Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Suasua Yesu Ahobrɛaseɛ ne N’ayamhyehyeɛ

Suasua Yesu Ahobrɛaseɛ ne N’ayamhyehyeɛ

“Kristo mpo hunuu amane maa mo, na ɔgyaa mo nhwɛsoɔ sɛ monni n’anammɔn akyi pɛɛ.”1 PETRO 2:21.

1. Adɛn nti na yɛsuasua Yesu a, ɛka yɛn bɛn Yehowa?

SƐ YƐPƐ obi asɛm a, yɛtaa suasua no. Sɛ yɛhwɛ nnipa a wɔatena ase nyinaa a, Yesu Kristo paa na ɛsɛ sɛ yɛsuasua no. Adɛn ntia? Berɛ bi Yesu kaa sɛ: “Deɛ wahu me no ahunu Agya no nso.” (Yohane 14:9) Wei te saa, ɛfiri sɛ Yesu suasua n’Agya suban pɛpɛɛpɛ. Enti sɛ yɛsua Yesu ho ade a, na yɛresua Yehowa ho ade ara ne sa. Sɛ yɛsuasua Yesu a, ɛka yɛn bɛn Yehowa, otumfoɔ Pumpuni no. Hwɛ hokwan kɛseɛ ara a yɛanya!

2, 3. (a) Adɛn nti na Yehowa kaa Yesu asetena ho nsɛm pii kyerɛɛ yɛn? Deɛn na Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ? (b) Deɛn na yɛbɛsusu ho wɔ adesua yi ne nea ɛdi hɔ no mu?

2 Yehowa aka Yesu asetena ho nsɛm pii akyerɛ yɛn wɔ Bible mu. Adɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ yɛhu ne Ba no na yɛatumi asuasua no yie. (Kenkan 1 Petro 2:21.) Sɛ yɛhwɛ Bible mu a, yɛhu sɛ wɔde nhwɛsoɔ a Yesu yɛ maa yɛn no toto anammɔn ho. Ɛno kyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛdi ne Ba no anammɔn akyi, na yɛsuasua biribiara a Yesu yɛeɛ. Ɛwom, na Yesu yɛ pɛ, nanso Yehowa nim sɛ yɛrentumi nsuasua ne Ba no pɛpɛɛpɛ. Mmom, Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ nea yɛbɛtumi biara suasua Yesu.

3 Momma yɛnhwɛ Yesu suban fɛfɛ no bi. Yɛbɛsusu Yesu ahobrɛaseɛ ne n’ayamhyehyeɛ ho wɔ adesua yi mu. Adesua a ɛdi hɔ no, yɛbɛhwɛ sɛnea ɔdaa akokoɔduro ne nhunumu adi. Yɛfa su biara a, ɛbɛma yɛanya nsɛmmisa mmiɛnsa yi ho mmuaeɛ: Dɛn na saa su no kyerɛ? Dɛn na Yesu yɛ de daa saa su no adi? Yɛbɛyɛ dɛn asuasua no?

YESU WƆ AHOBRƐASEƐ

4. Deɛn na ɛkyerɛ sɛ obi wɔ ahobrɛaseɛ?

4 Dɛn ne ahobrɛaseɛ? Nnipa pii yɛ ahomasoɔ na wɔdwene sɛ, sɛ obi brɛ ne ho ase a, ɔyɛ mmerɛ anaa ɔyɛ ohufo. Nanso, ɛyɛ nokorɛ saa? Ɛgye animia ne akokoɔduro na yɛatumi ada ahobrɛaseɛ adi. Sɛ obi wɔ ahobrɛaseɛ a, ɛkyerɛ sɛ ɔnyɛ ahantan anaa ahomasoɔ. Sɛ yɛbɛtumi abrɛ yɛn ho ase a, nea ɛdi kan no, ɛnsɛ sɛ yɛbu yɛn ho tra so. Nwoma bi a ɛkyerɛ Bible mu nsɛm ase ka sɛ: “Sɛ yɛwɔ ahobrɛaseɛ a, ɛma yɛhu sɛ yɛba fam koraa wɔ Onyankopɔn ani so.” Bio nso, sɛ yɛwɔ ahobrɛaseɛ a, yɛrennya adwene sɛ yɛn ho hia kyɛn afoforɔ. (Romafoɔ 12:3; Filipifoɔ 2:3) Esiane sɛ nnipa tɔ sin nti, ɛnyɛ mmerɛ sɛ yɛbɛda ahobrɛaseɛ adi. Sɛ yɛgye tom sɛ Yehowa ne Opumpuni no na yɛdwendwene ho suasua Yesu a, ɛbɛma yɛabrɛ yɛn ho ase.

