Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ná Yesu Dɔ Nnipa

Ná Yesu Dɔ Nnipa

“Nnipa mma ho nsɛm na na ɛda m’akoma soɔ.”—MMEBUSƐM 8:31.

1, 2. Dɛn na Yesu ayɛ de akyerɛ sɛ ɔdɔ adesamma paa?

SƐ YƐKA obi a ɔdaa Yehowa nyansa adi sen obiara a, ɛyɛ Onyankopɔn Abakan no. Ná ɔyɛ n’Agya ‘dwumayɛni a ne ho akokwa.’ Bere a Yesu Agya ‘siesiee soro’ na “ɔhyehyɛɛ asase fapem no,” hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yesu ani gyei na ne koma tɔɔ ne yam. Nanso nneɛma a n’Agya bɔe nyinaa mu no, ‘nnipa mma ho nsɛm na na ɛda Yesu akoma so.’ (Mmebusɛm 8:22-31) Ampa, na Yesu dɔ nnipa fi mfiase pɛɛ.

2 Akyiri yi, Yesu fii soro baa asase so bɛyɛɛ onipa. Ɔdaa no adi sɛ ɔdɔ n’Agya ne nnipa nyinaa, na ɔrentwe ne ho mfi n’Agya ho da. Nea enti a Yesu fii ne pɛ mu baa asase so ne sɛ ɔde ne nkwa bɛyɛ “agyedeɛ de agye nnipa bebree.” (Mateo 20:28; Filipifoɔ 2:5-8) Bere a Yesu wɔ asase so no, Onyankopɔn maa no tumi a ɔde bɛyɛ anwonwade. Anwonwade ahorow no ma yɛhu sɛ Yesu dɔ nnipa paa, na ɔbɛyɛ nneɛma pa pii ama adesamma nnansa yi ara.

3. Dɛn na yɛbɛsusu ho wɔ adesua yi mu?

3 Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔkaa “Onyankopɔn ahennie ho asɛmpa” nso. (Luka 4:43) Ná ɔnim sɛ Ahenni yi bɛte n’Agya din ho, na ɛbɛyi adesamma haw nyinaa afi hɔ afebɔɔ. Bere a Yesu reka asɛmpa no, ɔyɛɛ anwonwade nso. Anwonwade a Yesu yɛe no ma ɛdaa adi sɛ ɔdwene nnipa nyinaa ho. Adɛn nti na wei ho hia yɛn? Efisɛ nea ɔyɛe no ma yɛnya anidaso ne ahotoso sɛ nneɛma bɛyɛ yie daakye. Momma yɛnhwɛ anwonwade a Yesu yɛe no mu nnan.

“TUMI WƆ NE SO A ƆDE BƐSA YAREƐ”

4. Bere a Yesu hyiaa ɔbarima bi a ɔyare kwata no, dɛn na ɛsii?

4 Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma no, ɔkɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Galilea. Ɔhyiaa ɔbarima bi a kwata ayɛ no wɔ nkuro no baako mu. Kwata yɛ yareɛ a ɛyɛ hu paa. (Marko 1:39, 40) Ná ɔbarima no yare paa ma enti Luka a ɔyɛ oduruyɛfo no kaa sɛ “kwata adware no.” (Luka 5:12) Bible ka sɛ bere a ɔbarima a ɔyare no huu Yesu no, “ɔhwee n’anim srɛɛ no sɛ: ‘Awurade, sɛ wopɛ nko ara a, wobɛtumi ama me ho afi.’” Ná ɔbarima no nim sɛ Yesu wɔ tumi a ɔde bɛsa no yareɛ, nanso na ɛhia sɛ ɔhu sɛ Yesu sɛ ɔsa no yareɛ anaa. Adɛn ntia? Efisɛ na Farisifo no ara na ɔbarima no nim wɔn; ná Farisifo no bu nnipa a wɔyare kwata animtiaa. Nanso, dɛn na na Yesu redwene ho? Ná Yesu bɛyɛ n’ade sɛn wɔ ɔbarima a ɛbɛyɛ sɛ na yareɛ no ama wadi dɛm paa no ho? Sɛ ɛyɛ wo a, anka dɛn na wobɛyɛ?

