Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monwɛn—Satan Pɛ sɛ Ɔmene Mo!

Monwɛn—Satan Pɛ sɛ Ɔmene Mo!

“Monwɛn. Mo tamfo Bonsam nenam sɛ gyata a ɔrebobom apɛ obi amene no.”—1 PETRO 5:8.

1. Kyerɛ nea ɛyɛe a ɔbɔfo bi bɛyɛɛ Satan.

BERE bi na ɔbɔfo bi ne Yehowa wɔ abusuabɔ pa. Nanso akyiri yi ɔbɔfo anaa honhom abɔde yi pɛe sɛ nnipa som no. Sɛ́ anka ɔbɛyi saa adwemmɔne no afi ne tirim no, ɔdwenee ho araa kɔsii sɛ ɔyɛɛ bɔne. (Yakobo 1:14, 15) Yɛnnim edin ankasa a na wɔde frɛ no mfiase no, nanso seesei yɛfrɛ no Satan. “Wannyina nokorɛ no mu.” Ɔtee Yehowa so atua, na ɔbɛyɛɛ “atorɔ agya.”—Yohane 8:44.

2, 3. Ɔkwan bɛn so na nsɛmfua, “Satan,” “Ɔbonsam,” “ɔwɔ,” ne “ɔtweaseɛ” no ma yɛhu sɛnea Yehowa tamfo kɛse no te ankasa?

2 Efi bere a Satan tee atua no, wabɛyɛ Yehowa ne adesamma nyinaa tamfo kɛse. Sɛ yɛhwɛ sɛnea Bible ka Satan ho asɛm a, yɛtumi hu sɛ ne bra asɛe paa. Satan kyerɛ “Ɔsɔretiafo,” na ɛma yɛhu sɛ ɔbɔfo bɔne yi ani nnye Onyankopɔn nniso ho, na ɔde n’ahoɔden nyinaa ko tia. Nea Satan pɛ ankasa ne sɛ ɔbɛgu Yehowa nniso.

3 Adiyisɛm 12:9 no, wɔfrɛ Satan sɛ Ɔbonsam, na ɛkyerɛ “Otwirifo.” Satan frɛɛ Onyankopɔn ɔtorofo de sɛee Onyankopɔn din. Asɛm, “ɔwɔ dada” no ma yɛkae sɛnea Satan faa ɔwɔ so daadaa Hawa. Asɛm, “ɔtweaseɛ kɛseɛ” no nso ma yɛhu sɛnea Satan te ankasa. Satan ho yɛ hu, ne tirim yɛ den, na ɔyɛ ɔbɔnefo paa. Ɔmpɛ sɛ Yehowa atirimpɔw bɛbam, na ɔpɛ sɛ ɔsɛe Onyankopɔn asomfo.

4. Dɛn na yɛbɛsusu ho wɔ adesua yi mu?

4 Ɛda adi paa sɛ Satan ne obi a ɔbɛtumi asɛe yɛne Yehowa ntam asen obiara. Ɛno nti na Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Mo ani nna hɔ, monwɛn. Mo tamfo Bonsam nenam sɛ gyata a ɔrebobom apɛ obi amene no.” (1 Petro 5:8) Ne saa nti, yɛbɛsusu Satan su ahorow mmiɛnsa ho wɔ adesua yi mu. Ɛbɛma yɛahu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yie wɔ otirimɔdenfo a ɔtan Yehowa ne N’asomfo no ho.

SATAN WƆ TUMI

5, 6. (a) Ma nhwɛso ahorow a ɛkyerɛ sɛ abɔfo yɛ “ahoɔdenfoɔ,” anaasɛ wɔwɔ tumi. (b) Ɔkwan bɛn so na Satan ‘tumi de owuo ba’?

5 Abɔfo yɛ “ahoɔdenfoɔ,” anaasɛ wɔwɔ tumi. (Dwom 103:20) Wɔwɔ nyansa ne ahoɔden sen nnipa. Nanso, abɔfo anokwafo de wɔn tumi yɛ nneɛma pa. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Yehowa bɔfo baako tumi kunkum Asiria asraafo 185,000. Asraafodɔm mpo rentumi nkunkum nnipa bebree saa na kampɛsɛ onipa baako. (2 Ahemfo 19:35) Bere foforo nso, ɔbɔfo bi de ne nyansa ne ne tumi yii Yesu asomafo bi fii afiase. Ɛwom sɛ na afiase ahwɛfo no wɔ hɔ deɛ, nanso wɔanhu bere a ɔbɔfo no buebuee apon no yii asomafo no fii afiase hɔ na ɔsan totoo apon no mu!—Asomafoɔ Nnwuma 5:18-23.

