Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Manya Nhyira Wɔ ‘Mmere Pa ne Mmere Bɔne Mu’

Manya Nhyira Wɔ ‘Mmere Pa ne Mmere Bɔne Mu’

WƆWOO me March 1930 wɔ Namkumba akuraase wɔ Malawi. Ná m’abusuafo yɛ Onyankopɔn asomfo mapa. Mehyiraa me nkwa so maa Yehowa afe 1942, na mebɔɔ asu wɔ me kurom asubɔnten bi a ani tew mu. Mfe 70 a atwam no, mabɔ mmɔden sɛ mɛyɛ nea ɔsomafo Paulo hyɛɛ Timoteo nkuran sɛ ɔnyɛ no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ‘ɔnka asɛm no, ɔnkɔ so nka no dendeenden, mmere pa ne mmere bɔne mu.’—2 Timoteo 4:2.

Afe 1948 no, Nathan H. Knorr ne Milton G. Henschel baa Malawi. Wɔn nsrahwɛ no hyɛɛ me nkuran ma meyɛe sɛ mede me bere nyinaa bɛsom Yehowa. Akyiri yi, mehyiaa onuawa mmɔdenbɔfo bi a wɔfrɛ no Lidasi. Ná ɔno nso botae ne sɛ ɔde ne bere nyinaa bɛsom Yehowa. Yɛwaree afe 1950, na eduu afe 1953 no na yɛanya mma mmienu. Ɛwom sɛ na mmofra no ntetee da yɛn so deɛ, nanso yɛsii gyinae sɛ mɛhyɛ daa akwampae adwuma no ase. Mfe mmienu akyi no, asafo no ma mekɔyɛɛ ɔkwampaefo titiriw.

Nhyiam ahorow hyɛɛ yɛn den maa ɔtaa a na ɛbɛba daakye

Ɛno akyi bere tiaa bi no, mebɛyɛɛ ɔmansin sohwɛfo na menyaa hokwan kɔsrasraa asafo ahorow. Esiane sɛ na Lidasi yɛ ɔboafo pa nti, metumi maa m’abusua nsa kaa nea wɔhia nyinaa na bere koro no ara nso meyɛɛ bere nyinaa som adwuma no. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Nanso na yɛn mmienu nyinaa pɛ sɛ yɛde yɛn bere nyinaa som Yehowa. Enti yɛtotoo nneɛma yiye, na yɛn mma no nso boae. Wei maa Lidasi tumi fii bere nyinaa som adwuma no ase afe 1960.

Afe 1962 no, yɛkɔɔ “Asomfo Akokodurufo” Ɔmantam Nhyiam. Afe baako akyi no, Onua Henschel baa Malawi bɛyɛɛ nhyiam titiriw bi wɔ baabi a ɛbɛn Blantyre kurow no. Nnipa bɛboro 10,000 na wɔbaa nhyiam no bi. Sɛ mekae nhyiam titiriw yi nyinaa a, mehu sɛ ɛboaa yɛn a yɛwɔ Malawi no nyinaa, na ɛhyɛɛ yɛn den maa mmere bɔne a na ɛda yɛn anim no.

MMERE BƆNE

Aban no baraa yɛn adwuma no, na wɔde wɔn nsa too Betel adan no so

Afe 1964 no, esiane sɛ Adansefo no amfa wɔn ho anhyɛ amanyɔsɛm mu nti, aban no de ɔtaa baa wɔn so. Wei nti, wɔsɛee Ahenni Asa bɛboro 100 ne anuanom adan bɛboro 1,000. Me ne Lidasi kɔɔ so yɛɛ ɔmansin adwuma no kɔsii sɛ aban no baraa Adansefo no afe 1967. Aban no de ne nsa too Betel adan so, na wɔpamoo asɛmpatrɛwfo fii ɔman no mu. Wɔde Adansefo pii nso guu afiase, na na me ne Lidasi ka ho. Bere a wɔyii yɛn fii afiase no, yɛyɛɛ anifere kɔsrasraa asafo ahorow no.

Da bi, October 1972 no, amanyɔkuw bi mufo a wɔn ani so kra-kra de wɔn ani kyerɛɛ yɛn fie. Edin a ɛda wɔn so ne Malawi Youth League. Nanso wɔn mu baako tuu mmirika bɛka kyerɛɛ me sɛ menkɔpɛ baabi ntɛw efisɛ wɔpɛ sɛ wɔkum me. Meka kyerɛɛ me yere ne me mma sɛ wɔnkɔhyɛ kwadu bi a ɛsisi hɔ akyi. Afei meforoo mango dua kɛse bi. Bere a wɔresɛe yɛn fie ne yɛn agyapade nyinaa no na mehyɛ dua no so rehwɛ.

