Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wiase Dada Yi Rekɔ N’awieeɛ—Momma Yɛnyɛ Baako

Wiase Dada Yi Rekɔ N’awieeɛ—Momma Yɛnyɛ Baako

“Yɛyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.”—EFESOFOƆ 4:25.

1, 2. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn pɛ sɛ n’asomfoɔ nyinaa, mpanin ne mmɔfra, som no?

WOYƐ aberanteɛ anaa ababaa? Sɛ saa a, kae sɛ wo ho hia Yehowa ahyehyɛde no. Sɛ wokɔ aman pii so a, wɔn a wɔgye asubɔ no mu bebree yɛ mmabun. Ɛyɛ anika paa sɛ yɛbɛhu sɛ mmeranteɛ ne mmabaa pii pɛ sɛ wɔsom Yehowa!

2 Sɛ woyɛ aberanteɛ anaa ababaa a, ebia w’ani gye ho sɛ wo ne w’atipɛnfoɔ bɛbɔ. Yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛne yɛn atipɛnfoɔ hyia sɛpɛ yɛn ho. Nanso momma yɛnkae sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛne yɛn nuanom nyinaa, mpanin ne mmɔfra, wɔn a wɔfi apueeɛ ne atɔeɛ, atifi ne anafoɔ, bom som no. Ɔsomafoɔ Paulo kaa sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ “ɔgye nnipa ahodoɔ nyinaa ma wɔbɛnya nokorɛ no ho nimdeɛ a ɛdi mũ.” (1 Timoteo 2:3, 4) Adiyisɛm 7:9 ka sɛ Onyankopɔn asomfoɔ fi “amanaman ne mmusuakuo ne nnipa ne kasa nyinaa mu.”

3, 4. (a) Su bɛn na mmabun pii da no adi nnɛ? (b) Paulo asɛm a ɛwɔ Efesofoɔ 4:25 ma yɛhu dɛn fa asafo no ho?

 3 Nsonsonoeɛ kɛseɛ da mmabun a wɔsom Yehowa ne wɔn a wɔnsom no no ntam. Wɔn a wɔnsom Yehowa no pii dwene wɔn nko ara ho; afoforɔ asɛm nyɛ wɔn asɛm. Nwomanimfoɔ bi kaa sɛ ɛnnɛ, mmeranteɛ ne mmabaa yɛ pɛsɛmenkomenya sɛn berɛ foforɔ biara. Wɔn ntadehyɛ ne wɔn kasa nyinaa kyerɛ sɛ wommu adeɛ; nokwasɛm nie, wɔnni obuo sɛɛ ma mpanimfoɔ.

Seesei a yɛabɛn Satan wiase no awieeɛ pɛɛ yi, ɛhia paa sɛ yɛka fam yɛn nuanom ho dendeenden

4 Saa su yi wɔ baabiara, enti ɛgye animia paa na Kristofoɔ mmeranteɛ ne mmabaa atwe wɔn ho afi ho na wɔasɔ Yehowa ani. Asomafoɔ no berɛ so mpo, Paulo bɔɔ Kristofoɔ kɔkɔ sɛ wɔnhwɛ yie wɔ su a ɛte saa ho. Ɔkaa sɛ ɛyɛ “honhom a seesei ɛyɛ adwuma wɔ asoɔden mma mu.” (Monkenkan Efesofoɔ 2:1-3.) Sɛ yɛhu sɛ mmɔfra a wɔwɔ asafo no mu mfa wɔn ho nhyɛ su a ɛte saa mu a, ɛka yɛn akoma paa. Wɔnim sɛ asafo no te sɛ nipadua a ɛwɔ akwaa bebree, na ne nyinaa bom yɛ adwuma. Enti Paulo kaa sɛ: “Yɛyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.” (Efesofoɔ 4:25) Seesei a yɛabɛn Satan wiase no awieeɛ pɛɛ yi, ɛhia paa sɛ yɛka fam yɛn nuanom ho dendeenden. Bible mu nsɛm a yɛrebɛsusu ho yi yɛ nhwɛsoɔ a ɛbɛboa yɛn ama yɛahu nea enti a ɛhia sɛ yɛka bom yɛ baako.