6 Abɔfo anokwafo de wɔn tumi yɛ nneɛma pa nanso Satan deɛ, ɔde ne tumi di nsɛmmɔne. Akyinnye biara nni ho sɛ, Satan wɔ tumi ne nkɛntɛnso kɛse. Bible frɛ no “wiase yi sodifoɔ” ne “wiase yi nyame.” (Yohane 12:31; 2 Korintofoɔ 4:4) ‘Ɔtumi de owuo ba.’ (Hebrifoɔ 2:14) Wei nkyerɛ sɛ Satan ankasa na ɔkunkum nnipa nyinaa. Ɛnde, saa asɛm yi kyerɛ sɛn? Nea ɛdi kan, Satan de nitan ne awudisɛm ahyɛ wiase yi mu ma. Nea ɛto so mmienu, esiane sɛ Hawa gyee Satan atosɛm dii na Adam nso yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden nti, nnipa nyinaa yɛ bɔne na yɛwuwu. (Romafoɔ 5:12) Yesu frɛɛ Satan ‘owudini.’ (Yohane 8:44) Ɔyɛ ɔtamfo kɛse ankasa.

Sɛ Yehowa ammoa yɛn a yɛrentumi nni nkonim wɔ ɔko a yɛne Satan reko no mu da

7. Dɛn na adaemone no ayɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ tumi?

7 Sɛ yɛko tia Satan a, na yɛreko atia wɔn a wɔtaa n’akyi ne wɔn a wɔte Onyankopɔn nniso so atua nyinaa nso. Abɔfodɔm a wɔate atua a wɔfrɛ wɔn adaemone no nso ka ho. (Adiyisɛm 12:3, 4) Mpɛn pii na wɔada wɔn ho adi sɛ wɔwɔ ahoɔden anaa tumi sen nnipa koraa; wɔama nnipa ahu amane kɛse. (Mateo 8:28-32; Marko 5:1-5) Mma wo werɛ mfi da sɛ adaemone no ne wɔn panyin Satan wɔ tumi. (Mateo 9:34) Sɛ Yehowa ammoa yɛn a yɛrentumi nni nkonim wɔ ɔko a yɛne Satan reko no mu da.

SATAN TIRIM YƐ DEN

8. (a) Satan botae ne sɛn? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Dɛn na ama woahu sɛ Satan wiase no tirim yɛ den te sɛ Satan ankasa?

8 Ɔsomafo Petro de Satan totoo “gyata a ɔrebobom” ho. Nwoma bi ka sɛ Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ɔrebobom” no kyerɛ “aboa bi a ɔkɔm de no paa a ɔresu.” Saa asɛm yi ma yɛhu sɛ Satan tirim yɛ den, na ɔyɛ ɔbɔnefo paa! Wiase nyinaa da Satan tumi mu, nanso n’ani nsɔ. Satan te sɛ gyata a ɔkɔm de no a ɔrepɛ mmoa akyere wɔn awe. (1 Yohane 5:19) Wɔn a ɔde n’ani asi wɔn so paa ne Kristofo a wɔasra wɔn a wɔda so wɔ asase so ne “nnwan foforɔ” a wɔabɛka wɔn ho no. (Yohane 10:16; Adiyisɛm 12:17) Satan botae ne sɛ ɔbɛsɛe Yehowa asomfo. Sɛnea Satan wiase no ataa nokware Kristofo fi asomafo no bere so abɛsi nnɛ no ma yɛhu sɛnea Satan tirim yɛ den fa.

9, 10. (a) Ɔhaw ahorow bɛn na Satan de baa Israel man no so? (Ma ho nhwɛso.) (b) Biribi titiriw paa bɛn nti na Satan tuu n’ani sii tete Israel so? (d) Sɛ Yehowa somfo bi yɛ bɔne a emu yɛ duru a, Ɔbonsam te nka sɛn?