Sɛ yɛwɔ ahobrɛaseɛ a, yɛrennya adwene sɛ yɛn ho hia kyɛn afoforɔ

5, 6. (a) Hwan ne ɔbɔfo panin Mikael? (b) Ɛdeɛn na Mikael yɛeɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ahobrɛaseɛ?

5 Deɛn na Yesu yɛ de kyerɛɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase? Ɛnyɛ nnɛ na Onyankopɔn Ba no fii aseɛ daa ahobrɛaseɛ adi. Ɔyɛɛ saa berɛ a na ɔyɛ ɔbɔfo tumfoɔ wɔ soro ne berɛ a ɔbaa asase so sɛ onipa a ɔyɛ pɛ no. Ma yɛnhwɛ ɛho nhwɛsoɔ kakra.

6 Ne suban. Sɛ yɛhwɛ Bible mu a, yɛhu asetena a na Yesu wom ansa na ɔreba asase so no ho asɛm wɔ Yuda nwoma no mu. (Kenkan Yuda 9.) Berɛ a Yesu yɛ ɔbɔfo panin Mikael no, ɔne ‘Ɔbonsam dii akameakame ne anobaabaeɛ’ wɔ “Mose amu ho.” Mose wuiɛ no, Yehowa siee no wɔ baabi a onipa biara renhu ne funu. (Deuteronomium 34:5, 6) Gyama na Ɔbonsam pɛ sɛ Israelfo som Mose amu no, nanso na wei yɛ atorɔ som. Adebɔne biara a na Ɔbonsam pɛ sɛ ɔyɛ no, Mikael nyaa akokoɔduro sii no kwan. Nwoma bi ka sɛ wɔtumi de asɛm “redi akameakame” ne “anobaabaeɛ” kyerɛ sɛnea “wɔredi asɛm,” na ɛbɛtumi akyerɛ sɛ “Mikael ‘kaa sɛ Ɔbonsam nni hokwan’ sɛ ɔfa Mose amu.” Nanso na ɔbɔfo panin no nim sɛ ɛnni ne tumi mu sɛ ɔbɛbu atɛn; na ɔnim sɛ Yehowa ne Ɔtemmufo Pumpuni no, na ɔno nko ara na ɔwɔ tumi sɛ ɔbu Satan atɛn. Enti ɔdanee asɛm no maa Yehowa. Wei nyinaa kyerɛ sɛ na Yesu wɔ ahobrɛaseɛ paa!

Yesu brɛɛ ne ho ase yɛɛ biribiara a Yehowa kaa sɛ ɔnyɛ. Ɔyɛɛ saa “kɔsii owuo mu”

7. Ɔkwan bɛn so na Yesu de ne kasa ne ne nneyɛɛ kyerɛɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase?

