Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wugye Di Paa Sɛ Woahu Nokware No? Adɛn Ntia?

Wugye Di Paa Sɛ Woahu Nokware No? Adɛn Ntia?

‘Monsɔ nhwɛ nhu Onyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na edi mũ.’ROM. 12:2.

1. Dɛn na Katolek ne Protestant asɔfo ayɛ wɔ ɔko mmere mu?

WUGYE di sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ Kristofo de wɔn ho hyɛ akodi mu na wokunkum nnipa a wofi aman foforo so? Mfe 100 a atwam no, nnipa pii a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo akunkum wɔn ho wɔ akodi mu. Katolekfo akunkum Katolekfo, Protestantfo akunkum Protestantfo. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ asraafo rebɛkɔ ko a, Katolek ne Protestant asɔfo hyira asraafo no ne wɔn akode so. Wiase Ko II mu deɛ, na mogyahwiegu no ani yɛ nyan paa.

2, 3. Bere a wiase ko a ɛto so mmienu ne akodi ahorow gyina mu no, dɛn na Yehowa Adansefo yɛe? Adɛn ntia?

2 Yehowa Adansefo nso ɛ? Dɛn na wɔyɛe wɔ Wiase Ko II no mu? Wɔannyina ɔfã biara akyi. Wɔamfa wɔn ho anhyɛ saa akodi no mu bi. Adɛn ntia? Ɛno ara ne sɛ na wɔpɛ sɛ wotie Yesu nkyerɛkyerɛ na wɔdɔ afoforo sɛnea na Yesu dɔ nnipa no. Ɔkae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.” (Yoh. 13:35) Bio nso na Adansefo no kae asɛm a Paulo ka kyerɛɛ Korintofo no, na na wɔpɛ sɛ wɔde yɛ adwuma.Monkenkan 2 Korintofo 10:3, 4.

3 Nokware Kristofo deɛ Bible na ɛkyerɛ wɔn kwan ma wohu nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne, na wɔn ahonim mma  wɔn kwan sɛ wosua akodi anaa wɔkɔ ɔko. Esiane sɛ Yehowa Adansefo bɔ wɔn bra sɛ nokware Kristofo nti, nkurɔfo ataa wɔn mu mpempem ayɛ wɔn basabasa. Wɔde mmofra ne mpanyin, mmea ne mmarima, agu afiase ne nsraban mu. Wiase ko a ɛto so mmienu mu, bere a Nasifo di tumi wɔ Germany no, wokum ebinom mpo. Nanso ɔtaa a ɛbaa Yehowa Adansefo so wɔ Europa nyinaa akyi no, wɔannyae Yehowa Ahenni ho asɛmpaka adwuma no da. Baabiara a wɔwɔ biara, afiase oo, nneduaban mu oo, wɔanka wɔn ano antom. Bere a wotwaa ebinom asu mpo no, wɔkɔɔ so kaa asɛm no. * Afei nso bere a ntawntawdi kɔfaa mogyahwiegu baa Rwanda 1994 no, Adansefo no amfa wɔn ho anhyem. Bio nso bere a ɔko sii Yugoslavia ma ɔman no mu kyekyɛe no, Adansefo no anko bi.

4. Sɛ nkurɔfo hu sɛ Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nhyɛ wiase ntawntawdi mu a, dɛn na wɔtaa ka?

4 Esiane sɛ Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nhyɛ akodi mu nti, nnipa pii ka sɛ Adansefo no dɔ Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa. Nea ɛkyerɛ ara ne sɛ wɔn ne nokware Kristofo. Ɛnde, nneɛma foforo bɛn nti na nkurɔfo susuw sɛ Yehowa Adansefo ne nokware Kristofo?

