Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Wo Ho To Yehowa So Bere Nyinaa!

Fa Wo Ho To Yehowa So Bere Nyinaa!

“Momfa mo ho nto ne so daa.”—DWOM 62:8.

1-3. Dɛn nti na na Paulo gye di sɛ ɔbɛtumi de ne ho ato Yehowa so? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

SƐ NA woyɛ Kristoni wɔ Roma wɔ asomafo no bere so a, anka yɛbɛka sɛ na wote bere a ɛyɛ hu mu. Romafo no yɛɛ Kristofo no ayayade paa. Wɔka too Kristofo no so sɛ wɔn na wɔde ogyatanaa bi too Roma kurow no mu. Wɔbɔɔ Kristofo no sobo sɛ wɔmpɛ nnipa asɛm. Wɔkyeree Kristofo mmarima ne mmaa pii, na wɔmaa mmoa wee ebinom. Wɔde nnadewa bobɔɔ ebinom fomfam nnua ho; afei wɔhyew wɔn animono so anadwo faa no sɛ akanea a ɛbɛma wim ahyerɛn. Sɛ na wowɔ hɔ saa bere no a, ebia anka ɛbɛyɛ wo sɛ weinom mu bi bɛtumi ato wo.

2 Saa bere a emu yɛ den paa yi na wɔde ɔsomafo Paulo too afiase. Bere bi a asɛm too no no, ne nuanom Kristofo ammoa no, enti na ɔntumi nhu sɛ saa bere yi de wɔbɛboa no anaa. Nanso bere a obiara ammoa no mpo no, Yehowa nam Yesu so boaa no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Awurade bɛgyinaa me nkyɛn hyɛɛ me den.” Yesu hyɛɛ Paulo den. Paulo kaa sɛ ‘wɔgyee no fii gyata anom.’—2 Timoteo 4:16, 17. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

3 Paulo kaee sɛnea Yehowa boaa no bere bi a atwam. Enti na ɔgye di paa sɛ Yehowa bɛma no akokoduru a ɔde bɛgyina tebea a wakɔ mu ne sɔhwɛ ahorow a na ɔbɛhyia daakye no ano. Ná ɔwɔ ahotoso araa ma enti ɔkyerɛwee sɛ: “Awurade bɛgye me afiri adebɔne biara mu.” (2 Timoteo 4:18) Ná Paulo ahu sɛ tebea ahorow a ne nuanom antumi ammoa no mpo mu no, ɔtumi nyaa ahotoso sɛ Yehowa ne Yesu bɛboa no bere nyinaa. N’adwene anhinhim da.

TEBEA AHOROW A ƐBƐMA WODE WO HO ATO YEHOWA SO

4, 5. (a) Hena na ɔbɛtumi aboa wo bere nyinaa? (b) Wobɛyɛ dɛn ama abusuabɔ a wo ne Yehowa wɔ no mu ayɛ den kɛse?

4 Woahyia ɔhaw bi a emu yɛ den a ɛmaa wotee nka sɛ woayɛ ankonam a wonni ɔboafo biara pɛn? Ebia w’adwuma fii wo nsa anaa wohyiaa nhyɛso wɔ sukuu mu. Ebia yare bi a emu yɛ den bɔɔ wo anaa wohyiaa sɔhwɛ bi a emu yɛ den. Ɛbɛtumi aba sɛ wohwehwɛɛ mmoa fii nnipa bi hɔ nanso wɔantumi ammoa wo ma enti w’abam bui. Ɛwom, ɔhaw bi wɔ hɔ a nnipa ntumi mmoa wo mma wonsiesie. Sɛ ɛba saa a, wobɛyɛ dɛn? Bible ka sɛ ‘yɛmfa yɛn ho nto Yehowa so.’ (Mmebusɛm 3:5, 6) Wogye di sɛ Yehowa bɛtumi aboa wo? Yiw! Yɛbɛtumi akenkan nsɛm pii a asisi ho asɛm wɔ Bible mu, na ɛbɛma yɛagye adi sɛ Yehowa boa ne nkurɔfo ankasa.

