Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Wobɛkɔ So Awɛn’ Anaa?

‘Wobɛkɔ So Awɛn’ Anaa?

“Enti monkɔ so nwɛn, na monnim da anaa dɔn no.”MATEO 25:13.

1, 2. (a) Dɛn na Yesu ka faa nna a ɛdi akyiri no ho? (b) Nsɛmmisa bɛn na yɛbɛsusu ho?

FA W’ADWENE bu sɛ Yesu te Ngo Bepɔ no so a n’ani kyerɛ Yerusalem asɔrefie no. N’asuafo no mu nnan ka ne ho; wɔn din ne Petro, Andrea, Yakobo, ne Yohane. Yesu kaa nkɔmhyɛ bi a ɛbɛbam daakye ho asɛm kyerɛɛ wɔn, na wɔyɛɛ aso tiee no. Nkɔmhyɛ no ma yɛhu nea ɛbɛsi wɔ wiase bɔne yi nna a ɛdi akyiri mu bere a Yesu bɛdi ade wɔ Onyankopɔn Ahenni mu no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ edu saa bere a nsɛm akɛse bɛsisi no a, “akoa nokwafoɔ ne ɔbadwemma” no bɛgyina n’ananmu wɔ asase so ama n’akyidifo honhom fam aduane ɛbere a ɛsɛ mu.Mateo 24:45-47.

2 Yesu san maa mfatoho a ɛfa mmaabun du ho wɔ saa nkɔmhyɛ no ara mu. (Kenkan Mateo 25:1-13.) Yɛbɛsusu nsɛmmisa a ɛdidi so yi ho wɔ adesua yi mu: (1) Aba bɛn na ɛwɔ mfatoho no mu? (2) Sɛn na Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no de afotu a ɛwɔ mfatoho no mu ayɛ adwuma? Dɛn na afi mu aba? (3) Ɛnnɛ, yɛn mu biara bɛyɛ dɛn atumi anya mfatoho a Yesu mae no so mfaso?

ABA BƐN NA ƐWƆ MFATOHO NO MU?

3. Kan no, sɛn na na yɛn nwoma ahorow kyerɛkyerɛ mmaabun du ho mfatoho no mu? Ɛbɛtumi aba sɛ dɛn na efii mu bae?

3 Adesua a ɛdi wei anim no, yɛhuu sɛ nnansa yi akoa nokwafo no asesa sɛnea wɔkyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm bi mu. Seesei akoa nokwafo no de adwene asi asuade a ɛwɔ Bible mu nsɛm mu so kɛse sen sɛ wɔde bɛsi nea ɛgyina hɔ ma anaa sɛnea ɛbɛbam daakye so. Yɛmfa Yesu mfatoho a ɛfa mmaabun du ho no nyɛ nhwɛso. Kan no, na yɛn nwoma ahorow taa ka sɛ nkanea, ngo, ne ntoa no gyina hɔ ma biribi anaa obi. Enti, ɛbɛtumi aba sɛ bere a yɛde yɛn adwene sii nneɛma nketenkete a ɛwɔ mfatoho no mu so no, aba a ɛho hia a ɛwom no yerae? Ɛho hia sɛ yɛnya saa asɛmmisa no ho mmuae.

Ɛsɛ sɛ mmaabun no sosɔ wɔn nkanea na wɔyɛ krado ansa na ayeforokunu no aba

4. Mfatoho no mu no, hena ne (a) ayeforokunu no? (b) henanom ne mmaabun no?

4 Ma yɛnhwɛ aba a ɛwɔ Yesu mfatoho no mu. Nea ɛdi kan, ma yɛnhwɛ nnipa a wɔwɔ mmaabun du ho mfatoho no mu. Hena ne ayeforokunu no? Ɔno ne Yesu. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ na Yesu ankasa adi kan aka sɛ ɔyɛ ayeforokunu. (Luka 5:34, 35) Henanom ne mmaabun no? Wɔne “nnwankuo ketewa” no, anaa Kristofo a wɔasra wɔn no. Yɛyɛ dɛn hu saa? Mfatoho no ma yɛhu sɛ ɛsɛ sɛ mmaabun no sosɔ wɔn nkanea na wɔyɛ krado ansa na ayeforokunu no aba. Hwɛ nea Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo anokwafo no: “Momfa adeɛ mmɔ mo asene na momma mo nkanea nnɛre, na monyɛ mo ho sɛ mmarima a wɔretwɛn wɔn wura sɛ ɔbɛfiri awaregyeɛ ase aba.” (Luka 12:32, 35, 36) Ɔsomafo Paulo ne ɔsomafo Yohane nyinaa de Kristo akyidifo anokwafo no totoo ɔbaabun a efĩ nkaa no ho. (2 Korintofoɔ 11:2; Adiyisɛm 14:4) Enti yɛtumi hu sɛ afotu ne kɔkɔbɔ a ɛwɔ Mateo 25:1-13 no fa Yesu akyidifo a wɔasra wɔn no ho.

