Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Japanfo Anya Akyɛdeɛ Bi a na Wɔnhwɛ Kwan

Japanfo Anya Akyɛdeɛ Bi a na Wɔnhwɛ Kwan

WƆYƐƐ nhyiam soronko bi wɔ Nagoya, Japan, April 28, 2013. Onua Anthony Morris a ɔyɛ Akwankyerɛ Kuo no muni de amanneɛbɔ bi a ɛyɛ anigyeɛ too dwa sɛ wɔayi nwoma foforɔ bi adi wɔ Japan kasa mu. N’asɛmti ne Bible—Mateo Asɛmpa No. Nnipa a wɔkɔɔ nhyiam no ase ne wɔn a wɔhwɛɛ dwumadie no wɔ television so nyinaa boro 210,000. Berɛ a atiefo no tee amanneɛbɔ no, wɔde anigyeɛ bɔɔ wɔn nsam berɛ tenteenten.

Wɔyii Mateo Asɛmpa yi fii Borɔfo Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no mu. Nanso, nwoma a ɛkura nkratafa 128 yi yɛ soronko. Onua Morris kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔayɛ nwoma no de reboa nkurɔfo a wɔwɔ asasesin a wɔka Japanfo kasa mu. Ɛdeɛn na ɛyɛ soronko wɔ nwoma yi ho? Dɛn nti na wɔyɛeɛ? Sɛn na nkurɔfo akyerɛ ho anigyeɛ?

ƐDEƐN NA ƐYƐ SORONKO WƆ NWOMA YI HO?

Sɛnea wɔatintim Mateo nwoma no yɛɛ nnipa pii nwanwa. Wɔtumi twerɛ Japan kasa firi soro ba fam, ɛnna wɔtumi twerɛ firi benkum kɔ nifa nso. Sɛ wohwɛ ntwerɛeɛ a ɛwɔ nwoma a wɔatintim no pii mu a, ɛfiri benkum kɔ nifa; saa ara na ɛte wɔ yɛn nwoma ahodoɔ mu nso. Nanso nwoma foforɔ yi mu deɛ, ntwerɛeɛ no firi soro ba fam sɛnea yɛhu wɔ Japanfo atesɛm nkrataa ne nwoma ahodoɔ mu no. Japanfo pii ani gye nwoma a wɔtwerɛ firi soro ba fam akenkan ho. Afei nso, wɔyii nsɛmti a ɛwɔ nkratafa atifi no bɛhyɛɛ nsɛm no mu yɛɛ no nsɛmti nketewa sɛnea ɛbɛboa akenkanfo ma wɔahu nsɛntitiriw no ntɛm.

Berɛ a anuanom a wɔwɔ Japan nsa kaa Mateo nwoma no, ntɛm ara na wɔfirii aseɛ kenkanee. Onuawa bi a wadi boro mfeɛ 80 kaa sɛ: “Makenkan Mateo nwoma no mpɛn pii, nanso ntwerɛeɛ a ɛfiri soro ba fam ne nsɛmti nketewa a ɛhyehyɛ mu no aboa me ma mate Bepɔ so Asɛnka no ase yie.” Onuawa ababaa bi twerɛɛ sɛ: “Berɛ a mefaa Mateo nwoma no, mamfa anto hɔ kɔsii sɛ mekenkan wieeɛ. Metaa kenkan nwoma a wɔtwerɛ firi benkum kɔ nifa, nanso Japanfo pii ani gye nwoma a wɔtwerɛ firi soro ba fam ho.”

WƆAYƐ AMA WƆN A WƆKA JAPAN KASA

Adɛn nti na Bible mu nwoma baako pɛ yi bɛtumi aboa wɔn a wɔka Japan kasa no paa? Ɛwom sɛ Japanfo pii nnim Bible mu deɛ, nanso wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛkenkan. Seesei Japanfo a wɔnhuu Bible da anya hokwan sɛ wɔn nsa bɛka Bible no fã bi na wɔakenkan.