5. Adɛn nti na na Yesu pɛ sɛ ɔsa kwatani no yareɛ?

5 Ɛbɛyɛ sɛ ɔbarima a na ɔyare kwata no anteɛm sɛ, “Me ho nte, me ho nte!” sɛnea na Mose Mmara no ka no. (Leviticus 13:43-46) Nanso Yesu bo amfuw no. Mmom, na ɔdwene ɔbarima no ho, na na ɔpɛ sɛ ɔboa no. Yɛnnim ade pɔtee a na Yesu redwene ho, nanso yɛnim nea na ɛwɔ ne komam. Ɔbarima no asɛm yɛɛ Yesu mmɔbɔ araa ma ɔyɛɛ anwonwade. Ɔyɛɛ biribi a na obi foforo biara renyɛ; ɔde ne nsa kaa ɔbarima no. Yesu de ahotoso ne ayamhyehye kaa sɛ: “Mepɛ. Wo ho mfi.” Afei “kwata no tu yeraeɛ.” (Luka 5:13) Yɛhu pefee sɛ Yehowa na ɔmaa Yesu tumi ma ɔde yɛɛ saa anwonwade yi na ama nnipa ahu sɛ Yesu dɔ wɔn paa.—Luka 5:17.

6. Dɛn na ɛda nsow wɔ anwonwade a Yesu yɛe no ho, na dɛn na ɛma yɛhu?

6 Onyankopɔn maa Yesu tumi ma ɔde yɛɛ anwonwade pii. Ɛnyɛ akwatafo nko ara na ɔsaa wɔn yareɛ. Yesu saa nnipa a wɔyare yareɛ ahorow nyinaa bi nso yareɛ. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ bere a nnipa “hunuu sɛ mum rekasa na mpakye renanteɛ na anifirafoɔ hunu adeɛ no,” wɔn ho dwirii wɔn. (Mateo 15:31) Sɛ Yesu sa obi yareɛ a, na ɛnhia sɛ ɔyi onipa foforo bi nipadua mu akwaa de kɔsa ɔyarefo no yareɛ. Ná Yesu wɔ tumi a ɔde bɛsa nipadua akwaa biara yareɛ. Bio nso, na ɔsa nkurɔfo yareɛ amonom hɔ ara. Ɛtɔ da bi mpo a na ɔsa wɔn a wɔwɔ akyirikyiri nso yareɛ. (Yohane 4:46-54) Dɛn na saa anwonwade ahorow yi ma yɛhu? Ɛma yɛhu sɛ yɛn Hene Yesu Kristo wɔ tumi a ɔde bɛyi yareɛ nyinaa afi hɔ, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ saa nso. Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yesu saa nkurɔfo yareɛ no a, ɛma yɛnya ahotoso sɛ “ɔbrɛfoɔ ne ohiani asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ” wɔ wiase foforo no mu. (Dwom 72:13) Yesu bɛsa obiara a ɔrehu amane yareɛ efisɛ ɛda ne koma so sɛ ɔbɛyɛ saa.

“SƆRE FA WO KƐTƐ NA NANTE”

7, 8. Ka nea ɛsii ansa na Yesu rehyia ɔbarima bi a ɔyare wɔ Betesda no?

7 Bere a Yesu saa kwatani no yareɛ no, asram bi akyi no, ofii Galilea kɔɔ Yudea, na ɔkɔɔ so kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa. Yɛbɛtumi aka sɛ nnipa mpempem pii tee asɛmpa a na Yesu reka no, na ɔdɔ a ɔwɔ ma wɔn no kaa wɔn koma paa. Ná Yesu pɛ paa sɛ ɔkyekye ahiafo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so no werɛ na ɔma wɔnya anidaso.—Yesaia 61:1, 2; Luka 4:18-21.