WƆYƐƐ BAAKO

5, 6. Dɛn na yɛsua fi Lot ne n’abusua no hɔ?

5 Tete no Yehowa asomfoɔ bi hyiaa tebea a ɛyɛ hu paa. Nanso berɛ a wɔn nyinaa yɛɛ baako na wɔboaa wɔn ho no, Yehowa bɔɔ wɔn ho ban. Wei ho twerɛtohɔ wɔ Bible mu, na mpanin ne mmɔfra nyinaa bɛtumi asua biribi afi mu. Momma yɛnni kan nsusu nea ɛtoo Lot ho.

6 Na asiane kɛseɛ bi rebɔ hyia Lot ne n’abusua. Na wɔte Sodom, na na Yehowa rebɛsɛe kuro no. Ɔsomaa n’abɔfoɔ sɛ wɔnkɔka nkyerɛ Lot sɛ ɔmfi kurom hɔ nnwane nkɔ bepɔ bi so. Abɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Monnwane nnye mo kra!” (Genesis 19:12-22) Lot ne ne mma mmaa mmienu no tiee kɔkɔbɔ no. Nanso hwɛ awerɛhosɛm, Lot abusuafoɔ bi antie! Na mmeranteɛ bi rebɛware Lot mma mmaa no,  na ɔka kyerɛɛ mmarima no sɛ wɔmfi kuro no mu, nanso wɔn ani so no, na Lot yɛ akɔkoraa bi a “ɔreyi nsɛnkwaa.” Wɔamfa asɛm no aniberesɛm, na wɔde wɔn nkwa twaa so. (Genesis 19:14) Lot ne ne mma mmaa mmienu no nko ara na wɔnyaa wɔn ti didii mu, efisɛ wɔkaa wɔn ho boom.

7. Berɛ a Israelfoɔ fii Egypt no, ɔkwan bɛn so na Yehowa boaa wɔn a wɔka boom sɛ nnipa baako no?

7 Nhwɛsoɔ foforɔ ne Israelfoɔ a wɔfii Egypt no. Berɛ a wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so no, wɔankyekyɛ wɔn mu akuakuo. Mmom wɔka boom baako. Na berɛ a Yehowa paee Ɛpo Kɔkɔɔ no mu no, ɛnyɛ Mose nko ara anaa Israelfoɔ kakraa bi na wɔfaa mu. Ɔman mũ no nyinaa kaa Mose ho kɔeɛ, na Yehowa bɔɔ wɔn ho ban. (Exodus 14:21, 22, 29, 30) Na nnipa pii ka wɔn ho a wɔnyɛ Israelfoɔ, nanso wɔsii gyinaeɛ sɛ wɔbɛsom Yehowa. Nnipa no nyinaa ka boom yɛɛ baako. (Exodus 12:38) Wo deɛ yɛmfa no sɛ mmeranteɛ ne mmabaa kakraa bi tee wɔn ho kɔfaa baabi a wɔsusu sɛ ɛyɛ ma wɔn. Wohwɛ a anka ɛbɛyɛ adeɛ a nyansa wom? Nokwasɛm ne sɛ anka Yehowa remmɔ wɔn ho ban.1 Korintofoɔ 10:1.

