Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Mpae a Yesu Kyerɛe no Mu Nsɛm Bɔ Wo Bra—Ɔfã 1

Fa Mpae a Yesu Kyerɛe no Mu Nsɛm Bɔ Wo Bra—Ɔfã 1

“Wo din ho nte.”—MATEO 6:9.

1. Sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no a, ɔkwan bɛn so na yɛbɛtumi de Yesu mpaebɔ a ɛwɔ Mateo 6:9-13 no mu nsɛm ayɛ adwuma?

NNIPA pii nim mpaebɔ a ɛwɔ Mateo 6:9-13 no mu nsɛm. Sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no a, yɛka saa mpaebɔ yi mu nsɛm kyerɛ nkurɔfo. Yɛma wɔhu sɛ Ahenni no yɛ aban ankasa a Onyankopɔn ahyehyɛ a ɛbɛma asase adan paradise. Yɛsan nso kyerɛkyerɛ asɛm “wo din ho nte” no mu kyerɛ nkurɔfo ma wɔhu sɛ Onyankopɔn wɔ din, na ɛsɛ sɛ yɛma ne din no yɛ kronkron.—Mateo 6:9.

2. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yesu mpɛ sɛ yɛtĩ nsɛmfua koro no ara mu bere biara a yɛbɛbɔ mpae?

2 Yɛmmisa sɛ, na Yesu pɛ sɛ yɛtĩ nsɛm a ɔkae no mu bere biara a yɛbɛbɔ mpae sɛnea nnipa pii yɛ no anaa? Dabi. Yesu kaa sɛ: “Sɛ worebɔ mpaeɛ a, ntĩ nsɛm korɔ no ara mu nka no mprɛ pii.” (Mateo 6:7) Bere foforo nso a na Yesu rekyerɛ n’asuafo no sɛnea ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae no, ɔtĩĩ saa mpae no mu, nanso ɛnyɛ nsɛmfua koro no ara na ɔde dii dwuma. (Luka 11:1-4) Enti, na Yesu rekyerɛ yɛn nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae.

3. Nsɛm bɛn na wobɛtumi abisa wo ho bere a woresua mpaebɔ a Yesu kyerɛe no mu nsɛm no?

3 Yɛbɛsusu saa mpaebɔ yi ho yie wɔ adesua yi ne nea ɛdi hɔ no mu. Bere a yɛreyɛ saa no, bisa wo ho sɛ, ‘Ɔkwan bɛn so na saa mpaebɔ yi bɛtumi aboa me ma me mpaebɔ atu mpɔn?’ Nea ɛho hia sen saa no, ‘Mede Yesu mpaebɔ no mu nsɛm rebɔ me bra anaa?’

“YƐN AGYA A WOWƆ SORO”

4. Asɛm “yɛn Agya” no kae yɛn dɛn, na ɔkwan bɛn so na Yehowa yɛ yɛn Agya?

4 Yesu de asɛm “Yɛn Agya” na efii mpaebɔ no ase. Wei kae yɛn sɛ Yehowa yɛ yɛn nuanom mmarima ne mmaa a wɔwɔ wiase nyinaa no Agya. (1 Petro 2:17) Yehowa agye wɔn a wɔbɛtena soro no atom sɛ ne mma. Enti Yehowa yɛ wɔn Agya wɔ ɔkwan soronko so. (Romafoɔ 8:15-17) Wɔn a wɔbɛtena asase so daa no nso bɛtumi afrɛ no sɛ wɔn “Agya.” Yehowa ma wɔn nkwa, na ɔma wɔn nsa ka nneɛma a wɔhia. Sɛ wɔyi sintɔ biara fi wɔn ho na wɔba pɛyɛ mu na wɔkɔ so di Yehowa nokware wɔ sɔhwɛ a ɛtwa to no mu a, wɔbɛfrɛ wɔn “Onyankopɔn mma.”—Romafoɔ 8:21; Adiyisɛm 20:7, 8.

