Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Hena ne Gog a ofi Magog a Hesekiel nwoma no ka ne ho asɛm no?

Mfe pii ni na yɛn nwoma ahorow akyerɛkyerɛ mu sɛ edin Gog a ofi Magog no gyina hɔ ma Satan. Ɔnyaa saa din no bere a wɔtoo no fii soro baa asase so no. Adɛn ntia? Adiyisɛm nwoma no ka Satan ho asɛm sɛ ɔno na ɔbɛdi anim ama wiase nyinaa ato ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. (Adiyisɛm 12:1-17) Ɛno nti, ná yɛgye di sɛ Gog yɛ edin foforo a wɔde frɛ Satan.

Nanso na asɛm kakra wɔ saa nkyerɛkyerɛmu yi ho. Wo deɛ hwɛ asɛm a ɛdi so yi: Bere a Yehowa reka Gog sɛe ho asɛm no, ɔkaa sɛ ɔde Gog bɛma “nnomaa a wɔn ntakra gu ahodoɔ nyinaa, ne wuram mmoa sɛ aduane.” (Hesekiel 39:4) Yehowa toaa so sɛ: “Na da no, mɛma Gog asieeɛ wɔ Israel.” (Hesekiel 39:11) Nanso, ɛbɛyɛ dɛn na nnomaa ne wuram mmoa adi Satan nam bere a yɛnim sɛ ɔyɛ honhom abɔde a yɛntumi nhu no no? Ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi asie no asase so? Bible ma yɛhu pefee sɛ wɔbɛto Satan ato amena donkodonko mu mfe 1,000. Wɔrenni ne nam na wɔrensie no nso.—Adiyisɛm 20:1, 2.

Bible ka sɛ mfe 1,000 no ba awiei a, wɔbɛyi Satan afi amena donkodonko no mu, na “ɔbɛfiri adi akɔdaadaa amanaman a ɛwɔ asase afanan no, Gog ne Magog, na waboaboa wɔn ano ama ɛko.” (Adiyisɛm 20:8) Nanso sɛ Satan yɛ Gog a, ɛnde ɛkyerɛ sɛ Satan bɛdaadaa ɔno ara ne ho. Enti sɛ Hesekiel nwoma no anaa Adiyisɛm nwoma no ka “Gog” a, na ɛnyɛ Satan ho asɛm na ɛreka.

Ɛnde, hena ne Gog a ofi Magog no? Sɛ yɛbɛtumi abua saa asɛm no a, ɛhia sɛ yɛhwehwɛ Bible mu na yɛhu nea ɔbɛto ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so no. Bible ka sɛ “Gog a ofi Magog,” “atifi fam hene,” ne “asase so ahemfo” bɛto ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. (Hesekiel 38:2, 10-13; Daniel 11:40, 44, 45; Adiyisɛm 17:14; 19:19) So ɛsono bere a wɔn mu biara bɛto ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so? Ɛnte saa ankasa. Ɛbɛyɛ sɛ Bible de edin ahorow yi reka ade koro ho asɛm. Adɛn nti na yɛreka saa? Bible ka sɛ asase so aman nyinaa bɛka abom ato ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. Ɛno na ɛbɛkɔ akɔfa Harmagedon ko no aba.—Adiyisɛm 16:14, 16.

Sɛ yɛhwɛ nea kyerɛwsɛm ahorow yi ka fa sɛnea Gog a ofi Magog bɛto ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so no ho a, yɛhu pefee sɛ edin Gog a ofi Magog no nnyina hɔ mma Satan. Mmom, Gog a ofi Magog no gyina hɔ ma aman ahorow bi. “Atifi fam hene” no na ɔbɛdi aman yi anim anaa? Yɛrentumi nsi no pi. Nanso, ɛte sɛ nea nkyerɛkyerɛmu yi ne nea Yehowa ka faa Gog ho no hyia. Yehowa kaa sɛ: “Wobɛfiri wo tenabea wɔ atifi fam akyirikyiri aba, wo ne aman pii a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ soɔ, asafodɔm kɛseɛ, asraafoɔdɔm bebree.”—Hesekiel 38:6, 15.

Odiyifo Daniel a ɔtenaa ase wɔ Hesekiel bere so no nso kaa atifi fam hene no ho asɛm sɛ: “Ɔbɛtete amanneɛbɔ bi afiri apueeɛ ne atifi fam, na ɛbɛha no, na ɔde abufuo kɛseɛ bɛkɔ sɛ ɔrekɔsɛe nnipa pii na watɔre wɔn ase. Ɔde n’ahemfie ntomadan bɛsi ɛpo kɛseɛ no ne asase Fɛfɛ no bepɔ kronkron no ntam, na ɔbɛba ara abɛduru n’awieeɛ, na ɔrennya ɔboafoɔ biara.” (Daniel 11:44, 45) Wei ne asɛm a Hesekiel nwoma no ka sɛ Gog bɛyɛ no di nsɛ.—Hesekiel 38:8-12, 16.

Sɛ wɔto hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so wie a, dɛn na ɛbɛsi? Daniel ka kyerɛ yɛn sɛ: “Saa berɛ no, Mikael [Yesu Kristo], ɔsafohene kɛseɛ a ɔgyina hɔ [fi afe 1914] ma wo man mma no bɛsɔre agyina [wɔ Harmagedon]. Na ahohia [ahohiahia kɛse no] a ɛfiri berɛ a ɔman baeɛ ebi mmaa da bɛba. Saa berɛ no, wo manfoɔ bɛnya wɔn tiri adidi mu, obiara a wɔatwerɛ ne din wɔ nwoma no mu no.” (Daniel 12:1) Adiyisɛm 19:11-21 ma yɛhu sɛ Yesu bɛyɛ biribi a ɛte saa.

Ɛnde, hena ne “Gog ne Magog” a Adiyisɛm 20:8 ka ne ho asɛm no? Edin no gyina hɔ ma wɔn a wɔbɛsɔre atia Yehowa na wɔato ahyɛ ne nkurɔfo so wɔ mfe 1,000 no awiei wɔ sɔhwɛ a ɛtwa to no mu. Sɛnea Gog a ofi Magog tan Onyankopɔn nkurɔfo no, saa ara na weinom nso suban te. Gog a ofi Magog no gyina hɔ ma aman a wɔbɛto ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so bere a ahohiahia kɛse no aba awiei no. Sɛnea wɔbɛsɛe saa aman yi wɔ Harmagedon no, saa ara nso na wɔbɛsɛe Gog ne Magog. (Adiyisɛm 19:20, 21; 20:9) Ɛnde, ɛfata sɛ yɛfrɛ wɔn a wɔbɛte atua wɔ mfe 1,000 no awiei no “Gog ne Magog.”

Esiane sɛ yɛde nsi sua Bible nti, yɛn ani gye ho paa sɛ yɛbɛhu nea daakye ɔbɛyɛ “atifi fam hene” no. Sɛ́ ebia asomasi anaa ɔbenten na ɔbɛdi aman no anim atan Onyankopɔn nkurɔfo no, yɛn deɛ nneɛma mmienu yi na yɛnim: (1) Gog a ofi Magog ne ne dɔm bɛdi nkogu na wɔasɛe wɔn. (2) Yɛn Hene Yesu Kristo bɛgye Onyankopɔn nkurɔfo na ɔde wɔn akɔ wiase foforo a asomdwoe ne ahotɔ ankasa wom no mu.—Adiyisɛm 7:14-17.