Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Mpae a Yesu Kyerɛe no Mu Nsɛm Bɔ Wo Bra—Ɔfã 2

Fa Mpae a Yesu Kyerɛe no Mu Nsɛm Bɔ Wo Bra—Ɔfã 2

“Mo Agya Onyankopɔn nim nneɛma a ɛhia mo.”—MATEO 6:8.

1-3. Dɛn nti na onuawa bi gye di paa sɛ na Yehowa nim nea ɔhia?

LANA yɛ daa kwampaefo. Ɔka sɛ ne werɛ remfi asɛm bi a ɛsii bere a ɔkɔɔ Germany afe 2012 no da. Ɔhuu sɛ Yehowa buaa mpae mmienu bi a ɔbɔe. Bere a ɔte keteke mu rekɔ wimhyɛn gyinabea no, ɔbɔɔ mpae sɛ Yehowa mmoa no ma ɔnnya obi nni no adanse. Bere a ɔduu wimhyɛn gyinabea hɔ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ wimhyɛn a ɔde bɛtu kwan no antumi amma enti gye sɛ ade kye ansa na watumi atoa n’akwantu no so. Lana bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa no efisɛ sika a na aka ne ho sua, na na ɔhia baabi a ɔbɛda saa anadwo no nso.

2 Lana ano sii ara pɛ na ɔtee sɛ obi reka sɛ, “Lana, na ɛha nso ɛ?” Ná ɛyɛ aberante bi a Lana ne no kɔɔ sukuu. Ná ɔne ne maame ne ne nanabaa na ɛnam. Ná wɔrebɛgya no kwan ma wakɔ South Africa. Bere a Lana kaa n’asɛm kyerɛɛ wɔn no, aberante no maame ne ne nanabaa no de no kɔɔ wɔn fie kɔmaa no baabi dae. Wɔbisaa no ne som mu gyidi ne akwampae adwuma a ɔyɛ no ho nsɛm pii.

3 Ade kyee a wɔdidi wiei anɔpa no, wɔbisaa Lana Bible ho nsɛm pii bio, na ɔmaa wɔn mmuaeɛ. Lana gyee wɔn tɛlɛfon nɔma ne wɔn e-mail address sɛnea ɛbɛyɛ a obi bɛtumi akɔhwehwɛ wɔn na watoa so aboa wɔn. Lana san kɔduu ne kurom dwoodwoo, na ɔgu so reyɛ akwampae adwuma no. Lana te nka sɛ Yehowa tiee ne mpaebɔ, ɔhuu nea ɔhia, na ɔboaa no.—Dwom 65:2.

Ɛnsɛ sɛ yɛdwendwene nneɛma a yɛbɛhia daakye ho

4. Dɛn na yɛrebɛsusu ho?

4 Sɛ asɛm bi to yɛn mpofirim a, ɛnyɛ den sɛ yɛbɛbɔ mpae ahwehwɛ Yehowa mmoa. Ɔno nso ani gye ho sɛ ɔbɛtie yɛn mpaebɔ. (Dwom 34:15; Mmebusɛm 15:8) Yesu mpae a ɔkyerɛɛ yɛn no ma yɛhu sɛ nneɛma a ɛho hia pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae. Yɛbɛsusu sɛnea adesrɛde nnan a ɛtwa to wɔ saa mpaebɔ no mu no bɛtumi aboa yɛn ma yɛadi Yehowa nokware wɔ adesua yi mu.—Kenkan Mateo 6:11-13.

“MA YƐN NNƐ ADUANE WƆ DA YI MU”

5, 6. Sɛ yɛwɔ aduane pii mpo a, adɛn nti na Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnsrɛ ‘yɛn aduane’?

