Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kristo—Onyankopɔn Tumi

Kristo—Onyankopɔn Tumi

“Kristo yɛ Onyankopɔn tumi.”—1 KORINTOFOƆ 1:24.

1. Adɛn nti na Paulo kaa sɛ “Kristo yɛ Onyankopɔn tumi”?

YEHOWA nam Yesu Kristo so daa ne tumi adi wɔ anwonwakwan so. Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔyɛɛ anwonwade pii. Yɛbɛtumi akenkan ebi ho nsɛm wɔ Bible mu ma ahyɛ yɛn gyidi den. (Mateo 9:35; Luka 9:11) Yehowa maa Yesu tumi kɛse ma enti ɔsomafo Paulo kaa sɛ: “Kristo yɛ Onyankopɔn tumi.” (1 Korintofoɔ 1:24) Anwonwade a Yesu yɛe no fa yɛn ho sɛn?

2. Dɛn na yɛbɛtumi asua afi anwonwade a Yesu yɛe no mu?

2 Ɔsomafo Petro kaa sɛ Yesu yɛɛ “anwanwadeɛ” pii. (Asomafoɔ Nnwuma 2:22) Dɛn na saa anwonwade no ma yɛhu? Ɛma yɛhu nea Yesu bɛyɛ wɔ ne Mfirihyia Apem Nniso no mu. Saa bere no, ɔbɛyɛ anwonwade akɛse ama asase so nnipa nyinaa anya so mfaso. Anwonwade a ɔyɛe no san boa yɛn ma yɛte ɔne n’Agya su ahorow ase yie. Yɛbɛsua anwonwade a Yesu yɛe no mu mmiɛnsa ho ade wɔ adesua yi mu, na yɛbɛhu sɛnea saa anwonwade no bɛtumi aboa yɛn nnɛ ne daakye.

ANWONWADE A ƐMA YƐSUA AYAMYE

3. (a) Dɛn na ɛmaa Yesu yɛɛ n’anwonwade a ɛdi kan no? (b) Dɛn na Yesu yɛ de daa ayamye adi wɔ Kana?

3 Yesu yɛɛ n’anwonwade a ɛdi kan wɔ ayeforohyia bi ase wɔ Kana kuro no mu. Yɛnnim nea ɛmaa Yesu yɛɛ saa anwonwade no, nanso nea yɛnim ne sɛ na nsã a wɔde resom ahɔho no renso wɔn nyinaa so. Ná wei bɛtumi ayɛ aniwusɛm paa ama wɔn a wɔaware foforo no, efisɛ na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔsom ahɔho no. Ná Yesu maame Maria ka ahɔho no ho. Yɛmmisa sɛ, Maria ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔnyɛ biribi esiane sɛ ɔnim sɛ Yesu wɔ tumi a ɔde bɛboa nti anaa? Anyɛ yie koraa no, ebia na Maria akae nkɔmhyɛ pii a ɛfa ne ba no ho no, na na ɔnim sɛ wɔbɛfrɛ no “Ɔsorosoroni no Ba.” (Luka 1:30-32; 2:52) Asɛm no ara ne sɛ, na Maria ne Yesu nyinaa pɛ sɛ wɔboa awarefo no. Enti Yesu nam anwonwakwan so maa nsuo lita 380 (galɔn 100) danee “nsã pa.” (Kenkan Yohane 2:3, 6-11.) Ná ɛyɛ nhyɛ sɛ Yesu yɛ saa anwonwade yi anaa? Dabi. Esiane sɛ Yesu dwene nnipa ho nti na ɔyɛɛ saa anwonwade no. Ná ɔresuasua n’Agya a ne yam ye no.

Yesu kaa sɛ ‘yɛnkɔ so mma,’ kyerɛ sɛ, yɛnkɔ so nyɛ adɔe

4, 5. (a) Dɛn na anwonwade a ɛdi kan a Yesu yɛe no ma yɛhu? (b) Dɛn na anwonwade a Yesu yɛe wɔ Kana no ma yɛhu fa nea ɛbɛba daakye ho?

4 Yesu nam anwonwakwan so yɛɛ nsã pa pii ma ɛsoo nnipadɔm no so. Woahu nea yɛbɛtumi asua afi saa anwonwade yi mu? Ɛne sɛ Yehowa ne Yesu tirim nyɛ den, na mmom wɔn yam ye paa. Saa anwonwade yi ma yɛhu sɛ wɔdwene nnipa ho ankasa. Ɛsan ma yɛhu sɛ ɛmfa ho baabiara a yɛte wɔ asase so no, Yehowa nam ne tumi so bɛma yɛanya aduane pii wɔ wiase foforo no mu.—Kenkan Yesaia 25:6.

