Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ So Di Onyankopɔn Ahenni no Nokware

Kɔ So Di Onyankopɔn Ahenni no Nokware

“Wɔnyɛ wiase no fã.”—YOHANE 17:16.

NNWOM: 63, 129

1, 2. (a) Adɛn nti na nokware a Kristofo bɛdi ama Onyankopɔn no ho hia wɔn, na wei fa ɔfã biara a wɔnnyina ho sɛn? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Dɛn na nnipa pii de wɔn ho afam ho, na dɛn na afi mu aba?

YEHOWA asomfo nnyina ɔfã biara akyi wɔ wiase no mu. Wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ nsɛm a ɛde mpaapaemu ba nnipa mu te sɛ amammerɛ, ɔman anaa abusua a obi fi mu mu. Adɛn ntia? Efisɛ yɛdɔ Yehowa, yɛdi no nokware, na yɛtie no. (1 Yohane 5:3) Ɛmfa ho baabi a yɛte anaa baabi a yɛfi no, yɛdi Onyankopɔn Asɛm so. Nokware a yɛbɛdi ama Yehowa ne n’Ahenni no ho hia yɛn sen biribi foforo biara. (Mateo 6:33) Ɛno nti na yɛtumi ka sɛ ‘yɛnyɛ wiase no fã’ no.—Kenkan Yohane 17:11, 15, 16; Yesaia 2:4.

2 Nnipa pii a wɔwɔ wiase nnɛ de wɔn koma afam wɔn man, wɔn abusua, wɔn amammerɛ anaasɛ mpo wɔn man mu agodie kuw ho dendeenden. Awerɛhosɛm ne sɛ, wei ama wɔn mu pii ne wɔn ho wɔn ho si akan, wɔtentan wɔn ho, na ɛtɔ da bi mpo a wɔkunkum wɔn a wɔnni wɔn afã no. Ɛwom sɛ yɛmfa yɛn ho nhyɛ ntawntawdi a ɛrekɔ so yi mu deɛ, nanso ɛbɛtumi aka yɛne yɛn abusua, na wiase no nso bɛtumi ama yɛahu amane paa. Sɛnea Onyankopɔn bɔɔ yɛn no, sɛ obi ne yɛn di no yie anaa ɔne yɛn anni no yie a, yɛtumi hu. Enti sɛ aban bi sisi gyinae bɔne a, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛkasa atia aban no. (Genesis 1:27; Deuteronomium 32:4) Sɛ biribi ankɔ yie a, woyɛ w’ade sɛn? Wogyina ɔfã bi akyi, anaa wonnyina ɔfã biara akyi?

Nokware Kristofo nsusu sɛ Satan wiase no fã bi yɛ papa sen ɔfã foforo

3, 4. (a) Sɛ ntawntawdi bi sɔre wɔ ɔman bi mu a, adɛn nti na yɛnnyina ɔfã biara akyi? (b) Dɛn na yɛbɛsusu ho wɔ adesua yi mu?

3 Sɛ ɔko si a, nkurɔfo de wɔn ho hyɛ mu efisɛ aban ahorow no ama wɔagye atom sɛ saa na ɛsɛ sɛ ɔman ba pa biara yɛ. Nanso yɛn deɛ, yɛdi Yesu akyi. Enti yɛmfa yɛn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu, na yɛnkɔ ɔko nso. (Mateo 26:52) Nokware Kristofo nsusu sɛ Satan wiase no fã bi yɛ papa sen ɔfã foforo. (2 Korintofoɔ 2:11) Yɛmfa yɛn ho nnyigye ntawntawdi a ɛrekɔ so wɔ wiase no fã biara mu.—Kenkan Yohane 15:18, 19.

4 Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, ebia yɛn mu binom da so ara wɔ nnipa a ɛsono baabi a wɔfi ho adwemmɔne. (Yeremia 17:9; Efesofoɔ 4:22-24) Adesua yi mu no, yɛbɛnya afotusɛm a ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi adi adwene a ɛde mpaapaemu ba nnipa mu no so. Yɛbɛsan nso ahu sɛnea yɛbɛsuasua Yehowa ne Yesu na ama yɛatumi adi Ahenni no nokware.

