Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Fa W’adwene Si Nneɛma a Ɛwɔ Soro So’

‘Fa W’adwene Si Nneɛma a Ɛwɔ Soro So’

“Momfa mo adwene nsi nneɛma a ɛwɔ soro so, na ɛnyɛ nneɛma a ɛwɔ asase so.”KOLOSEFO 3:2.

1, 2. (a) Adɛn nti na na asafo a ɛwɔ Kolose no wɔ asiane mu? (b) Afotu bɛn na ɛhyɛɛ anuanom a wɔwɔ Kolose den ma wɔkɔɔ so bataa Onyankopɔn ho?

ASOMAFO no bere so no, asɛm bi sɔree Kolose asafo no mu a anka ɛbɛtumi de mpaapaemu aba. Na anuanom bi reka sɛ ɛsɛ sɛ obiara di Mose Mmara no so. Ebinom nso gye gyinaa mu sɛ ɛnyɛ papa sɛ Kristofo de asetenam nneɛma bɛgye wɔn ani. Paulo bɔɔ wɔn kɔkɔ ma wɔhuu sɛ asiane wɔ atoro nkyerɛkyerɛ a ɛte saa mu. Ɔkae sɛ: “Monhwɛ yiye: anhwɛ a obi de nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛgyina nnipa atetesɛm ne wiase mu nneɛma so a ennyina Kristo so bɛfa mo nnommum.”Kolosefo 2:8.

2 Sɛ Kristofo a wɔasra wɔn yi di nnipa nkyerɛkyerɛ akyi a, na wɔrepo hokwan a wɔanya sɛ wɔyɛ Onyankopɔn mma no. (Kolosefo 2:20-23) Na Paulo pɛ sɛ ɔboa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a biribiara rensɛe wɔne Onyankopɔn ntam. Enti ɔtuu wɔn fo sɛ: “Momfa mo adwene nsi nneɛma a ɛwɔ soro so, na ɛnyɛ nneɛma a ɛwɔ asase so.” (Kolosefo 3:2) Na ɛhia sɛ Kristofo no kae sɛ wɔwɔ anidaso nwonwaso bi sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ soro.Kolosefo 1:4, 5.

3. (a) Anidaso bɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no wɔ? (b) Nsɛmmisa bɛn na yɛbɛsusu ho?

3 Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ nso de wɔn adwene asi Onyankopɔn Ahenni ne hokwan a wɔanya sɛ wɔbɛyɛ “Kristo mfɛfo adedifo” wɔ soro no so. (Romafo 8:14-17) Wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no nso ɛ? Paulo asɛm no fa wɔn ho sɛn? Ɔkwan bɛn so na “nguan foforo” yi bɛtumi de wɔn adwene asi “nneɛma a ɛwɔ soro” no so? (Yohane 10:16) Abraham ne Mose nhwɛso bɛtumi aboa yɛn. Ahohia bere mu mpo saa mmarima yi de wɔn ani sii nneɛma a ɛwɔ soro so. Dɛn na yɛbɛtumi asua afi wɔn hɔ?

SƐ BIBLE KA SƐ YƐMFA YƐN ADWENE NSI NNEƐMA A ƐWƆ SORO SO A, ƐKYERƐ SƐN?

4. Ɛbɛyɛ dɛn na Kristofo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so atumi de wɔn adwene asi nneɛma a ɛwɔ soro so?

4 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no de wɔn adwene si nneɛma a ɛwɔ soro so. Wɔbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Ɛno ara ne sɛ wɔde Onyankopɔn ne n’Ahenni bɛdi kan wɔ wɔn asetenam. (Luka 10:25-27) Eyi na Kristo yɛe, na yɛpɛ sɛ yɛsuasua no. (1 Petro 2:21) Asomafo no bere so no, na nsusuwii bɔne, wiase nyansapɛ, ne honam fam adedodowpɛ yɛ sɔhwɛ kɛse ma Kristofo a wɔwɔ hɔ no. Ɛnnɛ nso nneɛma a ɛte saa abu so wɔ Satan wiase yi mu. (Monkenkan 2 Korintofo 10:5.) Enti ɛsɛ sɛ yɛsuasua Yesu na yɛma yɛn ani da hɔ na biribiara ansɛe yɛne Yehowa ntam.

