Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Da Yehowa Ase na Nya Nhyira

Da Yehowa Ase na Nya Nhyira

“Monna Yehowa ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ.”—DWOM 106:1.

1. Adɛn nti na ɛfata sɛ yɛda Yehowa ase?

YEHOWA ma yɛn “akyɛdeɛ pa ne adekyɛdeɛ a ɛyɛ pɛ biara.” (Yakobo 1:17) Yehowa dɔ yɛn; ɔyɛ yɛn Hwɛfoɔ, na ɔyi ne yam ma yɛn nea yɛhia nyinaa. (Dwom 23:1-3) Anokwa, ɛfata sɛ yɛfi yɛn akomam da Yehowa ase. Ɔyɛ “yɛn dwankɔbea ne yɛn ahoɔden,” ɛnkanka berɛ a yɛrehu amane. (Dwom 46:1) Yɛne ɔdwontofoɔ no yɛ adwene. Ɔkaa sɛ: “Monna Yehowa ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.”Dwom 106:1.

Afe 2015 afe asɛm: “Monna Yehowa ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ.”Dwom 106:1

2, 3. (a) Sɛ yɛankyerɛ nhyira a yɛanya ho anisɔ a, asiane bɛn na ɛwom? (b) Nsɛmmisa bɛn na yɛbɛsusu ho wɔ adesua yi mu?

2 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase? Sɛnea Bible aka no, nna a ɛdi akyire yi mu no nnipa pii bɛyɛ bonniayɛfoɔ. (2 Timoteo 3:2) Nnipa pii nkyerɛ nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama wɔn no ho anisɔ. Wiase a yɛte mu yi, daa wɔbɔ dawuro sɛ ɛsɛ sɛ nnipa pɛ ahonyade pii gu hɔ, enti nnɛ nnipa pii ayɛ atotɔatotɔ. Wɔn ani nsɔ nea wɔwɔ. Sɛ yɛanhwɛ yie a, yɛbɛyɛ te sɛ tete Israelfoɔ no, na yɛn ani rensɔ nhyira a yɛanya afi Yehowa hɔ no, na yɛrenhu sɛ n’adamfofa yɛ adenya kɛseɛ.Dwom 106:7, 11-13.

3 Afei sɛ yɛkɔ ahohia mu anaa amanehunu mu a, dɛn na ɛbɛtumi aba? Anhwɛ a yɛde yɛn adwene bɛsi ɔhaw no so, enti yɛrenhu papa a Yehowa ayɛ ama yɛn. (Dwom 116:3) Ɛnneɛ, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ anisɔ daa? Sɛ yɛhyia sɔhwɛ a ɛyɛ den mpo a, dɛn na yɛbɛyɛ na yɛakɔ so anya adwempa? Momma yɛnhwɛ.

“NNEƐMA PII NA WOAYƐ AMA YƐN, O YEHOWA”

4. Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛakɔ so ada Yehowa ase?

4 Sɛ yɛanhu nhyira a yɛanya afi Yehowa hɔ a, ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛda no ase. Nea ɛdi kan, ɛsɛ sɛ yɛn ankasa kaakae nneɛma a Yehowa ayɛ ama yɛn. Afei ɛsɛ sɛ yɛto yɛn bo ase dwendwene ho. Wei bɛma yɛahu sɛ nhyira yi nyinaa kyerɛ sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn paa. Ɔdwontofoɔ no yɛɛ saa, na nneɛma a ɔhuu sɛ Yehowa ayɛ ama no no yɛɛ no nwanwa.Kenkan Dwom 40:5; 107:43.

