Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ So Fa Nsi Yɛ Asɛnka Adwuma No

Kɔ So Fa Nsi Yɛ Asɛnka Adwuma No

ADWUMA a wɔreyɛ wɔ asase so nnɛ nyinaa mu no, asɛnka adwuma no na ɛho hia sene biara. Ɛyɛ hokwan kɛseɛ sɛ yɛbɛgyina Yehowa ananmu ayɛ ɔkyerɛkyerɛ adwuma yi. Nanso, ɛtɔ da bi a, ɛbɛtumi ayɛ den ama akwampaefo ne adawurubɔfo sɛ wɔbɛkɔ so de nsi ayɛ asɛnka adwuma no. Adɛn ntia?

Dɛn na ɛbɛboa wo ma woakɔ so de nsi ayɛ asɛnka adwuma no?

Adawurubɔfo binom ahu sɛ, sɛ wɔreyɛ afie afie asɛnka a, nnipa kakraa bi pɛ na wɔnya wɔn ne wɔn kasa. Sɛ wɔto nnipa fie mpo a, ebia wɔrenkyerɛ Ahenni asɛm no ho anigye, na anhwɛ a wɔn bo bɛtumi afu yɛn. Baabi wɔ hɔ nso a, adawurubɔfo wɔ asasesin kɛseɛ na nkurɔfo tie asɛm no, nanso ɛyɛ wɔn sɛ wɔrentumi nka asɛm no nkyerɛ obiara wɔ asasesin no mu. Afoforɔ nso wɔ hɔ a wɔde mfeɛ pii aka asɛm no, nanso esiane sɛ awieeɛ no mmaeɛ nti, wɔn abam abu.

Berɛ a yɛreyɛ asɛnka adwuma no, yɛbɛhyia nsɛnnennen a ɛbɛtumi abrɛ nsi a yɛde ka asɛm no ase. Wiase a yɛte mu yi, “ɔbɔnefoɔ” Satan Ɔbonsam na ɔdi so, enti yɛnim sɛ ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛka asɛmpa no.1 Yohane 5:19.

Sɛ wohyia nsɛnnennen bi wɔ asɛnka adwuma no mu a, hu sɛ Yehowa bɛboa wo ma woadi so. Nanso, dɛn na wobɛyɛ na ama woatumi ayɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu? Ma yɛnhwɛ nyansahyɛ ahodoɔ bi.

BOA WƆN A WƆAFI ASƐNKA ASE FOFORƆ NO

Afe biara, wɔbɔ nnipa mpempem asu ma wɔba bɛyɛ Yehowa Adansefo. Sɛ afei na woabɔ asu a, wobɛtumi asua pii afiri wɔn a wɔde mfeɛ bebree aka asɛm no hɔ. Sɛ wode mfeɛ pii na aka asɛm no nso a, wobɛtumi atete wɔn a wɔafiri asɛnka ase foforɔ no anaa? Sɛ woyɛ saa a, w’ani bɛgye paa.

Ná Yesu nim sɛ n’asuafo no hia akwankyerɛ na ama wɔatumi akyerɛkyerɛ yie, enti ɔkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔbɛka asɛm no. (Luka 8:1) Ɛnnɛ, ɛhia sɛ yɛtete wɔn a wɔafi asɛnka ase foforɔ no ma wɔn nso tumi kyerɛkyerɛ yie.

Sɛ obi firi asɛnka ase foforɔ a, ɛnkyerɛ sɛ asɛnka a ɔkɔ ara nti, ɔbɛhu nkyerɛkyerɛ. Ɛsɛ sɛ obi nya ne ho aboterɛ na ɔyi ne yam kyerɛkyerɛ no. Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo a ne ho akokwa kyerɛkyerɛ no (1) sɛnea ɔbɛsua asɛm a ɔbɛka akyerɛ efiewura no na wabobɔ so, (2) sɛnea ɔne nkurɔfo bɛbɔ nkɔmmɔ, (3) sɛnea ɔde nwoma bɛma, (4) sɛnea ɔbɛsan akɔsra wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigyeɛ, ne (5) sɛnea ɔbɛfiri Bible adesua ase. Sɛ obi a wafiri asɛnka ase foforɔ hwɛ sɛnea ɔdawurubɔfo a ne ho akokwa kyerɛkyerɛ wɔ asɛnka mu na ɔsuasua no a, ɔno nso bɛtumi akyerɛkyerɛ yie. (Luka 6:40) Sɛ nea wafiri asɛnka ase foforɔ no hu sɛ obi wɔ hɔ a ɔbɛboa no a, ɛremma ne yam nhyehye no pii. Sɛ yɛkamfo no na yɛma no nyansahyɛ a, ɛbɛboa no paa.Ɔsɛnkafoɔ 4:9, 10.

