Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awurade Anwummeduane No—Nea Enti a Yɛhyɛ Ho Fã

Awurade Anwummeduane No—Nea Enti a Yɛhyɛ Ho Fã

“Monkɔ so nyɛ yei mfa nkae me.”—1 KORINTOFOƆ 11:24.

1, 2. Nisan da a ɛtɔ so 14, afe 33 Y.B. mu no, dɛn na Yesu yɛeɛ? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiaseɛ no.)

TWA tebea no ho mfoni wɔ w’adwenem: Ɛyɛ Nisan da a ɛtɔ so 14, afe 33 Y.B. mu. Adeɛ asa, na ɔsram atwa puduo. Yesu ne n’asomafoɔ no adi Twam no awie. Twam yi na wɔde kae ade kɛseɛ bi a Yehowa yɛ maa Israelfoɔ no mfie 1,500 a na atwam no. Saa berɛ no na ɔgyee wɔn fii Egypt nkoasom mu. Twam no akyi no, Yesu ne asomafoɔ anokwafo 11 yɛɛ ade titire bi a wɔde bɛkae ne wuo no afe biara. Ɔde aduane bi sii wɔn anim.Mateo 26:1, 2.

2 Nea Yesu yɛeɛ nie: Ɔbɔɔ mpaeɛ, na ɔde paanoo a mmɔreka nnim maa n’asomafoɔ no kaa sɛ: “Monnye nni.” Afei ɔfaa kuruwa a bobesa wom no, na ɔsan bɔɔ mpaeɛ kaa sɛ: “Mo nyinaa monnom ano.” (Mateo 26:26, 27) Na paanoo ne bobesa no gyina hɔ ma biribi titire bi. Saa anadwo no, Yesu asomafoɔ anokwafoɔ no suaa nneɛma pii.

3. Nsɛmmisa bɛn na yɛrebɛsusu ho?

3 Na Yesu pɛ sɛ n’asuafoɔ yɛ biribi de kae ne wuo no afe biara. Wei na wɔfrɛ no ‘Awurade Anwummeduane,’ anaa Nkaedie no. (1 Korintofoɔ 11:20) Nanso ebinom bɛbisa sɛ: Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkae Yesu wuo? Dɛn na paanoo ne bobesa no kyerɛ? Yɛbɛyɛ dɛn asiesie yɛn ho ama Nkaedie no? Ɛhefoɔ na wɔdi paanoo no na wɔnom bobesa no bi? Dɛn na Kristofoɔ de bɛkyerɛ sɛ, sɛ wɔbɛkɔ soro oo, wɔbɛtena asase so oo, wɔn ani sɔ anidasoɔ a wɔwɔ no?

NEA ENTI A YƐKAE YESU WUO NO

4. Dɛn na Yesu wuo no ama yɛanya?

4 Adam de bɔne ne owuo awo yɛn nyinaa. (Romafoɔ 5:12) Yɛn mu biara nni hɔ a ɔyɛ pɛ, enti obiara ntumi ntua agyedeɛ mma Onyankopɔn mfa mpata mma ne ho anaa afoforɔ. (Dwom 49:6-9) Nanso Yesu deɛ ɔyɛ pɛ, na ɔde ne nkwa yɛɛ agyedeɛ too hɔ maa yɛn. Ɛno akyi no, ɔkɔpuee Onyankopɔn anim sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛde yɛn ho afi bɔne ne owuo ho na yɛatena ase daa.Romafoɔ 6:23; 1 Korintofoɔ 15:21, 22.

Yɛn ani sɔ nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn no paa!

5. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn ne Yesu nyinaa dɔ yɛn? (b) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ Nkaedie no?

5 Onyankopɔn de ne Ba no maa sɛ agyedeɛ na ɛda no adi sɛ ɔdɔ adasamma. (Yohane 3:16) Yesu penee so de ne nkwa too hɔ maa yɛn; ɛkyerɛ sɛ ɔno nso dɔ yɛn paa. Ansa na Yesu reba asase so mpo no, na ‘nnipa mma ho nsɛm da n’akoma so.’ (Mmebusɛm 8:30, 31) Yɛn ani sɔ nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn no paa! Ɛno nti na yɛkɔ Nkaedie no. Yɛde kyerɛ nso sɛ yɛtie Yesu ahyɛdeɛ yi: “Monkɔ so nyɛ yei mfa nkae me.”1 Korintofoɔ 11:23-25.

