Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Boa Ma Honhom Fam Paradise no Nkɔ So Nyɛ Fɛ

Boa Ma Honhom Fam Paradise no Nkɔ So Nyɛ Fɛ

“Mɛhyɛ me nan sibea animuonyam.”YESAIA 60:13.

NNWOM: 102, 75

1, 2. Hebri Kyerɛwnsɛm mu no, dɛn na na wɔde asɛm “nan ntiasoɔ” no gyina hɔ ma?

YEHOWA NYANKOPƆN kaa sɛ: “Ɔsoro yɛ m’adwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ.” (Yesaia 66:1) Onyankopɔn san kaa ne “nan ntiasoɔ” ho asɛm sɛ: “Mɛhyɛ me nan sibea animuonyam.” (Yesaia 60:13) Ɔkwan bɛn so na ɔhyɛ ne nan ntiaso no anuonyam anaa ɔma ɛyɛ fɛ? Dɛn na wei kyerɛ ma wɔn a wɔte ne nan ntiaso a ɛne asase so no?

2 Hebri Kyerɛwnsɛm mu no, wɔde asɛmfua “nan ntiasoɔ” no gyina hɔ ma asɔrefie a na ɛwɔ tete Israel no nso. (1 Berɛsosɛm 28:2; Dwom 132:7) Ná asɔrefie no ne baabi titiriw a wɔde nokware som ma Yehowa, enti na asɔrefie no yɛ no fɛ paa. Ná wɔde hyɛ Yehowa anuonyam wɔ asase so.

3. Ɛnnɛ, ɛhe titiriw na wɔde nokware som ma Yehowa, na bere bɛn na efii ase?

3 Ɛnnɛ, ɛhe titiriw na wɔde nokware som ma Yehowa? Ɛnyɛ dan te sɛ asɔrefie no. Ɛyɛ honhom fam asɔrefie, na ɛhyɛ Yehowa anuonyam sen ɔdan biara. Dɛn ne honhom fam asɔrefie no? Ɛyɛ nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ a ɛma nnipa tumi ne no fa adamfo na wɔsom no. Yesu agyede no nkutoo na ɛma saa nhyehyɛe yi tumi yɛ yie. Saa nhyehyɛe yi fii ase afe 29. Saa bere no na wɔbɔɔ Yesu asu na wɔsraa no sɛ Yehowa honhom fam asɔrefie no Sɔfo Panyin.—Hebrifoɔ 9:11, 12.

Ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo yi no ayɛ seesei ara, wɔ asase so ha yi ara

4, 5. (a) Sɛnea Dwom 99 kyerɛ no, dɛn na Yehowa asomfo anokwafo pɛ sɛ wɔyɛ? (b) Asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛbisa yɛn ho?

4 Yɛda Onyankopɔn ase paa sɛ wayɛ nokware som ho nhyehyɛe ama yɛn. Yɛka Yehowa din ne agyede a ɛsom bo paa a ɔde akyɛ yɛn no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo de kyerɛ ho anisɔ. Ɛnnɛ yɛdi ahurusi sɛ nokware Kristofo bɛboro ɔpepem nwɔtwe reyi Yehowa ayɛ da biara! Bere a ɔsom ahorow mufo di mfomso susu sɛ, sɛ wɔwu a wɔbɛkɔ soro akɔyi Onyankopɔn ayɛ no, Yehowa nkurɔfo nim sɛ ɛhia sɛ wɔyi no ayɛ seesei ara, wɔ asase so ha yi ara.

5 Sɛ yɛyi Yehowa ayɛ a, na yɛresuasua Onyankopɔn asomfo anokwafo a Dwom 99:1-3, 5 ka wɔn ho asɛm no. (Kenkan.) Mmarima anokwafo te sɛ Mose, Aaron, ne Samuel yeree wɔn ho boaa nhyehyɛe a Onyankopɔn yɛ maa nokware som tete no. (Dwom 99:6, 7) Ɛnnɛ, ansa na Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no bɛkɔ soro ne Yesu akɔsom sɛ asɔfo no, wɔde nokwaredi som Yehowa wɔ honhom fam asɔrefie no fã a ɛwɔ asase so no mu. “Nnwan foforɔ” ɔpepem pii nso de nokwaredi reboa wɔn. (Yohane 10:16) Akuw mmienu yi nyinaa de baakoyɛ resom Yehowa. Nanso ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ, ‘Mede m’ahoɔden nyinaa reboa nhyehyɛe a Yehowa ayɛ ama nokware som no anaa?’

