Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma Yehowa Nhyɛ W’awareɛ Mu Den na Ɔmmɔ Ho Ban

Ma Yehowa Nhyɛ W’awareɛ Mu Den na Ɔmmɔ Ho Ban

“Sɛ Yehowa anwɛn kuro no a, ɔwɛmfoɔ siri ho pɛ kwa.”DWOM 127:1b.

1, 2. (a) Ɛyɛɛ dɛn na nhyira a anka Israelfoɔ 24,000 bɛnya no bɔɔ wɔn? (b) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsusu saa asɛm yi ho?

AKA kakraa bi ma Israelfoɔ aduru Bɔhyɛ Asase no so no, mmarima mpempem pii ne “Moab mmabaa bɔɔ adwaman.” Ɛno maa Israelfoɔ 24,000 wuwuiɛ. Ná wɔatwɛn akyɛ, nanso na aka kakraa bi ma wɔaduru bɔhyɛ asase no so! Awerɛhosɛm ne sɛ, nhyira a anka wɔbɛnya no nyinaa bɔɔ wɔn ɛfiri sɛ berɛ a wɔhyiaa ɔbrasɛe ho sɔhwɛ no, wɔantumi annyina ano.Numeri 25:1-5, 9.

2 Wɔatwerɛ saa awerɛhosɛm no “de rebɔ yɛn a wiase nhyehyɛeɛ yi awieeɛ ato yɛn no kɔkɔ.” (1 Korintofoɔ 10:6-11) Yɛte “nna a ɛdi akyire” no awieeɛ mu pɛɛ, na yɛabɛn wiase foforɔ no paa. (2 Timoteo 3:1; 2 Petro 3:13) Nanso nea ɛyɛ awerɛho no, Yehowa asomfoɔ binom agyaagyaa wɔn ho de wɔn ho akɔhyɛ adwamammɔ mu. Seesei wɔn nneyɛe bɔne no ama wɔrehu amane, na sɛ wɔansakra a, anhwɛ a wɔrennya kwan ntena ase daa wɔ Paradise wɔ asase so.

3. Adɛn nti na awarefoɔ hia Yehowa akwankyerɛ ne n’ahobammɔ? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiaseɛ no.)

3 Esiane sɛ nna ho nsɛm agye wiase no adwene nti, okununom ne ɔyerenom hia Yehowa akwankyerɛ ne n’ahobammɔ na ama wɔn awareɛ agyina. (Kenkan Dwom 127:1.) Yɛbɛhwɛ sɛnea awarefoɔ bɛtumi abɔ wɔn awareɛ ho ban wɔ adesua yi mu. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn akoma ho ban, wɔbɛn Onyankopɔn, wɔhyɛ nipasu foforɔ no, wɔyi wɔn yam bɔ nkɔmmɔ, na wɔma wɔn ho nea ɛsɛ.

BƆ W’AKOMA HO BAN

4. Dɛn na atwetwe Kristofoɔ binom ma wɔabɔ adwaman?

4 Dɛn na ɛbɛtumi atwetwe Kristoni bi ma wabɔ adwaman? Nea ɛtaa kɔfa ba ne onipa ani. Yesu kaa sɛ: “Obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbaa anya akɔnnɔ ama no no asɛe awareɛ dada n’akoma mu.” (Mateo 5:27, 28; 2 Petro 2:14) Nnipa pii ahwɛ ponografi, wɔakenkan nwoma a adwamansɛm wom, anaa wɔahwɛ nneɛma a ɛmfata wɔ Intanɛt so. Afoforɔ nso ahwɛ sini, kɔnsɛt, anaa television dwumadie ahodoɔ a nna ho nsɛm wom. Ebinom nso akɔ disko, wɔahwɛ nkurɔfoɔ a wɔabɔ wɔn ho adagya, anaa wɔakɔ mmeae bi ma wɔamiamia wɔn atwetwe wɔn wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Wei nyinaa ama wɔabɔ adwaman.

5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn akoma a ɛtɔ sini no ho ban?

5 Ebinom hwehwɛ mmoa firi obi a ɔnyɛ wɔn kunu anaa wɔn yere hɔ, na ɛma wɔbɔ adwaman. Seesei wiase a yɛte mu no, nnipa nni ahosodie, na wɔn ani gye ɔbrasɛeɛ ho. Afei nso, esiane sɛ yɛn akoma yɛ ɔdaadaafoɔ na ne ho yɛ ahometeɛ nti, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛnya obi a ɔnyɛ yɛn kunu anaa yɛn yere ho akɔnnɔ. (Kenkan Yeremia 17:9, 10.) Yesu kaa sɛ: ‘Akoma no mu na nsusuiɛ bɔne, awudie, awaresɛeɛ, ne adwamammɔ firi ba.’Mateo 15:19.

