Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Wei Ne Ɔkwan a Ɛsɔ W’ani’

‘Wei Ne Ɔkwan a Ɛsɔ W’ani’

“Wode yeinom asie anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi no adi akyerɛ nkɔkoaa.”LUKA 10:21.

1. Dɛn na ɛmaa ‘anigyeɛ hyɛɛ Yesu mã honhom kronkron mu’? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

FA NO sɛ na wowɔ hɔ bere a ‘anigyeɛ hyɛɛ Yesu mã honhom kronkron mu’ no. Ɛbɛyɛ sɛ n’ani gyei araa ma ɔserewee. Dɛn na ɛmaa n’ani gyei? Ná wasoma n’asuafo no mu 70 sɛ wɔnkɔka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa. Esiane sɛ na atamfo pii sɔre tia asɛmpa no nti, na ɔpɛ sɛ ohu ɔkwan a asuafo no bɛfa so aka asɛm no. Ná saa atamfo no bi ne akyerɛwfo ne Farisifo a wɔnim nwoma na wɔn adwenem abue no. Ná wɔpɛ sɛ nkurɔfo bu Yesu sɛ duadwumfo bi kɛkɛ, na wɔbu n’asuafo no nso sɛ “nnipa a wɔnsuaa nwoma na wɔyɛ mpapahwekwaa.” (Asomafoɔ Nnwuma 4:13; Marko 6:3) Wei nyinaa akyi no, bere a asuafo no kɔkaa asɛmpa no bae no, na wɔn ani agye. Ɛmfa ho sɛ nnipa ne adaemone mpo sɔre tiaa wɔn no, wɔkaa asɛmpa no! Dɛn na ɛmaa wɔn ani gyei na wɔnyaa akokoduru?Kenkan Luka 10:1, 17-21.

Onyankopɔn nkurɔfo ama wɔn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn; emu ada hɔ na ɛnyɛ den

2. (a) Adɛn nti na yɛbɛtumi aka sɛ na Yesu asuafo no te sɛ mmofra? (b) Dɛn na ɛboaa Yesu asuafo no ma wɔtee nokware a emu dɔ a ɛwɔ Bible mu no ase?

2 Yesu ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Agya, ɔsoro ne asase Wura, meyi wo ayɛ wɔ badwam, ɛfiri sɛ wode yeinom asie anyansafo ne animdefo, na woayi no adi akyerɛ nkɔkoaa. Aane, O Agya, ɛfiri sɛ na yei ne ɛkwan a ɛsɔ w’ani.” (Mateo 11:25, 26) Adɛn nti na Yesu frɛɛ n’asuafo no nkokoaa? Efisɛ na asuafo no ma kwan ma wɔkyerɛkyerɛ wɔn te sɛ mmofra. Ná asuafo no nte sɛ akyerɛwfo ne Farisifo a wɔnim nwoma yiye na wɔsusu sɛ wɔnim nyansa no. Ná asuafo no nyɛ ahantan, mmom na wɔbrɛ wɔn ho ase. (Mateo 18:1-4) Esiane sɛ na asuafo no brɛ wɔn ho ase nti, Yehowa de ne honhom kronkron boaa wɔn ma wɔtee nokware a emu dɔ a ɛwɔ Bible mu no ase. Nanso Yudafo nyamesom akannifo no deɛ, wɔn ankasa ahantan ne Satan nti, na wɔn ani afura.

3. Dɛn na yɛbɛsusu ho wɔ adesua yi mu?

3 Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu ani gyei saa! N’ani gyei sɛ ohui sɛ Yehowa ama ahobrɛasefo a wɔnnim nwoma mpo ahu nokware a emu dɔ a ɛwɔ Bible mu no. Onyankopɔn ani sɔ saa kwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ yi, na Onyankopɔn nsesae. Dɛn na Onyankopɔn yɛ de kyerɛ sɛ n’ani da so ara sɔ nkyerɛkyerɛ a ɛnyɛ den na emu da hɔ yi? Adesua yi mu no, yɛbɛhu sɛnea ɛnnɛ Yehowa ma ahobrɛasefo te nokware a emu dɔ a ɛwɔ Bible mu no ase.

YƐKYERƐKYERƐ NOKWARE A EMU DƆ MU KYERƐ OBIARA

4. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Ɔwɛn-Aban a emu nyɛ den no yɛ akyɛde?

