Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Wɔhuu’ Nneɛma a Wɔahyɛ Ho Bɔ No

‘Wɔhuu’ Nneɛma a Wɔahyɛ Ho Bɔ No

“Wɔanhunu bɔhyɛ ahodoɔ no mmamu, nanso wɔhunuu no akyirikyiri.”—HEBRIFOƆ 11:13.

1. Adɛn nti na ɛyɛ papa sɛ yɛtwa nneɛma a yɛnhui ho mfoni wɔ yɛn adwenem? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

YEHOWA ama yɛn akyɛde nwonwaso bi. Ɛne sɛ yɛtumi de yɛn adwene twa nneɛma a yɛnhui ho mfoni. Wei boa yɛn ma yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛnya nneɛma pa daakye; ɛma yɛtoto nneɛma yie nso sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenhyia ɔhaw. Yehowa nim nea ɛbɛba daakye, na ɔka nneɛma a yɛbɛtumi ahwɛ kwan no bi ho asɛm kyerɛ yɛn. Ɛwom sɛ yɛnhu saa nneɛma yi deɛ, nanso yɛbɛtumi atwa ho mfoni wɔ yɛn adwenem na yɛanya gyidi sɛ ɛbɛba.—2 Korintofoɔ 4:18.

2, 3. (a) Sɛ yɛdwendwene nneɛma ho a, ɛbɛboa yɛn sɛn? (b) Nsɛmmisa bɛn na yɛbɛnya ho mmuaeɛ wɔ adesua yi mu?

2 Ɛwom, ɛtɔ da bi a yɛtumi dwendwene nneɛma bi a ɛrensi da ho. Ɛho nhwɛso ni. Abaayewa kumaa bi bɛtumi afa no sɛ ɔte afofantɔ so ma watu de no nenam wim. Nokwasɛm ne sɛ wei rentumi nsi da. Nanso Samuel maame Hanah deɛ, ɔdwendwenee nneɛma a ɛbɛtumi asi ho. Ɔkɔɔ so dwendwenee ɛda a ɔde ne ba Samuel bɛkɔ ntamadan no mu ma ɔne asɔfo no akɔsom ho. Ná wei nyɛ nsusuiɛ hunu. Ná ɛyɛ biribi a wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ. Enti kɔ a Hanah kɔɔ so dwendwenee saa da no ho no boaa no ma ɔtumi dii ɛbɔ a wahyɛ Yehowa no so. (1 Samuel 1:22) Sɛ yɛdwendwene nea Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ ho a, na yɛretwa nneɛma a ɔkwan biara so ɛbɛba no ho mfoni wɔ yɛn adwenem.—2 Petro 1:19-21.

3 Yehowa nkurɔfo a wɔtenaa ase tete no pii tumi twaa nneɛma a wahyɛ ho bɔ no ho mfoni wɔ wɔn adwenem. Adɛn nti na na ɛfata sɛ wɔyɛ saa? Adɛn nti na ɛyɛ papa sɛ yɛbɛdwendwene nneɛma a Onyankopɔn bɔhyɛ bam a yɛbɛnya ho?

BERE A WƆDWENDWENEE DAAKYE HO NO, ƐHYƐƐ WƆN GYIDI DEN PAA

4. Adɛn nti na Habel tumi dwendwenee nneɛma pa a ɛbɛba daakye ho?

4 Habel ne onipa a ɔdi kan a ɔgyee Yehowa bɔhyɛ dii. Ná ɔnim asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ ɔwɔ no bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no. Yehowa kaa sɛ: “Mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ntam ne w’aseni ne n’aseni ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti na wo nso woaka ne nantin.” (Genesis 3:14, 15) Ná Habel nnim ɔkwan pɔtee a saa asɛm yi bɛfa so abam. Nanso yɛbɛtumi aka sɛ ɔdwendwenee asɛm a na Onyankopɔn aka no ho paa. Ebia Habel dwenee ho sɛ, ‘Hena na ɔwɔ no bɛka ne nantin na waboa nnipa ma wɔayɛ pɛ bio no?’ Ná Habel gye di sɛ biribiara a Yehowa ahyɛ ho bɔ no bɛbam, na bere a ɔbɔɔ afɔre no, Yehowa ani sɔe.—Kenkan Genesis 4:3-5; Hebrifoɔ 11:4.