Sɔhwɛ yɛ ade a ɛbɛma wode wo ho ato Yehowa so koraa

5 Sɛ nnipa antumi ammoa wo a, mma no nyɛ wo yaw. Mmom, sɛnea Paulo yɛe no, fa no sɛ ɛyɛ ade a ɛbɛma wode wo ho ato Yehowa so koraa. Ɛsan nso yɛ hokwan a ɛbɛma woahu sɛnea Yehowa dwene wo ho. Ɛba saa a, ahotoso a wowɔ wɔ Yehowa mu ne abusuabɔ a wo ne no wɔ no mu bɛyɛ den kɛse.

ƐSƐ SƐ YƐDE YƐN HO TO YEHOWA SO

6. Sɛ ɔhaw bi reteetee yɛn a, adɛn nti na ɛbɛtumi ayɛ den sɛ yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so?

6 Ebia ɔhaw bi reteetee wo. Woayɛ nea wobɛtumi biara, na woabɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo. Esiane sɛ woanya ahotoso sɛ Yehowa bɛboa wo nti, wobɛtumi aka wo koma ato wo yam seesei anaa? Aane, wobɛtumi ayɛ saa! (Kenkan Dwom 62:8; 1 Petro 5:7.) Sɛ wopɛ sɛ wo ne Yehowa nya abusuabɔ pa a, ɛho hia sɛ wonya ne mu awerɛhyem. Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛyɛ saa. Adɛn ntia? Ade baako ne sɛ ɛnyɛ daa na Yehowa bɛbua wo mpaebɔ ntɛm.—Dwom 13:1, 2; 74:10; 89:46; 90:13; Habakuk 1:2.

Yehowa, yɛn Agya a ɔwɔ soro no dɔ yɛn, na ɔnim nea yɛhia

7. Adɛn nti na ɛnyɛ bere nyinaa na Yehowa bua yɛn mpaebɔ ntɛm?

7 Adɛn nti na ɛnyɛ bere nyinaa na Yehowa bua yɛn mpaebɔ ntɛm? Bible ka sɛ Yehowa yɛ yɛn Agya na yɛn nso yɛyɛ ne mma. (Dwom 103:13) Ɛnyɛ ade biara a abofra bi bisa n’agya na ɔde ma no ntɛm ara. Agya biara nim sɛ ne ba bɛtumi aka mpofirim sɛ ɔhia biribi nanso akyiri yi wobɛhwɛ na abofra no ani nnye ho bio. Afei nso, agya biara nim nea ɛyɛ papa ma ne ba, na ɔnim sɛnea ade a abofra no hia no bɛtumi aka afoforo. Ɔnim ade a abofra no hia ankasa ne bere a ɛsɛ sɛ ɔde ma no. Sɛ Agya no de biribiara a abofra no bisa ma no ntɛm a, ɔbɛyɛ abofra no akoa. Yehowa, yɛn Agya a ɔwɔ soro no dɔ yɛn. Yɛn Bɔfo a ɔyɛ onyansafo no nim nea yɛhia, na bere a ɛfata paa na ɔde nneɛma a yɛbisa no no ma yɛn. Ɛyɛ papa sɛ yɛtwɛn na yɛhwɛ sɛnea Yehowa bɛbua yɛn mpaebɔ.—Fa toto Yesaia 29:16; 45:9 ho.