9 Satan adi atirimɔdensɛm wɔ ɔkwan foforo so. Sɛ ɔkɔm de gyata a, ɔnhu aboa biara mmɔbɔ. Sɛ ɔrebɛkyere aboa bi a, ɔnnya ayamhyehye biara mma no, na ɔkyere no wie nso a, ɛnhaw no. Saa ara na Satan nni ayamhyehye biara mma wɔn a ɔtu n’ani si wɔn so no. Wohwɛ a, bere biara a Israelfo de wɔn ho hyɛɛ bɔne te sɛ aguamammɔ ne anibere mu no, Satan tee nka sɛn? Bere a Satan huu nea Simri aguamammɔ ne Gehasi anibere de aba no, ɛbɛyɛ sɛ n’ani gyei paa!—Numeri 25:6-8, 14, 15; 2 Ahemfo 5:20-27.

Sɛ Onyankopɔn somfo bi yɛ bɔne a emu yɛ duru a, Satan ani gye ankasa (Hwɛ nkyekyɛm 10)

10 Biribi titiriw paa nti na Satan tuu n’ani sii tete Israelfo so. Momma yɛnkae sɛ na Mesia no bɛfi Israel man no mu na aba; Mesia no na na ɔbɛbɔ Satan ti na wama ada adi sɛ Yehowa na ɔwɔ hokwan sɛ ɔdi tumi. (Genesis 3:15) Ná Satan mpɛ sɛ Israelfo no nya Onyankopɔn anim dom, enti ɔyɛɛ nea ɔbɛtumi biara sɛ ɔbɛma wɔayɛ bɔne de asɛe wɔn. Bere a Dawid sɛee aware no, wodwene sɛ ne ho yɛɛ Satan mmɔbɔ? Dabi. Saa ara nso na bere a Mose annya kwan ankɔ Bɔhyɛ Asase no so no, n’asɛm anyɛ Satan mmɔbɔ. Sɛ Onyankopɔn somfo bi yɛ bɔne a emu yɛ duru a, Satan ani gye ankasa. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ Ɔbonsam di nkonim a ɛte saa a, ɔde twa Yehowa mpoa.—Mmebusɛm 27:11.

11. Adɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ Satan tuu n’ani sii Sara so?

11 Ná Satan tan abusua a Mesia no bɛfi mu aba no paa. Wo deɛ, susu asɛm a ɛsii bere a Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔbɛyɛ no “ɔman kɛseɛ” no ho hwɛ. (Genesis 12:1-3) Bere a na Abraham ne Sara wɔ Egypt no, Farao ma wɔkɔfaa Sara baa ne fie, na na ɔpɛ sɛ ɔde no yɛ ne yere. Nanso Yehowa bɔɔ Sara ho ban na ɔgyee no fii tebea a emu yɛ den yi mu. (Kenkan Genesis 12:14-20.) Asɛm a ɛte saa ara sii wɔ Gerar kuro no mu ansa na wɔrewo Isak. (Genesis 20:1-7) Ɛbɛtumi aba sɛ Satan na ɔmaa saa nsɛm yi nyinaa sisii anaa? Momma yɛnkae sɛ na Sara afi Ur kuro a emufo di yie mu akɔtena ntamadan mu. Enti yɛmmisa sɛ, Satan yɛe sɛ ɔde Farao ne Abimelek ahemfie fɛfɛ no resɔ Sara ahwɛ anaa? So Satan adwene yɛɛ no sɛ Sara bɛpo ne kunu anaa ɔbɛpo Yehowa mpo akɔware saa ahemfo no mu baako? Bible nka, nanso sɛ Sara yɛɛ saa a, anka hokwan a ɛne sɛ ɔbɛka abusua a Mesia no bɛfi mu aba ho no bɛfi ne nsa; anka Ɔbonsam bɛdi ahurusi paa. Sɛ anka saa ɔbaa pa no din pa, n’aware, ne abusuabɔ a ɔne Yehowa wɔ no sɛee a, anka ɛrenhaw Satan ketewaa bi mpo. Hwɛ sɛnea Satan tirim yɛ den na ɔnni ahummɔbɔ koraa!

