Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wo Ne Yehowa Abusuabɔ Di Mũ Sɛn?

Wo Ne Yehowa Abusuabɔ Di Mũ Sɛn?

“Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.”—YAKOBO 4:8.

1. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛne Yehowa abusuabɔ mu den?

SƐ WOYƐ Yehowa Danseni a woabɔ asu a, wowɔ biribi a ɛsom bo paa. Ɛyɛ dɛn? Ɛyɛ abusuabɔ a wo ne Yehowa wɔ. Nanso, Satan wiase no de asi n’ani so sɛ ɛbɛsɛe saa abusuabɔ no. Yɛn ankasa sintɔ nso bɛtumi asɛe no. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ma yɛne Yehowa abusuabɔ mu yɛ den paa no.

2. (a) Sɛ yɛka sɛ obi ne obi wɔ abusuabɔ a, ɛkyerɛ sɛn? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) (b) Dɛn na yɛbɛyɛ na ama yɛne Yehowa abusuabɔ mu ayɛ den paa?

2 Wogye di paa sɛ Yehowa wɔ hɔ? Wohu no sɛ ɔyɛ w’Adamfo? Wopɛ sɛ wo ne n’adamfofa mu yɛ den paa? Yakobo 4:8 ma wohu nea ɛsɛ sɛ woyɛ. Ɛka sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.” Adamfofa yi nnyina nnipa baako so; ɛgyina wo ne Yehowa nyinaa so. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Sɛ woyɛ sɛ wobɛbɛn Yehowa a, ɔno nso bɛbɛn wo. Bere a woreyɛ saa nyinaa no, wobɛhu sɛ ɔwɔ hɔ paa, na wo ne n’abusuabɔ mu bɛyɛ den araa ma woaka asɛm a Yesu kae no bi: “Deɛ ɔsomaa me no wɔ hɔ paa,” na ‘Me deɛ menim no.’ (Yohane 7:28, 29) Nanso, nneɛma bɛn na wobɛtumi ayɛ na ama woabɛn Yehowa paa?

Wobɛyɛ dɛn ne Onyankopɔn adi nkitaho? (Hwɛ nkyekyɛm 3)

3. Yɛbɛyɛ dɛn ne Yehowa adi nkitaho?

3 Sɛ wopɛ sɛ wobɛn Yehowa a, ɛhia paa sɛ wo ne no di nkitaho daa. Nanso wobɛyɛ dɛn ayɛ saa? Wo deɛ, sɛ wowɔ adamfo a ɔte akyirikyiri a, sɛn na wo ne no di nkitaho? Ebia wobɛkyerɛw no anaa wo ne no bɛkasa wɔ fon so. Sɛ wobɔ Yehowa mpae daa a, na ɛkyerɛ sɛ wo ne no rekasa. (Kenkan Dwom 142:2.) Nanso wobɛyɛ dɛn ama Yehowa ne wo akasa? Sɛ wokenkan n’asɛm Bible daa, na wodwendwene ho a, na worema Yehowa ne wo akasa. (Kenkan Yesaia 30:20, 21.) Ma yɛnhwɛ sɛnea nkitahodi a ɛkɔ so wɔ wo ne Yehowa ntam no bɛtumi ahyɛ wo ne n’abusuabɔ mu den, na woabɛyɛ n’Adamfo ankasa.

SƐ WORESUA BIBLE A, MA YEHOWA NKASA NKYERƐ WO

4, 5. Sɛ woresua Bible a, sɛn na Yehowa kasa kyerɛ wo? Ma ho nhwɛso.

4 Yɛnim sɛ Bible yɛ Onyankopɔn asɛm a ɔde ama nnipa nyinaa. Nanso wohwɛ a, Bible bɛtumi aboa wo ma woabɛn Yehowa paa? Aane! Sɛ wokenkan Bible a, tɔ wo bo ase dwendwene nea wokenkan no ho, na hwɛ sɛnea wobɛtumi de nea woresua no abɔ wo bra. Sɛ woyɛ saa a, na worema Yehowa akasa akyerɛ wo. Ɔbɛyɛ wo yɔnko brɛbo a ɔreboa wo, na ɛbɛma woabɛn no paa.—Hebrifoɔ 4:12; Yakobo 1:23-25.

