Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Reboa Ma Yɛayɛ Ɔkyerɛkyerɛ Adwuma no Wɔ Wiase Nyinaa

Yehowa Reboa Ma Yɛayɛ Ɔkyerɛkyerɛ Adwuma no Wɔ Wiase Nyinaa

“Me Yehowa, mene wo Nyankopɔn, deɛ ɔkyerɛ wo adeɛ a ɛyɛ ma woɔ, deɛ ɔgya wo fa ɛkwan a ɛsɛ sɛ wofa soɔ no so.”YESAIA 48:17.

1. Deɛn na ama asɛnka adwuma no ayɛ den?

BERƐ a Yehowa asomfo fii asɛmpaka adwuma no ase mfeɛ 130 a atwam no, wɔhyiaa nsɛnnennen pii. * (Hwɛ aseɛ hɔ asɛm no.) Wɔn nso, na wɔnnɔɔso te sɛ tete Kristofo no, na na nnipa pii ani nnye asɛm a wɔka no ho. Nnipa binom ani so deɛ, na wɔyɛ mpapahwekwaa bi. Akyire yi, berɛ a wɔtoo Satan too asase so no, wɔhyiaa ɔtaa. (Adiyisɛm 12:12) Ɛfiri saa berɛ no, wɔaka asɛm no wɔ “nna a ɛdi akyire” a “emu yɛ den” yi mu.2 Timoteo 3:1.

2. Deɛn na Yehowa akɔ so ayɛ de aboa yɛn ma yɛaka asɛm no?

2 Yehowa akɔ so aboa ne nkurɔfo. Ɔpɛ sɛ wɔka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa, na ɔremma biribiara nsi saa adwuma no kwan. Wate ne nkurɔfo afiri atorɔ som ho, na wei aboa ma wɔsom no wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so. Saa ara na ɔyɛɛ tete no berɛ a ɔgyee Israelfoɔ firii Babilonfo nsam no. (Adiyisɛm 18:1-4) Yɛnya sɛnea Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn no so mfasoɔ. Ɔboa ma yɛne afoforɔ tena asomdwoeɛ mu, na ɔtete yɛn ma yɛka ne ho asɛm kyerɛ afoforɔ. (Kenkan Yesaia 48:16-18.) Ɛwom sɛ Yehowa boa yɛn ma yɛyɛ adwuma no deɛ, nanso ɛnkyerɛ sɛ ɔde ne ho gye wiase nsɛm mu berɛ nyinaa na ama yɛatumi aka asɛm no. Nneɛma bi akɔ so wɔ wiase a aboa ma asɛnka adwuma no ayɛ mmerɛ ama yɛn. Nanso Satan wiase no nti, yɛda so ara hyia ɔtaa ne ɔhaw foforɔ. Ɛnyɛ Yehowa a, anka yɛrentumi nka asɛm no.Yesaia 41:13; 1 Yohane 5:19.

3. Ɔkwan bɛn so na Daniel nkɔmhyɛ no abam?

3 Daniel hyɛɛ nkɔm sɛ awieeɛ berɛ mu no, nnipa pii bɛte nokorɛ a ɛwɔ Bible mu no ase. (Kenkan Daniel 12:4.) Aka kakra ma “awieeɛ berɛ” no afiri aseɛ no, Yehowa boaa ne nkurɔfo ma wɔtee Bible mu nkyerɛkyerɛ titiriw ase, na wɔbɔɔ Kristoman atorɔ nkyerɛkyerɛ guiɛ. Ɛnnɛ, ne nkurɔfo de nokorɛ a ɛwɔ Bible mu no rekyerɛkyerɛ wɔ wiase nyinaa. Enti, yɛhu pefee sɛ Daniel nkɔmhyɛ no abam. Nnipa bɛyɛ ɔpepem nwɔtwe asua nokorɛ no na wɔde rekyerɛkyerɛ afoforɔ. Nneɛma bɛn na aboa Yehowa nkurɔfo ma wɔatumi aka asɛm no wɔ wiase nyinaa?