5 Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnsrɛ ‘yɛn aduane,’ na ɛnyɛ ‘m’aduane.’ Ɔmansin sohwɛfo bi a ɔwɔ Afrika a wɔfrɛ no Victor ka sɛ: “Metaa da Yehowa ase paa sɛ me ne me yere nhaw yɛn ho nnwene aduane a yɛbɛdi ho, na saa ara nso na yɛnnwene nea ɛbɛyɛ a yɛbɛtua yɛn dan ka ho. Yɛn nuanom hwɛ yɛn daa. Nanso mebɔ mpae sɛ Yehowa mmoa wɔn a wɔhwɛ yɛn no ma wɔn sikasɛm nkɔ yie.”

6 Yɛn deɛ ebia yɛwɔ aduane pii a yɛbɛdi nanso yɛn nuanom pii di hia. Afei nso, atoyerɛnkyɛm ato ebinom. Yɛbɛtumi abɔ mpae ama wɔn na yɛasan nso ayɛ biribi aboa wɔn. Ebi ne sɛ, yɛbɛtumi ne wɔn akyɛ nea yɛwɔ. Yɛbɛtumi nso ayi ntoboa daa de aboa adwuma a Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa reyɛ no. Yɛnim sɛ ntoboa a yɛyi no boa yɛn nuanom a wɔhia mmoa no.—1 Yohane 3:17.

7. Dɛn na Yesu kaa wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu a ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ ‘yɛdwendwene ɔkyena ho’?

7 Bere a Yesu kyerɛɛ yɛn mpaebɔ no, ɔma yɛhuu sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si honam fam nneɛma so. Ɔkaa sɛ, sɛ Yehowa hwɛ wuram afifide a, “ɔrenhyɛ mo atadeɛ mmoro so anaa, mo a mo gyidie sua? Enti monnnwennwene nnka sɛ, . . . ’Ɛdeɛn na yɛbɛhyɛ?’” Afei ɔsan kaa sɛ: “Monnnwennwene ɔkyena ho.” (Mateo 6:30-34) Ɛnsɛ sɛ yɛdwendwene nneɛma a yɛbɛhia daakye ho. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛma nneɛma a yɛhia no da biara da no ara dɔɔso ma yɛn. Ɛho nhwɛso ne sɛ, yɛbɛtumi abɔ mpae ahwehwɛ baabi a yɛbɛtena, adwuma a yɛbɛyɛ de ahwɛ yɛn abusua, ne nyansa a sɛ yɛyare a yɛde bɛsisi gyinae pa. Nanso, biribi a ɛho hia paa wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae.

8. Dɛn na asɛm a Yesu ka faa yɛn nnɛ aduane ho no ma yɛkae? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

8 Asɛm a Yesu ka faa yɛn nnɛ aduane ho no ma yɛkae asɛm bi a ɔkaa bere bi: “Ɛnyɛ paanoo nko ara so na onipa nam bɛtena aseɛ, na mmom asɛm biara a ɛfiri Yehowa anom nso.” (Mateo 4:4) Enti ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae sɛ Yehowa nkɔ so nkyerɛkyerɛ yɛn na ɔmma yɛn nea ɛbɛboa yɛn ma yɛabɛn no bere nyinaa.

“FA YƐN AKA FIRI YƐN”

9. Adɛn nti na yɛn bɔne te sɛ ɛka a yɛde obi?

9 Yesu kaa sɛ: “Fa yɛn aka firi yɛn.” Bere foforo nso, ɔkaa sɛ: “Fa yɛn bɔne firi yɛn.” (Mateo 6:12; Luka 11:4) Nea enti a ɔkaa saa ne sɛ yɛn bɔne te sɛ ɛka a yɛde obi. Afe 1951 no, Ɔwɛn-Aban no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, sɛ yɛyɛ bɔne a, ɛte sɛ nea yɛde Yehowa ka. Ɛka a yɛde Yehowa ara ne sɛ yɛbɛdɔ no na yɛayɛ osetie ama no. Enti sɛ yɛyɛ Onyankopɔn bɔne a, ɛkyerɛ sɛ, yɛantua ɛka a yɛde no no. Ɔwɛn-Aban no kaa sɛ, sɛ Yehowa pɛ a, ɔne yɛn bɛtwa adamfofa mu. Ɔwɛn-Aban no de kaa ho sɛ: “Yɛyɛ bɔne a, ɛkyerɛ sɛ yɛnnɔ Onyankopɔn.”—1 Yohane 5:3.