8. Yehosafat berɛ so no, dɛn na Onyankopɔn nkurɔfoɔ yɛ de kyerɛɛ sɛ wɔyɛ kuo baako?

8 Ɔhene Yehosafat berɛ so no, asraafo dɔm kɛseɛ bi de wɔn ani kyerɛɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ so. (2 Berɛsosɛm 20:1, 2) Berɛ a atamfo yi twaa Israelfoɔ ho hyiae no, dɛn na wɔyɛe? Wɔdane kɔɔ Yehowa hɔ kɔhwehwɛɛ mmoa. (Monkenkan 2 Berɛsosɛm 20:3, 4.) Obiara ansɔre sɛ ɔbɛyɛ nea ɔpɛ anaa nea ɛtene wɔ n’ani so, na mmom wɔn nyinaa ka boom baako. Bible ka sɛ: “Saa berɛ no na Yudafoɔ nyinaa gyinagyina Yehowa anim; wɔne wɔn mmɔfra, wɔn yerenom ne wɔn mma nyinaa.” (2 Berɛsosɛm 20:13) Ɔman mũ no nyinaa, mmɔfra ne mpanin, de wɔn werɛ hyɛɛ Yehowa mu, na wɔtiee akwankyerɛ biara a wɔn nsa kaeɛ. Obiara ante ne ho, enti Yehowa gyee wɔn nyinaa fii wɔn atamfo nsam. (2 Berɛsosɛm 20:20-27) Dɛn na yɛsua fi mu? Ɛboa ma yɛhu sɛ, sɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ hyia ɔsɔretia a, ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa ka bom yɛ baako; ɛnsɛ sɛ obiara te ne ho.

9. Dɛn na yɛbɛtumi asua afi tete Kristofoɔ no hɔ?

9 Tete Kristofoɔ no nso ɛ? Yɛhu sɛ wɔn nyinaa ka boom de baakoyɛ som Yehowa. Ɛho nhwɛsoɔ nie: Berɛ a Yudafoɔ ne Amanaman Mufoɔ pii bɛyɛɛ Kristofoɔ no, wɔn nyinaa dii asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ akyi. Afei wɔboom kyɛɛ nneɛma, wɔboom didiiɛ, na wɔboom bɔɔ mpaeɛ. (Asomafoɔ Nnwuma 2:42) Berɛ a atamfo tuu wɔn ani sii Kristofoɔ so no, wɔde baakoyɛ gyinaa tebea no ano. Saa berɛ no paa na na obiara hia ne yɔnko. (Asomafoɔ Nnwuma 4:23, 24) Yɛn nso, sɛ yɛhyia ɔtaa a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ baako na obiara boa ne yɔnko.

YƐNYƐ BAAKO ANSA NA YEHOWA DA NO ABA

10. Berɛ bɛn na ɛbɛhia paa sɛ yɛka bom sen berɛ biara?

10 Ɛrenkyɛ, yɛbɛhyia tebea a emu yɛ den paa, biribi a ebi nsii da wɔ adasamma asetenam. Odiyifoɔ Yoel kaa sɛ ɛbɛyɛ “esum ne kusuuyɛ da.” (Yoel 2:1, 2; Sefania 1:14) Sɛ yɛreka berɛ a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ ka bom paa, ɛyɛ saa berɛ no. Kae Yesu asɛm yi:  “Ahennie biara a ɛne ne ho di asie no dane amamfõ.”Mateo 12:25.

11. Ɔkwan bɛn so na Dwom 122:3, 4 bɛtumi aboa Onyankopɔn nkurɔfoɔ ma wɔayɛ baako? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiaseɛ no.)

11 Dɛn na ɛbɛkyerɛ paa sɛ yɛyɛ baako? Sɛ yɛhwɛ sɛnea na tete Israelfoɔ si dan wɔ Yerusalem a, yɛbɛtumi asua biribi afi mu. Na adan no bobɔ ho, enti ɔdwontofoɔ no kaa sɛ kuro no ‘bom baako.’ Esiane sɛ na wɔte bɛn wɔn ho nti, na obiara tumi boa ne yɔnko, na na wɔte nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ. Ebia sɛnea Israelfoɔ no si wɔn adan no kaee ɔdwontofoɔ no sɛ, sɛ mmusuakuo no hyia sɛ wɔresom Yehowa a, na wɔn nyinaa ka bom sɛ ɔman baako. (Monkenkan Dwom 122:3, 4.) Mmerɛ a emu yɛ den paa da yɛn anim, enti ɛfi nnɛ rekɔ nyinaa a, momma yɛnkɔ so ara nka ‘mmom nyɛ baako.’

