Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

W’ani Sɔ Nea Woanya?

W’ani Sɔ Nea Woanya?

‘Yɛnyaa honhom a ɛfiri Onyankopɔn hɔ, na ama yɛahunu deɛ Onyankopɔn ayi ne yam de ama yɛn.’1 KORINTOFOƆ 2:12.

1. Sɛn na nnipa pii te nka wɔ nea wɔwɔ ho?

EBIA woate sɛ nkurɔfoɔ reka sɛ, “Ade pa kura wo a wonhu, gye sɛ afi wo nsa.” Ebia wo ne wɔn bɛyɛ adwene. Yɛmfa obi a yɛawo no ato sika mu nyɛ nhwɛsoɔ. Ɔmmrɛ na wanya, enti ebia n’ani rensɔ nea ɔwɔ anaa ɔrenhu mfasoɔ a ɛwɔ so. Anaa esiane sɛ mmeranteɛ ne mmabaa nni suahu nti, ebia wɔrenhu nneɛma a ɛhia paa wɔ asetenam.

2, 3. (a) Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofoɔ mmeranteɛ ne mmabaa kwati? (b) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakyerɛ nea yɛwɔ ho anisɔ?

2 Sɛ woyɛ aberanteɛ anaa ababaa a, dɛn na ɛho hia wo paa? Mmeranteɛ ne mmabaa a wɔwɔ wiase nnɛ dwene ahonyadeɛ ho sen biribi foforɔ biara. Ebia wɔpɛ adwuma pa, efie fɛfɛ, anaa kɔmputa ne mfidie a aba so. Sɛ nneɛma a ɛte saa agye wɔn adwene a, nea ɛkyerɛ ne sɛ wɔapia adeɛ a ɛho hia paa ato nkyɛn. Ɛno ne Onyankopɔn adamfofa. Sɛ w’awofo yɛ Kristofoɔ a, ɛnneɛ woanya honhom fam agyapadeɛ kɛseɛ paa. (Mateo 5:3) Sɛ woankyerɛ agyapadeɛ a woanya no ho anisɔ a, anhwɛ a w’abrabɔ nyinaa bɛyɛ basaa.

 3 Ɛnsɛ sɛ woma biribi a ɛte saa to wo. Yɛbɛhwɛ Bible mu nhwɛsoɔ bi a ɛbɛboa wo ma woakyerɛ w’agyapadeɛ no ho anisɔ. Nhwɛsoɔ a ɛte saa bɛboa mmabun ne yɛn nyinaa ama yɛn ani asɔ nea Yehowa de ama yɛn.

EBINOM ANKYERƐ ANISƆ

4. Dɛn na 1 Samuel 8:1-5 ka fa Samuel mma no ho?

4 Bible ma yɛhu sɛ ebinom nyaa honhom fam agyapadeɛ kɛseɛ, nanso wɔankyerɛ ho anisɔ. Yɛhu nhwɛsoɔ baako wɔ odiyifoɔ Samuel abusua mu. Berɛ a Samuel fii ase som Yehowa no na ɔyɛ abɔfra koraa, na odii Yehowa nokorɛ ne nkwa nna nyinaa. (1 Samuel 12:1-5) Samuel yɛɛ nhwɛso pa, nanso ne mma Yoel ne Abia ansuasua no. Mmom na wɔn bra asɛe pɔtɔɔ.Monkenkan 1 Samuel 8:1-5.

5, 6. Dɛn na Yosia mma ne ne banana yɛe?

5 Saa ara na na Ɔhene Yosia mma teɛ. Na Yosia yɛ ɔhene a ɔdɔ Yehowa a ɔmfa ne som nni agorɔ. Berɛ a nnipa bi huu Onyankopɔn Mmara nwoma a wɔkenkan kyerɛɛ Yosia no, ɔdii Yehowa akwankyerɛ nyinaa so. Ɔyii abosonsom ne asumansɛm fii ɔman no mu, na ɔka kyerɛɛ ne manfoɔ sɛ wɔntie Yehowa. (2 Ahemfo 22:8; 23:2, 3, 12-15, 24, 25) Ɔde honhom fam agyapadeɛ kɛseɛ gyaa ne mma. Nanso berɛ a ne mma mmiɛnsa ne ne banana bɛdii hene no, wɔn mu baako mpo ankyerɛ nea wɔn nsa aka no ho anisɔ.