5. Dɛn na yɛbɛtumi asua afi ɔsomafo Paulo hɔ na ama yɛakyerɛ nneɛma ho anisɔ?

5 Sɛ yɛhwɛ nea ɔsomafoɔ Paulo yɛeɛ a, yɛbɛtumi asua nneɛma pii afi mu na yɛakyerɛ nea Yehowa ayɛ ama yɛn ho anisɔ. Yɛnim sɛ ná Paulo da Onyankopɔn ase daa. Wei kyerɛ sɛ na ɔtaa dwendwene nhyiraa a wanya ho. Ná Paulo nim sɛ kane no na ‘ɔyɛ mmusubɔfoɔ, ɔtaa nkurɔfoɔ, na ɔyɛɛ aniammɔnho.’ Nanso ne kane abrabɔ nyinaa akyi no, Onyankopɔn ne Kristo huu no mmɔbɔ maa no kwan kɔkaa asɛm no kyerɛɛ afoforɔ. Wei yɛ biribi a Paulo kyerɛɛ ho anisɔ paa. (Kenkan 1 Timoteo 1:12-14.) Bio, na Paulo taa da Yehowa ase sɛ wama no anya anuanom Kristofoɔ, na na n’ani sɔ wɔn suban pa ne wɔn nokorɛdie. (Filipifoɔ 1:3-5, 7; 1 Tesalonikafoɔ 1:2, 3) Sɛ Paulo hyia sɔhwɛ bi mpo a, na ɔtaa da Yehowa ase sɛ ne nuanom wɔ n’afa na wɔreboa no. (Asomafoɔ Nnwuma 28:15; 2 Korintofoɔ 7:5-7) Ɛnyɛ yɛn nwanwa sɛ Paulo hyɛɛ Kristofoɔ nkuran sɛ ‘wɔnkyerɛ nneɛma ho anisɔ na wɔmfa nnwom, ayeyie, ne honhom mu nnwom a ɛho wɔ nyam’ nna Onyankopɔn ase.Kolosefoɔ 3:15-17.

YƐDWENDWENE NNEƐMA HO BƆ MPAEƐ A, ƐBOA MA YƐKYERƐ ANISƆ

6. Dɛn na Yehowa ayɛ ama wo a w’ani sɔ?

6 Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Paulo? Obiara bɛtumi adwendwene nea Yehowa ayɛ ama no ho. (Dwom 116:12) Sɛ obi bisa wo sɛ, “Nhyira bɛn na woanya afi Yehowa hɔ a w’ani sɔ?” a, wobɛyi ano sɛn? Wobɛka sɛ wo ne Yehowa adamfofa? Anaa Kristo agyedeɛ afɔreɛ a ama woanya bɔne fafiri? Wobɛkae wo nuanom Kristofoɔ mmarima ne mmaa a wɔaboa wo wɔ ahohia berɛ mu no? Wobɛka sɛ w’ani sɔ sɛ wowɔ kunu anaa yere anaa mma? Gye berɛ dwendwene nneɛma pii a Onyankopɔn ayɛ ama wo no ho. Wei bɛka wo ma woada no ase da biara da.Kenkan Dwom 92:1, 2.

Suasua Hanah ne Hesekia, na da Yehowa ase daa wɔ nea wayɛ ama wo no ho

7. (a) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase wɔ yɛn mpaebɔ mu? (b) Sɛ woda Yehowa ase wɔ wo mpaebɔ mu a, mfasoɔ bɛn na wobɛnya?

7 Sɛ yɛdwendwene nhyira a yɛanya ho a, yɛbɛbɔ mpaeɛ ada Yehowa ase daa. (Dwom 95:2; 100:4, 5) Ebinom wɔ hɔ a, wɔbɛbɔ mpaeɛ no na wɔrehwehwɛ biribi afi Onyankopɔn hɔ. Nanso sɛ yɛbɔ mpaeɛ na yɛda Yehowa ase wɔ nea wayɛ ama yɛn ho a, n’ani gye. Sɛ yɛhwɛ Bible mu a, yɛhu Onyankopɔn asomfoɔ pii a wɔdaa Yehowa ase wɔ wɔn mpaebɔ mu. Wɔn mu bi ne Hanah ne Hesekia. (1 Samuel 2:1-10; Yesaia 38:9-20) Enti suasua wɔn na da Yehowa ase daa wɔ nea wayɛ ama wo ho. (1 Tesalonikafoɔ 5:17, 18) Woyɛ saa a, w’akoma bɛtɔ wo yam, ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn bɛyɛ kɛse, na woayɛ n’adamfo daa daa.Yakobo 4:8.