NEA ƐBƐMA YƐAHU WƆN A WƆRESOM WƆ ONYANKOPƆN HONHOM FAM ASƆREFIE HƆ

6, 7. Ɔhaw bɛn na ɛsɔree wɔ tete Kristofo asafo no mu, na ɛduu afe 1919 no, dɛn na ɛsii?

6 Bere a wɔtee Kristofo asafo no, anni mfe 100 mpo na ɔwae fii ase sɛnea na wɔaka ho asɛm ato hɔ no. (Asomafoɔ Nnwuma 20:28-30; 2 Tesalonikafoɔ 2:3, 4) Ɛno akyi no, ɛbɛyɛɛ den paa sɛ obi bɛhu wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo. Mfe pii twaam ansa na Yehowa rema Yesu akyerɛ wɔn a wɔresom Onyankopɔn ankasa wɔ Yehowa honhom fam asɔrefie hɔ.

7 Ɛduu afe 1919 no, wɔn a Onyankopɔn agye wɔn atom a wɔresom wɔ ne honhom fam asɔrefie no bɛdaa adi pefee. Ná wɔayɛ nsakrae sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa bɛgye wɔn som atom. (Yesaia 4:2, 3; Malaki 3:1-4) Enti anisoadehu a ɔsomafo Paulo nyae mfe pii a na atwam no fii ase baa mu.

8, 9. “Paradise” bɛn na Paulo huu wɔ anisoadehu mu no?

8 Wɔaka anisoadehu a Paulo nyae no ho asɛm wɔ 2 Korintofoɔ 12:1-4. (Kenkan.) Yehowa kyerɛɛ Paulo biribi a ɛbɛba daakye wɔ saa anisoadehu no mu. “Paradise” bɛn na Paulo hui no? Nea ɛdi kan, ɛbɛtumi akyerɛ Paradise a ɛbɛba asase so nnansa yi ara no. (Luka 23:43) Nea ɛto so mmienu, ɛbɛtumi agyina hɔ ama honhom fam paradise a ɛdi mũ a ɛbɛba wiase foforo no mu no. Afei, nea ɛto so mmiɛnsa, ɛbɛtumi akyerɛ tebea papa a ɛwɔ soro wɔ “Onyankopɔn paradise” no mu.—Adiyisɛm 2:7.

9 Ɛnneɛ, adɛn nti na Paulo kaa sɛ “ɔtee nsɛm a wɔmmɔ soɔ a mmara mma ho kwan sɛ onipa ka”? Efisɛ na bere nsoe sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa a ɔhui wɔ anisoadehu mu no nyinaa mu. Nanso, ɛnnɛ Yehowa ama yɛn kwan ma yɛka nhyira a ne nkurɔfo nya seesei ara no ho asɛm kyerɛ afoforo!

10. Adɛn nti na honhom fam paradise no ne honhom fam asɔrefie no nyɛ ade koro?

10 Yɛtaa ka honhom fam paradise ho asɛm, nanso ɛyɛ dɛn? Ɛyɛ asomdwoe soronko a ɛwɔ yɛne Onyankopɔn ne yɛn nuanom ntam. Enti ɛsono honhom fam paradise ɛnna ɛsono honhom fam asɔrefie no. Honhom fam asɔrefie no yɛ nokware som ho nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ. Ɛnna honhom fam paradise no ma yɛhu wɔn a Onyankopɔn agye wɔn atom pefee a wɔresom no wɔ ne honhom fam asɔrefie hɔ no.—Malaki 3:18.

