Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wobɛtumi ne Satan Ako—Adi Ne So Nkonim!

Wobɛtumi ne Satan Ako—Adi Ne So Nkonim!

“Momfa gyidie nnyina hɔ pintinn ne [Satan] nni asie.”—1 PETRO 5:9.

1. (a) Adɛn nti na ɛho hia paa sɛ yɛko tia Satan nnɛ? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ yɛbɛtumi ne Satan ako adi ne so nkonim?

SATAN reko tia Yesu nuanom a wɔasra wɔn a wɔda so wɔ asase so ne “nnwan foforɔ” no. (Yohane 10:16) Ɔbonsam nim sɛ ne bere a aka yɛ tiaa, enti ɔpɛ sɛ ɔsɛe Yehowa asomfo dodow no ara gyidi. (Kenkan Adiyisɛm 12:9, 12.) Nanso yɛbɛtumi adi Satan so nkonim. Bible ka sɛ: “Monsi Ɔbonsam kwan na ɔbɛdwane afiri mo ho.”—Yakobo 4:7.

2, 3. (a) Dɛn nti na Satan mpɛ sɛ nkurɔfo hu sɛ ɔwɔ hɔ? (b) Woyɛ dɛn hu sɛ Satan wɔ hɔ ankasa?

2 Sɛ woka kyerɛ nnipa pii sɛ Satan wɔ hɔ a, ɛyɛ wɔn sɛ woredi agorɔ bi. Wɔn fam deɛ, Satan ne adaemone no yɛ abɔde bi a wɔka wɔn ho asɛm wɔ nwoma, sini, ne video mu kɛkɛ. Wɔsusu sɛ nnipa a wɔn adwenem mmuei nko ara na wɔgye di sɛ ahonhommɔne wɔ hɔ. Nanso yɛmmisa sɛ, sɛ nkurɔfo gye di sɛ Satan ne n’adaemone no nni hɔ a, ɛhaw Satan anaa? Dabi. Ɛnyɛ den koraa sɛ Satan bɛma nkurɔfo anya adwene sɛ ɔnni hɔ. (2 Korintofoɔ 4:4) Nokwasɛm a ɛwom ne sɛ, Satan na ɔma nkurɔfo nya adwene a ɛte saa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛdaadaa wɔn.

3 Nanso, yɛn Yehowa asomfo deɛ, yɛnim nokware no. Yɛnim sɛ Ɔbonsam wɔ hɔ ankasa. Yɛyɛ dɛn hu saa? Bible ka sɛ Satan faa ɔwɔ so ne Hawa kasae. (Genesis 3:1-5) Satan ne Yehowa kasae ma ɔkaa asɛm too Hiob so. (Hiob 1:9-12) Satan sɔɔ Yesu hwɛe. (Mateo 4:1-10) Bere a Yesu bɛyɛɛ Ɔhene afe 1914 no, Satan ne Kristofo a wɔasra wɔn a wɔda so wɔ asase so no “kɔkoeɛ.” (Adiyisɛm 12:17) Saa ɔko no da so ara rekɔ so efisɛ Ɔbonsam pɛ sɛ ɔsɛe Kristofo a wɔasra wɔn no ne nnwan foforo no gyidi. Sɛ yɛbɛtumi adi nkonim a, ɛsɛ sɛ yɛne Satan ko na yɛhyɛ yɛn gyidi den. Adesua yi bɛma yɛahu akwan mmiɛnsa a yɛbɛfa so ayɛ saa.

NYƐ AHANTAN ANAA AHOHOAHOA

4. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ahantan adidi Satan mu?

4 Satan yɛ ahantan paa. Saa ɔbɔfo bɔne yi nyaa akokoduru sɔre tiaa hokwan a Onyankopɔn wɔ sɛ ɔdi tumi no, na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛma nnipa asom no sen sɛ wɔbɛsom Yehowa. Sɛ yɛrepɛ obi a ɔyɛ ahantan anaa ahomaso paa a, obiara nni hɔ a ɔkyɛn Satan. Enti ɔkwan baako a yɛbɛtumi afa so ako atia Satan ne sɛ yɛbɛkwati ahantan na yɛabrɛ yɛn ho ase. (Kenkan 1 Petro 5:5.) Nanso sɛ obi yɛ ahantan anaa ɔhoahoa ne ho a, ɛkyerɛ sɛn? Ahohoahoa biara yɛ bɔne anaa?

5, 6. (a) Ahohoahoa biara yɛ bɔne anaa? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Ahohoahoa bɛn na ɛnyɛ koraa? Ɛho nhwɛso bɛn na ɛwɔ Bible mu?