8. Dɛn na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ yɛkɔ sɔhwɛ mu a ɔbɛyɛ ama yɛn?

8 Momma yɛnkae nso sɛ Yehowa nim nea yɛn mu biara bɛtumi agyina ano ne nea ɔrentumi nnyina ano. (Dwom 103:14) Ɔma yɛn ahoɔden a yɛhia. Ɛyɛ nokware sɛ ɛtɔ bere bi a yɛbɛte nka sɛ yɛrentumi nnyina sɔhwɛ bi a ato yɛn ano bio. Nanso Yehowa hyɛ bɔ sɛ, sɛ sɔhwɛ a yɛhyia mu yɛ den paa sɛ yɛbɛtumi agyina ano a, ‘ɔbɛma kwan abɛda ho.’ (Kenkan 1 Korintofoɔ 10:13.) Ɛyɛ awerɛkyekye sɛ Yehowa nim sɔhwɛ a yɛbɛtumi agyina ano ne nea yɛrentumi nnyina ano.

9. Sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ Yehowa mmoa na wamma yɛn mmuae ntɛm a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

9 Sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ Yehowa mmoa na wamma yɛn mmuaeɛ ntɛm a, momma yɛntɔ yɛn bo ase. Momma yɛnkae sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔboa yɛn, nanso ɔtɔ ne bo ase kɔsi bere a ɛfata paa ansa na wayɛ nea yɛhia ama yɛn. Bible ka sɛ: “Yehowa twɛn sɛ ɔbɛboa mo, na ɔbɛma ne ho so ahu mo mmɔbɔ. Yehowa yɛ atemmuo Nyankopɔn. Anigyeɛ ne wɔn a wɔtwɛn no.”—Yesaia 30:18.

“GYATA ANOM”

10-12. (a) Dɛn na ɛbɛtumi ama ayɛ den sɛ wobɛhwɛ obusuani a ɔyare? (b) Sɛ wode wo ho to Yehowa so wɔ mmere a emu yɛ den mu a, ɛbɛka wo ne n’abusuabɔ sɛn? Ma nhwɛso.

10 Ebia asɛm a ato wo no mu ayɛ den araa ma wote nka te sɛ Paulo, na ɛyɛ wo sɛ ɛsɛ sɛ wɔgye wo fi “gyata anom.” (2 Timoteo 4:17) Ɛho hia paa sɛ wode wo ho to Yehowa so wɔ mmere a ɛte saa mu. Sɛ nhwɛso no, ebia na worehwɛ obusuani bi a ɔyare. Woabɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo ma wontumi nsisi gyinae pa na ɔnhyɛ wo den. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Afei sɛ wohu sɛ Yehowa nim tebea a wowom na ɔte wo ase a, wobɛtumi anya akomatɔyam. Ɔbɛboa wo ma woagyina wo tebea no ano na woadi nokware ama no.—Dwom 32:8.

Nya gyidi sɛ wo soro Agya no bɛma wo akokoduru a wode bɛyɛ osetie ama no

11 Ɛtɔ da bi a ɛbɛyɛ wo sɛ Yehowa ayi ne nsa afi wo so. Ɛbɛtumi aba sɛ ɛsono asɛm a dɔkota biara a wobɛkɔ ne nkyɛn bɛka afa wo yareɛ no ho. Anaasɛ ebia na wohwɛ kwan sɛ w’abusuafo bɛkyekye wo werɛ, nanso wobɛhwɛ na ayɛ sɛ nea wɔn mmom na wɔrehyɛ wo awerɛhoɔ. Fa wo ho to Yehowa so bere nyinaa ma ɔnhyɛ wo den. Kɔ so ara bɛn no. (Kenkan 1 Samuel 30:3, 6.) Akyiri yi sɛ wohu sɛnea Yehowa aboa wo a, ɛbɛma abusuabɔ a wo ne no wɔ mu ayɛ den paa.

12 Saa ara na ɛyɛɛ Linda. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Ná wahwɛ n’awofo a wɔyare bere tenteenten ansa na wɔrewu. Ɔka sɛ: “Bere a na merehwɛ wɔn no, na ɛtaa yɛ den ma me ne me kunu ne mu nuabarima paa. Ɛtɔ mmere bi a na menhu nea menyɛ. Ná yɛn abam taa bu. Nanso sɛ yɛhwɛ yɛn akyi a, yɛhu paa sɛ Yehowa boaa yɛn. Ɔhyɛɛ yɛn den, na ɔmaa yɛn nsa kaa nea yɛhia bere mpo a yɛn ankasa deɛ na yɛnhu nea yɛnyɛ no.”