Adɛn nti na Mateo nwoma no na wɔfa tintimii? Sɛ Japanfo dodoɔ no ara te asɛmfua “Bible” a, Yesu Kristo ho adwene na ɛba wɔn tirim. Nea enti a Mateo nwoma no na wɔfa tintimii ne sɛ, ɛka abusua a Yesu firi mu ne n’awoɔ ho asɛm. Ɛsan ka ne Bepɔ so Asɛnka a nnipa pii ani gye ho, ne ne nkɔmhyɛ a ɛfa nna a ɛdi akyire ho no ho asɛm. Weinom nyinaa yɛ nsɛm a Japanfo pii ani gye ho.

Adawurubɔfo a wɔwɔ Japan de nsi firii aseɛ kyekyɛɛ nwoma foforɔ yi wɔ afie afie asɛnka ne sankɔhwɛ mu. Onuawa baako twerɛɛ sɛ: “Seesei mɛtumi de Onyankopɔn Asɛm ama nkurɔfo pii wɔ yɛn asasesin mu. Nokwasɛm ne sɛ, ɛda a yɛyɛɛ nhyiam soronko no ara, metumi de Mateo nwoma no baako maa obi!”

SƐN NA NKURƆFO AKYERƐ HO ANIGYEƐ?

Ɔkwan bɛn na adawurubɔfo fa so de nwoma foforɔ yi ma nkurɔfo? Japanfo pii nim nsɛm te sɛ “ɛpono teateaa,” ‘nhwenneɛ a ɛgu mprako anim,’ ne “monnnwennwene ɔkyena ho.” (Mateo 6:34; 7:6, 13) Sɛ wɔhu sɛ Yesu Kristo na ɔkaa saa nsɛm yi a, wɔn ho dwiri wɔn. Sɛ wɔn mu pii hu saa nsɛm no wɔ Mateo nwoma no mu a, wɔka sɛ: “Mabɔ mmɔden sɛ mɛkenkan Bible no pɛnkoro, nanso mentumi nyɛɛ saa.”

Sɛ adawurubɔfo no san kɔ nkurɔfo a wɔgyee Mateo nwoma no nkyɛn a, afiewuranom taa ka sɛ wɔn nsa kaeɛ ara na wɔkenkan ne fã bi anaa ne nyinaa. Ɔbarima bi a wadi boro mfeɛ 60 ka kyerɛɛ ɔdawurubɔfo bi sɛ: “Makenkan no mpɛn pii, na manya awerɛkyekye. Mesrɛ wo bɛkyerɛkyerɛ me Bible mu nsɛm pii.”

Wɔde Mateo nwoma no ma nkurɔfo wɔ badwam adansedie mu nso. Onuawa bi de ne e-mail address maa ababaa bi a ɔgyee nwoma no bi wɔ asɛnka mu. Dɔnwhere baako akyi no, ababaa no twerɛɛ asɛm bi faa e-mail address no so kɔmaa onuawa no sɛ wakenkan nwoma no fã bi na ɔpɛ sɛ ɔsua pii ka ho. Nnawɔtwe baako akyi no, onuawa no ne ababaa no kɔyɛɛ Bible adesua a ɛdi kan, na ankyɛ na ɔfirii aseɛ kɔɔ asafo nhyiam ahodoɔ.

Wɔde Mateo nwoma no bɛboro 1,600,000 akɔma asafo ahodoɔ a ɛwɔ Japan no. Adansefo no de nwoma no mpempem pii ma nkurɔfo bosome biara. Saa nwoma yi nnianimu asɛm no ka sɛnea wɔn a wɔtintim nwoma no te nka ho asɛm sɛ: “Yɛhwɛ kwan paa sɛ, sɛ wokenkan saa nwoma yi a, ɛbɛma w’ani agye Bible ho kɛse.”