5 Nsɛm asekyerɛ nwoma bi ka sɛ, sɛ obi hoahoa ne ho a, ɛkyerɛ sɛ ɔgye di sɛ ɔbɛtumi ayɛ biribi, na ɔbu ne ho. Ɛsan nso kyerɛ sɛ “obi koma atɔ ne yam esiane sɛ ɔno anaa nnipa bi a wɔbɛn no ayɛ adepa anaa wɔanya biribi pa bi nti.” Mfomso biara nni ho sɛ obi bɛte nka saa. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ anuanom a wɔwɔ Tesalonika no sɛ: “Yɛn ara yɛde mo hoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn asafo ahodoɔ no mu ɛsiane boasetɔ ne gyidie a moda no adie wɔ ɔtaa ne ahohia a mohyia nyinaa mu nti.” (2 Tesalonikafoɔ 1:4) Sɛ afoforo yɛ adwuma bi na ɛma yɛn ani gye anaa yɛn ankasa ani gye nea yɛatumi ayɛ ho a, ɛbɛtumi aboa yɛn. Ɛnsɛ sɛ yɛfɛre sɛ yɛbɛka abusua a yɛfi mu, yɛn amammerɛ, anaa baabi a wɔtetee yɛn ho asɛm.—Asomafoɔ Nnwuma 21:39.

6 Nanso ahohoahoa bi wɔ hɔ a, ɛyɛ ahantan, na ɛbɛtumi asɛe yɛne afoforo ntam, ne titiriw, yɛne Yehowa adamfofa. Sɛ ahantan wɔ yɛn mu na obi tu yɛn fo a, yɛn bo bɛtumi afuw. Sɛ́ anka yɛde ahobrɛase bɛgye afotu no atom no, anhwɛ a yɛbɛpo. (Dwom 141:5) Wɔkyerɛ sɛ, sɛ obi hoahoa ne ho a, nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔbu ne ho dodo anaa “ɔyɛ dwae, na ɔsusu sɛ ɔsen afoforo.” Yehowa kyi nnipa a wɔyɛ ahantan. (Hesekiel 33:28; Amos 6:8) Sɛ nkurɔfo de nea wɔtumi yɛ hoahoa wɔn ho a, Satan ani gye paa efisɛ ɔyɛ ahantan. Bere a Nimrod, Farao, ne Absalom yɛɛ ahantan de nea wɔtumi yɛ hoahoaa wɔn ho no, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Satan ani gyei! (Genesis 10:8, 9; Exodus 5:1, 2; 2 Samuel 15:4-6) Ahantan koro yi ara na ɛmaa Kain ne Onyankopɔn ntam sɛee. Yehowa ankasa tuu Kain fo, nanso ahantan nti, Kain antie. Ná Kain aso yɛ den, wantie kɔkɔbɔ a Onyankopɔn de maa no no, ɔtwi faa Yehowa so yɛɛ bɔne.—Genesis 4:6-8.

7, 8. (a) Dɛn ne nnipa mu nyiyim, na ɛfa ahohoahoa anaa ahantan ho sɛn? (b) Kyerɛkyerɛ sɛnea ahohoahoa anaa ahantan bɛtumi asɛe asafo bi asomdwoe mu.

7 Ɛnnɛ, nnipa hoahoa wɔn ho wɔ akwan a ɛmfata so. Ɛtɔ da a, ahohoahoa de nnipa mu nyiyim ba. Nsɛm asekyerɛ nwoma bi ka sɛ, sɛ yɛka nnipa mu nyiyim a, nea ɛkyerɛ ne sɛ obi bɛnya nnipa a wɔfi abusua foforo mu ho adwemmɔne. Afei nso “ɛkyerɛ adwene a nkurɔfo kura a ɛne sɛ ɛsono abusua biara ne emufo suban ne nneɛma a wɔbɔ mu mmɔden, na wɔkyerɛ nso sɛ mmusua bi mufo korɔn sen afoforo.” Nnipa mu nyiyim de ntɔkwa ne akodi na ɛba, na ama wɔakunkum nnipa pii.

