ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM December 2014

Adesua nsɛm a yɛbɛsua fi February 2 kɔsi March 1, 2015 wɔ nsɛmma nhoma yi mu.

‘Tie na Te Aseɛ’

Yesu de sinapi aba, mmɔreka, odwadini bi a ɔtuu kwan, ne ademudeɛ a wɔde ahunta yɛɛ mfatoho. Dɛn na emu biara kyerɛ?

‘Wote Aseɛ’?

Dɛn na Yesu mfatoho a ɛfa ogufoɔ a ɔdaeɛ, asau, ne ɔba hohwini ho no kyerɛ?

Wiase Dada Yi Rekɔ N’awieeɛ—Momma Yɛnyɛ Baako

Bible mu nhwɛsoɔ nnan bɛboa ma yɛahu nea enti a ɛhia sɛ yɛne Onyankopɔn nkurɔfoɔ bom som no. Ɛbɛboa yɛn ma yɛahu nea enti a baakoyɛ ho bɛhia paa daakye.

W’ani Sɔ Nea Woanya?

Dɛn na yɛde bɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ honhom fam agyapadeɛ a yɛn nsa aka no?

Nsɛmmisa a Ɛfi Akenkanfoɔ Hɔ

Berɛ a Yeremia kaa sɛ Rahel resu ne mma no, dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ?

Ɛhia sɛ Wosesa W’adwene Anaa?

Gyinae bi wɔ hɔ a ɛnsɛ sɛ wosesa no, nanso ɛnyɛ ne nyinaa na ɛte saa. Wobɛyɛ dɛn ahu nea ɛsɛ sɛ wosesa ne nea ɛnsɛ sɛ wosesa?

Na ‘Ɔnim Kwan No’

Guy H. Pierce, Yehowa Adansefoɔ Akwankyerɛ Kuo no muni wuu Benada, March 18, 2014.