Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Ɛfi Akenkanfoɔ Hɔ

Nsɛmmisa a Ɛfi Akenkanfoɔ Hɔ

Berɛ a Yeremia kaa sɛ Rahel resu ne mma no, dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ?

Yeremia 31:15 ka sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Wɔte nne bi wɔ Rama, agyaadwoɔ ne esũ yaya; ɛyɛ Rahel na ɔresu ne mma. Wɔkyekyere ne werɛ ne mma ho a, ɔntie, ɛfiri sɛ wɔnni hɔ bio.’”

Rahel wuo akyi mfie 1,000 na Yeremia twerɛɛ saa asɛm no. Rahel wu gyaa ne mma mmarima mmienu no. Enti wohwɛ a, ebia wobɛka sɛ Yeremia asɛm no nyɛ nokorɛ.

Rahel abakan ne Yosef. (Genesis 30:22-24) Akyire yi berɛ a Rahel rewo Benyamin no na ɔwuiɛ. Enti ebia yɛbɛbisa sɛ, Adɛn nti na Yeremia 31:15 ka sɛ Rahel mma ‘nni hɔ bio’ ma enti ɔresu wɔn?

Yosef woo mma mmarima mmienu. Wɔn din ne Manase ne Efraim. (Genesis 41:50-52; 48:13-20) Akyire yi Efraim abusuakuo no bɛyɛɛ abusuakuo a ɛyɛ den wɔ Israel ahemman a ɛwɔ atifi fam no mu. Ɛduu baabi no, na Efraim abɛgyina hɔ ama abusuakuo du no nyinaa. Nanso abusuakuo a ɛfi Rahel ba Benyamin mu bae no bɛyɛɛ Yuda ahemman no fã. Enti sɛ yɛbɛka a, na Rahel gyina hɔ ma ɛnanom nyinaa a wɔwɔ Israel, kyerɛ sɛ atifi fam ne anafoɔ fam ahemman no nyinaa.

Berɛ a Yeremia twerɛɛ ne nwoma no, na Asiriafo atow ahyɛ Israel ahemman a ɛwɔ atifi fam no so adi wɔn so nkonim dada, na wɔfaa nnipa pii kɔyɛɛ nkoa. Nanso ɛbɛyɛ sɛ na Efraim asefoɔ no bi adwane kɔ Yuda. Afe 607 A.Y.B. no, Babilonfoɔ dii Yuda ahemman a ɛwɔ anafoɔ fam no so, na wɔfaa ebinom kɔyɛɛ nkoa. Wɔde wɔn mu pii kɔɔ Rama wɔ Yerusalem atifi fam. Sɛ wofi hɔ rekɔ Yerusalem atifi fam a, ɛyɛ bɛyɛ kilomita nwɔtwe. (Yeremia 40:1) Ebia wɔkum wɔn mu bi wɔ Rama wɔ Benyamin asase so, asase korɔ no ara a wɔsiee Rahel wɔ so no. (1 Samuel 10:2) Enti sɛ Yeremia ka sɛ Rahel resu ne mma a, ɛbɛtumi aba sɛ ɛkyerɛ Benyaminfoɔ a wɔawuwu anaa wɔn a wɔkum wɔn wɔ Rama no ho awerɛhodie. Ɛbɛtumi aba nso sɛ ɛkyerɛ ɛnanom a wɔwɔ Israel nyinaa a wɔresu Onyankopɔn nkurɔfoɔ a wɔawuwu anaa wɔde wɔn kɔ nkoasom mu.

Sɛ ɛte saa oo, sɛ ɛnte saa oo, asɛm a Yeremia kaa sɛ Rahel resu ne mma no yɛ nkɔmhyɛ. Ɛkyerɛ nea ɛsii mfie pii akyi bere a Yesu yɛ akokoaa no. Ɔhene Herode hyɛɛ mmara sɛ wɔnkunkum mmarimaa a wɔwɔ Betlehem nyinaa, ɛfi wɔn a wɔawo wɔn foforɔ so kɔsi wɔn a wɔadi mfie mmienu so. Na Betlehem wɔ Yerusalem anafoɔ. Wo deɛ hwɛ sɛnea ɛnanom a wɔn mma awuo anaa “wɔnni hɔ bio” bɛsu afa! Na ɛte sɛ nea saa su no kɔ ara kɔdu Rama tɔnn wɔ Yerusalem atifi.Mateo 2:16-18.

Enti Yeremia berɛ so ne Yesu berɛ so nyinaa, sɛ Bible ka sɛ “Rahel resu ne mma” a, ɛkyerɛ Yudafoɔ mmaa a wɔresu wɔn mma a wɔawuwuo. Nokwasɛm nie, wɔn a wɔwuwuiɛ a wɔkɔɔ ‘ɔtamfo asase so’ no, sɛ wɔnyane awufoɔ ba nkwa mu bio a, ebia wɔbɛba bi.Yeremia 31:16; 1 Korintofoɔ 15:26.