NEA PAANOO NE BOBESA NO KYERƐ

6. Paanoo ne bobesa a yɛde ba Nkaedie ase no kyerɛ sɛn?

6 Berɛ a Yesu ne n’asomafoɔ no hyiaa wɔ adidie a ɛtwa toɔ no ase no, wamfa anwanwakwan so amma paanoo no annane ne honam, na saa ara nso na wamma bobesa no annane ne mogya. Berɛ a ɔfaa paanoo no, ɔkaa sɛ: “Yei gyina hɔ ma me nipadua.” Afei ɔkaa bobesa no nso ho asɛm sɛ: “Yei gyina hɔ ma me ‘mogya a wɔde yɛ apam no’ a wɔbɛhwie agu ama nnipa bebree.” (Marko 14:22-24) Biribiara da adi sɛ paanoo ne bobesa no yɛ sɛnkyerɛnne kɛkɛ.

7. Dɛn na paanoo a mmɔreka nnim no gyina hɔ ma?

7 Saa anadwo a ɔne n’asomafoɔ no hyiaeɛ no, Yesu de paanoo a mmɔreka nnim a wɔde dii Twam no bi na ɛmaa wɔn. (Exodus 12:8) Ɛtɔ da a, Bible de mmɔreka gyina hɔ ma bɔne. (Mateo 16:6, 11, 12; Luka 12:1) Enti ɛyɛ ne kwan so sɛ Awurade Anwummeduane no ase no, Yesu de paanoo a mmɔreka nnim gyinaa hɔ maa ne nipadua a bɔne biara nni ho no. (Hebrifoɔ 7:26) Wei nti na sɛ yɛkɔ Nkaedie a, paanoo a mmɔreka nnim na yɛde ba hɔ no.

8. Bobesa no gyina hɔ ma dɛn?

8 Bobesa a Yesu de dii dwuma no nso ɛ? Na ɛgyina hɔ ma ne mogya anaa ne nkwa. Ɛnnɛ nso bobesa a yɛde ba Nkaedie ase no gyina hɔ ma Yesu mogya anaa ne nkwa. Ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn wɔ Yerusalem mpɔtam baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota na ama yɛanya “bɔne fafirie.” (Mateo 26:28; 27:33) Sɛ yɛn ani sɔ akyɛdeɛ nwanwasoɔ a yɛn nsa aka yi a, ɛnneɛ afe biara yɛbɛsiesie yɛn ho akɔ Nkaedie no bi. Yɛbɛyɛ dɛn asiesie yɛn ho ama Nkaedie no?

NEA YƐBƐYƐ DE ASIESIE YƐN HO

9. (a) Adɛn nti na ɛhia sɛ yɛkenkan Bible mu asɛm a wɔtwa ma yɛn wɔ Nkaedie berɛ mu no? (b) Agyedeɛ no ka wo sɛn?

9 Ɔkwan baako a yɛbɛfa so asiesie yɛn ho ama Nkaedie no ne sɛ yɛbɛkenkan Bible no fã a wɔatwa ama yɛn sɛ yɛnkenkan wɔ Nkaedie berɛ mu no. Yɛbɛhu wɔ Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa nwomawa no mu. Sɛ yɛkenkan nea Yesu yɛeɛ ansa na ɔrewu na yɛdwennwene ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛasiesie yɛn akoma ama Nkaedie no. * (Hwɛ aseɛ hɔ asɛm no.) Onuawa bi kaa sɛ: “Yɛn ho pere yɛn sɛ yɛbɛkɔ Nkaedie no. Afe biara wohu biribi wom a ɛma no yɛ soronko. Mekae berɛ a me papa wuiɛ a na megyina ne ho no. . . . Ɛhɔ na mehuu sɛ agyedeɛ no som bo paa. . . . Ampa, na twerɛ nsɛm no nyinaa gu me tirim deɛ, nanso berɛ a owuo baa me fie ɛnna mehuu paa sɛ agyedeɛ no yɛ hokwan kɛseɛ. Anokwa, sɛ mehwɛ nneɛma a agyedeɛ no de bɛba daakye a, na anigyeɛ ahyɛ m’akoma ma.” Enti ɔkwan titire baako a yɛfa so siesie yɛn ho ma Nkaedie no ne sɛ yɛbɛgye berɛ ahwɛ nea yɛn ankasa yɛbɛnya afi Yesu afɔrebɔ no mu.

Sɛ yɛkenkan Bible no fã a wɔatwa ama yɛn sɛ yɛnkenkan wɔ Nkaedie berɛ mu no a, ɛbɛboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho ama Nkaedie no (Hwɛ nkyekyɛm 9)

10. Ɛdeɛn bio na yɛbɛtumi ayɛ de asiesie yɛn ho ama Nkaedie no?