Ahohoahoa anaa ahantan bɛtumi asɛe asafo bi asomdwoe

8 Nokwasɛm ne sɛ, ɛnsɛ sɛ biribi a ɛte saa kɔ so wɔ Kristofo asafo no mu. Nanso, ahohoahoa anaa ahantan bɛtumi ama akasakasa asɔre anuanom ntam, na ɛbɛtumi de ɔhaw pii aba asafo no mu. Biribi a ɛte saa sɔree tete Kristofo no binom ntam. Ɛno nti na Yakobo bisaa wɔn saa asɛm yi: ‘Ɛhe na ɔsa ne ɛko a ɛwɔ mo mu no fi?’ (Yakobo 4:1) Sɛ yɛtan afoforo na ɛyɛ yɛn sɛ yɛyɛ nnipa sen wɔn a, ɛbɛtumi ama yɛaka asɛm anaa yɛayɛ biribi ma ayɛ wɔn yaw paa. (Mmebusɛm 12:18) Ɛda adi pefee sɛ, ahohoahoa anaa ahantan bɛtumi asɛe asafo bi asomdwoe.

9. Ɔkwan bɛn so na Bible boa yɛn ma yɛko tia nnipa mu nyiyim ne ahohoahoa biara a ɛmfata? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

9 Sɛ yɛn adwene yɛ yɛn sɛ yɛyɛ nipa sen afoforo a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yehowa kyi “akoma mu ɔhantanni.” (Mmebusɛm 16:5) Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn koma mu na yɛbisa yɛn ho sɛ: ‘Mete nka sɛ meyɛ nipa sen afoforo a ɛsono wɔn amammerɛ, anaa ɛsono abusua ne ɔman a wɔfi mu?’ Sɛ saa na ɛyɛ yɛn a, ɛnde na yɛn werɛ afi sɛ Onyankopɔn yɛɛ “nnipa aman nyinaa firii onipa baako mu.” (Asomafoɔ Nnwuma 17:26) Enti sɛ yɛbɛka a, yɛn nyinaa yɛ abusua baako, efisɛ obiara fi Adam mu. Nyansa nnim koraa sɛ yɛbɛgye adi sɛ Onyankopɔn bɔɔ mmusua bi yie sen afoforo. Sɛ saa na yɛn adwene yɛ yɛn a, ɛnde na yɛrema kwan ama Satan asɛe Kristofo dɔ ne baakoyɛ a ɛwɔ yɛn mu no. (Yohane 13:35) Sɛ yɛbɛtumi ne Satan ako adi ne so nkonim a, ɛnsɛ sɛ yɛhoahoa yɛn ho wɔ ɔkwan a ɛmfata so anaasɛ yɛyɛ ahantan.—Mmebusɛm 16:18.

KWATI ADEDODOWPƐ NA TWE WO HO FI WIASE NO HO

10, 11. (a) Adɛn nti na ɛnyɛ den sɛ yɛbɛdɔ wiase? (b) Wiase ho dɔ a Dema nyae no kɔwiee no sɛn?

10 Satan ne “wiase yi sodifoɔ,” na wiase no da ne tumi mu. (Yohane 12:31; 1 Yohane 5:19) Nneɛma pii a saa wiase yi hyɛ ho nkuran no ne Bible nkyerɛkyerɛ nhyia. Ɛwom, ɛnyɛ sɛ biribiara a ɛwɔ wiase yɛ bɔne. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhu sɛ Satan bɛtumi de nneɛma a ɛwɔ wiase no adaadaa yɛn ma yɛayɛ bɔne. Anaasɛ ɔbɛma wiase ayɛ yɛn dɛ na yɛagyae Yehowa som.—Kenkan 1 Yohane 2:15, 16.

11 Ná tete Kristofo binom dɔ wiase. Enti, Paulo kyerɛwee sɛ: “Seesei wiase nhyehyɛeɛ ho dɔ nti, Dema agya me hɔ kɔ.” (2 Timoteo 4:10) Bible nka ade pɔtee a na Dema ani gye ho wɔ wiase a enti ɔgyaa Paulo hɔ no. Ɛbɛtumi aba sɛ Dema maa honam fam nneɛma ho hiaa no sen Yehowa som. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde Dema maa hokwan a anka ɔbɛnya wɔ Onyankopɔn som mu no bɔɔ no. So ɛfata sɛ ɔyɛɛ saa? Dabi. Ná anka ɛsɛ sɛ Dema kɔ so boa Paulo. Ná wiase no rentumi mma no biribiara a ɛbɛsen nea anka Yehowa de bɛma no no!—Mmebusɛm 10:22.

Ɛnsɛ sɛ yɛma sika anaa nneɛma a yɛde sika tɔ ho hia yɛn sen yɛne Yehowa adamfofa

12. Ɔkwan bɛn so na Satan bɛtumi de “ahonyadeɛ nnaadaa” asɔ yɛn ahwɛ?

