Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Ɔdɔ a Medii Kan Nyae no Aboa Me Ma Makɔ So Asom

Ɔdɔ a Medii Kan Nyae no Aboa Me Ma Makɔ So Asom

JUNE 1970 no, na meda ayaresabea wɔ Pennsylvania, United States. Ná meyɛ ɔsraani a madi mfe 20, na na meyare dendeenden. Simma aduasa biara, na nɛɛse barima bi ba bɛhwɛ sɛnea me koma rebɔ. Ná nɛɛse no anyin sen me kakra, na na mehu sɛ wayɛ basaa. Ná sɛnea mogya redi me mu aforosiane no rekɔ fam, enti mebisaa nɛɛse no sɛ, “Woahu sɛ obi rewu pɛn?” Ɛhɔ ara na n’anim sesae, na ɔbuaa sɛ, “Dabi, menhuu bi da.” Ná ɛyɛ me sɛ merebɛwu, nanso manwu. Ma menka m’asetenam nsɛm kakra nkyerɛ wo.

NNEƐMA A ƐDI KAN A MEHUU WƆ ƆKO MU

Mekɔɔ ɔko wɔ Vietnam. Ná meyɛ adwuma wɔ ɔdan a wɔyɛ oprehyɛn wom mu, na mebɛyaree. Ná m’ani gye ho sɛ mɛboa ayarefo ne wɔn a wɔapirapira no, na na nea ɛsi m’ani so ne sɛ daakye mɛyɛ nkurɔfo oprehyɛn. Mekɔɔ Vietnam July 1969. Sɛ ɔsraani biara ba hɔ foforo a, na wɔma no nnawɔtwe sɛ ɔmfa nnwudwo ne ho efisɛ ɛsono hɔnom wim tebea. Saa ara na wɔyɛɛ me.

Wɔde me kɔɔ asraafo ayaresabea bi wɔ Mekong Delta sɛ menkɔyɛ adwuma. Helikopta pii de asraafo a wɔapirapira baa ayaresabea hɔ. Ná medɔ me man, na na m’ani gye adwuma a meyɛ no ho, enti na mepɛ sɛ meboa me nkurɔfo ntɛm ara. Ná yɛhwɛ asraafo a wɔapirapira no, na sɛ ɛhia sɛ wɔyɛ wɔn oprehyɛn a, ntɛm ara na yɛde wɔn kɔ ɔdan a wɔyɛ oprehyɛn wom no mu; na mfiri a ɛma ɔdan mu dwo wɔ saa dan no mu. Dɔkota a ɔyɛ oprehyɛn, ne nea ɔmma nkurɔfo nte yaw bere a wɔreyɛ wɔn oprehyɛn, ne nɛɛsefo mmienu yɛɛ nea wɔbɛtumi biara sɛ wɔbɛgye nkurɔfo nkwa. Mehuu sɛ bag akɛseakɛse tuntum bi gugu helikopta no mu, nanso ɛno deɛ, na wɔnyi. Wɔka kyerɛɛ me sɛ ɛyɛ asraafo a atopae atete wɔn nam na ɛgu mu. Nneɛma a mehuu wɔ ɔko mu no baako pɛ ni.

MEHWEHWƐƐ ONYANKOPƆN

Bere a ɛdi kan a metee asɛmpa no, na meyɛ abofra

Bere a ɛdi kan a metee nokware no ho asɛm fii Yehowa Adansefo hɔ no, na meyɛ abofra. Me maame ne Adansefo no suaa Bible, nanso wammɔ asu da. Ná metaa tena me maame adesua no mu tie bi, na na m’ani gye ho paa. Da bi, me ne me maame kunu kɔtwaam wɔ Ahenni Asa bi anim. Mebisaa no sɛ, “Ɛdan bɛn ni?” Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Hwɛ na woammɛn saa nkurɔfo no da!” Esiane sɛ na medɔ me maame kunu no na megye no di nti, metiee no, na me ne Yehowa Adansefo ansua ade bio.