5. Adɛn nti na na ɛyɛ papa sɛ Enok twa daakye ho mfoni wɔ n’adwenem?

5 Enok yɛ onipa foforo a na ɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi paa. Ná ɔte abɔnefo mu, na na saa abɔnefo yi ka “ahodwirisɛm” tia Onyankopɔn. Nanso na Enok wɔ akokoduru, na ɔkaa Onyankopɔn asɛm. Ɔka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ Yehowa rebɛsɛe abɔnefo. (Yuda 14, 15) Dɛn na ɛboaa no ma ɔyɛɛ saa? Ɛbɛtumi aba sɛ Enok twaa sɛnea sɛ nnipa nyinaa som Yehowa a wiase bɛyɛ ho mfoni wɔ n’adwenem.—Kenkan Hebrifoɔ 11:5, 6.

6. Nsuyiri no akyi no, dɛn na yɛbɛtumi aka sɛ Noa twaa ho mfoni wɔ n’adwenem?

6 Noa nso yɛ obi a na ɔwɔ Yehowa mu gyidi, enti bere a Nsuyiri no bae no, ɔnyaa ne ti didii mu. (Hebrifoɔ 11:7) Noa gyidi nti, ɔde mmoa bɔɔ afɔre maa Yehowa. (Genesis 8:20) Nsuyiri no akyi no, bɔne san hyɛɛ wiase ma bio. Nimrod fii ase dii nnipa so tumi, na na ɔpɛ sɛ nkurɔfo te Yehowa so atua. (Genesis 10:8-12) Nanso na Noa da so ara kura ne gyidi mu dendeenden. Sɛnea na Habel gye di no, na ɔno nso gye di sɛ Onyankopɔn bɛyi bɔne ne owuo afi hɔ daakye. Yɛbɛtumi aka sɛ Noa nso twaa bere a atumfoɔ atirimɔdenfo bɛfi hɔ ho mfoni wɔ n’adwenem. Saa ara na yɛn nso yɛbɛtumi atwa bere pa a abɛn pɛɛ no ho mfoni wɔ yɛn adwenem!—Romafoɔ 6:23.

WƆDWENDWENEE BERE A ONYANKOPƆN BƆHYƐ BƐBAM HO

7. Daakye bɛn na na Abraham, Isak, ne Yakob bɛtumi ahwɛ kwan?

7 Abraham, Isak, ne Yakob tumi dwendwenee nneɛma pa a ɛbɛba daakye ho. Ná Yehowa ahyɛ wɔn bɔ sɛ wɔn ‘asefoɔ’ so na asase so aman nyinaa nam bɛnya nhyira. (Genesis 22:18; 26:4; 28:14) Onyankopɔn san hyɛɛ wɔn bɔ sɛ wɔn abusua bɛyɛ ɔman kɛse na wɔatena Bɔhyɛ Asase fɛfɛ no so. (Genesis 15:5-7) Esiane sɛ na Abraham, Isak, ne Yakob nim sɛ Yehowa bɔhyɛ bɛbam nti, wɔfaa no sɛ wɔn mmusua te Bɔhyɛ asase no so dedaw. Nokwasɛm ne sɛ efi bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no, Yehowa aboa n’asomfo anokwafo ma wɔahu sɛnea nnipa bɛsan anya asetena a ɛdi mu bio daakye.

8. Dɛn na ɛboaa Abraham maa ne gyidi yɛɛ den na ɔyɛɛ osetie?

8 Esiane sɛ na Abraham gyidi yɛ den nti, bere mpo a nneɛma mu yɛɛ den paa no, ɔtiee Yehowa. Ɛwom mpo sɛ nneɛma a Yehowa hyɛɛ ho bɔ no amma mu wɔ Abraham ne anokwafo afoforo bere so deɛ, nanso wɔtumi dwendwenee saa nneɛma no ho. Bible ka sɛ: “Wɔhunuu no akyirikyiri gye toom.” (Kenkan Hebrifoɔ 11:8-13.) Ná Abraham nim sɛ Yehowa adi ne bɔhyɛ so fi tete, enti na ɔgye di paa sɛ ɛbɔ a Yehowa ahyɛ afa daakye ho no nyinaa nso bɛbam.

