɛtɔ da a, ebinom yi wɔn yam de mmoa a ɛte saa ma anuanom a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma yi. Anuanom a wɔreyɛ adansi adwuma yi nso kɔ asafo nhyiam ne asɛnka sɛnea Betelfo yɛ no. Wɔde wɔn nimdeɛ ne wɔn suahu boa asafo a wɔwom no.

19. Wobɛyɛ dɛn aboa bere nyinaa asomfo a wɔatu aba wo man mu no?

19 Ɛnde, wobɛyɛ dɛn aboa bere nyinaa asomfo a wɔatu aba wo man mu no? Kae sɛ, sɛ wɔba foforo a, ɛnyɛ aduan biara na wobetumi adi. Enti sɛ woreto nsa afrɛ wɔn abedidi a, wubetumi abisa wɔn ahwɛ nea wɔn ani nnye ho. Sɛ nso wopɛ sɛ wɔsɔ biribi foforo hwɛ a, wubetumi abisa ahwɛ sɛ wɔn ani begye ho anaa. Sɛ wɔresua wo kasa anaa wo man mu amammerɛ a, nya wɔn ho abotare na boa wɔn. Kae sɛ ɛnyɛ biribiara na wobehu no ntɛm, nanso wɔn ani gye ho sɛ wobesua.

20. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa bere nyinaa asomfo ne wɔn awofo?

20 Anuanom a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma no pii nte mmɛn wɔn awofo. Nanso ade rekye a ade resa nyinaa na awofo yi renyinyin. Enti edu baabi a, ɛho behia sɛ wosusuw ho hwɛ kwan a wɔbɛfa so ahwɛ wɔn awofo. Sɛ awofo yi yɛ Adansefo a, wɔn koma so ade ne sɛ wɔn mma no bɛkɔ so ayɛ bere nyinaa som adwuma no a biribiara rentwitware wɔn ananmu. (3 Yoh. 4) Ampa, ɛsɛ sɛ anuanom a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma no hwɛ wɔn awofo na wɔtaa srasra wɔn sɛnea wobetumi biara. Nanso anuanom a wɔbɛn awofo no betumi aboa mma no ma wɔahwɛ wɔn awofo. Sɛ awofo no hia biribi a, anuanom betumi atwa wɔn ani akɔhwɛ wɔn. Momma yɛnkae sɛ bere nyinaa asomfo atu wɔn ho nyinaa reboa ma asɛnka adwuma no akɔ so. Eyi ne adwuma a ehia sen adwuma biara wɔ asase so nnɛ. (Mat. 28:19, 20) Ɛnde, wubetumi akae wɔn a wɔreyɛ bere som adwuma no? Ɔkwan baako a wobɛfa so ayɛ saa ne sɛ wobɛboa wɔn awofo.

21. Sɛ anuanom boa bere nyinaa asomfo na wɔhyɛ wɔn nkuran a, ɛka wɔn sɛn?

21 Nnipa pii kum wɔn ho yɛ adwuma, efisɛ wɔpɛ sɛ wonya wɔn ho. Nanso yɛn nuanom a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma no yɛ adwumaden, efisɛ wɔpɛ sɛ wɔma Yehowa nea ɛfata na wɔboa wɔn yɔnko nnipa. Enti ɔkwan biara a obi bɛfa so aboa wɔn no, wɔn ani sɔ paa. Onuawa bi a ɔreyɛ bere nyinaa som adwuma no wɔ ɔman foforo so kae sɛ: “Sɛ obi kyerɛw asɛntiaa bi mpo de kyerɛ sɛ n’ani sɔ nea woreyɛ a, ɛka wo koma paa, na wuhu sɛ odwen wo ho.”

22. Bere nyinaa som adwuma no ka wo sɛn?

22 Anuanom a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma no atu wɔn ho reyɛ biribi a nhyira ne anigye wom paa. Adwuma biara nni hɔ a ɛsen eyi. Adwuma a wɔreyɛ no tete wɔn ma wonya su ne nimdeɛ a ehia nnɛ ne daakye wɔ wiase foforo no mu. Ɛrenkyɛ, Yehowa asomfo nyinaa de wɔn bere nyinaa bɛyɛ adwuma a ɛma akomatɔyam paa. Bere a eyi wɔ yɛn tirim no, momma yɛnkɔ so nkae wɔn a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma no ne ‘adwumaden a wofi gyidi ne ɔdɔ mu reyɛ’ no.1 Tes. 1:3.