5 Sɛ wokan Yesu asɛm a ɛdi so yi a, ɛka wo sɛn: “Monnyae ademudeɛ a mohyehyɛ no asase soɔ no”? Sɛ woreyɛ nea wobɛtumi biara de Yehowa adi kan wɔ w’asetenam a, wobɛhu sɛ Yehowa ani sɔ nea woreyɛ no. Nanso ebia bere a worekenkan Yesu asɛm no, wohuu sɛ ɛhia sɛ wotwitwa nneɛma so wɔ w’asetenam na woyɛ pii wɔ Onyankopɔn som mu. Sɛ saa a, ɛnde Yehowa reboa wo ma woahu nea wobɛtumi ayɛ na woabɛn no paa.—Mateo 6:19, 20.

6, 7. (a) Sɛ yɛsua Bible a, ɛka ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne ɔdɔ a ɔno nso wɔ ma yɛn no sɛn? (b) Sɛ yɛresua Bible a, dɛn titiriw na ɛsɛ sɛ yɛde si yɛn ani so?

6 Ɛyɛ nokware sɛ sɛ yɛsua Bible a, yɛhu nsakrae a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatumi asom Yehowa yiye. Nanso ɛnyɛ ɛno nko, yɛsan nso sua nneɛma pa a ɔyɛ ma yɛn ne ne suban fɛfɛ a ɛma yɛdɔ no kɛse no. Na bere a ɔdɔ a yɛwɔ ma no no reyɛ kɛse no, ɔdɔ a ɔno nso wɔ ma yɛn no yɛ kɛse. Wei ma yɛne n’abusuabɔ mu yɛ den paa.—Kenkan 1 Korintofoɔ 8:3.

7 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛbɛn Yehowa a, ɛho hia sɛ yɛde adwempa sua Bible. Yesu kaa sɛ: “Yei ne daa nkwa, sɛ wɔbɛhu wo, nokorɛ Nyankopɔn koro pɛ no, yie, ne deɛ wosomaa no no, Yesu Kristo.” (Yohane 17:3) Sɛ yɛkenkan Bible a, yɛbɛtumi ahu nneɛma foforo pii, nanso nea ɛsi yɛn ani so titiriw ne sɛ yɛbɛhu Yehowa yiye sɛ Obi a ɔwɔ hɔ ankasa.—Kenkan Exodus 33:13; Dwom 25:4.

8. (a) Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa ne Ɔhene Asaria dii no a, dɛn na ebia ebinom bɛka afa ho? (b) Sɛ wonim Yehowa a, adwene bɛn na wobɛnya wɔ nea ɔyɛ ho?

8 Sɛ yɛhu Yehowa yiye sɛ yɛn Adamfo paa na ɛkɔba sɛ Bible ankyerɛ nea enti a Yehowa yɛɛ biribi a, ɛrenhaw yɛn. Ma yɛnhwɛ nhwɛso bi. Bere a Asaria yɛ Yuda hene no, na ɔman no som atoro anyame. Nanso Asaria amfa ne ho ammɔ wɔn. Bible ka sɛ: “Ɔyɛɛ deɛ ɛtene Yehowa ani so.” (2 Ahemfo 15:1-5) Nanso Yehowa maa kwata yɛɛ Asaria. Adɛn ntia? Saa kyerɛwtohɔ no fã yi nka nea enti a ɔyɛɛ saa no nkyerɛ yɛn. Enti nea Yehowa yɛe no ka wo sɛn? Ɛhaw wo anaa? Ɛyɛ wo sɛ Yehowa ne Asaria anni no yiye? Dabi. Sɛ wonim Yehowa yiye a, wobɛhu sɛ nteɛso a ɔde ma tene bere nyinaa. Ɔtene yɛn so “sɛdeɛ ɛfata” bere nyinaa. (Yeremia 30:11) Enti, sɛ wonnim nea enti a Yehowa twee Asaria aso mpo a, wobɛtumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa yɛɛ nea ɛtene.