Yehowa nkurɔfo a wɔtenaa ase tete no dwendwenee bere a Yehowa Ahenni bɛdi asase so daa ho

9. Gyidi a Abraham nyaa wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ mu no boaa no sɛn?

9 Esiane sɛ na Abraham gye nea Yehowa ahyɛ ho bɔ no di nti, ɔkɔɔ so yɛɛ nea Yehowa aka akyerɛ no sɛ ɔnyɛ. Ɔtu fii ne kurom Ur, na ne nkwa nna nyinaa ɔdii atutena, wantena kuro biara mu ankyɛ. Ná ɔnim sɛ wɔbɛsɛe nkuro a atwa ne ho ahyia no nyinaa efisɛ na wɔn ahemfo nsom Yehowa. (Yosua 24:2) Mmom ɔdwendwenee bere a Yehowa Ahenni bɛdi asase so daa no ho. Saa ahenni no yɛ “kuro a ɛwɔ fapem paa a ne kyekyefoɔ ne ne yɛfoɔ ne Onyankopɔn.” (Hebrifoɔ 11:10) Ná Abraham, Habel, Enok, Noa, ne afoforo gye di sɛ owusɔre bɛba. Sɛ wɔdwendwene ho sɛ wɔbɛtena asase fɛfɛ bi so daa a, na ɛma gyidi a wɔwɔ wɔ Yehowa mu no yɛ kɛse.—Kenkan Hebrifoɔ 11:15, 16.

10. Daakye a Sara dwendwenee ho no boaa no sɛn?

10 Ná Abraham yere Sara nso gye di paa sɛ Yehowa bɔhyɛ bɛbam. Bere a ɔdii mfe 90 mpo a na ɔnni ba no, na ɔda so ara hwɛ kwan sɛ daakye ɔbɛwo. Ná Sara gye di sɛ daakye ne mma bɛyɛ ɔman kɛse, na sɛ yɛbɛka a, ɔtwaa ho mfoni wɔ n’adwenem. (Hebrifoɔ 11:11, 12) Dɛn na ɛma ɔnyaa awerɛhyem saa? Ná Yehowa aka akyerɛ ne kunu sɛ: “Mɛhyira no na mama no awo ɔbabarima ama wo; mɛhyira no ama no ayɛ aman pii; na n’asefoɔ bɛyɛ ahemfo.” (Genesis 17:16) Sara woo ɔbabarima sɛnea na Yehowa ahyɛ bɔ no pɛpɛɛpɛ. Ɔtoo ne din Isak. Saa anwonwade yi ma ɔgye dii sɛ Yehowa bɔhyɛ a aka nyinaa bɛbam. Yɛn nso, sɛ yɛdwendwene nneɛma pa a Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma yɛn no ho a, ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den.

ƆKƆƆ SO DWENDWENEE AKATUA NO HO

11, 12. Dɛn na ɛmaa Mose dɔɔ Yehowa kɛse?

11 Ná Mose nso wɔ Yehowa bɔhyɛ mu gyidi. Wɔtetee no sɛ ɔdehyeɛ wɔ Egypt ahemfie. Esiane sɛ na Mose dɔ Yehowa sen biribi foforo biara nti, na n’ani mmere tumi ne ahonyade. Ná n’awofo yɛ Hebrifo, na na wɔakyerɛkyerɛ no sɛ Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛgye Hebrifo afi nkoasom mu de wɔn akɔ Bɔhyɛ Asase no so. (Genesis 13:14, 15; Exodus 2:5-10) Dodow a Mose dwendwenee nhyira yi ho no, dodow no ara na ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa yɛɛ kɛse.

12 Bible ma yɛhu nea Mose kɔɔ so dwendwenee ho. Ɛka sɛ: “Gyidie nti berɛ a Mose nyiniiɛ no, wampɛ sɛ wɔfrɛ no Farao babaa ba, na ɔyii sɛ ɔbɛma wɔatan ɔne Onyankopɔn nkurɔfoɔ ani mmom sene sɛ ɔbɛnya bɔne mu anigyeɛ berɛ tiaa bi, ɛfiri sɛ ɔbuu Deɛ Wɔasra No no ahohorabɔ sɛ ahonyadeɛ kɛseɛ senee Egypt ademudeɛ; ɛfiri sɛ ɔgyenee n’ani hwɛɛ akatua no.”—Hebrifoɔ 11:24-26.