13. Ɔkwan bɛn so na Yehowa mu ahotoso a Rhonda nyae no boaa no ma ɔgyinaa ɔhaw pii ano?

13 Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so koraa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina ɔhaw ahorow ano. Rhonda faa ɔhaw a ɛte saa mu. Ná ne kunu a ɔnyɛ Yehowa Dansefo pɛ sɛ ɔgyaa no aware. Saa bere no ara nso ne nuabarima nyaa yareɛ bi a wɔfrɛ no lupus. Ɛyɛ yareɛ a ɛma nipadua mu nkwammoaa ko tia nipadua no. Abosome kakraa bi akyi no, ne nuabarima no yere wui. Bere a ɛyɛɛ sɛ Rhonda haw no rebrɛ ase kakra no, ɔde ne ho hyɛɛ daa akwampae adwuma mu. Nanso ankyɛ na ne maame wui. Ɛyɛɛ dɛn na Rhonda tumi gyinaa ɔhaw yi nyinaa ano? Ɔka sɛ: “Me ne Yehowa bɔɔ nkɔmmɔ da biara; mekaa gyinae nketenkete a na mesisi mpo ho asɛm kyerɛɛ no. Saa a meyɛe no ma mehuu sɛ Yehowa wɔ hɔ ankasa. Ɛma mede me ho too Yehowa so sen sɛ mede me ho bɛto m’ankasa anaa nnipa foforo biara so. Ɔboaa me paa; ɔmaa me nsa kaa nea mehia nyinaa. Ɛno nti, ama me ne Yehowa abom reyɛ adwuma.”

W’abusua mu nsɛm mpo bɛtumi asɔ wo ne Yehowa abusuabɔ ahwɛ (Hwɛ nkyekyɛm 14-16)

14. Sɛ wɔtu wo busuani bi fi asafo no mu a, ɔkwan bɛn so na Yehowa bɛboa wo?

14 Momma yɛnsusu tebea foforo a ɛyɛ den ho nhwɛ. Fa no sɛ wɔatu wo busuani bi afi asafo no mu. Wonim nea Bible ka sɛ yɛnyɛ wɔ obi a wɔatu no ho. (1 Korintofoɔ 5:11; 2 Yohane 10) Nanso, esiane sɛ wodɔ nea wɔatu no no nti, wote nka sɛ ɛyɛ den paa sɛ wobɛdi Bible ahyɛde no so anaasɛ ɛyɛ wo sɛ worentumi nni so mpo. Yɛmmisa sɛ, wogye di sɛ wo soro Agya no bɛma wo akokoduru a wode bɛyɛ osetie ama no? Wobɛfa saa asɛm yi sɛ ɛyɛ hokwan a woanya a wode bɛbɛn Yehowa kɛse?

15. Adɛn nti na Adam yɛɛ Yehowa so asoɔden?

15 Wode wei bɛtoto Adam, ɔbarima a ɔdi kan asɛm no ho sɛn? So na n’adwene yɛ no sɛ ɔbɛtumi ayɛ Yehowa so asoɔden na wakɔ so atena ase? Dabi, “ɛnyɛ Adam na wɔdaadaa no.” (1 Timoteo 2:14) Sɛ saa a, adɛn nti na ɔyɛɛ Yehowa so asoɔden? Esiane sɛ na Adam dɔ ne yere sen Yehowa nti na ɔdii aduaba a ne yere de maa no no. Ɔtiee ne yere sen sɛ ɔbɛdi Yehowa ahyɛde so.—Genesis 3:6, 17.