8 Nisan bosome no mu no, Yesu tuu kwan kɔɔ Yerusalem kɔdii Twam afahyɛ. Esiane sɛ na nkurɔfo reba kuro no mu abɛdi afahyɛ titiriw yi nti, kuro no mu yɛɛ bagyabagya. Ná ɔtare bi wɔ asɔrefie no atifi fam a wɔfrɛ no Betesda, na ɛhɔ na Yesu hyiaa ɔbarima bi a ɔyɛ obubuafo.

9, 10. (a) Adɛn nti na na nkurɔfo kɔ Betesda ɔtare no ho? (b) Dɛn na Yesu kɔyɛɛ wɔ ɔtare no ho, na dɛn na yɛsua fi mu? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

9 Ná ayarefo pii taa kɔ Betesda. Adɛn ntia? Ná wɔsusu sɛ, sɛ nsuo no hono na ɔyarefo bi kɔtɔ mu a, ɔbɛnya ayaresa. Wo deɛ hwɛ, nnipa a wɔahaw na wɔn anidaso asa a wɔrepɛ ayaresa; ɛhɔ bɛyɛ bagyabagya paa. Ná Yesu yɛ pɛ, enti na ɔnhia ayaresa biara. Ɛnneɛ, dɛn na na ɔreyɛ wɔ hɔ? Ɔdɔ a ɔwɔ ma nnipa nti na ɔkɔɔ hɔ. Ɛhɔ na ɔhyiaa ɔbarima bi a wayare mfe pii; ɛboro mfe dodow a na Yesu de atena asase so.—Kenkan Yohane 5:5-9.

Yesu hwehwɛɛ wɔn a wɔhia mmoa

10 Yesu bisaa ɔbarima no sɛ ɔpɛ sɛ ɔsan nantew bio anaa? Ɔbarima no ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔpɛ sɛ ne ho tɔ no, nanso ɔnni obiara a sɛ ɔtare no hono a, ɔbɛboa no de no akɔto mu. Sɛ wowɔ hɔ a, anka wobɛhu sɛ ɔbarima no werɛ ahow paa. Afei Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ ɔnyɛ biribi a na ɛyɛ den sɛ ɔbɛtumi ayɛ. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnsɔre mfa ne kɛtɛ na ɔnnantew. Enti ɔbarima no faa ne kɛtɛ na ɔsɔre nantewee! Saa anwonwade yi yɛ adanse kɛse a ɛma yɛhu nea Yesu bɛyɛ wɔ wiase foforo no mu. Afei nso ɛma yɛhu sɛ Yesu dɔ nnipa paa. Ɔhwehwɛɛ wɔn a wɔhia mmoa. Ɛsɛ sɛ nea Yesu yɛe no hyɛ yɛn nkuran ma yɛkɔ so hwehwɛ nkurɔfo a nneɛma bɔne a ɛrekɔ so wɔ wiase yi mu ama wɔabotow no wɔ yɛn asasesin mu.

“HWAN NA ƆDE NE NSA KAA M’ATADEƐ NGUGUSOƆ NO?”

