Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛhia sɛ Wosesa W’adwene Anaa?

Ɛhia sɛ Wosesa W’adwene Anaa?

ANUANOM mmeranteɛ ne mmabaa bi yɛɛ sɛ wɔrekɔhwɛ sini. Na obiara reka wɔ sukuu mu sɛ sini no yɛ fɛ paa. Berɛ a wɔduu hɔ a wɔhwɛɛ sini no ho mfoni a ɛtetare hɔ no, wɔhuu mmaa a wɔn ahosiesie mfata ne nnipa a wɔkurakura akodeɛ wɔ mfoni no mu. Ɛdɛn na anuanom mmeranteɛ ne mmabaa yi bɛyɛ? Wɔbɛsi wɔn bo akɔhwɛ sini no anaa?

Da biara a yɛbɛsɔre afi kɛtɛ so no, yɛnya biribi a ɛsɛ sɛ yɛsi ho gyinaeɛ. Wei bɛtumi aka yɛn abɛn Yehowa anaa ɛbɛma yɛn gyidi ayɛ mmerɛ. Ɛtɔ da a ɛbɛba w’adwenem sɛ yɛ biribi, nanso sɛ wosusu ho kɔ akyi kakra a, ebia wobɛsesa w’adwene. Woyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ wonsi pi, anaa ɛno mmom na ɛtene?

 Berɛ a Ɛnsɛ sɛ Wosesa W’adwene

Yɛdɔ Yehowa, enti na yɛhyiraa yɛn ho so bɔɔ asu. Yɛhyɛɛ no bɔ sɛ yɛbɛkɔ so adi no nokorɛ, na yɛpɛ sɛ yɛdi yɛn bɔhyɛ so. Nanso yɛn tamfo Bonsam reyɛ nea ɔbɛtumi biara sɛ ɔbɛsɛe yɛn gyidie. (Adiyisɛm 12:17) Yɛasi gyinaeɛ sɛ yɛbɛsom Yehowa na yɛadi ne mmara so. Sɛ yɛsesa yɛn adwene a, ebia yɛn nkwa bɛbɔ yɛn.

Bɛboro mfie 2,600 nie, Babilon hene Nebukadnesar kukuruu sika honi kɛseɛ bi sii hɔ, na ɔhyɛɛ sɛ obiara mmɔ ne mu ase nsom no. Ɔkaa sɛ obi biara a wansom ohoni no, wɔmfa no nto egya fononoo mu. Na Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego yɛ mmeranteɛ a wɔsom Yehowa, na na wɔmpɛ sɛ wɔbu Yehowa mmara so. Enti wɔantie ɔhene ahyɛdeɛ no, na ɔde wɔn guu ogya fononoo no mu. Yehowa gyee wɔn fii egya no mu. Nanso sɛ amma saa mpo a, paa sɛ wɔbɛsɔre atia Onyankopɔn deɛ, anka wɔde wɔn nkwa bɛtwa so.Daniel 3:1-27.

Na odiyifoɔ Daniel nso nim nokwasɛm bi. Na ɔnim sɛ, sɛ amanfoɔ hu sɛ ɔrebɔ Onyankopɔn mpaeɛ a, wɔde no bɛto gyata amena mu na wawu yayaaya. Nanso wei ammɔ no hu; daa na ɔbɔ mpaeɛ mprɛnsa. Na wasi ne bo sɛ ɔbɛsom nokorɛ Nyankopɔn no. Wansesa n’adwene, enti Yehowa gyee no “firii agyata nsam.”Daniel 6:1-27.

Ɛnnɛ nso Onyankopɔn asomfoɔ a wɔwɔ hɔ ahyira wɔn ho so ama Yehowa, na wɔahyɛ no bɔ sɛ wɔbɛsom no daa. Wɔkura saa bɔhyɛ no mu; wɔnsesaa wɔn adwene. Adansefoɔ bi a wɔkɔ sukuu wɔ Afrika man bi mu ankyia ɔman no frankaa, enti sukuu mpanimfoɔ no yɛɛ sɛ wɔbɛyi wɔn adi. Akyire yi, ɔsoafoɔ a ɔhwɛ nwomasua so baa sukuu hɔ, na ɔne Adansefoɔ no bɛkasae. Wɔammɔ hu, na mmom wɔtoo wɔn bo ase kyerɛkyerɛɛ mu maa ɔpanin no huu nea enti a wɔankyia frankaa no. Ɛfi saa da no, ɛho asɛm nsɔree bio. Seesei anuanom nkumaa yi kɔ sukuu a, wɔnsuro sɛ obi bɛhyɛ wɔn ama wɔabu Yehowa mmara so.