NKYERƐKYERƐ ADWUMA KƐSE WƆ ABAKƆSƐM MU

5. Nsakrae bɛn na na ɛda hɔ retwɛn Yesu asuafo no?

5 Yesu kyerɛe sɛ Ahenni ho asɛmpaka adwuma no ne adwuma a ɛho hia sen biara wɔ asase so. Enti bere a ofii ne som adwuma no ase pɛɛ na ɔpaw asuafo 12 de too fapem maa adwuma yi. Akyiri yi ɔtetee asuafo foforo 70 kaa 12 no ho. (Luka 6:13; 10:1) Yesu tetee wɔn, na wɔn nso kyerɛkyerɛɛ afoforo. Nea edi kan no, wɔkyerɛkyerɛɛ Yudafo, nanso na anwonwasɛm bi da hɔ retwɛn asuafo no. Na wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ Amanaman mufo nso. Hwɛ sɛ asuafo a wɔyɛ Yudafo rekɔka asɛm no akyerɛ Amanaman mufo! Na ɛyɛ nsakrae kɛse paa.Aso. 1:8.

6. Dɛn na ɛmaa Petro hui sɛ Onyankopɔn bu nnipa nyinaa pɛ?

6 Amanaman muni a wontwaa no twetia a odii kan bɛyɛɛ Kristoni ne Kornelio. Yehowa somaa ɔsomafo Petro sɛ ɔnkɔka asɛm no nkyerɛ Kornelio wɔ ne fie. Eyi maa Petro hui sɛ ampa Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim; obu nnipa nyinaa pɛ. Yehowa apɛde ne sɛ nnipa a wofi aman nyinaa mu bɛte nokware no na wɔde abɔ wɔn bra. Bere a Petro huu nea ɛrekɔ so no, ɔkae sɛ wɔmmɔ Kornelio ne ne fiefo asu. (Aso. 10:9-48) Efi saa da no rekɔ no, Petro ne Yesu asuafo a aka no kaa asɛmpa no kyerɛɛ obiara; wɔanyi ɔtwe anyi adowa. Nokwasɛm ne sɛ na wiase nyinaa yɛ wɔn asasesin.

7, 8. Sɛn na Yehowa Adansefo boa nkurɔfo ma wɔte asɛmpa no? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

7 Ɛnnɛ nso wɔn a Yehowa de wɔn reyɛ adwuma wɔ n’ahyehyɛde mu no de nneɛma agu akwan mu a ɛbɛma wɔaka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. Seesei Yehowa Adansefo bɛyɛ ɔpepem nwɔtwe reka asɛm no wɔ wiase baabiara. Wɔn ani abere reka asɛm no wɔ kasa bɛboro 600 mu, na ade rekye a ade resa nyinaa, kasa foforo bɛka ho. Wɔka asɛm no wɔ afie afie ne mmɔnten so. Ɛtɔ da a, wɔhyehyɛ nhoma wɔ pon anaa trɔk so wɔ abɔnten so. Nhoma yi wɔ kasa horow mu na obiara a ɔpɛ betumi akogye bi. Ɛnyɛ den sɛ nkurɔfo behu Yehowa Adansefo, efisɛ wɔn nko ara na wɔfa akwan horow yi so ka asɛmpa no.

 8 Yehowa ahyehyɛde no atete mmarima ne mmea bɛboro 2,900 ma wɔrekyerɛ Bible ne nhoma ahorow ase kɔ kasa pii mu. Kasa yi mu bebree wɔ hɔ a nnipa pii ntee din mpo da. Nhwɛso baako ne Catalan kasa. Yehowa Adansefo a wɔwɔ Spain kyerɛ yɛn nhoma no ase kɔ Catalan kasa mu. Nnipa pii afi ase reka kasa no wɔ Valencia ne Alicante, Balearic Supɔw so ne Andorra. Ɛnnɛ, nnipa mpempem pii ka Catalan kasa. Yehowa Adansefo adaworoma, ɛnnɛ Catalanfo anya nhoma horow wɔ wɔn kasa mu, kasa a wɔde twaa wɔn funuma. Wɔyɛ asafo nhyiam pii wɔ saa kasa no mu.

