Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔdɔ Kann To Ntwa Da—Ɛyɛ Ampa?

Ɔdɔ Kann To Ntwa Da—Ɛyɛ Ampa?

‘Ɔdɔ dɛre sɛ egya, Yah gyaframa.’—SOLOMON DWOM 8:6.

1, 2. Ɛhefoɔ na Solomon Dwom no bɛtumi aboa wɔn, na adɛn ntia? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiaseɛ no.)

WO DEƐ twa ho mfoni hwɛ: Ayeforɔ hwɛ ne kunu anim, ɔbarima no nso hwɛ ne yere anim. Wɔn anim ayɛ seresere. Obiara a ɔwɔ hɔ hu sɛ wɔdɔ wɔn ho paa. Onua a ɔmaa ayeforɔ kasa no to n’ani a, ɔhu sɛ ɔbarima no asɔ ɔbaa no nsa fɛfɛɛfɛ. Afei ɔbisa ne ho sɛ: ‘Enti ɔdɔ yi bɛtena hɔ daa saa? Anaa ano bɛdwo da bi?’ Sɛ awarefoɔ dɔ wɔn ho ampa a, nsuo mu oo, awia mu oo, awareɛ no bɛgyina. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ awareɛ pii nkyɛ na agyigya. Afei wobɛhwɛ no na awareɛ no agu. Enti ɛyɛ ne kwan so sɛ obi bɛbisa sɛ, ‘Ɔdɔ yi bɛtena hɔ daa?’

2 Ɔhene Solomon berɛ so mpo na ɔdɔ kann ho yɛ na. Adɛn ntia? Solomon kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Deɛ mehunuiɛ ne sɛ, wɔbɛnya ɔbarima baako a ɔtene wɔ apem mu, nanso wɔrennya ɔbaa baako mpo wɔ wɔn mu. Hwɛ! Deɛ mahunu ara ne sɛ, nokorɛ Nyankopɔn bɔɔ adasamma yie, nanso wɔn ara na wɔakɔdi wɔn tirim adwene pii akyi.” (Ɔsɛnkafoɔ 7:26-29) Saa berɛ no na ananafoɔ mmaa abosonsomfoɔ a wɔn bra asɛe ne Israelfoɔ na ɛte. Israelfoɔ mmaa ne mmarima suasuaa wɔn, na wɔfaa wɔn subammɔne no. * (Hwɛ aseɛ hɔ asɛm no.) Nanso na Ɔhene Solomon atwerɛ anwensɛm bi ato hɔ a adi mfie 20. Na anwensɛm yi fa aberanteɛ ne ababaa bi a wɔdɔ wɔn ho paa ho. Sɛ yɛaware oo, yɛnwaree oo, Solomon Dwom no bɛboa yɛn ma yɛahu nea ɔdɔ kann kyerɛ. Bio, ɛbɛma yɛahu sɛnea yɛbɛda ɔdɔ a ɛte saa adi.

ƆDƆ KANN WƆ HƆ!

3. Adɛn nti na ɔbarima ne ɔbaa bɛtumi anya ɔdɔ kann ama wɔn ho?

3 Kenkan Solomon Dwom 8:6. Bible ka wɔ hɔ sɛ ɔdɔ yɛ “Yah gyaframa.” Adɛn ntia? Asɛm no ne sɛ ɔdɔ ne Yehowa su titire, na berɛ a ɔbɔɔ nnipa no, ɔde ɔdɔ duaa wɔn mu. (Genesis 1:26, 27) Yehowa dii kan bɔɔ Adam, na ɛno akyi ɔbɔɔ ɔbaa hoɔfɛfoɔ bi maa no. Berɛ a Adam ani bɔɔ Hawa so no, n’ani gyee araa ma ɔfii aseɛ woroo anwensɛm. Biribiara kyerɛ sɛ Hawa nso te tɔɔ ne dɔ mu. Adeɛ yi Adam mu na Yehowa yii no fiiɛ. (Genesis 2:21-23) Yɛhu wɔ ha sɛ mfiaseɛ pɛɛ na Yehowa de ɔdɔ duaa ɔbarima ne ɔbaa mu, enti wɔbɛtumi ada ɔdɔ kann adi akyerɛ wɔn ho; ɔdɔ a ɛtumi tena hɔ daa.