NEA ENTI A YƐNNYINA ƆFÃ BIARA AKYI WƆ WIASE NO MU

5, 6. Bere a Yesu wɔ asase so no, sɛn na na obu nnipa ahorow nyinaa, na dɛn ntia?

5 Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛtwe wo ho afi amanyɔsɛm anaa wiase nsɛm ho a, bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ ɛyɛ Yesu a, anka dɛn na ɔbɛyɛ?’ Bere a Yesu wɔ asase so no, na nnipa a wɔfi Yudea, Galilea, ne Samaria no ntam nnwo. Yɛnhwɛ ɛho nhwɛso bi. Ná Yudafo ne Samariafo nkasa. (Yohane 4:9) Saa ara na na Farisifo ne Sadukifo nso adwene nhyia wɔ nneɛma pii ho. (Asomafoɔ Nnwuma 23:6-9) Ná Yudafo a wɔnim Mose Mmara no susu sɛ wɔyɛ nnipa sen wɔn a wɔnnim Mmara no. (Yohane 7:49) Afei nso, na wɔn mu pii tan towgyefo ne Romafo no. (Mateo 9:11) Nanso Yesu amfa ne ho annyigye saa nsɛmnsɛm yi biara mu. Ɛwom sɛ ɔkaa Yehowa ho nokwasɛm bere nyinaa, na na ɔnim sɛ Israel yɛ Onyankopɔn man titiriw deɛ, nanso wanka ankyerɛ n’asuafo no sɛ wɔsen afoforo da. (Yohane 4:22) Mmom no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnɔ nnipa nyinaa.—Luka 10:27.

Yehowa ne Yesu nsusu sɛ abusuakuw anaa ɔman a obi fi mu, anaa kasa a ɔka yɛ papa sen afoforo deɛ

6 Adɛn nti na Yesu ammu nnipakuw bi sɛ wɔsen afoforo? Efisɛ ɔne n’Agya bu nnipa sɛ wɔn nyinaa yɛ pɛ. Yehowa bɔɔ nnipa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛwo nnipa ahorow ahorow ahyɛ asase so ma. (Genesis 1:27, 28) Enti Yehowa ne Yesu nsusu sɛ abusuakuw anaa ɔman a obi fi mu, anaa kasa a ɔka yɛ papa sen afoforo deɛ. (Asomafoɔ Nnwuma 10:34, 35; Adiyisɛm 7:9, 13, 14) Ɛsɛ sɛ yɛsuasua wɔn nhwɛso pa no.—Mateo 5:43-48.

7, 8. (a) Hwan afã na yɛgyina, na dɛn ntia? (b) Dɛn na ɛbɛtumi ayi adesamma haw nyinaa afi hɔ?

7 Adɛn nti na yɛnnyina sodifo anaa aban biara akyi? Efisɛ yɛgyina Yehowa afã. Ɔno ne yɛn Sodifo. Eden turom hɔ no, Satan kaa sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔfata sɛ ɔdi nnipa so. Ná Satan pɛ sɛ nnipa gye di sɛ ɔkwan a ɔfa so yɛ n’ade no yɛ papa sen Onyankopɔn deɛ. Yehowa agyae ama yɛn sɛ yɛn ankasa nkyerɛ ɔfã a yɛbɛgyina. Enti ɔfã bɛn na wogyina? Wogye di sɛ ɔkwan a Yehowa fa so yɛ n’ade no yɛ papa sen wo deɛ nti na wotie no? Wogye di paa sɛ n’Ahenni no nkutoo na ɛbɛtumi ayi yɛn haw nyinaa afi hɔ? Anaa wosusu sɛ nnipa bɛtumi adi wɔn ho so a Onyankopɔn mmoa nka ho?—Genesis 3:4, 5.

8 Sɛ obi pɛ sɛ ɔhu w’adwene wɔ amanyɔkuw anaa kuw bi a wɔhwehwɛ ɔmanfo yiedie anaa akuw a ɛtete saa ho a, asɛm bɛn na wobɛka akyerɛ no? Ebia akuw a ɛte saa no bi wɔ adwempa na wɔpɛ sɛ wɔboa nkurɔfo. Nanso yɛnim sɛ Yehowa Ahenni nkutoo na ɛbɛtumi ayi adesamma haw ne asisisɛm nyinaa afi hɔ. Afei nso, sɛ́ anka obiara bɛyɛ nea ɔsusu sɛ ɛyɛ ma no wɔ asafo no mu no, yɛdi Yehowa akwankyerɛ akyi. Ɛno nti na baakoyɛ wɔ asafo no mu no.