4 Nnansa yi Onyankopɔn ahyehyɛde no ama yɛahu mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛbɛma yɛn nkyerɛkyerɛ mu ada hɔ na emu nyɛ den. Momma yɛnsusu emu mmiɛnsa ho nhwɛ. Nea ɛdi kan, yɛayɛ Ɔwɛn-Aban a emu nyɛ den. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Ɛyɛ akyɛde a aboa nnipa pii, a wɔn a wɔnnim akenkan papa anaa wɔnte kasa bi yiye ka ho. Mmusua pii ahu sɛ Ɔwɛn-Aban a emu nyɛ den no ama wɔn mma ate Ɔwɛn-Aban no ase yiye. Anuanom pii akyerɛw nkrataa de akɔma Akwankyerɛ Kuw no de akyerɛ ho anisɔ. Onuawa bi kaa sɛ na osuro sɛ ɔbɛma mmuae wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua ase. Nanso seesei deɛ onsuro bio! Bere a ofii ase kenkan Ɔwɛn-Aban a emu nyɛ den no, ɔkyerɛwee sɛ: “Seesei mema mmuae bɛboro baako wɔ adesua ase, na mensuro bio! Meda Yehowa ase, na meda mo nso ase.”

5. Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ a wɔayɛ no foforo no so mfaso no bi ne sɛn?

5 Nea ɛto so mmienu, wɔayɛ Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no foforo wɔ Borɔfo mu, na wɔyii no adi wɔ afe afe nhyiam ase October 5, 2013. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Seesei nsɛmfua kakraa bi na wɔde akyerɛ Bible mu nsɛm pii ase, nanso ntease no nsesae, na ɛyɛ mmerɛ sɛ wobɛte ase. Ɛho nhwɛso bi ni: Nsɛmfua a wɔde akyerɛ Hiob 10:1 ase no so ate afi nsɛmfua 27 aba nsɛmfua 19, na Mmebusɛm 8:6 so ate afi nsɛmfua 20 aba nsɛmfua 13. Kyerɛwsɛm ahorow mmienu yi nyinaa mu da hɔ yiye wɔ nkyerɛase foforo no mu. Onua bi a wɔasra no a ɔde mfe bebree asom Yehowa nokware mu kaa sɛ: “Makenkan Hiob nwoma no wɔ nkyerɛase foforo no mu, na mehu sɛ afei na mate ase paa!” Anuanom pii aka nsɛm a ɛte saa.

6. Sɛ wohwɛ Mateo 24:45-47 ho ntease foforo a yɛanya no a, wohu no sɛn?

6 Nea ɛto so mmiɛnsa, ma yɛnsusu ntease foforo a yɛanya nnansa yi wɔ kyerɛwsɛm ahorow bi ho nhwɛ. Wɔma yɛtee “akoa nokwafoɔ ne ɔbadwemma” no ase yiye wɔ July 15, 2013 Ɔwɛn-Aban no mu. (Mateo 24:45-47) Ɔwɛn-Aban no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ akoa nokwafo no ara ne Akwankyerɛ Kuw no. “Asomfoɔ” no nso ne Kristofo a wɔasra wɔn ne “nnwan foforɔ” a akoa nokwafo no ma wɔn nyinaa aduane no. (Yohane 10:16) Yɛn ani agye sɛ yɛasua saa nokware yi ho ade, na ɛyɛ yɛn anigye nso sɛ yɛde bɛkyerɛkyerɛ afoforo! Dɛn bio na Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ n’ani sɔ nkyerɛkyerɛ a ɛnyɛ den na emu da hɔ?

YƐKYERƐKYERƐ BIBLE MU NSƐM MU MA EMU DA HƆ

7, 8. Bible mu nsɛm a ɛgyina hɔ ma biribi kɛse a ɛbɛba daakye no bi ne dɛn?

7 Sɛ woasom Yehowa mfe pii a, ebia woahu sɛ sɛnea yɛkyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm mu wɔ yɛn nwoma ahorow mu nnansa yi no asesa. Bere bi a atwam no na yɛtaa ka sɛ Bible mu nsɛm bi gyina hɔ ma biribi kɛse a ɛbɛba daakye. Ntease wom sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm mu wɔ saa kwan yi so anaa? Aane. Nhwɛso bi ni. Yesu kaa “odiyifoɔ Yona sɛnkyerɛnne” no ho asɛm. (Kenkan Mateo 12:39, 40.) Yesu kaa sɛ bere tenten a Yona dii wɔ apataa no yam no gyina hɔ ma bere tenten a Yesu bɛdi wɔ adamena mu.

