Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Mpanyimfo Tete Afoforo Ma Wɔfata sɛ Wɔsom

Sɛnea Mpanyimfo Tete Afoforo Ma Wɔfata sɛ Wɔsom

‘Deɛ wote firii m’anom no, fa hyɛ nnipa anokwafoɔ nsa.’—2 TIMOTEO 2:2.

1. (a) Dɛn na Onyankopɔn nkurɔfo ahu fi teteete fa ntetee ho, na eyi fa yɛn ho sɛn nnɛ? (b) Dɛn na yɛbɛsusu ho wɔ adesua yi mu?

ONYANKOPƆN nkurɔfo ahu fi teteete sɛ ntetee de nkɔso ba. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Abram boaboaa ‘ne mmarima a watete wɔn’ ano ma wɔkɔko gyee Lot. (Genesis 14:14-16) ‘Wɔkyerɛɛ’ nnwontofo a na wɔwɔ Ɔhene Dawid bere so no ‘sɛnea wɔto’ nnwom yi Yehowa ayɛ. Enti na wɔatete saa nkurɔfo no yiye. (1 Berɛsosɛm 25:7) Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ yɛko tia Satan ne ne wiase no. (Efesofoɔ 6:11-13) Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ka Yehowa din ho asɛm kyerɛ afoforo de yi no ayɛ. (Hebrifoɔ 13:15, 16) Sɛ yɛbɛnya nkɔso sɛnea Onyankopɔn asomfo a wɔtenaa ase tete no nyae a, gye sɛ wɔtete yɛn. Yehowa ama asafo mu mpanyimfo adwuma sɛ wɔntete afoforo wɔ asafo no mu. (2 Timoteo 2:2) Akwan bɛn na mpanyimfo binom afa so atete anuanom mmarima ma wɔhwɛ Yehowa nkurɔfo so?

BOA NEA WORETETE NO NO MA ƆNHYƐ ƆDƆ A ƆWƆ MA YEHOWA NO MU DEN

2. Ansa na ɔpanyin bi bɛkyerɛ nea ɔretete no no biribi foforo no, dɛn na ɔbɛtumi ayɛ, na dɛn ntia?

2 Yɛbɛtumi de asafo mu panyin atoto okuafo ho. Ansa na okuafo bɛgu aba no, ebia ɔde ɔyɛ-asase-yiye bɛgu asase no so na ama afifide no atumi anyin yiye. Saa ara na sɛ ɔpanyin bi pɛ sɛ ɔkyerɛ nea ɔretete no no biribi foforo a, ɔbɛtumi ne no asusu Bible mu nnyinasosɛm bi a ɛbɛboa no ho ma ɔde nea ɔresua no ayɛ adwuma.—1 Timoteo 4:6.

3. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔpanyin bi bɛtumi ne nea ɔretete no no abɔ Yesu asɛm a ɛwɔ Marko 12:29, 30 no ho nkɔmmɔ? (b) Sɛ ɔpanyin bi bɔ mpae ma nea ɔretete no no a, ɛbɛka nea ɔretete no no sɛn?

3 Ɛho hia sɛ ɔpanyin no hu sɛnea nokware no aka nea ɔretete no no nsusuwii ne ne koma. Nea ɛbɛyɛ na ɔpanyin no ahu no, gye sɛ ɔbisa no sɛ, ‘Efi bere a wohyiraa wo ho so maa Yehowa no, sɛn na aka gyinae a woasisi wɔ w’asetenam?’ Sɛ ɔbisa no a, ɛbɛbue kwan ma ɔne no abɔ sɛnea yɛbɛtumi de yɛn koma nyinaa asom Yehowa ho nkɔmmɔ. (Kenkan Marko 12:29, 30.) Wobɛtumi mpo ne onua no abɔ mpae, na woasrɛ Yehowa sɛ ɔmfa honhom kronkron mmoa no wɔ ne ntetee no mu. Sɛ onua no te sɛ worebɔ mpae ama no a, ɛbɛhyɛ no nkuran ma wayɛ pii!

4. (a) Kyerɛ Bible mu nsɛm bi a ɛbɛtumi aboa nea wɔretete no no ma wanya nkɔso. (b) Sɛ mpanyimfo retete afoforo a, botae bɛn na ɛsɛ sɛ wɔde si wɔn ani so?