5. Ɔkwan bɛn so na Yesu ma yɛhuu bere pɔtee a ne mfatoho no bɛba mu?

5 Nea ɛdi hɔ no, Yesu afotu no fa bere pɔtee bɛn ho? Asɛm a Yesu kae bere a ɔde mfatoho no reba awiei no boa yɛn ma yɛhu. Ɔkaa sɛ: “Ayeforɔkunu no baeɛ.” (Mateo 25:10) Yehui wɔ July 15, 2013, Ɔwɛn-Aban no mu sɛ Yesu nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mateo ti 24 ne 25 no ka bere a Yesu ‘bɛba’ no ho asɛm mpɛn nwɔtwe. Bere a Yesu kaa ne ‘ba’ ho asɛm no, na ɔreka bere a ɔbɛba wɔ ahohiahia kɛse no mu abɛbu atɛn na wasɛe wiase bɔne yi ho asɛm. Enti yɛbɛtumi aka sɛ Yesu mfatoho no fa nna a ɛdi akyiri no ho, nanso ‘ɔbɛba’ ahohiahia kɛse no mu.

6. Aba bɛn na ɛwɔ mfatoho no mu?

6 Aba bɛn na yɛnya fi mfatoho no mu? Kae nea na Yesu reka ho asɛm no. Yesu kaa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ho asɛm wɔ Mateo ti 24. Saa akoa no yɛ mmarima kakraa bi a wɔasra wɔn a wɔbɛdi Kristo akyidifo anim wɔ nna a ɛdi akyiri no mu. Yesu bɔɔ saa mmarima no kɔkɔ sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ so yɛ anokwafo. Mateo ti 25 no, Yesu de mmaabun du ho mfatoho no yɛɛ afotu maa n’akyidifo a wɔasra wɔn nyinaa a wɔbɛtena ase wɔ nna a ɛdi akyiri no mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ‘wɔnkɔ so nwɛn’ na ɔsoro akatua no ammɔ wɔn. (Mateo 25:13) Afei momma yɛnhwehwɛ mfatoho no mu na yɛnhwɛ sɛnea wɔn a wɔasra wɔn no de afotu no ayɛ adwuma.

SƐN NA WƆN A WƆASRA WƆN NO DE AFOTU A ƐWƆ MFATOHO NO MU AYƐ ADWUMA?

7, 8. (a) Dɛn na ɛmaa mmaabun mmadwemma no yɛɛ krado? (b) Dɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no ayɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔayɛ krado?

7 Yesu sii so dua wɔ mfatoho no mu sɛ mmaabun mmadwemma no anyɛ wɔn ade sɛ mmaabun nkwaseafo no, enti ayeforokunu no bae no na wɔayɛ krado. Dɛn na wɔyɛe? Na wɔayɛ krado rewɛn. Ná ɛsɛ sɛ mmaabun du no nyinaa ma wɔn ani da hɔ na wɔma wɔn nkanea dɛre anadwo no nyinaa. Ná mmaabun mmadwemma nnum no ayɛ krado efisɛ wɔde ngo guu ntoa mu kaa wɔn nkanea no ho, nanso mmaabun nkwaseafo no anyɛ saa. Dɛn na Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no ayɛ de asiesie wɔn ho ama ba a Yesu bɛba no?

8 Kristofo a wɔasra wɔn no asiesie wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ wɔn adwuma no akɔsi awiei. Wɔnim sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nneɛma a ɛbɛma wɔn ho adwo wɔn wɔ Satan wiase mu no to nkyɛn na ama wɔatumi asom Onyankopɔn yiye. Esiane sɛ wɔdɔ Yehowa ne ne Ba no nti, wɔasi wɔn bo sɛ wɔde nokwaredi bɛsom Yehowa, na ɛnyɛ sɛ awiei no abɛn nti na wɔreyɛ saa. Wɔkura wɔn mũdi mu, na wɔmma wiase ahonyade, ɔbrasɛe, ne pɛsɛmenkominya nnye wɔn adwene. Sɛnea na mmaabun mmadwemma no asosɔ wɔn nkanea retwɛn no, saa ara na nnɛ wɔn a wɔasra wɔn no kɔ so hyerɛn, na sɛ ɛyɛ sɛ nea Ayeforokunu no rekyɛ mpo a, wɔanya abotare atwɛn no.Filipifoɔ 2:15.