Adwene a wiase no wɔ wɔ sika ho no anya yɛn so nkɛntɛnso anaa?

5. Nsɛmmisa bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛahu nneɛma a yɛn koma di akyi?

5 Adwene a wiase no wɔ wɔ sika ho no anya yɛn so nkɛntɛnso anaa? Yɛn nsusuwii ne yɛn nneyɛe na ɛbɛkyerɛ nneɛma a yɛn koma pɛ. Yesu kae sɛ: “Baabi a w’ademude wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.” (Mateo 6:21) Enti ɛwɔ hɔ wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ yɛbisa yɛn ho nsɛm de hu baabi a yɛn koma wɔ. Wobɛtumi abisa sɛ: ‘Bere dodow sɛn na mede dwinnwen sika ho? Nea metaa dwen ho ne sɛ mɛnya adwuma kɛse bi ayɛ anaa? M’adwene nyinaa ne sɛ mɛnya asetena pa? Anaa mebɔ mmɔden sɛ mɛma m’asetena ayɛ wɛ na matumi de m’adwene asi Yehowa som so?’ (Mateo 6:22) Yesu kae sɛ, sɛ ‘yɛhyehyɛ yɛn ademude wɔ asase so’ a, ɛbɛtumi asɛe yɛne Yehowa ntam.Mateo 6:19, 20, 24.

Daa yɛne yɛn mmerɛwyɛ di asi, na nea ɛbɛboa ma yɛadi nkonim ne sɛ yɛde yɛn adwene bɛsi nneɛma a ɛwɔ soro so

6. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi adi yɛn mmerɛwyɛ so?

6 Yɛnyɛ pɛ, enti ɛnyɛ den sɛ yɛn koma bɛtɔ akɔ bɔne so. (Monkenkan Romafo 7:21-25.) Sɛ yɛamfa yɛn ho anto Onyankopɔn honhom kronkron so a, ebia yɛbɛgyaa yɛn ho mu ama “anigye ntraso ne nsawe” anaa ‘ahohwibra’ mpo, na yɛremfa Onyankopɔn mmara nyɛ hwee. (Romafo 13:12, 13) Daa yɛne yɛn mmerɛwyɛ di asi, na nea ɛbɛboa ma yɛadi nkonim ne sɛ yɛde yɛn adwene bɛsi nneɛma a ɛwɔ soro so. Eyi gye animia. Paulo kae sɛ: “Midi me nipadua nya, na mehyɛ no sɛ akoa.” (1 Korintofo 9:27) Enti ɛhia sɛ yɛn nso yɛhyɛ yɛn ho so. Momma yɛnhwɛ mmarima anokwafo mmienu bi ne nea ɛyɛe a wɔnyaa Onyankopɔn anim dom.Hebrifo 11:6.

ABRAHAM “GYEE YEHOWA DII”

7, 8. (a) Ɔhaw bɛn na Abraham ne Sara hyiae? (b) Dɛn na na Abraham dwen ho daa?

7 Bere a Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔne n’abusua ntu nkɔ Kanaan asase so no, wampopo ne ti koraa. Abraham gyidi ne ne setie nti, Yehowa ne no yɛɛ apam. Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Mɛyɛ wo ɔman kɛse, na mehyira wo.” (Genesis 12:2) Bere a Yehowa kaa saa asɛm no, mfe pii twaam, nanso na Abraham ne Sara da so ara wɔ hɔ a wɔnni ba. Adɛn, na Yehowa werɛ afi bɔ a wahyɛ Abraham no anaa? Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ na asetena mu ayɛ den ama Abraham wɔ Kanaan. Bere a Abraham wɔ Ur no, na sika wɔ kurow no mu, enti na nneɛma kɔ yiye ma no. Nanso ɔgyaa ne nyinaa hɔ twaa kwan kilomita 1,600 kɔɔ Kanaan asase so. Na Kanaan asetena nna fam. Na Abraham ne n’abusua te ntamadan mu, na ɛtɔ da a na nea wɔbɛdi mpo ayɛ asɛm. Yɛreka yi, ɛtɔ da bi a akorɔmfo nso mma wɔn ho ntɔ wɔn. (Genesis 12:5, 10; 13:18; 14:10-16) Nanso Abraham ne n’abusua annya adwene da sɛ wɔbɛsan wɔn akyi akɔdwudwo wɔn ho wɔ Ur.Monkenkan Hebrifo 11:8-12, 15.