4 Sɛ wofi ntetee no ase a, ɛbɛyɛ papa sɛ wo ne nea woretete no no bɔ Bible mu nsɛm bi ho nkɔmmɔ. Wei bɛma wahu sɛnea ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase, ɔyɛ ɔboafo, na ɔyɛ obi a afoforo bɛtumi de wɔn ho ato ne so. (1 Ahemfo 19:19-21; Nehemia 7:2; 13:13; Aso. 18:24-26) Sɛnea ɔyɛ-asase-yiye boa asase no, saa ara na su ahorow yi bɛtumi aboa nea wɔretete no no. Ɛbɛtumi aboa nea wɔretete no no ma wanyin, kyerɛ sɛ, wanya nkɔso ntɛmntɛm. Jean-Claude yɛ asafo mu panyin wɔ France. Ɔka sɛ, ne botae a ɔde tete afoforo ne sɛ ɔbɛboa wɔn ma wɔde Bible mu nnyinasosɛm asisi gyinae pa. Ɔka sɛ: “Mehwɛ sɛ mɛnya bere ne wɔn abom akenkan kyerɛwsɛm bi de ‘abue wɔn ani’ ma wɔahu ‘anwanwadeɛ’ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu.” (Dwom 119:18) Akwan foforo bɛn na yɛbɛtumi afa so ahyɛ nea yɛretete no no den?

MA ƆMFA BOTAE NSISI N’ANI SO NA KYERƐ NO NEA ENTI A ƐYƐ PAPA

5. (a) Adɛn nti na ɛho hia sɛ mpanyimfo ne obi a wɔretete no no bɔ botae a ɔde asisi n’ani so wɔ Yehowa som mu ho nkɔmmɔ? (b) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mpanyimfo tete wɔn a wɔda so ara yɛ mmofra no? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

5 Bisa nea woretete no no sɛ, ‘Botae bɛn na wode asisi w’ani so wɔ Yehowa som mu?’ Sɛ ɔnni bi a, boa no ma ɔmfa nea ɔbɛtumi adu ho nsi n’ani so. Fa anigye ka botae a wode sii w’ani so ne anigye a wonyae bere a woduu ho no ho asɛm kyerɛ no. Wei a wobɛyɛ no nyɛ den, nanso etu mpɔn paa. Victor yɛ asafo mu panyin ne ɔkwampaefo wɔ Africa. Ɔka sɛ: “Bere a na meyɛ aberante no, ɔpanyin bi bisaa botae a mede asisi m’ani so ho nsɛm bi. Saa nsɛm a ɔbisaa me no boaa me ma mefii ase susuu me som adwuma ho yiye.” Mpanyimfo a wɔwɔ osuahu pii ka sɛ ɛho hia sɛ wɔfi ase tete anuanom mmarima fi wɔn mmofraase, ebia bere a wɔadi fi mfe dumiɛnsa kɔsi dunum no. Mobɛtumi ahwɛ mfe a wɔadi ho na moama wɔn adwuma a wɔbɛtumi ayɛ wɔ asafo no mu. Sɛ motete anuanom mmarima fi wɔn mmofraase ne bere a wɔrenyin a nneɛma pii tumi twetwe wɔn adwene no a, ɛbɛtumi ama wɔde wɔn adwene asi botae a wɔde asisi wɔn ani so no so.—Kenkan Dwom 71:5, 17. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

Kyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ onuabarima bi yɛ adwuma a wode ama no no, na kamfo no (Hwɛ nkyekyɛm 5-8)

6. Ɔkwan titiriw bɛn na Yesu faa so tetee afoforo?

6 Sɛ wobɛtumi ahyɛ nea woretete no no nkuran ma wasom a, ɛnsɛ sɛ woka nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ kyerɛ no kɛkɛ. Mmom, kyerɛ no nea enti a ɛho hia sɛ ɔyɛ saa nso. Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ wɔnka asɛmpa no. Nanso, ɔdii kan kyerɛɛ wɔn nea enti a ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no. Ɔkaa sɛ: “Wɔde tumi nyinaa ama me wɔ ɔsoro ne asase so. Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafoɔ.” (Mateo 28:18, 19) Wobɛyɛ dɛn atumi asuasua ɔkwan a Yesu faa so tetee afoforo no?

7, 8. (a) Mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ bɛyɛ dɛn asuasua ɔkwan a Yesu faa so tetee afoforo no? (b) Mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ wobɛkamfo obi a woretete no? (d) Nyansahyɛ ahorow bɛn na ɛbɛtumi aboa mpanyimfo ma wɔatete afoforo? (Hwɛ adaka a wɔato din,  “Sɛnea Mpanyimfo Tete Afoforo.”)