5, 6. Dɛn ne akyɛde a ɛsen biara a awofo bɛtumi de ama wɔn mma, na dɛn na ɛsɛ sɛ abofra biara de saa akyɛde yi yɛ? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

5 Sɛ awofo boa wɔn mma ma wɔhu sɛ Yehowa ne wɔn soro Agya na wɔkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔbɔ no mpae a, na wɔakyɛ wɔn ade paa. Ɔmansin sohwɛfo bi a ɔwɔ South Africa kaa sɛ: “Efi da a yɛwoo yɛn mma mmaa no, anadwo biara na me ne wɔn bɔ mpae, gye sɛ menni fie. Yɛn mmabaa no taa ka sɛ wɔnkae nsɛm pɔtee a na meka wɔ mpae a na me ne wɔn bɔ anadwo biara no mu no. Nanso nea wɔkae ne sɛ nkitaho a na yɛne yɛn Agya Yehowa di no yɛ ade kronkron, na na ɛma wɔnya akomatɔyam ne ahotɔ. Bere a mehuu sɛ wɔbɛtumi abɔ mpae araa pɛ na mehyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmmɔ mpae ma ɛmpue wɔn ano na ama mate wɔn komam nsɛm a wɔreka akyerɛ Yehowa no. Ná wei yɛ hokwan kɛse a ɛbɛma mahu nea ɛwɔ wɔn komam. Sɛ wɔyɛ saa a, na ɛbɛma matumi akyerɛkyerɛ wɔn nkakrankakra ma wɔde mpae a Yesu kyerɛe no mu nsɛntitiriw no bi ahyehyɛ wɔn mpaebɔ mu ma atu mpɔn.”

6 Bere a onua no mma mmaa no nyinii no, wɔkɔɔ so bɛn Yehowa. Seesei wɔn mmienu nyinaa aware, na wɔne wɔn kununom reyɛ bere nyinaa som adwuma. Akyɛde a ɛsen biara a awofo bɛtumi de ama wɔn mma ne sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔahu sɛ Yehowa yɛ Obi a ɔwɔ hɔ ankasa, na wɔbɛtumi afa no adamfo nso. Ɛsɛ sɛ abofra biara bɔ mmɔden ma ɔne Yehowa adamfofa mu kɔ so yɛ den.—Dwom 5:11, 12; 91:14.

“WO DIN HO NTE”

7. Hokwan kɛse bɛn na yɛanya, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

7 Yɛanya hokwan kɛse ahu Onyankopɔn din, na yɛabɛyɛ ‘nnipa a ne din’ da yɛn so. (Asomafoɔ Nnwuma 15:14; Yesaia 43:10) Yɛbɔ mpae sɛ “wo din ho nte,” kyerɛ sɛ, wɔnyɛ edin no kronkron. Yɛsan nso srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn na yɛanka asɛm bi anaa yɛanyɛ biribi a ɛbɛgu ne din ho fĩ. Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade sɛ ebinom a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so a wɔanyɛ nneɛma a wɔkyerɛkyerɛɛ afoforo sɛ wɔnyɛ no. Paulo kyerɛw wɔn sɛ: “Mo nti wɔka Onyankopɔn din ho abususɛm amanaman no mu.”—Romafoɔ 2:21-24.

8, 9. Ma nhwɛso bi a ɛkyerɛ sɛ Yehowa boa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔte ne din ho no.

8 Yɛyɛ nea yɛbɛtumi biara sɛ yɛbɛte Yehowa din ho. Onuawa bi a ɔwɔ Norway a ne kunu wu gyaa ɔne ne babarima a na wadi mfe mmienu kaa sɛ: “Ná ɛyɛ bere a ɛyɛ den ma me paa. Mebɔɔ mpae da biara da. Ɛkame ayɛ sɛ dɔnhwerew biara na mebɔ mpae hwehwɛ akokoduru a mede bɛdi me ho so na mansi gyinae bi a nyansa nnim, anaa manyɛ ade bɔne bi amma Satan annyina so antwa Yehowa mpoa. Ná mepɛ sɛ mete Yehowa din ho, na na mepɛ sɛ me ba no hu ne papa bio wɔ Paradise.”—Mmebusɛm 27:11.

9 Yehowa tiee onuawa no mpaebɔ anaa? Aane, ɔtiei. Esiane sɛ na ɔne anuanom mmarima ne mmaa bɔ bere nyinaa nti, wɔhyɛɛ no nkuran. Mfe nnum akyi no, asafo mu panyin bi waree no. Seesei ne babarima no adi mfe 20, na wabɔ asu. Onuawa no ka sɛ: “M’ani agye paa sɛ me kunu foforo no aboa me ma matete me ba no.”