9, 10. Adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa ahyehyɛde no pɛ sɛ nnipa nyinaa hu nokware no?

9 Wiase nyinaa, Yehowa Adansefo kyerɛ wɔn nhoma ase kɔ kasa pii mu, na saa ara na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo wɔ wɔn kasa mu. Sɛ yɛhwɛ Mexico sɛɛ a, nnipa dodow no ara ka Spanish kasa, nanso nnipa pii wɔ hɔ a bere a wɔyɛ mmofra nyinaa na wɔka wɔn kurom kasa. Kasa yi mu baako ne Maya kasa. Enti asafo no de anuanom a wɔkyerɛ nhoma ase akɔtena baabi a wɔka Maya kasa no. Esiane sɛ wɔde nhoma asekyerɛfo yi akodua nnipa no mu na wɔte kasa no daa nti, wotumi kyerɛ nsɛm ase ma ɛtɔ asom. Yɛnkɔ Nepal nso. Nnipa bɛboro ɔpepem 29 na wɔwɔ saa ɔman no mu, na kasa bɛyɛ 120 na wɔka wɔ hɔ. Kasa yi mu baako ne Nepali. Nnipa bɛboro ɔpepem 10 deɛ, Nepali kasa na wɔde twaa wɔn funuma, na afoforo pii nso te kasa no. Ɛnnɛ wɔkyerɛ yɛn nhoma horow ase kɔ Nepali kasa mu.

10 Anyɛ hwee koraa no, nhoma a yɛkyerɛ ase kɔ kasa bebree mu no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ahyehyɛde no ntoto n’asɛde ase koraa; wohu sɛ ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no wɔ wiase afanan nyinaa. Yehowa Adansefo akyekyɛ nkratawa ne nhomawa ne nsɛmma nhoma ɔpepe pii; wɔntɔn emu biara. Adansefo no ara fi wɔn pɛ mu yi ntoboa de tua adwuma no ho ka nyinaa. Wodi Yesu asɛm yi so: “Munyaa no kwa, momfa mma kwa.”Mat. 10:8.

Anuanom rekyerɛ nhoma ase kɔ Low German kasa mu (Hwɛ nkyekyɛm 10)

Anuanom de nhoma a ɛwɔ Low German kasa mu di dwuma wɔ Paraguay (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase nso)

11, 12. Esiane sɛ yɛka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa nti, dɛn na nnipa pii ka?

11 Yehowa Adansefo nim paa sɛ wɔahu nokware no, na eyi aka wɔn koma ma enti ɛnhaw wɔn koraa sɛ wɔde nneɛma bɛbɔ afɔre na wɔatumi aka asɛm no  wɔ wiase baabiara. Adansefo pii ama wɔn asetena ayɛ wɛ; ebinom nso asua kasa foforo anaa wɔatu akɔtena baabi sɛnea wobetumi ayɛ asɛmpaka adwuma yi kɛse. Esiane sɛ Yehowa Adansefo ka asɛmpa no wɔ wiase baabiara na wɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo Bible nti, nnipa pii ka sɛ wɔn na wodi Yesu Kristo akyi.

12 Adansefo no kum wɔn ho yɛ eyi nyinaa, efisɛ wogye di paa sɛ wɔahu nokware no. Ɛnde, nneɛma pɔtee bɛn nti na yɛn nuanom gye tom sɛ wɔahu nokware?Monkenkan Romafo 14:17, 18.

NEA ƐMA EBINOM GYE DI SƐ WƆAHU NOKWARE NO

13. Ɔkwan bɛn so na Adansefo no ma wɔn ahyehyɛde no ho tew?

