Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Suasua Nea Ɔde Daa Nkwa Ahyɛ Yɛn Bɔ No

Suasua Nea Ɔde Daa Nkwa Ahyɛ Yɛn Bɔ No

“Monsuasua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo.”—EFESOFOƆ 5:1.

1. Dɛn na ɛbɛtumi aboa yɛn ma yɛasuasua Yehowa?

BERE a Yehowa bɔɔ yɛn no, ɔde tumi bi duaa yɛn mu. Saa tumi no boa yɛn ma sɛ yɛnkɔɔ tebea a afoforo wom mu da mpo a, ɛma yɛtumi hu sɛnea wɔte nka. (Kenkan Efesofoɔ 5:1, 2.) Ɛbɛyɛ dɛn na wei aboa yɛn ma yɛasuasua Yehowa? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yie wɔ sɛnea yɛde saa tumi yi di dwuma ho?

2. Sɛ yɛhu amane a, Yehowa te nka sɛn?

2 Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ daakye ɔbɛma yɛn asetena a ɛyɛ anigye a amanehunu biara nnim. Kristofo a wɔasra wɔn no hwɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ soro, na “nnwan foforɔ” no nso hwɛ kwan sɛ wɔbɛtena asase so daa. (Yohane 10:16; 17:3; 1 Korintofoɔ 15:53) Nanso sɛ yɛhu amane nnɛ a, Yehowa hu ɛyaw a yɛdi no. Tete no, bere a Yehowa asomfo huu amane wɔ Egypt no, ɛyɛɛ no yaw. Bible ka sɛ: “Ne ho hiahiaa no.” (Yesaia 63:9) Akyiri yi, bere a Yehowa asomfo resan asi asɔrefie no a na wɔsuro wɔn atamfo no, ɔtee wɔn ase. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ ɔde ne nsa ka mo no, ɔde ne nsa aka m’ani kosua.” (Sakaria 2:8) Sɛnea maame biara dɔ ne ba a wawo no foforo no, saa ara na Yehowa dɔ n’asomfo, na ɔpɛ sɛ ɔboa wɔn. (Yesaia 49:15) Sɛ asɛm to ebinom na yɛfa no sɛ yɛn na ato yɛn a, ɛma yɛte wɔn ase. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛresuasua Yehowa dɔ.—Dwom 103:13, 14.

YESU SUASUAA YEHOWA NA ƆDƆƆ NNIPA

3. Sɛn na na Yesu te nka ma nnipa?

3 Ɛwom sɛ na Yesu nkɔɔ tebea a nkurɔfo a wɔrehu amane wɔ ne bere so wom no mu da deɛ, nanso ɔtee wɔn ase. Sɛ nhwɛso no, na ɔnim sɛ asetena mu yɛ den ma nnipa pii. Nyamesom akannifo no dii atoro kyerɛɛ wɔn, na wɔhyehyɛɛ mmara pii maa wɔn a na ɛmfi Onyankopɔn hɔ. Ná nkurɔfo suro saa akannifo no. (Mateo 23:4; Marko 7:1-5; Yohane 7:13) Ɛwom sɛ na Yesu nsuro nyamesom akannifo no na wannye atoro a wɔdii no nso anni deɛ, nanso na ɔte nea enti a nkurɔfo suro wɔn no ase. Bere a Yesu huu sɛnea nkurɔfo rehu amane no, ɛyɛɛ no yaw paa. Ná wɔagya wɔn agu hɔ a wɔnni ɔboafo biara ma “wɔayɛ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ.” (Mateo 9:36) Yesu suasuaa sɛnea n’Agya dɔ nnipa na ɔyɛ “mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ” no.—Dwom 103:8.

4. Bere a Yesu huu sɛnea nkurɔfo rehu amane no, dɛn na ɔyɛe?

4 Bere a Yesu huu sɛ nkurɔfo rehu amane no, ɔboaa wɔn efisɛ na ɔdɔ wɔn. Ná Yesu te sɛ n’Agya. Bere bi a Yesu asomafo twaa kwantenten kɔkaa asɛmpa no, wɔbrɛe, na na ɛsɛ sɛ wɔnya baabi a ɛhɔ yɛ komm kɔgye wɔn ahome. Nanso Yesu huu sɛ nnipa pii retwɛn no. Ɔhuu sɛ wɔhia ne mmoa, enti “ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.”—Marko 6:30, 31, 34.

