Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔsiesiee Amanaman no Maa “Yehowa Nkyerɛkyerɛ”

Wɔsiesiee Amanaman no Maa “Yehowa Nkyerɛkyerɛ”

‘Amrado no bɛyɛɛ gyidini, ɛfiri sɛ Yehowa nkyerɛkyerɛ no maa ne ho dwirii no.’ASOMAFOƆ NNWUMA 13:12.

1-3. Adɛn nti na na ɛnyɛ mmerɛ mma Yesu asuafo no sɛ wɔbɛka asɛmpa no wɔ “amanaman nyinaa” mu?

YESU KRISTO de adwuma kɛseɛ bi hyɛɛ n’akyidifo nsa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ‘wɔnkɔyɛ aman nyinaa n’asuafoɔ.’ Ná ɛhia sɛ wɔka “ahennie ho asɛmpa” no kyerɛ nkurɔfo ‘wɔ asase so nyinaa de di amanaman nyinaa adanseɛ.’Mateo 24:14; 28:19.

2 Ná asuafo no dɔ Yesu, na na wɔn ani gye asɛmpa no ho. Nanso, ɛbɛyɛ sɛ wɔbisae sɛ, ‘Yɛbɛyɛ dɛn adi Yesu ahyɛdeɛ no so?’ Nea ɛdi kan koraa no, na wɔnnɔɔso. Bio, na nkurɔfo nim sɛ wɔaku Yesu, nanso na wɔrekyerɛkyerɛ nkurɔfo sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba. Afei nso, na nnipa pii susu sɛ asuafo no yɛ “nnipa a wɔnsuaa nwoma na wɔyɛ mpapahwekwaa.” (Asomafoɔ Nnwuma 4:13) Yudafo nyamesom akannifo no deɛ, na wɔakɔ asɔfodie sukuu, nanso na asuafo no nkɔɔ sukuu biara. Ná ɛsono asɛm a asuafo no reka, ɛnna ɛsono Yudafo atetesɛm a nyamesom akannifo no de akyerɛkyerɛ mfeɛ pii no. Esiane sɛ na nnipa mmu asuafo no wɔ Israel nti, na asuafo no ntumi nhu sɛ Roma Ahemman no mu nnipa bɛtie wɔn anaa.

3 Ná Yesu abɔ n’asuafo no kɔkɔ sɛ nnipa bɛtan wɔn na wɔadi wɔn ani, na wɔbɛku wɔn mu binom mpo. (Luka 21:16, 17) Wɔn nnamfo ne wɔn abusuafo nso bɛyi wɔn ama. Ná ebinom bɛfrɛ wɔn ho Kristo asuafo, nanso na wɔbɛkyerɛkyerɛ atosɛm. Ná asuafo no bɛka asɛm no wɔ baabi a nsɛmmɔnedie ne awudisɛm ahyɛ hɔ mã. (Mateo 24:10-12) Ná wɔbɛyɛ dɛn aka asɛm no “akɔ asase ano nohoa”? (Asomafoɔ Nnwuma 1:8) Ɛbɛyɛ na sɛ asuafo no redwendwene ho sɛ, wɔbɛyɛ dɛn aka asɛm no wɔ saa amanehunu yi mu?

4. Deɛn na ɛfirii asɛnka adwuma no mu baeɛ?

4 Ɛwom sɛ na asuafo no nim sɛ adwuma no bɛyɛ den deɛ, nanso wɔdii Yesu ahyɛdeɛ no so kaa asɛm no wɔ Yerusalem, Samaria, ne aman foforɔ so. Bɛyɛ mfeɛ 30 akyi no, na wɔatutu akwan akɔ mmeae pii. Enti ɔsomafo Paulo tumi kaa sɛ ‘wɔaka asɛm no wɔ abɔdeɛ a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa mu.’ Wei maa nnipa a wɔfiri aman pii mu bɛyɛɛ asuafo. (Kolosefoɔ 1:6, 23) Nhwɛsoɔ bi ni: Berɛ a Paulo kaa asɛm no wɔ Kipro supɔ so no, Roma amrado no mpo bɛyɛɛ osuani ɛfiri sɛ “Yehowa nkyerɛkyerɛ no maa ne ho dwirii no.”Kenkan Asomafoɔ Nnwuma 13:6-12.