Yesu bɔɔ Kristofo a wɔasra wɔn no kɔkɔ sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ so yɛ anokwafo

9. (a) Kɔkɔbɔ bɛn na Yesu de maa wɔn a wɔasra wɔn no wɔ nko a wɔbɛtɔ ho? (b) Sɛn na wɔn a wɔasra wɔn no ayɛ wɔn ade wɔ nteɛm, “Ayeforɔkunu no nie oo!” no ho? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

9 Ade foforo a ɛboaa mmabun mmadwemma no ma wɔyɛɛ krado bere a ayeforokunu no bae ne sɛ na wɔrewɛn. Nanso wɔ mfatoho no mu no, bere a ɛyɛɛ sɛ nea ayeforokunu no akyɛ no, mmaabun du no nyinaa “tɔɔ nko faa mu daeɛ.” Enti ɛbɛtumi aba sɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no bi ‘bɛda’ anaa? Nneɛma bɛtumi atwetwe wɔn adwene bere a wɔretwɛn sɛ Kristo bɛba no? Aane. Ná Yesu nim sɛ obi a wasiesie ne ho retwɛn sɛ ɔbɛba no bɛtumi ayɛ mmerɛw na nneɛma atwetwe n’adwene. Enti Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no ayere wɔn ho akɔ so awɛn. Ɔkwan bɛn so? Yɛhu wɔ mfatoho no mu sɛ bere a mmaabun du no tee nteɛm sɛ: “Ayeforɔkunu no nie oo!” no, wɔn nyinaa sɔree. Nanso mmaabun mmadwemma no nko ara na wɔkɔɔ so wɛnee. (Mateo 25:5, 6; 26:41) Saa ara na nna a ɛdi akyiri yi mu no, Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no ate nteɛm, “Ayeforɔkunu no nie oo!” na wɔagye so. Wɔagye adanse a ɛdi mũ a ɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ na Yesu aba no atom, na wɔayɛ krado retwɛn sɛ ɔbɛba. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Afei yɛnhwɛ asɛm a Yesu ka de wiee mfatoho no; ɛfa bere pɔtee bi ho.

MMADWEMMA NO AKATUA NE NKWASEAFO NO ASOTWE

10. Sɛ yɛhwɛ nkɔmmɔ a ɛkɔɔ so wɔ mmaabun mmadwemma ne mmaabun nkwaseafo no ntam no a, asɛm bɛn na yɛbɛtumi abisa?

10 Mfatoho no rekɔ awiei no, mmaabun nkwaseafo no kaa sɛ mmaabun mmadwemma no mma wɔn ngo ngu wɔn nkanea mu. Nanso wɔamma wɔn. (Kenkan Mateo 25:8, 9.) So yɛate pɛn sɛ obi hia mmoa ɛnna Kristofo a wɔasra wɔn no ammoa no anaa? Kae bere a mfatoho no bɛbam no. Sɛ ahohiahia kɛse no rekɔ awiei a, ɛnna Yesu, Ayeforokunu no, bɛba abɛbu atɛn. Enti yɛbɛtumi aka sɛ mmaabun nkwaseafo no bɛsrɛ mmadwemma no ngo bere a aka kakraa bi ma ahohiahia kɛse no aba awiei no. Adɛn nti na yɛreka saa? Nea enti a yɛreka saa ne sɛ ɛbɛdu saa bere no na Kristofo a wɔasra wɔn no anya wɔn nsɔano a ɛtwa to no.

11. (a) Sɛ aka kakraa bi ma ahohiahia kɛse no afi ase a, dɛn na ɛbɛsi? (b) Bere a mmaabun mmadwemma no ka kyerɛɛ nkwaseafo no sɛ wɔnkɔto ngo no bi no, dɛn na na wɔrepɛ akyerɛ?

