Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sua Biribi Fi Dwetikɛse Ho Mfatoho no Mu

Sua Biribi Fi Dwetikɛse Ho Mfatoho no Mu

“Ɔmaa baako dwetikɛseɛ nnum, ɔmaa baako mmienu, na ɔmaa ɔfoforɔ nso baako.”MATEO 25:15.

1, 2. Dɛn nti na Yesu maa dwetikɛse ho mfatoho no?

YESU maa dwetikɛse ho mfatoho no kyerɛɛ n’akyidifo a wɔasra wɔn no ma wɔhuu adwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Nanso saa mfatoho no fa Yesu asuafo nyinaa ho. Enti sɛ yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛkɔ soro oo, yɛbɛtena asase so oo, ɛhia sɛ yɛte saa mfatoho yi ase.

2 Bere bɛn na Yesu maa mfatoho no? Ɛyɛ bere a na ɔrekyerɛ n’asuafo no sɛnkyerɛnne a wɔde bɛhu sɛ wabɛyɛ Ɔhene na awiei bere no afi ase. (Mateo 24:3) Enti dwetikɛse ho mfatoho no ka saa sɛnkyerɛnne no ho, na ɛrenya mmamu wɔ yɛn bere yi so.

3. Dɛn na yɛsua fi mfatoho a ɛwɔ Mateo ti 24 ne 25 no mu?

3 Bere a Yesu maa dwetikɛse ho mfatoho no, ɔmaa mfatoho foforo mmiɛnsa a ɛno nso ka awiei bere ho sɛnkyerɛnne no ho. Mfatoho yi nyinaa kyerɛ suban pɔtee a ɛsɛ sɛ n’akyidifo nya. Yɛbɛtumi akenkan mfatoho ahorow yi ho asɛm wɔ Mateo 24:45 kɔsi Mateo 25:46. Mfatoho a ɛdi kan no fa akoa nokwafo no ho. Wɔyɛ Kristofo kuw ketewa bi a wɔasra wɔn sɛ wɔnkyerɛkyerɛ Yehowa nkurɔfo. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ anokwafo ne mmadwemma. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Mfatoho a ɛdi hɔ no fa mmaabun du ho. Yesu bɔɔ Kristofo a wɔasra wɔn no nyinaa kɔkɔ wɔ saa mfatoho no mu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔyɛ krado na wɔwɛn efisɛ wɔnnim da anaa dɔnhwerew a ɔbɛba. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Afei Yesu maa dwetikɛse ho mfatoho no de kyerɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ ɛbɛhia sɛ wɔyere wɔn ho yɛ adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa wɔ Kristofo asafo no mu no. Ɛno akyi no, Yesu maa nnwan ne mmirekyie ho mfatoho no. Ɛfa wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no ho. Ɔsii so dua sɛ ɛsɛ sɛ wɔdi nokware na wɔyɛ nea wɔbɛtumi biara de boa ne nuanom a wɔasra wɔn no. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Yɛbɛkyerɛkyerɛ dwetikɛse ho mfatoho no mu wɔ adesua yi mu.

ƆBARIMA BI MAA NE NKOA SIKA PII

4, 5. Ɔbarima a ɔwɔ mfatoho no mu no gyina hɔ ma hena? Dwetikɛse no yɛ sɛn?

4 Kenkan Mateo 25:14-30. Yesu kaa ɔbarima bi a ɔtuu kwan ho asɛm wɔ dwetikɛse ho mfatoho no mu. Mfatoho bi a ɛte saa ara mu no, Yesu kaa ɔbarima bi a ɔtuu kwan sɛ ɔrekɔpɛ ahenni ho asɛm. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) (Luka 19:12) Wɔaka mfatoho mmienu yi ho asɛm wɔ yɛn nwoma ahorow mu mfe pii. Wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔbarima a ɔwɔ mfatoho no mu no gyina hɔ ma Yesu a ɔkɔɔ soro afe 33 no. Nanso bere a Yesu kɔɔ soro no, ɛnyɛ amonom hɔ ara na ɔbɛyɛɛ Ɔhene. Ɔtwɛn kɔsii afe 1914, bere a wɔde n’atamfo ‘yɛɛ ne nan ase ntiasoɔ’ no.Hebrifoɔ 10:12, 13.

5 Yesu kaa sɛ na ɔbarima a ɔwɔ mfatoho no mu no wɔ dwetikɛse nwɔtwe. Ná ɛyɛ sika pii. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Ɔbarima no de sika yi maa ne nkoa ansa na ɔretu kwan. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa sika no nyɛ adwuma mfa mpɛ mfaso pii mma no. Sɛnea na sika no som bo paa ma ɔbarima no, saa ara na na biribi wɔ hɔ a ɛsom bo paa ma Yesu. Ná ɛyɛ dɛn? Ɛyɛ adwuma a ɔyɛe bere a ɔwɔ asase so no.