13 Sɛ wubisa yɛn nuanom nea enti a wogye di sɛ wɔahu nokware no a, obiara wɔ biribi a ɔbɛka. Onuabarima bi a wasom Yehowa mfe bebree kae sɛ: “Yehowa ahyehyɛde no hwɛ sɛ asafo no ho bɛtew a nkekae biara nni ho. Enti panyin oo, abofra oo, obiara a ohia afotu anaa nteɛso no, wɔde ma no.” Dɛn na ɛma Yehowa nkurɔfo abrabɔ ho tew saa? Wɔn mu biara hwɛ sɛ obedi nea Onyankopɔn aka wɔ Bible mu no so na wɔasua Yesu ne n’asuafo no. Adansefo no mu kakraa bi na wɔsen wɔn kɔn ma wotu wɔn fi asafo no mu. Yehowa Adansefo dodow no ara abrabɔ ho tew wɔ Yehowa ani so. Wɔn a kan no na wɔn abrabɔ ne Onyankopɔn apɛde nhyia asakra ma wɔn ho atew.Monkenkan 1 Korintofo 6:9-11.

14. Nsakrae bɛn na ebinom a wotuu wɔn fii asafo no mu ayɛ, na dɛn na afi mu aba?

14 Bible ka no pefee sɛ, sɛ obi sen ne kɔn na wantie Onyankopɔn afotu a, wontu no mfi Kristofo asafo no mu. Anigyesɛm ne sɛ wɔn a wɔatu wɔn no mu pii ani aba wɔn ho so, na wɔanu wɔn ho ma wɔasan agye wɔn. (Monkenkan 2 Korintofo 2:6-8.) Adansefo no de Bible bɔ wɔn bra daa, enti Kristofo asafo no ho tew. Eyi ma wonya awerɛhyem sɛ wɔn ahyehyɛde no na Yehowa gye tom. Asɔre pii ma kwan ma asɔremma no yɛ nea wɔpɛ biara, nanso Adansefo no de Yehowa asɛm bɔ wɔn bra. Eyi nso ama nnipa pii abehu sɛ Yehowa Adansefo som ne nokware no.

15. Dɛn na ɛma onua bi gye di paa sɛ wahu nokware no?

15 Dɛn bio na ɛma Adansefo bi gye di sɛ wɔahu nokware no? Onua bi a wadi mfe 54 kyerɛɛ nea enti a ogye di sɛ wahu nokware. Ɔkae sɛ bere a ɔyɛ aberantewa na ofii ase som Yehowa, na nneɛma mmiɛnsa na ama ne gyidi asi pi: (1) Onyankopɔn wɔ hɔ, (2) Bible fi Onyankopɔn hɔ, (3) Yehowa Adansefo na wɔreyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so nnɛ. Ɔkae sɛ: “Mfe pii na mede asua Bible, na daa mebɔ mmɔden hwɛ sɛ nneɛma mmiɛnsa yi da so ara yɛ nokware anaa. Na bere biara a mɛyɛ saa no, minya adanse foforo de kyerɛ sɛ ampa ɛyɛ  nokware. Eyi san hyɛ me gyidi den, na minya ahotoso paa sɛ nokware no ara na mahu no.”

16. Dɛn na ɛma onuawa bi gye di sɛ wahu nokware no?

16 Onuawa bi yɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti wɔ New York, na ɔno nso kyerɛɛ nea enti a ogye di sɛ wahu nokware no. Ɔkae sɛ Yehowa ahyehyɛde no nko ara na ɛma nkurɔfo hu Yehowa din. Saa din no pue wɔ Bible mu bɛyɛ mpɛn 7,000. Bio nso asɛm a ɛwɔ 2 Beresosɛm 16:9 ahyɛ no nkuran paa. Ɛhɔ ka sɛ, ‘Yehowa de n’aniwa kyini asase so baabiara sɛ ɔde n’ahoɔden bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho.’ Onuawa no kae sɛ: “Nokware no aboa me ma mahu sɛnea mɛma me koma adi mu na Yehowa de n’ahoɔden adi ama me. Ade a ɛsom bo ma me paa ne Yehowa adamfofa. Na ɛyɛ me dɛ sɛ Onyankopɔn nam Yesu so ama mahu ne ho nsɛm pii. Anokwa, eyi na ɛma misi pi wɔ nokware no mu.”