4, 5. Asɛm bɛn na ɛwɔ Solomon Dwom no mu?

4 Solomon Dwom no ma yɛhu ɔdɔ a ɔbarima ne ɔbaa bɛtumi anya ama wɔn ho. Dwom yi fa ababaa bi a ɔfi Sunem ne aberanteɛ dwanhwɛfoɔ bi ho. Emu asɛm nie: Na ababaa no reyɛ adwuma wɔ ne nua mmarima bobeturo mu. Ná bobeturo no bɛn Ɔhene Solomon ne n’asraafoɔ asoɛe. Berɛ a Solomon huu ababaa no, ɔka kyerɛɛ n’asomfoɔ sɛ wɔmfa no mmra asoɛe hɔ. Ababaa no duu hɔ no, Solomon maa no huu sɛ ɔyɛ ɔbaa a ne ho yɛ fɛ paa, na ɔkyɛɛ no nneɛma bebree. Nanso na ababaa no ate atɔ odwanhwɛfoɔ bi dɔ mu dada, na ɔkaa sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ ne dɔfo no nkyɛn. (Solomon Dwom 1:4-14) Yɛreka yi na odwanhwɛfoɔ no nso rehwehwɛ ababaa no, na ɔkɔpuee asoɛe hɔ. Berɛ a odwanhwɛfoɔ no huu no no, ɛsɛ w’ani; wɔde wɔn anom nsɛm kyerɛɛ wɔn dɔ paa.Solomon Dwom 1:15–17.

5 Berɛ a Solomon san kɔɔ Yerusalem no, ɔde ababaa no dii n’akyi kɔeɛ. Odwanhwɛfoɔ no nso tii wɔn. (Solomon Dwom 4:1-5, 8, 9) Solomon kaa n’anom nsɛm nyinaa na ɔyɛɛ nea ɔbɛtumi biara, nanso anyɛ yie; odwanhwɛfoɔ no ara na na ababaa no dɔ no. (Solomon Dwom 6:4-7; 7:1-10) Solomon huu sɛ baabi a nneɛma rekeka kɔ no deɛ, nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ara ne sɛ ɔbɛgya ababaa no kwan ma wakɔ. Afei Sulamit ababaa no frɛɛ ne dɔfo no sɛ ɔntu mmirika ‘te sɛ ɔwansane’ mmɛhyia no.Solomon Dwom 8:14.

6. Sɛ wohwɛ Solomon Dwom no a, adɛn nti na ebia ɛbɛyɛ den sɛ wobɛhu wɔn a wɔrekasa no?

6 Nokwasɛm nie, Solomon Dwom no yɛ dwom a ɛyɛ dɛ paa. Bible frɛ no “nnwom mu dwom.” (Solomon Dwom 1:1) Nanso adeɛ baako a wobɛhu wɔ dwom no mu ne sɛ, sɛ obi rekasa a, ɛmmɔ nipa ko no din. Yɛbɛtumi aka sɛ na Solomon pɛ sɛ dwom no ne anwensɛm no kɔ yɔɔ, enti na ɔmpɛ sɛ ɔde nsɛm pii ka ho. Ɛwom, wammɔ nnipa a wɔwɔ dwom no mu no din deɛ, nanso obiara rekasa na wotie asɛm no yie a, wobɛhu sɛ ɛyɛ asomasi anaa ɔbenten. *—Hwɛ aseɛ hɔ asɛm no.

“WO DƆ YƐ DƐ SENE BOBESA”

7, 8. Ɔkwan bɛn so na odwanhwɛfoɔ no ne ababaa no kyerɛɛ sɛ wɔdɔ wɔn ho? Ma nhwɛsoɔ.