Sɛ yɛsua Bible mu nsɛm ne nea ɛgyina hɔ ma ho ade a, ɛhyɛ yɛn gyidi den

8 Bible mu nsɛm foforo nso wɔ hɔ a ɛgyina hɔ ma biribi kɛse a ɛbɛba daakye. Ɔsomafo Paulo kaa pii ho asɛm. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Abraham ne Hagar ne Sara abusuabɔ no gyina hɔ ma abusuabɔ a ɛwɔ Yehowa ne Israel man ne Onyankopɔn ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no ntam. (Galatifoɔ 4:22-26) Saa ara na ntamadan no, asɔrefie no, Mpata Da, ɔsɔfo panyin, ne nsɛm foforo a ɛwɔ Mose Mmara no mu yɛ “nnepa a ɛbɛba no sunsum.” (Hebrifoɔ 9:23-25; 10:1) Sɛ yɛsua Bible mu nsɛm yi ne nea ɛgyina hɔ ma ho ade a, ɛhyɛ yɛn gyidi den. Nanso, wei kyerɛ sɛ onipa, asɛm, ne ade biara a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no gyina hɔ ma obi anaa biribi?

9. Bere bi a atwam no, ɔkwan bɛn so na na yɛkyerɛkyerɛ Nabot ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no mu?

9 Bere bi a atwam no, na yɛn nwoma taa ka sɛ onipa, asɛm, anaa ade biara a wɔaka ho asɛm wɔ kyerɛwsɛm bi mu no gyina hɔ ma obi anaa biribi. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Ɔhemmaa Yesebel tirimɔdenfo no ma wɔkum Nabot sɛnea ɛbɛyɛ a ne kunu Ahab bɛtumi afa Nabot bobeturo no. (1 Ahemfo 21:1-16) Afe 1932 no, Ɔwɛn-Aban no kaa sɛ Ahab ne Yesebel gyina hɔ ma Satan ne n’ahyehyɛde, na Nabot gyina hɔ ma Yesu; afei nso Nabot wu no gyina hɔ ma Yesu wu no. Nanso afe 1961 no, “Let Your Name Be Sanctified” nwoma no kaa sɛ Nabot gyina hɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn no, ɛnna Yesebel nso gyina hɔ ma Kristoman. Saa ara nso na ɔtaa a Yesebel de baa Nabot so no gyina hɔ ma ɔtaa a Kristofo a wɔasra wɔn no hyia wɔ nna a ɛdi akyiri yi mu. Saa nkyerɛkyerɛmu yi ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo den mfe pii. Ɛnde, adɛn nti na yɛde ɛho nkyerɛkyerɛmu foforo rema saa bere yi?

10. (a) Sɛ akoa nokwafo no rekyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm bi mu a, ɔkwan bɛn so na wɔyɛ ahwɛyiye paa? (b) Seesei dɛn na yɛn nwoma ahorow no twe adwene si so kɛse?

10 Mfe a atwam no, Yehowa aboa “akoa nokwafoɔ ne ɔbadwemma” no ma wɔayɛ ahwɛyiye paa. Ɔkwan bɛn so? Seesei ansa na akoa nokwafo no bɛka sɛ Bible mu asɛm bi gyina hɔ ma biribi kɛse a ɛbɛba daakye no, wɔhwɛ sɛ wɔwɔ Kyerɛwnsɛm mu nnyinaso a emu da hɔ paa ansa na wɔayɛ saa. Nkyerɛkyerɛmu a yɛde maa bere bi wɔ Bible mu nsɛm bi a ɛgyina hɔ ma biribi kɛse a ɛbɛba daakye ho no, na ɛyɛ den sɛ yɛbɛte ase, yɛbɛkae na yɛde adi dwuma. Nea ɛhaw adwene koraa ne sɛ, bere a yɛde yɛn adwene sii Bible mu nsɛm bi mmamu kɛse so pii no, ɛmaa yɛn adwene fii aba a ɛwom a yɛde bɛyɛ adwuma no so. Enti, seesei yɛn nwoma ahorow no twe adwene si asuade a ɛwɔ Bible mu nsɛm so. Ebi ne gyidi, boasetɔ, nyamesom pa, ne suban ahorow a mfaso wɔ so a yɛbɛtumi asua ho ade. *—Hwɛ ase hɔ asɛm no.