Nanso, bere a mefi Vietnam bae no, nneɛma pii wɔ hɔ a mekaakae a na ɛhyɛ me awerɛhoɔ. Esiane nneɛma a mehuu wɔ ɔko no mu nti, na menni tema biara. Ná ɛte sɛ nea obiara nnim nea na ɛrekɔ so ankasa wɔ Vietnam. Mekae sɛ nkurɔfo yɛɛ ɔyɛkyerɛ, na wɔkaa sɛ U.S. asraafo kunkum mmofra. Nea enti a wɔkaa saa ne sɛ na wɔate sɛ wɔkunkum mmofra wɔ ɔko no mu. Saa nsɛm yi nyinaa ma mehuu sɛ ɛsɛ sɛ mehwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan.

Esiane sɛ na merehwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan nti, mefii ase kɔɔ asɔre ahorow. Ɛwom sɛ na medɔ Onyankopɔn deɛ, nanso m’ani annye nneɛma a mehuu wɔ saa asɔre ahorow no mu no ho. Awiei koraa no, mekɔɔ Ahenni Asa so wɔ Delray Beach, Florida. Bere a ɛdi kan a mekɔɔ asafo nhyiam yɛ February 1971; na ɛyɛ Kwasida.

Bere a meduu Ahenni Asa no so no, na wɔreyɛ awie baguam kasa no, enti metenaa ase tiee Ɔwɛn-Aban Adesua no. Menkae Ɔwɛn-Aban Adesua no asɛmti, nanso mekae sɛ na mmofra no rebuebue wɔn Bible mu rehwehwɛ kyerɛwsɛm ahorow. Ɛkaa me koma paa! Meyɛɛ komm tiee adesua no, na mehwɛɛ nea na ɛrekɔ so no. Bere a merefi asa no so no, onua bi a wadi bɛyɛ mfe 80 baa me nkyɛn. Ná wɔfrɛ no Jim Gardner. Ɔde Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nwoma no maa me, na ɔbisaa me sɛ, “W’ani gye nwoma yi ho?” Mekaa sɛ aane, na yɛyɛɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛhyiam Yawda anɔpa ayɛ Bible adesua a ɛdi kan.

Bere a yɛpɔn adesua Kwasida no, na ɛsɛ sɛ mekɔ adwuma. Ná meyɛ adwuma wɔ ayaresabea bi wɔ Boca Raton, Florida. Ná meyɛ adwuma fi anadwo 11 kɔsi anɔpa 7. Saa anadwo no, ayarefo pii amma hɔ, enti metumi kenkan Nokware nwoma no. Nɛɛseni bi hwim nwoma no fii me nsam hwɛɛ akyi, na ɔbisaa me sɛ mepɛ sɛ mebɛyɛ Yehowa Dansefo anaa. Mesan hwim nwoma no fii ne nsam, na meka kyerɛ no sɛ ɛwom sɛ menkan nwoma no nnuu baabiara deɛ, nanso meredwene ho paa sɛ mɛba abɛyɛ Ɔdansefo. Nɛɛseni no gyaa me hɔ kɔe, na mekenkan nwoma no wiei saa anadwo no.

Jim Gardner na ɔne me suaa Bible, ɔyɛ Kristoni a wɔasra no, na na ɔnim Charles Taze Russell

Da a ɛdi kan a me ne Onua Gardner fii ase suaa Bible no, mebisaa no sɛ, “Dɛn na yɛrebɛsua?” Ɔbuaa sɛ, “Nwoma a mede maa wo no.” Mekaa sɛ, “Makenkan awie dedaw.” Onua Gardner ka kyerɛɛ me sɛ, “Wo deɛ ɛnyɛ hwee, ma yɛnsua nwoma no ti a ɛdi kan no.” Bere a ɔne me suae no, nneɛma a mehui no yɛɛ me nwonwa paa. Ɔmaa mekenkan kyerɛwsɛm pii wɔ King James Version Bible a na mekura no mu. Afei deɛ, na meresua nokware Nyankopɔn Yehowa ho ade. Saa anɔpa no, Jim ne me suaa Nokware nwoma no ti 1 kɔsii ti 3. Ɛno akyi no, Yawda anɔpa biara na yɛsua ti ahorow mmiɛnsa. Ná m’ani gye adesua a yɛyɛ no ho paa. Ná onua a ɔne me sua ade no yɛ Kristoni a wɔasra no a ɔnim Charles T. Russell. Ɛyɛ hokwan kɛse paa a menyae!