6 Berɛ a Yosia ba Yehoahas bɛdii hene no, “ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne.” Ɔdii adeɛ abosome mmiɛnsa pɛ na Egypt hene Farao kyeree no kɔtoo afiase, na ɔwuu wɔ hɔ. (2 Ahemfo 23:31-34) Yehoahas akyi no, ne nua Yehoiakim dii adeɛ mfie 11. Ɔno nso faa ɔkwan korɔ no ara so; wankyerɛ nea ne papa de agya no no ho anisɔ. Ná n’abrabɔ mfa kwan mu koraa, enti Yeremia kaa sɛ: “Wɔbɛsie no sɛdeɛ wɔsie afunumu.” (Yeremia 22:17-19) Yosia ba Sedekia ne ne banana Yehoiakin nso saa ara; wɔansuasua Yosia nhwɛso pa no.2 Ahemfo 24:8, 9, 18, 19.

7, 8. (a) Ɔkwan bɛn so na Solomon sɛee honhom fam agyapadeɛ a ne nsa kaeɛ no? (b) Sɛ yɛhwɛ nea Bible ka faa wɔn a wɔsɛee wɔn honhom fam agyapadeɛ ho a, dɛn na yɛsua fi mu?

7 Dawid de Yehowa ho dɔ duaa ne ba Solomon mu. Nanso akyire yi Solomon ankyerɛ honhom fam agyapadeɛ a ne papa de gyaa no no ho anisɔ. Bible ka sɛ: “Solomon nkɔkoraaberɛ  mu no, ne yerenom danee n’akoma kɔdii anyame foforɔ akyi; n’akoma anni mũ Yehowa, ne Nyankopɔn ho sɛ ne papa Dawid akoma.” (1 Ahemfo 11:4) Enti Solomon hweree Yehowa anim dom.

8 Mmarima a yɛaka wɔn ho asɛm yi nyinaa nyaa hokwan a wɔde bɛsua Yehowa ho adeɛ na wɔayɛ nea ɛtene, nanso wɔankyerɛ ho anisɔ. Anigyesɛm ne sɛ ɛnyɛ mmeranteɛ ne mmabaa nyinaa na wɔyɛɛ saa. Ɛnneɛ, momma yɛnhwɛ nea mmabun bi yɛe a wobɛtumi asuasua.

WƆKYERƐƐ NEA WƆN NSA KAEƐ HO ANISƆ

9. Nhwɛsoɔ fɛfɛ bɛn na Noa mma no yɛe? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiaseɛ no.)

9 Noa mma mmarima no yɛɛ nhwɛsoɔ fɛfɛɛfɛ. Wɔnyaa hokwan boaa wɔn papa ma ɔyɛɛ adaka a Yehowa de bɛgye nkwa. Na wɔnim sɛ ɛsɛ sɛ wɔtie Yehowa, na wɔkɔɔ adaka no mu ansa na nsuo no refi ase atɔ. (Genesis 7:1, 7) Adwene bɛn na wɔde yɛɛ adaka no? Genesis 7:3 ka sɛ wɔde mmoa kɔɔ adaka no mu “na wɔanya nkwa ama wɔn ase atrɛ asase nyinaa so.” Nnipa nso nyaa nkwa. Noa mma no kyerɛɛ agyapadeɛ a wɔn nsa kaeɛ no ho anisɔ, enti wɔnyaa hokwan nwanwaso bi. Wɔboa ma wɔkoraa adasamma abusua no so, na wɔsan de nokorɛ som sii hɔ wɔ asase so.Genesis 8:20; 9:18, 19.

Hebrifoɔ mmeranteɛ nnan no amma wɔn werɛ amfi Onyankopɔn ho nneɛma a wɔasua anaa honhom fam agyapadeɛ a wɔn nsa kaeɛ no

10. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Hebrifoɔ mmeranteɛ nnan a wɔwɔ Babilon no ani sɔ honhom fam agyapadeɛ a wɔanya no?