Ɛsɛ sɛ woda Yehowa ase daa sɛ wama yɛn agyede a ɛsom bo

10. Adɛn nti na Yehowa bɛtumi de yɛn bɔne afiri yɛn, na sɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn?

10 Yɛda Yehowa ase paa sɛ ɔde Yesu mae sɛ agyede a yɛnam so bɛnya bɔne fafiri! Yɛhia Yehowa fafiri da biara da. Bɛyɛ mfe 2,000 ni na Yesu wu maa yɛn, nanso yɛda so ara nya agyede no so mfaso nnɛ. Ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase daa sɛ wama yɛn akyɛde a ɛsom bo saa. Yɛn mu biara nni hɔ a anka ɔbɛtumi atua agyede a ɛbɛma yɛatete yɛn ho afi bɔne ne owuo ho. (Kenkan Dwom 49:7-9; 1 Petro 1:18, 19.) Asɛm “fa yɛn bɔne firi yɛn” a ɛwɔ Yesu mpae no mu no kae yɛn sɛ yɛhia agyede no, na saa ara na yɛn nuanom mmarima ne mmaa nso hia. Yehowa pɛ sɛ yɛdwene wɔn ho na yɛma wɔne Yehowa abusuabɔ ho hia yɛn. Wei kyerɛ sɛ, sɛ wɔyɛ yɛn bɔne a, ɛsɛ sɛ yɛde firi wɔn ntɛm ara. Mpɛn pii no, mfomso nketenkete na yɛn nuanom yɛ tia yɛn, nanso sɛ yɛde kyɛ wɔn a, yɛda no adi sɛ yɛdɔ wɔn. Bio nso, yɛma ɛda adi sɛ yɛn ani sɔ sɛ Yehowa de yɛn bɔne firi yɛn.—Kolosefoɔ 3:13.

11. Adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛde afoforo mfomso firi wɔn?

11 Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, ɛtɔ mmere bi a ɛbɛtumi ayɛ den sɛ yɛde wɔn a wɔfom yɛn no mfomso bɛkyɛ wɔn. (Leviticus 19:18) Sɛ yɛkeka nea wɔayɛ atia yɛn no kyerɛ afoforo wɔ asafo no mu a, ebinom de wɔn ho bɛgye asɛm no mu, na ɛde mpaapaemu bɛba asafo no mu. Sɛ yɛma biribi a ɛte saa kɔ so a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛn ani nsɔ agyede a Onyankopɔn de akyɛ yɛn no, na yɛrennya so mfaso. (Mateo 18:35) Sɛ yɛamfa afoforo mfomso amfiri wɔn a, Yehowa nso remfa yɛn mfomso mfiri yɛn. (Kenkan Mateo 6:14, 15.) Afei nso, sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɛnsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ nneɛma a ɔmpɛ.—1 Yohane 3:4, 6.

Sɛ wopɛ sɛ Onyankopɔn de wo mfomso firi wo a, ɛsɛ sɛ wo nso wode afoforo mfomso firi wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 11)

“MFA YƐN NKƆ SƆHWƐ MU”

12, 13. (a) Bere a Yesu bɔɔ asu no, dɛn na ɛtoo no? (b) Sɛ yɛhyia sɔhwɛ na yɛantumi annyina ano a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛde ɛho asodi to afoforo so? (d) Bere a Yesu dii nokware kɔsii owuo mu no, dɛn na ɔma ɛdaa adi?