Nabot asɛm no ma yɛnya asuade a ɛka koma (Hwɛ nkyekyɛm 11)

11. (a) Seesei ntease bɛn na yɛanya wɔ Nabot asɛm no ho, na ɔkwan bɛn so na saa asɛm yi boa yɛn? (b) Adɛn nti na nnansa yi yɛn nwoma ahorow no ntaa nka sɛ Bible mu nsɛm bi gyina hɔ ma biribi kɛse a ɛbɛba daakye? (Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no.)

11 Ntease a yɛanya seesei wɔ Nabot asɛm no ho no mu da hɔ, na ɛnyɛ den sɛ yɛbɛte ase. Ɛnyɛ sɛ Nabot gyina hɔ ma Yesu anaa Kristofo a wɔasra wɔn no nti na owui. Mmom no, esiane sɛ na Nabot asi ne bo sɛ ɔbɛdi nokware ama Onyankopɔn nti na owui. Ɔtaa a emu yɛ den a otumfoɔ bi de baa Nabot so nyinaa akyi no, ɔdii Yehowa Mmara so. (Numeri 36:7; 1 Ahemfo 21:3) Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa bɛtumi ahyia ɔtaa a ɛte saa. Wei yɛ nhwɛso pa a ɛbɛboa wɔn. (Kenkan 2 Timoteo 3:12.) Ɛnyɛ den sɛ Kristofo nyinaa bɛte asuade a ɛwom no ase, na wɔakae de adi adwuma. Wei bɛhyɛ wɔn gyidi den.

12. (a) Dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛka fa Bible mu nsɛm ho? (b) Adɛn nti na yɛtumi te nneɛma a emu dɔ mpo ase? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

12 Ɛfata sɛ yɛka sɛ asuade nko ara na ɛwɔ Bible mu nsɛm mu na ɛnni ntease foforo biara? Dabi. Sɛ́ anka yɛn nwoma ahorow no bɛka sɛ Bible mu nsɛm bi gyina hɔ ma nneɛma akɛse bi a ɛbɛba daakye no, seesei ɛtwe adwene si sɛnea Bible mu asɛm bi fa Bible mu asɛm foforo ho so kɛse. Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere a Nabot hyiaa ɔtaa no, ɔkuraa ne mũdi mu kɔsii owu mu, na wei kae yɛn sɛnea Kristo ne Kristofo a wɔasra wɔn no kura wɔn mũdi mu. Saa ara na ɛkae yɛn sɛnea “nnwan foforɔ” no pii nso kura wɔn mũdi mu. Yɛtumi hu pefee sɛ Yehowa nam ɔkwan a ɛnyɛ den so rekyerɛkyerɛ yɛn. *—Hwɛ ase hɔ asɛm no.

YƐKYERƐKYERƐ YESU MFATOHO AHOROW MU MA EMU DA HƆ

13. Nhwɛso ahorow bɛn na ɛma yɛhu sɛ seesei yɛkyerɛkyerɛ Yesu mfatoho ahorow no bi mu ma emu da hɔ yiye?

13 Yesu Kristo ne Ɔkyerɛkyerɛfo a ɔsen biara a watena ase pɛn. Ná ɔtaa de mfatoho anaa nhwɛso ahorow kyerɛkyerɛ. (Mateo 13:34) Mfatoho tu mpɔn efisɛ ɛma yɛte nneɛma bi a ɛyɛ den ase. Afei nso, ɛma yɛdwene na ɛka yɛn koma. Nnansa yi, yɛn nwoma ahorow de Yesu mfatoho ho nkyerɛkyerɛmu a ɛnyɛ den na emu da hɔ ama yɛn. Ɛho nhwɛso wɔ July 15, 2008 Ɔwɛn-Aban no mu. Aboa yɛn ma yɛate mmɔreka, sinapi aba, ne asau ho mfatoho a Yesu mae no ase yiye. Seesei yɛtumi hu sɛ saa mfatoho ahorow no fa Onyankopɔn Ahenni ho, na ama nnipa pii atwe wɔn ho afi wiase bɔne yi ho abɛyɛ Kristo asuafo.

