Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Na ‘Ɔnim Kwan No’

Na ‘Ɔnim Kwan No’

GUY HOLLIS PIERCE a ɔka Yehowa Adansefoɔ Akwankyerɛ Kuo no ho de n’asase so som adwuma baa awieeɛ Benada, March 18, 2014. Na wadi mfie 79. Ɔka Kristo nuanom ho, enti wɔanyane no ma ɔkɔ soro.Hebrifoɔ 2:10-12; 1 Petro 3:18.

Wɔwoo Guy Pierce wɔ Auburn, California, U.S.A., November 6, 1934, na ɔbɔɔ asu 1955. Ɔwaree ne dɔfo Penny afe 1977, na wɔkyekyeree wɔn abusua. Na nnipa pii tumi ka kɔ ne ho te sɛ wɔn papa. Ɔne ne yere Penny fii akwampae adwuma ase 1982. Ɔbɛyɛɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ United States afe 1986, na ɔyɛɛ saa mfie 11.

Guy ne Penny Pierce kɔkaa United States Betel abusua no ho 1997. Onua Pierce yɛɛ adwuma wɔ Ɔsom Dwumadibea, na 1998 no, wɔpaw no sɛ ɔmmoa Adwumayɛfoɔ Yiedie Boayikuo a ɛhyɛ Akwankyerɛ Kuo no ase no. Afe afe nhyiamu baako a wɔyɛɛ no October 2, 1999 ase no, wɔde too dwa sɛ wɔapaw Onua Pierce aka Akwankyerɛ Kuo no ho. Boayikuo ahodoɔ a ɔne wɔn yɛɛ adwuma na ɛdidi so yi: Adwumayɛfoɔ Yiedie, Akyerɛw, Nhoma Tintim, ne Nsɛm Ho Dwumadie.

Daa na Onua Pierce anim yɛ seresere, na na ne ho yɛ anika. Wei nti na nnipa a wɔfi aman ahodoɔ so a ɛsono wɔn amammerɛ mpo tumi bɛn no. Nanso nea ɛmaa nkurɔfo ka bɛn no kɛse paa ne ɔdɔ ne ahobrɛaseɛ a na ɔwɔ. Bio, na ɔntoto Onyankopɔn mmara ne n’ahyɛdeɛ ase, na na ɔwɔ Yehowa mu gyidie ankasa. Asɛm a daa na ɛda Guy Pierce ano a ɔpɛ sɛ amansan nyinaa hu ne sɛ ɛbɛyɛ mmerɛ sɛ awia bɛka hɔ a ɛrempue sen sɛ Yehowa bɛhyɛ bɔ a ɛremma mu.

Na Onua Pierce mfa Yehowa adwuma nni agorɔ koraa. Da biara na ɔsɔre ntɛm, na na ɔtaa yɛ adwuma kɔsi anadwo. Ɔtutuu akwan kɔɔ wiase afanan nyinaa kɔhyɛɛ ne nuanom Kristofoɔ mmarima ne mmaa nkuran. Na ɔwɔ nnipa ho adagyeɛ; sɛ obi hia mmoa anaa afotuo bi a, ɔntwentwɛn ne nan ase sɛ ɔde bɛma no. Sɛ ɔne anuanom bɔ fekuo a, mfie pii bɛtwam na wɔda so ara kae n’ayamyɛ, n’adɔeɛ, ne ne nkuranhyɛ.

Yɛn nuabarima ne yɛn adamfo Pierce agya ne yere, ne mma nsia, ne nananom ne nanankansowanom, ne ne honhom fam mma bebree hɔ, na wɔn ani bɛgyina no paa. Mark Sanderson a ɔyɛ Akwankyerɛ Kuo no muni na ɔmaa Onua Pierce ayie ase kasa wɔ Brooklyn Betel, Memeneda, March 22, 2014. Ɔkaa sɛ Onua Pierce wɔ anidasoɔ sɛ ɔbɛkɔ soro, na ɔkenkan asɛm a Yesu kaeɛ yi: “Tenabea pii wɔ m’Agya fie. . . . Sɛ mekɔ kɔsiesie baabi ma mo a, mɛba bio na magye mo aba me nkyɛn, na baabi a mewɔ no, mo nso moaba hɔ. Na baabi a merekorɔ no, monim kwan no.”Yohane 14:2-4.

Yɛn ani bɛgyina Onua Pierce papaapa. Nanso ɛyɛ yɛn dɛ sɛ na ‘ɔnim kwan’ a ɛkɔ “tenabea” a ɛwɔ hɔ ma no daa no.