9. Nsɛm bɛn na ɛboa yɛn ma yɛhu nea enti a Yehowa maa kwata yɛɛ Asaria?

9 Bible ma yɛhu Ɔhene Asaria ho nsɛm pii; wɔsan frɛ no Ɔhene Usia. (2 Ahemfo 15:7, 32) Asɛm a ɛwɔ 2 Berɛsosɛm 26:3-5, 16-21 no fã a aka no ka sɛ “ɔyɛɛ deɛ ɛtene Yehowa ani so.” Nanso ɛsan ka sɛ akyiri yi “n’akoma maa ne ho so de no kɔɔ ɔsɛeɛ mu.” Ɔhene no yɛe sɛ ɔbɛyɛ adwuma a asɔfo nko ara na na ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Asɔfo aduɔwɔtwe baako ka kyerɛɛ no sɛ ɛnyɛ n’adwuma enti ɔnnyae. Dɛn na Asaria yɛe? Ná ahomaso adidi ne mu ara ma ne bo fuw wɔn mpo! Asaria ho nsɛm foforo a yɛahu yi boa yɛn ma yɛhu nea enti a Yehowa maa kwata yɛɛ no no.

Dodow a wohu Yehowa yiye no, dodow no ara na wobɛnya ne mu ahotoso kɛse sɛ nea ɔyɛ biara tene

10. Adɛn nti na ɛho nhia sɛ yɛhu nea enti a Yehowa yɛ biribiara? Dɛn na ɛbɛma yɛde yɛn ho ato Yehowa so koraa sɛ ɔyɛ nea ɛtene bere nyinaa?

10 Asuade titiriw bɛn na yɛanya afi saa asɛm yi mu? Yɛahu nsɛm pii wɔ Ɔhene Asaria asɛm no mu a ɛma yɛhu nea enti a Yehowa twee n’aso. Nanso sɛ Bible ankyerɛkyerɛ asɛm bi mu ankɔ akyiri a, dɛn na wobɛyɛ? Wobɛka sɛ Yehowa anyɛ nea ɛtene anaa? Anaa wobɛka sɛ nea Bible aka no ara ma wonya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn yɛ nea ɛtene bere nyinaa? (Deuteronomium 32:4) Dodow a wohu Yehowa yiye no, dodow no ara na wobɛnya ne mu ahotoso kɛse sɛ nea ɔyɛ biara tene. Ɛba saa a, ɛho renhia sɛ wohu nea enti a ɔyɛ biribiara. Bere a wogu so resua Bible no, wobɛhu sɛ Yehowa wɔ hɔ paa, na ɛbɛma woabɛn no kɛse.—Dwom 77:12, 13.

SƐ WOBƆ MPAE A, NA WO NE YEHOWA REKASA

11-13. Woyɛ dɛn hu sɛ Yehowa tie mpaebɔ? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

11 Sɛ yɛbɔ mpae a, ɛka yɛn bɛn Yehowa. Yɛyi no ayɛ, yɛda no ase, na yɛsrɛ no sɛ ɔmmoa yɛn. (Dwom 32:8) Nanso sɛ wopɛ sɛ wo ne Yehowa adamfofa mu yɛ den a, ɛsɛ sɛ wogye di sɛ ɔtie mpaebɔ.

12 Ebinom ka sɛ Onyankopɔn ntie mpaebɔ, na sɛ wobɔ mpae a, ɛma wo koma tɔ wo yam kɛkɛ. Wɔsusu sɛ sɛ wobɔ mpae a, ɛboa ma wotumi dwendwene wo haw ho yiye, na wohwehwɛ ho mmuaeɛ. Ɛwom, mpaebɔ bɛtumi aboa wo saa kwan yi so. Nanso sɛ wo ne Yehowa kasa wɔ mpaebɔ mu a, ɔtie ankasa. Wobɛyɛ dɛn ahu saa?

Wobɛtumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa tie wo mpaebɔ

13 Susu wei ho hwɛ: Ansa na Yesu reba asase so no, ɔhuu sɛ, sɛ Yehowa asomfo a wɔwɔ asase so bɔ mpae a, Yehowa tie. Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔkaa nea ɛwɔ n’adwene ne ne koma mu kyerɛɛ n’Agya wɔ mpaebɔ mu. Bere bi, ɔbɔɔ mpae anadwo mũ nyinaa. (Luka 6:12; 22:40-46) Sɛ na Yesu nim sɛ Yehowa ntie mpaebɔ a, anka ɔbɛyɛ saa? Bio nso, Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛnea wɔbɛbɔ Yehowa mpae. Sɛ na Yesu nim sɛ Yehowa ntie mpaebɔ a, anka ɔbɛkyerɛ wɔn mpaebɔ? Yɛhu pefee sɛ, na Yesu nim sɛ Yehowa tie mpaebɔ. Bere bi mpo Yesu bɔɔ mpae sɛ: “Agya, meda wo ase sɛ woatie me. Menim sɛ wotie me daa.” Yɛn nso yɛbɛtumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa tie yɛn mpaebɔ.—Yohane 11:41, 42; Dwom 65:2.