6, 7. (a) Sɛ yɛnya akɔnnɔ bɔne wɔ yɛn akoma mu a, asɛm bɛn na ɛbɛtumi asi? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanyɛ bɔne antia Yehowa?

6 Sɛ akɔnnɔ bɔne nya sɔre nnipa mmienu mu na wɔn mu biara ani gye ne yɔnko ho a, wobɛhwɛ na wɔafiri aseɛ rebɔ nkɔmmɔ a anka ɛsɛ sɛ obi ne ne kunu anaa ne yere nko ara na ɛbɔ. Ɛnkyɛ na wɔrehwehwɛ akwan bi a wɔbɛfa so ne wɔn ho ahyiam. Wɔtaa hyia, na sɛ wɔhyia a wɔyɛ wɔn ho sɛ nea wɔanhyehyɛ ho na wɔhyiaeɛ. Sɛ wɔn adamfofa no mu yɛ den a, ɛma ɛyɛ den paa sɛ wɔbɛyɛ nea ɛtene. Ɛwom sɛ wɔnim sɛ nea wɔreyɛ no yɛ bɔne deɛ, nanso berɛ a wɔn ayɔnkofa no mu reyɛ den no, na ɛreyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛtwa so.Mmebusɛm 7:21, 22.

7 Sɛ akɔnnɔ bɔne a wɔanya ne nkɔmmɔ a ɛmfata no kɔ akyiri a, wɔfi aseɛ sosɔ wɔn nsa, fefe wɔn ho ano, wɔmiamia wɔn ho, na wɔsosɔ wɔn ho mu. Ɛba saa a, wɔn werɛ fi Yehowa mmara koraa. Asɛm no ara ne sɛ, wɔn kunu anaa wɔn yere nko ara na anka ɛsɛ sɛ wɔne no yɛ biribi a ɛte saa. Wɔn ‘ara wɔn akɔnnɔ twetwe wɔn to wɔn bradɛ.’ Awieeɛ koraa no, sɛ akɔnnɔ no mu yɛ den a, wɔbɔ adwaman. (Yakobo 1:14, 15) Ɛyɛ awerɛho, ɛfiri sɛ, sɛ wɔn mmienu nyinaa maa kwan maa Yehowa hyɛɛ obuo a wɔwɔ ma awareɛ no mu den a, anka wɔrenyɛ bɔne a ɛte saa ntia no. Ɛbɛyɛ dɛn na obi anya obuo a ɛte saa?

KƆ SO BƐN ONYANKOPƆN

8. Sɛ yɛne Yehowa fa adamfo a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛbɔ yɛn ho ban afiri adwamammɔ ho?

8 Kenkan Dwom 97:10. Sɛ yɛne Yehowa fa adamfo a, ɛbɛtumi abɔ yɛn ho ban afiri adwamammɔ ho. Sɛ yɛhu Onyankopɔn su ahodoɔ a ɛyɛ fɛ no a, yɛbɔ mmɔden sɛ ‘yɛbɛsuasua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo, na yɛakɔ so anante ɔdɔ mu.’ Ɛno bɛma yɛanya akokoɔduro de atwe yɛn ho afi “adwamammɔ ne afĩdeyɛ biara” ho. (Efesofoɔ 5:1-4) Okununom ne ɔyerenom a wɔnim sɛ “Onyankopɔn bɛbu adwamammɔfoɔ ne awaresɛefoɔ atɛn” no bɔ mmɔden paa sɛ wɔbɛdi wɔn ho nokorɛ.Hebrifoɔ 13:4.

9. (a) Berɛ a Yosef adwumawura yere sɔɔ no hwɛe no, dɛn na ɛboaa no ma ɔkɔɔ so dii Yehowa nokorɛ? (b) Dɛn na yɛbɛtumi asua afi Yosef asɛm no mu?