7 Berɛ a Yesu wɔ asase so no, ɔde ne kasa ne ne nneyɛɛ kyerɛɛ sɛ ɔwɔ ahobrɛaseɛ. Ne kasa. Yesu anhwɛ kwan sɛ afoforɔ bɛhoahoa no. Mmom na ɔpɛ sɛ wɔde anuonyam no nyinaa ma Yehowa. (Marko 10:17, 18; Yohane 7:16) Sɛnea Yesu ne n’asuafo kasaeɛ no, amma wɔante nka sɛ wɔnnim nyansa anaa wɔyɛ mpapahwekwaa. Mmom na obu wɔn, na na ɔgye wɔn di, na sɛ ɔhu adepa wɔ wɔn ho a, ɔkamfo wɔn. (Luka 22:31, 32; Yohane 1:47) Ne nneyɛɛ. Yesu anhwehwɛ asetena mu nneɛma bebree, mmom ɔyɛɛ ne ho awiɛmfoɔ. (Mateo 8:20) Ɔyii ne yam yɛɛ adwuma a na afoforɔ mpɛ sɛ wɔyɛ. (Yohane 13:3-15) Afei nso ɔyɛɛ ɔsetie de kyerɛɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase paa. (Kenkan Filipifoɔ 2:5-8.) Yesu anyɛ n’adeɛ sɛ ahantanfo a wɔmpɛ sɛ wɔtie afoforɔ no, mmom ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ biribiara a Yehowa kaa sɛ ɔnyɛ. Ɔyɛɛ saa “kɔsii owuo mu.” Yɛhu pefee sɛ na Yesu, onipa Ba no, ‘brɛ ne ho ase akoma mu.’Mateo 11:29.

SUASUA YESU AHOBRƐASEƐ

8, 9. Yɛbɛyɛ dɛn ada ahobrɛaseɛ adi?

8 Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu ahobrɛaseɛ? Yɛn suban. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛbɛhu sɛ ɛnyɛ biribiara na yɛwɔ so tumi. Enti yɛnim sɛ yɛnni hokwan sɛ yɛbu afoforɔ atɛn. Yɛrenkasa ntia wɔn, na yɛrennya wɔn ho adwemmɔne nso. (Luka 6:37; Yakobo 4:12) Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛremmu yɛn ho ‘ateneneefoɔ dodo.’ Wei kyerɛ sɛ, sɛ yɛwɔ ɔdom akyɛdeɛ anaa ɔsom hokwan bi a, ɛnsɛ sɛ yɛnya adwene sɛ yɛn ho hia sene afoforɔ. (Ɔsɛnkafoɔ 7:16) Sɛ asafo mu mpanimfo wɔ ahobrɛaseɛ a, ɛremma wɔn adwenem da sɛ wɔn ho hia sene wɔn nuanom Kristofo. Ahwɛfo yi mmu wɔn ho sɛ wɔn ho hia sene afoforɔ, mmom ‘wɔbu afoforɔ sɛ wɔkyɛn wɔn.’Filipifoɔ 2:3; Luka 9:48.

9 Yɛnhwɛ W. J. Thorn asɛm yi. Ɔfirii aseɛ somee sɛ ɔmansin sohwɛfo afe 1894. Mfeɛ pii akyi no, wɔfrɛɛ no kɔɔ Betel. Wɔma ɔkɔhwɛɛ nkokɔ so wɔ Kingdom Farm a ɛwɔ New York no. Berɛ biara a Onua Thorn bɛnya adwene sɛ adwuma no mfata no no, na ɔka kyerɛ ne ho sɛ: “Mfuturo te sɛ wo. Wo ne hwan a worema wo ho so?” (Kenkan Yesaia 40:12-15.) Wei kyerɛ sɛ na ɔwɔ ahobrɛaseɛ paa!