Esiane sɛ anuanom amfa wɔn ho anhyɛ amanyɔsɛm mu nti, wɔhyew wɔn fie

Bere a ɔtaa no mu yɛɛ den no, Adansefo mpempem dwane fii Malawi. Yɛkɔtenaa atukɔfo atenae wɔ Mozambique kɔsii June 1974. Saa bere no, asafo no maa me ne Lidasi yɛɛ akwampaefo titiriw wɔ Dómue, Mozambique. Yɛkɔɔ so yɛɛ akwampae adwuma no kɔsii afe 1975, na wɔpaamoo yɛn fii Mozambique san kɔɔ Malawi. Ná wɔda so ara retaa Adansefo no wɔ hɔ.

Bere a yɛsan kɔe no, wɔmaa mekɔsrasraa asafo ahorow wɔ ɔman no ahenkurow Lilongwe mu. Ɔtaa ne mmere bɔne a yɛhyiae nyinaa akyi no, asafo ahorow no bu bɔɔ ho wɔ amansin a yɛsomee no mu.

YEHOWA BOAA YƐN PII

Da bi yɛkɔtoo sɛ amanyɔfo bi reyɛ nhyiam wɔ akuraa bi ase. Nkurɔfo no bi huu sɛ yɛyɛ Adansefo, na wɔma yɛtenaa amanyɔkuw bi a wɔfrɛ wɔn Malawi Young Pioneers nkyɛn. Yɛsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn na ɔmma yɛnhu nea yɛnyɛ. Bere a wɔwiee nhyiam no, wɔfii ase boroo yɛn. Nea yɛhui ara ne sɛ ɔbaapanyin bi de mmirika reba, na ɔteɛɛm sɛ: “Mesrɛ mo, monnyaa wɔn! Owura yi yɛ me nuabarima ba. Momma no ntoa n’akwantu so!” Nea ɔrehwɛ nhyiam no so kaa sɛ: “Monnyaa wɔn mma wɔnkɔ!” Yɛnnim nea enti a maame no kaa saa asɛm no, efisɛ na yɛnnim no baabiara. Yɛgye di sɛ Yehowa na ɔtiee yɛn mpaebɔ.

Amanyɔkuw kratasin

Afe 1981 no, yɛhyiaa Malawi Young Pioneers no bio. Saa bere yi deɛ, wɔgyee yɛn sakre, yɛn nneɛma, yɛn nwoma, ne ɔmansin no ho kyerɛwtohɔ ahorow. Yɛdwane kɔɔ asafo mu panyin bi fie. Nanso nea na ɛhaw yɛn ne nkrataa a akɔdi wɔn nkyɛn no. Bere a Malawi Young Pioneers no hwɛɛ nkrataa no mu no, wɔhuu nkrataa a anuanom a wɔwɔ Malawi mmeae ahorow akyerɛw me. Wei ma wɔbɔɔ hu efisɛ na wɔsusu sɛ meyɛ aban nipa titiriw bi. Enti ntɛm ara na wɔsan de nkrataa no nyinaa kɔmaa asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ mpɔtam hɔ.

Bere foforo nso na yɛte hyɛmma mu retwa nsu bi. Ná hyɛmma no wura yɛ ɔmanyɔfo, na na ɔpɛ sɛ ɔhu sɛ obiara a ɔwɔ hyɛmma no mu wɔ amanyɔkuw kratasin anaa. Ɔreyɛ adu yɛn so no, ɔhuu ɔkorɔmfo bi a polisifo rehwehwɛ no. Wei maa hyɛmma no mu yɛɛ gyegyeegye, na owura no ankɔ so anhwehwɛ amanyɔkuw kratasin no bio. Ɛha nso, yɛhuu sɛ Yehowa aboa yɛn paa.

WƆKYEREE ME DE ME TOO AFIASE

February 1984 no, na menam kwan so rekɔ Lilongwe de kyerɛwtohɔ akɔmena baa dwumadibea a ɛwɔ Zambia. Polisini bi hyiaa me hwehwɛɛ me bag mu. Ɔhuu asafo nwoma bi, enti ɔde me kɔɔ polisifo adwumam na ofii ase hwee me. Afei ɔde ahoma kyekyeree me, na ɔde me kɔtoo dan bi a nneduafo a wɔyɛ akorɔmfo gu mu mu.