7 Sɛ woka kyerɛ onua bi sɛ ɔnyɛ adwuma bi a, fa Bible no kyerɛ no ma ɔnhu nea enti a adwuma no ho hia. Sɛ woyɛ saa a, na worekyerɛ no ma wahu sɛ Bible nnyinasosɛm na ɛsɛ sɛ ɔgyina so yɛ ade na ɛnyɛ mmara. Nhwɛso bi ni: Sɛ woka kyerɛ onua bi sɛ ɔnsiesie Ahenni Asa no aboboano na ama anuanom atumi afa hɔ a, wobɛtumi ne no asusu asɛm a ɛwɔ Tito 2:10 no ho. Ma ɔnhu sɛ adwuma a ɔyɛ no bɛma Ahenni asɛm no ho aba nyam kɛse. Afei nso, ka kyerɛ nea worekyerɛkyerɛ no no sɛ ɔnsusu anuanom a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ asafo no mu ho, na ma ɔnhu sɛ saa adwuma a ɔreyɛ no bɛboa wɔn. Sɛ wo ne no bɔ nkɔmmɔ a ɛte saa a, na woretete no ama wadwene nnipa ho asen sɛ ɔbɛdwene mmara ho. Sɛ ohu sɛnea n’adwuma no boa anuanom mmarima ne mmaa a, n’ani bɛgye sɛ ɔresom afoforo.

8 Afei nso, sɛ nea woretete no no de nyansahyɛ a wode ma no no yɛ adwuma a, kamfo no. Adɛn nti na ɛho hia sɛ woyɛ saa? Sɛnea nsuo ma afifide nyin yiye no, sɛ wokamfo nea woretete no no a, ɛboa no ma ɔnya nkɔso wɔ Yehowa som mu.—Fa toto Mateo 3:17 ho.

ASƐNNENNEN FOFORO

9. (a) Dɛn nti na ɛbɛtumi ayɛ den ama mpanyimfo a wɔwɔ aman a wɔdi yiye so sɛ wɔbɛtete afoforo? (b) Dɛn nti na Onyankopɔn som ho nhia anuanom mmerante binom?

9 Ɛbɛtumi ayɛ den ama mpanyimfo a wɔwɔ aman a wɔdi yiye mu sɛ wɔbɛhyɛ anuanom a wɔabɔ asu a wɔwɔ wɔn mfe 20 anaa 30 mu no nkuran ma wɔayɛ pii wɔ asafo no mu. Mpanyimfo a wɔwɔ osuahu a wɔwɔ aman bɛyɛ 20 so kaa nea enti a anuanom mmerante binom nyɛ pii wɔ asafo no mu kyerɛɛ yɛn. Wɔn mu dodow no ara kaa sɛ awofo anhyɛ wɔn mmabarima nkuran ma wɔamfa botae ansisi wɔn ani so wɔ Yehowa som mu bere a wɔyɛ mmerante no. Na sɛ mmerante no bi pɛ sɛ wɔyɛ pii wɔ asafo no mu a, wɔn awofo hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnsua nwoma nkɔ akyiri anaa wɔmpɛ adwuma pa bi nyɛ wɔ wiase no mu! Enti, wɔamfa Onyankopɔn som anni kan da wɔ wɔn asetena mu.—Mateo 10:24.

10, 11. (a) Ɔpanyin bi bɛyɛ dɛn de nkakrankakra aboa onua bi ma wasesa n’adwene? (b) Kyerɛwsɛm bɛn na ɔpanyin bɛtumi akenkan de ahyɛ onua bi nkuran, na dɛn ntia? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

10 Sɛ onua bi mpɛ sɛ ɔnya nkɔso wɔ asafo no mu a, ɛbɛhia sɛ ɔpanyin bi nya ne ho abotare na ɔyere ne ho boa no ansa na watumi asesa n’adwene. Okuafo bɛtumi de nkakrankakra aboa ma afifide bi atene bere a ɛrenyin no. Saa ara na wobɛtumi de nkakrankakra aboa onua bi ma wahu sɛ ɛho hia sɛ ɔsesa n’adwene ma wɔde dwumadi pii hyɛ ne nsa wɔ asafo no mu. Wobɛyɛ dɛn atumi aboa no?