“Momma mo ani so nhwɛ mfuo no sɛ ahoa sɛ wɔtwa”

6, 7. Dwetikɛse no gyina hɔ ma dɛn?

6 Ná asɛnka adwuma no ho hia Yesu paa. Asɛnka adwuma a ɔyɛe no maa nnipa pii bɛyɛɛ n’asuafo. (Kenkan Luka 4:43.) Nanso na ɔnim sɛ adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ asuafo no yɛ, na na nnipa pii bɛgye asɛmpa no atom. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Momma mo ani so nhwɛ mfuo no sɛ ahoa sɛ wɔtwa.” (Yohane 4:35-38) Okuani papa biara nni hɔ a ɔbɛgya n’afuo a ahoa a ɛsɛ sɛ wɔtwa hɔ. Saa ara na na Yesu te. Ansa na Yesu rebɛkɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: ‘Monkɔ nkɔyɛ asuafoɔ.’ (Mateo 28:18-20) Yesu nam saa asɛm yi so de ademude bi a ɛsom bo hyɛɛ wɔn nsa, na ɛno ne asɛnka adwuma no.2 Korintofoɔ 4:7.

7 Sɛnea ɔbarima a ɔde ne sika maa ne nkoa no yɛe no, saa ara na Yesu de asuafoyɛ adwuma no hyɛɛ n’akyidifo a wɔasra wɔn no nsa. (Mateo 25:14) Enti dwetikɛse no gyina hɔ ma asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no.

8. Ɛwom sɛ ɛsono sika a akoa biara nyae deɛ, nanso dɛn na na owura no pɛ sɛ wɔyɛ?

8 Yesu kaa sɛ owura no maa akoa a ɔdi kan no dwetikɛse nnum, akoa a ɔto so mmienu no, dwetikɛse mmienu, ne akoa a ɔto so mmiɛnsa no dwetikɛse baako. (Mateo 25:15) Ɛsono sika a owura no de maa akoa biara, nanso na ɔhwɛ kwan sɛ wɔn mu biara bɛbɔ mmɔden de nea ɔnyae no apɛ sika pii ama no. Saa ara na Yesu pɛ sɛ n’akyidifo a wɔasra wɔn no yɛ nea wɔbɛtumi biara de ka asɛmpa no. (Mateo 22:37; Kolosefoɔ 3:23) Pentekoste afe 33 no, Yesu akyidifo no fii ase yɛɛ amanaman nyinaa n’asuafo. Sɛ yɛkenkan Bible mu nwoma a ɛne Asomafoɔ Nnwuma no a, yɛhu sɛnea wɔyɛɛ adwumaden no pefee. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)Asomafoɔ Nnwuma 6:7; 12:24; 19:20.

NKOA NO DE DWETIKƐSE NO REYƐ ADWUMA WƆ AWIEI BERE MU

9. (a) Dɛn na nkoa mmienu a wɔdii nokware no de sika a wɔnyae no yɛe, na dɛn na yɛsua fi mu? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no yɛ?

9 Nkoa mmienu a wɔdi kan a wɔde wɔn dwetikɛse no yɛɛ adwuma yiye no gyina hɔ ma anuanom mmarima ne mmaa a wɔasra wɔn a wɔwɔ nna a ɛdi akyiri yi mu no. Efi afe 1919 titiriw no, wɔayere wɔn ho reyɛ asɛnka adwuma no. Wɔ mfatoho no mu no, ɛsono sika a nkoa mmienu no mu biara nyae, nanso ɛnkyerɛ sɛ Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no yɛ akuw mmienu. Nkoa mmienu no nyinaa yɛɛ adwumaden maa wɔn sika no bu bɔɔ ho mmienu. Yɛbisa sɛ, Kristofo a wɔasra wɔn no nko ara na ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho yɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no anaa? Dabi. Yesu mfatoho a ɛfa nnwan ne mmirekyie ho no ma yɛhu sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no boa Yesu nuanom a wɔasra wɔn no wɔ asɛnka adwuma no mu na wɔkɔ so bata wɔn ho. Nnwan foforo no te nka sɛ ɛyɛ hokwan kɛse sɛ wɔreboa Kristofo a wɔasra wɔn no. Yehowa nkurɔfo yɛ “kuo baako,” na wɔn nyinaa yere wɔn ho yɛ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no.Yohane 10:16.