8 Abraham ‘gyee Yehowa dii’ na wamfa n’adwene ansi “nneɛma a ɛwɔ asase so” no so. (Genesis 15:6) Wamma ne werɛ amfi bɔ a Yehowa ahyɛ no no; daa na ɛwɔ n’adwenem. Yehowa huu sɛ Abraham gyidi sõ, enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “‘Mesrɛ wo ma w’ani so hwɛ soro, na sɛ wubetumi akan nsoromma yi a, kan.’ Na ɔkae sɛ: ‘Saa ara na w’asefo bɛyɛ.’” (Genesis 15:5) Bere a Abraham tee saa asɛm no, akyinnye biara nni ho sɛ ɔhuu sɛ Yehowa werɛ mfii no. Da biara a ɔbɛma ne ti so ahwɛ nsoromma a ɛgu wim no, ɔbɛkae sɛ Yehowa ahyɛ no bɔ sɛ ɔbɛma n’asefo ayɛ bebree. Yehowa bere soe no, ɔdii ne bɔhyɛ so maa Abraham nyaa ɔba a ɔbɛdi n’ade.Genesis 21:1, 2.

9. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Abraham?

9 Ɛnnɛ, yɛn nso yɛretwɛn sɛ Yehowa bɔhyɛ bɛbam. (2 Petro 3:13) Sɛ yɛamfa yɛn adwene ansi nneɛma a ɛwɔ soro so a, ɛbɛyɛ yɛn sɛ bɔhyɛ no akyɛ dodo, na ebia nsi ne ahokeka a yɛde yɛ Yehowa adwuma no bɛkɔ fam. Bere bi a atwam no, ebia wode nneɛma bi bɔɔ afɔre sɛnea wobɛtumi ayɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu; ebia na woyɛ ɔkwampaefo. Sɛ saa a, yɛma wo amo. Na ɛnnɛ nso ɛ? Wobɛsuasua Abraham na woayɛ nea wobɛtumi biara ama Yehowa na wode w’adwene asi nhyira a yɛbɛnya daakye no so? (Hebrifo 11:10) Abraham “gyee Yehowa dii” na Yehowa faa no adamfo.Romafo 4:3.

MOSE HUU “ONII A WONHU NO NO”

10. Ntetee bɛn na Mose nyae?

10 Onipa baako a ɔno nso de n’adwene sii nneɛma a ɛwɔ soro so ne Mose. Wɔtetee Mose wɔ Egypt ahemfie. Saa bere no na Egypt wɔ tumi sen ɔman biara, na Bible ma yɛhu sɛ “wɔkyerɛɛ Mose Egyptfo nyansa nyinaa.” Mose suaa ade kɔɔ akyiri, na na ɔwɔ ‘tumi wɔ ne kasa ne ne nnwuma mu.’ (Asomafo Nnwuma 7:22) Enti na kwan kɛse abue ama no sɛ ɔbɛyɛ onipa titiriw wɔ Egypt. Nanso na biribi a ɛsen Egypt nhomasua koraa na ɛwɔ Mose adwenem.

11, 12. Nimdeɛ bɛn paa na na ɛho hia Mose? Yɛyɛ dɛn hu saa?