Yesu hyɛɛ n’asuafo no bɔ sɛ ɔbɛka wɔn ho na honhom kronkron bɛboa wɔn ma wɔaka asɛm no

5. (a) Ɛbɔ bɛn na Yesu hyɛɛ n’asuafo no? (b) Dɛn na abakɔsɛm nwoma bi ka fa mfeɛ 2,000 a atwam no ho?

5 Ná asuafo no nim sɛ wɔn ankasa ahoɔden ntumi mma wɔnka asɛm no wɔ asase so nyinaa. Ná wɔnim nso sɛ Yesu ahyɛ wɔn bɔ sɛ ɔbɛka wɔn ho na honhom kronkron bɛboa wɔn. (Mateo 28:20) Ɛbɛtumi aba sɛ nneɛma a ɛkɔɔ so saa berɛ no nso boaa asuafo no. Abakɔsɛm nwoma bi ka sɛ na mfeɛ 2,000 a atwam no yɛ berɛ pa a Kristofo bɛtumi aka asɛm no. Akyire yi Kristofo no huu sɛ Onyankopɔn abue kwan ama wɔn.

6. (a) Dɛn na yɛbɛhwɛ wɔ adesua yi mu? (b) Dɛn na yɛbɛsusu ho wɔ adesua a ɛdi hɔ no mu?

6 Enti Yehowa de ne ho gyee wiase nsɛm mu wɔ asomafo no berɛ so sɛnea ɛbɛyɛ a Kristofo bɛnya kwan aka asɛmpa no? Bible nka biribiara saa. Nanso yɛnim sɛ, na Yehowa pɛ sɛ ne nkurɔfo ka asɛmpa no, na Satan antumi ansi wɔn kwan. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma bi a ɛkɔɔ so wɔ asomafo no berɛ so a yɛbɛtumi aka sɛ ɛma ɛyɛɛ mmerɛ sɛ asuafo no bɛka asɛmpa no. Adesua a ɛdi hɔ mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma bi a aboa yɛn nnansa yi ma yɛatumi aka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa.

ROMA ASOMDWOEƐ

7. Deɛn ne Roma Asomdwoeɛ no, na dɛn na ɛma saa berɛ no yɛ soronko wɔ mmerɛ foforɔ ho?

7 Asomafo no berɛ so no, ɛsiane asomdwoeɛ a na ɛwɔ Roma Ahemman no mu nti, ɛyɛɛ mmerɛ maa asuafo no sɛ wɔbɛka asɛmpa no. Ná wɔfrɛ saa berɛ no Roma Asomdwoeɛ anaa Pax Romana wɔ Latin kasa mu. Saa berɛ no, Roma aban no amma kwan amma obiara ante atua. Nanso, ɛtɔ da bi a na akokoakoko sisi sɛnea na Yesu ahyɛ nkɔm no. (Mateo 24:6) Romafo no sɛee Yerusalem afe 70, na wɔdii ako nketewa wɔ mmeae bi a ɛbɛn ahemman no ahyeɛ so. Nanso, na asomdwoeɛ wɔ ahemman no fã kɛseɛ no ara, na wei ma ɛyɛɛ mmerɛ sɛ asuafo no bɛtutu akwan akɔka asɛm no. Saa asomdwoeɛ berɛ yi dii bɛyɛ mfeɛ 200. Nwoma bi ka sɛ ɛmmaa da wɔ nnipa asetenam sɛ nnipa pii bɛnya asomdwoeɛ berɛ tenten saa.

8. Asomdwoeɛ a ɛbaa Roma ahemman mu no boaa asuafo no sɛn?

8 Kristo awoɔ akyi bɛyɛ mfeɛ 250 no, nwomanimfo bi a ne din de Origen twerɛɛ saa asomdwoeɛ berɛ yi ho asɛm. Ɔkaa sɛ ɛsiane sɛ na aman pii hyɛ Romafo no ase nti, anyɛ den amma asuafo no sɛ wɔbɛka asɛm no wɔ saa aman no nyinaa mu. Nkurɔfo anko amma wɔn man, mmom na wɔtete wɔn nkuraase asomdwoeɛ mu. Enti Origen susuu sɛ wei na ɛmaa nnipa pii nyaa hokwan tiee ɔdɔ ne asomdwoeɛ ho asɛm a na asuafo no reka no. Ɛwom sɛ asuafo no hyiaa ɔtaa deɛ, nanso wɔde asomdwoeɛ berɛ no dii dwuma yie kaa asɛmpa no wɔ baabiara.Kenkan Romafoɔ 12:18-21.