BIBLE NKYERƐASEƐ

4. Ɛduruu afe 1900 no, kasa dodoɔ sɛn na na wɔakyerɛ Bible no ase akɔ mu?

4 Ɛnnɛ, nnipa pii wɔ Bible, na wei boa ma yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn. Nanso berɛ bi a atwam no, na ɛnte saa. Na Kristoman asɔfo no mpɛ sɛ nkurɔfo kenkan Bible. Wɔyɛɛ saa mfeɛ pii. Saa berɛ no, obiara a ɔbɛkenkan Bible no, na wɔtu wɔn ani si ne so tan no dendeenden. Wɔkunkum ebinom a wɔkyerɛɛ Bible no ase mpo. Nanso, ɛfiri afe 1800 reba no, nnwumakuo bi kyerɛɛ Bible no anaa ne fã bi ase tintimii wɔ kasa bɛyɛ 400 mu. Ɛduruu afe 1900 no na nnipa pii wɔ Bible. Nanso na wɔnte emu nsɛm no ase.

5. Deɛn na Yehowa Adansefo ayɛ wɔ Bible nkyerɛaseɛ ho?

5 Ná Yehowa nkurɔfo nim sɛ ɛsɛ sɛ wɔka Bible mu asɛm kyerɛ afoforɔ, na saa pɛpɛɛpɛ na wɔyɛeɛ. Mfiaseɛ no, wɔde Bible nkyerɛaseɛ a na ɛwɔ hɔ na ɛyɛɛ adwuma, na wɔde bi maa nkurɔfo. Ɛfiri afe 1950 reba no, wɔatintim Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no anaa ne fã bi wɔ kasa bɛboro 120 mu. Afe 2013 no, wɔyɛɛ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no foforɔ wɔ Borɔfo kasa mu. Ɛnyɛ den sɛ nkurɔfo bɛte saa nkyerɛaseɛ yi ase, na wɔrekyerɛ aseɛ nso a, ɛnyɛ den. Sɛ yɛde Bible a ne kenkan nyɛ den kɔ asɛnka a, ɛyɛ mmerɛ sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔate nokorɛ no ase.

ASOMDWOEƐ BERƐ

6, 7. (a) Mfeɛ 100 a atwam no, akodie bɛn na akɔ so? (b) Ɔkwan bɛn so na asomdwoeɛ a aman bi anya no aboa ma yɛaka asɛm no?

6 Akodie pii asisi wɔ mfeɛ 100 a atwam no mu; wiase nyinaa ko a ɛdi kan ne nea ɛtɔ so mmienu no nso ka ho. Nnipa ɔpepem pii afa mu awuwu. Ɛnneɛ, ɔkwan bɛn so na wiase no anya asomdwoeɛ, na ɔkwan bɛn so na aboa Yehowa nkurɔfo ma wɔaka asɛm no? Berɛ a wiase ko a ɛtɔ so mmienu no rekɔ so no, na Nathan Knorr na ɔdi nneɛma anim wɔ Yehowa Adansefo mu. Onua Knorr maa ɔkasa bi a atiefo no ani gyee ho paa wɔ nhyiam bi ase wɔ afe 1942 mu. Ná ɔkasa no asɛmti ne, “Asomdwoeɛ—So Ɛbɛkyɛ?” Onua Knorr kyerɛkyerɛɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm ti 17 no mu, na ɔkyerɛɛ sɛ Harmagedon ko no nnya mmaeɛ. Ɔko no akyi no, asomdwoeɛ bɛba.Adiyisɛm 17:3, 11.

7 Wei nkyerɛ sɛ ɔko no akyi no, asomdwoeɛ baa baabiara. Nnipa ɔpepem pii awuwu wɔ akodie foforɔ mu wɔ wiase ko a ɛtɔ so mmienu no akyi. Nanso asomdwoeɛ baa aman pii so, na ɛma ɛyɛɛ mmerɛ sɛ Yehowa nkurɔfo bɛka asɛm no. Dɛn na afiri mu aba? Berɛ a wiase ko a ɛtɔ so mmienu no rekɔ so no, na Yehowa Adansefo dodoɔ nnuru 110,000. Nanso ɛnnɛ, yɛn dodoɔ reyɛ adu ɔpepem nwɔtwe! (Kenkan Yesaia 60:22.) Nokwasɛm ne sɛ yɛtumi ka asɛmpa no kyerɛ nnipa pii wɔ asomdwoeɛ berɛ mu.