Yehowa adwene ne sɛ ɔbɛka ɔsorofoɔ ne asase sofoɔ nyinaa abom ma wɔasom no sɛ abusua baako

12. Sɛ Gog to hyɛ Yehowa nkurɔfoɔ so a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya yɛn ti adidi mu?

12 Adɛn nti na ɛbɛhia paa sɛ yɛka ‘bom baako’ daakye? Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Hesekiel ti 38 ma yɛhu sɛ “Gog a ɔfiri Magog asase soɔ no” bɛto ahyɛ Yehowa nkurɔfoɔ so. Saa berɛ no nyɛ berɛ a ɛsɛ sɛ yɛma biribiara paapae yɛn mu. Ɛbɛyɛ mfomsoɔ kɛseɛ sɛ obi de ne ho bɛtwere wiase no asusu sɛ ɔbɛnya ahobammɔ bi. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho fam yɛn nuanom papee. Wei nkyerɛ sɛ baakoyɛ a ɛwɔ yɛn ntam kɛkɛ na ɛbɛma yɛanya yɛn ti adidi mu. Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara de ne werɛ hyɛ Yehowa mu na ɔtie n’asɛm. Ɛba saa a, Yehowa ne Yesu bɛgye yɛn afi yɛn atamfo nsam na yɛatwa akɔ nhyehyɛe foforɔ no mu. (Yoel 2:32; Mateo 28:20) Nanso wosusu sɛ, sɛ yɛne Onyankopɔn nkurɔfoɔ ammom ansom no na yɛte yɛn ho yɛ nea yɛpɛ a, ɔbɛgye yɛn?Mika 2:12.

13. Dɛn na mmeranteɛ ne mmabaa bɛtumi asua afi nea yɛasusu ho yi mu?

13 Sɛ woyɛ aberanteɛ anaa ababaa a, wonhu sɛ nyansa wom sɛ wode wo ho bɛbɔ wo nuanom Kristofoɔ? Ɛnsɛ sɛ wote wo ho anaa wo ne w’atipɛnfoɔ nko ara bɔ. Ɛrenkyɛ koraa, mpanin ne mmɔfra nyinaa bɛhu sɛ obiara dan ne yɔnko. Enti bɔ mmɔden sɛ wode wo ho bɛbata wo nuanom ho dendeenden, na wo ne wɔn mmom nsom Yehowa. Ɛho hia paa sɛ yɛne Yehowa nkurɔfoɔ bɔ nnɛ na yɛkae sɛ baakoyɛ a ɛte saa ho bɛhia na yɛanya nkwa daakye.

“YƐYƐ YƐN HO YƐN HO AKWAA”

14, 15. (a) Adɛn nti na Yehowa retete yɛn ama yɛayɛ baako nnɛ? (b) Afotuo bɛn na Yehowa de ma yɛn na ama yɛakɔ so ayɛ baako?

14 Yehowa reboa yɛn ma yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmaa de “mmati korɔ asom no.” (Sefania 3:8, 9) Daakye Yehowa ‘bɛka nneɛma nyinaa abom bio wɔ Kristo mu,’ na ɔretete yɛn ama saa berɛ no. (Monkenkan Efesofoɔ 1:9, 10.) Yehowa adwene ne sɛ ɔbɛka ɔsorofoɔ ne asase sofoɔ nyinaa abom ma wɔasom no sɛ abusua baako, na biribiara nni hɔ a ɛbɛsi no kwan. Mmeranteɛ ne mmabaa, mopɛ  sɛ Yehowa de mo ka abusua a ɛte saa ho? Ɛnneɛ, ɛsɛ sɛ mode mo ho bɔ Yehowa ahyehyɛdeɛ no dendeenden.