Bere a mesuaa ade nnawɔtwe kakraa bi no, wɔmaa me kwan sɛ menka asɛmpa no bi. Ná afie afie asɛnka adwuma no yɛ den ma me, nanso Jim boaa me ma medii me haw nyinaa so. (Asomafoɔ Nnwuma 20:20) Ɛno nti, m’ani bɛgyee asɛnka adwuma no ho. Megye di sɛ asɛnka adwuma no yɛ hokwan a ɛsen biara a manya. Ɛyɛ me dɛ paa sɛ matumi abɛyɛ Onyankopɔn yɔnko dwumayɛni!—1 Korintofoɔ 3:9.

ƆDƆ A MEDII KAN NYA MAA YEHOWA

Afei ma menka biribi a ɛda me koma so ho asɛm nkyerɛ wo; ɛno ne ɔdɔ a medii kan nya maa Yehowa. (Adiyisɛm 2:4) Sɛ mekaakae nneɛma a mehuu wɔ ɔko no mu ne ɔhaw afoforo pii a mahyia a, ɛhyɛ me awerɛhoɔ. Ɔdɔ a menya maa Yehowa no aboa me ma matumi agyina ne nyinaa no.—Yesaia 65:17.

Sɛ mekaakae nneɛma a mehuu wɔ ɔko no mu ne ɔhaw afoforo pii a mahyia a, ɛhyɛ me awerɛhoɔ. Ɔdɔ a menya maa Yehowa no aboa me ma matumi agyina ne nyinaa ano

Mebɔɔ asu July 1971 wɔ “Onyankopɔn Din” Ɔmantam Nhyiam ase wɔ Yankee Stadium

Afe 1971 no, me maame kunu no tuu me fii fie. Adɛn ntia? Na me maame kunu no mpɛ sɛ Yehowa Danseni biara tena ne fie! Saa bere no na sika a ɛwɔ me ho sua. Ná ayaresabea no tua me ka nnawɔtwe mmienu biara, na na mede me sika dodow no ara atotɔ ntade a mede bɛkɔ asɛnka efisɛ na mepɛ sɛ mesiesie me ho ma ɛfata Yehowa somfo. Ná mewɔ sika kakra wɔ sikakorabea bi, nanso na ɛwɔ me kurom wɔ Michigan. Enti na ɛsɛ sɛ mede me kar no yɛ me fie nna kakra. Sɛ mɛdware asiesie me ho a, na gye sɛ mekɔ baabi a wɔtɔn pɛtro.

Da bi, bere a na me kar no da so ara yɛ me fie no, mepɔn adwuma wɔ ayaresabea hɔ, na meyɛɛ sɛ merekɔhyia wɔ Ahenni Asa so akɔ asɛnka. Meduu hɔ no, na bere nnya nsoe koraa. Enti mekɔtenaa Ahenni Asa no akyi baabi a obiara renhu me. Vietnam ɔko no mu nsɛmnsɛm san baa me tirim. Ná ɛte sɛ nea mete nnipa nam a ɛrehye no pampan, na na mogya a ɛrepram nkurɔfo no gyinagyina m’ani so, na mefii ase yɛɛ basaa. Wɔ m’adwenem no, na ɛte sɛ nea mehu mmerante no na mete sɛ wɔrebisa me sɛ: “Enti mɛwu? Mɛwu anaa?” Ná menim sɛ wɔbɛwu, nanso mebɔɔ mmɔden kyekyee wɔn werɛ, na mema wɔnyaa adwene sɛ biribiara bɛkɔ yie. Bere a mete hɔ no, awerɛhoɔ hyɛɛ me ma.

Bere biara a mɛhyia ɔhaw wɔ asetenam no, meyɛ nea mɛtumi biara sɛ mɛkae ɔdɔ a medii kan nya maa Yehowa no

Mebɔɔ Yehowa mpae, na mesui paa. (Dwom 56:8) Mefii ase dwendwenee owusɔre ho dendeenden. Saa da no na mehuu sɛ owusɔre anidaso no yɛ ade a ɛso bi nni! Yehowa bɛsan de saa mmerante no aba nkwa mu bio, na wɔbɛnya hokwan asua Yehowa ho nokwasɛm. Owusɔre no bɛyi ɛyaw ne amanehunu a yɛafa mu no nyinaa afi hɔ. (Asomafoɔ Nnwuma 24:15) Bere a metee saa asɛm no ase no, ɔdɔ a mewɔ ma Yehowa no mu yɛɛ den sen bere biara. Meda so ara hwɛ saa da no kwan dendeenden. Efi saa da no, bere biara a mɛhyia ɔhaw wɔ asetenam no, meyɛ nea mɛtumi biara sɛ mɛkae ɔdɔ a medii kan nya maa Yehowa no.