AKWANTUO YƐƐ MMERƐ

9, 10. Nneɛma bɛn na ɛmaa akwantuo yɛɛ mmerɛ maa asuafo no?

9 Romafo yiyii akwan a ne tenten bɛboro kilomita 80,000 wɔ ahemman no mu nyinaa. Ná saa akwan no boa Roma asraafo a wɔyɛ den no ma wɔtumi yɛ ntɛm kɔ baabiara kɔko de bɔ wɔn nsase ho ban. Wei ma wɔkɔɔ so dii aman a wɔhyɛ wɔn ase no so. Wɔyiyii akwan yi too kwaeɛ ne mmepɔ mu ne anweatam so, na Kristofoɔ faa so kɔkaa asɛm no wɔ mmeae pii.

Akwan a Romafo yiyiiɛ no ma ɛyɛɛ mmerɛ maa asuafo no sɛ wɔbɛka asɛm no wɔ mmeae pii

10 Akwan a Romafo yiyii akyi no, na wɔde po so ahyɛn nso tutu akwan. Wɔfaa nsubɔnten, nsuka, ne ɛpo so kɔɔ ahemman no mu baabiara. Nokwasɛm ne sɛ, na Romafo no wɔ po so akwan bɛboro 900. Enti na Kristofo nso tumi de ahyɛn tutu akwan kɔ mmeae pii. Ná wɔnhia akwantuo tumi krataa biara ansa na wɔakɔ ɔman foforɔ so. Afei nso, na nkurɔfo nim sɛ Romafo twe nsɛmmɔnedifo aso paa, enti na akwanmukafo nnɔɔso wɔ akwan so. Saa ara nso na na Roma asraafo ahyɛn nenam po so, enti na akwantufo nsuro sɛ akorɔmfo bɛto ahyɛ wɔn so. Ɛwom sɛ Bible ka sɛ Paulo de po so ahyɛn tutuu akwan ma ɛguu asu mmerɛ bi, na ɛtɔ mmerɛ bi nso a na ɔhyia asiane wɔ po so deɛ, nanso Bible anka sɛ akorɔmfo to hyɛɛ no so wɔ po so. Enti na akwan so akwantuo ne ɛpo so deɛ nyinaa nyɛ hu.2 Korintofoɔ 11:25, 26.

HELA KASA

Ná ɛnyɛ den koraa sɛ obi bɛbuebue nwoma mu ahwehwɛ twerɛsɛm bi (Hwɛ nkyekyɛm 12)

11. Adɛn nti na asuafo no de Hela kasa dii dwuma?

11 Mmeae pii a na Romafo di so no, kane no na ɛhyɛ Hela sodifo, Alexander Ɔkɛseɛ no ase. Enti nkurɔfo a wɔwɔ saa mmeae no suaa Hela kasa bi a wɔfrɛ no Koine. Ɛno nti, na asuafo no tumi ka asɛm no kyerɛ nkurɔfo wɔ saa kasa no mu. Ná wɔakyerɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no ase kɔ Hela kasa mu, enti na wɔtumi kenkan mu nsɛm kyerɛ wɔn. Ná nkurɔfoɔ pii nim saa nkyerɛaseɛ a wɔfrɛ no Septuagint no. Yudafo a na wɔte Egypt no na wɔkyerɛɛ aseɛ. Wɔn a wɔtwerɛɛ Bible no de Hela kasa na ɛtwerɛɛ Bible no fã a aka nyinaa nso. Ná wɔwɔ nsɛmfua pii wɔ Hela kasa mu, enti na ɛyɛ kasa a wɔbɛtumi de akyerɛkyerɛ nokorɛ a emu dɔ a ɛwɔ Bible mu no mu. Bio, Hela kasa no boaa asafo ahodoɔ no maa wɔne wɔn ho dii nkitaho, na ɛmaa baakoyɛ tenaa wɔn mu.

12. (a) Deɛn ne nwoma a wɔbuebue mu, na adɛn nti na na ɛyɛ mmerɛ sɛ wɔde ɛno bɛdi dwuma sene nwoma mmobɔwee no? (b) Berɛ bɛn na Kristofo dodoɔ no ara fii aseɛ de nwoma dii dwuma?

