Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mo Gyeɛ Rebɛn”!

“Mo Gyeɛ Rebɛn”!

“Monsɔre nnyina na momma mo tiri so, ɛfiri sɛ mo gyeɛ rebɛn.”LUKA 21:28.

NNWOM: 133, 43

1. Nsɛm bɛn na ɛsisii afe 66? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

FA NO sɛ na woyɛ Kristoni a wote Yerusalem afe 66. Ná nsɛm pii asisi. Roma aban panyin bi a wɔfrɛ no Florus kɔwiaa sika talente 17 fii asɔrefie sika akorae hɔ. Ɛhyɛɛ Yudafo no abufuo paa. Enti wɔkunkum Roma asraafo pii, na wɔde too dwa sɛ wɔade wɔn ho afi Roma aban no ase. Romafo no nso antwentwɛn wɔn nan ase koraa wɔ asɛm no ho. Abosome mmiɛnsa pɛ ntam no, asraafo 30,000 a Cestius Gallus di wɔn anim bɛtwaa Yerusalem ho hyiae. Yudafo atuatewfo no pɛɛ baabi de wɔn ho kɔsiei wɔ asɔrefie hɔ, nanso Roma asraafo no kɔgyinaa asɔrefie no fasu akyi bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛbu akɔ mu. Wei maa ehu kaa obiara wɔ kuro no mu. Sɛ wowɔ hɔ saa bere no a, sɛn na anka wobɛte nka?

2. Bere a Kristofo no huu sɛ Roma asraafo abɛtwa wɔn kuro no ho ahyia no, dɛn na na ɛhia sɛ wɔyɛ? Ɛyɛɛ dɛn na wɔtumi yɛɛ saa?

2 Ná Yesu adi kan abɔ n’asuafo no kɔkɔ sɛ saa asɛm no bɛsi, enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ mohunu sɛ asraafoɔdɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnneɛ monhunu sɛ n’amamfoyɛ abɛn. Afei momma wɔn a wɔwɔ Yudea mfiri aseɛ nnwane nkɔ mmepɔ so, na momma wɔn a wɔwɔ kuro no mu no mfiri mu nkɔ, na mommma wɔn a wɔwɔ nkuraaseɛ no mmma mu.” (Luka 21:20, 21) Ná ɛbɛyɛ dɛn na watumi adi Yesu asɛm no so adwane afi Yerusalem bere a asraafo atwa kuro no ho ahyia no? Anwonwasɛm bi sii. Roma asraafo no fii Yerusalem kɔe prɛko pɛ! Sɛnea Yesu kae no, asraafodɔm no ‘twaa so’ kɔe a wɔanto anhyɛ kuro no so. (Mateo 24:22) Bere a asraafo no kɔe no, afei deɛ na Kristofo anokwafo no bɛnya kwan atie Yesu asɛm no na wɔadwane akɔ mmepɔ so. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Akyiri yi, Roma asraafodɔm foforo san baa Yerusalem so afe 70. Saa bere yi deɛ wɔsɛee kuro no pasaa. Nanso obiara a ɔtiee Yesu ahyɛde no nyaa ne ti didii mu.

3. Asɛm bɛn na ɛtoo tete Kristofo no a ebi bɛto Kristofo nnansa yi ara? Dɛn na yɛbɛsusu ho wɔ adesua yi mu?

3 Kɔkɔbɔ ne akwankyerɛ a Yesu de mae no fa yɛn bere yi nso ho. Ɛrenkyɛ, yɛn nso yɛbɛhyia biribi a ɛte saa. Yesu de nsɛm a ɛsisii tete Kristofo bere so no kyerɛɛ nea ɛbɛsi bere a “ahohiahia kɛseɛ” no afi ase mpofirim no. (Mateo 24:3, 21, 29) Sɛnea tete Kristofo no nyaa wɔn ti didii mu wɔ Yerusalem sɛe no mu no, saa ara na “nnipakuo kɛseɛ” no bɛnya wɔn ti adidi mu wɔ ɔsɛe a ɛbɛba wiase nyinaa so no mu. (Kenkan Adiyisɛm 7:9, 13, 14.) Ɛho hia sɛ yɛte nea Bible ka fa nsɛm a ɛbɛsisi daakye yi ho no ase. Adɛn ntia? Efisɛ yɛn nkwa gyina so. Enti momma yɛnsusu sɛnea saa nsɛm yi bɛka yɛn no ho.