10 Ɔkwan foforɔ a yɛbɛfa so asiesie yɛn ho ama Nkaedie no ne sɛ yɛde berɛ pii bɛka asɛm no na yɛato nsa afrɛ nnipa dodoɔ a yɛbɛnya wɔn biara ma wɔaba Nkaedie no bi. Ebia yɛbɛtumi ayɛ akwampaefoɔ boafoɔ wɔ Nkaedie berɛ mu. Sɛ yɛka Onyankopɔn ne ne Ba no ho asɛm kyerɛ afoforɔ na yɛma wɔhu sɛ daa nkwa da yɛn anim a, yɛn akoma bɛtɔ yɛn yam, efisɛ yɛbɛhu sɛ nea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ ara na yɛayɛ no.Dwom 148:12, 13.

11. Adɛn nti na Paulo kaa sɛ ebinom anni paanoo no annom bobesa no ɔkwampa so?

11 Sɛ woresiesie wo ho ama Nkaedie no a, bɔ mmɔden sɛ wobɛdwendwene asɛm a Paulo twerɛ kɔmaa Korintofoɔ asafo no ho. (Kenkan 1 Korintofoɔ 11:27-34.) Ɔkaa sɛ, sɛ obi di paanoo no na ɔnom bobesa no ɔkwan a ɛnsɛ so a, ɔbɛdi “Awurade nipadua ne ne mogya ho fɔ.” Enti sɛ obi a wɔasra no de ne ho hyɛ ɔbrabɔne mu na ɔdi paanoo no nom bobesa no bi a, “ɔdi nom de atemmuo ba ɔno ara ne so.” Paulo berɛ so no, na Korintofoɔ no pii bra nyɛ. Ebia na ebinom didi boro so anaa wɔnom nsa pii ansa na wɔaba Nkaedie no ase, anaa wɔyɛ saa berɛ a wɔwɔ Nkaedie no ase. Enti ɛba saa a, na wɔretɔ nko. Su a ɛte saa nkyerɛ obuo mma Onyankopɔn, enti na ɔmpene so sɛ saafoɔ no bɛdi paanoo no anom bobesa no bi.

12. (a) Paulo de Nkaedie no totoo dɛn ho? Kɔkɔbɔ bɛn na ɔde maa wɔn a wɔdi paanoo no na wɔnom bobesa no bi no? (b) Sɛ obi a ɔdi paanoo no na ɔnom bobesa no bi yɛ bɔne a emu yɛ duru a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

12 Paulo de Nkaedie no totoo aduane ho, na ɔbɔɔ wɔn a wɔdi no kɔkɔ sɛ: “Montumi nnom Yehowa kuruwa ne adaemone kuruwa ano; montumi nnidi ‘Yehowa pono’ so ne adaemone pono so.” (1 Korintofoɔ 10:16-21) Enti sɛ obi a ɔdi paanoo no na ɔnom bobesa no bi yɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɛsɛ sɛ ɔkɔhu asafo mu mpanimfoɔ ma wɔboa no. (Kenkan Yakobo 5:14-16.) Sɛ obi a ɔte saa de ne suban kyerɛ sɛ wanu ne ho ampa a, ɛnneɛ sɛ ɔdi paanoo no na ɔnom bobesa no bi a, yɛrentumi nka sɛ wabu Yesu afɔrebɔ no animtiaa.Luka 3:8.

Yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribiara de abu Yesu afɔrebɔ no animtiaa

13. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ anidasoɔ a Onyankopɔn de ama yɛn no ho mpaeɛ?

13 Biribi foforɔ nso wɔ hɔ a yɛbɛtumi ayɛ de asiesie yɛn ho ama Nkaedie no. Ɛno ne sɛ yɛbɛbɔ mpaeɛ na yɛasusu ho ahwɛ anidasoɔ a Onyankopɔn de ama yɛn. Enti sɛ yɛnni adanseɛ a ɛkyerɛ pefee sɛ wɔasra yɛn a, ɛnsɛ sɛ yɛdi paanoo no nom bobesa no bi. Nokwasɛm ne sɛ yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribiara de abu Yesu afɔrebɔ no animtiaa. Ɛnneɛ, ɛhefoɔ na wɔdi paanoo no na wɔnom bobesa no bi?