Nhyira bɛn na Yehowa ama woanya a w’ani sɔ paa? (Hwɛ nkyekyɛm 6, 7)

8. Ɛdeɛn na ɛbɛtumi ama yɛayɛ bonniayɛfoɔ?

8 Sɛ yɛanhwɛ yie a, yɛbɛyi Yehowa bonniayɛ; nneɛma pa a wayɛ ama yɛn nyinaa yɛn ani rensɔ. Adɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ bɔne ne sintɔ wɔ yɛn ho; yɛn awofoɔ a wɔdi kan no ankyerɛ anisɔ, na wɔde saa su no awo yɛn. Wo deɛ hwɛ, Yehowa yɛɛ paradise fɛfɛ maa Adam ne Hawa sɛ wɔntena hɔ, na ɔmaa wɔn biribiara a wɔhia. Anka wɔbɛtumi atena ase daa wɔ asomdwoeɛ mu. (Genesis 1:28) Nanso wɔamma wɔn ani ansɔ nhyira a wɔnyaeɛ no. Anibereɛ nti na wɔpɛ pii aka ho. Ɛwiee aseɛ no, biribiara bɔɔ wɔn. (Genesis 3:6, 7, 17-19) Wiase a yɛwom yi, nnipa pii yɛ bonniayɛ na anhwɛ a, yɛbɛsuasua wɔn, na nea Yehowa ayɛ ama yɛn nyinaa, yɛrenkyerɛ ho anisɔ. Yɛne no afa adamfo na yɛanya hokwan abɛka n’asomfoɔ a wɔwɔ wiase nyinaa ho. Sɛ yɛanhwɛ yie a, yɛrenkyerɛ wei mu biara ho anisɔ. Nneɛma a ɛwɔ wiase bɛtumi atwetwe yɛn adwene. (1 Yohane 2:15-17) Sɛ yɛmpɛ sɛ biribi a ɛte saa to yɛn a, ɛhia sɛ yɛdwendwene nhyira pii a yɛanya no ho na yɛda Onyankopɔn ase daa sɛ ɔde yɛn aka ne nkurɔfoɔ ho.Kenkan Dwom 27:4.

BERƐ A ASƐM BI ATO YƐN

9. Sɛ asɛm bi to yɛn a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛdwendwene nhyira a yɛanya ho?

9 Sɛ yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ a, ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina amanehunu ano. Ɛtɔ da bi a, tebea bɔne bi bɛtumi asi ma asesa yɛn asetena prɛko pɛ. Obi kunu anaa ne yere bɛtumi afi n’akyi, ebia yare a emu yɛ den bɛbɔ wo, wo dɔfo bi bɛwu, anaa atoyerɛnkyɛm bi bɛtumi asi. Nanso sɛ yɛdwendwene nhyira a Yehowa ahwie agu yɛn so ho a, yɛn werɛ bɛkyekye na ahyɛ yɛn den ma yɛagyina mu. Momma yɛnhwɛ nea ɛtoo ebinom.

10. Berɛ a Irina dwendwenee nhyira a wanya ho no, ɛboaa no sɛn?

10 Irina yɛ daa kwampaefoɔ a ɔwɔ United States. Na ne kunu yɛ asafo mu panin nanso ɔkɔfaa ɔbaa foforɔ na ɔgyaa ɔne wɔn mma hɔ. * (Hwɛ aseɛ hɔ asɛm no.) Dɛn na aboa Irina ma wakɔ so de nokorɛdie asom Yehowa? Ɔkaa sɛ: “Yehowa dwene me ho, na daa meda no ase. Da biara biribi si m’asetenam ma mehu sɛ Yehowa ahyira me. Ɛyɛ hokwan kɛse sɛ yɛn soro Agya no nim me na ɔdɔ me. Menim sɛ ɔrempo me da.” Awerɛhosɛm pii asisi wɔ Irina asetenam, nanso ɔde anigye resom Yehowa. Wei boa no ma ɔtumi gyina ɔhaw no ano na ɔtwa ne ho hyɛ afoforɔ nkuran mpo.