11. Hokwan bɛn na yɛanya nnɛ?

11 Ɛyɛ anigyesɛm sɛ yɛahu sɛ efi afe 1919 reba no, Yehowa ama nnipa a wɔnyɛ pɛ kwan sɛ wɔmmoa mma wɔnhyehyɛ honhom fam paradise no, wɔnhyɛ mu den, na wɔntrɛw mu. Woreboa ma wɔayɛ adwuma kɛse yi? W’ani sɔ sɛ woanya hokwan ne Yehowa reyɛ adwuma de ahyɛ no anuonyam wɔ asase so anaa?

YEHOWA AMA N’AHYEHYƐDE NO AYƐ FƐ PAA

12. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yesaia 60:17 abam? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

12 Odiyifo Yesaia ka too hɔ sɛ wɔbɛyɛ nsakrae akɛse wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no mu. (Kenkan Yesaia 60:17.) Kristofo a wɔyɛ mmofra ne wɔn a wɔaba asafo no mu foforo akenkan saa nsakrae yi ho asɛm, anaa wɔate ho asɛm kɛkɛ. Nanso anuanom mmarima ne mmaa pii ahu sɛnea saa nsakrae akɛse yi te ankasa! Saa asomfo anokwafo yi gye di paa sɛ Onyankopɔn nam yɛn Hene Yesu so rekyerɛ N’ahyehyɛde no kwan! Sɛ yɛtie saa Kristofo yi suahu ahorow a, ɛbɛhyɛ gyidi ne ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no den.

Honhom fam paradise no yɛ asomdwoe soronko a ɛwɔ nokware Kristofo ntam

13. Sɛnea Dwom 48:12-14 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

13 Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo nyinaa ka Yehowa ahyehyɛde no ho asɛm kyerɛ afoforo. Ɛwom mpo sɛ yɛte Satan wiase bɔne yi mu deɛ, nanso asomdwoe ne baakoyɛ wɔ yɛne yɛn nuanom ntam. Wei yɛ anwonwade kɛse! Ɛsɛ sɛ yɛde anigye ka Yehowa ahyehyɛde no ne honhom fam paradise no ho asɛm kyerɛ “nkyirimma”!—Kenkan Dwom 48:12-14.

14, 15. Afe 1970 akyi no, nsakrae bɛn na wɔyɛe, na ɔkwan bɛn so na aboa ahyehyɛde no?

14 Wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ yɛn asafo ahorow mu no pii ankasa ahu nsakrae a ama Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no ayɛ fɛ paa no. Wɔkae sɛ bere bi na yɛnni mpanyimfo kuw wɔ asafo no mu, na mmom asafo somfo. Wɔkae nso sɛ kan no, na onipa baako na ɔhwɛ baa dwumadibea so, na mmom ɛnyɛ Baa Boayikuw. Saa ara nso na wɔkae sɛ na Ɔwɛn Aban Asafo no titenani na ɔde akwankyerɛ ma, na ɛnyɛ Yehowa Adansefo Akwankyerɛ kuw no. Ɛwom sɛ na saa anuanom yi nyinaa wɔ aboafo a wɔdi nokware deɛ, nanso na onipa baako na ɛkame ayɛ sɛ ɔsi biribiara ho gyinae wɔ asafo ahorow mu, baa dwumadibea ahorow, ne wiase nyinaa adwumayɛbea ti hɔ. Wɔyɛɛ nsakrae afe 1970 maa mpanyimfo kuw sisii gyinae wɔ asafo ahorow mu sen sɛ onipa baako pɛ bɛyɛ saa.

15 Adɛn nti na saa nsakrae yi aboa ahyehyɛde no? Nea enti a aboa ne sɛ ɛgyina Kyerɛwnsɛm mu ntease a ɛdi mũ so. Sɛ́ anka onipa baako bɛsi biribiara ho gyinae no, anuanom mpanyimfo nyinaa, anaa ‘nnipa a Yehowa de wɔn ama sɛ akyɛde’ no de su pa ahorow a wɔwɔ no boa asafo no.—Efesofoɔ 4:8; Mmebusɛm 24:6.

Yehowa rema nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa akwankyerɛ a ɛbɛboa wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 16, 17)

16, 17. Nsakrae bɛn na wɔayɛ no nnansa yi a w’ani agye ho, na dɛn ntia?