12 Adesrɛ a ɛwɔ Yesu mpae no mu a ɛse “mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu” no ma yɛkae nea ɛtoo Yesu wɔ n’asubɔ akyi pɛɛ. Onyankopɔn honhom de Yesu kɔɔ sare so “maa Ɔbonsam kɔsɔɔ no hwɛeɛ.” (Mateo 4:1; 6:13) Adɛn nti na Yehowa maa kwan maa saa asɛm no sii? Bere a Adam ne Hawa poo Yehowa nniso no, Yehowa somaa Yesu baa asase so sɛ ɔmmɛsiesie asɛm a wɔma ɛsɔree no. Atua a wɔtee no maa nsɛmmisa bi sɔree a na ɛbɛgye bere ansa na yɛanya ho mmuaeɛ. Ebi ne sɛ, ɛyɛ ampa sɛ na mfomso wɔ sɛnea Yehowa bɔɔ nnipa no ho? Sɛ “ɔbɔnefoɔ no” sɔ onipa a ɔyɛ pɛ hwɛ a, ɔbɛtumi akɔ so adi Yehowa nokware? Na sɛ nnipa di wɔn ho so a, ɛbɛsi wɔn yie ampa sɛnea na Satan kyerɛ no? (Genesis 3:4, 5) Daakye sɛ saa nsɛmmisa yi nyinaa ho mmuaeɛ da adi pefee a, abɔfo a wɔwɔ soro ne nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa bɛhu sɛ Yehowa nniso na ɛyɛ papa.

Yɛbɛtumi adi Yehowa nokware wɔ tebea a ɛyɛ den paa mpo mu

13 Yehowa yɛ kronkron, enti ɔmfa bɔne nsɔ obiara nhwɛ. Satan mmom na ɔyɛ “Ɔsɔhwɛfoɔ.” (Mateo 4:3) Satan fa akwan pii so sɔ yɛn hwɛ. Nanso sɛ yɛma kwan a, ɛnna ɔbɛnya yɛn. Enti yɛn ankasa na yɛbɛkyerɛ sɛ yɛbɛma wanya yɛn anaa ɔrenya yɛn. (Kenkan Yakobo 1:13-15.) Bere a Satan sɔɔ Yesu hwɛe no, Yesu faa asɛm bi fii Onyankopɔn Asɛm mu de bɔɔ n’asɛm no gui. Yesu dii Onyankopɔn nokware. Nanso Satan annyae n’akyi di. Satan gyaa Yesu hɔ “kɔsii berɛ foforɔ.” (Luka 4:13) Nea Satan yɛe nyinaa akyi no, Yesu gye toom sɛ Onyankopɔn ne ne Sodifo, na ɔtiee no. Yesu ma ɛdaa adi sɛ onipa a ɔyɛ pɛ bɛtumi adi Yehowa nokware wɔ tebea a ɛyɛ den paa mpo mu. Nanso Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ Yesu akyidifo ahwɛ ma wɔayɛ Yehowa so asoɔden; wo nso woka ho.

Yehowa wɔ yɛn mu ahotoso sɛ yɛbɛtumi adi no nokware, na ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn

14. Dɛn na ɛhia sɛ yɛyɛ na ama yɛatumi agyina sɔhwɛ ano?

14 Yɛnnya nnyaa nsɛm a Satan ma ɛsɔree wɔ Yehowa nniso ho no nyinaa ho mmuaeɛ. Enti seesei Yehowa ma kwan ma Satan sɔ yɛn hwɛ. Yehowa “mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu.” Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa wɔ yɛn mu ahotoso sɛ yɛbɛtumi adi no nokware, na ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn. Nanso ɔnhyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nea ɛtene. Ɔpɛ sɛ yɛn ara yɛfi yɛn pɛ mu paw nea yɛpɛ. Enti ɔma kwan ma yɛn ankasa si gyinae sɛ yɛbɛdi nokware ama no anaasɛ yɛrenyɛ saa. Nea ɛbɛyɛ na yɛrenyɛ bɔne no, ɛhia sɛ yɛyɛ nneɛma mmienu bi: ɛsɛ sɛ yɛbata Yehowa ho, na yɛkɔ so bɔ mpae hwehwɛ ne mmoa. Ɔkwan bɛn so na Yehowa bua mpae a yɛbɔ sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛnnyina sɔhwɛ ano no?