10 Wei akyi mfie bebree no, Hebrifoɔ mmeranteɛ nnan bi nso kyerɛɛ sɛ wɔn ani sɔ nea wɔn nsa aka. Mmeranteɛ yi ne Hanania, Misael, Asaria, ne Daniel. Babilonfoɔ kyeree wɔn kɔyɛɛ nkoa bɛyɛ mfie 617 ansa na Kristo reba, nanso wɔamfa wɔn ho amfɔrefɔre Babilonfoɔ nneyɛe. Na mmeranteɛ no ho yɛ fɛ na na wɔn adwenem abue, enti anka ɛbɛtumi asi wɔn yie paa wɔ Babilon. Nanso wɔamma wɔn werɛ amfi Onyankopɔn ho nneɛma a wɔasua anaa honhom fam agyapadeɛ a wɔn nsa aka no, na Yehowa nso hyiraa wɔn pii.Monkenkan Daniel 1:8, 11-15, 20.

11. Ɔkwan bɛn so na Yesu de honhom fam agyapadeɛ a ne nsa kaeɛ no boaa afoforɔ?

11 Sɛ yɛreka obi a ɔkyerɛɛ honhom fam agyapadeɛ ho anisɔ paa a, ɛyɛ Yesu. Yesu kyerɛɛ sɛ n’ani gye nea n’Agya kyerɛkyerɛɛ no no ho. Wo deɛ hwɛ asɛm a ɔkaeɛ yi: “Sɛdeɛ Agya no kyerɛɛ me no, ɛno ara na meka.” (Yohane 8:28) Bio nso na ɛyɛ no dɛ sɛ ɔde nea wasua no bɛkyerɛkyerɛ afoforɔ. Ɛberɛ bi ɔkaa sɛ: “Ɛsɛ sɛ mekɔ nkuro foforɔ mu nso kɔka Onyankopɔn ahennie ho asɛmpa no, ɛfiri sɛ yei nti na wɔsomaa me.” (Luka 4:18, 43) Honhom fam agyapadeɛ nkyerɛ hwee mma wiase no, enti Yesu ka kyerɛɛ n’asuafoɔ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ “wiase no fã.”Yohane 15:19.

 MA W’ANI NSƆ NEA WOANYA

12. (a) Asɛm a ɛwɔ 2 Timoteo 3:14-17 no fa mmeranteɛ ne mmabaa a wɔwɔ hɔ nnɛ ho sɛn? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofoɔ mmabun bisa wɔn ho?

12 Sɛ w’awofo som Yehowa a, ɛnneɛ woanya honhom fam agyapadeɛ kɛseɛ. Ne saa nti, yɛbɛtumi aka sɛ asɛm a Bible ka faa Timoteo ho no fa wo nso wo ho. (Monkenkan 2 Timoteo 3:14-17.) W’awofo akyerɛkyerɛ wo Yehowa ho nsɛm pii na wɔama woahu nea wobɛyɛ ama n’ani agye. Ebia berɛ a woyɛ akokoaa ketekete na wɔfii ase kyerɛkyerɛɛ wo. Wei aboa wo ma ‘woahunu nyansa a ɛkɔ nkwagyeɛ mu nam Kristo Yesu mu gyidie so,’ na ‘asiesie wo yie’ ama Onyankopɔn som. Ɛnneɛ, asɛmmisa no ne sɛ: ‘Nea wo nsa aka no, w’ani sɔ?’ Bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ mekan Adansefoɔ anokwafoɔ pii a wɔtenaa ase tete no ho asɛm a, ɛka me sɛn? Ɛyɛ me dɛ sɛ meyɛ Yehowa Danseni? Sɛ mehwɛ nnipadɔm a wɔwɔ wiase na Onyankopɔn ahwɛ mu ayi me aka nnipa kakraa bi a ɔnim wɔn no ho a, m’ani nnye anaa? Sɛ me ara mehwɛ a, ɛnyɛ hokwan kɛseɛ na manya sɛ mahu nokorɛ no?’

Sɛ wohwɛ sɛ woka Onyankopɔn adansefoɔ anokwafoɔ ho te sɛ wɔn a wɔtenaa ase tete no a, ɛka wo sɛn? (Hwɛ nkyekyɛm 9, 10, 12)

13, 14. Dɛn na ɛbɛtumi atwetwe ebinom a wɔatete wɔn wɔ nokorɛ no mu, nanso adɛn nti na nyansa nnim sɛ wɔbɛma ho kwan? Ma nhwɛsoɔ.

