Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Wote Aseɛ’?

‘Wote Aseɛ’?

“Ɔbuee wɔn adwene mu yie maa wɔtee Twerɛnsɛm no ase.”LUKA 24:45.

1, 2. Ɛda a Yesu nyanee no, ɔkwan bɛn na ɔfaa so hyɛɛ n’asuafoɔ no den?

NA Yesu asuafoɔ mmienu nam kwan so rekɔ akuraa bi ase. Ɛfi Yerusalem rekɔ hɔ yɛ kilomita 11. Na Yesu wuo no ama wɔn werɛ aho; na wɔnnya ntee sɛ wanyane. Mpofirim ara na Yesu bɛpuee hɔ ne wɔn bɔɔ anan nanteeɛ. Afei “ɔde firi Mose ne Adiyifoɔ no nyinaa so kyerɛkyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛfa ne ho mu wɔ Twerɛnsɛm no nyinaa mu.” (Luka 24:13-15, 27) Wɔtee saa no, wɔn werɛ kyekyeeɛ, efisɛ ‘ɔkyerɛɛ Twerɛnsɛm no mu’ kyerɛɛ wɔn, na ɛpusuu wɔn akoma.Luka 24:32.

2 Saa anwummerɛ no ara, asuafoɔ mmienu no san kɔɔ Yerusalem. Berɛ a wɔhuu asomafoɔ no, wɔkaa nea asi no kyerɛɛ wɔn. Wɔgu so rekasa no, Yesu bɛyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn nyinaa. Ehu kaa asomafoɔ no na wɔn adwenem yɛɛ wɔn naa, efisɛ na wɔnhu sɛ ɛyɛ Yesu ampa a. Ɛnneɛ, ɔkwan bɛn na Yesu faa so hyɛɛ wɔn den? Bible ka sɛ: “Ɔbuee wɔn adwene mu yie maa wɔtee Twerɛnsɛm no ase.”Luka 24:45.

3. Adɛn nti na ɛtɔ da bi a, yɛn abam bɛtumi abu? Sɛ saa mpo a, yɛbɛyɛ dɛn akɔ so anya anigyeɛ wɔ Yehowa som mu?

3 Sɛnea asuafoɔ no werɛ hoeɛ no, ɛtɔ da bi a, yɛn  nso yɛn werɛ bɛtumi aho. Ɛwom sɛ yɛresom Yehowa dendeenden, nanso sɛ yɛka asɛm no na nkurɔfoɔ antie a, ɛbɛtumi abu yɛn abam. (1 Korintofoɔ 15:58) Anaa ebia yɛn adwene bɛyɛ yɛn sɛ wɔn a yɛne wɔn sua Bible no mmɔ wɔn ho mmɔden. Ebia ebinom mpo bɛpo Yehowa. Ɛba saa a, yɛbɛyɛ dɛn akɔ so de anigyeɛ aka asɛm no? Adeɛ baako a ɛbɛboa yɛn ne sɛ yɛbɛte Yesu mfatoho ahodoɔ no ase yie. Yɛrebɛsusu mfatoho no mmiɛnsa ho na yɛahwɛ nea yɛbɛtumi asua afi mu.

OGUFOƆ A ƆDAEƐ NO

4. Yesu mfatoho a ɛfa ogufoɔ a ɔdaeɛ ho no kyerɛ sɛn?

4 Monkenkan Marko 4:26-29. Yesu mfatoho a ɛfa ogufoɔ a ɔdaeɛ ho no kyerɛ sɛn? Ogufoɔ no gyina hɔ ma wɔn a wɔka Ahennie ho asɛmpa no. Aba no gyina hɔ ma asɛm a wɔka kyerɛ nkurɔfoɔ a wɔwɔ akoma pa no. Ogufoɔ no ‘da anadwo sɔre anɔpa’ sɛnea obiara yɛ no. Sɛ ogufoɔ no dua aba no wie a, ɛgye berɛ ansa na aba no anyini ma watwa. Saa berɛ no nyinaa “aba no fifi na ɛyɛ tenten.” Aba “no ara” nyini nkakrankakra. Saa ara na honhom fam nso obi nyini nkakrankakra de bɛn Yehowa. Onya nkɔsoɔ nkakrankakra na ɛdu baabi a, ɔsi gyinaeɛ sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn. Enti ɔhyira ne nkwa so ma Yehowa na ɔbɔ asu. Ɔyɛ saa a, yɛbɛtumi aka sɛ ‘waso aba.’