5 Wo deɛ susu ho hwɛ! Yehowa bɛma yɛn nsa aka nea yɛhia nyinaa nnansa yi ara. Onipa biara bɛnya ofie fɛfɛ atena mu, na wanya aduane pa adi. Sɛ yɛdwendwene nneɛma pa a Yehowa bɛyi ne yam de ama yɛn wɔ Paradise asase so no ho a, yɛn ani gye paa.

Sɛ yɛde yɛn bere di dwuma yie a, na yɛresuasua Yesu (Hwɛ nkyekyɛm 6)

6. Ɔkwan bɛn so na Yesu de ne tumi dii dwuma bere nyinaa, na yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua no?

6 Yesu amfa ne tumi anyɛ nea ɔno ara pɛ da. Ma yɛnhwɛ nea Yesu yɛe bere a Ɔbonsam sɔɔ no hwɛe sɛ ɔmma abo nnan paanoo no. Yesu amfa ne tumi anyɛ nneɛma a ɔno nko ara bɛnya so mfaso. (Mateo 4:2-4) Nanso na Yesu ani gye ho sɛ ɔde ne tumi bɛboa nkurɔfo. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua n’ayamye no? Yesu kaa sɛ ‘yɛnkɔ so mma,’ kyerɛ sɛ, yɛnkɔ so nyɛ adɔe. (Luka 6:38) Ɔkwan baako a yɛbɛtumi afa so ayɛ saa ne sɛ yɛbɛto nsa afrɛ nkurɔfo ma wɔaba yɛn fie abɛdidi. Yɛbɛtumi nso ne obi a ɔhia mmoa bi abɔ nkɔmmɔ bere a yɛapɔn asafo nhyiam. Ebi ne sɛ yɛbɛtie onua bi a ɔrebobɔ ɔkasa bi a ɔbɛma so. Anaasɛ yɛbɛtumi aboa afoforo na yɛatete wɔn wɔ asɛnka mu. Sɛ yɛde anigye boa afoforo bere biara a yɛbɛtumi a, na yɛresuasua ayamye a Yesu daa no adi no bi.

“WƆN NYINAA DIDI MEEƐ”

7. Ɔhaw bɛn na ɛbɛkɔ so atena Satan wiase yi mu?

7 Ohia nyɛ ade foforo; ɛwɔ hɔ fi teteete. Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo sɛ “ohiani rempa w’asase so.” (Deuteronomium 15:11 ) Mfe pii akyi no, Yesu nso kaa sɛ: “Ahiafoɔ deɛ, daa wɔwɔ mo nkyɛn.” (Mateo 26:11) Yɛmmisa sɛ, nea na Yesu reka ne sɛ ahiafo rempa asase so da? Dabi, nea na ɔreka ne sɛ bere tenten a yɛte Satan wiase yi mu no, yɛbɛnya ahiafo wɔ yɛn mu. Sɛ yɛkɔ wiase foforo no mu a, nneɛma bɛyɛ foforo koraa! Saa bere no, obiara renni hia bio. Obiara bɛnya aduane pii adi, na obiara bɛdidi amee!

8, 9. (a) Adɛn nti na Yesu maa nnipa mpempem pii aduane? (b) Saa anwonwade yi ka wo sɛn?

8 Odwontofo no kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Wobue wo nsam na woma ateasefoɔ nyinaa nya deɛ wɔpɛ di mee.” (Dwom 145:16) Bere a Yesu wɔ asase so no, osuasuaa n’Agya pɛpɛɛpɛ, na na ɔtaa yɛ nneɛma a nkurɔfo hia ma wɔn. Ɛnyɛ sɛ na Yesu yɛ saa de kyerɛ sɛ ɔwɔ tumi kɛkɛ, na mmom na ɔdwene nnipa ho ankasa. Momma yɛnsusu Mateo 14:14-21 ho nhwɛ. (Kenkan.) Ná nnipadɔm bi anantew atwa kwan fi nkuro pii so atu adi Yesu akyi. (Mateo 14:13) Ɛduu anwummere no, asuafo no huu sɛ nkurɔfo no abrɛ na ɔkɔm nso de wɔn, enti na ɛhaw asuafo no. Wɔka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔnnya nkurɔfo no kwan ma wɔnkɔtɔ aduane nni. Dɛn na na Yesu bɛyɛ?

9 Yesu de paanoo nnum ne mpataa mmienu maa mmarima 5,000, ne mmaa ne mmofra dii. Adɛn nti na ɔyɛɛ saa anwonwade yi? Efisɛ na Yesu dɔ nnipa, na na ɔdwene wɔn ho. Ɛbɛyɛ sɛ Yesu maa nnipakuw no aduane pii efisɛ “wɔn nyinaa didi meeɛ.” Ná aduane a wɔdii no bɛma wɔanya ahoɔden de atwa kwantenten no asan akɔ wɔn fie. (Luka 9:10-17) Bere a nnipakuw no nyinaa didi mee no, asuafo no sesaa nea ɛkaa ase no, na wɔnyaa nkɛntɛn 12!