SUASUA YEHOWA DƆ

5, 6. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsuasua Yehowa dɔ no bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ma nhwɛso. (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

5 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsuasua Yehowa dɔ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Susu saa asɛm yi ho hwɛ. Yɛmfa onua aberante bi a ne din de Alan nyɛ nhwɛso. Ɔredwendwene onua akɔkoraa bi ho. Akɔkoraa no ntumi nnantew yie, na n’ani nso nhu ade papa. Alan susuu Yesu asɛm yi ho: “Sɛdeɛ mopɛ sɛ nnipa yɛ mo no, monyɛ wɔn saa ara.” (Luka 6:31) Enti Alan bisaa ne ho sɛ, ‘Dɛn na mepɛ sɛ afoforo yɛ ma me?’ Ɔkaa sɛ, ‘Mepɛ sɛ wɔne me bɔ bɔɔl!’ Nanso saa akɔkoraa yi ntumi ntu mmirika na kampɛsɛ wabɔ bɔɔl. Enti asɛm ankasa a ɛsɛ sɛ Alan bisa ne ho ne sɛ, ‘Sɛ me na meyɛ saa akɔkoraa no a, dɛn na anka m’ani bɛgye ho sɛ afoforo bɛyɛ ama me?’

6 Ɛwom sɛ Alan da so ara yɛ aberante deɛ, nanso ɔredwene ho sɛ, sɛ ɔno na wabɔ akɔkoraa a, anka ɔbɛte nka sɛn? Enti, ɔgye bere ne onua akɔkoraa no bɔ, na sɛ akɔkoraa no rekasa a, ɔtie no yie. Afei ɔhuu sɛ akɔkoraa no ntumi nkenkan Bible yie, na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛnantew akɔyɛ afie afie asɛnka nso. Afei Alan huu sɛnea ɔbɛtumi aboa akɔkoraa no, na ɔnyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ nea ɔbɛtumi biara de aboa no. Sɛ yɛhu sɛnea afoforo te nka na yɛda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn a, na yɛresuasua Yehowa.—1 Korintofoɔ 12:26.

Suasua Yehowa ayamye (Hwɛ nkyekyɛm 7)

7. Yɛbɛyɛ dɛn ate yɛn nuanom ase?

7 Sɛ yɛnkɔɔ tebea a afoforo wom mu da a, ɛnyɛ bere nyinaa na yɛbɛte wɔn ase. Esiane sɛ yɛn nuanom pii yare anaa wɔapira anaa wɔn mfe rekɔ anim nti, wɔte yaw wɔ wɔn honam mu. Adwenemhaw anaa dadwene kɛse a ɛda ebinom so anaa ayayade a wɔyɛɛ wɔn bere bi a atwam nti, wɔrehu amane ankasa. Afoforo nso, wɔn nkutoo na wɔretete wɔn mma anaasɛ wɔn abusuafo nsom Yehowa. Obiara wɔ ne haw; ɛsono ɔhaw a yɛrehyia, ɛnna ɛsono nea afoforo nso rehyia koraa. Nanso yɛpɛ sɛ yɛda ɔdɔ adi kyerɛ afoforo na yɛboa wɔn. Ɛnde, dɛn na yɛbɛtumi ayɛ? Ɛsono nea obiara hia. Enti sɛ yɛyɛ aso tie obi yie na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛhu sɛnea ɔte nka a, ɛbɛma yɛahu ɔkwan pa a yɛbɛfa so aboa no. Ebia yɛbɛtumi ama wahu sɛnea Yehowa te nka wɔ ne haw no ho, anaasɛ yɛbɛtumi ayɛ biribi de aboa no. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛresuasua Yehowa.—Kenkan Romafoɔ 12:15; 1 Petro 3:8.