13 Sɛ woyɛ aberanteɛ anaa ababaa na w’awofo yɛ Kristofoɔ a, ebia worenhu sɛ Satan wiase no aporɔ na nokorɛ no yɛ agyapadeɛ kɛseɛ. Ebinom mpo ama wiase no abrabɔ atwetwe wɔn; wɔpɛ sɛ wɔhu nea ɛwɔ wiase. Nanso wo deɛ hwɛ oo, sɛ kar nam kwan so rekɔ a, wobɛtu mmirika akɔdi kar no anim ahwɛ sɛ kar no bɛbɔ wo ama woapira anaa woawu? Nyansa biara nnim  sɛ wobɛyɛ saa! Enti ɛho nhia sɛ yɛkɔsɔ nneɛma bɔne a ɛwɔ wiase no hwɛ na yɛgye yɛn ani so ansa na yɛahu asiane a ɛwom.1 Petro 4:4.

Ɛho nhia sɛ yɛkɔsɔ nneɛma bɔne a ɛwɔ wiase no hwɛ na yɛgye yɛn ani so ansa na yɛahu asiane a ɛwom

14 Yɛnhwɛ aberanteɛ bi a ne din de Gener a ɔwɔ Asia. N’awofo tetee no nokorɛ no mu. Ɔbɔɔ asu no na wadi mfie 12. Nanso berɛ bi akyi no, ɛyɛɛ no sɛ ɔnkɔhwɛ nea ɛwɔ wiase. Na n’adwene yɛ no sɛ ɔbɛnya ahofadie bi. Gener fii aseɛ dii atorɔ na ɔde nneɛma siee n’awofo. Berɛ a ɔdii mfie 15 no deɛ, na nneɛma agye nsam. Sɛ ne nnamfonom kɔnom nsã a, ɔdi mu bi; kasafĩ a, ɔne wɔn ara. Gener ne ne nnamfo pue a, wɔkɔdi kɔmputa so agorɔ bi a awudisɛm wom, na wɔbɔ biribi a wɔfrɛ no snuka (billiards). Ɔkɔhyem saa, ɔbɛba fie na adeɛ asa. Akyire yi ɔhuu sɛ ɔbra a ɔrebɔ no remfa no nkɔsi baabiara. Nokwasɛm nie, na n’ani nnye mpo. Seesei wasan aba nokorɛ no mu. Ɔkaa sɛ ɛwɔ hɔ a na nneɛma a ɛwɔ wiase no refrɛfrɛ no, nanso adeɛ a ɛhia no paa ne Yehowa nhyira.

15. Sɛ w’awofo nni nokorɛ no mu mpo a, dɛn na ɛsɛ sɛ wosusu ho?

15 Sɛ w’awofo nni nokorɛ no mu mpo a, woahu Ɔbɔadeɛ no na woresom no. Akwannya bɛn na ɛkyɛn wei! Asase so nnipa ɔpepe pii yi, Yehowa ahwehwɛ mu atwe wo aba ne nkyɛn ama woahu nokorɛ no. Sɛ wei nyɛ nhyira kɛseɛ a, dɛn bio? (Yohane 6:44, 45) Sɛ yɛn awofo na wɔde nokorɛ no kyerɛkyerɛ yɛn oo, sɛ nso obi na ɔboaa yɛn ma yɛhuiɛ oo, ɛyɛ nhyira ankasa. (Monkenkan 1 Korintofoɔ 2:12.) Gener ka sɛ: “Mene hwan a Yehowa, ɔsoro ne asase wura no kae me?” (Dwom 8:4) Onuawa bi nso kaa sɛ: “Sɛ sukuuni bi hu sɛ ne tikya nim no na ɔkae ne ho nsɛm a, ɔde hoahoa ne ho. Ɛnneɛ, wo ara hwɛ sɛ Yehowa, ɔkyerɛkyerɛfoɔ kunini no nim wo, dɛn paa na ɛkyɛn wei?”

DƐN NA WOBƐYƐ?

16. Ɛdɛn na nyansa wom sɛ Kristofoɔ mmeranteɛ ne mmabaa yɛ?

16 Susu honhom fam agyapadeɛ nwanwaso a wo nsa aka no ho, na fa yɛ wo botae sɛ wobɛsom Yehowa  daa. Suasua Onyankopɔn asomfoɔ a wɔtenaa ase tete no. Mmeranteɛ ne mmabaa dodoɔ no ara a wɔwɔ wiase no resɛe wɔn ho; wɔnni anidasoɔ biara. Nsuasua wɔn.2 Korintofoɔ 4:3, 4.

17-19. Sɛ wansuasua wiase no a, adɛn nti na ɛbɛkyerɛ sɛ w’ani abue?