16 Wo deɛ hwɛ nsakrae a wɔayɛ nnansa yi wɔ sɛnea wɔyɛ yɛn nwoma ahorow, sɛnea emu nsɛm te, ne sɛnea yɛkyekyɛ no no ho. Yɛn ani gye ho sɛ yɛde nwoma a ɛyɛ fɛ na ɛbɛboa nkurɔfo bɛma wɔ asɛnka mu. Afei nso, susu sɛnea yɛnam abɛɛfo kwan so reka asɛmpa no ho hwɛ. Ebi ne sɛ, yɛnam jw.org wɛbsaet no so reboa nkurɔfo pii. Sɛ yɛhwɛ nsakrae yi nyinaa a, yɛhu sɛ Yehowa dwene nnipa ho paa, na ɔdɔ wɔn.

Yɛda Yehowa ase paa sɛ wama yɛanya Bible sukuu pii a ɛtete yɛn

17 Yɛn ani sɔ nsakrae a wɔayɛ wɔ asafo nhyiam ahorow mu no nso. Wɔayɛ nsakrae yi sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnya bere ayɛ abusua som anaa yɛn ankasa adesua. Bio nso, yɛn ani sɔ nsakrae a wɔayɛ wɔ ɔmansin ne ɔmantam nhyiam mu no. Yɛhu sɛ yɛn nhyiam ahorow no retu mpɔn afe biara! Yɛda Yehowa ase paa nso sɛ wama yɛanya Bible sukuu pii a ɛtete yɛn. Nsakrae yi nyinaa ma yɛhu paa sɛ Yehowa rekyerɛ n’ahyehyɛde no kwan, na ɔma honhom fam paradise no kɔ so yɛ fɛ paa!

SƐNEA YƐBOA MA HONHOM FAM PARADISE NO KƆ SO YƐ FƐ

18, 19. Yɛbɛyɛ dɛn aboa ma honhom fam paradise no akɔ so ayɛ fɛ?

18 Yehowa de hokwan ama yɛn sɛ yɛmmoa mma honhom fam paradise no nkɔ so nyɛ fɛ. Nanso yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Ɛne sɛ yɛde nsi bɛka Ahenni no ho asɛmpa na yɛama nnipa pii abɛyɛ Yesu asuafo. Bere biara a yɛbɛboa obi ma wabɛyɛ Onyankopɔn somfo no, na yɛreboa ma honhom fam paradise no mu atrɛ.—Yesaia 26:15; 54:2.

19 Sɛ yɛyere yɛn ho da Kristo su adi da biara a, ɛno nso boa ma honhom fam paradise no kɔ so yɛ fɛ. Wei boa ma afoforo ani gye honhom fam paradise no ho kɛse. Mpɛn pii no, ɛnyɛ Bible mu nimdeɛ a yɛwɔ na ɛma afoforo ani gye ahyehyɛde no ho, na saa ara nso na ɛnyɛ ɛno na ɛtwe nkurɔfo bɛn Yehowa ne Yesu, na mmom ɛyɛ suban pa a yɛda no adi ne asomdwoe a ɛwɔ yɛn ntam no.

Wobɛtumi aboa ma honhom fam paradise no mu atrɛ (Hwɛ nkyekyɛm 18, 19)

20. Sɛnea Mmebusɛm 14:35 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde si yɛn ani so sɛ yɛbɛyɛ?

20 Sɛ Yehowa ne Yesu hu sɛnea yɛn honhom fam paradise no yɛ fɛ nnɛ a, wɔn ani gye paa. Anigye a yɛnya nnɛ bere a yɛma honhom fam paradise no kɔ so yɛ fɛ no, yɛ anigye a daakye yɛbɛnya bere a yɛrema asase adan paradise no ho biribi ketewaa bi. Ɛsɛ sɛ bere nyinaa yɛkae asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 14:35 no. Ɛka sɛ: “Akoa a ɔwɔ nhunumu ma ɔhene ani gye.” Momma yɛnyɛ adwumaden mma yɛn honhom fam paradise no nkɔ so nyɛ fɛ mfa nkyerɛ sɛ yɛyɛ anyansafo!