SUASUA YEHOWA AYAMYE

8. Dɛn na ɛboaa Yesu ma ɔdaa ayamye adi?

8 Yehowa da ayamye adi kyerɛ nnipa nyinaa. (Luka 6:35) Yesu suasuaa n’Agya. Bere a Yesu wɔ asase so no, dɛn na ɛboaa no ma ɔdaa ayamye adi kyerɛɛ nkurɔfo? Sɛ Yesu pɛ sɛ ɔka asɛm bi anaa ɔyɛ biribi a, na ɔdi kan dwendwene sɛnea ɛbɛka nkurɔfo ho. Ɛho nhwɛso bi ni. Ɔbaa bi a na wayɛ nneɛma bɔne pii baa Yesu nkyɛn. Ná ɔresu paa ma ne nusu sian guu Yesu nan ase. Yesu huu sɛ ɔbaa no redi yaw paa wɔ bɔne a wayɛ no ho, na wanu ne ho. Yesu huu sɛ, sɛ wanna ayamye adi ankyerɛ no a, ɛbɛma ne werɛ ahow paa. Enti ɔkamfoo ɔbaa no wɔ adepa a ɔyɛe no ho, na ɔde ne bɔne kyɛɛ no. Farisini bi ne Yesu anyɛ adwene sɛ ɔde ɔbaa no bɔne kyɛɛ no, nanso Yesu ne Farisini no kasaa obu so.—Luka 7:36-48.

Ansa na yɛbɛsi gyinae bi no, yɛbɛtumi asusu sɛnea ɛbɛka yɛne afoforo ho

9. Dɛn na ɛbɛtumi aboa yɛn ma yɛasuasua Yehowa ayamye? Ma nhwɛso.

9 Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Yehowa ayamye? Sɛ yɛpɛ sɛ yɛka asɛm bi anaa yɛyɛ biribi a, ɛsɛ sɛ yɛdi kan dwene ho yie sɛnea ɛbɛyɛ a yɛne afoforo bɛdi no odwo so, na yɛanyɛ ade ma anyɛ wɔn yaw. Paulo kyerɛwee sɛ, ɛnsɛ sɛ Kristoni “ko, na mmom ɛsɛ sɛ ɔdwo ma nnipa nyinaa.” (2 Timoteo 2:24) Hwɛ sɛnea wobɛtumi ada ayamye adi wɔ tebea a ɛdidi so yi mu: Sɛ w’adwumawura nyɛ n’adwuma yie a, dɛn na wobɛyɛ? Sɛ onua bi a ɔmmaa Ahenni Asa so bosome pii ba adesua a, asɛm bɛn na wobɛka akyerɛ no? Sɛ wowɔ asɛnka mu na obi ka kyerɛ wo sɛ ɔnni adagyew a, wobɛyɛ dɛn ne no akasa obu so? Sɛ wo yere bisa wo sɛ adɛn nti na bere a woreyɛ nhyehyɛe bi woammɔ no amanneɛ a, wobɛkasa akyerɛ no obu so? Ɛsɛ sɛ yɛdi kan dwendwene sɛnea afoforo bɛte nka ne sɛnea nsɛm a yɛka bɛtumi aka wɔn ho. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛhu asɛm a ɛsɛ sɛ yɛka ne nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛasuasua Yehowa ayamye.—Kenkan Mmebusɛm 15:28.

SUASUA YEHOWA NYANSA

10, 11. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yehowa na yɛayɛ yɛn ade nyansam? Ma nhwɛso.

10 Yehowa nim nyansa yie, na sɛ ɔpɛ a ɔbɛtumi ahu nneɛma a ɛbɛsisi daakye. Ɛwom sɛ yɛnnim nea ɛbɛba daakye deɛ, nanso yɛbɛtumi ayɛ yɛn ade nyansam. Ɔkwan bɛn so? Ansa na yɛbɛsi gyinae bi no, yɛbɛtumi asusu sɛnea ɛbɛka yɛne afoforo ho. Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ Israelfo no. Wɔannwene nea sɛ wɔyɛ Yehowa so asoɔden a ɛbɛba wɔn so no ho. Saa ara nso na wɔannwene wɔne Yehowa abusuabɔ ne nea wayɛ ama wɔn nyinaa ho. Esiane sɛ Mose huu nea na Israelfo no adi kan ayɛ nti, na ɔnim sɛ Israelfo no bɛyɛ bɔne. Ɔkaa sɛ: “Wɔyɛ ɔman a nyansa abɔ wɔn, na wɔne nhunumu abɔ nsianho. O sɛ wɔnim nyansa a! Anka wɔbɛdwene asɛm yi ho. Anka wɔbɛhunu wɔn awieeɛ.”—Deuteronomium 31:29, 30; 32:28, 29.