7 Sɛ yɛreka nsɛm a ɛkyerɛ ɔdɔ a, na ababaa no ne odwanhwɛfoɔ no wɔ bi paa, na na ɛnyɛ den sɛ wɔn mu biara bɛkyerɛ ne yɔnko sɛ ɔdɔ no. Solomon twerɛɛ dwom no bɛboro mfie 3,000 nie, enti ebia ‘ɔdɔ ho nsɛm’ a ɛwom no bɛyɛ nnɛɛmmafoɔ nwanwa. (Solomon Dwom 1:2) Bio nso, na aberanteɛ no ne ababaa no amammerɛ yɛ soronko, nanso sɛ yɛkan wɔn nsɛm no a yɛte aseɛ, na yɛtumi hu ɔdɔ a na wɔwɔ ma wɔn ho. Nhwɛsoɔ baako nie: Odwanhwɛfoɔ no kaa sɛ ababaa no ani mma te sɛ “aborɔnoma ani mma”; wei kyerɛ sɛ na n’ani mma yɛ no fɛ. (Solomon Dwom 1:15) Ɔbaa no mpo deɛ, wanka sɛ ne dɔfo no ani te sɛ aborɔnoma ani, na mmom ɔkaa sɛ n’ani te sɛ aborɔnoma no ankasa. (Kenkan Solomon Dwom 5:12.) Sɛ ababaa no hwɛ odwanhwɛfoɔ no anikosua tuntum a fitaa atwa ho ahyia no a, na ɛyɛ no fɛ te sɛ mmorɔnoma a wɔredware nufosuo mu.

8 Ampa, odwanhwɛfoɔ no de n’anom nsɛm kyerɛɛ sɛ ababaa no ahoɔfɛ da mu fua, na saa ara na ababaa no nso de odwanhwɛfoɔ no ahoɔfɛ bɔɔ no nsammrane. Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara na na wɔn adwene si so; na wɔn mu biara tumi hu ne yɔnko suban kɔ akyire. Nhwɛsoɔ baako nie: Sɛ ababaa no ne afoforɔ rekasa na odwanhwɛfoɔ no tie n’anom asɛm a, ɔhu sɛ ɔbu adeɛ paa. (Kenkan Solomon Dwom 4:7, 11.) Enti ɔka kyerɛɛ ababaa no sɛ: “M’ayeforɔ, w’ano sosɔ sɛ ɛwoɔkyɛm. Ɛwoɔ ne nufosuo wɔ wo kɛtrɛma ase.” Sɛ ɔte ababaa no ano kasa a, na ɛyɛ no dɛ sɛ nufosuo ne ɛwoɔ a mframa mfaa so. Afei berɛ a odwanhwɛfoɔ no ka kyerɛɛ ababaa no sɛ “w’ahoɔfɛ yɛ krabɛhwɛ, ɛdɛm biara nni wo ho” no, na ɛnyɛ honam mu ahoɔfɛ nko ara na ɔreka ho asɛm, na mmom ne suban fɛfɛ no nso.

Okunu ne ɔyere de wɔn anom asɛm ne wɔn nneyɛɛ kyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn ho

9. (a) Ɔdɔ bɛn na ɛsɛ sɛ awarefoɔ nya ma wɔn ho? (b) Adɛn nti na ɛhia sɛ awarefoɔ da wɔn dɔ adi?

9 Awarefoɔ a wɔsom Yehowa mmu awareɛ sɛ nkrataasɛm anaa tiadeɛ kɛkɛ. Mmom wɔdɔ wɔn ho, na wɔde wɔn anom nsɛm ne wɔn nneyɛɛ kyerɛ saa. Ɛnneɛ, ɔdɔ bɛn na ɛsɛ sɛ wɔnya ma wɔn ho? Ɛyɛ ɔdɔ a pɛsɛmenkomenya nnim a Bible ka sɛ yɛnnya mma nnipa nyinaa no anaa? (1 Yohane 4:8) Ɛyɛ ɔdɔ a yɛn nyinaa nya ma yɛn abusuafoɔ no anaa? Ɛyɛ ɔdɔ a nnamfo nya ma wɔn ho no bi? (Yohane 11:3) Anaa ɔbarima ne ɔbaa ntam dɔ? (Mmebusɛm 5:15-20) Sɛ yɛbɛka a, ɛsɛ sɛ awarefoɔ nya ɔdɔ a yɛaka ho asɛm yi nyinaa bi ma wɔn ho. Ɔdɔ nyɛ biribi a yɛka hyɛ, enti ɛsɛ sɛ w’anom asɛm ne wo nneyɛɛ da no adi sɛ wodɔ wo kunu anaa wo yere. Wei bɛma mo awareɛ no ayɛ anika. Ampa, sɛ yɛsɔre anɔpa a, yɛbɛtwa yɛn ho saa ara, yɛn ani bɛba yɛn ho so no na adeɛ asa. Nanso ɛsɛ sɛ yɛnya berɛ kakra de kyerɛ yɛn hokafoɔ sɛ yɛdɔ no. Mmeae bi wɔ hɔ a, ebia awofoɔ na wɔhyehyɛ awareɛ ma wɔn mma. Wobɛhwɛ mpo na ɔbaa ne ɔbarima no nnim wɔn ho papa ansa na wɔreware. Sɛ saa a, ɛnneɛ berɛ a wɔabɛtena abom no, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn anom nsɛm kyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn ho. Wei bɛma wɔaka abɛn wɔn ho na awareɛ no asɔ.