9 Sɛ Kristofoɔ binom pɔn adwuma a, wɔne wɔn mfɛfoɔ adwumayɛfoɔ a wɔnyɛ Adansefoɔ bɔ nnɔnhwere pii. Wei ama wɔyɛ nneɛma bi a ɛmfata. Ebinom nso wɔ adwumam a, nkurɔfoɔ de nna ho nsɛm dwan wɔn ho. Saa na ɛtoo aberanteɛ bi a ne din de Yosef. Berɛ a na ɔreyɛ n’adwuma no, ɔhui sɛ n’adwumawura yere ani gye ne ho paa. Da biara da na ɔpɛ sɛ Yosef ne no da. Ewiee aseɛ no, “ɔbaa no sɔɔ n’atadeɛ mu kaa sɛ: ‘Wo ne me mmɛda!’” Nanso, Yosef ampene, na ɔdwaneeɛ. Dɛn na ɛmaa Yosef nyaa akokoɔduro de dii Yehowa nokorɛ? Ná wasi ne bo sɛ ɔremma biribiara nsɛe ɔne Onyankopɔn adamfofa no. Ɛwom sɛ Yosef adwuma firii ne nsa na wɔde no too afiase deɛ, nanso Yehowa hyiraa no. (Genesis 39:1-12; 41:38-43) Sɛ yɛwɔ adwumam oo, baabi foforɔ biara oo, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho firi tebea biara a ɛbɛtumi asɔ yɛn ahwɛ ho.

HYƐ NIPASU FOFORƆ NO

10. Ɔkwan bɛn so na nipasu foforɔ no bɛboa awarefoɔ ma wɔabɔ wɔn awareɛ ho ban?

10 Sɛ awarefoɔ hyɛ nipasu foforɔ a “wɔbɔɔ no sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ wɔ nokorɛ tenenee ne nokorɛdie pintinn mu” no a, ɛremma wɔnsɛe awareɛ. (Efesofoɔ 4:24) Sɛ yɛhyɛ nipasu foforɔ no a, ‘yɛbɛkum’ yɛn nipadua akwaa na ama yɛatumi ako atia “adwamammɔ, afĩdeɛ, nna ho akɔnnɔ, nkate bɔne, ne anibereɛ.” (Kenkan Kolosefoɔ 3:5, 6.) Asɛmfua “monkum” no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yɛbɛtumi biara na yɛamma akɔnnɔ bɔne anhyɛ yɛn so. Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ biribiara a ɛbɛma yɛanya akɔnnɔ bɔne. (Hiob 31:1) Sɛ yɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ a, yɛsua sɛ ‘yɛbɛkyiri bɔne’ na ‘yɛabata papa ho’ dendeenden.Romafoɔ 12:2, 9.

Sɛ awarefoɔ yi wɔn yam ka nsɛm a ɛyɛ dɛ kyerɛ wɔn ho na wɔda ayamhyehyeɛ adi a, ɛbɛhyɛ wɔn awareɛ no mu den

11. Ɔkwan bɛn so na nipasu foforɔ no bɛtumi ama awareɛ asɔ?

11 Sɛ yɛhyɛ nipasu foforɔ no a, na yɛresuasua Yehowa su ahodoɔ. (Kolosefoɔ 3:10) Sɛ okunu ne ɔyere nya “ayamhyehyeɛ, ayamyɛ, ahobrɛaseɛ adwene, ɔdwoɔ, ne abodwokyɛreɛ” a, wɔn awareɛ bɛsɔ na Yehowa bɛhyira wɔn. (Kolosefoɔ 3:12) Afei nso, sɛ ‘wɔma Kristo asomdwoeɛ di wɔn akoma so’ a, mpaapaemu remma wɔn awareɛ mu. (Kolosefoɔ 3:15) Sɛ awarefoɔ ‘yam hyehye wɔn ma wɔn ho’ a, wɔn mu biara ‘bɛdi kan’ de obuo ama ne yɔnko na wadwene ne ho.Romafoɔ 12:10.

12. Su ahodoɔ bɛn na wohwɛ a, ɛboa ma awareɛ sɔ?

12 Berɛ bi, wɔbisaa awarefoɔ bi sɛ dɛn na aboa wɔn ma wɔn awareɛ asɔ. Sid a ɔyɛ okunu no kaa sɛ: “Berɛ nyinaa yɛhwɛ sɛ yɛbɛma ɔdɔ atena yɛn awareɛ mu. Yɛahu nso sɛ ɔdwoɔ ho hia paa.” Ne yere Sonja nso ka too so sɛ: “Ayamyɛ nso yɛ su a ɛboa paa. Na yɛabɔ mmɔden nso sɛ yɛbɛda ahobrɛaseɛ adi, ɛwom sɛ ɛnyɛ berɛ nyinaa na ɛyɛ mmerɛ.”