AKWANTUO AYƐ MMERƐ

8, 9. Deɛn na ama akwantuo ayɛ mmerɛ? Ɔkwan bɛn so na ɛboa yɛn wɔ asɛnka adwuma no mu?

8 Berɛ a Yehowa nkurɔfo fii ase kaa asɛm no wɔ United States no, na akwantuo nna fam. Ɛduruu afe 1900 no, na wɔatintim Ɔwɛn-Aban no bɛyɛ mfeɛ 21. Saa berɛ no, na kar bɛyɛ 8,000 pɛ na ɛwɔ United States, na na akwan kakraa bi na ɛyɛ papa wɔ hɔ. Nanso ɛnnɛ, kar abu so wɔ wiase baabiara; ɛboro ɔpepepem baako ne fã. Wokɔ aman pii so a, wɔn akwan yɛ papa. Kar ne akwan papa a ɛwɔ hɔ nti, yɛbɛtumi akɔka asɛm no akyerɛ nkurɔfo wɔ nkuraase ne mmeae a ɛhɔ kɔ yɛ den. Sɛ yɛte mmeae a akwantuo yɛ den na ɛsɛ sɛ yɛnante twa kwantenten mpo a, yɛbɔ mmɔden ka asɛm no kyerɛ nkurɔfo wɔ baabiara a wɔwɔ.Mateo 28:19, 20.

Yɛbɔ mmɔden ka asɛm no kyerɛ nkurɔfo wɔ baabiara a wɔwɔ

9 Akwan foforɔ nso wɔ hɔ a yɛfa so tu kwan. Yɛde Bible ne Bible ho nwoma gu lɔre, po so hyɛn, ne keteke mu kɔma yɛn nuanom. Wei ma yɛtumi de nwoma kɔma yɛn nuanom a wɔte mmeae a ɛwɔ akyirikyiri wɔ nnawɔtwe kakraa bi mu. Amansin so ahwɛfo, Baa Boayikuo mufo, asɛmpatrɛfo, ne afoforɔ fa wimhyɛn kɔma ɔkasa wɔ nhyiam akɛseɛ ase na wɔkɔboa asafo ahodoɔ. Akwankyerɛ Kuo no mufo ne anuanom a wɔfiri wiase nyinaa adwumayɛbea ti hɔ nso fa wimhyɛn kɔ aman pii so kɔhyɛ wɔn nuanom den na wɔma wɔn nteteeɛ. Wei nyinaa boa Yehowa nkurɔfo ma baakoyɛ tena wɔn mu.Dwom 133:1-3.

KASA NE NWOMA ASEKYERƐ

10. Sɛn na wɔde Borɔfo kasa di dwuma wɔ wiase baabiara?

10 Bɛyɛ mfeɛ 2000 a atwam no, na nnipa a wɔwɔ Roma Ahemman no mu pii ka Hela kasa. Ɛnnɛ, wokɔ wiase baabiara a, nnipa pii ka Borɔfo kasa. Nwoma bi ka sɛ nnipa nnan biara a wɔwɔ wiase mu baako te Borɔfo kasa anaasɛ ɔtumi ka. (English as a Global Language) Ɛsiane sɛ Borɔfo kasa na wɔde di dwa, wɔde yɛ amanyɔsɛm, wɔde kyerɛ nyansahu ne mfidiedwuma wɔ wiase baabiara nti, nnipa pii sua saa kasa no.

11. Ɔkwan bɛn so na Borɔfo kasa aboa adwuma a Yehowa nkurɔfo reyɛ no?