11 Nhwɛso bi ni. Sɛ wo ne obi a wopɛ sɛ woware no pue a, kae sɛ, sɛ wonya nya obi ho anigye a, ɛyɛ den sɛ wobɛdi wo nkate ne nna ho akɔnnɔ so. Enti ɛnsɛ sɛ woyɛ biribiara a ɛbɛsɛe abusuabɔ pa a wo ne Yehowa wɔ no! Mmom no, yɛ w’ade nyansam na woantɔ asiane mu. Tie Yehowa afotu a nyansa wom yi: “Onitefoɔ ne deɛ ɔhunu mmusuo na ɔde ne ho hunta, na ogyimfoɔ deɛ, ɔfa mu, na ɔnya ho asotwe.”—Mmebusɛm 22:3.

HWƐ NA WOANNWENNWENE NNEƐMA BƆNE HO

12. Ɔkwan bɛn so na nneɛma a yɛdwendwene ho bɛtumi apira yɛn?

12 Onyansafo hwɛ yie wɔ nneɛma a ɔdwendwene ho no ho. Sɛnea ogya bɛtumi aboa yɛn anaa apira yɛn no, saa ara na nneɛma a yɛdwendwene ho bɛtumi aboa yɛn anaa apira yɛn. Sɛ yɛde ogya di dwuma yie a, yɛbɛtumi de anoa aduane. Nanso sɛ yɛamfa anni dwuma yie a, ɛbɛtumi ahye yɛn fie anaa akum yɛn mpo. Saa ara na nneɛma a yɛdwendwene ho nso te. Sɛ yɛdwendwene nneɛma a yɛsua fi Yehowa hɔ no ho a, ɛbɛboa yɛn. Nanso sɛ yɛkɔ so dwendwene aguamammɔ ho na yɛtwa ho mfoni wɔ yɛn adwenem a, ɛrenyɛ den koraa sɛ yɛbɛbɔ aguaman. Sɛ ɛba saa a, ɛbɛsɛe yɛne Yehowa adamfofa.—Kenkan Yakobo 1:14, 15.

13. Dɛn na Hawa kɔɔ so dwendwenee ho?

13 Yɛbɛtumi asua biribi afi Hawa, ɔbaa a ɔdi kan no asɛm no mu. Ná Yehowa aka akyerɛ Adam ne Hawa sɛ ɛnsɛ sɛ wɔdi “papa ne bɔne ho nimdeɛ dua” aba no bi. (Genesis 2:16, 17) Nanso Satan ka kyerɛɛ Hawa sɛ: “Ɛnyɛ owuo na mobɛwuo. Na Onyankopɔn nim sɛ da a mobɛdi bie no mo ani bɛbue na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahunu papa ne bɔne.” Hawa nyaa adwene sɛ, sɛ ɔtumi si papa ne bɔne ho gyinae a, n’asetena bɛyɛ papa. Ɔkɔɔ so dwenee saa asɛm yi ho, na ‘ɔhunuu sɛ dua no yɛ sɛ wɔdi bie na wohwɛ a, ɛyɛ akɔnnɔ, na ɛyɛ fɛ.’ Afei dɛn na ɔyɛe? Bible ka sɛ: “Ɔtee n’aba no bi na ɔdiiɛ. Akyire yi, berɛ a ne kunu wɔ ne nkyɛn no, ɔde bi maa no na ɔdiiɛ.” (Genesis 3:1-6) Ɛno na ɛkɔfaa “bɔne baa wiase, na owuo nam bɔne so baeɛ.” (Romafoɔ 5:12) Ná anka ɛnsɛ sɛ Hawa kɔ so dwene bɔne ho!

14. Ɔkwan bɛn so na Bible boa yɛn ma yɛtwe yɛn ho fi nna mu ɔbrasɛe ho?

14 Bɔne a Hawa yɛe wɔ Eden turom no nyɛ aguamammɔ. Nanso Bible bɔ yɛn kɔkɔ pefee sɛ ɛnsɛ sɛ yɛkɔ so dwendwene nna mu ɔbrasɛe ho. Yesu kaa sɛ: “Obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbaa anya akɔnnɔ ama no no asɛe awareɛ dada n’akoma mu.” (Mateo 5:28) Paulo nso bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monnyɛ nhyehyɛeɛ nnto hɔ mmma honam akɔnnɔ.”—Romafoɔ 13:14.