17 Ɛwom, ɛnyɛ berɛ nyinaa na ɛyɛ mmerɛ sɛ wobɛtwe wo ho afi wiase no ho. Nanso woyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ w’ani abue. Yɛmfa mmirikatufoɔ bi a wɔayi no sɛ ɔnkɔsi Olimpik akan nyɛ nhwɛsoɔ. Ansa na ɔredu saa mpɛmpɛnsoɔ no, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ soronko fi ne mfɛfoɔ ho. Berɛ a ne mfɛfoɔ redi akɔneaba no, ɔtwe ne ho, efisɛ ɔmpɛ sɛ biribiara bɛgye ne berɛ ne n’adwene. Ɔde nneɛma pii kame ne ho na watumi asiesie ne ho yie adu ne botae ho.

Susu honhom fam agyapadeɛ nwanwaso a wo nsa aka no ho, na fa yɛ wo botae sɛ wobɛsom Yehowa

18 Wiase no mu nnipa dodoɔ no ara nhwɛ adeɛ nkɔ akyire. Ɛyɛ a wɔnnwene nsunsuanso bɔne a wɔn nneyɛe de bɛba ho. Nanso Yehowa asomfoɔ deɛ, yɛdwene ho paa. Sɛ yɛansuasua wiase no, na yɛkwati wiase no brasɛe a, yɛne Yehowa ntam bɛyɛ kama na yɛatumi asɔ “nkwa paa no mu dendeenden.” (1 Timoteo 6:19) Onuawa a yɛkaa n’asɛm no kaa sɛ: “Sɛ wogye di sɛ nokorɛ no ni a, kura mu dendeenden, na akyire yi w’ani bɛgye paa. Ɛbɛkyerɛ sɛ wonyɛ ‘bayerɛ a aberewa dwoɔ’ na Satan wiase no afa wo fo. Nea ɛyɛ anika koraa no, ɛbɛyɛ te sɛ nea woama wo ti so na wohu sɛ Yehowa ani agye na ɔrebɔ gye wo so! Ɛba saa a, wo tirim bɛyɛ wo dɛ na wobɛhu paa sɛ nyansa wom sɛ wansuasua wiase no!”

19 Sɛ obi de n’adwene si nea ɔbɛtumi anya nnɛ nko ara so a, ɛremfa no nkɔsi baabiara. (Ɔsɛnkafoɔ 9:2, 10) Wonim nea enti a wote ase na wonim nso sɛ daa nkwa da w’anim retwɛn wo. Wonnye nni sɛ ɛsɛ sɛ wei boa wo ma wosi gyinae pa na wokwati sɛ ‘wobɛnante sɛdeɛ amanaman no nante’ na w’asetena di mu?Efesofoɔ 4:17; Malaki 3:18.

20, 21. Sɛ yɛsi gyinae pa a, dɛn na ɛda hɔ retwɛn yɛn daakye? Nanso dɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ?

20 Sɛ yɛsi gyinae pa a, ɛnnɛ mpo yɛn ani bɛgye, na daa nkwa nso da hɔ retwɛn yɛn wɔ Onyankopɔn wiase foforɔ no mu. Nhyira a Yehowa bɛhwie agu yɛn so deɛ, yɛrentumi mfa yɛn adwene mmu mpo. (Mateo 5:5; 19:29; 25:34) Nanso Yehowa mfa ne nhyira mma kɛkɛ. Ɔpɛ sɛ yɛyɛ osetie ansa. (Monkenkan 1 Yohane 5:3, 4.) Na sɛ yɛmia yɛn ani di Yehowa nokorɛ a, yɛn nsa rensi fam da!

21 Yehowa ama yɛanya nneɛma pii dada. Wadom yɛn ama yɛahu ne ho nokwasɛm pii; yɛnim n’Asɛm ne n’atirimpɔ yie. Ɛyɛ hokwan ne nidie kɛseɛ sɛ Yehowa din da yɛn so. Hwɛ, Onyankopɔn ahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔwɔ yɛn afã na ɔbɛboa yɛn. (Dwom 118:7) Enti momma yɛn nyinaa, mpanin ne mmɔfra, mfa yɛn abrabɔ nkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ honhom fam agyapadeɛ a yɛn nsa aka no, na ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yɛbɛhyɛ Yehowa ‘animuonyam daa daa.’Romafoɔ 11:33-36; Dwom 33:12.