Papa ne bɔne ho asɛm mfa Satan ho

12, 13. (a) Bere a wɔwoo Yesu no, dɛn na Satan yɛe a ɛkyerɛ sɛ ne tirim yɛ den? (b) Wosusu sɛ adwene bɛn na Satan wɔ wɔ mmofra a wɔdɔ Yehowa na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛsom no nnɛ no ho?

12 Abraham wuo akyi mfe ɔhaha pii ansa na wɔrewo Yesu. Wosusu sɛ na saa abofra yi ho bɛyɛ Satan fɛ anaasɛ ne ho bɛyɛ no anika? Dabi. Ná Satan nim sɛ abofra no na ɔbɛnyin abɛyɛ Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Ná Yesu ne Abraham asefo no mu otitiriw; ɔno na akyiri yi “ɔbɛsɛe Ɔbonsam nnwuma.” (1 Yohane 3:8) So na Satan bɛnya adwene sɛ ɛbɛyɛ atirimɔdensɛm paa sɛ ɔbɛkum abofra no? Dabi. Papa ne bɔne ho asɛm mfa Satan ho. Satan antwentwɛn ne nan ase koraa sɛ ɔbɛkum abofra Yesu. Ɔkwan bɛn so?

13 Bere a nsoromma mu ahwɛfo no ka kyerɛɛ Ɔhene Herode sɛ wɔawo “Yudafoɔ hene” no, Herode bo fuwii paa; ná ɔpɛ sɛ ɔkum abofra no. (Mateo 2:1-3, 13) Enti ɔhene no hyɛe sɛ wɔnkunkum mmarimaa a wɔawo wɔn foforo kɔsi wɔn a wɔadi mfe mmienu a wɔwɔ Betlehem ne ne mpɔtam nyinaa. (Kenkan Mateo 2:13-18.) Ɛwom sɛ wɔannya Yesu ankum no deɛ, nanso dɛn na wei ma yɛhu fa yɛn tamfo Satan ho? Ɛma yɛhu sɛ Ɔbonsam mmu nnipa nkwa, na ɔnnwene mmofra mpo ho. Satan yɛ “gyata a ɔrebobom” ampa. Ɛnsɛ sɛ wo werɛ fi da sɛ ne tirim yɛ den!

SATAN YƐ ƆDAADAAFO

14, 15. Ɔkwan bɛn so na Satan “afira wɔn a wɔnnye nnie no adwene ani”?

14 Ɔkwan baako pɛ a Satan bɛtumi afa so ama nkurɔfo asɔre atia Yehowa, yɛn Nyankopɔn a ɔne dɔ no ne sɛ ɔbɛdaadaa wɔn. (1 Yohane 4:8) Satan daadaa nkurɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wɔrenhu wɔn honhom mu ahiade,’ kyerɛ sɛ, wɔrenhu sɛ ɛhia sɛ wɔne Onyankopɔn nya abusuabɔ. (Mateo 5:3) Ɔbonsam “afira wɔn a wɔnnye nnie no adwene ani” sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenhu Yehowa ho nokwasɛm.—2 Korintofoɔ 4:4.

15 Akwan a Satan fa so daadaa nkurɔfo paa no mu baako ne atoro som. Satan nim sɛ Yehowa ‘mpɛ sɛ ɔne obi bɛkyɛ ɔsom a wɔde ma no.’ (Exodus 20:5) Enti sɛ Satan hu sɛ nkurɔfo resom wɔn nananom a wɔawuwu, abɔde, anaa mmoa, kyerɛ sɛ, wɔresom biribi foforo ka Yehowa ho a, n’ani gye paa. Awerɛhosɛm ne sɛ, gyidihunu ne amanne a mfaso nni so agye nnipa pii a wɔsusu sɛ wɔn som sɔ Onyankopɔn ani no adwene. Saa na na Israelfo a wɔwɔ Yesaia bere so no reyɛ. Yehowa bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na motua sika tɔ deɛ ɛnyɛ aduane, na adɛn nti na mobrɛ biribi a ɛmmee ho? Monyɛ aso ntie me, na monni adepa, na sradeɛ nyɛ mo kra dɛ.”—Yesaia 55:2.

Satan bɛtumi adaadaa Yehowa asomfo a wɔyɛ nsi mpo

16, 17. (a) Adɛn nti na Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Firi me so, Satan”? (b) Ɔkwan bɛn so na Satan bɛtumi adaadaa yɛn ma yɛabu yɛn ani agu nneɛma so?