15 Ɛnnɛ, Yehowa retete yɛn ama yɛayɛ baako sɛnea yɛbɛtumi ne yɛn nuanom atena asomdwoeɛ mu wɔ wiase foforɔ no mu. Wato ne bo ase rekyerɛkyerɛ yɛn ma ‘yɛanya adwenkorɔ ama yɛn ho,’ ‘yɛn yam ahyehye yɛn ama yɛn ho,’ ‘yɛakyekyere yɛn ho yɛn ho werɛ,’ na ‘yɛahyehyɛ yɛn ho den.’ (1 Korintofoɔ 12:25; Romafoɔ 12:10; 1 Tesalonikafoɔ 4:18; 5:11) Yehowa nim sɛ yɛtɔ sin, enti ɛtɔ da a ɛnyɛ mmerɛ sɛ yɛne yɛn nuanom bɛka abom. Ɛnneɛ, dɛn na ɛbɛboa yɛn? Adeɛ baako ne sɛ yɛbɛtie Yehowa asɛm na ‘yɛde bɔne afirifiri yɛn ho.’Efesofoɔ 4:32.

16, 17. (a) Adeɛ baako bɛn nti na Kristofoɔ hyiam? (b) Dɛn na yɛn nuanom nkumaa bɛtumi asua afi Yesu nhwɛsoɔ no mu?

16 Biribi foforɔ a Yehowa de boa yɛn ma yɛyɛ baako ne Kristofoɔ nhyiamu. Hebrifoɔ 10:24, 25 ma yɛhu adeɛ baako a enti yɛhyiam. Ɛne sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran na yɛayɛ adepa. Berɛ a yɛrebɛn Yehowa da kɛseɛ no, ɛhia paa sɛ yɛne yɛn nuanom hyiam.

17 Berɛ a Yesu yɛ abarimaa no, na n’ani gye ho sɛ ɔne Yehowa nkurɔfoɔ bɛhyiam. Berɛ a ɔdii mfie 12 no, ɔne n’awofo kɔɔ nhyiamu bi wɔ Onyankopɔn asɔrefie. Ɛduu baabi no na Yesu awofo nhu baabi a wafa. Adɛn, na ɔne n’atipɛnfoɔ de wɔn ti abɔ mu kɔ baabi anaa? Dabi. Berɛ a Yesu awofo huu no no, na ɔne akyerɛkyerɛfoɔ no wɔ asɔrefie hɔ resusu Kyerɛwnsɛm no ho.Luka 2:45-47.

18. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ bɛtumi ama yɛn baakoyɛ mu ayɛ den?

18 Bio nso sɛ yɛbɔ mpaeɛ ma yɛn nuanom a, ɛbɛma yɛn baakoyɛ no mu ayɛ den. Sɛ yɛrebɔ mpaeɛ na yɛsrɛ biribi pɔtee ma yɛn nuanom a, ɛbɛkae yɛn sɛ yɛn nyinaa yɛ nnipa baako na yɛdwene yɛn ho yɛn ho. Ɛho hia sɛ yɛdɔ yɛn nuanom, na yɛne wɔn hyiam hyɛ wɔn nkuran, na yɛbɔ mpaeɛ ma wɔn. Sɛ woyɛ aberanteɛ anaa ababaa anaa abɔfra mpo a, wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ saa na ama watumi de wo ho afam  w’asafo mufo ho? Sɛ yɛpɛ sɛ yɛtumi nya nkwa kɔ wiase foforɔ no mu a, ɛnneɛ ɛhia sɛ yɛde yɛn ho bata yɛn nuanom ho na ɛnyɛ Satan wiase no.

Yɛn nyinaa bɛtumi abɔ mpaeɛ ama yɛn nuanom (Hwɛ nkyekyɛm 18)

NEA ƐKYERƐ SƐ “YƐYƐ YƐN HO YƐN HO AKWAA”

19-21. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ nnipa baako? Ma nhwɛsoɔ. (b) Sɛ wohwɛ sɛnea anuanom boaboa wɔn ho berɛ a atoyerɛnkyɛm asi a, dɛn na wosua fi mu?