Ade kyee no, polisini panyin no de me kɔɔ dan foforo mu; ná ɔpɛ sɛ mede me nsa hyɛ krataa bi ase. Asɛm a na ɛwɔ krataa no so ne sɛ: “Me Trophim R. Nsomba, mepɛ sɛ mogyaa me, enti menyɛ Yehowa Dansefo bio.” Mamfa me nsa anhyɛ krataa no ase, na meka kyerɛɛ no sɛ: “Mayɛ krado sɛ mɛda afiase, na sɛ owu mpo a, mɛwu. Me da so ara yɛ Yehowa Dansefo.” Wei hyɛɛ polisini panyin no abufuw, na ɔde ne nsa pem ne pono so dendeenden araa ma polisini a ɔwɔ dan a ɛtoa so mu no de mmirika baa hɔ bɛhwɛɛ nea ɛrekɔ so. Polisini panyin no ka kyerɛɛ no sɛ: “Owura yi mpɛ sɛ ɔde ne nsa hyɛ krataa no ase sɛ ɔnyɛ Yehowa Dansefo bio. Enti ma ɔnkyerɛw sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo, na yɛde no bɛkɔ Lilongwe de no akɔto afiase.” Saa bere yi nyinaa na me yere nnim baabi a mewɔ. Nnanan akyi no, anuanom mmarima bi tumi kaa nea asi no kyerɛɛ no.

Polisifo a wɔwɔ Lilongwe polisi adwumam no ne me dii no yiye. Polisini panyin no kaa sɛ: “Gye ɛmo yi di efisɛ Onyankopɔn Asɛm nti na wɔde wo abɛto ha. Wɔn a wɔaka no deɛ, wɔyɛ akorɔmfo.” Afei ɔde me kɔɔ Kachere Afiase; medaa hɔ abosome nnum.

Nea ɔhwɛ afiase hɔ no ani gyee sɛ wɔde me aba hɔ efisɛ na ɔpɛ sɛ meyɛ “ɔsɔfo” wɔ afiase hɔ. Wamma ɔsɔfo a na ɔwɔ hɔ no anka Bible mu asɛm ankyerɛ nneduafo no bio, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mempɛ sɛ wokyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm wɔ ha bio efisɛ w’asɔre sika na wowiae ma wɔde wo baa ha!” Enti nnawɔtwe biara sɛ nneduafo no hyiam a, na mekyerɛkyerɛ wɔn Bible.

Akyiri yi nneɛma mu yɛɛ den maa me. Afiase hɔ mpanyimfo bisabisaa me nsɛm efisɛ na wɔpɛ sɛ wɔhu Adansefo dodow a wɔwɔ Malawi. Mamma wɔn mmuaeɛ a wɔpɛ, enti wɔboroo me araa ma ade tɔɔ me so. Bere foforo nso na wɔpɛ sɛ wɔhu baabi a yɛn asafo no ti wɔ. Mekaa sɛ, “Wei deɛ, ɛnyɛ den koraa, enti mɛka akyerɛ mo.” Meka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔakyerɛ baabi a yɛn asafo no ti wɔ wɔ Bible mu. Ɛyɛɛ wɔn nwonwa ma wɔbisae sɛ, “Ɛhefa na ɛwɔ wɔ Bible mu?”

Mekaa sɛ, “Ɛwɔ Yesaia 43:12.” Wɔbuee hɔ, na wɔtoo wɔn bo ase kenkanee. Ɛhɔ ka sɛ: “Yehowa asɛm nie: . . . ’Mone m’adansefoɔ, na mene Onyankopɔn.’” Wɔkenkan saa kyerɛwsɛm no mprɛnsa. Afei wɔbisaa sɛ: “Adɛn nti na Yehowa Adansefo asafo ti wɔ Bible mu na ɛnyɛ Amerika?” Meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yehowa Adansefo a wɔwɔ Amerika nso nim sɛ saa kyerɛwsɛm no fa wɔn asafo no ti ho.” Esiane sɛ manka asɛm a wɔrepɛ ate ankyerɛ wɔn nti, wɔde me kɔɔ Dzaleka Afiase wɔ Lilongwe atifi fam.

MMERE BƆNE MU MPO YƐNYAA NHYIRA

Bere a meduu Dzaleka Afiase July 1984 no, na Adansefo 81 wɔ hɔ dedaw. Ná nnipa akyere so wɔ afiase hɔ araa ma edu anadwo a, na nneduafo 300 fofɔre so da dan baako mu. Ná yɛnna hwee so. Akyiri yi, Adansefo a yɛwɔ hɔ nyinaa tumi kyɛɛ yɛn mu akuw nketewa susuu kyerɛwsɛm bi ho da biara da. Wei hyɛɛ yɛn nkuran paa.