YEHOWA NE ME ADI NO YIE

Sɛ ɔko ba a, nkurɔfo di amumɔyɛsɛm pii, na saa na me nso meyɛe. Nanso kyerɛwsɛm mmienu a m’ani gye ho paa a medwendwene ho no kyekye me werɛ. Nea ɛdi kan ne Adiyisɛm 12:10, 11. Ɛka sɛ, asɛnka adwuma a yɛyɛ no ne Yesu mogya na ɛdi Ɔbonsam so nkonim. Nea ɛto so mmienu ne Galatifoɔ 2:20. Ɛkae me sɛ Yesu wu maa me. Kristo afɔrebɔ no nti, Yehowa de nea mayɛ nyinaa akyɛ me. Enti seesei mewɔ ahonim pa ne ɔpɛ a emu yɛ den sɛ mɛka yɛn Nyankopɔn mmɔborɔhunufo Yehowa no ho asɛm akyerɛ afoforo!—Hebrifoɔ 9:14.

Sɛ medwendwene nneɛma a mafa mu wɔ asetenam no ho a, mehu pefee sɛ Yehowa ne me adi no yie. Ɛho nhwɛso bi ni. Ɛda a Jim huu sɛ me kar no na ɛyɛ me fie no, ɔne me kɔɔ onuawa bi a ɔwɔ adan a ɔde hane nkyɛn. Megye di paa sɛ Yehowa faa Jim ne onuawa no so ma menyaa baabi pa tenae. Yehowa yam ye paa! Ɔhwɛ n’asomfo anokwafo so.

MESUAE SƐ MƐYƐ NSI NE ANIFERE

May 1971 no, ɛho bɛhiae sɛ mekɔ Michigan. Enti merebɛfi Florida no, mede nwoma pii hyɛɛ me kar no akyi, na mede m’ani kyerɛɛ atifi fam. Bere a mefi Florida duu Georgia no, na mama nwoma no nyinaa awie. Mede nsi ne ahokeka kaa Ahenni ho asɛmpa no wɔ baabiara a mekɔe. Mekaa asɛm no wɔ afiase, na memaa mmarima a na wɔwɔ adwonsɔe nyinaa mpo nkratawa. Mentumi nhu sɛ wɔn a mekaa nokware no ho asɛm kyerɛɛ wɔn no bi gyee nokware no anaa.—1 Korintofoɔ 3:6, 7.

Momma menka, bere a mehuu nokware no foforo no, na menyɛ anifere, titiriw sɛ me ne m’abusuafo rekasa a. Ɛtɔ da bi a na meka me nsɛm penpen dodo. Mepɛ me nua John ne me nua Ron asɛm paa, nanso sɛ mereka asɛm no akyerɛ wɔn a, na mehyɛ wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛgye nea mereka no atom. Akyiri yi mepaa wɔn kyɛw. Nanso mekɔ so bɔ mpae sɛ wɔbɛgye nokware no. Efi saa bere no, Yehowa aboa me ma sɛ mereka asɛm no na merekyerɛkyerɛ a, meyɛ anifere paa.—Kolosefoɔ 4:6.