10. Sɛ awarefoɔ da wɔn dɔ adi a, ɔkwan foforɔ bɛn so na ɛboa ma awareɛ no sɔ?

10 Sɛ awarefoɔ da wɔn dɔ adi a, ɛboa wɔ ɔkwan foforɔ so. Ɔhene Solomon kaa wɔ dwom no mu sɛ ɔde “sika kɔkɔɔ bɛyɛ abotire” na ɔde “dwetɛ nso ayɛ agudeɛ” ama ababaa no. Ɔhoahoaa ababaa no, na ɔkaa sɛ “ne ho yɛ fɛ sɛ bosome a atwa puduo, ɔhyerɛn sɛ awia.” (Solomon Dwom 1:9-11; 6:10) Nanso na ababaa no anya obi a ɔdɔ no dada. Ɛnneɛ, dɛn na ɛboaa no maa no kɔɔ so ara de n’akoma maa odwanhwɛfoɔ no? Berɛ a odwanhwɛfoɔ no nni ne nkyɛn mpo no, dɛn na ɛkyekyee ne werɛ? (Kenkan Solomon Dwom 1:2, 3.) Asɛm no ara ne sɛ ɔkaee ɔdɔ nsɛm a odwanhwɛfoɔ no ka kyerɛɛ no no, na wei kaa n’akoma too ne yam. Ɔhuu sɛ aberanteɛ no “dɔ yɛ dɛ sen bobesa,” na berɛ a ɔwɔ ahemfie hɔ no, ɛkyekyee ne werɛ te sɛ “ngohwam” a wɔahwie agu n’apampam. (Dwom 23:5; 104:15) Enti ɛhia sɛ ɔbarima ne ɔbaa no nyinaa de yɛ wɔn su sɛ wɔbɛma wɔn hokafoɔ ahu sɛ ɔdɔ no. Ɛba saa a, berɛ biara a baako bɛkae nea ne hokafoɔ kaeɛ anaa ɔyɛeɛ no, na ɔdɔ no mu ayɛ den, na biribiara rentumi ntete mu.

NKANYAN ƆDƆ WƆ ME MU “KƆSI SƐ NE BERƐ BƐSO”

11. Sɛ yɛhwɛ asɛm a Sulamit ababaa no ka kyerɛɛ mmaa a na wɔwɔ Solomon ahemfie hɔ no a, dɛn na yɛsua fi mu?

11 Sɛ wopɛ sɛ woware a, dɛn na wobɛtumi asua afi Sulamit ababaa a ne ho asɛm wɔ Solomon Dwom mu no hɔ? Ná n’akoma nni Ɔhene Solomon so, enti ɔde sii mmaa a wɔwɔ ahemfie hɔ no anim pen sɛ: “Monnkanyan ɔdɔ wɔ me mu kɔsi sɛ ne berɛ bɛso.” (Solomon Dwom 2:7; 3:5) Wo deɛ yɛnhwɛ, wosusu sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ obiara a yɛn ani bɛbɔ ne so biara yɛbɛnya ne ho anigyeɛ na yɛde yɛn akoma afam ne ho? Dabida! Mmom sɛ wopɛ sɛ woware a, ɛsɛ sɛ wonya aboterɛ kɔsi sɛ wobɛnya obi a wobɛtumi de w’akoma ama no na woadɔ no daa.