Onua bi a ɔde Joseph yere wuu mpofirim. Ayie no ho hyehyɛe biara a Joseph yɛeɛ no, n’abusuafoɔ gye toom. Nanso ne yere abusuafoɔ nni nokorɛ no mu, enti na wɔpɛ sɛ wɔyɛ ayie ho amanneɛ bi a Onyankopɔn kyi. Joseph kaa sɛ: “Wɔhuu sɛ ɛnyɛ adeɛ a mɛsesa m’adwene, enti wɔde asɛm no kɔɔ me mma so. Nanso mmɔfra no gyinaa pintinn. Afei na abusuafoɔ no pɛ sɛ wɔsiri pɛ wɔ me fie hɔ, sɛnea amanneɛ a ɛwɔ hɔ teɛ. Nanso meka kyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ wɔpɛ sɛ wɔsiri pɛ a, ɛnneɛ ɛnyɛ me fie. Na wɔnim sɛ me ne me yere mpɛ apɛsire, efisɛ ɛne yɛn gyidie nhyia. Me ne wɔn susuu asɛm no ho kyɛe, na nea ɛkɔwieeɛ ara ne sɛ wɔkɔyɛɛ wɔ baabi foforɔ.

“Saa berɛ no nyinaa, mesrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me ne m’abusua na obiara ammu ne mmara so. Ɔtiee me mpaebɔ na ɔboaa yɛn ma yɛgyinaa pintinn.” Nea wɔyɛe nyinaa akyi no, Joseph ne ne mma annwene da sɛ wɔbɛsesa gyinae a wɔasi sɛ wɔbɛtie Yehowa no.

Ɛtɔ da a, Ebia Ɛbɛhia sɛ Wosesa W’adwene

Afe 32 no, ɔbaa bi a wɔabɛsoɛ Israelfoɔ mu srɛɛ Yesu sɛ ɔntu adaemone mfi ne babaa so. Ɔkɔɔ so srɛɛ Yesu saa ara, nanso wammua no. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafoɔ sɛ: “Wɔansoma me nnipa biara nkyɛn sɛ Israel fie nnwan a wɔayera no.” Nanso ɔbaa no anka n’ano antom, enti Yesu kaa sɛ: “Ɛnyɛ papa sɛ wɔbɛfa mmɔfra paanoo ato ama nkraman mma.” Afei ɔbaa no buae sɛ: “Ɛyɛ ampa, Awurade; nanso nokwasɛm ne sɛ nkraman mma no di mporoporowaa a ɛfiri wɔn wuranom pono so gu fam no.” Wei kyerɛ sɛ na ɔbaa no wɔ gyidie paa. Enti Yesu sesaa n’adwene, na ɔtuu adaemone no fii ne ba no so.Mateo 15:21-28.

Nea Yesu yɛeɛ yi kyerɛ sɛ ɔsuasuaa Yehowa. Nokwasɛm nie, sɛ tebea bi hwehwɛ sɛ Yehowa sesa n’adwene a, ɔyɛ saa. Wo deɛ hwɛ, berɛ a Israelfoɔ yɛɛ sika nantwie ba  somee no, Yehowa yɛɛ sɛ ɔbɛkunkum wɔn. Nanso berɛ a Mose srɛ maa wɔn no, Yehowa sesaa n’adwene.Exodus 32:7-14.

Ɔsomafoɔ Paulo nso suasuaa Yehowa ne Yesu, enti sɛ ɛfata sɛ ɔsesa n’adwene a, na ɔyɛ saa. Paulo asɛmpatrɛ akwantuo a ɛdi kan mu no, Marko de no kɔsoo kwan mu. Enti berɛ a Paulo resan akɔ bio no, na ɔmpɛ sɛ ɔde Marko bɛka ne ho akɔ. Nanso akyire yi ɛbɛyɛ sɛ Paulo huu sɛ Marko ho akokwa na ɔbɛtumi de no adi dwuma. Enti Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ: “Fa Marko ka wo ho bra, na ɔyɛ ɔboafoɔ ma me wɔ ɔsom mu.”2 Timoteo 4:11.

Dɛn na yɛsua fi wei nyinaa mu? Yehowa yɛ pɛ nanso ɔno mpo, sɛ ɛhia sɛ ɔsesa n’adwene a, ɔyɛ saa, efisɛ ɔyɛ mmɔborɔhunufoɔ a ɔwɔ aboterɛ na ɔdɔ nnipa. Yɛn deɛ yɛnyɛ pɛ, na ɛnyɛ biribiara na yɛhu n’ani so yie. Wei koraa nti na ɛtɔ da a ɛhia sɛ yɛsesa yɛn adwene no. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛsoɔ a, fa no sɛ wowɔ obi ho adwene bi. Nanso afei woabɛhu n’asetenam nsɛm yie. Wonnye nni sɛ adwene a wowɔ wɔ ne ho no bɛsesa?