16 Satan bɛtumi adaadaa Yehowa asomfo a wɔyɛ nsi mpo. Wo deɛ, susu nea ɛkɔɔ so bere a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ ɛrenkyɛ na wɔakum no no ho hwɛ. Ɔsomafo Petro a na ɔdɔ Yesu no kaa sɛ: “Awurade, ka asɛmpa ma wo ho; yei remma wo so koraa.” Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Firi me so, Satan!” (Mateo 16:22, 23) Adɛn nti na Yesu frɛɛ Petro “Satan”? Efisɛ na Yesu nim asɛm a ɛrebɛsi. Ná ɛrenkyɛ na wɔakum Yesu sɛ agyede afɔre na wama ada adi sɛ Ɔbonsam yɛ ɔtorofo. Ná saa bere no yɛ bere titiriw paa wɔ nnipa asetenam, na na ɛnyɛ bere a ɛsɛ sɛ Yesu ‘ka asɛmpa’ ma ne ho. Sɛ Yesu amma n’ani anna hɔ a, anka Satan ani bɛgye paa.

17 Wiase yi awiei abɛn, enti yɛn nso yɛte bere titiriw paa mu. Satan pɛ sɛ ‘yɛka asɛmpa’ ma yɛn ho, kyerɛ sɛ, ɔpɛ sɛ yɛde yɛn adwene si yie a yɛbɛdi wɔ saa wiase yi mu so. Ɔpɛ sɛ yɛn werɛ fi sɛ yɛte nna a ɛdi akyiri mu na yɛbu yɛn ani gu nneɛma so. Ɛnsɛ sɛ yɛbu yɛn ani gu nneɛma so da! Mmom, momma ‘yɛnkɔ so nwɛn.’ (Mateo 24:42) Satan pɛ sɛ yɛgye di sɛ awiei no nnya mmae anaasɛ ɛremma koraa. Ɛyɛ atosɛm, enti ɛnsɛ sɛ wogye di.

18, 19. (a) Ɔkwan bɛn na Satan bɛtumi afa so adaadaa yɛn ma yɛanya adwene sɛ yɛmfata sɛ Yehowa dɔ yɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa boa yɛn ma yɛkɔ so wɛn?

18 Satan pɛ sɛ ɔfa ɔkwan foforo so daadaa yɛn. Ɔpɛ sɛ yɛgye di sɛ yɛmfata sɛ Yehowa dɔ yɛn, na yɛgye di nso sɛ Onyankopɔn remfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn da. Nanso wei nyinaa yɛ atosɛm a efi Satan hɔ. Wo deɛ, susu ho hwɛ, hena paa na ɔmfata sɛ Yehowa dɔ no? Ɛyɛ Satan. Hena na Onyankopɔn remfa ne bɔne nkyɛ no da? Ɛyɛ Satan koro yi ara. Nanso yɛn deɛ, Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “Onyankopɔn nyɛ deɛ ɔntene sɛ ne werɛ bɛfiri mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho.” (Hebrifoɔ 6:10) Mmɔden biara a yɛbɔ sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani no, n’ani gye ho, na ɔsom a yɛde ma no no nso renyɛ kwa da. (Kenkan 1 Korintofoɔ 15:58.) Enti mma Satan atosɛm nnaadaa wo.

19 Sɛnea yɛahu no, Satan wɔ tumi, ne tirim yɛ den, na ɔyɛ ɔdaadaafo nso. Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi ɔtamfo a ɔte saa so nkonim? Yehowa bɛboa yɛn. N’Asɛm ma yɛhu Satan akwan ma enti “yɛnim n’akwan.” (2 Korintofoɔ 2:11) Sɛ yɛhu akwan a Satan fa so tu n’ani si yɛn so no a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛbɛkɔ so awɛn. Nanso Satan akwan a yɛbɛhu no ara nnɔɔso. Bible ka sɛ: “Monsi Ɔbonsam kwan na ɔbɛdwane afiri mo ho.” (Yakobo 4:7) Adesua a ɛdi hɔ no, yɛbɛsusu nneɛma mmiɛnsa a yɛbɛtumi ne Satan ako na yɛadi ne so nkonim ho.