Sɛ obi ‘pɛ daa nkwa’ a, Yehowa na ɔma nokorɛ no nyini wɔ n’akomam

5. Adɛn nti na Yesu de ogufoɔ a ɔdaeɛ yɛɛ mfatoho?

5 Adɛn nti na Yesu yɛɛ mfatoho yi? Yesu pɛ sɛ yɛhu sɛ obi ‘pɛ daa nkwa’ a, Yehowa na ɔma nokorɛ no nyini wɔ n’akomam. (Asomafoɔ Nnwuma 13:48; 1 Korintofoɔ 3:7) Yɛn deɛ ara ne sɛ yɛbɛdua na yɛagugu so; yɛrentumi nhyɛ obi mma no nyini. Sɛnea ogufoɔ no nnim sɛnea aba no nyini no, saa ara na yɛn nso yɛnnim sɛnea obi nyini wɔ honhom fam. Berɛ a yɛrekɔ ba nyinaa a, ebia yɛrenhu sɛ Ahennie aba no renyini wɔ obi mu. Nanso ɛwom ara a, aba a yɛadua no bɛso. Afei osuani foforɔ no ne yɛn bɛbom ayɛ otwa adwuma no.Yohane 4:36-38.

6. Sɛ yɛne obi sua Bible a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛgye tom?

6 Dɛn na yɛbɛtumi asua afi mfatoho  yi mu? Nea ɛdi kan, ɛsɛ sɛ yɛgye tom sɛ yɛrentumi nhyɛ Bible suani mma no nyini wɔ nokorɛ no mu. Yɛbɛyɛ nea yɛbɛtumi biara aboa osuani no, nanso yɛrenhyɛ no sɛ ɔmmɔ asu. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛgye tom sɛ ɔno ara na ɛsɛ sɛ ɔsi gyinaeɛ sɛ ɔbɛhyira ne ho so ama Onyankopɔn. Sɛ obi hyira ne ho so ma Yehowa na ɔdɔ nnim a, n’ani nsɔ.Dwom 51:12; 54:6; 110:3.

7, 8. (a) Dɛn bio na yɛsua fi Yesu mfatoho a ɛfa ogufoɔ a ɔdaeɛ ho no mu? Ma nhwɛsoɔ. (b) Dɛn na wei ma yɛhu fa Yehowa ne Yesu ho?

7 Nea ɛto so mmienu, sɛ ɛyɛ yɛn sɛ yɛn asɛnka adwuma no nso aba a, mfatoho yi bɛboa yɛn na yɛn abam ammu. Ɛhia sɛ yɛnya aboterɛ. (Yakobo 5:7, 8) Sɛ yɛayɛ nea yɛbɛtumi nyinaa aboa osuani no, nanso yɛnhuu biribiara a ɛkyerɛ sɛ nokorɛ no renyini wɔ n’akomam a, ɛnkyerɛ sɛ asɛm wɔ yɛn nkyerɛkyerɛ ho. Sɛ obi brɛ ne ho ase na ɔpɛ sɛ ɔyɛ nsakrae a, Yehowa nso ma kwan ma nokorɛ no nyini wɔ n’akomam. (Mateo 13:23) Enti ɛnyɛ nnipa dodoɔ a yɛbɛboa wɔn ma wɔabɔ asu na ɛkyerɛ sɛ yɛn asɛnka tu mpɔn. Yehowa ani so deɛ, ɛnyɛ nea nkurɔfoɔ bɛyɛ wɔ asɛm no ho na ɛbɛkyerɛ sɛ yɛbɔ mmɔden wɔ asɛnka adwuma no mu. Mmom, n’ani sɔ nsi ne ahokeka a yɛde yɛ adwuma no.Monkenkan Luka 10:17-20; 1 Korintofoɔ 3:8.