Mfatoho tu mpɔn efisɛ ɛma yɛte nneɛma bi a ɛyɛ den ase. Afei nso, ɛma yɛdwene na ɛka yɛn koma

14. (a) Kan no, sɛn na na yɛkyerɛkyerɛ Samariani yamyefo ho mfatoho no mu? (b) Seesei yɛte Yesu mfatoho no ase sɛn?

14 Yɛbɛyɛ dɛn ate Yesu mfatoho bi a ɔmae anaa nsɛm bi a emu dɔ a ɔkae ase? Saa nsɛm no bi gyina hɔ ma biribi, na ebi nso yɛ nkɔmhyɛ. Ebi nso wɔ hɔ a, yɛnya asuade fi mu. Nanso yɛbɛyɛ dɛn ahu asɛm a ɛgyina hɔ ma biribi ne nea ɛnte saa? Wɔama asɛm no mu ada hɔ yiye nnansa yi. Wo deɛ, hwɛ sɛnea yɛakyerɛkyerɛ Samariani yamyefo ho mfatoho a Yesu mae no mu. (Luka 10:30-37) Afe 1924 no, Ɔwɛn-Aban no kaa sɛ Samariani no gyina hɔ ma Yesu, ɛnna ɔkwan a esian fi Yerusalem kɔ Yeriko no nso gyina hɔ ma nnipa asetena mu nsɛm a akɔ so asɛe fi bere a nnipa tew atua wɔ Eden no. Afei nso, akorɔmfo a wɔwɔ kwan so no gyina hɔ ma nnwumakuw akɛse ne aguadifo adifudepɛfo, ɛnna ɔsɔfo ne Lewini no gyina hɔ ma Kristoman. Nanso ɛnnɛ, yɛn nwoma ahorow de saa mfatoho no di dwuma de kae Kristofo nyinaa sɛ ɛnsɛ sɛ yɛnya obiara ho adwemmɔne. Ɛsɛ sɛ yɛboa obiara a ɔwɔ ahohia mu, ne titiriw no, ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn ma wɔsua Onyankopɔn ho nokwasɛm. Sɛ yɛhu sɛnea Yehowa ama nokware no mu ada hɔ no a, yɛn ani gye.

15. Dɛn na yɛbɛka ho asɛm wɔ adesua a ɛdi hɔ no mu?

15 Adesua a ɛdi hɔ no, yɛbɛka Yesu mfatoho a ɛfa mmaabun du ho no ho asɛm. (Mateo 25:1-13) Ná Yesu pɛ sɛ n’akyidifo a wɔbɛtena ase wɔ nna a ɛdi akyiri no mu te saa mfatoho a ɛka koma no ase sɛn? Enti onipa biara, ade biara, anaa asɛm biara a wɔaka ho asɛm wɔ mfatoho no mu no gyina hɔ ma obi anaa biribi kɛse a ɛbɛba daakye? Anaasɛ na Yesu pɛ sɛ yɛnya asuade bi fi mu na aboa yɛn wɔ nna a ɛdi akyiri yi mu? Ma yɛnhwɛ.

^ nky. 4 Wɔdii kan yɛɛ Ɔwɛn-Aban a emu nyɛ den no wɔ Borɔfo kasa mu July 2011. Efi saa bere no, wɔayɛ wɔ kasa ahorow bi mu.

^ nky. 5 Wɔbɛkyerɛ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ a wɔayɛ no foforo no ase akɔ kasa afoforo mu.

^ nky. 10 Ɛho nhwɛso ni: Suasua Wɔn Gyidi nwoma no ka nnipa 14 a wɔn ho nsɛm wɔ Bible mu ho asɛm. Nwoma no twe adwene si asuade a ɛwom so, na ɛnyɛ asɛm bi mmamu kɛse a ɛbɛba daakye.

^ nky. 12 Nsɛm bi nso wɔ Onyankopɔn Asɛm mu a ayɛ sɛ nea “ne nteaseɛ yɛ den.” Ebi wɔ nkrataa a Paulo kyerɛwee no bi mu. Nanso, honhom kronkron na ɛkaa Bible akyerɛwfo no nyinaa. Onyankopɔn honhom boa nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ ma wɔte Bible no ase; “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ mpo” ka ho.2 Petro 3:16, 17; 1 Korintofoɔ 2:10.