Ɛtɔ da nso a, ɛho bɛhia sɛ yɛsesa yɛn adwene berɛ a yɛresusu teokrase nneɛma bi ho. Ɛho nhwɛsoɔ nie: Ebia daa yɛsua Bible na yɛkɔ adesua, nanso berɛ biara yɛtu yɛn asubɔ hyɛ da. Anaa ebia yɛbɛtumi ayɛ akwampae adwuma no, nanso yɛtwentwɛn yɛn nan ase. Anuanom mmarima bi nso wɔ hɔ a, biribiara mpusu wɔn sɛ wɔnyere wɔn ho mmɛyɛ asafo mu asomfoɔ anaa mpanimfoɔ. (1 Timoteo 3:1) Wowɔ suahu a ɛte saa? Wonnye nni sɛ wobɛtumi asesa w’adwene? Yehowa pɛ sɛ wonya hokwan a ɛte saa na wode anigyeɛ som no na woboa afoforɔ.

Sɛ wosesa w’adwene a, ebia biribi pa bi bɛfi mu aba

Ella yɛ adwuma wɔ Betel wɔ Afrika man bi mu. Ɔkaa sɛ: “Mebaa Betel no, na mennim sɛ mɛkyɛ. Ná mepɛ sɛ mefi m’akoma nyinaa mu som Yehowa, nanso na mframa mfa me  ne m’abusuafoɔ ntam. Enti mebaa foforɔ no deɛ, na daa m’ani gyina wɔn! Nanso onuawa a me ne no da dan mu no hyɛɛ me nkuran, enti meyɛɛ m’adwene sɛ mɛtena. Seesei matena Betel mfe du, na mepɛ sɛ mekɔ so tena ha som me nuanom mmarima ne mmaa berɛ tenten a Yehowa bɛma kwan biara.”

Berɛ a Ɛsɛ sɛ Wosesa W’adwene

Ɛtɔ da a, tebea bi hwehwɛ sɛ wosesa w’adwene. Nhwɛsoɔ bi nie: Ahoɔyaa nti Kain bo fuu ne nua dendeenden. Onyankopɔn huu sɛ baabi a nneɛma rekeka kɔ no, anhwɛ a Kain bɛyɛ bɔne, enti ɔtuu no fo sɛ ɔnhyɛ ne ho so. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ‘bɔne butu n’aboboano.’ Ɛha yi, anka ɛsɛ sɛ Kain sesa n’adwene nanso wanyɛ; ɔbuu n’ani guu afotuo a Onyankopɔn de maa no no so. Awerɛhosɛm ne sɛ Kain kum ne nua no!Genesis 4:2-8.

Sɛ Kain sesaa n’adwene nso ɛ?

Yɛnhwɛ Ɔhene Usia nso. Mfiaseɛ no na ɔtie Yehowa asɛm, na na ɔne ne ntam yɛ kama. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ akyire yi ahantan donnɔn no. Ɔkɔɔ asɔrefie hɔ sɛ ɔrekɔhye aduhuam, nanso na asɔfoɔ nko ara na wɔwɔ hokwan sɛ wɔyɛ saa. Asɔfoɔ no bɔɔ Usia kɔkɔ sɛ mma ɔnyɛ saa, nanso wansesa n’adwene. Mmom ne “bo fuiɛ” na ɔtwi faa wɔn so, enti Yehowa maa kwata yɛɛ no.2 Berɛsosɛm 26:3-5, 16-20.

Ɛnnɛ nso ɛ? Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛtɔ da a ɛhia paa sɛ yɛsesa yɛn adwene? Yɛmfa Joachim nyɛ nhwɛsoɔ. Ɔbɔɔ asu afe 1955, nanso 1978 mu no, wɔtuu no fii asafo no mu. Afei mfie 20 akyi no, ɔnuu ne ho na ɔsesaa n’adwene, na ɔsan baa asafo no mu. Da bi asafo mu panin bi bisaa Joachim nea enti a ɔkɔhyɛɛ mu kyɛe saa. Ɔkaa sɛ: “Ne nyinaa yɛ abufuo ne ahomasoɔ. Ɛyɛ me ya sɛ mekɔhyɛɛ mu kyɛe saa. Nanso wɔtuu me nyinaa na menim sɛ Yehowa Adansefoɔ na wɔkyerɛkyerɛ nokorɛ no.”

Yɛn nso ɛtɔ da a ɛbɛhia sɛ yɛsesa yɛn adwene ne yɛn nneyɛe. Sɛ yɛyi yɛn yam yɛ saa a, Yehowa ani bɛgye.Dwom 34:8.