AFOFORO A MEDƆ WƆN

Me ne Yehowa adamfofa ho hia me paa sen biribiara wɔ m’asetenam. Nanso afoforo wɔ hɔ a medɔ wɔn paa, titiriw me yere Susan a ɔda me koma so no. Bere a mesii so nyinaa na merepɛ ɔbaa a ɔbɛboa me ma makɔ so asom Yehowa. Susan yɛ ɔbaa mmɔdenbɔfo a ɔdɔ Yehowa paa. Bere a na yɛreyɛ nhyehyɛe aware no, da bi mekɔsraa no wɔ n’awofo fie wɔ Rhode Island. Ná ɔte abrannaa so rekenkan Ɔwɛn-Aban, na na ne Bible da ne nkyɛn. Ade a m’ani gyee ho paa ne sɛ na ɛnyɛ adesua asɛm na ɔrekenkan, nanso na ɔkenkan kyerɛwsɛm a wɔatwe adwene asi so no nyinaa. Mehuu sɛ na ɔne Yehowa abusuabɔ ho hia no paa. Yɛwaree December 1971. Meda Yehowa ase paa sɛ manya ɔyere a ɔyɛ ɔboafo saa. Nea m’ani sɔ paa ne sɛ ɛwom sɛ ɔdɔ me deɛ, nanso ɔdɔ Yehowa paa.

Me ne me yere, Susan, ne yɛn mma, Paul ne Jesse

Yehowa ahyira yɛn ma yɛanya mmabarima mmienu, Jesse ne Paul. Bere a wɔrenyin no, Yehowa dii wɔn akyi. (1 Samuel 3:19) Wɔn ankasa afa Yehowa adamfo, na wei ma yɛn ani gye paa. Wɔn mu biara de bɛboro mfe 20 ayɛ bere nyinaa som adwuma. Wɔn mmienu nyinaa akɔ so asom Yehowa efisɛ wɔkae ɔdɔ a wɔdii kan nya maa Yehowa no. M’ani gye me mma yerenom ahoɔfɛfo no ho paa; mebu wɔn sɛ me ara me mma mmaa. Wɔn din de Stephanie ne Racquel. Meda Yehowa ase paa sɛ me mma mmarima no aware mmaa a wɔde wɔn koma nyinaa dɔ Yehowa, na wɔde wɔn bere nyinaa resom no.—Efesofoɔ 6:6.

Ná yɛn abusua no kɔboa wɔ asasesin a wɔntaa nyɛ mu adwuma mu

Mede mfe 16 yɛɛ ɔsom adwuma no wɔ Rhode Island, na menyaa nnamfo pii wɔ hɔ. Meda so ara kae mpanyimfo mmɔdenbɔfo a na me ne wɔn som wɔ hɔ no. Saa ara nso na m’ani sɔ nea ahwɛfo akwantufo no yɛ de boaa me no paa. Manya hokwan kɛse ne wɔn a wɔakɔ so akura ɔdɔ a wɔdii kan nya maa Yehowa no mu no abom resom no. Yɛtu kɔɔ North Carolina afe 1987. Ná wɔhia mmoa wɔ hɔ paa, na ɛhɔ nso yɛnyaa nnamfo pa pii. *—Hwɛ ase hɔ asɛm no.

Mereyɛ asɛnka nhyiam bere a na meyɛ ɔhwɛfo kwantufo no

August 2002 no, wɔtoo nsa frɛɛ me ne Susan sɛ yɛnkɔka United States Betel abusua no ho wɔ Patterson. Meyɛɛ adwuma wɔ Ɔsom Dwumadibea, ɛnna Susan yɛɛ adwuma wɔ baabi a wɔsi nneɛma. Ná n’ani gye adwuma no ho paa! Menyaa hokwan kɔkaa Akwankyerɛ Kuw no ho August 2005. Ná ɛyɛ me sɛ memfata saa adwuma foforo yi. Sɛ Susan hwɛ adwuma ne akwantu a ɛwɔ ɔsom hokwan yi mu no a, na ɔte nka sɛ ɛboro no so. Ɔmpɛ wimhyɛn mu tena, nanso yɛde wimhyɛn tutu akwan pii. Afotu pa a Akwankyerɛ Kuw no mufo a wɔaka yerenom de ama no no aboa no paa. Wasi ne bo sɛ ɔbɛboa me, na ama medɔ no paa!

Mfoni a ɛyɛ fɛ pii sisi me ɔfese a ɛkae me anigye kɛse a manya wɔ asetena mu. Mayɛ nea mɛtumi nyinaa de akae ɔdɔ a medii kan nya maa Yehowa no. Wei ama manya nhyira pii!

Sɛ me ne m’abusua bom yɛ ade a, m’ani gye paa

^ nky. 30 Wobɛnya Onua Morris bere nyinaa som adwuma no ho nsɛm pii wɔ March 15, 2006, Ɔwɛn-Aban, kratafa 26.