16. Hena na ɛsɛ sɛ yɛdɔ no sen obiara, na adɛn ntia?

16 Gyinae a Adam sii no ma yɛhu sɛ ɛsɛ sɛ yɛdɔ Yehowa sen obiara. (Kenkan Mateo 22:37, 38.) Sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa mu yɛ den a, yɛbɛtumi aboa yɛn abusuafo wɔ ɔkwan a ɛfata so, sɛ́ ebia wɔsom Yehowa anaa wɔnsom no. Enti kɔ so hyɛ ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no mu den, na fa wo ho to no so bere nyinaa. Sɛ wo busuani bi a wɔatu no ho asɛm haw wo a, bɔ Yehowa mpae na ka wo komam asɛm nyinaa kyerɛ no. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) (Romafoɔ 12:12; Filipifoɔ 4:6, 7) Ɛwom sɛ woredi yaw pii deɛ, nanso fa no sɛ saa asɛm yi yɛ hokwan a wode bɛhyɛ wo ne Yehowa abusuabɔ mu den. Ɛbɛma wode wo ho ato no so na woahu sɛ sɛ wotie no a, biribi pa bɛfi mu aba.

BERE A YƐRETWƐN

Kɔ so yɛ asɛnka adwuma no fa kyerɛ sɛ wowɔ Yehowa mu ahotoso (Hwɛ nkyekyɛm 17)

17. Sɛ yɛkɔ so yɛ asɛnka adwuma no a, dɛn na yɛbɛtumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛyɛ ama yɛn?

17 Adɛn nti na Yehowa gyee Paulo fii “gyata anom”? Paulo kaa sɛ: “Sɛdeɛ wɔbɛfa me so ayɛ asɛnka no pɛpɛɛpɛ.” (2 Timoteo 4:17) Yehowa de ‘asɛmpaka adwuma’ no nso ahyɛ yɛn nsa, na ɔfrɛ yɛn ne “mfɛfoɔ adwumayɛfoɔ.” (1 Tesalonikafoɔ 2:4; 1 Korintofoɔ 3:9) Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ saa adwuma yi a, yɛbɛtumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛma yɛn nsa aka nea yɛhia nyinaa. (Mateo 6:33) Ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛbɛtwɛn Yehowa ma wabua yɛn mpaebɔ.

18. Wobɛyɛ dɛn anya Yehowa mu ahotoso na ama abusuabɔ a wo ne no wɔ mu ayɛ den kɛse?

18 Enti ma wo ne Yehowa abusuabɔ mu nyɛ den da biara da. Sɛ wohyia sɔhwɛ na woreteetee a, fa no sɛ ɛyɛ hokwan a wode bɛbɛn Yehowa kɛse. Kenkan Onyankopɔn Asɛm Bible no, sua na dwendwene ho. Kɔ so bɔ Yehowa mpae, na fa nsi yɛ wo som adwuma. Sɛ woyɛ saa nneɛma yi a, wobɛtumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛboa wo ma woagyina sɔhwɛ a wobɛhyia seesei nyinaa ne sɔhwɛ foforo biara a ebia wobɛhyia daakye no ano.

^ nky. 2 Ɛbɛyɛ sɛ wɔgyee Paulo fii agyata ankasa anom anaasɛ wɔgyee no fii tebea foforo bi a na ɛyɛ hu mu.

^ nky. 10 Wɔatintim nsɛm bi a ɛbɛboa Kristofo ma wɔatumi agyina yareɛ ano na aboa wɔn a wɔhwɛ ayarefo nso. Hwɛ Nyan! a ɛbaa April 8, 1994; February 8, 1997; June 8, 2000; ne February 8, 2001.

^ nky. 12 Wɔasesa din ahorow no.

^ nky. 16 Wɔatintim nsɛm bi a ɛbɛboa yɛn bere a yɛn busuani bi agyae Yehowa som. Hwɛ Ɔwɛn-Aban a ɛbaa September 1, 2006, kratafa 17-21, ne January 15, 2007, kratafa 17-20.