11 Borɔfo kasa a wɔka wɔ mmeae pii no aboa ma nnipa bebree ate nokorɛ no ho asɛm. Kane no, na wɔdi kan tintim yɛn nwoma wɔ Borɔfo kasa mu. Ɛsiane sɛ wɔka Borɔfo kasa wɔ wiase baabiara nti, na nnipa pii tumi kenkan yɛn nwoma ahodoɔ no. Borɔfo kasa nso na wɔka wɔ yɛn adwumayɛbea ti hɔ. Enti, yɛtete anuanom a wɔfiri aman ahodoɔ so a wɔte Borɔfo kasa no wɔ yɛn sukuu ahodoɔ mu wɔ Patterson, New York.

Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa tumi te nokorɛ a ɛwɔ Bible mu a wɔfrɛ no “kasa kronn” no ase, na ama yɛayɛ baako

12. Kasa dodoɔ sɛn na yɛakyerɛ yɛn nwoma ase akɔ mu? Ɔkwan bɛn so na kɔmputa so dwumadie aboa?

12 Yɛn adwuma ne sɛ yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ nnipa wɔ wiase baabiara. Ɛno nti na yɛakyerɛ yɛn nwoma ase akɔ kasa bɛboro 700 mu no. Yɛyɛ dɛn tumi yɛ wei? Kɔmputa ne kɔmputa so dwumadie ahodoɔ te sɛ MEPS na aboa yɛn. Wei ama Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa tumi te nokorɛ a ɛwɔ Bible mu a wɔfrɛ no “kasa kronn” no ase, na ama yɛayɛ baako.Kenkan Sefania 3:9.

MMARA NE ASƐNNIBEA ATEMMUO

13, 14. Ɔkwan bɛn so na mmara ne asɛnnibea atemmuo aboa yɛn?

13 Roma mmara boaa tete Kristofo no wɔ akwan pii so ma wɔkaa asɛm no. Ɛnnɛ nso, mmara a ɛwɔ aman pii so boa yɛn ma yɛyɛ asɛnka adwuma no. Ebi ne sɛ, United States mmara ma nkurɔfo kwan ma wɔpaw ɔsom a wɔpɛ, wɔka wɔn gyidie ho asɛm kyerɛ afoforɔ, na wɔyɛ nhyiam. Wei nti, yɛtumi hyia mu na yɛka asɛmpa no wɔ saa ɔman no mu. Afei nso, wɔyɛ asɛnka adwuma a yɛyɛ wɔ wiase nyinaa no ho nhyehyɛeɛ wɔ yɛn asafo no ti a ɛwɔ United States. Ɛwom, ɛtɔ da a na ɛho abɛhia sɛ yɛkɔ asɛnnibea kɔkyerɛkyerɛ mu sɛ yɛwɔ hokwan sɛ yɛka asɛmpa no. (Filipifoɔ 1:7) Berɛ a atemmufo a wɔwɔ United States yɛɛ sɛ wɔbɛgye hokwan a yɛwɔ sɛ yɛka asɛm no afiri yɛn nsam no, yɛde asɛm no kɔdan asɛnnibea akɛseɛ, na yɛdii bem mpɛn pii.

14 Aman foforɔ so nso, yɛakɔ asɛnnibea akɔyi yɛn ho ano sɛ yɛwɔ hokwan sɛ yɛsom Yehowa na yɛka asɛmpa no. Sɛ wɔbu yɛn fɔ a, yɛde asɛm no kɔdan amanaman ntam asɛnnibea. Yɛakɔ Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So no mpɛn pii. Ɛduruu June 2014 no, na wɔabu yɛn bem mpɛn 57 wɔ saa asɛnnibea no anim. Sɛ saa Asɛnnibea no bu atɛn a, ɛsɛ sɛ Europa aman dodoɔ no ara gye tom. Ɛwom sɛ ‘aman nyinaa tan yɛn’ deɛ, nanso mmara a ɛwɔ aman pii so ama yɛanya ahofadie a yɛde som Yehowa.Mateo 24:9.