AHOHIAHIA KƐSE NO MFIASE

4. Sɛn na ahohiahia kɛse no bɛfi ase?

4 Sɛn na ahohiahia kɛse no bɛfi ase? Atoro som sɛe na wɔde bɛfi ase. Bible frɛ atoro som ‘Babilon Kɛseɛ, nnwamanfoɔ nã.’ (Adiyisɛm 17:5-7) Adɛn nti na wɔfrɛ atoro som odwamanfoɔ? Nea enti a wɔfrɛ no saa ne sɛ n’asɔfo nni Onyankopɔn nokware. Sɛ́ anka wɔde nokwaredi bɛboa Yesu ne n’Ahenni no, wɔboa nnipa aban na wɔbu wɔn ani gu Bible nkyerɛkyerɛ so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛnya tumi wɔ aban ahorow mu. Wɔn som ho nte; wɔnte sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no. (2 Korintofoɔ 11:2; Yakobo 1:27; Adiyisɛm 14:4) Nanso hwan na ɔbɛsɛe Babilon Kɛse no? Yehowa nam “akekaboa kɔkɔɔ” no “mmɛn du” no so ‘bɛma ne nsusuiɛ aba mu.’ “Akekaboa kɔkɔɔ” no gyina hɔ ma Amanaman Nkabom Kuo no, ɛnna “mmɛn du” no gyina hɔ ma amammui tumidi nyinaa a ɛboa no no.—Kenkan Adiyisɛm 17:3, 16-18.

5, 6. Adɛn nti na yɛka sɛ Babilon Kɛse no a wɔbɛsɛe no no nkyerɛ sɛ atoro som mufo nyinaa bɛwuwu?

5 Sɛ wɔsɛe Babilon Kɛse no a, atoro som mufo nyinaa bɛwuwu anaa? Dabi. Yehowa de ne honhom kaa odiyifo Sakaria ma ɔkyerɛw nea ɛbɛsi no ho asɛm too hɔ. Saa bere no, obi a na anka ɔwɔ atoro som mu bɛka sɛ: “‘Menyɛ odiyifoɔ. Meyɛ obi a ɔdɔ, na ɔdasani atɔ me firi me mmɔfraase.’ Na obi bɛbisa no sɛ, ‘Wo nsa ho akuro yi nso ɛ?’ Na ɔbɛbua sɛ, ‘M’adɔfo fie na wɔpiraa me saa.’” (Sakaria 13:4-6) Enti nyamesom akannifo mpo bɛyɛ wɔn ho sɛ wɔnyɛ nyamesomfo, na wɔbɛka sɛ wɔne atoro som nni hwee yɛ.

6 Dɛn na ɛbɛto Onyankopɔn nkurɔfo saa bere no? Yesu kaa sɛ: “Nokorɛm no, sɛ wɔantwa nna no so a, ɔhonam biara nni hɔ a wɔbɛgye no nkwa; nanso wɔn a wɔayi wɔn no nti wɔbɛtwa nna no so.” (Mateo 24:22) Tete Kristofo bere so no, ‘wɔtwaa’ ahohiahia a ɛbaa Yerusalem no so. Wei maa “wɔn a wɔayi wɔn no,” kyerɛ sɛ, Kristofo a wɔasra wɔn no nyaa kwan dwanee. Saa ara nso na esiane “wɔn a wɔayi wɔn no” nti, ‘wɔbɛtwa’ ahohiahia kɛse no fã a ɛdi kan no so. Onyankopɔn remma amammui tumidi, anaa “mmɛn du” no nsɛe ne nkurɔfo. Mmom atoro som sɛe akyi no, nneɛma mu bɛdwo kakra.

SƆHWƐ NE ATEMMU BERE

7, 8. Atoro som sɛe akyi no, hokwan bɛn na yɛbɛnya, na dɛn na ɛbɛma Onyankopɔn nkurɔfo ayɛ soronko wɔ nnipa a wɔaka nyinaa ho saa bere no?