10. Yɛbɛyɛ dɛn ada ahobrɛaseɛ adi wɔ yɛn kasa ne yɛn nneyɛɛ mu?

10 Yɛn Kasa. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase paa a, ɛbɛda adi wɔ sɛnea yɛkasa kyerɛ afoforɔ mu. (Luka 6:45) Sɛ yɛne afoforɔ rekasa a, yɛrentwe adwene nsi ɔsom hokwan a yɛwɔ so, na saa ara nso na yɛrentwe adwene nsi nneɛma a yɛatumi ayɛ so. (Mmebusɛm 27:2) Mmom, sɛ yɛn nuanom mmarima ne mmaa yɛ nneɛma pa bi a, yɛbɛkamfo wɔn na yɛde yɛn adwene asi suban pa ne ɔdom akyɛde a wɔwɔ so. (Mmebusɛm 15:23) Yɛn nneyɛɛ. Sɛ Kristoni wɔ ahobrɛaseɛ a, ɔrempere nhwehwɛ din wɔ wiase yi mu, na saa ara nso na ɔrempere sɛ ɔbɛyɛ nipa kɛseɛ. Mmom, ɔbɛtwitwa nneɛma so wɔ n’asetenam, na wayɛ adwuma a ɛba fam, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi asom Yehowa yie. (1 Timoteo 6:6, 8) Nea ɛsene saa no, yɛbɛyɛ ɔsetie de akyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na ama yɛatumi ‘ayɛ ɔsetie ama wɔn a wɔdi yɛn anim’ wɔ asafo no mu no. Ɛno nso bɛboa yɛn ma yɛagye akwankyerɛ a Yehowa ahyehyɛdeɛ no de ma yɛn no atom na yɛde ayɛ adwuma.Hebrifoɔ 13:17.

YESU WƆ AYAMHYEHYEƐ

11. Deɛn ne ayamhyehyeɛ?

11 Deɛn ne ayamhyehyeɛ? Asɛmfua “ayamhyehyeɛ” kyerɛ sɛ obi dwo na ɔdwene afoforɔ ho. Sɛ obi wɔ ayamhyehyeɛ a, ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ, na ɔwɔ tema ne mmɔborɔhunu nso. Bible de nsɛmfua “mmɔborɔhunu,” “ahummɔborɔ,” ne “ayamhyehyeɛ” taa di dwuma. (Luka 1:78; 2 Korintofoɔ 1:3; Filipifoɔ 1:8) Nwoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm mu ka sɛ, sɛ obi wɔ ayamhyehyeɛ a ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ara ne sɛ nkurɔfo asɛm yɛ no mmɔbɔ. Mmom, ɛkyerɛ sɛ “ɔdwene afoforɔ ho na ɔyɛ biribi de boa wɔn” ma wɔn asetena yɛ yie. Ayamhyehyeɛ yɛ suban a ɛkanyan obi ma ɔboa afoforɔ ma wɔn asetena tu mpɔn.

12. Deɛn na ɛkyerɛ sɛ na Yesu wɔ ayamhyehyeɛ ma nkurɔfo? Deɛn na ayamhyehyeɛ kaa no ma ɔyɛeɛ?

12 Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛɛ sɛ ɔwɔ ayamhyehyeɛ? Sɛnea ɔtee nka maa nkurɔfo ne nea ɔyɛ de boaa wɔn. Yesu yam hyehyee no maa nkurɔfo. Berɛ a Lasaro wuiɛ a Yesu huu sɛ Maria ne afoforɔ resu no, ɔno nso suu bi. (Kenkan Yohane 11:32-35.) Berɛ bi ayamhyehyeɛ kaa Yesu ma ɔnyanee okunafo bi babarima. Saa ayamhyehyeɛ korɔ yi ara na ɛkaa no ma ɔnyanee Lasaro. (Luka 7:11-15; Yohane 11:38-44) Owusɔreɛ yi maa Lasaro nyaa anidasoɔ sɛ ɔbɛkɔ soro. Ansa na Yesu renyane Lasaro no, na wada “ayamhyehyeɛ” adi akyerɛ nnipadɔm bi a wɔbaa ne nkyɛn. Saa ayamhyehyeɛ no ara na ɛkaa no ma ‘ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.” (Marko 6:34) Adeɛ a Yesu yɛeɛ yi sesaa wɔn a wɔtiee ne nkyerɛkyerɛ no abrabɔ! Ayamhyehyeɛ a Yesu daa no adi no nkyerɛ sɛ na nkurɔfo yɛ no mmɔbɔ kɛkɛ. Mmom ɛkaa no ma ɔyɛɛ biribi de boaa nkurɔfo a wɔhia mmoa.Mateo 15:32-38; 20:29-34; Marko 1:40-42.