ƐHEFOƆ NA WƆDI PAANOO NO NA WƆNOM BOBESA NO BI?

14. Ɛsiane sɛ wɔn a wɔasra wɔn no ka apam foforɔ no ho nti, dɛn na wɔyɛ wɔ Nkaedie no ase?

14 Wɔn a wɔdi paanoo no na wɔnom bobesa no bi wɔ Nkaedie ase no nim paa sɛ wɔka apam foforɔ no ho. Yesu kaa bobesa no ho asɛm sɛ: “Kuruwa yi gyina hɔ ma apam foforɔ a ɛnam me mogya soɔ no.” (1 Korintofoɔ 11:25) Yehowa ne Israelfoɔ na ɛyɛɛ Mmara Apam no, nanso akyire yi ɔkaa sɛ ɔde apam foforɔ bɛsi ananmu. (Kenkan Yeremia 31:31-34.) Onyankopɔn ne Kristofoɔ a wɔasra wɔn no na ɛyɛɛ apam foforɔ no. (Galatifoɔ 6:15, 16) Yesu wuo na ɛmaa saa apam no dii mũ. (Luka 22:20) Yesu ne apam foforɔ no ntamgyinafoɔ. Kristofoɔ anokwafoɔ a wɔasra wɔn ka apam foforɔ no ho, na wɔbɛka Yesu ho wɔ soro.Hebrifoɔ 8:6; 9:15.

15. Ɛhefoɔ na wɔka Ahennie apam no ho? Sɛ wɔdi nokorɛ kɔsi aseɛ a, nhyira bɛn na wɔbɛnya?

15 Wɔn a wɔasra wɔn no nim nso sɛ wɔka Ahennie apam no ho. (Kenkan Luka 12:32.) Yesu ne n’akyidifoɔ anokwafoɔ a wɔasra wɔn a wɔnyaa “n’amanehunu mu kyɛfa” no na ɛyɛɛ saa apam no. (Filipifoɔ 3:10) Kristofoɔ anokwafoɔ a wɔasra wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ nso ka saa apam no ho. Wɔne Kristo bɛdi adeɛ wɔ soro afebɔɔ. (Adiyisɛm 22:5) Enti wɔwɔ hokwan sɛ wɔdi paanoo no na wɔnom bobesa no bi wɔ Awurade Anwummeduane no ase.

16. Kyerɛkyerɛ Romafoɔ 8:15-17 mu tiawa.

16 Wɔn a wɔasra wɔn no wɔ adanseɛ a ɛma wɔhu sɛ wɔyɛ Onyankopɔn mma, enti wɔbɛtumi adi paanoo no anom bobesa no bi. (Kenkan Romafoɔ 8:15-17.) Paulo kaa sɛ wɔteam sɛ: “Abba, Agya!” Aram kasa mu no, asɛmfua “Abba” kyerɛ “papa” ne “agya.” Ɛyɛ biribi a abɔfra bi bɛka de akyerɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma ne “papa,” na berɛ korɔ no ara ɛyɛ asɛmfua a nidie wom te sɛ “agya.” Wɔn a wɔasra wɔn no anya ‘honhom a ɛgye wɔn yɛ mma,’ enti wɔyɛ Onyankopɔn mma a ɔde honhom awo wɔn. Onyankopɔn honhom ne wɔn ankasa honhom “di adanseɛ” sɛ wɔyɛ ne mma a wɔasra wɔn. Ɛnyɛ asase so asetena na afono wɔn. Mmom wɔnim sɛ, sɛ wɔdi nokorɛ kɔsi owuo mu a, wɔne Yesu bɛdi hene wɔ soro. Wɔnim sɛ ‘ɔkronkronni Yehowa na asra wɔn.’ Ɛnnɛ, Onyankopɔn mma 144,000 no mu kakraa bi na wɔaka wɔ asase so. (1 Yohane 2:20; Adiyisɛm 14:1) Wɔdɔ Yehowa paa, enti wɔfrɛ no sɛ, “Abba, Agya!”