Yehowa ani so deɛ, ɛnyɛ nea nkurɔfoɔ bɛyɛ wɔ asɛm no ho na ɛbɛkyerɛ sɛ yɛbɔ mmɔden wɔ asɛnka adwuma no mu

8 Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, ɛnyɛ berɛ nyinaa na yɛbɛhu nsakrae a ɛkɔ so wɔ obi akomam. Nhwɛsoɔ bi nie: Na ɔsɛmpatrɛfoɔ bi ne awarefoɔ bi sua adeɛ. Da bi awarefoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ asɛnka adwuma no bi. Onua no ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛhia sɛ wɔgyae sigaretnom ansa. Wɔka kyerɛɛ onua no sɛ wɔagyae nom dadaada; abosome bi mpo atwam. Onua no tee saa no, ne ho dwirii no. Dɛn na ɛkaa wɔn ma wɔgyae sigaretnom? Wɔhuu sɛ Yehowa kyi nyaatwom, na sɛ wɔwia wɔn ho nom mpo a, ɔbɛhu. Enti wɔhuu sɛ ɛyɛ nneɛma mmienu—sɛ wɔpɛ sɛ wɔnom a, wɔbɛnom wɔ ɔsɛmpatrɛfoɔ no anim, sɛ ɛnte saa a, ɛnneɛ wɔbɛgyae koraa. Ɔdɔ a awarefoɔ no wɔ ma Yehowa na ɛkaa wɔn ma wɔsii gyinaeɛ a ɛte saa, nanso na ɔsɛmpatrɛfoɔ no nnim ho hwee.

ASAU

9. Yesu mfatoho a ɛfa asau ho no kyerɛ sɛn?

9 Monkenkan Mateo 13:47-50. Yesu mfatoho a ɛfa asau ho no kyerɛ sɛn? Yesu kaa sɛ Ahennie asɛmpaka adwuma no te sɛ asau kɛseɛ bi a wɔagyaa agu po mu. Sɛnea asau yi “mpataa ahodoɔ pii” no, saa ara na yɛn asɛnka adwuma no nso twetwe nnipa ahodoɔ ahodoɔ mpempem pii. (Yesaia 60:5) Yɛhu wei ho adanseɛ  afe biara wɔ yɛn mantam nhyiamu ne Nkaedie ase. Nnipa mpempem pii bɛka yɛn ho saa berɛ no. Saa nkurɔfoɔ yi bi te sɛ mpataa “papa” a Yesu kaa ho asɛm wɔ ne mfatoho no mu no. Berɛ rekɔ so no, wɔba Kristofoɔ asafo no mu. Ebinom nso te sɛ mpataa a “ɛnyɛ” no, enti Yehowa nnye wɔn ntom.

Sɛ wokan Mateo 13:47-50 wie a,. . .

10. Adɛn nti na Yesu yɛɛ asau ho mfatoho no?

10 Adɛn nti na Yesu yɛɛ mfatoho yi? Yɛnhyɛ no nso sɛ mfatoho no mu no, wɔyii mpataa papa no fii nea ɛnyɛ no mu. Nanso wei nyɛ atemmuo a ɛbɛba wɔ ahohiahia kɛseɛ no mu. Mmom, ɛkyerɛ biribi a ɛbɛkɔ so wɔ nna a ɛdi akyire no mu. Yesu kyerɛɛ sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔn ani gye nokorɛ no ho nyinaa na wɔbɛba abɛsom Yehowa. Yɛne nnipa bebree sua Bible na ebinom nso ba yɛn adesua, nanso wɔnyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛhyira wɔn ho so ama Yehowa. (1 Ahemfo 18:21) Ebinom mpo agyae adesua ba. Awofo bi atete wɔn mma wɔ nokorɛ no mu, nanso mmɔfra no mfaa wɔn akoma mmaa Yehowa. Yesu sii so dua sɛ ɛhia sɛ yɛn mu biara si gyinaeɛ sɛ ɔbɛsom Yehowa; ɛnyɛ obi na ɔbɛsi ama yɛn. Sɛ yɛsi gyinae pa a, Yehowa bɛbu yɛn sɛ nnipa a wɔsom bo, “aman nyinaa mu nnepa.”Hagai 2:7.

. . . hwɛ sɛnea ɛfa yɛn ho nnɛ

11, 12. (a) Dɛn na yɛbɛtumi asua afi asau ho mfatoho no mu? (b) Dɛn na wei ma yɛhu fa Yehowa ne Yesu ho?