13. Ɔkwan bɛn so na Yesu kasa kyerɛɛ nkurɔfo maa wɔn akoma tɔɔ wɔn yam? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiaseɛ no.)

13 N’anom nsɛm ma akomatɔyam. Ayamhyehyeɛ a Yesu wɔ nti, na ɔka nsɛm ma nkurɔfo akoma tɔ wɔn yam, ɛnkanka, wɔn a wɔhyɛ wɔn so. Ɔsomafo Mateo faa Yesaia nwoma no mu nsɛm bi kaeɛ. Ɔka faa Yesu ho sɛ: “Ɔremmu demmire a abuka biara mu, na ɔrennum ntomaban biara a ayɛ wisiwisi.” (Yesaia 42:3; Mateo 12:20) Wei kyerɛ sɛn? Yesu anyɛ nkurɔfo basabasa, na wansisi wɔn. Mmom, ɔkaa nsɛm a ɛbɛma wɔn akoma atɔ wɔn yam. Ɔkaa anidasoɔ nsɛm kyerɛɛ wɔn a wɔn ‘akoma abubuo.’ (Yesaia 61:1) Ɔka kyerɛɛ nkurɔfo a ‘wɔabrɛ na wɔde nnesoa asoa wɔn’ no sɛ wɔmmra ne nkyɛn na wɔbɛnya ‘ɔhome.’ (Mateo 11:28-30) Ɔmaa n’asuafo no awerɛhyem sɛ Onyankopɔn wɔ ayamhyehyeɛ ma n’asomfo nyinaa; wɔn a wiase no bu wɔn sɛ mpapahwekwaa anaa “nkumaa” no nso ka ho.Mateo 18:12-14; Luka 12:6, 7.

SUASUA AYAMHYEHYEƐ A YESU WƆ NO BI

14. Yɛbɛyɛ dɛn anya ayamhyehyeɛ ama afoforɔ?

14 Yɛbɛyɛ dɛn asuasua ayamhyehyeɛ a Yesu wɔ no bi. Ayamhyehyeɛ a yɛbɛnya. Sɛ mpo ɛnyɛ mmerɛ mma yɛn sɛ yɛbɛda “ayamhyehyeɛ” adi a, Bible ka kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ saa. Saa suban yi ka “nipasu foforɔ” no ho, na Yehowa pɛ sɛ Kristofo nyinaa nya bi. (Kenkan Kolosefoɔ 3:9, 10, 12.) Wobɛyɛ dɛn ada ayamhyehyeɛ adi? Bible ka sɛ: “Montrɛ mo akomam.” (2 Korintofoɔ 6:11-13) Sɛ obi ka nea ɛda n’akoma so anaa nea ɛha no kyerɛ wo a, yɛ aso tie no yie. (Yakobo 1:19) Dwene asɛm no ho na bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ ɛyɛ me a, anka mɛte nka sɛn? Anka dɛn na mɛpɛ sɛ ɔyɛ ma me?’1 Petro 3:8.

15. Ɛdeɛn na yɛbɛtumi ayɛ de aboa wɔn a wɔredi awerɛhoɔ anaa wɔrehu amane?

15 Yɛn nneyɛɛ ma nkurɔfo akoma tɔ wɔn yam. Sɛ yɛwɔ ayamhyehyeɛ a, ɛbɛka yɛn ma yɛaboa afoforɔ, ɛnkanka wɔn a wɔredi awerɛhoɔ ne wɔn a wɔrehu amanne. Yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn? Romafoɔ 12:15 ka sɛ: “Mo ne wɔn a wɔsu nsu.” Mpɛn pii no, nkurɔfo hia awerɛkyekye sene sɛ yɛbɛkyerɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Wɔhia obi a ɔdwene wɔn ho a ɔbɛyɛ aso atie wɔn. Berɛ bi onuawa bi ba wuiɛ, na anuanom kɔkyekyee ne werɛ. Ɔkaa sɛ: “Berɛ a anuanom baeɛ na wɔbɛsu boaa me no, m’ani sɔeɛ paa.” Sɛ yɛn nso yɛyɛ nneɛma bi ma afoforɔ a, wɔbɛhu sɛ yɛwɔ ayamhyehyeɛ ma wɔn. Ebia nneɛma bi asɛe wɔ okunafo bi fie a ɔhia obi a ɔbɛsiesie ama no. Anaasɛ ebia ɛhia sɛ obi kɔfa Kristoni bi a ne mfeɛ akɔ anim kɔ adesua, asɛnka, anaa ɔkɔhu dɔkota. Adeɛ ketewaa bi a wobɛyɛ ama obi no bɛtumi aboa no paa. (1 Yohane 3:17, 18) Adeɛ foforɔ a ɛkyerɛ paa sɛ yɛwɔ ayamhyehyeɛ ne sɛ yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ afoforɔ. Wei ne ɔkwan a ɛsene biara a yɛbɛtumi afa so aboa nnipa a wɔwɔ akoma pa!