13. Bere a Mose kɔɔ so dwendwenee Yehowa bɔhyɛ ho no, ɛboaa no sɛn?

13 Yɛbɛtumi aka sɛ Mose dwendwenee ka a Yehowa kaa sɛ ɔbɛgye Hebrifo afi nkoasom mu no ho paa. Ná Mose ne Yehowa asomfo foforo nim sɛ Yehowa bɛgye adesamma afi owuo mu. (Hiob 14:14, 15; Hebrifoɔ 11:17-19) Enti na Mose nim sɛ Yehowa dɔ nnipa paa. Wei maa Mose dɔɔ Yehowa yie, na ɔnyaa ne mu gyidi kɛse. Ɛboaa Mose ma ɔkɔɔ so som Yehowa ne nkwa nna nyinaa. (Deuteronomium 6:4, 5) Bere mpo a Farao hunahunaa Mose sɛ ɔbɛkum no no, Mose ammɔ hu. Ná ɔnim sɛ Yehowa bɛma no akatua pa daakye.—Exodus 10:28, 29.

DWENDWENE NNEƐMA A ONYANKOPƆN AHENNI BƐYƐ HO

Wobɛtumi de w’adwene abu sɛ woreyɛ nneɛma a Yehowa de ahyɛ wo bɔ no anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 15)

14. Adwene bɛn na ebinom wɔ wɔ daakye ho?

14 Ɛnnɛ nnipa pii dwene daakye ho, na nneɛma a ɛrentumi mma da na wɔdwendwene ho de haw wɔn ho. Nea ahiafo binom dwene ho ara ne sɛ daakye wɔbɛnya sika na wɔadwudwo wɔn ho. Nanso Bible ka sɛ “ɔhaw ne amanehunu nko ara na ahyɛ” Satan wiase yi mu mã. (Dwom 90:10) Ebinom nso susu sɛ nnipa nniso bɛtumi ayi wiase haw nyinaa afi hɔ. Nanso Bible ka sɛ Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ɛbɛtumi ayɛ saa. (Daniel 2:44) Nnipa pii susu sɛ wiase rensesa da. Nanso Bible ka sɛ Onyankopɔn bɛsɛe wiase bɔne yi. (Sefania 1:18; 1 Yohane 2:15-17) Wɔn a wɔn adwene yɛ wɔn sɛ nea Yehowa aka remma mu no nsa bɛsi fam paa.

15. (a) Adɛn nti na ɛyɛ papa sɛ yɛbɛdwendwene nea Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma yɛn daakye no ho? (b) Ade baako bɛn na wohwɛ kwan sɛ wobɛyɛ?

15 Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛma yɛn ani agye daakye. Sɛ yɛdwendwene wei ho a, yɛn ani gye paa, na ɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛkɔ so som no. Sɛ wobɛkɔ soro oo, sɛ wobɛtena asase so oo, wobɛtumi de w’adwene abu sɛ woreyɛ nneɛma a Yehowa ahyɛ ho bɔ no anaa? Sɛ wohwɛ kwan sɛ wobɛtena asase so daa a, twa ho mfoni wɔ w’adwenem sɛ wo ne wo nnamfo reyɛ adwuma asiesie asase no ma ayɛ turo fɛfɛɛfɛ. Wɔn a wɔhwɛ adwuma yi so no dwene wo ho. Nnipa a wɔatwa wo ho ahyia nyinaa dɔ Yehowa sɛnea wodɔ no no. Wowɔ apɔwmuden na wowɔ ahoɔden paa, na dadwene biara nna wo so. W’ani gye efisɛ wotumi de wo dom akyɛde ne wo nimdeɛ nyinaa boa afoforo, na wode hyɛ Yehowa anuonyam nso. Ebia woreboa nkurɔfo a wɔanyane wɔn afi awufo mu no ma wɔahu Yehowa yie. (Yohane 17:3; Asomafoɔ Nnwuma 24:15) Sɛ wodwendwene saa nneɛma yi ho a, ɛnyɛ nsusuiɛ hunu. Nea Bible ka fa daakye ho nyinaa bɛbam ɔkwan biara so.—Yesaia 11:9; 25:8; 33:24; 35:5-7; 65:22.