10. Sɛnkyerɛnne no fã bɛn na ɛma yɛhu sɛ yɛwɔ nna a ɛdi akyiri no mu?

10 Yesu pɛ sɛ n’akyidifo nyinaa yere wɔn ho yɛ asɛnka adwuma no ma ɔnya asuafo pii. Saa ara na n’asuafo no yɛe wɔ asomafo no bere so. Awiei bere yi mu a Yesu mfatoho a ɛfa dwetikɛse ho no renya mmamu no, n’akyidifo no reyɛ adwuma yi anaa? Ɛmmaa da sɛ nnipa pii ate asɛmpa no abɛyɛ asuafo sɛ saa bere yi! Esiane adwumaden a Yesu akyidifo nyinaa reyɛ nti, afe biara nnipa mpempem pii bɔ asu. Na wɔn a wɔabɔ asu no nso reyɛ asɛnka adwuma no bi. Aba pa a adwuma yi resow no ma yɛhu sɛ asɛnka adwuma no yɛ awiei bere ho sɛnkyerɛnne a Yesu de mae no fã titiriw. Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu ani asɔ n’adwumayɛfo no!

Yesu de ademude bi a ɛsom bo ahyɛ n’asomfo nsa, na ɛno ne asɛnka adwuma no (Hwɛ nkyekyɛm 10)

BERE BƐN NA OWURA NO BƐBA?

11. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yesu bɛba wɔ ahohiahia kɛse no mu?

11 Yesu kaa sɛ: “Berɛ tenteenten akyi no, nkoa no wura baeɛ, na ɔne wɔn buu nkonta.” (Mateo 25:19) Owura Yesu bɛyɛ wei bere a ahohiahia kɛse no rekɔ awiei no. Yɛyɛ dɛn hu saa? Yesu kaa no mpɛn pii wɔ ne nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mateo ti 24 ne 25 no mu sɛ ɔreba. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɔkaa sɛ nkurɔfo ‘bɛhunu sɛ onipa Ba no nam ɔsoro mununkum mu reba.’ Wei yɛ bere a Yesu bɛbu nkurɔfo atɛn wɔ ahohiahia kɛse no mu no. Ɔbɔɔ n’akyidifo a wɔbɛtena ase wɔ awiei bere no mu nso kɔkɔ sɛ wɔnwɛn. Ɔkaa sɛ: “Monnim da ko a mo Wura bɛba,” na “Dɔn a mo ani nna soɔ mu na onipa Ba no bɛba.” (Mateo 24:30, 42, 44) Enti wɔ dwetikɛse ho mfatoho no mu no, na bere a Yesu bɛba abɛbu nkurɔfo atɛn na wasɛe Satan wiase no ho asɛm na na ɔreka. *—Hwɛ ase hɔ asɛm no.

12, 13. (a) Asɛm bɛn na owura no bɛka akyerɛ nkoa mmienu no, na adɛn ntia? (b) Bere bɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no bɛnya wɔn nsɔano a ɛtwa to no? (San hwɛ adaka a wɔato din, “ Sɛ Wɔwu a, Wɔbu Wɔn sɛ Wɔfata.”) (d) Akatua bɛn na wɔn a wɔboaa Kristofo a wɔasra wɔn no bɛnya?

12 Bere a owura no fi akwantu mu bae no, ohui sɛ akoa a ɔmaa no dwetikɛse nnum no anya nnum aka ho, na nea ɔnyaa mmienu no nso anya mmienu aka ho. Owura no ka kyerɛɛ wɔn mu biara sɛ: “Mo, akoa pa nokwafoɔ! Wodii nneɛma kakraa bi mu nokorɛ. Mɛma woahwɛ nneɛma pii so.” (Mateo 25:21, 23) Sɛ Owura Yesu ba daakye a, dɛn na ɔbɛyɛ?

13 Sɛ aka kakra ma ahohiahia kɛse no aba a, Onyankopɔn bɛgye Kristofo a wɔasra wɔn a wɔyɛ adwumaden a wɔda so wɔ asase so no atom. Saa bere no na wɔbɛnya wɔn nsɔano a ɛtwa to no. (Adiyisɛm 7:1-3) Afei, ansa na Harmagedon bɛba no, Yesu de wɔn akatua bɛma wɔn; ɔbɛnyane wɔn ma wɔakɔ soro. Na wɔn a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtena asase so a wɔboaa Kristofo a wɔasra wɔn no wɔ asɛnka adwuma no mu no nso ɛ? Wɔbɛbu wɔn atɛn sɛ nnwan. Wɔbɛma wɔanya nkwa atena asase so wɔ Onyankopɔn Ahenni ase.Mateo 25:34.