19 Adanseɛ pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛnnɛ Yehowa nkurɔfoɔ yɛ nnipa baako, na sɛnea Bible kyerɛ no, ‘wɔyɛ wɔn ho wɔn ho akwaa.’ (Romafoɔ 12:5) Sɛ biribi ka yɛn nuanom a, ɛte sɛ nea aka yɛn. Enti sɛ asiane bi to wɔn a, yɛyɛ nea yɛbɛtumi biara de boa wɔn. Ɛho nhwɛsoɔ nie: December 2011 no, ahum kɛseɛ bi tuiɛ wɔ Philippines supɔ bi a ɛde Mindanao so. Anadwo baako pɛ nsuo sɛee afie bɛboro 40,000, na na yɛn nuanom pii deɛ ka ho. Baa dwumadibea no bɔɔ amanneɛ sɛ berɛ a boayikuo a ɛhwɛ boa anuanom a atoyerɛnkyɛm ato wɔn no duu hɔ no, “na yɛn nuanom Kristofoɔ a wɔwɔ mmeae ahodoɔ afi aseɛ de nneɛma reboa dada.”

20 Berɛ a asasewosoɔ kɛseɛ bi sii Japan apueeɛ fam no, yɛn nuanom huu amane paa. Wɔn mu pii hweree nea wɔwɔ nyinaa. Onuawa baako a ɔde Yoshiko fie sɛeɛ. Sɛ wofi Ahennie Asa so rekɔ ne fie a, wobɛtwa kilomita 40. Onuawa no kaa sɛ: “Asasewosoɔ no sii no, adeɛ kyee ara pɛ na ɔmansin sohwɛfoɔ ne onua baako bɛhwehwɛɛ yɛn. Yɛn ho dwirii yɛn paa.” Afei yɛn nuabaa no de anigyeɛ kaa sɛ: “Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ asafo no boaa yɛn ma yɛnyaa honhom fam nneɛma biara a yɛhia. Ɛno da nkyɛn a, yɛnyaa ntadeɛ, mpaboa, ne bag pii.” Onua baako a ɔka boayikuo a wɔde mmoa ma ho no kaa sɛ: “Anuanom a wɔwɔ Japan afanan nyinaa bɛboaeɛ; wɔn nyinaa ka boom de baakoyɛ boaa wɔn ho wɔn ho. Anuanom bi fi United States tɔnn bɛboaeɛ. Berɛ a yɛbisaa nea enti a wɔatwa kwan tenten saa aba no, wɔkaa sɛ, ‘Yɛne yɛn nuanom a wɔwɔ Japan nyinaa yɛ nnipa baako, na yɛahu sɛ wɔhia mmoa.’” Ɛnyɛ wo dɛ sɛ woka ahyehyɛdeɛ a emufoɔ dodɔ wɔn ho saa no ho? Sɛ Yehowa hu baakoyɛ a ɛte saa a, n’ani gye paa.

21 Sɛ yɛsua sɛnea yɛbɛboa yɛn ho yɛn ho nnɛ a, ɛbɛsiesie yɛn na sɛ daakye asɛnnennen bi si a, yɛatumi ayɛ baako agyina ano. Sɛ ɛba mpo sɛ yɛne yɛn nuanom a wɔwɔ aman foforɔ so ntumi nni nkitaho a, yɛne yɛn nuanom a wɔwɔ yɛn nkyɛn bɛka abom ayɛ baako. Berɛ a ahum bi tuiɛ wɔ Japan no, onuawa bi a ɔde Fumiko kaa sɛ: “Awieeɛ no abɛn paa. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ara boa yɛn nuanom Kristofoɔ seesei kɔsi berɛ a yɛrente atoyerɛnkyɛm nka bio.”

22. Sɛ yɛka bom yɛ baako a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa yɛn daakye?

22 Siesie wo ho seesei ma Yehowa da no. Ɔkwan baako a wobɛfa so ayɛ saa ne sɛ wo ne wo nuanom Kristofo bɛka abom ayɛ baako. Sɛ Yehowa sɛe Satan wiase bɔne yi a, ɔbɛgye ne nkurɔfoɔ sɛnea ɔyɛɛ tete no. (Yesaia 52:9, 10) Ɛnneɛ, sɛ woyɛ ɔpanin oo, woyɛ abɔfra oo, kae sɛ ɛsɛ sɛ wo ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ yɛ baako na woanya nkwa. Adesua a ɛdi hɔ no bɛboa yɛn ma yɛahu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ seesei.