7 Sɛ wɔsɛe atoro som a, dɛn na ɛbɛsi? Saa bere no na yɛbɛkyerɛ nea ɛwɔ yɛn komam ankasa. Nnipa dodow no ara bɛhwehwɛ mmoa ne ahobammɔ afi nnipa ahyehyɛde ahorow, anaa “mmepɔ mu abotan” hɔ. (Adiyisɛm 6:15-17) Nanso Yehowa nkurɔfo bɛhwehwɛ ahobammɔ afi ne hɔ. Bere a ‘wɔtwaa’ ahohiahia no so wɔ tete Kristofo bere so no, ɛnyɛ saa bere no na na ɛsɛ sɛ Yudafo nyinaa bɛyɛ Kristofo prɛko pɛ. Mmom na bere adu sɛ wɔn a wɔyɛ Kristofo dedaw no dwane fi Yerusalem sɛnea na Yesu aka no. Saa ara na daakye, sɛ wɔto hyɛ Babilon Kɛse no so na afei ‘wɔtwa so’ a, yɛrenhwɛ kwan sɛ nnipa pii bɛba abɛyɛ nokware Kristofo prɛko pɛ. Mmom, nokware Kristofo nyinaa bɛnya hokwan akyerɛ sɛ wɔdɔ Yehowa na wɔaboa wɔn a wɔasra wɔn no.—Mateo 25:34-40.

Yɛbɛnya hokwan akyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa na yɛaboa wɔn a wɔasra wɔn no

8 Yɛnnim nea ɛbɛsi pɔtee wɔ saa sɔhwɛ bere no mu. Nanso yɛnim sɛ nneɛma mu bɛyɛ den, na ɛbɛhia sɛ yɛgyae nneɛma bi akyi di. Tete Kristofo bere so no, wɔgyaa wɔn afie, na wɔfaa ahokyere pii mu ansa na wɔrenya wɔn ti adidi mu. (Marko 13:15-18) Ɛsɛ sɛ yɛbisa yɛn ho sɛ: ‘Mayɛ krado sɛ mɛgya m’ahonyade hɔ? Mayɛ krado sɛ mɛyɛ nea ɛhia biara na ama makɔ so adi Yehowa nokware?’ Wo deɛ susu ho hwɛ! Saa bere no, ɛmfa ho nea ɛbɛsi biara no, yɛn nko ara na yɛbɛsom yɛn Nyankopɔn sɛnea odiyifo Daniel yɛe no.—Daniel 6:10, 11.

Ná “awieeɛ no” aba!

9, 10. (a) Asɛm bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo bɛka wɔ ahohiahia kɛse no mu? (b) Dɛn na Onyankopɔn nkurɔfo atamfo bɛyɛ?

9 Ahohiahia kɛse no nyɛ bere a yɛbɛka “ahennie ho asɛmpa” no. Ɛbɛdu saa bere no, na “ahennie ho asɛmpa” a yɛka no bere atwam. Ná “awieeɛ no” aba! (Mateo 24:14) Onyankopɔn nkurɔfo de akokoduru bɛka atemmusɛm akyerɛ nnipa nyinaa. Ebia asɛm a yɛbɛka ne sɛ wɔrebɛsɛe Satan wiase bɔne no korakora. Bible de asɛm a yɛbɛka yi toto asukɔtweaa ho. Ɛka sɛ: “Asukɔtweaa akɛseɛ a emu biara mu duro bɛyɛ sɛ dwetikɛseɛ baako firi soro bɛhwehwee nnipa no so, na ɛsiane ɔhaw a asukɔtweaa no de baeɛ nti, nnipa no kaa Onyankopɔn ho abususɛm, ɛfiri sɛ na ɔhaw no sõ paa.—Adiyisɛm 16:21.