WO NE OBI NAM ASƐNKA MU A, MOMMƆ NKƆMMƆ

Ɛtɔ da a ɛyɛ den sɛ wobɛnya efiewuranom ne wɔn akasa, nanso wobɛhwɛ no na wo ne nea ɔka wo ho no abɔ nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran paa. Kae sɛ Yesu somaa n’asuafo no “mmienu mmienu” sɛ wɔnkɔka asɛm no. (Luka 10:1) Berɛ a wɔnam nyinaa no, na wɔrehyɛ wɔn ho nkuran. Sɛ yɛne yɛn nuanom nam asɛnka mu a, yɛnya hokwan a ɛbɛma ‘obiara anya nkuranhyɛ afiri ne yɔnko hɔ.’Romafoɔ 1:12.

Nneɛma bɛn na mobɛtumi aka ho asɛm? Mo mu bi anya osuahu bi a ɛhyɛ nkuran nnansa yi? Woanya asɛm bi a ɛyɛ anigye afiri w’ankasa adesua anaa w’abusua adesua mu? Wotee asɛm bi wɔ adesua ase a ɛhyɛɛ wo nkuran? Ɛtɔ da bi a, ebia na wonnim nea wo ne no nam asɛnka mu no yie. Wobɛtumi abisa no nea ɛyɛeɛ a ɔbaa nokorɛ no mu. Dɛn na ɛma ɔgye dii sɛ Yehowa ahyehyɛdeɛ no ni? Ɔsom hokwan anaa osuahu bɛn na onii no anya? Wo nso wobɛtumi aka wo suahu akyerɛ no. Sɛnea nkurɔfo bɛyɛ wɔn adeɛ wɔ asasesin no mu biara no, sɛ wo ne obi nam asɛnka mu a, monya hokwan a mode ‘bɛhyehyɛ mo ho den.’1 Tesalonikafoɔ 5:11.

SUA ADEƐ YIE

Sɛ yɛbɛkɔ so de nsi ayɛ asɛnka adwuma no a, ɛsɛ sɛ yɛsua adeɛ yie. “Akoa nokwafoɔ ne ɔbadwemma” no tintim nsɛm ahodoɔ pii a yɛbɛtumi asua. (Mateo 24:45) Ma yɛnhwɛ asɛmti baako a ɛfata a obiara bɛtumi asua ho adeɛ: Adɛn nti na asɛnka adwuma no ho hia saa? Adaka a wɔato din  “Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wokɔ So De Nsi Yɛ Asɛnka Adwuma No?” bɛma yɛanya mmuaeɛ no bi.

Sɛ wosusu nsɛm a ɛwɔ adaka no mu ho a, ɛbɛka wo ma woakɔ so de nsi aka asɛm no. Wobɛtumi nso atwerɛtwerɛ Bible mu nsɛm foforɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde nsi ka asɛm no. Sɛ wowie a, dwendwene nea woatwerɛtwerɛ no ho. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma woatumi ayɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu.

YƐ KRADO SƐ WOBƐSƆ BIRIBI FOFORƆ AHWƐ

Yehowa ahyehyɛdeɛ no ma yɛn nyansahyɛ a ɛbɛma yɛatumi ayɛ asɛnka adwuma no yie berɛ nyinaa. Afie afie asɛnka akyi no, yɛbɛtumi nso atwerɛ nkrataa de adi adanseɛ. Yɛbɛtumi ayɛ tɛlɛfon so adansedie, aka asɛm no wɔ abɔnten so anaa badwam. Afei nso, yɛbɛtumi adi obiara a yɛhyia no no adanseɛ anaa yɛbɛtumi adi nkurɔfo adanseɛ wɔ wɔn adwuma mu. Ebi nso a, yɛbɛtumi ayɛ nhyehyɛeɛ akɔka asɛm no wɔ baabi a Adansefo nnɔɔso anaa ebi nni hɔ koraa.

Woayɛ krado sɛ wobɛsɔ biribi foforɔ ahwɛ? Nnipa pii de nyansahyɛ yi ayɛ adwuma ma ayɛ yie. Yɛnhwɛ nhwɛso mmiɛnsa yi.