9. Ɔhaw bɛn na na tete Kristofo no bi wɔ, na dɛn na na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

9 Tete no, na Kristofo a wɔwɔ Korinto no bi rekeka sɛ: “‘Meyɛ Paulo dea,’ ‘Me deɛ, meyɛ Apolo dea,’ ‘Me deɛ, meyɛ Kefa dea,’ ‘Me deɛ, meyɛ Kristo dea.’” Bere a Paulo huu saa no, ne ho dwirii no. Ná wei yɛ aniberesɛm efisɛ na ɛbɛtumi de mpaapaemu aba asafo no mu. Enti ɔbisaa ne nuanom Kristofo sɛ: “Kristo mu apaepae” anaa? Paulo tuu wɔn fo sɛ: “Anuanom, metu mo fo yɛn Awurade Yesu Kristo din mu sɛ mo nyinaa nyɛ nokorɔ, na mommma mpaepaemu mmma mo mu, na mmom monka mmom dendeenden, adwenkorɔ ne nsusuiɛ korɔ mu.” Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnɛ. Ɛnsɛ sɛ mpaapaemu biara ba asafo no mu.—1 Korintofoɔ 1:10-13; kenkan Romafoɔ 16:17, 18.

10. Dɛn na Paulo kaee Kristofo no, na dɛn na yɛsua fi mu?

10 Paulo kaee Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ wɔyɛ ɔman mma wɔ soro enti ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn adwene si “asase so nneɛma so.” (Filipifoɔ 3:17-20) * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Kristofo a wɔasra wɔn no yɛ ahemmɔfo a wɔgyina Onyankopɔn ne Kristo ananmu. Sɛ ahemmɔfo gyina ne man ananmu wɔ ɔman foforo so a, ɔmfa ne ho nhyehyɛ ɔman no nsɛmnsɛm ne wɔn amanyɔsɛm mu. Saa ara na ɛnyɛ papa sɛ wɔn a wɔasra wɔn no de wɔn ho bɛhyehyɛ wiase no nsɛmnsɛm ne wɔn amanyɔsɛm mu. (2 Korintofoɔ 5:20) Wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no nso di Ahenni no nokware na wɔmfa wɔn ho nnyigye wiase no nsɛmnsɛm mu.

SUA SƐ WOBƐDI YEHOWA AHENNI NO NOKWARE

11, 12. (a) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔ so di Onyankopɔn Ahenni no nokware a, su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyi fi yɛn mu? (b) Adwene bɛn na na onuawa bi wɔ wɔ abusuakuw bi ho, na dɛn na ɛboaa no ma ɔsesaa n’adwene?

11 Wiase no afã pii no, nkurɔfo taa ne wɔn a wɔne wɔn fi faako, wɔn a wɔne wɔn amammerɛ yɛ baako na wɔka kasa koro bɔ. Wɔde baabi a wɔfi hoahoa wɔn ho. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛma saa suban yi ka yɛn. Mmom ɛsɛ sɛ yɛsesa yɛn adwene na yɛtete yɛn ahonim sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrennyina ɔfã biara wɔ wiase no nsɛm mu. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ wei?

12 Yɛmfa Mirjeta * (hwɛ ase hɔ asɛm no) nyɛ nhwɛso. Wɔwoo no wɔ ɔman a kan no na wɔfrɛ no Yugoslavia mu. Ná nkurɔfo mpɛ Serbiafo asɛm koraa wɔ baabi a na ɔte no. Bere a ɔsuaa Yehowa ho asɛm no, ɔhuu sɛ Yehowa mpɛ abusuakuw bi asɛm nsen foforo, na Satan mmom na ɔpɛ sɛ nnipa tentan wɔn ho. Enti ɔbɔɔ mmɔden paa sɛ ɔbɛsesa n’adwene. Nanso bere a ɔko sɔree wɔ mmusuakuw ntam wɔ baabi a Mirjeta te no, ɔsan nyaa Serbiafo ho adwemmɔne bio. Ná ɔmpɛ sɛ ɔka asɛmpa no kyerɛ Serbiafo mpo. Ná ɔnim sɛ nea ɔreyɛ no nyɛ papa, enti ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no ma ɔnsesa n’adwene. Ɔsan bɔɔ mpae sɛ Yehowa mmoa no mma ɔnyɛ akwampae adwuma. Mirjeta ka sɛ: “Mahu sɛ asɛnka adwuma no a mede m’adwene asi so no aboa me paa. Mebɔ mmɔden sɛ mesuasua Yehowa na mada ne suban a ɛyɛ fɛ no bi adi wɔ asɛnka mu, na mahu sɛ adwemmɔne a mewɔ wɔ nkurɔfo ho no refi me mu.”