12 Deɛn na na tete Kristofo no de kyerɛkyerɛ Bible? Nea ɛdi kan, wɔde nwoma mmobɔwee na ɛdii dwuma. Nanso, na nwoma mmobɔwee no akenkan ne ne soa nna fam. Berɛ biara a Kristoni bi rehwehwɛ twerɛsɛm bi no, na ɛsɛ sɛ ɔsane nwoma mmobɔwee no mu, na ɔwie a wasan abobɔ. Ná nwoma mmobɔwee no fã baako pɛ na wɔtaa twerɛ. Ná Mateo Asɛmpa no nko ara yɛ nwoma mmobɔwee baako mua. Afei nkurɔfo fii aseɛ de nwoma a wɔbuebue mu dii dwuma. Ná ɛyɛ nkrataa a wɔatwerɛ so. Afei na ɛnyɛ den sɛ obi bɛbuebue nwoma mu ahwehwɛ twerɛsɛm bi akenkan. Abakɔsɛm atwerɛfo ka sɛ ankyɛ koraa na Kristofo fii aseɛ de nwoma dii dwuma, enti Yesu awoɔ akyi mfeɛ 100 no na wɔn mu dodoɔ no ara de nwoma di dwuma.

ROMA MMARA

13, 14. (a) Ɛsiane sɛ na Paulo yɛ Roma ɔman ba nti, ahobammɔ bɛn na ɔnyaeɛ? (b) Roma mmara no boaa Kristofo sɛn?

13 Roma mmara no boaa tete Kristofo no. Yɛhwɛ Paulo sɛɛ a, na ɔyɛ Roma ɔman ba, na mmara no bɔɔ ne ho ban mpɛn pii wɔ akwan a ɔtutuiɛ no mu. Berɛ a Roma asraafo kyeree Paulo wɔ Yerusalem na wɔreba abɛhwe no no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔyɛ Roma ɔman ba. Ɔkaee ɔsahene no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔhwe Roma ɔman ba berɛ a wɔnnii n’asɛm. Enti “wɔn a wɔrebɛyɛ no ayayadeɛ de ahwehwɛ ne nsɛm mu no firii ne nkyɛn kɔeɛ; na berɛ a ɔsahene no hunuu sɛ [Paulo yɛ] Romani na wakyekyere no no, ɔsuroeɛ.”Asomafoɔ Nnwuma 22:25-29.

Kristofo de Roma mmara no ‘yii wɔn ano wɔ mmara kwan so,’ na ɛma wɔtumi kaa asɛm no

14 Ɛsiane sɛ na Paulo yɛ Roma ɔman ba nti, berɛ a ɔda afiase wɔ Filipi no, wɔne no dii no yie. (Asomafoɔ Nnwuma 16:35-40) Berɛ bi a na nnipadɔm bi pɛ sɛ wɔyɛ Kristofo bi basabasa wɔ Efeso no, aban panin bi bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔrebu Roma mmara so. Ɔkaa saa no, nnipadɔm no yɛɛ komm. (Asomafoɔ Nnwuma 19:35-41) Akyire yi, berɛ a Paulo wɔ Kaesarea no, ɔkaa sɛ ɔpɛ sɛ wɔde no kɔ ɔhempɔn no anim wɔ Roma. Berɛ a ɔkɔɔ hɔ no, ɔkɔyii n’ano wɔ asɛmpa no ho. (Asomafoɔ Nnwuma 25:8-12) Enti Kristofo de Roma mmara no ‘yii wɔn ano wɔ mmara kwan so,’ na ɛma wɔtumi kaa asɛm no.Filipifoɔ 1:7.

NÁ YUDAFO WƆ AMAN PII MU

15. Ɛhe na na wobɛhu Yudafo pii wɔ tete Kristofo no berɛ so?