12 Asɛm a ɛte saa bɛtumi ato yɛn nnɛ. Kristofo nyinaa pɛ sɛ wɔhwɛ wɔn ho ne wɔn mmusua. (1 Timoteo 5:8) Yehowa pɛ sɛ yɛn ani gye wɔ asetena mu. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ Yehowa de Adam ne Hawa tenaa paradise fɛfɛɛfɛ bi mu. (Genesis 2:9) Nanso, Satan bɛtumi de “ahonyadeɛ nnaadaa” asɔ yɛn ahwɛ. (Mateo 13:22) Nnipa pii susu sɛ sɛ wɔnya sika ne ahonyade pii a, ɛbɛma wɔn ani agye, anaa ɛbɛsi wɔn yie. Sɛ yɛnya saa adwene yi bi a, ɛbɛtumi ama ade a ɛsom bo paa afi yɛn nsa. Ɛno ne adamfofa a yɛne Yehowa wɔ no. Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Obiara ntumi nsom awuranom mmienu; ɛfiri sɛ sɛ wantan baako na wannɔ ɔfoforɔ no a, ɔbɛbata baako ho na wabu ɔfoforɔ no animtia. Montumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyadeɛ.” (Mateo 6:24) Sɛ yɛde yɛn bere nyinaa hwehwɛ honam fam nneɛma a, ɛnde na yɛagyae Yehowa som. Saa pɛpɛɛpɛ na Satan pɛ sɛ yɛyɛ. Enti ɛnsɛ sɛ yɛma sika anaa nneɛma a yɛde sika tɔ ho hia yɛn sen yɛne Yehowa adamfofa. Sɛ yɛbɛtumi ne Satan ako adi ne so nkonim a, ɛsɛ sɛ yɛnya adwempa wɔ honam fam nneɛma ho.—Kenkan 1 Timoteo 6:6-10.

KO TIA AGUAMAMMƆ

13. Adwene a ɛnteɛ bɛn na wiase no wɔ wɔ aware ne nna ho?

13 Satan afidie foforo nso ne aguamammɔ. Nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ obi kunu anaa ne yere nkutoo ho a ɔbɛtena anaa aware ankasa mpo bere atwam, na ɛma obi ho kyere no. Nhwɛso bi ni. Ɔbaa bi a wagye din wɔ sini mu kaa sɛ ɔrentumi ntena onipa baako ho. Ɔde kaa ho sɛ: “Mennim obiara a watena ɔbarima anaa ɔbaa baako ho, anaa ɔpɛ sɛ ɔyɛ saa.” Ɔbarima bi a ɔno nso yɛ sini kaa sɛ: “Mennye nni sɛ Onyankopɔn bɔɔ yɛn sɛ yɛnware onipa baako yɛn nkwa nna nyinaa.” Sɛ nnipa a wɔagye din saa kasa tia Onyankopɔn akyɛde a ɛne aware a, Satan ani gye paa. Ɔbonsam ani nnye aware ho, na ɔmpɛ sɛ aware biara yɛ yie. Enti sɛ yɛbɛtumi ne Satan ako adi ne so nkonim a, ɛsɛ sɛ yɛnya adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ aware ho no bi.

14, 15. Sɛ wohyia aguamammɔ ho sɔhwɛ a, dɛn na wobɛyɛ?

14 Sɛ yɛaware oo, sɛ yɛnwaree oo, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ko tia aguamammɔ biara. Wei yɛ mmerɛw anaa? Dabi! Sɛ woyɛ aberante anaa ababaa a, ebia wobɛte sɛ wo sukuufo rehoahoa wɔn ho sɛ wɔtumi ne obiara a wɔpɛ da. Wɔbɛtumi ahoahoa wɔn ho nso sɛ wɔtumi de nna ho nsɛm ne ɛho mfoni fa fon so mena afoforo. Nokwasɛm ne sɛ, wɔ aman bi so no, wɔbu nna ho nsɛm a wɔde fa fon so mena afoforo sɛ adebɔne paa. Wɔbu no sɛ nea obi de mmofra a wɔreyɛ wɔn ayayade wɔ nna mu ho mfoni amena obi. Bible ka sɛ: “Deɛ ɔde ne ho hyɛ adwamammɔ mu no yɛ ɔno ara ne nipadua bɔne.” (1 Korintofoɔ 6:18) Yareɛ a wɔnya fi nna mu ama nnipa pii ahu amane, na bebree mpo afa mu awuwu. Mmabun dodow no ara a wɔne nkurɔfo dae ansa na wɔreware no ka sɛ wɔanu wɔn ho paa sɛ wɔyɛɛ saa. Nnipa a wɔyɛ nneɛma de gyigye nkurɔfo ani pɛ sɛ yɛgye di sɛ, sɛ yɛbu Onyankopɔn mmara so a, yɛrenhu amane biara. Sɛ yɛgye atosɛm a ɛte saa di a, “bɔne nnaadaa” bɛtumi ama yɛayɛ nneɛma a Yehowa ani nnye ho.—Hebrifoɔ 3:13.