Sɛ wopɛ sɛ woware a, nya aboterɛ kɔsi sɛ wobɛnya obi a wobɛtumi de w’akoma ama no na woadɔ no daa

12. Adɛn nti na na Sulamit ababaa no dɔ odwanhwɛfoɔ no?

12 Adɛn nti na na ababaa no dɔ odwanhwɛfoɔ no saa? Ampa, na aberanteɛ no ho yɛ fɛ. Ababaa no kaa sɛ ɔte sɛ “ɔwansane,” na ahoɔden wɔ ne nsa mu te sɛ “sika kɔkɔɔ,” na ne nan mu nso yɛ den na ɛyɛ fɛ te sɛ “abohemmaa adum.” Nanso ɛnyɛ ahoɔfɛ ne ahoɔden nko ara na na odwanhwɛfoɔ no wɔ. Na ababaa no nim sɛ aberanteɛ no dɔ Yehowa na ne suban yɛ fɛ. Wei paa nti na na ɔnte ne ho kasa no. Ɔkaa sɛ odwanhwɛfoɔ no ‘te sɛ aprɛ wɔ kwaeɛm nnua mu.’Solomon Dwom 2:3, 9; 5:14, 15.

13. Adɛn nti na na odwanhwɛfoɔ no dɔ Sulamit ababaa no?

13 Sulamit ababaa no nso ɛ? Na ne ho yɛ fɛ. Wo deɛ hwɛ, na Ɔhene Solomon wɔ “ahemmaa aduosia ne mpenafoɔ aduɔwɔtwe ne mmabaa a wɔnni ano,” nanso na ɔnte ababaa no ho kasa koraa. Ɛnneɛ, n’ahoɔfɛ nko ara nti na na odwanhwɛfoɔ no dɔ no anaa? Dabi. Na ɔno nso dɔ Yehowa, na na ne suban yɛ fɛ. Sɛ yɛreka ahobrɛaseɛ a, na ababaa no wɔ bi paa. Ɔkaa sɛ ɔte sɛ ‘nhwiren bi a ɛsi mpoano tamaa so’ kɛkɛ. Ná ɔrekyerɛ sɛ ɔte sɛ nhwiren a ebi wɔ baabiara. Nanso odwanhwɛfoɔ no ani so deɛ, na ababaa no som bo paa. Ɔkaa sɛ ababaa no te sɛ ‘sukooko wɔ nkasɛɛ mu.’Solomon Dwom 2:1, 2; 6:8.

14. Sɛ wopɛ sɛ woware a, dɛn na wobɛtumi asua afi odwanhwɛfoɔ no ne Sulamit ababaa no hɔ?

14 Yehowa ahyɛ sɛ “Awurade mu nko ara” na n’asomfoɔ nware. (1 Korintofoɔ 7:39) Enti ɛnsɛ sɛ Yehowa somfoɔ ware obi a ɔmmɔɔ asu anaa ɔne no tu anammɔn biara a ɛbɛtumi akɔwie awareɛ mu. Ɔkwan bɛn so na afotuo yi bɛboa ma Kristofoɔ awareɛ agyina? Ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a nnipa fa mu daa no, awarefoɔ nso wɔ wɔn deɛ. Nanso sɛ nnipa mmienu no som Yehowa yie a, asomdwoeɛ ne anigyeɛ bɛba awareɛ no mu. Enti sɛ wopɛ sɛ woware a, suasua odwanhwɛfoɔ no ne Sulamit ababaa no. Hwehwɛ obi a ɔdɔ Yehowa na ne suban yɛ fɛ.