MONYI MO YAM MMƆ NKƆMMƆ

13. Dɛn na ɛma awareɛ sɔ, na dɛn ntia?

13 Adeɛ baako a ɛboa paa ma awareɛ sɔ ne sɛ yɛbɛka kasadɛ akyerɛ yɛn kunu anaa yɛn yere. Nanso, awarefoɔ binom bu ahɔhoɔ ne wɔn nyɛmmoa mpo sene wɔn kunu anaa wɔn yere; sɛ wɔrekasa akyerɛ wɔn ho a, obuo ketekete sɛɛ koraa nnim! Sɛ ‘menasepɔ ne abufuo ne bobɔne ne nkekamu ne kasatia’ wɔ awareɛ mu a, nkakrankakra, ɛsɛe awarefoɔ no ntam. (Efesofoɔ 4:31) Kasatia ne atɛnnidie ma awareɛ gyigya. Sɛ awarefoɔ yi wɔn yam ka nsɛm a ɛyɛ dɛ kyerɛ wɔn ho na wɔda ayamhyehyeɛ adi a, ɛbɛhyɛ wɔn awareɛ no mu den.Efesofoɔ 4:32.

14. Dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ?

14 Bible ka sɛ “kommyɛ wɔ ne berɛ.” (Ɔsɛnkafoɔ 3:7) Wei nkyerɛ sɛ ɛtɔ mmerɛ bi a ɛsɛ sɛ wo ne wo yere anaa wo kunu gyae kasa, ɛfiri sɛ nkɔmmɔbɔ boa ma awareɛ sɔ. Ɔbaa warefoɔ bi a ɔwɔ Germany kaa sɛ: “Sɛ woankasa wo kunu anaa wo yere ho a, ɛbɛtumi ayɛ no ya.” Ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ asɛm hyɛ wo so a, ɛnyɛ berɛ nyinaa na wobɛtumi aka w’ano atom, nanso ɛnyɛ papa sɛ wobɛka wo koko so asɛm ama wo ho atɔ wo. Wobɛhwɛ na wode ahometeɛ aka asɛm a ɛyɛ ya akyerɛ wo kunu anaa wo yere, na ɛno bɛsɛe asɛm no koraa.” Sɛ okunu ne ɔyere hyia ɔhaw wɔ wɔn awareɛ mu a, ɛnyɛ nteateamu anaa akayɛ na ɛsɛ sɛ wɔde siesie. Mmom no, sɛ nsɛmnsɛm sɔre wɔ awarefoɔ ntam na wɔhwɛ siesie no ntɛm na annane akasakasa a, ɛbɛhyɛ wɔn awareɛ mu den.

15. Sɛ awarefoɔ bɔ nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran a, ɛboa awareɛ no sɛn?

15 Sɛ awarefoɔ gye berɛ ka nea ɛwɔ wɔn adwene ne wɔn akoma mu kyerɛ wɔn ho a, ɛma awareɛ sɔ. Asɛm a woka ho hia na saa ara na ɔkwan a wofa so ka asɛm no nso ho hia. Sɛ nsɛnnennen sɔre mpo a, ɛnsɛ sɛ woka nsɛm a ɛyɛ ya, na mmom bɔ mmɔden sɛ wobɛma wo kasa ayɛ dɛ. Sɛ woyɛ saa a, ɛrenyɛ den sɛ wo kunu anaa wo yere bɛtie wo. (Kenkan Kolosefoɔ 4:6.) Sɛ awarefoɔ rebɔ nkɔmmɔ na wɔka nsɛm a ɛhyɛ nkuran na mfasoɔ wɔ so a, ɛhyɛ wɔn awareɛ mu den.Efesofoɔ 4:29.

Sɛ okunu ne ɔyere rebɔ nkɔmmɔ na wɔka nsɛm a ɛhyɛ nkuran a, ɛhyɛ wɔn awareɛ mu den (Hwɛ nkyekyɛm 15)

AWAREFOƆ MMA WƆN HO NEA ƐSƐ

16, 17. Adɛn nti na ɛhia sɛ awarefoɔ ma wɔn ani kũ wɔn ahokafoɔ ahiadeɛ ho, a nna mu nkitahodie nso ka ho?