10 Yɛn atamfo bɛte saa atemmusɛm yi. Yehowa de honhom kaa odiyifo Hesekiel ma ɔkaa sɛnea aman bi a Bible frɛ wɔn Gog a ofi Magog, bɛka wɔn ho abom ayɛ wɔn ade ho asɛm. Ɔkaa sɛ: “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Saa da no, biribi bɛba w’akomam na woadwene adwemmɔne. Na wobɛka sɛ: “Mɛkɔ asase a ɛho da hɔ no so. Mɛba wɔn a biribiara nha wɔn a wɔte hɔ dwoodwoo no so. Yeinom nyinaa tete hɔ a wɔnni fasuo, na adaban ne apono mpo wɔnni bi.” Na w’adwene ne sɛ wobɛnya asadeɛ ne afomdeɛ pii, na woadane wo nsa aba amamfõ a afei nnipa tete soɔ no so, ne nnipa a wɔaboa wɔn ano afiri amanaman mu a wɔanya ahodeɛ ne agyapadeɛ pii no so, nnipa a wɔte asase mfimfini no.’” (Hesekiel 38:10-12) Onyankopɔn nkurɔfo bɛyɛ soronko wɔ nnipa a wɔaka nyinaa ho; ɛbɛyɛ te sɛ nea “wɔte asase mfimfini.” Ɛba saa a, amanaman no rentumi nhyɛ wɔn ho so bio. Wɔn ani bɛbere na wato ahyɛ Yehowa nkurɔfo a wɔasra wɔn no ne wɔn a wɔboa wɔn no so.

11. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae wɔ sɛnea nsɛm bɛsisi wɔ ahohiahia kɛse no mu ho? (b) Sɛ nkurɔfo hu nsɛnkyerɛnne no a, dɛn na wɔbɛyɛ?

11 Ɛno akyi, dɛn na ɛbɛsi? Bible nka sɛnea nsɛm no bɛsisi nnidiso nnidiso nkyerɛ yɛn, nanso ɛbɛyɛ sɛ nsɛm bi bɛsisi bere koro mu. Yesu kaa wɔ ne nkɔmhyɛ a ɛfa bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho mu sɛ: “Nsɛnkyerɛnne bɛba awia ne bosome ne nsoromma so, na amanaman ho ayera wɔn asase so a wɔrenhunu deɛ wɔnyɛ ɛsiane ɛpo a ɛrehuro na ɛrebu fa soɔ nti, na ehu ne nneɛma a ɛreba asase soɔ no bɛma nnipa atotɔ piti; ɛfiri sɛ wɔbɛwoso ɔsoro ahoɔden. Na afei wɔbɛhunu sɛ onipa Ba no nam mununkum mu de tumi ne animuonyam kɛseɛ reba.” (Luka 21:25-27; kenkan Marko 13:24-26.) Sɛ nkɔmhyɛ yi bam a, nnipa bɛhu nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu wɔ wim anaa? Ɛsɛ sɛ yɛtwɛn na yɛhwɛ nea ɛbɛsi. Nanso yɛnim sɛ, sɛ Onyankopɔn atamfo hu nsɛnkyerɛnne yi a, ehu bɛka wɔn papaapa.

Yɛbɛtumi anya ahotoso efisɛ yɛnim sɛ wɔbɛgye yɛn! (Hwɛ nkyekyɛm 12, 13)

12, 13. (a) Sɛ Yesu “de tumi ne animuonyam kɛseɛ” ba a, dɛn na ɛbɛsi? (b) Dɛn na Onyankopɔn nkurɔfo bɛyɛ saa bere no?

12 Sɛ Yesu “de tumi ne animuonyam kɛseɛ” ba a, dɛn na ɛbɛsi? Ɔbɛma anokwafo no akatua pa na watwe wɔn a wɔanni nokware no aso. (Mateo 24:46, 47, 50, 51; 25:19, 28-30) Yesu maa mfatoho bi de kyerɛkyerɛɛ asɛm yi mu yie. Ɔkaa sɛ: “Sɛ onipa Ba no ba n’animuonyam mu a abɔfoɔ nyinaa ka ne ho a, ɔbɛtena n’animuonyam ahennwa so. Na wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim, na ɔbɛpaepae nnipa no mu mmaako mmaako, sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ paepae nnwan ne mmirekyie mu no. Na ɔde nnwan no bɛgyina ne nsa nifa so, na ɔde mmirekyie no agyina ne benkum so.” (Mateo 25:31-33) Dɛn na wɔbɛyɛ nnwan ne mmirekyie no? Wɔbɛbu wɔn atɛn. Mmirekyie, anaa wɔn a wɔanni nokware no, “bɛfiri hɔ akɔ daa ɔsɛeɛ mu.” Nanso nnwan, anaa anokwafo no, bɛnya daa nkwa.—Mateo 25:46.