10. Dɛn na ɛbɛba ohia so daakye?

10 Esiane sɛ atumfoɔ dodow no ara yɛ adifudepɛ na wɔbɔ nyansakorɔn nti, nnipa ɔpepem pii di hia. Yɛn nuanom binom mpo nnya aduane a ɛbɛso wɔn nni. Nanso nnipa a wɔtie Yehowa bɛtena wiase a nyansakorɔn anaa ohia nnim mu nnansa yi ara. Yehowa na ɔyɛ ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn, ɔwɔ tumi, na ɔpɛ paa sɛ ɔbɛma obiara anya nea ɔpɛ adi amee. Wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma amanehunu aba awiei nnansa yi ara!—Kenkan Dwom 72:16.

Anwonwade a Yesu yɛe no ma yɛnya awerɛhyem sɛ ɔpɛ sɛ ɔde ne tumi yɛ nneɛma pa ma yɛn

11. Dɛn nti na wowɔ ahotoso sɛ Kristo bɛdi tumi wɔ asase nyinaa so nnansa yi ara? Enti dɛn na wopɛ sɛ woyɛ?

11 Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔde mfe mmiɛnsa ne fã pɛ yɛɛ anwonwade wɔ beae ketewaa bi. (Mateo 15:24) Nanso Ɔhene Yesu bɛboa adesamma nyinaa wɔ ne Mfirihyia Apem Nniso no mu. (Dwom 72:8) Anwonwade a Yesu yɛe no ma yɛnya awerɛhyem sɛ ɔpɛ sɛ ɔde ne tumi yɛ nneɛma pa ma yɛn. Yɛnni tumi a yɛde bɛyɛ anwonwade, nanso dɛn na yɛbɛtumi ayɛ? Yɛbɛtumi de yɛn bere ne yɛn ahoɔden aka daakye papa a Bible ahyɛ ho bɔ no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. Ɛno ne Yehowa Adansefo adwuma. (Romafoɔ 1:14, 15) Sɛ yɛdwendwene nneɛma a Kristo bɛyɛ nnansa yi ara ho a, yɛde anigye bɛka ho asɛm akyerɛ afoforo.—Dwom 45:1; 49:3.

YEHOWA NE YESU WƆ ABƆDE MU NNEƐMA SO TUMI

12. Adɛn nti na yɛbɛtumi anya awerɛhyem sɛ Yesu wɔ asase so nneɛma ho nimdeɛ paa?

12 Bere a Onyankopɔn bɔɔ asase ne nneɛma a ɛwɔ so nyinaa no, na Yesu wɔ “ne nkyɛn sɛ odwumayɛni a ne ho akokwa.” (Mmebusɛm 8:22, 30, 31; Kolosefoɔ 1:15-17) Enti Yesu wɔ asase so nneɛma ho nimdeɛ paa. Ɔwɔ abɔde mu nneɛma nyinaa so tumi, na ɔnim sɛnea wɔde di dwuma yie.

Dɛn na w’ani gye ho wɔ anwonwade a Yesu de ne tumi yɛe no ho? (Hwɛ nkyekyɛm 13, 14)

13, 14. Ma nhwɛso fa kyerɛ sɛ Kristo wɔ abɔde mu nneɛma so tumi.

13 Bere a Yesu wɔ asase so no, na ɔwɔ abɔde mu nneɛma so tumi. Ɔde dii dwuma ma ɛdaa adi sɛ Onyankopɔn ama no tumi. Wo deɛ hwɛ sɛnea ɔmaa mframa yɛɛ dinn. (Kenkan Marko 4:37-39.) Bible ho ɔbenfo bi ka sɛ wɔde Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “mframa” wɔ Marko nwoma no mu no ka ahum anaa mframa a ano yɛ den ho asɛm. Ɛkyerɛ mframa gyampantrudu, ahum, aprannaa, ne osuframa. Sɛ saa mframa yi bɔ a, ɛsɛe ade pii. Ɔsomafo Mateo frɛɛ no “ahum kɛseɛ.”—Mateo 8:24.

14 Twa asɛm no ho mfoni hwɛ: Asorɔkye rebɔ hyɛmma no dendeenden ma nsuo rekɔ mu. Dede a asorɔkye no reyɛ ne akɔneaba a ɛde hyɛmma no redi nyinaa akyi no, na Yesu ada hatee efisɛ na wabrɛ. Esiane sɛ na asuafo no suro nti, wɔnyanee Yesu kaa sɛ: “Yɛrebɛwuwu!” (Mateo 8:25) Dɛn na Yesu yɛe? Ɔsɔree, na ɔkasa kyerɛɛ mframa ne ɛpo no sɛ: “Gyina! Yɛ dinn!” (Marko 4:39) Mframa a na ɛrebɔ dendeenden no gyaee, na “ɛyɛɛ dinn.” Wei ma yɛhu sɛ na Yesu wɔ abɔde mu nneɛma so tumi ankasa!

15. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ada no adi sɛ ɔwɔ abɔde mu nneɛma so tumi?

15 Kristo tumi no fi Yehowa hɔ, enti yɛnim sɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no wɔ abɔde mu nneɛma so tumi. Ɛho nhwɛso ni. Ansa na Nsuyiri no reba no, Yehowa kaa sɛ: “Aka nnanson pɛ na mama nsuo atɔ agu asase so adaduanan, awia ne anadwo.” (Genesis 7:4) Afei nso, Exodus 14:21 ka sɛ: “Yehowa maa apueeɛ mframa denden bɔɔ anadwo no nyinaa, na ɛpiaa nsuo no kɔɔ akyire.” Yona 1:4 nso kenkan sɛ: “Yehowa maa mframa kɛseɛ bi bɔ faa po no so, na ahum kɛseɛ bi tuiɛ, na hyɛn no yɛɛ sɛ deɛ ɛrebɛbɔ.” Ɛhyɛ nkuran sɛ yɛahu sɛ wɔ wiase foforo no mu no, Yehowa bɛkɔ so adi abɔde mu nneɛma so tumi.

16. Adɛn nti na ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yɛbɛhu sɛ Yehowa ne Yesu wɔ abɔde mu nneɛma so tumi?

16 Ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yɛbɛhu sɛ Yehowa ne Yesu wɔ abɔde mu nneɛma so tumi. Wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu no, obiara a ɔwɔ asase so bɛtena ase dwoodwoo. Atoyerɛnkyɛm te sɛ ahum, asasewosow a ɛsi wɔ po mu ma nsuo twi fa asase so, ogya a ɛpae fi mmepɔ mu anaa asasewosow rempira nnipa, na ɛrenkum obiara bio. Atoyerɛnkyɛm biara renyi yɛn hu efisɛ “Onyankopɔn ntomadan” bɛtena adesamma mu! (Adiyisɛm 21:3, 4) Yɛbɛtumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛma Yesu tumi ma ɔde adi abɔde mu nneɛma so wɔ ne Mfirihyia Apem Nniso no mu.

SUASUA ONYANKOPƆN NE KRISTO NNƐ

17. Dɛn na yɛyɛ nnɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛresuasua Onyankopɔn ne Kristo?

17 Yɛrentumi nsi atoyerɛnkyɛm kwan. Yehowa ne Yesu nkutoo na wɔbɛtumi ayɛ saa. Nanso biribi wɔ hɔ a yɛbɛtumi ayɛ. Yɛbɛtumi de asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 3:27 no ayɛ adwuma. (Kenkan.) Sɛ yɛn nuanom rehu amane a, yɛbɛtumi aboa wɔn ma wɔn nsa aka nea wɔhia wɔ honam fam, na yɛahyɛ wɔn nkuran akyekye wɔn werɛ. (Mmebusɛm 17:17) Yɛbɛtumi aboa yɛn nuanom bere a atoyerɛnkyɛm bi ato wɔn. Okunafo bi a ne fie bubui bere a ahum kɛse bi tui no kaa sɛ: “Meda Yehowa ahyehyɛde no ase paa sɛ aboa me honam fam ne honhom fam nyinaa.” Bere a ahum bi bubuu onuawa bi a ɔnwaree fie no, n’anidaso nyinaa sae. Anuanom kɔsiesiee ne fie no maa no, na ɔkaa sɛ: “Menhu nea menka mpo. Ɛboro m’adwene ne me ntease so koraa!” Ɔtoaa so sɛ: “Yehowa, meda wo ase!” Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛn nuanom mmarima ne mmaa dwene afoforo ahiade ho saa. Nea ɛsen saa no, ɛyɛ yɛn dɛ sɛ Yehowa ne Yesu Kristo nso dwene yɛn ho paa.

18. Dɛn na w’ani gye ho wɔ nea enti a Yesu yɛɛ anwonwade no ho?

18 Bere a Yesu reyɛ asɛnka adwuma no, ɔdaa no adi sɛ ‘ɔyɛ Onyankopɔn tumi.’ Nanso wanyɛ saa sɛ ɔde repɛ nnipa anim anuonyam anaa ɔde reyɛ biribi a ɔno nko ara bɛnya so mfaso. Mmom, ɔdɔ a Yesu wɔ ma nnipa nti na ɔde ne tumi yɛɛ anwonwade ahorow. Yɛbɛsua wei ho ade pii wɔ adesua a ɛdi hɔ no mu.