Wodwene wo nuanom ho ankasa? (Hwɛ nkyekyɛm 15)

16. Deɛn na yɛbɛtumi aka de ahyɛ wɔn a wɔabotoɔ nkuran?

16 Yɛn kasa a ɛka akoma. Sɛ yɛwɔ ayamhyehyeɛ a, ɛbɛka yɛn ma ‘yɛakyekye akra a wɔabotoɔ werɛ.’ (1 Tesalonikafoɔ 5:14) Asɛm bɛn na yɛbɛtumi aka de ahyɛ wɔn nkuran? Yɛbɛtumi aka akyerɛ wɔn sɛ yɛdwene wɔn ho paa. Yɛbɛtumi akamfo wɔn na yɛaboa wɔn ma wɔahu sɛ wɔwɔ suban pa ne ɔdom akyɛdeɛ pii. Bio, yɛbɛtumi akae wɔn sɛ Yehowa na waboa wɔn ma wɔahu nokorɛ no, enti wɔsom bo ma no. (Yohane 6:44) Yɛbɛtumi ama wɔn awerɛhyem sɛ Yehowa dwene n’asomfo ho, ɛnkanka wɔn a “wɔn akoma abubuo” anaa “wɔn honhom abotoɔ” no. (Dwom 34:18) Sɛ yɛkasa ma nkurɔfo akoma tɔ wɔn yam a, ɛbɛkyekye wɔn werɛ paa.Mmebusɛm 16:24.

17, 18. (a) Sɛn na Yehowa pɛ sɛ asafo mu mpanimfo hwɛ ne nnwan? (b) Deɛn na yɛbɛsua wɔ asɛm a ɛdi hɔ no mu?

17 Asafo mu mpanimfo, Yehowa pɛ sɛ moyɛ ne nnwan brɛbrɛ. (Asomafoɔ Nnwuma 20:28, 29) Monkae sɛ, ɛyɛ mo adwuma sɛ mokyerɛkyerɛ nnwan no, mohyɛ wɔn nkuran, na moma wɔn akoma tɔ wɔn yam. (Yesaia 32:1, 2; 1 Petro 5:2-4) Enti, ɔpanin a ɔwɔ ayamhyehyeɛ renyɛ biribiara a ɛbɛkyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔhyɛ ne nuanom so, kyerɛ sɛ, ɔrenhyehyɛ mmara mma wɔn, na saa ara nso na ɔrenyɛ biribi a ɛbɛhyɛ ne nuanom aniwuo ma wɔayɛ biribi a ɛboro wɔn ahoɔden so. Mmom no, ɔpanin biara pɛ sɛ ne nuanom ani gye ankasa, na ɔwɔ awerɛhyem sɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa no bɛka wɔn ma wɔayɛ nea wɔbɛtumi biara wɔ ne som mu.Mateo 22:37.

18 Sɛ yɛdwendwene Yesu ahobrɛaseɛ ne n’ayamhyehyeɛ ho a, ɛbɛka yɛn ma yɛasuasua no. Adesua a ɛdi hɔ no, yɛbɛsua sɛnea Yesu daa akokoɔduro ne nhunumu adi.