13 Sɛ mmirekyie no hu sɛ wɔbɛsɛe wɔn a, wɔbɛyɛ wɔn ade sɛn? Wɔbɛbɔ ‘abubuo.’ (Mateo 24:30) Dɛn na wɔn a wɔasra wɔn no ne wɔn a wɔboaa wɔn no nso bɛyɛ? Wɔbɛyɛ nea Yesu kae yi: “Sɛ nneɛma yi firi aseɛ sɛ ɛresisi a, monsɔre nnyina na momma mo tiri so, ɛfiri sɛ mo gyeɛ rebɛn.”—Luka 21:28.

WƆBƐHYERƐN PAA WƆ AHENNI NO MU

14, 15. Sɛ Gog a ofi Magog to hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so a, anoboaboa adwuma bɛn na ɛbɛkɔ so, na wɔbɛyɛ no sɛn?

14 Sɛ Gog a ofi Magog to hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so a, dɛn na ɛbɛsi? Bible ka sɛ onipa Ba no bɛsoma “abɔfoɔ ama wɔabɛboaboa wɔn a wayi wɔn no ano afiri mframa nnan no mu, firi asase ano akɔsi ɔsoro nohoa.” (Marko 13:27; Mateo 24:31) Saa anoboaboa adwuma yi nkyerɛ bere a wɔdii kan paw Kristofo a wɔasra wɔn no. Saa ara nso na ɛnkyerɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔda so ara wɔ asase so no nsɔano a ɛtwa to. (Mateo 13:37, 38) Wɔbɛnya nsɔano a ɛtwa to no bere a aka kakraa bi ma ahohiahia kɛse no afi ase no. (Adiyisɛm 7:1-4) Ɛnneɛ, anoboaboa adwuma bɛn na yɛreka ho asɛm yi? Ɛyɛ bere a Kristofo a wɔasra wɔn a wɔda so ara wɔ asase so no bɛnya wɔn akatua na wɔakɔ soro no. (1 Tesalonikafoɔ 4:15-17; Adiyisɛm 14:1) Saa asɛm yi bɛsi bere a Gog a ofi Magog ato ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so no mu hɔ baabi. (Hesekiel 38:11) Afei, sɛnea Yesu kae no, “ateneneefoɔ bɛhyerɛn paa sɛ awia wɔ wɔn Agya ahennie mu.”Mateo 13:43. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

15 Wei kyerɛ sɛ “wɔbɛhwim” Kristofo a wɔasra wɔn no akɔ soro anaa? Kristoman mufo pii gye di sɛ Kristofo de honam nipadua na ɛbɛkɔ soro. Bio nso, wɔsusu sɛ wɔde wɔn ani kann bɛhu sɛ Yesu resan aba asase so abɛdi tumi. Nanso Bible ma yɛhu pefee sɛ, sɛ Yesu san ba a, yɛremfa yɛn ani nhu no. Ɛka sɛ: “Onipa Ba no ho sɛnkyerɛnne bɛda adi ɔsoro,” na Yesu “nam ɔsoro mununkum mu” bɛba. (Mateo 24:30) Bible san ka sɛ: “Honam ne mogya ntumi nnya Onyankopɔn ahennie.” Enti ɛbɛhia sɛ wɔdi kan ‘sesã’ wɔn a wɔbɛfa wɔn akɔ soro no “ntɛm so, anibuo mu, totorobɛnto a ɛdi akyire no mu.” * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) (Kenkan 1 Korintofoɔ 15:50-53.) Yɛremfa asɛmfua “ohwim” nkyerɛkyerɛ saa adeyɛ yi mu efisɛ ɛyɛ atosɛm a Kristoman kyerɛkyerɛ. Nanso, wɔbɛboaboa Kristofo a wɔasra wɔn a wɔda so ara wɔ asase so no ano amonom hɔ ara.

16, 17. Dɛn na ɛbɛsi ansa na Adwammaa no ayeforohyia no aba so?