11. Dɛn na ɛboaa Kyung-sook ma ɔgyinaa ne yareɛ ano?

11 Kyung-sook te Asia, na ɔne ne kunu yɛɛ akwampae adwuma no bɛboro mfie 20. Mpofirim ara na adɔkotafoɔ huu sɛ kokoram atɔ n’aharawa mu, na wɔka kyerɛɛ no sɛ ɛfi abosome mmiɛnsa kɔsi abosome nsia deɛ, ɔbɛtumi awu berɛ biara. Bɛsi saa berɛ no na ɔne ne kunu afa ahohia pii mu, nanso apɔwmuden deɛ na wɔwɔ bi. Enti berɛ a ɔtee ne yareɛ no ho asɛm no, ɔkaa sɛ: “Asɛm no bubuu me; ɛyɛɛ me sɛ mahwere biribiara, na mebɔɔ hu.” Dɛn na aboa Kyung-sook ma wagyina yareɛ no ano? N’anom asɛm nie: “Anadwo biara ansa na mɛda no, meforo kɔ yɛn dan atifi kɔbɔ mpaeɛ dendeenden. Mehwɛ nneɛma nnum a Yehowa ayɛ ama me saa da no na meda no ase. Meyɛ saa a, na me ho adwo me fɔmm, na ɛma ɔdɔ a mewɔ ma Yehowa no yɛ kɛse.” Mpaeɛ a anadwo biara Kyung-sook bɔ no aboa no sɛn? Ɔkaa sɛ: “Mahu sɛ, sɛ yɛkɔ tebea denden bi mu a, Yehowa boa yɛn. Afei nso nhyira a yɛnya no dɔɔso sen amanehunu a yɛfa mu.”

Sheryl, ne ne nua koro pɛ a waka, John (Hwɛ nkyekyɛm 13)

12. Berɛ a Jason yere wuiɛ no, dɛn na ɛkyekyee ne werɛ?

12 Jason yɛ adwuma wɔ Betel wɔ Afrika man bi mu. Wayɛ berɛ nyinaa som adwuma no bɛboro mfie 30. Ɔkaa sɛ: “Mfie nson ni a me yere wuiɛ, na awerɛhoɔ a ɛde agya me nyɛ asɛm ketewa. Sɛ mekae amanehunu a ɔfaa mu berɛ a kokoram yɛɛ no no a, na biribi reyɛ ayɛ me.” Dɛn na aboa Jason ma wagyina tebea no ano? Ɔka sɛ: “Ɛda bi na merekaakae biribi a me ne me yere boom yɛeɛ ma yɛn ani gyeeɛ, na mebɔɔ mpaeɛ daa Yehowa ase sɛ wama makae biribi a ɛte saa. Mehuiɛ sɛ me ho atɔ me, na ɛfi saa da no na metaa da Yehowa ase sɛ ɔma mekae anigye mmerɛ a ɛte saa. Sɛ mekae nneɛma a Yehowa ayɛ ama me na mekyerɛ ho anisɔ a, na me ho adwo me. Ampa, ɛtɔ da a me yere wuo no ma me werɛ ho, nanso meda Yehowa ase sɛ menyaa aware pa na me ne obi a ɔdɔ no paa boom som no. Nokwasɛm nie, anisɔ a ɛte saa aboa akyekye me werɛ paa.”