11 Enti, Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so nyinaa bɛnya wɔn nsɔano a ɛtwa to ansa na ahohiahia kɛse no afi ase. (Adiyisɛm 7:1-4) Efi saa bere no, biribiara ntumi nsi ɔsoro a wɔbɛkɔ no kwan. Nanso wo deɛ, ma yɛnhwɛ bere a ahohiahia kɛse no nnya mfii ase no. Sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no bi ankɔ so anwɛn na wɔanni nokware a, dɛn na ɛbɛto wɔn? Wɔrennya nsɔano a ɛtwa to no. Ebedu saa bere no, na wɔasra Kristofo anokwafo foforo ahyɛ wɔn ananmu. Sɛ ahohiahia no fi ase a, wɔbɛsɛe Babilon Kɛse no, na ɛno bɛma mmaabun nkwaseafo no ho adwiriw wɔn paa. Ebia saa bere no na wɔbɛhu sɛ wɔanyɛ krado antwɛn Yesu. Sɛ wɔhwehwɛ mmoa saa bere no a, dɛn na ɛbɛsi? Mmuae no wɔ mfatoho no mu. Mmaabun mmadwemma no amma mmaabun nkwaseafo no ngo no bi, mmom wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔtɔ bi. Esiane sɛ na ɛyɛ “dasuom” nti, wɔannya ngo no bi antɔ. Ná aka akyi dodo!

12. (a) Sɛ ahohiahia kɛse no fi ase a, wɔn a wɔasra wɔn no bɛtumi aboa Kristoni a na wɔasra no nanso wanni nokware ansa na anokwafo no renya nsɔano a ɛtwa to no anaa? Adɛn ntia? (b) Dɛn na ɛbɛto wɔn a wɔyɛ wɔn ade sɛ mmaabun nkwaseafo no?

12 Sɛ ahohiahia kɛse no fi ase a, Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no rentumi mmoa obiara a wanni nokware. Ebedu saa bere no na aka akyi dodo. Ɛnde, dɛn na ɛbɛto wɔn a wɔnni nokware no? Hwɛ nea ɛtoo mmaabun nkwaseafo a wɔkɔe sɛ wɔrekɔtɔ ngo no: “Ayeforɔkunu no baeɛ, na mmaabunu a wɔayɛ krado no ne no kɔɔ ayeforɔhyia no ase; na wɔtoo pono no mu.” Sɛ Yesu ba n’anuonyam mu bere a ahohiahia kɛse no reba awiei no a, ɔbɛboaboa Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no ano akɔ soro. (Mateo 24:31; 25:10; Yohane 14:1-3; 1 Tesalonikafoɔ 4:17) Nanso Yesu bɛpo wɔn a wɔanni nokware no. Ebia wɔbɛka asɛm a mmaabun nkwaseafo no kae no bi sɛ: “Owura, owura, bue yɛn!” Nanso Yesu bɛbua wɔn sɛn? Awerɛhosɛm ne sɛ, mmuae a ɔde bɛma nnipa pii a wɔte sɛ mmirekyie no ara na ɔde bɛma wɔn sɛ: “Mese mo nokorɛm sɛ, mennim mo.”Mateo 7:21-23; 25:11, 12.

Ɛyɛ Kristoni biara a wɔasra no asɛde sɛ ɔsiesie ne ho na ɔwɛn

13. (a) Adɛn nti na ɛho nhia sɛ yɛbɛka sɛ Kristo akyidifo a wɔasra wɔn no mu bebree renni nokware? (b) Adɛn nti na yɛbɛtumi aka sɛ Yesu mfatoho no ma yɛhu sɛ ɔwɔ Kristofo a wɔasra wɔn no mu ahotoso? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