16 Sɛ ɔwarefoɔ dwene ne kunu anaa ne yere ahiadeɛ ho kane a, ɛno nso boa ma awareɛ sɔ. (Filipifoɔ 2:3, 4) Ɛsɛ sɛ okununom ne ɔyerenom nyinaa ma wɔn ani kũ wɔn ahokafoɔ ahiadeɛ ho, a nna mu nkitahodie nso ka ho.Kenkan 1 Korintofoɔ 7:3, 4.

17 Awerɛhosɛm ne sɛ, awarefoɔ binom mpɛ sɛ wɔbɛyɛ biribi ama wɔn kunu anaa wɔn yere ahu sɛ wɔdɔ wɔn, na wɔmpɛ sɛ wɔne wɔn bɛda mpo. Mmarima bi te nka sɛ, sɛ wɔkorɔkorɔ wɔn yerenom a, na ɛkyerɛ sɛ ɔbaa no afa wɔn so. Nanso, Bible ka sɛ: “Mo okununom, mommɔ mmɔden nte mo yerenom ase.” (1 Petro 3:7, Phillips) Sɛ Bible ka sɛ okunu mma ɔyere nea ɛsɛ a, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ara ne sɛ ɔne no bɛda. Ɛsɛ sɛ ɔdɔ no na ɔkorɔkorɔ no berɛ nyinaa. Sɛ ɔyɛ saa na ɔne ne yere da a, ɔbaa no ani bɛgye. Sɛ wɔn mmienu nyinaa da ɔdɔ adi kyerɛ wɔn ho na obiara korɔkorɔ ne yɔnko a, ɛrenyɛ den sɛ wɔn mu biara bɛma ne yɔnko ani agye.

18. Ɔkwan bɛn so na okununom ne ɔyerenom bɛtumi ahyɛ wɔn awareɛ mu den?

18 Biribiara nni hɔ a ɔwarefoɔ bi bɛtumi de ayi ne ho ano na wafiri ne kunu anaa ne yere akyi, nanso sɛ awarefoɔ amma asomdwoeɛ antena wɔn ntam a, ɛbɛtumi ama okunu anaa ɔyere akɔtɔ obi foforɔ dɔ mu ma ɔne no ada. (Mmebusɛm 5:18; Ɔsɛnkafoɔ 9:9) Ɛno nti na Bible tu awarefoɔ fo sɛ ɛnsɛ sɛ ‘wɔde wɔn ho kame wɔn ho’ gye sɛ wɔn mmienu nyinaa pene so saa kɔsi berɛ bi. Adɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrenkɔba sɛ ‘ahosodie a wɔannya nti, Satan bɛsɔ wɔn ahwɛ.’ (1 Korintofoɔ 7:5) Sɛ awarefoɔ ‘annya ahosodie’ na Satan fa ɛno so nya wɔn ma wɔsɛe awareɛ a, ɛbɛyɛ awerɛho paa. Sɛ awarefoɔ ma wɔn ho nea ɛsɛ a, na ɛkyerɛ sɛ wɔn mu biara ‘nnhwehwɛ deɛ ɛyɛ ma ɔno nko ara, na mmom ɔhwehwɛ ne yɔnko nso deɛ.’ Ɔdɔ nti na wɔyɛ wei, na ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ara nti na wɔyɛ. Sɛ awarefoɔ no mu biara yɛ biribi ma ne yɔnko hu sɛ ɔdɔ no na wɔkorɔkorɔ wɔn ho a, ɛma awareɛ no sɔ.1 Korintofoɔ 10:24.

KƆ SO HYƐ W’AWAREƐ MU DEN

19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛsi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ, na dɛn ntia?

19 Yɛgyina wiase foforɔ no aboboano pɛɛ! Sɛ yɛanhwɛ yie na yɛma akɔnnɔ bɔne di yɛn so a, ɛbɛdi yɛn awu sɛnea ɛtoo Israelfoɔ 24,000 wɔ Moab Serɛ so no. Berɛ a Bible kaa nea ɛsiiɛ ho asɛm wieeɛ no, ɛbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Deɛ ɔdwene sɛ ɔgyina hɔ no nhwɛ yie na wanhwe ase.” (1 Korintofoɔ 10:12) Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so di Yehowa ne yɛn hokafoɔ nokorɛ na ama yɛn awareɛ asɔ. (Mateo 19:5, 6) Seesei paa na ɛhia sɛ ‘yɛyɛ deɛ yɛbɛtumi biara ma ɔbɛhu yɛn sɛ nnipa a yɛn ho nni nkekaeɛ ne dɛm biara wɔ asomdwoeɛ mu.’2 Petro 3:13, 14.