11. Asɛm bɛn na ɛwɔ Marko 5:25-34 a ɛma yɛhu sɛ na Yesu dɔ ayarefo?

11 Kenkan Marko 5:25-34. Yareɛ bi a ɛyɛ aniwu yɛɛ ɔbaa bi mfe 12. Yareɛ no maa n’asetena yɛɛ basaa, na ɛkaa ne som mpo. Ná wakɔ nnuruyɛfo pii hɔ, na na ɔde ne sika nyinaa ahwehwɛ ayaresa, nanso yareɛ no yɛɛ kɛse mmom. Da bi, ɔbaa no yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛfa ɔkwan foforo so ama ne ho atɔ no. Enti ɔfaa nipadɔm bi mu de ne nsa kɔkaa Yesu atade. (Leviticus 15:19, 25) Bere a Yesu huu sɛ tumi afi ne mu no, ɔbisaa sɛ, ‘Hwan na ɔde ne nsa kaa me no’? Ɔbaa no de “ehu ne ahopopoɔ bɛhwee n’anim kaa mu nokorɛ nyinaa kyerɛɛ no.” Ná Yesu nim sɛ Yehowa asa ɔbaa no yareɛ, enti ɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Ɔbabaa, wo gyidie ama wo ho atɔ wo. Fa asomdwoeɛ kɔ, wo ho ntɔ wo na wo yareɛ a emu yɛ den no nkɔ.”

Anwonwade ahorow a Yesu yɛe no daa no adi sɛ ɔdwene yɛn ho ankasa, na ɔbɛdi yɛn haw ho dwuma ama yɛn (Hwɛ nkyekyɛm 11, 12)

12. (a) Dɛn na nea yɛasua yi bɛma woaka afa Yesu ho? (b) Nhwɛso bɛn na Yesu yɛ maa yɛn?

12 Sɛ yɛhwɛ sɛnea na Yesu dɔ nnipa, ɛnkanka ayarefo a, ɛka yɛn koma paa. Satan nte saa koraa; ɔpɛ sɛ yɛnya adwene sɛ yɛn so nni mfaso, na obiara nnɔ yɛn. Nanso anwonwade ahorow a Yesu yɛe no daa no adi sɛ ɔdwene yɛn ho ankasa, na ɔbɛdi yɛn haw ho dwuma ama yɛn. Yɛn ani sɔ paa sɛ yɛwɔ Ɔhene ne Ɔsɔfo Panyin a ɔdɔ yɛn! (Hebrifoɔ 4:15) Sɛ yareɛ bi mmɔɔ yɛn da a, ɛbɛtumi ayɛ den sɛ yɛbɛte nka ama obi a wayare bere tenteenten. Nanso, susu Yesu ho hwɛ. Ɛwom sɛ na Yesu nyaree da deɛ, nanso na ɔwɔ ayamhyehye ma ayarefo. Momma yɛnyɛ nea yɛbɛtumi biara nsuasua nea Yesu yɛe no.—1 Petro 3:8.

“YESU SUIƐ”

13. Dɛn na Lasaro wusɔre no ma yɛhu fa Yesu ho?

13 Sɛ afoforo redi yaw a, na ɛhaw Yesu paa. Bere a Yesu adamfo Lasaro wui na ɔhuu sɛ Lasaro abusuafo ne ne nnamfo redi awerɛhoɔ no, “ɔsii apini na ne ho yeraa no.” (Kenkan Yohane 11:33-36.) Ná Yesu nim sɛ ɔbɛnyane Lasaro, nanso ɔsuiɛ. Ná ɛnhaw Yesu sɛ afoforo bɛhu sɛ ɔresu. Ná Yesu dɔ Lasaro ne Lasaro abusuafo paa, enti ɔde tumi a Onyankopɔn de ama no no nyanee Lasaro baa nkwa mu bio!—Yohane 11:43, 44.

14, 15. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔyi adesamma fi amanehunu mu? (b) Dɛn na yɛsua fi asɛm “nkaeɛ ada” mu?

14 Bible ka sɛ Yesu te sɛ n’Agya Yehowa pɛpɛɛpɛ. (Hebrifoɔ 1:3) Anwonwade a Yesu yɛe no ma yɛhu sɛ Yehowa nso pɛ sɛ ɔyi yareɛ, ɛyaw, ne owuo fi hɔ. Ɛrenkyɛ Yehowa ne Yesu de nnipa pii a wɔawuwu bɛsan aba nkwa mu. Yesu kaa sɛ “dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkaeɛ ada mu nyinaa” bɛsɔre.—Yohane 5:28, 29.