14, 15. (a) Sɛ yɛbisa nneɛma pɔtee wɔ yɛn mpaebɔ mu a, ɛboa yɛn sɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ boaa Kathy ma ɔtumi bɛn Yehowa yiye?

14 Ɛnyɛ bere nyinaa na wobɔ mpae a wobɛhu sɛ Yehowa atie wo mpaebɔ. Nanso sɛ wobɔ nneɛma pɔtee ho mpae a, wobɛhu sɛ Yehowa abua wo mpaebɔ. Wei bɛma woahu sɛ Yehowa wɔ hɔ paa. Sɛ woka biribiara a ɛhaw wo kyerɛ Yehowa a, ɔbɛbɛn wo paa.

15 Yɛnhwɛ Kathy suahu yi. Kathy taa kɔ asɛnka, nanso na asɛnka nyɛ no dɛ. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Ɔkaa sɛ: “Ná mempɛ asɛnka, kyerɛ sɛ, na m’ani nnye ho koraa.” Bere a ɔgyaee adwuma a ɔyɛ no, asafo mu panyin bi hyɛɛ no nkuran sɛ ɔnyɛ daa kwampaefo. Ɔkaa sɛ: “Ɔmaa me akwampaefo krataa sɛ menhyehyɛ. Meyɛɛ m’adwene sɛ mɛyɛ ɔkwampaefo, nanso daa na mebɔ mpae sɛ Yehowa mmoa me ma m’ani nnye asɛnka ho.” Yehowa buaa ne mpaebɔ anaa? Seesei wayɛ akwampae adwuma no mfe mmiɛnsa. Ɔka sɛ: “Esiane sɛ mekyɛ wɔ asɛnka mu na meresua nneɛma pii afi anuanom mmaa foforo hɔ nti, nkakrankakra ɔkwan a mefa so di adanse no atu mpɔn. Ɛnnɛ deɛ, ɛnyɛ sɛ mepɛ asɛnka kɛkɛ, na mmom m’ani gye ho paa. Anigyesɛm koraa ne sɛ, me ne Yehowa adamfofa mu ayɛ den sen kan no.” Ampa, mpaebɔ boaa Kathy ma ɔtumi bɛn Yehowa yiye.

Kɔ so bɛn Yehowa (Hwɛ nkyekyɛm 16, 17)

YƐ WO FAM DEƐ

16, 17. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛakɔ so ahyɛ yɛne Yehowa abusuabɔ mu den? (b) Dɛn na yɛbɛsusu ho wɔ adesua a ɛdi hɔ no mu?

16 Yɛbɛtumi abɛn Yehowa afebɔɔ. Enti sɛ yɛsua Bible daa, na yɛkɔ so ne Yehowa kasa wɔ mpaebɔ mu a, ɛbɛma yɛatie no. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛne Yehowa abusuabɔ mu bɛyɛ den daa, na ɔbɛboa yɛn ma yɛagyina sɔhwɛ ahorow ano.

Yɛbɛtumi abɛn Yehowa afebɔɔ

17 Ebia na yɛrehyia ɔhaw bi ma yɛabɔ ho mpae ara, nanso ɛda so reteetee yɛn. Sɛ yɛkɔ tebea a ɛte saa mu a, anhwɛ a gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa mu bɛhinhim. Ebia yɛn adwene bɛyɛ yɛn sɛ Yehowa ntie yɛn mpaebɔ na yɛbɛtumi anya adwene sɛ gyama ɔnyɛ yɛn adamfo bio. Sɛ wonya saa adwene yi a, dɛn na wobɛtumi ayɛ? Adesua a ɛdi hɔ no bɛboa wo.

^ nky. 2 Sɛ yɛka sɛ obi ne obi wɔ abusuabɔ a, ɛkyerɛ adwene a nnipa mmienu no mu biara wɔ wɔ ne yɔnko ho ne nea wɔn mu biara yɛ ma ne yɔnko. Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara bɔ ne ho mmɔden ma adamfofa no gyina.

^ nky. 15 Wɔasesa din no.