10. Dɛn na Onyankopɔn bɛyɛ de ate ne din ho koraa?

10 Yehowa bɛyi wɔn a wɔgu ne din ho fĩ na wɔnnye no ntom sɛ wɔn Sodifo no nyinaa afi hɔ de ate ne din ho koraa. (Kenkan Hesekiel 38:22, 23.) Saa bere no, nnipa bɛyɛ pɛ, na abɔfo ne nnipa nyinaa bɛsom Yehowa na wɔahyɛ ne din kronkron no anuonyam. Awiei koraa no, yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no ‘bɛyɛ adeɛ nyinaa ama obiara.’—1 Korintofoɔ 15:28.

“W’AHENNIE MMRA”

11, 12. Afe 1876 no, dɛn na Yehowa boaa ne nkurɔfo ma wɔhui?

11 Ansa na Yesu resan akɔ soro no, n’asuafo no bisaa no sɛ: “Awurade, saa berɛ yi na wode ahennie no resan asi hɔ ama Israel anaa?” Yesu kaa sɛ bere nnya nnui sɛ wɔbɛhu bere a Onyankopɔn Ahenni bɛfi ase adi tumi. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmfa wɔn adwene nsi asɛnka adwuma a ɛho hia no so. (Kenkan Asomafoɔ Nnwuma 1:6-8.) Ɔsan ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni no mmra na wɔnhwɛ bere a ɛbɛba no kwan. Ɛno nti na yɛda so ara bɔ mpae sɛ Ahenni no mmra no.

12 Bere a aka kakra ma Yesu afi ase adi tumi wɔ soro no, Yehowa boaa ne nkurɔfo ma wɔhuu afe a na ɛbɛfi ase. Afe 1876 no, Charles Taze Russell kyerɛw asɛm a wɔtoo din “Amanaman Mmere No: Bere Bɛn na Ɛbɛba Awiei?” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ “mmerɛ nson” a wɔaka ho asɛm wɔ Daniel nkɔmhyɛ no mu no ne “amanaman mmerɛ a wɔahyɛ” a ɛwɔ Yesu nkɔmhyɛ no mu yɛ ade koro. Ɔkaa sɛ saa mmere no bɛba awiei wɔ afe 1914 mu. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)—Daniel 4:16; Luka 21:24.

13. Asɛm bɛn na ɛsii afe 1914, na dɛn na nsɛm a asisi fi afe 1914 no ma yɛhu?

13 Afe 1914 no, ɔko fii ase wɔ Europa, na ankyɛ koraa na ɛtrɛw kɔɔ wiase nyinaa. Ɔko no de ɔkɔm kɛse bae. Ɛduu bere a ɔko no baa awiei afe 1918 no, yareɛ bi a ɛyɛ hu a wɔfrɛ no influensa kunkum nnipa pii wɔ wiase nyinaa sen ɔko no ankasa mpo. Weinom nyinaa ka “sɛnkyerɛnne” a Yesu kaa ho asɛm no ho. Sɛnkyerɛnne no ma yɛhu sɛ Yesu bɛyɛɛ Ɔhene wɔ soro wɔ afe 1914 mu. (Mateo 24:3-8; Luka 21:10, 11) Saa afe no, “ɔfirii adi kɔdii nkonim sɛ ɔbɛwie ne nkonimdie koraa.” (Adiyisɛm 6:2) Yesu too Satan ne n’adaemone fii soro baa asase so. Ɛno akyi no, nkɔmhyɛ no fii ase baa mu: “Asase ne ɛpo nnue, ɛfiri sɛ Ɔbonsam asiane aba mo nkyɛn na ne bo afu dendeenden, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne berɛ a aka yɛ tia.”—Adiyisɛm 12:7-12.

14. (a) Adɛn nti na yɛda so ara bɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra? (b) Adwuma a ɛho hia bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ seesei?

14 Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm ti 12 no boa yɛn ma yɛhu nea enti a nneɛma bɔne sisii asase so bere a Yesu bɛyɛɛ Onyankopɔn Ahenni so Hene no. Ɛwom sɛ Yesu redi hene wɔ soro deɛ, nanso Satan da so ara redi tumi wɔ asase so. Ɛrenkyɛ Yesu bɛyi abɔnefo nyinaa afi asase so de ‘awie ne nkonimdie koraa.’ Ɛnkosi saa bere no, yɛbɛkɔ so abɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra na yɛayere yɛn ho akɔ so aka saa Ahenni no ho asɛm. Adwuma a yɛreyɛ no ma nkɔm a Yesu hyɛe no bam. Yesu kaa sɛ: “Wɔbɛka ahennie ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanseɛ; ɛno ansa na awieeɛ no bɛba.”—Mateo 24:14.