“Meda Yehowa ase paa sɛ wama meresom no.”—Sheryl

13. Dɛn na aboa Sheryl ma watumi agyina atoyerɛnkyɛm a ɛkaa n’abusua no ano?

13 Afe 2013 rekɔ n’awieeɛ no, ahum kɛseɛ bi a wɔfrɛ no Super Typhoon Haiyan tuiɛ wɔ Philippines. Saa berɛ no na Sheryl adi mfie 13 pɛ, na ɛkame ayɛ sɛ ɔhweree biribiara. Ɔkaa sɛ: “Ɛsɛee me fie, na m’abusuafoɔ dodoɔ no ara nso wuwuiɛ.” Ne papa ne ne maame ne ne nuanom mmiɛnsa wuiɛ berɛ a ahum no tuiɛ no. Dɛn na aboa Sheryl ma wagyina atoyerɛnkyɛm yi ano a ne bo anhuru anhyɛ Yehowa? Sheryl dwendwene nhyira a wanya ho, na daa ɔda Yehowa ase. Ɔkaa sɛ: “Mehuu nea anuanom mmarima ne mmaa yɛ de boaa wɔn a wɔn ho akã ne nkuranhyɛ a wɔde maa wɔn no. Afei na menim sɛ anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa rebɔ mpae ma me.” Ɔde kaa ho sɛ: “Meda Yehowa ase paa sɛ wama meresom no. Ɔma yɛn nea yɛhia berɛ nyinaa.” Nokwasɛm nie, sɛ yɛhwɛ nhyira a yɛanya na yɛkyerɛ ho anisɔ a, awerɛhoɔ renhyɛ yɛn so. Wei bɛboa yɛn na sɛ asɛm bi to yɛn a, yɛatumi agyina ano.Efesofoɔ 5:20; kenkan Filipifoɔ 4:6, 7.

“ME DEƐ, MƐDI AHURISIE WƆ YEHOWA MU”

14. Dɛn na yɛrehwɛ kwan dendeenden? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiaseɛ no.)

14 Ɛfi tete bɛsi nnɛ nyinaa, Yehowa nkurɔfoɔ kyerɛ nhyira a wɔanya ho anisɔ. Berɛ a Yehowa gyee Israelfoɔ no nkwa fii Farao ne n’asraafo dɔm nsam wɔ Po Kɔkɔɔ no mu no, wɔde anigyeɛ too dwom, wɔyii Yehowa ayɛ, na wɔdaa no ase. (Exodus 15:1-21) Ɛnnɛ, nhyira baako a ɛda yɛn akoma so nie: Yɛwɔ anidasoɔ sɛ ɛrenkyɛ awerɛhoɔ ne ɛyaw bɛfi hɔ! (Dwom 37:9-11; Yesaia 25:8; 33:24) Sɛ Yehowa sɛe n’atamfo nyinaa na ɔgye yɛn kɔ wiase foforɔ a asomdwoe ne trenee wom mu a, hwɛ ahurusie a yɛbɛdi! Saa da no, aseda bɛn paa na yɛde bɛma Yehowa?Adiyisɛm 20:1-3; 21:3, 4.

Ɛnnɛ, nhyira baako a ɛda yɛn akoma so nie: Yɛwɔ anidasoɔ sɛ ɛrenkyɛ awerɛhoɔ ne ɛyaw bɛfi hɔ

15. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ wɔ afe 2015 mu nyinaa?

15 Afe 2015 mu no, yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛnya nhyira pii afi Yehowa hɔ. Ebia yɛbɛkɔ ahohia mu, nanso nea ɛbɛsi biara no, yɛnim sɛ Yehowa rennya yɛn da. (Deuteronomium 31:8; Dwom 9:9, 10) Nea yɛbɛhia na yɛatumi akɔ so asom no nokorɛdie mu deɛ, ɔde bɛma yɛn. Enti momma yɛnsi yɛn bo sɛ yɛbɛsuasua odiyifoɔ Habakuk. Ɔkaa sɛ: “Borɔdɔma rengu nhyerɛnee na bobe renso aba; ngodua ho adwuma bɛyɛ kwa, na mfuo remma aduane; nnwan bɛsã wɔ nnwammuo mu na anantwie asã wɔ ban mu. Nanso me deɛ, mɛdi ahurisie wɔ Yehowa mu na m’ani agye me nkwagyeɛ Nyankopɔn mu.” (Habakuk 3:17, 18) Afe no nyinaa mu no, momma yɛnkɔ so nnwennwene nhyira a yɛanya nyinaa ho na ɛnhyɛ yɛn nkuran mma yɛmfa afotu a ɛwɔ afe 2015 afe asɛm yi mu no nyɛ adwuma: “Monna Yehowa ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ.”Dwom 106:1.

^ nky. 10 Wɔasesa edin a ɛwɔ asɛm yi mu no bi.