13. (a) Asɛm bɛn na ɛtoo Zoila, na dɛn na ɔyɛe? (b) Dɛn na yɛbɛtumi asua afi Zoila asɛm no mu?

13 Zoila nso yɛ onuawa bi a ofi Mexico a watu akɔtena Europa. Anuanom mmarima ne mmaa bi wɔ n’asafo mu a wɔfi Latin Amerika aman bi mu. Zoila kaa sɛ anuanom yi bi kaa nsɛm a ɛmfata faa ɔman a ofi mu, n’amammerɛ, ne ɛhɔ nnwom ho de dii ne ho fɛw. Ɛhaw no paa, enti ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa no na ne bo amfuw wɔn. Sɛ ɛyɛ wo a, anka dɛn na wobɛyɛ? Yɛn nuanom binom wɔ hɔ a, sɛ wɔte sɛ nkurɔfo reka baabi a wɔfi ho asɛmmɔne a, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛhyɛ wɔn ho so. Enti ɛnsɛ sɛ yɛka asɛm bi anaa yɛyɛ biribi a ɛbɛma ayɛ sɛ abusuakuw bi yɛ papa sen foforo da. Yɛmpɛ sɛ yɛde mpaapaemu ba asafo no mu anaa baabi foforo biara.—Romafoɔ 14:19; 2 Korintofoɔ 6:3.

Srɛ Yehowa ma ɔmmoa wo na nya adwene a ɔwɔ wɔ nnipa ho no bi

14. Dɛn na ɛbɛtumi aboa wo ma woanya adwene a Yehowa wɔ wɔ nnipa ho no bi?

14 Yɛn nyinaa nim sɛ Yehowa asomfo yɛ nnipa baako, enti ɛnsɛ sɛ yɛnya adwene sɛ baabi a obi fi anaa ɔman bi yɛ papa sen foforo. Ebia w’abusuafo ne wɔn a wo ne wɔn nyinii no nneyɛe ama wode wo koma afam baabi a wofi ho paa. Enti ebia ɛde bɛsi nnɛ, woda so ara wɔ nkurɔfo a wɔfi aman foforo so, ɛsono wɔn amammerɛ, wɔn kasa, anaa ɛsono abusuakuw a wɔfi mu ho adwemmɔne. Dɛn na ɛbɛtumi aboa wo ma woasesa w’adwene? Dwendwene sɛnea Yehowa bu nkurɔfo a wɔde ɔman a wɔfi mu hoahoa wɔn ho anaa wɔsusu sɛ wɔyɛ nnipa sen afoforo no ho hwɛ. Sɛ woresua ade anaa moreyɛ abusua som a, monyɛ saa asɛm yi ho nhwehwɛmu nkɔ akyiri. Afei srɛ Yehowa ma ɔmmoa wo na nya adwene a ɔwɔ wɔ nnipa ho no bi.—Kenkan Romafoɔ 12:2.

Sɛ yɛbɛtumi akɔ so adi Yehowa nokware a, ɛsɛ sɛ yɛtie no ɛmfa ho nea afoforo de bɛyɛ yɛn (Hwɛ nkyekyɛm 15, 16)

15, 16. (a) Esiane sɛ yɛyɛ soronko nti, dɛn na ebinom de bɛyɛ yɛn? (b) Dɛn na awofo bɛtumi ayɛ de aboa wɔn mma ma wɔakɔ so adi Yehowa nokware?