11 Dɛn na yɛbɛtumi asua afi asau ho mfatoho no mu? Sɛ yɛn Bible suani anaa yɛn ba bi mpɛ sɛ ɔsom Yehowa a, mfatoho yi bɛboa yɛn na yɛn werɛ anho dodo anaa yɛn aba mu ammu. Ebia yɛayɛ nea yɛbɛtumi biara de aboa no. Sɛ yɛne obi sua Bible anaa yɛtete yɛn ba wɔ nokorɛ no mu a, ɛnkyerɛ sɛ ɔkwan biara so ɔbɛfa Yehowa adamfo. Sɛ ɔmpɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase hyɛ Yehowa tumidi ase a, ɛnneɛ ɔrentumi nsom Onyankopɔn.

Ebinom a wɔn ani gye nokorɛ no ho bɛba abɛsom Yehowa (Hwɛ nkyekyɛm 9-12)

12 Ɛnneɛ, nea yɛreka yi kyerɛ sɛ wɔn a wɔagyae nokorɛ no rentumi mma asafo no mu bio? Wɔn a wɔnnya nhyiraa wɔn ho so mmaa Yehowa no nso ɛ? Anidasoɔ biara nni hɔ ma wɔn anaa? Dabi, ɛnkyerɛ saa. Hokwan da so ara wɔ hɔ sɛ wɔbɛfa  Yehowa adamfo ansa na ahohiahia kɛseɛ no afi aseɛ. Yehowa reka akyerɛ wɔn sɛ: “Monsan mmra me nkyɛn, na me nso mɛsan aba mo nkyɛn.” (Malaki 3:7) Yesu de mfatoho foforɔ sii wei so dua. Ɛfa ɔba hohwini no ho.Monkenkan Luka 15:11-32.

ƆBA HOHWINI NO

13. Yesu mfatoho a ɛfa ɔba hohwini ho no kyerɛ sɛn?

13 Yesu mfatoho a ɛfa ɔba hohwini ho no kyerɛ sɛn? Mfatoho no ma yɛhu sɛ agya no wɔ mmɔborɔhunu paa. Agya no gyina hɔ ma yɛn soro Agya Yehowa a ɔwɔ ɔdɔ no. Ɔba a ɔkɔsɛee n’agyapadeɛ no gyina hɔ ma nnipa a wɔagyaa asafo no. Sɛ wɔgyaa asafo no a, wɔtwe wɔn ho fi Yehowa ho kɔ Satan wiase no mu. Ɛba saa a, na ayɛ sɛ nea wɔkɔ “ɔman bi so wɔ akyirikyiri.” (Efesofoɔ 4:18; Kolosefoɔ 1:21) Akyire yi, ebinom hu sɛ wɔadi mfomsoɔ kɛseɛ, na wɔsan ba Yehowa nkyɛn. Wei gye animia, nanso sɛ wɔwɔ ahobrɛaseɛ na wɔanu wɔn ho ampa a, Yehowa de bɛkyɛ wɔn na wasan ayɛ wɔn awaawaa atuu aba n’asafo no mu.Yesaia 44:22; 1 Petro 2:25.

Yehowa ani gye ho paa sɛ wɔn a wɔagyaa asafo no bɛsan aba ne nkyɛn

14. Adɛn nti na Yesu yɛɛ ɔba hohwini ho mfatoho no?

14 Adɛn nti na Yesu yɛɛ mfatoho yi? Yesu ma ɛdaa adi sɛ Yehowa ani gye ho paa sɛ wɔn a wɔagyaa asafo no bɛsan aba ne nkyɛn. Agya a ɔwɔ mfatoho no mu no ampa aba; na ɔhwɛ kwan sɛ ne ba no bɛsan aba fie. Berɛ a ɔhuu sɛ ne ba no ‘da so ara wɔ akyirikyiri no,’ ɔtuu mmirika kɔhyiaa no. Ná agya no pɛ sɛ ne ba no hu sɛ n’ani agye sɛ waba fie. Ɛsɛ sɛ mfatoho yi kanyan wɔn a wɔagyaa nokorɛ no na wɔsan ba Yehowa nkyɛn ntɛm ara. Ebia  wɔn gyidie ano adwo kakra anaa fɛreɛ ne aniwuo akyekyere wɔn, enti ɛbɛtumi ayɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛsan aba. Nanso sɛ wɔmia wɔn ani ba a, wɔbɛhu sɛ wɔayɛ biribi a nyansa wom paa. Nokwasɛm nie, Yehowa, Yesu, ne abɔfoɔ no nyinaa ani bɛgye.Luka 15:7.