MA W’ANI NSƆ ANIDASOƆ A WOWƆ NO

17. Anidasoɔ bɛn na wɔn a wɔasra wɔn no wɔ? Ɛdeɛn na ɛma wɔhu sɛ wɔasra wɔn?

17 Sɛ woyɛ Kristoni a wɔasra wo a, wowɔ anidasoɔ sɛ wobɛkɔ soro, na ɛnyɛ dɛn ara a wobɛka ho asɛm wɔ wo mpaebɔ mu. Sɛ Twerɛnsɛm no ka biribi fa w’anidasoɔ ho a, wohu sɛ ɛka wo paa. Nhwɛsoɔ bi nie: Sɛ Bible ka sɛ wɔde “ayeforɔ” no bɛma Yesu awareɛ wɔ soro a, wohu sɛ ɛfa wo ho, na worehwɛ kwan dendeenden. (Yohane 3:27-29; 2 Korintofoɔ 11:2; Adiyisɛm 21:2, 9-14) Sɛ Bible ka sɛ Onyankopɔn dɔ wɔn a wɔasra wɔn no a, wohu sɛ wo na ɔrekasa akyerɛ wo. Afei sɛ Bible de akwankyerɛ pɔtee bi ma wɔn a wɔasra wɔn no a, honhom kronkron ka wo ma wodi so. Onyankopɔn honhom kronkron ne wo honhom “di adanseɛ” sɛ w’anidasoɔ ne sɛ wobɛkɔ soro.

18. Anidasoɔ bɛn na ɛwɔ hɔ ma “nnwan foforɔ” no? Saa anidasoɔ no ka wo sɛn?

18 Sɛ woka “nnwan foforɔ” no mu “nnipakuo kɛseɛ” no ho a, Onyankopɔn ama wo hokwan fɛfɛ bi. Wobɛtena ase daa wɔ Paradise asase so. (Adiyisɛm 7:9; Yohane 10:16) Anidasoɔ a ɛte saa ka wo sɛn? Sɛ wohwɛ nea Bible ka fa Paradise ho na wodwendwene ho a, w’ani nnye anaa? Wo yam a, anka ɛnnɛ ara Paradise aba ma wo ne w’abusua ne wo nnamfo te hɔ dwoodwoo. Worehwɛ kwan sɛ ɛkɔm, ohia, amanehunu, yareɛ, ne owuo bɛfi hɔ ma yɛn ho atɔ yɛn. (Dwom 37:10, 11, 29; 67:6; 72:7, 16; Yesaia 33:24) W’adɔfo a wɔawuwu a wɔbɛsan aba nkwa mu no nso ɛ? Wo ho pere wo sɛ wobɛhu wɔn ayɛ wɔn atuu aba asase so bio. (Yohane 5:28, 29) Akyinnye biara nni ho sɛ w’ani sɔ paa sɛ Yehowa ama woanya anidasoɔ nwanwasoɔ yi! Ɛwom sɛ, sɛ wokɔ Nkaedie no ase a, wonni paanoo no nnom bobesa no bi deɛ, nanso Yesu agyedeɛ afɔreɛ no ho anisɔ a wowɔ nti na wokɔ.

WOBƐKƆ BI?

19, 20. (a) Dɛn na ɛbɛma woanya daa nkwa? (b) Adɛn nti na wobɛkɔ Nkaedie no?

19 Sɛ w’anidasoɔ ne sɛ wobɛtena asase so oo, sɛ wobɛkɔ soro oo, biribi titire bi ho hia na ama woanya daa nkwa. Ɛno ne sɛ wobɛnya Yehowa Nyankopɔn, Yesu Kristo, ne agyedeɛ no mu gyidie. Sɛ wokɔ Nkaedie no a, fa hokwan no dwendwene w’anidasoɔ ho, na bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ ɛnyɛ Yesu wuo no a, anka mɛyɛ dɛn’? Efiada, April 3, 2015, berɛ a owia akɔtɔ no, nnipa mpempem pii bɛhyia wɔ Ahennie Asa so ne mmeae foforɔ wɔ wiase afanan nyinaa akae Yesu wuo no.

20 Sɛ yɛde adwempa kɔ Nkaedie no a, ɛbɛka yɛn ma yɛakyerɛ Yesu agyedeɛ afɔreɛ no ho anisɔ. Sɛ yɛwɛn yɛn aso tie ɔkasa a wɔbɛma no a, ɛbɛma yɛahu ɔdɔ a Yehowa wɔ ma yɛn ne nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama adasamma. Wei nso bɛkanyan yɛn ma yɛada yɛn dɔ adi akyerɛ afoforɔ. Ɔkwan bɛn so? Ɛne sɛ yɛbɛka nea yɛasua afa Yehowa ho no akyerɛ wɔn. (Mateo 22:34-40) Ɛnneɛ, si w’adwene pi sɛ wobɛkɔ Nkaedie no bi.

^ nky. 9 Hwɛ nwomawa a wɔato din Fa Sua Onyankopɔn Asɛm, ɔfã 16.