16 Sɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔn dodow yɛ 144,000 no nyinaa nya kɔdu soro a, wɔbɛfi ase ayɛ ahoboa a ɛtwa to ama Adwammaa no ayeforohyia. (Adiyisɛm 19:9) Nanso biribi foforo bɛsi ansa na anigyesɛm yi aba. Kae sɛ bere a Kristofo a wɔasra wɔn no mufo a wɔaka no da so ara wɔ asase so no ɛnna Gog a ofi Magog bɛto ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. (Hesekiel 38:16) Dɛn na Onyankopɔn nkurɔfo bɛyɛ? Wɔbɛtie akwankyerɛ a ɛdi so yi: “Ɛnyɛ mo na mobɛko. Monkɔgyinagyina hɔ, monyɛ komm na monhwɛ sɛdeɛ Yehowa bɛgye mo nkwa. . . . monnsuro, na mommmɔ hu.” (2 Berɛsosɛm 20:17) Sɛ Gog to hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so a, emu hɔ baabi no, wɔbɛfa Kristofo a wɔasra wɔn no mufo a wɔaka wɔ asase so no nyinaa akɔ soro. Afei Adiyisɛm 17:14 ma yɛhu nea ɛbɛsi wɔ soro bere a Gog ato ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so no. Onyankopɔn nkurɔfo atamfo “ne Adwammaa no bɛko, nanso ɛsiane sɛ Adwammaa no yɛ awuranom mu Awurade ne ahemfo mu Hene nti, ɔbɛdi wɔn so nkonim. Afei, wɔn a wɔka ne ho a wɔafrɛ wɔn na wɔayi wɔn na wɔdi no nokorɛ no nso bɛdi nkonim.” Enti Yesu ne ahemfo 144,000 a wɔasra wɔn a wɔwɔ soro no bɛgye Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ asase so ha no.

17 Wei na ɛde Harmagedon ko no bɛba, na ɛbɛhyɛ Yehowa din kronkron no anuonyam. (Adiyisɛm 16:16) Wɔbɛsɛe wɔn a wɔbɛbu wɔn atɛn sɛ mmirekyie, anaa wɔn a wɔanni nokware no nyinaa. Abɔnefosɛm bɛfi asase so koraa, na “nipakuo kɛseɛ” no bɛnya wɔn ti adidi mu wɔ Harmagedon. Afei, anigyesɛm a ɛde Adiyisɛm nwoma no ba awiei no bɛba mu; ɛno ne Adwammaa no ayeforohyia! (Adiyisɛm 21:1-4) * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Wɔn a wɔbɛnya nkwa atena asase so nyinaa bɛnya Onyankopɔn anim dom, na Yehowa bɛyi ne yam adɔ wɔn paa. Yɛde anigye kɛse hwɛ saa bere no kwan. Hwɛ sɛnea ayeforohyia apontow no bɛyɛ anigye afa!—Kenkan 2 Petro 3:13.

18. Esiane sɛ anigyesɛm yi bɛba nnansa yi ara nti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛsi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

18 Esiane sɛ anigyesɛm yi bɛba nnansa yi ara nti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara yɛ seesei? Yehowa de honhom kaa ɔsomafo Petro ma ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛsiane sɛ yeinom nyinaa bɛnane nti, monhunu nnipa ko a ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu berɛ a motwɛn na moma Yehowa da no ba yɛ ntɛm mo adwenem no . . . Enti, adɔfo, ɛsiane sɛ moretwɛn yeinom nti, monyɛ deɛ mobɛtumi biara mma no mmɛhu mo sɛ nnipa a wɔn ho nni nkekaeɛ ne dɛm biara wɔ asomdwoeɛ mu.” (2 Petro 3:11, 12, 14) Enti, momma yɛnsi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so ama yɛn som ho ate a yɛremfa atoro som nkyerɛkyerɛ biara mfrafra mu. Afei nso, momma yɛmmoa Asomdwoe Hene, Yesu Kristo.

^ nky. 15 Wɔremfa Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ hɔ saa bere no honam nipadua nkɔ soro. (1 Korintofoɔ 15:48, 49) Sɛnea wɔyii Yesu nipadua fii hɔ no, saa ara na ɛbɛyɛ sɛ wɔbɛyɛ Kristofo a wɔasra wɔn no nipadua.

^ nky. 17 Dwom 45 nso ma yɛhu sɛnea nsɛm no bɛsisi nnidiso nnidiso no ho nsɛm bi. Nea ɛdi kan, Ɔhene no bɛko, na ɛno akyi no, ayeforohyia no aba so.