15, 16. (a) Dɛn na yɛbɛtumi asua afi ɔba hohwini ho mfatoho no mu? Ma nhwɛsoɔ. (b) Dɛn na wei ma yɛhu fa Yehowa ne Yesu ho?

15 Dɛn na yɛbɛtumi asua afi ɔba hohwini ho mfatoho no mu? Ɛsɛ sɛ yɛsuasua Yehowa na yɛda yɛn dɔ adi. Enti sɛ obi san ba asafo no mu a, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ho ‘ateneneefoɔ dodo’ na yɛkunkum yɛn anim kyerɛ no. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛsɛe yɛne Yehowa ntam mpo. (Ɔsɛnkafoɔ 7:16) Ade foforɔ wɔ hɔ a yɛbɛtumi asua afi mu. Ɛsɛ sɛ yɛbu obi a wagyaa asafo no sɛ “odwan a wayera” na yɛnya awerɛhyem sɛ ebia ɔbɛsan aba. (Dwom 119:176) Sɛ yɛhyia obi a wagyaa asafo no a, yɛbɛyɛ nea yɛbɛtumi biara aboa no ma wasan aba anaa? Yɛbɛma mpanimfoɔ no aso ate ntɛm na wɔaboa no? Sɛ yɛte Yesu mfatoho no ase yie a, yɛbɛyɛ saa.

“Sɛ wowɔ Yehowa asafo no mu a, ɛyɛ hokwan a ɛso bi nni!”

16 Wɔn a wɔsan ba no hu sɛ Yehowa wɔ mmɔborɔhunu na asafo no nso kyerɛ wɔn dɔ. Wei ka wɔn akoma paa. Nhwɛsoɔ bi nie: Wɔtuu onua bi, na ɛgyee mfie 25 ansa na ɔresan aba. N’anom asɛm nie: “Ɛfi berɛ a wɔgyee me no, da biara m’ani gye efisɛ Yehowa ama manya ‘ahosan mmerɛ.’ (Asomafoɔ Nnwuma 3:19) Obiara yi ne yam boa me, wɔkyerɛ wɔn dɔ paa! Seesei meda Kristofoɔ abusua nwanwaso bi mu.” Onuawa kumaa bi nso fii asafo no mu, na mfie nnum akyi ɔsan baeɛ. Ɔkaa sɛ: “Ɔdɔ a Yesu kaa ho asɛm no, ɛno bi na anuanom ayi no adi akyerɛ me. Menhu nea menka mfa nkyerɛkyerɛ mu mpo. Sɛ wowɔ Yehowa asafo no mu a, ɛyɛ hokwan a ɛso bi nni!”

17, 18. (a) Dɛn na yɛasua afi mfatoho mmiɛnsa yi mu? (b) Dɛn na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

17 Dɛn na yɛasua afi mfatoho mmiɛnsa yi mu? Nea ɛdi kan, yɛrentumi nhyɛ Bible suani mma no nnya nkɔsoɔ wɔ nokorɛ no mu. Ɛsɛ sɛ yɛgya ɛno ma Yehowa. Nea ɛtɔ so mmienu, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ wɔn a yɛne wɔn sua ade anaa wɔba adesua no nyinaa bɛsom Yehowa. Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, ɛwom sɛ ebia ebinom bɛgyaa Yehowa som deɛ, nanso mommma yɛmmpa aba; ebia wɔbɛsan aba. Sɛ wɔsan ba a, momma yɛnsuasua Yehowa na yɛnnye wɔn fɛw so.

18 Momma yɛn mu biara nkɔ so nhwehwɛ nimdeɛ, nteaseɛ, ne nyansa. Sɛ worekenkan Yesu mfatoho bi a, bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na mfatoho yi kyerɛ? Adɛn nti na ɛwɔ Bible mu? Mɛyɛ dɛn de aba a ɛwom no abɔ me bra? Dɛn na wei ma mehu fa Yehowa ne Yesu ho?’ Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛte Yesu asɛm no ase.