11 Gye bere fa onua no adamfo. Ma ɔnhu sɛ ne ho hia asafo no. Bere rekɔ so no, wo ne no ntena ase nsusu Bible mu nsɛm bi a ɛbɛtumi aboa no ma wadwendwene nea enti a ɔhyiraa ne ho so maa Yehowa no ho. (Ɔsɛnkafoɔ 5:4; Yesaia 6:8; Mateo 6:24, 33; Luka 9:57-62; 1 Korintofoɔ 15:58; 2 Korintofoɔ 5:15; 13:5) Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ biribi ma aka ne koma. Bisa no nsɛm bi te sɛ: ‘Bere a wohyiraa wo ho so maa Yehowa no, ɛbɔ bɛn na wohyɛɛ no? Bere a wobɔɔ asu no, wohwɛ a, Yehowa tee nka sɛn?’ (Mmebusɛm 27:11) ‘Wohwɛ a, Satan tee nka sɛn?’ (1 Petro 5:8) Kyerɛwsɛm a ɛtete saa wɔ tumi, na ɛbɛtumi aka onua no koma paa.—Kenkan Hebrifoɔ 4:12. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

MO A WƆRETETE MO, MONKYERƐ SƐ MOYƐ ANOKWAFO

12, 13. (a) Su bɛn na Elisa daa no adi sɛ obi a wɔretete no? (b) Dɛn na Yehowa de hyiraa Elisa wɔ ne nokwaredi ho?

12 Anuanom mmerante, asafo no hia mo mmoa! Su bɛn na ɛbɛboa mo ma moatumi asom Yehowa yiye? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuaeɛ no, momma yɛnsusu Elisa a ɔtenaa ase tete no ho nhwɛ.

13 Bɛyɛ mfe 3,000 a atwam no, odiyifo Elia frɛɛ aberante Elisa sɛ ɔmmɛyɛ ne boafo. Elisa penee so ntɛm ara, na ɔde nokwaredi yɛɛ adwuma a ɛba fam de som odiyifo no. (2 Ahemfo 3:11) Elia de bɛyɛ mfe nsia na ɛtetee Elisa. Afei, bere a Elia adwuma reba awiei wɔ Israel no, ɔka kyerɛɛ Elisa sɛ mma ɔnni n’akyi bio. Nanso, Elisa kaa no mprɛnsa sɛ: “Merennya wo.” Ná Elisa asi ne bo sɛ ɔbɛkɔ so ara ne Elia a ɔretete no no anantew. Yehowa hyiraa Elisa wɔ ne nokwaredi ho. Yehowa maa Elisa hui sɛ wɔrefa Elia akɔ soro wɔ ahum mu.—2 Ahemfo 2:1-12.

14. (a) Wɔn a wɔretete wɔn nnɛ no bɛyɛ dɛn asuasua Elisa? (b) Adɛn nti na ɛho hia paa sɛ obi a wɔretete no no yɛ ɔnokwafo?

14 Sɛ woyɛ obi a wɔretete wo a, wobɛyɛ dɛn asuasua Elisa? Sɛ nnwuma a wɔde rehyɛ wo nsa no ba fam mpo a, gye tom ntɛm ara. Kae sɛ ɔpanyin a ɔretete wo no yɛ w’adamfo. Ka kyerɛ no sɛ, w’ani sɔ mmoa a ɔde rema wo no, na ma ɔnhu sɛ wopɛ sɛ ɔkɔ so kyerɛ wo nneɛma pii. Nea ɛho hia sen biara no, fa nokwaredi yɛ adwuma a wɔde ahyɛ wo nsa no. Adɛn ntia? Sɛ woda wo ho adi sɛ woyɛ ɔnokwafo, na afoforo bɛtumi de wɔn ho ato wo so a, mpanyimfo no bɛtumi ahu sɛ Yehowa pɛ sɛ wɔde dwumadi pii hyɛ wo nsa wɔ asafo no mu.—Dwom 101:6; kenkan 2 Timoteo 2:2.

BU MPANYIMFO A WƆWƆ OSUAHU PII NO

15, 16. (a) Dɛn na Elisa yɛe a ɛma yɛhu sɛ na ɔbu nea ɔtetee no no? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Dɛn na ɛmaa adiyifo a wɔaka no nyaa Elisa mu ahotoso?

15 Elisa ho asɛm no ma yɛhu nso sɛ ɛsɛ sɛ anuanom mmarima a wɔwɔ hɔ nnɛ bu mpanyimfo a wɔwɔ osuahu pii no. Bere a Elia ne Elisa kɔsraa adiyifo bi wɔ Yeriko no, mmarima mmienu yi kɔɔ Yordan Asubɔnten no ho. Afei, “Elia yii n’atadeɛ, na ɔbobɔ de bɔɔ nsuo no mu, na nsuo no mu paee.” Mmarima mmienu no faa asase kesee so twaa nsuo no, na ‘wɔrekɔ nyinaa na wɔrekasa.’ Elisa yɛɛ aso tiee asɛm biara a Elia ka kyerɛɛ no no, na ɔkɔɔ so suaa nneɛma pii fii ne hɔ. Elisa anyɛ ne ho sɛ ɔnim biribiara. Afei wɔfaa Elia faa ahum mu kɔe, na Elisa san n’akyi kɔɔ Yordan Asubɔnten no ho. Ɔduu hɔ no, ɔde Elia atade bɔɔ nsuo no mu kaa sɛ: “Ɛhe na Yehowa, Elia Nyankopɔn no wɔ?” Nsuo no mu san paee bio.—2 Ahemfo 2:8-14.