15 Yɛpɛ sɛ yɛde ahonim pa som Yehowa, enti ɛtɔ mmere bi a yɛbɛyɛ soronko wɔ wɔn a yɛne wɔn yɛ adwuma, yɛn sukuufo, yɛn afipamfo, anaa yɛn abusuafo mu. (1 Petro 2:19) Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ esiane sɛ yɛyɛ soronko nti, afoforo bɛtan yɛn. Nanso, momma yɛnkae sɛ wɔn a wɔmpɛ yɛn asɛm no mu dodow no ara nnim Onyankopɔn Ahenni no ho hwee. Wɔnhu nea enti a ɛho hia yɛn paa sɛ yɛbɛdi Ahenni no nokware sen sɛ yɛbɛdi nnipa aban nokware.

16 Sɛ yɛbɛtumi akɔ so adi Yehowa nokware a, ɛsɛ sɛ yɛtie no ɛmfa ho nea afoforo de bɛyɛ yɛn anaa asɛm a wɔbɛka akyerɛ yɛn. (Daniel 3:16-18) Ɛbɛtumi ayɛ den ama mmerante ne mmabaa paa sɛ wɔbɛyɛ soronko wɔ afoforo mu. Enti awofo, mommoa mo mma ma wɔnna akokoduru adi wɔ sukuu mu. Ebia ehu nti, ɛbɛyɛ den ama mo mma sɛ wɔbɛka sɛ wɔrenkyia frankaa, anaa wɔremfa wɔn ho nhyɛ ɔman afahyɛ ahorow mu. Sɛ moreyɛ abusua som a, mobɛtumi ne mo mma asusu saa nneɛma no ho na ama wɔahu Yehowa adwene wɔ ho. Mommoa wɔn ma wɔmfa obu nkyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu yie. (Romafoɔ 1:16) Ade foforo nso a mobɛtumi ayɛ de aboa mo mma ne sɛ mobɛkyerɛkyerɛ nea mogye di mu akyerɛ mo mma akyerɛkyerɛfo.

MA W’ANI NNYE YEHOWA ABƆDE NYINAA HO

17. Adwene bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛnya, na adɛn ntia?

17 Yɛn ani taa gye sɛnea yɛn kurom te, ɛhɔ aduane, ɛhɔ kasa, ne ɛhɔ amammerɛ ho. Nanso ɛyɛ a, yɛn adwene yɛ yɛn sɛ nea yɛn ani gye ho no yɛ papa sen nea afoforo ani gye ho anaa? Yehowa pɛ sɛ yɛkyerɛ nneɛma ahorow a wabɔ nyinaa ho anigye. (Dwom 104:24; Adiyisɛm 4:11) Sɛ saa a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ woka sɛ ɔkwan a wofa so yɛ w’ade no yɛ papa sen obiara deɛ?

Yehowa pɛ sɛ nnipa ahorow nyinaa tena ase daa

18. Adɛn nti na ɛyɛ papa sɛ yɛbɛnya adwene a Yehowa wɔ wɔ nnipa ho no bi?

18 Yehowa pɛ sɛ nnipa ahorow nyinaa sua ne ho ade, wɔsom no, na wɔtena ase daa. (Yohane 3:16; 1 Timoteo 2:3, 4) Sɛ yɛne yɛn nuanom adwene nhyia wɔ nneɛma bi ho, na sɛ adwene a wɔkura no nto Yehowa mmara a, ɛsɛ sɛ yɛtie wɔn. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn ani bɛgye, na baakoyɛ bɛkɔ so atena yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmaa ntam. Sɛnea yɛahu no, esiane sɛ yɛdi Yehowa ne n’Ahenni no nokware nti, yɛmmfa yɛn ho nnyigye wiase no nsɛmnsɛm mu. Yɛkyi ahantan ne akansi a ɛwɔ Satan wiase no mu no. Yɛda Yehowa ase paa sɛ wakyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛnhwehwɛ asomdwoe ne ahobrɛase! Yɛne odwontofo a ɔkaa asɛm a ɛdi hɔ yi yɛ adwene: “Hwɛ! Yɛ a ɛyɛ ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tena baakoyɛ mu!”—Dwom 133:1.

^ nky. 10 Ɛbɛtumi aba sɛ na Filipi asafo no mufo binom yɛ Roma man no mma. Enti ebia na wɔwɔ hokwan ahorow bi a na wɔn nuanom a wɔnyɛ Romafo no nni bi.

^ nky. 12 Wɔasesa edin ahorow no bi.