15 Sɛ wohyia aguamammɔ ho sɔhwɛ a, dɛn na wobɛyɛ? Gye tom sɛ wowɔ mmerɛwyɛ. (Romafoɔ 7:22, 23) Bɔ Onyankopɔn mpae ma ɔnhyɛ wo den. (Filipifoɔ 4:6, 7, 13) Twe wo ho fi tebea biara a ɛbɛtumi ama woabɔ aguaman ho. (Mmebusɛm 22:3) Sɛ wohyia aguamammɔ ho sɔhwɛ a, twe wo ho ntɛm ara.—Genesis 39:12.

16. Bere a Satan sɔɔ Yesu hwɛe no, asɛm bɛn na Yesu kae, na dɛn na yɛbɛtumi asua afi nea ɔyɛe no mu?

16 Yesu yɛɛ nhwɛso pa maa yɛn. Wamma nneɛma a Satan kaa sɛ ɔde bɛma no no annaadaa no. Wannwene ho mpo. Mmom no, ntɛm ara na ɔka kyerɛɛ Satan sɛ: “Wɔatwerɛ sɛ.” (Kenkan Mateo 4:4-10.) Ná Yesu nim Onyankopɔn Asɛm yie, enti bere a Satan sɔɔ no hwɛe no, ntɛm ara na ɔde Bible mu nsɛm maa no mmuaeɛ. Sɛ yɛbɛtumi ne Satan ako adi ne so nkonim a, ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara sɔ yɛn hwɛ ma yɛkɔbɔ aguaman.—1 Korintofoɔ 6:9, 10.

KƆ SO KO TIA ƆBONSAM NA DI NE SO NKONIM

17, 18. (a) Mfidie foforo bɛn na Satan de yɛ adwuma, na adɛn nti na ɛnyɛ yɛn nwonwa? (b) Asɛm bɛn na ɛbɛto Satan, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ wei hyɛ wo nkuran ma wokɔ so ko tia no?

17 Ahantan anaa ahohoahoa, adedodowpɛ, ne aguamammɔ yɛ Satan mfidie no mu mmiɛnsa pɛ. Bebree wɔ hɔ. Ebi ne sɛ, Kristofo binom abusuafo sɔre tia wɔn, na ebinom nso sukuufo serew wɔn. Afoforo nso te aman bi mu a aban no mpɛ sɛ wɔka asɛmpa no. Sɛ yɛhyia biribi a ɛte saa a, ɛrenyɛ yɛn nwonwa. Yesu ankasa bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo; na deɛ ɔbɛgyina mu akɔsi awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.”—Mateo 10:22.

Wɔbɛsɛe Satan (Hwɛ nkyekyɛm 18)

18 Yɛbɛyɛ dɛn ne Satan ako adi ne so nkonim? Yesu kaa sɛ: “Sɛ monya boasetɔ a, mobɛnya mo kra.” (Luka 21:19) Nnipa bɛtumi ahaw yɛn deɛ, nanso biribiara wɔ n’awiei. Sɛ yɛamma kwan a, obiara ntumi nsɛe yɛne Onyankopɔn adamfofa. (Romafoɔ 8:38, 39) Sɛ Yehowa asomfo anokwafo bi wu mpo a, ɛno nkyerɛ sɛ Satan adi nkonim. Yehowa bɛnyane wɔn. (Yohane 5:28, 29) Satan awiei bɛba ɔkwan biara so. Sɛ wɔsɛe wiase bɔne yi a, wɔbɛto Satan ato amena donkodonko mu mfe 1,000. (Adiyisɛm 20:1-3) Sɛ Kristo mfirihyia apem nniso no ba awiei a, “wɔbɛsane Satan afiri n’afiase,” na ɔbɛsan abɔ mmɔden bio sɛ ɔbɛdaadaa adesamma a wɔayɛ pɛ no. Ɛno akyi no, wɔbɛsɛe no. (Adiyisɛm 20:7-10) Ɛwom sɛ Ɔbonsam nni anidaso biara, nanso yɛn deɛ yɛwɔ bi! Kɔ so ko tia Satan, na ma wo gyidi nkɔ so nyɛ den. Wobɛtumi ne Satan ako adi ne so nkonim!