KA W’ANIDASO HO ASƐM KYERƐ AFOFORO

16, 17. Adɛn nti na ɛyɛ papa sɛ yɛka daakye a Yehowa de ahyɛ yɛn bɔ no ho asɛm kyerɛ afoforo?

16 Sɛ yɛka nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ wɔ wiase foforo no mu ho asɛm kyerɛ yɛn nuanom mmarima ne mmaa a, yɛboa yɛn ho yɛn ho ma yɛtwa daakye fɛfɛ yi ho mfoni wɔ yɛn adwenem. Ɛwom, yɛnnim ade pɔtee a yɛn mu biara bɛyɛ daakye. Nanso sɛ yɛka nea yɛhwɛ kwan ho asɛm kyerɛ afoforo a, yɛma wɔhu sɛ yɛgye nea Yehowa ahyɛ ho bɔ no di. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran ma yɛkɔ so som Yehowa wɔ mmere bɔne mu, sɛnea ɔsomafo Paulo ne ne nuanom yɛe wɔ Roma no.—Romafoɔ 1:11, 12.

17 Sɛ wodwendwene daakye a Yehowa de ahyɛ yɛn bɔ no ho a, ɛbɛte w’adwendwene so. Bere bi na biribi haw Petro, na ɔbisaa Yesu sɛ: “Hwɛ! Yɛagya nneɛma nyinaa abɛdi w’akyi; ɛdeɛn koraa na yɛbɛnya?” Ná Yesu pɛ sɛ Petro ne asuafo a wɔaka no dwendwene nneɛma pa a wɔbɛyɛ daakye no ho. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Berɛ a wɔayɛ nneɛma foforɔ na onipa Ba no te n’animuonyam ahennwa soɔ no, mo a modi m’akyi yi bɛtena nhennwa dumienu so abu Israel mmusuakuo dumienu no atɛn. Na obiara a wagya afie anaa nua mmarima anaa nua mmaa anaa papa anaa maame anaa mma anaa nsase ɛsiane me din nti no bɛnya no mmɔho pii na wanya daa nkwa.” (Mateo 19:27-29) Enti, na Petro ne asuafo a wɔaka no bɛtumi atwa ho mfoni sɛ wɔne Yesu redi ade wɔ soro na wɔreboa nnipa asoɔmmerɛwfo a wɔwɔ asase so ma wɔayɛ pɛ.

18. Sɛ yɛdwendwene bere a Onyankopɔn bɛyɛ nneɛma a ɔde ahyɛ yɛn bɔ no ho a, dɛn nti na ɛbɛboa yɛn?

18 Yɛahu nea ɛboaa Yehowa asomfo maa wɔn gyidi yɛɛ den. Habel dwendwenee nneɛma pa a Yehowa ahyɛ ho bɔ sɛ ɛbɛba daakye no ho, na esiane sɛ na ɔgye di sɛ bɔhyɛ no bɛbam nti, ɔyɛɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. Abraham nso dwendwenee bere a Yehowa bɔhyɛ a ɛfa ‘aseni’ no ho bɛbam ho, enti bere mpo a nneɛma mu yɛɛ den paa no, ɔtiee Yehowa. (Genesis 3:15) Mose twaa akatua a Yehowa de hyɛɛ no bɔ no ho mfoni wɔ n’adwenem, na wei boaa no ma ɔdɔɔ Yehowa, na ne gyidi yɛɛ den. (Hebrifoɔ 11:26) Sɛ yɛdwendwene bere a Yehowa bɛyɛ nneɛma a ɔde ahyɛ yɛn bɔ no nyinaa ho a, gyidi ne ɔdɔ a yɛwɔ ma no no bɛyɛ kɛse. Yɛbɛhwɛ kwan foforo a yɛbɛfa so adwendwene nneɛma ho wɔ adesua a ɛdi hɔ no mu.