15 Yesu de asɛm “nkaeɛ ada” dii dwuma de kyerɛe sɛ Onyankopɔn kae wɔn a wɔawuwu no; ne werɛ mfii wɔn. Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase no bɛtumi akae yɛn adɔfo a wɔawuwu no ho biribiara; ɔbɛkae sɛnea obiara te. (Yesaia 40:26) Ɛnyɛ sɛ Yehowa bɛtumi akae wɔn kɛkɛ, na mmom ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ saa nso. Owusɔre ho asɛm a wɔaka wɔ Bible mu no ma yɛhu nea ɛbɛba wɔ wiase foforo no mu ankasa.

NEA YƐSUA FI YESU ANWONWADE MU

16. Hokwan bɛn na Onyankopɔn asomfo pii bɛnya?

16 Sɛ yɛkɔ so di nokware a, yɛbɛtumi ahu anwonwade mu anwonwade, kyerɛ sɛ, yɛbɛtwa ahohiahia kɛse no! Harmagedon akyi pɛɛ no, yɛbɛhu anwonwade ahorow pii. Saa bere no, onipa biara bɛnya apɔwmuden a ɛdi mũ. (Yesaia 33:24; 35:5, 6; Adiyisɛm 21:4) Wo deɛ, twa ho mfoni wɔ w’adwenem sɛ nkurɔfo reto nneɛma a ɛdidi so yi agu. Ahwehwɛniwa, poma, nnua a mmubuafo de nantew, mmubuafo nkongua, ne ade a wɔn a wɔn asom yɛ den de hyehyɛ wɔn asom tie asɛm. Yehowa nim sɛ ɛbɛhia sɛ obiara a ɔbɛnya ne ti adidi mu wɔ Harmagedon no te apɔw na ne ho yɛ den, efisɛ adwuma pii wɔ hɔ a wɔbɛyɛ. Saa nkurɔfo yi na wɔbɛma yɛn asase fɛfɛ yi nyinaa adan paradise.—Dwom 115:16.

17, 18. (a) Adɛn nti na Yesu yɛɛ anwonwade ahorow? (b) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ nea ɛhia biara na woatumi akɔ wiase foforo no mu bi?

17 Ɛnnɛ, sɛ “nnipakuo kɛseɛ” no kenkan sɛnea Yesu saa ayarefo yareɛ no ho asɛm a, ɛhyɛ wɔn nkuran paa. (Adiyisɛm 7:9) Saa anwonwade ahorow no ma anidaso a yɛwɔ sɛ daakye wɔbɛsa yɛn yareɛ korakora no mu yɛ den. Afei nso, ɛma yɛhu sɛ Onyankopɔn abakan no dɔ adesamma paa. (Yohane 10:11; 15:12, 13) Ayamhyehye kɛse a Yesu wɔ ma nnipa no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa dɔ ne somfo biara yie.—Yohane 5:19.

18 Ɛnnɛ, baabiara a wobɛfa no, ɛyaw, amanehunu, ne owuo nko ara. (Romafoɔ 8:22) Ɛno nti na yɛhia Onyankopɔn wiase foforo no. Saa bere no, nnipa nyinaa bɛnya apɔwmuden a ɛdi mũ a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no. Malaki 4:2 ma yɛnya anidaso sɛ ‘yɛbɛhurihuri sɛ anantwie mma a wɔadɔ sradeɛ,’ na yɛn ani bɛgye na yɛadi ahurusi efisɛ wɔbɛsa yɛn yareɛ na yɛade yɛn ho afi sintɔ biara ho. Momma anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne gyidi a yɛwɔ sɛ ne bɔhyɛ bɛbam no nkanyan yɛn mma yɛnyɛ nea ɛhia sɛ yɛyɛ biara na yɛatumi akɔ wiase foforo no mu bi. Anwonwade ahorow a Yesu yɛe no yɛ ahotɔ a adesamma bɛnya nnansa yi ara wɔ ne nniso ase no ho mpopoe. Hwɛ sɛnea wei hyɛ nkuran!