15 Ɛbɛyɛ sɛ biribi foforɔ boaa tete Kristofo no ma wɔkaa asɛmpa no wɔ asase so baabiara. Saa berɛ no, na ɛnyɛ Israel man mu nko na wobɛhu Yudafo, na wɔwɔ aman pii so nso. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa? Mfeɛ pii a na atwam no, Asiriafo faa Yudafoɔ de wɔn kɔyɛɛ nkoa. Ɛno akyi mfeɛ pii no, Babilonfo nso de Yudafo no bi kɔyɛɛ nkoa. Akyire yi, berɛ a Persiafo bɛdii Babilonfo so no, na Yudafo bebree wɔ Persia Ahemman no mu baabiara. (Ester 9:30) Berɛ a Yesu wɔ asase so no, baabiara a wobɛfa wɔ Roma Ahemman no mu no, na Yudafo wɔ hɔ. Ná wɔwɔ mmeae te sɛ Egypt ne Afrika Atifi fam, Hela (Greece), Asia Kumaa (Turkey), ne Mesopotamia (Iraq). Wɔkyerɛ sɛ nnipa ɔpepem 60 a na wɔwɔ Roma Ahemman no mu no, na wɔn mu ɔpepem 4 yɛ Yudafo. Ɛwom sɛ na Yudafo no abɔ ahwete ahemman no mu deɛ, nanso wɔkɔɔ so kuraa wɔn som mu.Mateo 23:15.

16, 17. (a) Ɛsiane sɛ na Yudafo wɔ aman pii mu nti, ɛboaa wɔn a na wɔnyɛ Yudafo no sɛn? (b) Dɛn na Kristofo no sua fii Yudafo no hɔ?

16 Ɛsiane sɛ na Yudafo wɔ aman pii mu nti, na nnipa pii a wɔnyɛ Yudafo mpo nim Hebri Twerɛnsɛm no, na na wɔnim Yudafo no gyidie nso. Wɔhuiɛ sɛ nokorɛ Nyankopɔn koro pɛ na ɔwɔ hɔ, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom no no di ne mmara so. Bio nso, wɔhuiɛ sɛ Hebri Twerɛnsɛm no firi Onyankopɔn hɔ, na Mesia no ho nkɔmhyɛ pii wɔ mu. (Luka 24:44) Enti berɛ a Kristofo no reka asɛmpa no, na Yudafo ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo nyinaa nim nea na Kristofo no reka ho asɛm no bi dada. Wei maa Paulo hwehwɛɛ nkurɔfo a wɔbɛtie asɛmpa no. Enti na ɔtaa kɔ hyiadan mu, baabi a na Yudafo no kɔsom no, na na ɔne wɔn susu Twerɛnsɛm no ho.Kenkan Asomafoɔ Nnwuma 17:1, 2.

17 Ná Yudafo no taa hyiam som wɔ hyiadan mu anaa abɔnten. Ná wɔto nnwom, bɔ mpae, na na wɔsusu Twerɛnsɛm no ho. Tete Kristofo no yɛɛ saa, na ɛnnɛ, yɛn nso yɛyɛ saa ara wɔ yɛn asafo ahodoɔ mu.

YEHOWA BOAA WƆN MA WƆKAA ASƐM NO

18, 19. (a) Sɛnea na nneɛma te wɔ tete Kristofo berɛ so no boaa wɔn sɛn? (b) Deɛn na adesua yi ama woahu afa Yehowa ho?

18 Tete Kristofo no berɛ so yɛ berɛ titiriw wɔ nnipa abakɔsɛm mu. Ná asomdwoeɛ wɔ Roma Ahemman no mu. Ná nnipa pii tumi ka kasa baako, na na mmara no bɔ ɔmanfo no ho ban. Ná akwantuo yɛ mmerɛ, na na nnipa a wɔwɔ aman pii mu nim Yudafo no gyidie ne Hebri Twerɛnsɛm no. Saa nneɛma yi nyinaa boaa Kristofo no ma wɔkɔɔ so yɛɛ adwuma a Onyankopɔn de hyɛɛ wɔn nsa no.

19 Aka bɛyɛ mfeɛ 400 ma Yesu aba asase so no, Helani nyansapɛfo Plato twerɛɛ sɛ ɛyɛ den paa sɛ nnipa bɛhu Ɔbɔadeɛ no na wɔatumi aka ne ho asɛm akyerɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa. Nanso Yesu kaa sɛ: “Deɛ ɛrentumi nyɛ yie wɔ nnipa fam no bɛtumi ayɛ yie wɔ Onyankopɔn fam.” (Luka 18:27) Yɛhu pefee sɛ Yehowa na aboa ma asɛnka adwuma no akɔ so. Ɔpɛ sɛ “amanaman nyinaa” te asɛmpa no na wɔhu no. (Mateo 28:19) Adesua a ɛdi hɔ no bɛma yɛahu sɛnea yɛreka asɛmpa no wɔ wiase baabiara nnɛ.