13 Enti nea na Yesu reka ne sɛ wɔn a wɔasra wɔn no bebree renni nokware ma enti ɛho bɛhia sɛ wɔde ebinom hyɛ wɔn ananmu? Dabi. Mateo ti 24 ma yɛhu sɛ Yesu bɔɔ akoa nokwafo ne ɔbadwemma no kɔkɔ sɛ wɔnhwɛ na wɔanyɛ akoa bɔne. Wei nkyerɛ sɛ na ɔhwɛ kwan sɛ biribi a ɛte saa bɛsi. Saa ara na mmaabun du ho mfatoho no nso yɛ kɔkɔbɔ. Yɛahu sɛ na mmaabun du no mu nnum yɛ nkwaseafo ɛnna nnum nso yɛ mmadwemma. Enti ɛyɛ Kristoni biara a wɔasra no asɛde sɛ ɔsiesie ne ho na ɔwɛn. Sɛ wanyɛ saa a, ɔbɛtumi abɛyɛ ɔkwasea a ɔnni nokware. Paulo de kɔkɔbɔ a ɛte saa ara maa ne nuanom Kristofo mmarima ne mmaa a wɔasra wɔn no. (Kenkan Hebrifoɔ 6:4-9; fa toto Deuteronomium 30:19 ho.) Paulo de asɛm no sii wɔn anim pen, na na ɔwɔ awerɛhyem nso sɛ ne nuanom mmarima ne mmaa no nsa bɛka wɔn akatua. Kɔkɔbɔ a Yesu de mae wɔ mmaabun du ho mfatoho no mu no ma yɛhu sɛ na ɔwɔ Kristofo a wɔasra wɔn no mu ahotoso saa ara. Ɔnim sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no mu biara bɛtumi akɔ so adi nokware na wanya akatua pa!

KRISTO “NNWAN FOFORƆ” NO BƐYƐ DƐN ANYA SO MFASO?

14. Adɛn nti na “nnwan foforɔ” no nso bɛtumi anya mmaabun du ho mfatoho no so mfaso?

14 Yesu mfatoho no fa Kristofo a wɔasra wɔn no ho. Na “nnwan foforɔ” no nso ɛ? Wɔbɛtumi anya Yesu mfatoho no so mfaso anaa? (Yohane 10:16) Aane! Aba a ɛwɔ mfatoho no mu no yɛ tiawa. Ɛne sɛ: “Monkɔ so nwɛn.” Bere bi nso Yesu kaa sɛ: “Deɛ mereka akyerɛ mo yi mereka akyerɛ nnipa nyinaa, monkɔ so nwɛn.” (Marko 13:37) Yesu pɛ sɛ n’asuafo nyinaa yɛ krado na wɔwɛn. Kristofo nyinaa bɛtumi asuasua wɔn a wɔasra wɔn no nhwɛso pa; wɔde ɔsom adwuma no di kan wɔ biribiara mu wɔ wɔn asetena mu. Kae sɛ mmaabun nkwaseafo no ka kyerɛɛ mmaabun mmadwemma no sɛ wɔmma wɔn ngo ngu wɔn nkanea mu. Wɔamma wɔn. Ɛno kae yɛn sɛ ɛyɛ yɛn mu biara asɛde sɛ ɔkɔ so di nokware ma Onyankopɔn, ɔyɛ krado, na ɔkɔ so wɛn. Obiara rentumi nyɛ saa mma yɛn. Yɛn mu biara bɛbu akontaa akyerɛ Yesu Kristo, Ɔtemmufo a ɔtene, a ɔreba nnansa yi ara no. Enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ krado!

Obiara ntumi nwɛn mma yɛn, na saa ara nso na ɔrentumi nni nokware mma yɛn

15. Adɛn nti na Kristo ne n’ayeforo no aware yɛ anigyesɛm ma nokware Kristofo nyinaa?

15 Aware a Yesu kaa ho asɛm wɔ ne mfatoho no mu no yɛ anigyesɛm ma Kristofo nyinaa. Harmagedon ko no akyi no, Kristofo a wɔasra wɔn no bɛba abɛyɛ Kristo ayeforo. (Adiyisɛm 19:7-9) Saa bere no, obiara a ɔwɔ asase so bɛnya aware a ɛbɛkɔ so wɔ soro no so mfaso. Adɛn ntia? Efisɛ ɛbɛma nnipa nyinaa anya aban papa. Sɛ yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛtena soro oo, asase so oo, momma yɛnsi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ krado na yɛakɔ so awɛn. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn nsa bɛtumi aka asetena pa a Yehowa asiesie ama yɛn no!

^ nky. 9 Sɛ yɛhwɛ mfatoho no a, yɛhu sɛ bere a wɔtee nteɛm, “Ayeforɔkunu no nie oo!” (Mateo 25:6) no, bere bi twaam ansa na ayeforokunu (Mateo 25:10) no reba. Kristofo a wɔasra wɔn no akɔ so awɛn wɔ nna a ɛdi akyiri yi mu nyinaa. Wɔahu Yesu mmae no ho sɛnkyerɛnne no. Enti wɔnim sɛ ɔredi Onyankopɔn Ahenni no so Hene. Nanso ɛsɛ sɛ wɔkɔ so ara wɛn kɔsi sɛ ɔbɛba.