“W’APƐDEƐ NYƐ HƆ WƆ ASASE SO”

15, 16. Sɛ yɛbɔ mpae sɛ Onyankopɔn apɛde nyɛ hɔ a, ɛno ara dɔɔso anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

15 Bɛyɛ mfe 6,000 a atwam no, na wɔreyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so. Ɛno nti na Yehowa kaa sɛ biribiara ‘yɛ paa’ no. (Genesis 1:31) Afei Satan tee atua, na efi saa bere no, nnipa dodow no ara nyɛɛ Onyankopɔn apɛde. Nanso ɛnnɛ nnipa bɛyɛ ɔpepem nwɔtwe resom Yehowa. Wɔbɔ mpae sɛ Onyankopɔn apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so, na wɔyɛ Onyankopɔn apɛde nso. Wɔma wɔn abrabɔ sɔ Onyankopɔn ani, na wɔde nsi ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛ afoforo.

Worekyerɛkyerɛ wo mma ma wɔayɛ Onyankopɔn apɛde anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 16)

16 Nhwɛso bi ni. Ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔwɔ Afrika a wadi mfe 80 a wɔbɔɔ no asu afe 1948 no ka sɛ: “Metaa bɔ mpae sɛ yɛbɛhu nnipa komapafo nyinaa na yɛaboa wɔn ma wɔabɛhu Yehowa ansa na aka akyi dodo. Afei nso, sɛ merebɛdi obi adanse a, mebɔ mpae hwehwɛ nyansa sɛnea ɛbɛyɛ a asɛm no bɛka onipa no koma. Mebɔ mpae nso sɛ Yehowa bɛhyira yɛn mmɔdenbɔ so ma yɛatumi aboa nnipa komapafo a yɛanya wɔn no.” Onuawa a ne mfe akɔ anim yi aboa nnipa pii ma wɔasua Yehowa ho ade. Wonim obi a ne mfe akɔ anim a ɔde nsi reyɛ Yehowa apɛde?—Kenkan Filipifoɔ 2:17.

17. Wote nka sɛn wɔ nea daakye Yehowa bɛyɛ ama nnipa ne nneɛma a ɔbɛyɛ wɔ asase so no ho?

17 Ɛnkosi sɛ Yehowa bɛyi n’atamfo afi asase so no, yɛbɛkɔ so abɔ mpae sɛ n’apɛde nyɛ hɔ. Sɛ ɔyi atamfo no fi hɔ a, wɔbɛma asase adan paradise na wɔbɛnyane nnipa ɔpepepem pii afi awufo mu. Yesu kaa sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkaeɛ ada mu nyinaa bɛte ne nne na wɔafiri adi.” (Yohane 5:28, 29) Sɛ yɛrehyia yɛn adɔfo a wɔasɔre afi awufo mu no a, hwɛ sɛnea yɛn ani bɛgye afa! Onyankopɔn ‘bɛpepa yɛn aniwam nisuo nyinaa.’ (Adiyisɛm 21:4) Nnipa a wɔbɛnyane wɔn no mu dodow no ara bɛyɛ “wɔn a wɔntene,” nkurɔfo a wɔansua Yehowa ne Yesu ho nokwasɛm da. Yɛde anigye bɛkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn ho ade sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛnya “daa nkwa.”—Asomafoɔ Nnwuma 24:15; Yohane 17:3.

18. Dɛn na adesamma hia paa?

18 Sɛ Onyankopɔn Ahenni no ba a, ɛbɛte ne din ho, na ɔsoro ne asase sofo nyinaa de baakoyɛ bɛsom Yehowa. Sɛ Onyankopɔn bua adesrɛ mmiɛnsa a ɛdi kan wɔ mpaebɔ a Yesu kyerɛe no mu a, ɔbɛma adesamma nsa aka nneɛma a wɔhia paa no. Yɛbɛsusu nneɛma foforo a ɛho hia a Yesu kaa sɛ yɛmmɔ ho mpae no ho wɔ adesua a ɛdi hɔ no mu.

^ nky. 12 Nea ɛbɛma woahu sɛ saa nkɔmhyɛ yi baam afe 1914 no, hwɛ nwoma Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? kratafa 215-218.