11 Bere a Mose yɛ abofra no, ne maame Yokebed kyerɛkyerɛɛ no Hebrifo Nyankopɔn no ho nsɛm pii. Ná Mose bu Onyankopɔn ho nimdeɛ sɛ biribi a ɛsom bo sen wiase nhomasua biara. Enti hokwan biara a ɛbɛma wayɛ sikani na wɔafrɛ no asomasi anaa ɔbenten no, ɔpoe na watumi ayɛ nea Onyankopɔn pɛ. (Monkenkan Hebrifo 11:24-27.) Ntetee a Mose nsa kae wɔ ne mmofraberem ne gyidi a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu no boaa no maa ɔde n’adwene sii nneɛma a ɛwɔ soro so.

Hokwan biara a ɛbɛma Mose ayɛ sikani na wɔafrɛ no asomasi anaa ɔbenten no, ɔpoe na watumi ayɛ nea Onyankopɔn pɛ

12 Sɛ yɛreka wiase nhomasua a, obiara nni hɔ a na ɔsen Mose saa bere no, nanso wamfa anhwehwɛ tumi, sika, anaa edin wɔ Egypt. Bible ka sɛ na Mose mpɛ sɛ “wɔfrɛ no Farao babea ba, na ɔpawee sɛ ɔbɛma wɔatan ɔne Onyankopɔn nkurɔfo ani mmom sen sɛ obenya bɔne mu anigye bere tiaa bi.” Akyiri yi, Yehowa ho nimdeɛ a Mose nyae no boaa no maa ɔdii Israelfo no anim.

13, 14. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa siesiee Mose maa adwuma a na ɔde rebɛhyɛ ne nsa no? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛsua?

13 Na Mose dɔ Yehowa ne n’asomfo a wɔabɛyɛ nkoa wɔ Egypt no. Bere a Mose dii mfe 40 no, ɛyɛɛ no sɛ bere aso sɛ ɔgye ne nuanom fi Egyptfo nsam. (Asomafo Nnwuma 7:23-25) Nanso Yehowa ani so deɛ na bere nsoe sɛ Mose yɛ saa. Na ɛhia sɛ Yehowa tete no na ɔnya ahobrɛase, abotare, ne ahosodi. (Mmebusɛm 15:33) Na ntetee a ɛte saa bɛsiesie Mose ama nsɛnnennen bi a ɛda n’anim. Ɔde mfe 40 hwɛɛ nguan, na eyi boaa no ma ɔnyaa su te sɛ ahobrɛase, abotare, ne ahosodi.

14 Dɛn nti na yɛbɛtumi aka sɛ ntetee a Mose faa mu no boaa no paa? Nea enti a yɛbɛtumi aka saa ne sɛ Bible ka sɛ Mose bɛyɛɛ “ɔbarima a odwo sen obiara wɔ asase so.” (Numeri 12:3) Ahobrɛase a Mose suae nti na ɔwɔ nnipa ho abotare, na sɛ nkurɔfo wɔ ɔhaw bi a wɔtumi de ba n’anim. (Exodus 18:26) Yɛn nso yɛhia su a ɛte saa nnɛ na yɛatumi atwa “ahohiahia kɛse” no akɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. (Adiyisɛm 7:14) Ɛnde, yɛtumi ne nnipa nyinaa bɔ anaa? Wɔn a yɛsusu sɛ wɔn koma haw wɔn nso ɛ? Ɔsomafo Petro asɛm yi bɛtumi aboa yɛn. Ɔkae sɛ: “Munni nnipa nyinaa ni, monnɔ anuanom nyinaa.”1 Petro 2:17.

MOMMA YƐMFA YƐN ADWENE NSI NNEƐMA A ƐWƆ SORO SO

15, 16. (a) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si nneɛma a ɛfata so? (b) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ bra pa?

15 Yɛte “mmere a emu yɛ den” mu. (2 Timoteo 3:1) Enti ɛho hia paa sɛ yɛde yɛn adwene si nneɛma a ɛfata so na yɛatumi ne Onyankopɔn anantew. (1 Tesalonikafo 5:6-9) Momma yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa a ɛbɛtumi aboa yɛn ma yɛayɛ saa.