AKOA BƆNE NE ONIHAFO

14, 15. Enti na Yesu rekyerɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no pii bɛyɛ nkoa bɔne ne anihafo anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

14 Wɔka akoa a ɔnyaa dwetikɛse baako nso ho asɛm wɔ mfatoho no mu. Wamfa ne sika no anyɛ adwuma ampɛ mfaso amma ne wura no na wamfa ankɔto sikakorabea nso ampɛ nsiho. Mmom ɔde sika no kɔsiee fam. Owura no kaa sɛ akoa no yɛ akoa bɔne ne onihafo. Enti ɔgyee dwetikɛse no fii akoa bɔne no nsam de maa akoa a ɔdi kan no. Afei ɔpamoo akoa bɔne no kɔɔ “abɔnten sum no mu,” na ɛhɔ na ɔkɔsuu yayaaya.Mateo 25:24-30; Luka 19:22, 23.

15 Bere a Yesu kaa sɛ nkoa mmiɛnsa no mu baako yɛ akoa bɔne ne onihafo no, na ɛnyɛ nea ɔreka ne sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no mu mmiɛnsa biara mu baako bɛyɛ n’ade sɛ akoa bɔne no. Sɛ yɛde saa mfatoho yi toto mfatoho foforo mmienu bi ho a, yɛbɛte saa asɛm yi ase yiye. Yesu kaa wɔ akoa nokwafo ne ɔbadwemma ho mfatoho no mu sɛ akoa bɔne no bɛtan nkoa a wɔaka no. Ɛnyɛ nea na Yesu reka ne sɛ akoa bɔne kuw bi bɛsɔre. Mmom na kɔkɔbɔ na ɔde rema Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ade sɛ akoa bɔne no. Afei Yesu kaa mmaabun nkwaseafo nnum ho asɛm wɔ mmaabun du ho mfatoho no mu. Ɛnyɛ nea na Yesu reka ne sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no mu fã bɛyɛ wɔn ade sɛ mmaabun nkwaseafo no. Mmom na Yesu rebɔ wɔn kɔkɔ sɛ, sɛ wɔanyɛ krado na wɔanwɛn a, asɛm bɛto wɔn. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Saa ara na dwetikɛse ho mfatoho no mu no, na ɛnyɛ sɛ Yesu reka sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no mu pii bɛyɛ nkoa bɔne ne anihafo wɔ nna a ɛdi akyiri no mu. Mmom, na ɔrebɔ Kristofo a wɔasra wɔn no kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ade sɛ akoa bɔne no, na mmom wɔnkɔ so nyɛ asɛmpaka adwuma no dendeenden.Mateo 25:16.

Yesu bɛtua n’asuafo a wɔyere wɔn ho yɛ asɛnka adwuma no nyinaa ka

16. (a) Nneɛma mmienu bɛn na yɛasua afi dwetikɛse ho mfatoho no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na adesua yi aboa yɛn ma yɛate dwetikɛse ho mfatoho no ase? (Hwɛ adaka a wɔato din, “ Yɛbɛte Dwetikɛse Ho Mfatoho no Ase Sɛn?”)

16 Nneɛma mmienu bɛn na yɛasua afi dwetikɛse ho mfatoho no mu? Nea ɛdi kan, Yesu de ademude a ɛsom bo hyɛɛ n’asuafo nsa; ɛno ne asɛnka ne asuafoyɛ adwuma a ɛho hia no. Nea ɛto so mmienu, Yesu pɛ sɛ yɛn nyinaa yere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no. Sɛ yɛde nokwaredi yɛ asɛnka adwuma no na yɛkɔ so yɛ osetie, na yɛdi Yesu nokware a, yɛbɛtumi anya awerɛhyem sɛ ɔbɛtua yɛn ka.Mateo 25:21, 23, 34.

^ nky. 3 Adesua a ɛdi wei anim no ma yɛhuu wɔn a wɔgyina hɔ ma mmaabun no.

^ nky. 3 Wɔakyerɛkyerɛ nnwan ne mmirekyie ho mfatoho no mu wɔ October 15, 1995, Ɔwɛn-Aban, kratafa 23-28 ne adesua a ɛdi hɔ wɔ Ɔwɛn-Aban yi mu.

^ nky. 5 Yesu bere so no, na odwumayɛni yɛ adwuma mfe 20 ansa na wanya dwetikɛse baako.

^ nky. 8 Asomafo no wu akyi no, ankyɛ na ɔwae baa asafo ahorow no nyinaa mu. Mfe pii twaam a wɔanyɛ asɛnka adwuma no papa biara. Nanso na wɔbɛsan afi asɛnka adwuma no ase “twaberɛ” anaa awiei bere no mu. (Mateo 13:24-30, 36-43) Hwɛ July 15, 2013, Ɔwɛn-Aban, kratafa 9-12.

^ nky. 15 Hwɛ adesua a ɛdi wei anim a asɛmti ne “‘Wobɛkɔ So Awɛn’ Anaa?” no nkyekyɛm 13.