Wɔadi anuanom asɛm awie; wɔde wɔn rekɔ afiase

October 1984 no, wɔde yɛn nyinaa kɔɔ asɛnnibea na wɔbuu yɛn fɔ de yɛn too afiase mfe mmienu. Ɛha nso, wɔde yɛn fraa wɔn a wɔnyɛ Adansefo. Nanso nea ɔhwɛ nneduafo no so no ka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa sɛ: “Yehowa Adansefo nnom sigaret. Enti awɛmfo, mma monsrɛ wɔn sɛ wɔmma mo sigaret, na monhwɛ na moansoma wɔn sɛ wɔnkɔfa gya mmrɛ mo mfa nsɔ mo sigaret. Wɔyɛ Onyankopɔn nkurɔfo! Ɛsɛ sɛ moma Yehowa Adansefo nyinaa aduane mprenu da biara, efisɛ Bible a wɔgye di nti na wɔwɔ ha, ɛnyɛ bɔne bi na wɔyɛe.”

Yɛn suban pa nti, na wɔtaa ne yɛn di no yiye. Sɛ ade sa anaa osu retɔ a, na awɛmfo no mma nneduafo no mpue. Nanso yɛn deɛ, na wɔma yɛn kwan ma yɛpue efisɛ na wɔgye yɛn di, na na wɔnim sɛ yɛrennwane da. Bere bi na yɛreyɛ adwuma wɔ abɔnten, na mpofirim ara na ɔwɛmfo a ɔhwɛ yɛn so no yaree. Enti yɛsoaa no kɔɔ afiase hɔ. Esiane sɛ yɛkɔɔ so bɔɔ bra pa nti, awɛmfo no yii Yehowa din ayɛ ma yɛn ani gyei.—1 Petro 2:12. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

BERE PA SAN BAE

May 11, 1985 no, wɔyii me fii Dzaleka Afiase. M’ani gyei sɛ mesan bɛkaa m’abusua ho! Yɛda Yehowa ase sɛ ɔboaa yɛn ma yɛkuraa yɛn mũdi mu wɔ mmere bɔne a ɛte saa mu. Yɛne ɔsomafo Paulo yɛ adwene. Ɔkyerɛwee sɛ: ‘Anuanom, yɛmpɛ sɛ mo ani pa ahohiahia a ɛbaa yɛn so no so, na na yɛsuro sɛ yɛn nkwa mpo ho bɛba asɛm. Nokwasɛm ne sɛ yɛtee nka yɛn mu sɛ yɛawu awie. Yei baa saa na yɛamfa yɛn ho anto yɛn ara yɛn ho so, na mmom yɛde yɛn ho ato Onyankopɔn a ɔnyane awufoɔ no so. Ɛfiri sɛ ɔgyee yɛn firii ade kɛseɛ te sɛ owuo mu.’—2 Korintofoɔ 1:8-10.

Onua Nsomba ne ne yere, Lidasi; wɔgyina Ahenni Asa bi anim, afe 2004

Ɛtɔ da bi a, na ɛyɛ yɛn sɛ yɛawu awie. Nanso, daa na yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn akokoduru ne nyansa, na ɔmmoa yɛn ma yɛmmrɛ yɛn ho ase sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi ahyɛ ne din kɛse no anuonyam.

‘Mmere pa ne mmere bɔne mu’ nyinaa, Yehowa ahyira yɛn som adwuma so. Ɛnnɛ yɛanya Betel fɛfɛɛfɛ bi wɔ Lilongwe, na yɛasisi Ahenni Asa bɛboro 1,000 wɔ Malawi. Wei nyinaa ma yɛdi ahurusi! Sɛ me ne Lidasi hwɛ nhyira a Yehowa ama yɛanya yi nyinaa a, ɛyɛ yɛn nwonwa. Ayɛ yɛn sɛ adaeso! *—Hwɛ ase hɔ asɛm no.

^ nky. 6 Nnansa yi, wɔmma anuanom a wɔwɔ mma nkumaa nyɛ amansin so ahwɛfo.

^ nky. 27 Sɛ wopɛ ɔtaa a anuanom hyiae wɔ Malawi ho nsɛm pii a, hwɛ afe 1999 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, kratafa 171-223.

^ nky. 31 Bere a yɛgu so rekyerɛw asɛm yi na Onua Nsomba wui. Ɔdii mfe 83.