17. Dɛn na onua bi a kan na onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ahu, na adɛn ntia?

17 Onua bi a kan na onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ kae sɛ: “Sɛ mehwɛ nneɛma a Onyankopɔn abɔ a, mihu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ adesamma ani gye, enti migye di sɛ ɔremma amanehunu ntena hɔ daa. Bere a bɔne adonnɔn wiase no, Yehowa nkurɔfo deɛ, daa wɔn gyidi yɛ den, na wɔn dɔ ne nsi a wɔde reyɛ wɔn adwuma no ano nnwoe koraa. Yehowa honhom nko ara na ebetumi ayɛ anwonwade a ɛte saa nnɛ.”Monkenkan 1 Petro 4:1-4.

18. Adɛn nti na anuanom mmienu bi gye di sɛ wɔahu nokware no? Wɔn asɛm no ka wo sɛn?

18 Onua foforo nso de mfe pii asom Yehowa. Ɔno nso kyerɛ nea enti a ogye di sɛ wahu nokware no. Ɔkae sɛ: “Nneɛma a masua ama mahu sɛ Adansefo no bɔ mmɔden biara sɛ wobedi ɛsa a tete Kristofo twa too hɔ no akyi. Matutu akwan akɔ aman pii so, na baabiara a mɛkɔ biara mihu sɛ Yehowa Adansefo yɛ baako. Nokware a mahu afi Bible mu no ama manya anigye ne akomatɔyam.” Onua bi a wadi boro mfe 60 kae sɛ Yehowa Adansefo gye Yesu di paa. Ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Yɛagye bere asua Yesu asetena ne ne som adwuma ho nsɛm pii na yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi ne nhwɛso akyi. Nsakrae biara a ɛsɛ sɛ yɛyɛ no, yɛayɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi afa Kristo Yesu so abɛn Onyankopɔn. Yegye tom sɛ Kristo agyede afɔrebɔ no na ɛbɔ kwan kɔ nkwagye mu, na yenim paa sɛ Onyankopɔn nyanee no fii awufo mu. Nnipa pii hui na ɛho kyerɛwtohɔ wɔ hɔ.”Monkenkan 1 Korintofo 15:3-8.

KA NOKWARE NO HO ASƐM KYERƐ AFOFORO

19, 20. (a) Adwuma bɛn na Paulo kaa ho asɛm wɔ krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Roma asafo no mu? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo nyinaa yɛ?

19 Nokware Kristofo dɔ nnipa. Enti yɛnkata nokware a yɛahu no so; yɛka kyerɛ afoforo. Paulo ka kyerɛɛ asafo a ɛwɔ Roma no sɛ ɛyɛ Kristofo asɛde sɛ wɔka asɛmpa no. Ɔkae sɛ: “Sɛ wopae mu ka saa ‘asɛm a ɛwɔ w’ankasa anom’ no, sɛ Yesu ne Awurade, na wugye di wɔ wo koma mu sɛ Onyankopɔn nyan no fii awufo mu a, wobegye wo nkwa. Na koma na wɔde gye di kɔ trenee mu, na ano na wɔde pae mu ka kɔ nkwagye mu.”Rom. 10:9, 10.

20 Yehowa Adansefo gye tom paa sɛ wɔahu nokware no, na ɛyɛ nidi kɛse sɛ wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa akyerɛ afoforo. Enti bere a yɛreyɛ asɛnka adwuma no, ɛsɛ sɛ yɛn abrabɔ ne gyinae a yesi da adi ma afoforo hu sɛ yegye tom paa sɛ yɛahu nokware no.

^ nky. 3 Hwɛ nhoma a wɔato din Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom, kratafa 191-198, 448-454.