15. Ademude bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so, na dɛn ntia?

15 Bible ka nso sɛ ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si nneɛma a ɛsɔ Yehowa ani so, na ɛnsɛ sɛ yɛdwendwene sika pii a yɛbɛnya ho. Sɛ obi wɔ sika pii mpo a, ne sika no ntumi mmɔ ne ho ban. (Mmebusɛm 18:11) Yesu kaa sɛ, sɛ obi hyehyɛ ademude pii fa na ɔmfa Yehowa nni kan wɔ n’asetenam a, ɔnnim nyansa. Onipa a ɔte saa no nyɛ “ɔdefoɔ Onyankopɔn fam.” (Luka 12:16-21) Sɛ yɛhyehyɛ yɛn ‘ademudeɛ wɔ soro’ na yɛyɛ nneɛma a ɛsɔ Yehowa ani a, yɛma Yehowa ani gye, na yɛn ankasa nso ani gye. (Mateo 6:20; Mmebusɛm 27:11) Abusuabɔ pa a yɛne Yehowa bɛnya som bo koraa sen biribi foforo biara.

GYAE ADWENDWENE

16. Sɛ asɛm bi haw yɛn a, dɛn na ɛbɛtumi aboa yɛn?

16 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛnya yɛn ho pii wɔ wiase yi mu a, ɛbɛgya yɛn adwendwene kwa. (Mateo 6:19) Yesu kaa sɛ ɛbɛyɛ den ama wɔn a wɔdwene sika ho bere nyinaa no sɛ wɔbɛkɔ so de Onyankopɔn Ahenni adi kan wɔ wɔn asetenam. (Mateo 13:18, 19, 22) Ebinom nso dwendwene nneɛma bɔne a ɛbɛtumi aba wɔn so ho daa. Nanso sɛ yɛkɔ so dwendwene nneɛma a ɛte saa ho a, ɛbɛtumi abɔ yɛn yareɛ anaa asɛe Yehowa mu gyidi a yɛwɔ no. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛnya ahotoso sɛ Yehowa bɛboa yɛn. Bible ka sɛ: “Onipa akoma mu awerɛhoɔ boto no, na asɛmpa ma ɛdi ahurisie.” (Mmebusɛm 12:25) Sɛ asɛm bi haw wo a, wo ne obi a ɔsom Yehowa na ɔnim wo yie nsusu ho. W’awofo, wo kunu anaa wo yere, anaa w’adamfo pa bɛtumi aboa wo ma woanya Yehowa mu ahotoso na ama w’adwendwene so atew.

Sɛ biribi haw wo a, bɔ Yehowa mpae, na dwene mmoa a ɔde ma wo no ho

17. Sɛ biribi haw yɛn a, ɔkwan bɛn na Yehowa bɛtumi afa so aboa yɛn?

17 Yehowa nim sɛnea yɛte nka sen obiara, na sɛ asɛm bi haw yɛn a, ɔbɛtumi aboa yɛn ma yɛn koma atɔ yɛn yam. Paulo kyerɛwee sɛ: “Monnnwennwene biribiara nnha mo ho, na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim adeɛ nyinaa mu; na Onyankopɔn asomdwoeɛ a ɛboro adwene nyinaa soɔ no nam Kristo Yesu so bɛbɔ mo akoma ne mo adwene nsusuiɛ ho ban.” (Filipifoɔ 4:6, 7) Sɛ biribi haw wo a, dwene mmoa a Yehowa de ma a ɛbɛtumi ama wo ne n’adamfofa mu akɔ so ayɛ den no ho. Yehowa bɛtumi afa wo nuanom mmarima ne mmaa, asafo mu mpanyimfo, akoa nokwafo no, abɔfo, ne Yesu so aboa wo.

18. Sɛ yɛtumi dwendwene nneɛma ho a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

18 Sɛnea yɛahu no, sɛ yɛtumi hu sɛnea afoforo te nka a, na yɛresuasua Yehowa. (1 Timoteo 1:11; 1 Yohane 4:8) Sɛ yɛda ɔdɔ ne ayamye adi kyerɛ afoforo, sɛ yɛsusu nea ɛbɛtumi afi yɛn nneyɛe mu aba ho, na sɛ yɛgyae adwendwene a, yɛn ani bɛgye. Momma yɛnnwennwene sɛnea asetena bɛyɛ wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no ho na yɛnyɛ nea yɛbɛtumi biara nsuasua Yehowa.—Romafoɔ 12:12.