Onuawa bi a ne din de April yɛɛ sɛ ɔde nyansahyɛ ahodoɔ a ɛwɔ Ahenni Som mu no mu baako bɛyɛ adwuma. Na ɛfa sɛnea yɛfiri Bible adesua ase ho. Ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ nnipa mmiɛnsa wɔ n’adwuma mu. Nnipa mmiɛnsa no nyinaa penee so sɛ wɔbɛsua Bible no, na wɔfirii aseɛ kɔɔ asafo nhyiam nso. Wei yɛɛ April nwanwa, na ɛmaa n’ani gyee kɛse.

Nkurɔfo ani gye nsɛm pɔtee bi a ɛpue yɛn nsɛmma nwoma mu ho, na asafo no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnhwehwɛ wɔn. Ɔmansin sohwɛfo bi a ɔwɔ United States de Nyan! mu asɛm bi a ɛfa kar tae ho kɔmaa sotɔɔ a wɔtɔn tae mu mpanimfo wɔ beaeɛ bi. Ɔne ne yere nso de asɛm “Understanding Your Doctor” (Wo Duruyɛfo a Wobɛte No Ase) kɔmaa adɔkotafo bɛboro 100. Ɔkaa sɛ saa nsrahwɛ yi aboa nkurɔfoɔ ma wɔahu sɛnea yɛn asɛnka adwuma no teɛ. Saa ara na ama wɔahu yɛn nwoma no so mfasoɔ. Berɛ a ɔmansin sohwɛfo no ne ne yere huu asasesin no mu nnipa yie no, wɔtumi yɛɛ sankɔhwɛ pii.

Onuawa bi a ne din de Judy twerɛɛ krataa kɔɔ asafo no ti. Ɔkaa sɛ n’ani asɔ nkuranhyɛ a wɔde maa sɛ yɛnni adanseɛ wɔ tɛlɛfon so no. Ɔtwerɛɛ sɛ ne maame adi mfeɛ 86, na yareɛ pii ha no, nanso ɔtaa di nkurɔfo adanseɛ wɔ tɛlɛfon so. Ɛno nti, ɔne ɔbaa bi a wadi mfeɛ 92 firii aseɛ suaa Bible!

Nyansahyɛ a ɛwɔ yɛn nwoma ahodoɔ mu no yɛ adwuma paa. Enti sɔ hwɛ! Ɛbɛtumi aboa wo ma woakɔ so de nsi ayɛ asɛnka adwuma no ma w’ani agye.

FA BOTAE A WOBƐTUMI ADURU HO SISI W’ANI SO

Dɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no yie? Ɛnyɛ nwoma dodoɔ a yɛde ma nkurɔfo, Bible adesua dodoɔ a yɛyɛ, anaa nnipa dodoɔ a yɛboa wɔn ma wɔbɛyɛ Yehowa Adansefo ne asɛm no. Momma yɛnhwɛ Noa sei. Noa abusua a ɔboaa wɔn ma wɔbɛyɛɛ Yehowa asomfo akyi no, biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ afoforɔ tiee no. Nanso, yɛbɛtumi aka sɛ ɔyɛɛ asɛnka adwuma no yie. Nea ɛhia ne sɛ yɛbɛsom Yehowa nokorɛ mu.1 Korintofoɔ 4:2.

Adawurubɔfo pii ahu sɛ, sɛ wɔde botae a wɔbɛtumi aduru ho sisi wɔn ani so a, ɛbɛma wɔn ani agye asɛnka adwuma no mu. Dɛn ne saa botae no bi? Wobɛhu bi wɔ adaka a wɔato din “Fa Botae a Wobɛtumi Aduru Ho Sisi W’ani So” mu.

Srɛ Yehowa na ɔmmoa wo mma w’asɛnka adwuma no nso aba. Sɛ woduru wo botae ho a, wo koma bɛtɔ wo yam ɛfiri sɛ wonim sɛ woreyɛ nea wobɛtumi nyinaa de aka asɛmpa no.

Ɛyɛ nokorɛ sɛ ɛtɔ da bi a wobɛhyia nsɛnnennen wɔ asɛnka mu. Nanso nneɛma bi wɔ hɔ a ɛbɛtumi aboa wo ma wode nsi ayɛ asɛnka adwuma no. Sɛ wo ne obi nam asɛnka mu a, mommɔ nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran, sua adeɛ yie, fa nyansahyɛ ahodoɔ a akoa nokwafo ne ɔbadwemma no de ma no yɛ adwuma, na fa botae a wobɛtumi aduru ho sisi w’ani so. Nea ɛsene ne nyinaa no, kae sɛ Yehowa Nyankopɔn adi wo ni sɛ woanya hokwan reka asɛmpa no bi sɛ ne Dansefo. (Yesaia 43:10) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wokɔ so de nsi yɛ asɛnka adwuma no a, wobɛnya anigyeɛ kɛseɛ!