NNEƐMA FOFORƆ A ABOA YƐN

Yɛma nkurɔfo nsa ka Bible ho nwoma wɔ kasa pii mu

15. Akwan bɛn so na nwoma tintim anya nkɔanim, na wei aboa yɛn sɛn?

15 Akwan foforɔ a wɔfa so tintim nwoma aboa yɛn ma yɛaka asɛmpa no akyerɛ nnipa pii. Bɛyɛ afe 1450 no, Johannes Gutenberg yɛɛ afidie bi a wɔde tintim nwoma, na nkurɔfo de dii dwuma mfeɛ pii. Nwoma tintim anya nkɔanim paa wɔ mfeɛ 200 a atwam no mu. Wɔyɛɛ afidie bi a ɛtumi tintim nwoma ntɛmntɛm na ne ntwerɛeɛ nso yɛ fɛ. Afei nso, nkrataa boɔ ne nwoma pam bɛyɛɛ fo. Ɔkwan bɛn so na saa nsakraeɛ yi aboa ma yɛatumi atintim nwoma pii? Afe 1879 no, wɔtintim Ɔwɛn-Aban a ɛdi kan wɔ Borɔfo kasa mu nkutoo. Ná mfoni nnim, na wɔtintim 6,000 pɛ. Ɛnnɛ, wɔtintim Ɔwɛn-Aban no wɔ kasa bɛboro 200 mu. Mfoni ahodoɔ a ɛyɛ fɛ wom, na nea ɛba biara no, wɔtintim bɛboro 50,000,000.

16. Nneɛma bɛn na aboa yɛn ma yɛaka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiaseɛ no.)

16 Nnipa ayɛ mfidie pii wɔ mfeɛ 200 a atwam no mu, na aboa Yehowa nkurɔfo ma wɔaka asɛmpa no. Yɛadi kan aka keteke, kar, ne wimhyɛn ho asɛm. Nanso nnipa ayɛ nneɛma foforɔ te sɛ sakre, mfidie a wɔde twerɛ (typewriter), mfidie a wɔde twerɛ anifirafo ntwerɛeɛ (braille), tɛlɛgram, tɛlɛfon, afidie a wɔde twa mfoni, mfidie a wɔde kyere nsɛm gu mpaawa so, mfidie a wɔde twa video, radio, television, sini, kɔmputa, ne Intanɛt. Ɛwom sɛ ɛnyɛ Yehowa nkurɔfo na ɛyɛɛ saa nneɛma yi deɛ, nanso wɔde yɛ Bible ne Bible ho nwoma kɔ kasa pii mu ma wɔde ka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. Saa kwan yi so no, ‘wɔnom aman no nufosuo’ sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Bible mu no.Kenkan Yesaia 60:16.

Yehowa dɔ yɛn na ɔpɛ sɛ ɔne yɛn yɛ adwuma

17. (a) Dɛn na yɛhu wɔ asɛnka adwuma no ho? (b) Adɛn nti na Yehowa pɛ sɛ yɛne no yɛ adwuma?

17 Ɛda adi pefee sɛ Yehowa rehyira asɛnka adwuma no so. Ɔdɔ a Yehowa dɔ yɛn nti na ɔpɛ sɛ ɔne yɛn yɛ adwuma, na ɛnyɛ sɛ ɔhia yɛn mmoa na ama watumi ayɛ adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no. Sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no a, ɛma Yehowa hu sɛ yɛdɔ no na yɛdɔ afoforɔ nso. (Marko 12:28-31; 1 Korintofoɔ 3:9) Yɛda Yehowa ase paa sɛ ɔreboa yɛn ma yɛaka asɛmpa no wɔ asase so baabiara. Enti momma yɛmfa hokwan biara a yɛbɛnya nka Yehowa ne n’Ahenni no ho asɛm!

^ nky. 1 Ɛfiri afe 1870 reba no, na wɔfrɛ Yehowa nkurɔfo Bible Asuafo. Wɔfirii aseɛ de edin Yehowa Adansefo dii dwuma afe 1931.Yesaia 43:10.