16 Wohyɛɛ no nsow sɛ anwonwade a ɛdi kan a Elisa yɛe no te sɛ anwonwade a ɛtwa to a Elia yɛe no ara? Dɛn na yɛsua fi asɛm yi mu? Elisa annya adwene sɛ esiane tumi abɛdi ne nsam nti, ɔbɛyɛ n’ade wɔ kwan foforo so; ɔrenyɛ n’ade te sɛ Elia. Mmom, nea Elia yɛe a Elisa yɛɛ bi no ma yɛhu sɛ na ɔbu nea ɔtetee no no, na ɛno maa adiyifo a wɔaka no nyaa Elisa mu ahotoso. (2 Ahemfo 2:15) Elisa somee sɛ odiyifo mfe 60, na Yehowa maa no tumi ma ɔde yɛɛ anwonwade pii sen Elia. Dɛn na wɔn a wɔretete wɔn nnɛ no bɛtumi asua afi mu?

17. (a) Wɔn a wɔretete wɔn nnɛ bɛyɛ dɛn asuasua Elisa? (b) Bere rekɔ so no, adwuma bɛn na Yehowa bɛtumi de wɔn a wɔretete wɔn no ayɛ?

17 Sɛ wɔde asɛyɛde bi hyɛ wo nsa wɔ asafo no mu a, ɛnyɛ w’adwene sɛ wobɛyɛ w’ade wɔ ɔkwan foforo koraa so. Kae sɛ, sɛ wɔbɛyɛ nsakrae bi a na ɛyɛ ahiade bi na asɔre wɔ asafo no mu anaa akwankyerɛ bi na Yehowa ahyehyɛde no de aba. Ɛnyɛ sɛ wopɛ sɛ woyɛ nsakrae ara nti na woreyɛ. Esiane sɛ Elisa kɔɔ so faa Elia akwan so yɛɛ ade nti, ɛmaa adiyifo a wɔaka no nyaa Elisa mu ahotoso, na Elisa nam saa a ɔyɛe no so kyerɛe sɛ ɔbu nea ɔtetee no no. Saa ara na sɛ wokɔ so de Bible mu nnyinasosɛm a wɔde tetee wo no yɛ adwuma a, woda no adi sɛ wobu mpanyimfo a wɔwɔ osuahu pii no. Sɛ ɛba saa a, wo nuanom mmarima ne mmaa bɛnya wo mu ahotoso. (Kenkan 1 Korintofoɔ 4:17.) Sɛ akyiri yi wonya osuahu pii a, wobɛtumi ayɛ nsakrae a ɛbɛboa asafo no ma adi Yehowa ahyehyɛde a ɛrekɔ n’anim bere nyinaa no akyi. Bere rekɔ so no, sɛnea Yehowa boaa Elisa no, ɔbɛtumi aboa ma woayɛ nnwuma akɛse asen wɔn a wɔtetee wo no.—Yohane 14:12.

18. Adɛn nti na ɛho hia sɛ mpanyimfo tete anuanom mmarima wɔ asafo no mu?

18 Yɛhwɛ kwan sɛ, nyansahyɛ ahorow a yɛde ama wɔ adesua yi ne nea ɛdi kan no mu no bɛhyɛ mpanyimfo pii nkuran ma wɔagye bere atete anuanom. Saa ara na yɛhwɛ kwan sɛ anuanom mmarima pii de anigye bɛgye ntetee a wɔde ma wɔn no atom na wɔde ahwɛ Yehowa nkurɔfo so. Sɛ mpanyimfo tete anuanom a, ɛbɛhyɛ asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa den, na ɛbɛboa yɛn mu biara ma yɛakɔ so adi nokware wɔ bere a emu yɛ den a ɛreba no mu.

^ nky. 5 Sɛ mpanyimfo hu sɛ onuabarima kumaa bi ho akokwaw, ɔbrɛ ne ho ase, na ɔwɔ su ahorow a ɛbɛma wafata sɛ ɔsom sɛ asafo mu somfo, na ɔnnya nnii mfe 20 mpo a, wɔbɛtumi akamfo no akyerɛ sɛ wɔmpaw no.—1 Timoteo 3:8-10, 12; hwɛ July 1, 1989, Borɔfo Ɔwɛn-Aban, kratafa 29.