16 Yɛn abrabɔ: Petro ma yɛhu sɛ abrabɔ pa so wɔ mfaso pii. Ɔkae sɛ: “Munkura abrabɔ pa mu wɔ amanaman no mu.” Ɔde kaa ho sɛ, sɛ wɔn a wɔnnim Onyankopɔn no hu yɛn abrabɔ pa a, ɛbɛka wɔn ma ‘wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam.’ (1 Petro 2:12) Enti sɛ yɛwɔ fie oo, sukuu oo, adwumam oo, yɛredi agorɔ oo, yɛreyɛ asɛnka adwuma no oo, momma yɛnyɛ biribiara mfa nhyɛ Yehowa anuonyam. Ampa yɛnyɛ pɛ, enti yɛn nyinaa di mfomso. (Romafo 3:23) Nanso ɛnsɛ sɛ yɛn abam bu efisɛ Yehowa taa yɛn akyi, na ɔbɛboa yɛn ma ‘yɛako gyidi ko pa no.’1 Timoteo 6:12.

Sɛ yɛnya Kristo adwene no bi a, yɛbɛbrɛ yɛn ho ase na yɛayɛ asɛnka adwuma no denneennen

17. Yɛbɛyɛ dɛn anya Yesu adwene no bi? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

17 Yɛn adwene: Sɛ yɛn abrabɔ bɛyɛ papa a, ɛhia sɛ yɛnya adwempa. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Momma adwene a na Kristo Yesu wɔ yi bi ntena mo mu.” (Filipifo 2:5) Adwene bɛn na na Yesu wɔ? Ná ɔbrɛ ne ho ase, na eyi boaa no ma ɔkum ne ho yɛɛ ɔsom adwuma no. Ɔde n’adwene nyinaa sii asɛmpaka adwuma no so. (Marko 1:38; 13:10) Na Yesu nkɔ nnyaw Onyankopɔn Asɛm no; ɛno na ɛkyerɛɛ no kwan. (Yohane 7:16; 8:28) Ɔtoo ne bo ase suaa Kyerɛw Kronkron no, enti na ɔtumi fa mu nsɛm kyerɛkyerɛ mu, anaa ɔde yi ne ho ano, anaa ɔde foa nsɛm so. Sɛ yɛnya Kristo adwene no bi a, yɛn nso yɛde nsi bɛsua Bible no na yɛabrɛ yɛn ho ase ayɛ asɛnka adwuma no denneennen.

Ade a na ɛsi Yesu ani so ne sɛ ɔbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no (Hwɛ nkyekyɛm 17)

18. Ɔkwan titiriw bɛn na yɛbɛfa so aboa Yehowa adwuma?

18 Yɛn mmoa: Yehowa ada no adi sɛ “Yesu din mu na ɛsɛ sɛ nkotodwe nyinaa kotow, nea ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so ne nea ɛwɔ asase ase.” (Filipifo 2:9-11) Yesu wɔ dibea a ɛkorɔn paa, nanso ɔbrɛ ne ho ase ma n’Agya. Saa ara na ɛsɛ yɛyɛ. (1 Korintofo 15:28) Ade baako ne sɛ yɛbɛyɛ adwuma a Yehowa de ahyɛ yɛn nsa no na ‘yɛakɔyɛ aman nyinaa asuafo.’ (Mateo 28:19) Bio nso yɛpɛ sɛ ‘yɛyɛ nnipa nyinaa yiye,’ enti yɛbɛyi yɛn yam ayɛ yɛn afipamfo ne yɛn nuanom papa.Galatifo 6:10.

19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛsi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

19 Ɛyɛ yɛn dɛ sɛ Yehowa si so dua kyerɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn adwene nsi nneɛma a ɛwɔ soro so. Enti momma “yɛmfa boasetɔ ntu mmirika a ɛda yɛn anim no” na yɛmfa yɛn adwene nsi nneɛma pa so. (Hebrifo 12:1) Momma yɛmfi yɛn ‘kra nyinaa mu’ nyɛ adwuma a ɛhyɛ yɛn nsa no, efisɛ Yehowa na yɛreyɛ ama no. Na momma yɛnnya awerɛhyem sɛ yɛn soro Agya no nso bɛhyira yɛn mmɔho mmɔho.Kolosefo 3:23, 24.