Ɛnsɛ sɛ Kristoni ware obi a ɔmmɔɔ asu anaa ɔne no tu anammɔn biara a ɛbɛtumi akɔwie awareɛ mu (Hwɛ nkyekyɛm 14)

M’AYEFORƆ “TE SƐ TURO A WƆAGYE HO”

15. Dɛn na Kristofoɔ a wɔpɛ sɛ wɔware bɛtumi asua afi Sulamit ababaa no hɔ?

15 Kenkan Solomon Dwom 4:12. Adɛn nti na odwanhwɛfoɔ no kaa sɛ Sulamit ababaa no te sɛ “turo a wɔagye ho”? Sɛ wɔgye turo ho, na wɔto mu a, ɛnyɛ obiara na ɔbɛtumi akɔ mu. Ná ababaa no te sɛ turo a ɛte saa, efisɛ ɔde ne dɔ maa odwanhwɛfoɔ no nko ara. Ɔno na na ababaa no rebɛware no, enti wamfa n’adwene amma ɔhene no. Wamma biribiara ansesa n’adwene. Enti yɛbɛka a, na ɔte sɛ “ɔfasuo,” ɛnyɛ “ɛpono” a obiara bɛtumi abue. (Solomon Dwom 8:8-10) Sɛ Kristoni barima ne ɔbaa yɛ awareɛ nhyehyɛeɛ a, wɔbɛhwɛ sɛ wɔde wɔn dɔ bɛma wɔn ho na wɔremfa wɔn akoma nkɔdi obi foforɔ biara akyi.

16. Sɛ wo ne obi ayɛ awareɛ nhyehyɛeɛ a, dɛn na mobɛtumi asua afi Solomon Dwom no mu?

16 Berɛ a odwanhwɛfoɔ no kaa sɛ ababaa no ne no mpue nkɔtu mpasa no, ababaa no nua mmarima ampene so amma no ankɔ. Mmom wɔkaa sɛ ɔnkɔwɛn wɔn bobeturo. Adɛn, na wɔnnye no nni anaa? Ná wɔsusu sɛ wɔn nuabaa no ne odwanhwɛfoɔ no ahyehyɛ ho a wɔpɛ sɛ wɔkɔyɛ bɔne bi anaa? Dabi, ɛnte saa? Asɛm no ara ne sɛ na ne nuanom pɛ sɛ wɔbɔ ne ho ban na wankɔ sɔhwɛ mu. (Solomon Dwom 1:6; 2:10-15) Dɛn na yɛbɛtumi asua afi mu? Sɛ wo ne obi yɛ awareɛ nhyehyɛeɛ a, mommɔ mmɔden sɛ morenyɛ biribiara a ɛbɛkɔ akɔwie nna mu ɔbrasɛe mu. Monsusu ho nhwɛ nneɛma bi a ɛnsɛ sɛ moyɛ na nkekaeɛ biara amma mo nhyehyɛeɛ no ho. Monhwɛ na mo mmienu nko ara ankɔhyɛ baabi a obiara nhu mo. Ampa, mobɛtumi ayɛ nneɛma bi de akyerɛ sɛ modɔ mo ho, nanso monhwɛ sɛ morenyɛ afideɛ biara.

17, 18. Dɛn na woasua afi Solomon Dwom no mu?

17 Yehowa pɛ sɛ awareɛ tena hɔ daa. Ɔpɛ sɛ okunu ne ɔyere dɔ wɔn ho. Ampa, sɛ wɔware a, wɔnya ɔdɔ bi ma wɔn ho. Nanso sɛ awareɛ no bɛsɔ na atena hɔ daa a, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn dɔ no dɛ buruburu te sɛ gyaframa a ennum.Marko 10:6-9.

18 Sɛ wopɛ sɛ woware a, hwehwɛ obi a wodɔ no a wobɛtumi de w’akoma ama no. Afei wonya obi a ɔte saa a, mommɔ mmɔden mma ɔdɔ no ano nyɛ den. Sɛnea yɛahu wɔ Solomon Dwom no mu no, ɔdɔ kann bɛtumi atena hɔ daa, efisɛ ɛyɛ “Yah gyaframa.”Solomon Dwom 8:6.

^ nky. 6 Hwɛ Solomon Dwom no nnianim nsɛm a wɔatwerɛ hɔ “Outline of Contents” (Emu Nsɛm) wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ Borɔfo deɛ no kratafa 926-927.