Bata Yehowa ho na fa nsi yɛ asɛnka adwuma no (Hwɛ nkyekyɛm 15)

15, 16. (a) Sɔhwɛ ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho? (b) Sɛ yɛgyaa yɛn ho mu ma sɔhwɛ a, hena na ɛsɛ sɛ yɛde hyɛ no?

15 Yehowa ma yɛn ne honhom kronkron na aboa yɛn ma yɛako atia Satan sɔhwɛ ahorow. Bio nso, Yehowa nam Bible no ne asafo no so bɔ yɛn kɔkɔ na yɛankɔ asiane mu. Ɛho nhwɛso bi ni. Ɔbɔ yɛn kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn bere, yɛn sika, ne yɛn ahoɔden fã kɛse no ara yɛ nneɛma a ɛho nhyɛ da nhia yɛn. Yɛnhwɛ Espen ne Janne asɛm yi. Wɔte ɔman bi a wɔdi yie mu wɔ Europa. Wɔyɛɛ daa akwampae adwuma no mfe pii wɔ ɔman no fã bi a adawurubɔfo nnɔɔso. Bere a wɔwoe no, na ɛsɛ sɛ wɔgyae akwampae adwuma no. Seesei wɔwɔ mma mmienu. Espen ka sɛ: “Seesei a yɛntumi mfa bere pii nyɛ ɔsom adwuma no sɛnea na bere bi yɛyɛ no, yɛtaa bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛntumi nnyina sɔhwɛ ano. Yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛne n’adamfofa mu nkɔ so nyɛ den na yɛmfa nsi nyɛ asɛnka adwuma no.”

16 Ade foforo a ɛbɛtumi asɔ yɛn ahwɛ a ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho ne ponografi anaa aguamansɛm ho mfoni a yɛbɛhwɛ. Sɛ yɛhwɛ ponografi a, yɛrentumi mfa nhyɛ Satan. Adɛn ntia? Efisɛ Satan ne ne wiase no rentumi nhyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ adebɔne. Nea enti a ebinom hwɛ ponografi ne sɛ wɔnyi wɔn adwene mfi nneɛma bɔne so. Nanso yɛn nuanom mmarima ne mmaa pii atwe wɔn ho afi ponografi ho, enti yɛn nso yɛbɛtumi ayɛ saa.—1 Korintofoɔ 10:12, 13.

“GYE YƐN FIRI ƆBƆNEFOƆ NO NSAM”

17. (a) Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa “gye yɛn firi ɔbɔnefoɔ no nsam”? (b) Ahotɔ bɛn na yɛbɛnya nnansa yi ara?

17 Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa “gye yɛn firi ɔbɔnefoɔ no nsam”? Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ “wiase no fã,” na ɛnsɛ sɛ yɛdɔ “wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase.” (Yohane 15:19; 1 Yohane 2:15-17) Sɛ Yehowa yi Satan fi hɔ na ɔsɛe wiase bɔne yi a, hwɛ sɛnea yɛn ho bɛtɔ yɛn! Nanso ɛnkosi saa bere no, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Satan “bo afu dendeenden, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne berɛ a aka yɛ tia.” Ɔbɛyɛ nea ɔbɛtumi biara sɛ ɔbɛma yɛagyae Yehowa som. Enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ mpae sɛ Yehowa mmɔ yɛn ho ban mfi Satan ho.—Adiyisɛm 12:12, 17.

18. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛnya nkwa wɔ Satan wiase no awiei a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

18 Wopɛ sɛ wotena wiase a Satan nni mu? Ɛnneɛ, kɔ so bɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra, Onyankopɔn din ho nte, na n’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so. Bɔ mpae bere nyinaa sɛ Yehowa nhwɛ wo so na ɔmma wo biribiara a wohia a ɛbɛma woakɔ so abata ne ho. Yɛ nea wobɛtumi biara fa Yesu mpae a ɔkyerɛe no mu nsɛm bɔ wo bra.